Leviticus
13 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Sɛ biribi tɔ obi honam* ani na ɛhyɛ nsuo anaa ɛhɔ twintwam anaa ɛsoa na ɛdidi ne honam mu ma no bɛyɛ sɛ kwata*+ a, ɛsɛ sɛ wɔde no ba ɔsɔfoɔ Aaron anaa ne mma a wɔyɛ asɔfoɔ no mu baako anim.+ 3 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ yareɛ a ayɛ ne honam ani no. Sɛ nwi a ɛwɔ baabi a ɛhɔ asoa no ayɛ fitaa na ɛte sɛ deɛ adeɛ a ahono no no adidi kɔ ne honam mu a, ɛnneɛ ɛyɛ kwata. Ɔsɔfoɔ no nhwɛ na ɔnkyerɛ sɛ ne ho nte. 4 Nanso sɛ baabi a asoa no yɛ fitaa na ɛnnidi nkɔɔ ne honam mu na ɛhɔ nwi nyɛɛ fitaa a, ɔsɔfoɔ no mfa onii no nko ara nkɔsie baabi nnanson.+ 5 Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no nhwɛ no, na sɛ ɔhu sɛ deɛ ayɛ no no, deɛ ɛte ara na ɛteɛ, na sɛ ɛntrɛɛ ne honam mu a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no nsan mfa no nsie nnanson.
6 “Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no nsan nhwɛ no, na sɛ deɛ atɔ ne ho no ahye na ɛntrɛɛ ne honam ani a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho te.+ Ɛyɛ ntwintwameeɛ bi kɛkɛ. Ma onii no nsi n’ataadeɛ na ne ho nte. 7 Na sɛ ɔsɔfoɔ no kyerɛ sɛ ne ho te na akyire yi ntwintwameeɛ* no trɛ wɔ ne honam ani a, ɔnsan mmra ɔsɔfoɔ no anim bio.* 8 Ma ɔsɔfoɔ no nhwɛ, na sɛ atrɛ wɔ ne honam ani a, ɛnneɛ ɔnkyerɛ sɛ ne ho nte. Ɛyɛ kwata.+
9 “Sɛ kwata yɛ obi a, wɔmfa no mmra ɔsɔfoɔ no anim. 10 Ɔsɔfoɔ no nhwɛ,+ na sɛ ɔhu sɛ nsaa fitaa bi asi ne honam ani na ɛhɔ nwi ayɛ fitaa, na baabi a asoa no apae ayɛ kuro+ a, 11 ɛyɛ kwatanini na ayɛ ne honam ani; ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho nte. Ɛnsɛ sɛ ɔde no kɔsie,+ ɛfiri sɛ ne ho nte. 12 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhu sɛ kwata no apue afiri wedeɛ no mu na akata onii no honam nyinaa, ɛfiri ne tirim kɔsi ne nan ase, 13 na ɔsɔfoɔ no hu sɛ kwata no akata ne honam nyinaa a, ɛsɛ sɛ ɔbu onii no sɛ ne ho te.* Ne nyinaa adane fitaa, enti ne ho te. 14 Nanso sɛ ɛyɛ kuro a, ne ho rente. 15 Sɛ ɔsɔfoɔ no hu sɛ ayɛ kuro a, ɔnkyerɛ sɛ ne ho nte.+ Ekuro no ho nte. Ɛyɛ kwata.+ 16 Na sɛ kuro no wu na ɛhɔ san yɛ fitaa a, ɔnsan nkɔ ɔsɔfoɔ no hɔ. 17 Ɔsɔfoɔ no nhwɛ no,+ na sɛ baabi a ɛyɛɛ kuro no adane fitaa a, ɛnneɛ na onii no ho te, enti ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho te.
18 “Sɛ pɔmpɔ bɔ obi na ɛkɔ, 19 na sɛ biribi fitaa bi bɛsi pɔmpɔ no ananmu anaa ɛhɔ soa yɛ fitaa na anim dodo kakra a, ɔmfa ne ho nkɔkyerɛ ɔsɔfoɔ no. 20 Sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ+ na ayɛ te sɛ deɛ adidi kɔ honam no mu, na ɛhɔ nwi ayɛ fitaa a, ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho nte. Ɛyɛ kwata na apue afiri pɔmpɔ no mu. 21 Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na wanhu nwi fitaa biara wɔ hɔ, na deɛ ahono no no nso nnidi nkɔɔ honam no mu na ahye a, ɔsɔfoɔ no mfa ɔno nko ara nkɔsie baabi nnanson.+ 22 Na sɛ ɛfiri ase trɛ wɔ ne honam ani a, ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho nte. Ɛyɛ yareɛ. 23 Nanso sɛ deɛ atɔ ne ho no antrɛ a, ɛnneɛ ɛyɛ baabi a na pɔmpɔ no wɔ ara na ɛhɔ asoa. Ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho te.+
24 “Sɛ nso obi hyehye na kuro no anwu anwie na sɛ ɛhɔ soa ma anim dodo anaa ɛho nyinaa yɛ fitaa a, 25 ɔsɔfoɔ no nhwɛ. Sɛ ɛba sɛ ɛhɔ nwi adane fitaa na ɛte sɛ deɛ nsaa no adidi kɔ ne honam mu a, ɛyɛ kwata na apue afiri kuro no mu. Ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho nte, ɛfiri sɛ kwata ayɛ no. 26 Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na wanhu nwi fitaa biara wɔ baabi a nsaa no wɔ, na sɛ ɛnnidi nkɔɔ honam no mu na ahye a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no mfa ɔno nko ara nkɔsie baabi nnanson.+ 27 Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no nhwɛ no. Sɛ ɔhu sɛ ampa ara atrɛ wɔ ne honam ani a, ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho nte. Ɛyɛ kwata. 28 Nanso sɛ ɛhɔ te sɛ deɛ ɛte na ɛntrɛɛ honam no mu na ahye a, ɛkyerɛ sɛ ɛhɔ na asoa kɛkɛ. Ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho te, ɛfiri sɛ ɛhɔ na asoa.
29 “Sɛ biribi tɔ ɔbarima anaa ɔbaa bi tiri ho anaa n’abɔdwe ho a, 30 ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ.+ Sɛ ɛte sɛ deɛ adidi kɔ ne honam mu na ɛhɔ nwi no adodo na bebree atutu a, ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho nte. Ɛyɛ yareɛ na ayɛ ne tiri ase anaa n’abɔdwe. Kwata na ayɛ ne tiri ho anaa n’abɔdwe. 31 Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhu sɛ yareɛ no nnidi nkɔɔ honam no mu na nwi tuntum biara nni hɔ a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no mfa onii no nko ara nkɔsie baabi nnanson.+ 32 Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no nsan nhwɛ yareɛ no, na sɛ deɛ atɔ ne ho no ntrɛeɛ, na sɛ nwi no nnodoeɛ, na yareɛ no nnidi nkɔɔ honam no mu a, 33 ɛnneɛ onii no nyi ne tiri anaa n’abɔdwesɛ, nanso ɛnsɛ sɛ ɔyi baabi a adeɛ atɔ no. Ma ɔsɔfoɔ no mfa onii no nkɔsie baabi nnanson bio.
34 “Afei da a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no nsan nhwɛ baabi a yareɛ no wɔ no. Sɛ yareɛ a aka ne tiri ne n’abɔdwe no ntrɛeɛ na sɛ ɛnnidi nkɔɔ ne honam mu a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho te. Ɔnsi n’ataadeɛ na ne ho nte. 35 Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no ka sɛ ne ho te na akyire yi, yareɛ no trɛ wɔ ne honam ani a, 36 ɔsɔfoɔ no nsan nhwɛ. Na sɛ ɔhu sɛ yareɛ no atrɛ wɔ ne honam ani a, ɛho nhia sɛ ɔhwɛ sɛ ɛhɔ nwi no adodo; deɛ ɛkyerɛ ara ne sɛ ne ho nte. 37 Nanso sɛ ɔhwɛ na ɔhu sɛ yareɛ no ntrɛeɛ na nwi tuntum afu wɔ hɔ a, ɛkyerɛ sɛ yareɛ no kɔ. Ne ho te, enti ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho te.+
38 “Sɛ nsaa mfitamfitaa bi bɛtotɔ ɔbarima anaa ɔbaa bi honam* ani a, 39 ɔsɔfoɔ no nhwɛ.+ Sɛ ɔhu sɛ nsaa mfitamfitaa a atotɔ ne honam ani no ahye kakra a, ɛkyerɛ sɛ deɛ atotɔ ne honam ani no nyɛ hu. Ne ho te.
40 “Sɛ ɔbarima bi tiri so pa a, ne ho te. 41 Sɛ ne tiri so apa firi ne moma so akɔsi n’apampam a, ne ho te. 42 Nanso sɛ biribi fitaa a adodo bɛtɔ n’apampam a apa no anaa ne moma so a, ɛyɛ kwata na apue wɔ n’apampam anaa ne moma so. 43 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ no, na sɛ ɔhu sɛ nsaa fitaa a adodo na abɛtɔ n’apampam anaa ne moma so te sɛ kwata a ɛwɔ ne honam ani a, 44 ɔyɛ kwatani. Ne ho nte. Deɛ abɛtɔ n’apampam anaa ne moma so nti, ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no kyerɛ sɛ ne ho nte. 45 Ɛsɛ sɛ deɛ kwata wɔ ne ho no suane n’ataadeɛ mu na ogya ne tiri nwi saa ara. Afei ma no nkata ne mfemfem so na ɔnteam sɛ, ‘Me ho nte, me ho nte!’ 46 Nna a yareɛ no wɔ ne ho nyinaa, ne ho rente. Ɛsiane sɛ ne ho nte nti, ɔbɛte ne ho akɔtena baabi wɔ asoɛeɛ no akyi.+
47 “Sɛ biribi a ayɛ sɛ kwata totɔ ataadeɛ a wɔde aboa nwi ayɛ anaa deɛ wɔde nwera ayɛ mu, 48 anaasɛ ɛtotɔ ahoma a wɔde nwene nwera anaa kuntu mu, anaasɛ ɛtotɔ aboa nwoma anaa biribi a wɔde nwoma ayɛ mu, 49 na sɛ biribi a ɛte sɛ akokɔsradeɛ anaa biribi a ɛbere totɔ ataadeɛ, nwoma, ahoma, nwentoma, anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ mu a, ɛyɛ kwata, na ɛsɛ sɛ wɔde kyerɛ ɔsɔfoɔ no. 50 Ɔsɔfoɔ no nhwɛ na ɔmfa adeɛ a kwata wom no nsie nnanson.+ 51 Ɛda a ɛtɔ so nson no, sɛ ɔhu sɛ kwata no atrɛ wɔ ataadeɛ, ahoma, nwentoma, anaa nwoma mu (ɛmfa ho deɛ wɔde nwoma no yɛ) a, ɛyɛ kwata a ɛtumi san, na ɛho nte.+ 52 Ɛsɛ sɛ ɔhye ataadeɛ, ahoma, nwentoma anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ a kwata wom no, ɛfiri sɛ ɛyɛ kwata a ɛtumi san. Ɛsɛ sɛ wɔde gya hye.
53 “Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhu sɛ yareɛ no ntrɛɛ wɔ ataadeɛ, ahoma, nwentoma, anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ no mu a, 54 ɔsɔfoɔ no mma wɔnsi adeɛ a yareɛ wom no na ɔnsan mfa nsie nnanson. 55 Sɛ wɔsi no yie na akyire yi ɔsɔfoɔ no hwɛ na sɛ mpo deɛ atotɔ mu no ntrɛeɛ nanso ɛnkɔeɛ a, ɛho nte. Ɛsɛ sɛ wohye no gya mu, ɛfiri sɛ yareɛ no na awewe emu anaa akyire.
56 “Nanso sɛ wɔsi no yie na akyire yi ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhu sɛ deɛ atotɔ mu no rekɔ a, ɔnte ɛhɔ mfiri ataadeɛ, nwoma, ahoma, anaa nwentoma no mu. 57 Nanso sɛ ɔsan hu no ataadeɛ, ahoma, nwentoma, anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ no mu baabi foforɔ biara a, ɛkyerɛ sɛ ɛretrɛ, enti biribiara a wɔbɛhu yareɛ no wom no, fa gya hye.+ 58 Na sɛ wɔsi ataadeɛ, ahoma, nwentoma, anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ no wie na wɔhu sɛ deɛ atotɔ mu no afiri mu a, wɔnsan nsi bio na ama ɛho ate.
59 “Wei ne mmara a ɛwɔ hɔ berɛ a kwata atotɔ ataadeɛ a wɔde aboa nwi ayɛ, deɛ wɔde nwera ayɛ, ahoma, nwentoma, anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ mu no. Wei na wɔde bɛkyerɛ sɛ ɛho te anaa ɛho nte.”