Numeri
27 Na Selofehad mma mmaa+ a wɔfiri Yosef ba Manase abusuakuo mu no bae. Ná Selofehad papa ne Hefer, Hefer papa ne Gilead, Gilead papa ne Makir, Makir papa ne Manase. Selofehad mma mmaa no din de Mahla, Noa, Hogla, Milka, ne Tirsa. 2 Wɔbɛgyinaa Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar ne mpanimfoɔ no+ ne asafo no nyinaa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano, na wɔkaa sɛ: 3 “Yɛn papa wuu wɔ serɛ no so, nanso nkurɔfoɔ a wɔkaa wɔn ho boom sɔre tiaa Yehowa no, kyerɛ sɛ, Kora akyitaafoɔ no,+ na ɔnka ho. Ɔno ara ne bɔne nti na ɔwuiɛ, na na ɔnni mma mmarima. 4 Adɛn nti na ɔbabarima a yɛn papa nni nti, ɛsɛ sɛ ne din yera firi n’abusua mu? Momma yɛn agyapadeɛ wɔ yɛn papa nuanom mu.” 5 Enti Mose de wɔn asɛm no kɔtoo Yehowa anim.+
6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 7 “Asɛm a Selofehad mma mmaa no reka no yɛ nokorɛ. Enti sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛsɛ sɛ woma wɔn agyapadeɛ wɔ wɔn papa nuanom mu, na woma wɔn papa agyapadeɛ bɛdi wɔn nsam.+ 8 Na ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ ɔbarima wu na ɔnni ɔbabarima a, momfa n’agyapadeɛ mma ne babaa. 9 Sɛ ɔnni ɔbabaa a, ɛnneɛ momfa n’agyapadeɛ mma ne nua mmarima. 10 Na sɛ ɔnni nua mmarima a, momfa n’agyapadeɛ mma ne papa nua mmarima. 11 Na sɛ ne papa nni nuabarima biara a, ɛnneɛ momfa n’agyapadeɛ no mma ne busuani bi a ɔbɛn no paa.* Wei bɛyɛ mmara ne atemmusɛm ama Israelfoɔ, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.’”
12 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Foro kɔ bepɔ a ɛwɔ Abarim yi so,+ na kɔhwɛ asaase a mede bɛma Israelfoɔ no.+ 13 Sɛ wohunu wie a, wɔde wo bɛkɔ akɔka wo nkurɔfoɔ ho*+ sɛdeɛ wɔyɛɛ wo nua Aaron no,+ 14 ɛfiri sɛ berɛ a asafo no ne me ham wɔ Sina serɛ so no, meka kyerɛɛ mo sɛ monni me ni wɔ asafo no anim mma wɔnhunu sɛ meyɛ kronkron na momma wɔn nsuo, nanso moyɛɛ asoɔden.+ Wei ne Meriba nsuo+ a ɛwɔ Kades+ wɔ Sina serɛ so+ no.”
15 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: 16 “Yehowa, Onyankopɔn a woma nnipa nyinaa nkwa,* yi ɔbarima bi ma no nni asafo yi anim, 17 ɔbarima a ɔbɛdi wɔn anim akɔ aba, deɛ ɔde wɔn bɛpue akɔ na ɔde wɔn aba mu, na Yehowa asafo no anyɛ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.” 18 Enti Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Frɛ Nun ba Yosua, ɔbarima a ɔtumi di nnipa anim* no, na fa wo nsa gu ne so.+ 19 Afei fa no bɛgyina ɔsɔfoɔ Eleasar anim ne asafo no nyinaa anim, na yɛ no ɔkannifoɔ wɔ wɔn anim.+ 20 Na fa wo tumi* no bi ma no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Israel asafo no nyinaa bɛtie no.+ 21 Ɔbɛgyina ɔsɔfoɔ Eleasar anim, na Eleasar bɛgyina n’ananmu de Urim* abisa Yehowa hɔ akwankyerɛ.*+ Sɛ ɔka sɛ wɔmpue nkɔ a wɔbɛkɔ, na ɔka sɛ wɔmmra mu a wɔbɛba, ɔne Israelfoɔ a wɔka ne ho nyinaa ne asafo no nyinaa.”
22 Enti Mose yɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ no no. Na ɔfrɛɛ Yosua, na ɔde no bɛgyinaa ɔsɔfoɔ Eleasar anim ne asafo no nyinaa anim, 23 na ɔde ne nsa guu ne so yɛɛ no ɔkannifoɔ+ sɛdeɛ Yehowa nam Mose so kaeɛ no.+