Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
4 Ɔhene Solomon dii Israel nyinaa so hene.+ 2 Ne mpanimfoɔ din na ɛdidi so yi: Sadok+ ba Asaria na na ɔyɛ ɔsɔfoɔ; 3 Sisa mma Elihoref ne Ahiya na na wɔyɛ atwerɛfoɔ;+ Ahilud ba Yehosafat+ deɛ, na ɔyɛ ɔhene krakye; 4 Yehoiada ba Benaia+ na na ɔda asraafoɔ no ano, ɛnna Sadok ne Abiatar+ yɛ asɔfoɔ; 5 Natan+ ba Asaria na na ɔda akunini no ano, ɛnna Natan ba Sabud yɛ ɔsɔfoɔ ne ɔhene adamfo;+ 6 Ahisa na na ɔyɛ efiepanin, na Abda ba Adoniram+ na na ɔhwɛ apaafoɔ+ so.
7 Ná Solomon wɔ akunini 12 a wɔdeda Israel nyinaa ano, na wɔn na wɔde aduane brɛɛ ɔhene ne ne fiefoɔ. Wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ afe biara wɔn mu biara mfa aduane mmra bosome baako.+ 8 Wɔn din na ɛdidi so yi. Hur ba: ɔno na ɔhwɛɛ Efraim mmepɔ so nkuro so; 9 Deker ba: baabi a ɔhwɛɛ so ne Makas, Saalbim,+ Bet-Semes, ne Elon-Bet-Hanan; 10 Hesed ba: ɔhwɛɛ Arubot so (ná Soko ne Hefer asaase nyinaa nso hyɛ ne nsa); 11 Abinadab ba: ɔhwɛɛ Dor bepɔ so nkuro nyinaa so (ɔwaree Solomon babaa Tafat); 12 Ahilud ba Baana: baabi a ɔhwɛɛ so ne Taanak, Megido+ ne Bet-Sean+ nyinaa a ɛbɛn Saretan a ɛwɔ Yesreel ase no, ɛne Bet-Sean kɔsi Abel-Mehola kɔsi Yokmeam+ mpɔtamu; 13 Geber ba: baabi a ɔhwɛɛ so ne Ramot-Gilead+ (ná Manase ba Yair+ nkuraa-nkuraa a ɛwowɔ Gilead+ no hyɛ ne nsa; ná Argob+ a ɛwɔ Basan+ no nso hyɛ ne nsa: nkuro akɛseɛ 60 a ɛwɔ afasuo ne kɔbere mmeamu); 14 Ido ba Ahinadab: ɔhwɛɛ Mahanaim+ so; 15 Ahimahas: ɔhwɛɛ Naftali so (ɔno nso waree Solomon babaa Basemat); 16 Husai ba Baana: ɔhwɛɛ Aser ne Bealot so; 17 Parua ba Yehosafat: ɔhwɛɛ Isakar so; 18 Ela ba Simei:+ ɔhwɛɛ Benyamin+ so; 19 Uri ba Geber: baabi a ɔhwɛɛ so ne Gilead+ asaase, Amorifoɔ hene Sihon+ asaase, ne Basan hene Og+ deɛ. Okunini baako na na ɔda akunini a aka no nyinaa ano wɔ asaase no so.
20 Ná Yudafoɔ ne Israelfoɔ dɔɔso te sɛ mpoano anwea;+ wɔdidi nomee, na wɔdii ahurisie.+
21 Solomon dii ahennie nyinaa so, ɛfiri Asubɔnten no*+ ho kɔsi Filistifoɔ asaase so ne Egypt hyeɛ so. Nkurɔfoɔ de akyɛdeɛ brɛɛ Solomon, na wɔsom no ne nkwa nna nyinaa.+
22 Ná Solomon fie da koro aduane yɛ esiam muhumuhu kor* 30 ne esiam foforɔ kor 60, 23 anantwie 10 a wɔadɔre sradeɛ, anantwie 20 a wɔkɔ adidie, ne nnwan 100; awansane, atwe, akwaduo, ne nnomaa a wɔadɔre sradeɛ mpo deɛ, wɔnkan. 24 Ɔdii tumi wɔ biribiara a ɛwɔ Asubɔnten no fã ha*+ so, ɛfiri Tifsa kɔsi Gasa,+ ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten no fã ha nyinaa; ɔnyaa asomdwoeɛ n’ahennie nyinaa mu wɔ afã nyinaa.+ 25 Solomon berɛ so nyinaa, Yuda ne Israel tenaa ase dwoodwoo; ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba obiara tenaa ne bobe ne ne borɔdɔma ase.
26 Ná Solomon wɔ apɔnkɔdan 4,000* a ɔde n’apɔnkɔ a wɔtwe nteaseɛnam gu mu, ne apɔnkɔ* 12,000.+
27 Akunini yi na wɔmaa Ɔhene Solomon ne obiara a ɔdidi Ɔhene Solomon pono so aduane. Bosome biara na ɛwɔ deɛ ɔde ne deɛ ba, na na wɔhwɛ sɛ biribiara wɔ hɔ.+ 28 Wɔde baali* ne serɛ nso brɛɛ apɔnkɔ no ne apɔnkɔ a na wɔtwe nteaseɛnam no; baabiara a wɔhia bi no, wɔde kɔe sɛdeɛ obiara adwuma teɛ.
29 Na Onyankopɔn maa Solomon nyansa ne nhunumu pii ne akoma a emu nteaseɛ dɔɔso te sɛ mpoano anwea.+ 30 Ná Solomon nyansa dɔɔso sene Apueeɛ Famfoɔ nyinaa nyansa ne Egyptfoɔ nyansa nyinaa.+ 31 Ná ɔnim nyansa sene onipa biara; Esrahini Etan+ ne Mahol mma Heman+ ne Kalkol+ ne Darda mpo, na ɔnim nyansa sene wɔn. Ne din hyetaa aman a atwa ne ho ahyia nyinaa mu.+ 32 Ɔtumi buu mmɛ+ 3,000, na ɔhyehyɛɛ nnwom+ 1,005. 33 Ɔkaa nnua ho asɛm, ɛfiri sida a ɛwɔ Lebanon so kɔsi sommɛ*+ a ɛfifi dan ho so; ɔkaa mmoa+ ne nnomaa+ ne mmoa a wɔwea*+ ne mpataa ho asɛm. 34 Nkurɔfoɔ firii aman nyinaa mu bɛtiee Solomon nyansa; ahemfo a wɔfiri asaase so mmaa nyinaa a wɔtee ne nyansa ho asɛm nso bɛtiee no.+