Nehemia
6 Wɔka kyerɛɛ Sanbalat, Tobia,+ ne Arabiani+ Gesem ne yɛn atamfo a aka no sɛ masan ato ɔfasuo no+ na masisi ntokuro no nyinaa (nanso ɛde bɛsi saa berɛ no na mensisii ɛho apono).+ Berɛ a wɔka kyerɛɛ wɔn no, 2 ntɛm ara na Sanbalat ne Gesem soma bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Bra ma yɛnyɛ nhyehyɛeɛ nhyia wɔ nkuraa no bi ase wɔ Ono Asaasetraa+ no so.” Nanso na wɔrebɔ pɔ adi me bɔne. 3 Ɛnna metuu abɔfoɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adwuma a mereyɛ no so, enti merentumi mma. Ɛdeɛn nti na ɛsɛ sɛ megyae ba mo nkyɛn ma adwuma no ka?” 4 Wɔsoma bɛkaa asɛm korɔ no ara kyerɛɛ me mprɛ nnan, na wɔba biara a, deɛ meka ara na meka.
5 Afei Sanbalat de asɛm korɔ no ara somaa ne somfoɔ baa me nkyɛn ne mprɛ nnum so, na na ɔkura krataa bi a ano da hɔ. 6 Krataa no mu nsɛm nie: “Nkurɔfoɔ rekeka wɔ amanaman no mu, na Gesem+ nso reka bi sɛ wo ne Yudafoɔ no pɛ sɛ mote atua.+ Ɛno nti na moreto ɔfasuo no; deɛ wɔrekeka no kyerɛ sɛ wobɛdi wɔn so hene. 7 Woayiyi adiyifoɔ nso sɛ wɔmpae mu nka wo ho asɛm wɔ Yerusalem nyinaa sɛ, ‘Yuda anya ɔhene!’ Na saa nsɛm no, ɔhene bɛte. Enti bra ma yɛntu ho agyina.”
8 Nanso mesoma kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nsɛm a woreka yi biara nnim; wo ara na woabɔ wo tirim reka.”* 9 Ná wɔn nyinaa pɛ sɛ ehu ka yɛn, na wɔkekaa sɛ: “Wɔn nsam bɛgo ama adwuma no aka.”+ Enti mebɔɔ mpaeɛ sɛ Onyankopɔn nhyɛ me nsam den.+
10 Ɛnna mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fie; saa berɛ no, na ɔmpue nkɔ baabiara. Ɔkaa sɛ: “Ma yɛnyɛ nhyehyɛeɛ nhyia wɔ nokorɛ Nyankopɔn no fie, wɔ asɔredan no mu, na yɛntoto apono no mu ɛfiri sɛ wɔreba abɛku wo; anadwo na wɔbɛba abɛku wo.” 11 Ɛnna meka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbarima te sɛ me na mennwane? Na asɔredan no mu deɛ, hwan na ɔte sɛ me a ɔbɛwura mu anya ne tiri adidi mu?+ Merenwura mu!” 12 Mebɛhuu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na asoma no, na mmom Tobia ne Sanbalat+ na wɔbɔɔ no paa sɛ ɔnhyɛ nkɔm ntia me. 13 Wɔbɔɔ no paa sɛ ɔnyɛ mma ehu nka me na menyɛ bɔne na wɔanya me abɔ me dimmɔne na wɔagu m’anim ase.
14 O me Nyankopɔn, deɛ Tobia+ ne Sanbalat reyɛ yi, kae. Odiyifoɔbaa Noadia ne adiyifoɔ a aka a daa wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ehu aka me no nso, kae wɔn.
15 Ɔfasuo no, wɔto wiee Elul* da a ɛtɔ so 25. Ɛgyee nnafua 52.
16 Berɛ a yɛn atamfo nyinaa teeɛ na aman a atwa yɛn ho ahyia nyinaa hunuiɛ no, wɔn ani wuu paa,*+ na wɔhuu sɛ yɛn Nyankopɔn na aboa yɛn ama yɛatumi awie adwuma yi. 17 Saa berɛ no, na Yuda atitire no+ twerɛtwerɛ nkrataa kɔma Tobia, na na Tobia nso twerɛ bi brɛ wɔn. 18 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na nnipa pii wɔ Yuda a wɔakɔ n’afã, ɛfiri sɛ na ɔyɛ Arah+ ba Sekania asebarima, na na ne ba Yehohanan nso ware Berekia ba Mesulam+ babaa. 19 Afei nso, na wɔtaa ka ne ho asɛmpa kyerɛ me, na deɛ mɛka biara nso na wɔakɔka akyerɛ no. Tobia twerɛtwerɛɛ nkrataa brɛɛ me sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ehu bɛka me.+