Dwom
Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ sɛ wɔmfa asankuo nto. Dawid dwom.
4 O me tenenee Nyankopɔn,+ mefrɛ wo a, gye me so.
Sɛ mekɔ ahohia mu a, ma mennya me ho ntete.*
Hu me mmɔbɔ na tie me mpaebɔ.
2 Nnipa mma, mobɛbu m’animuonyam animtia akɔsi da bɛn?
Mobɛdɔ adehunu akɔsi da bɛn? Mobɛdi atorɔ akyi akɔsi da bɛn? (Sela)
4 Mo bo mfu, nanso monnyɛ bɔne.+
Monka mo asɛm mo akoma mu wɔ mo mpa so, na monyɛ komm. (Sela)
6 Nnipa pii rekeka sɛ: “Hwan na ɔbɛma yɛahunu adepa?”
O Yehowa, ma w’anim hann nhyerɛn yɛn so.+