Yesaia
Yehowa frɛɛ me ansa na wɔrewo me.*+
Berɛ a mehyɛ me maame yam na ɔbɔɔ me din.
Ɔyɛɛ me sɛ agyan a wɔase ano;
Ɔde me siee n’agyan kotokuo mu.
4 Nanso mekaa sɛ: “Mabrɛ agu.
Masɛe m’ahoɔden wɔ biribi a mfasoɔ nni so ho, adehunu ho.
5 Na afei, Yehowa, Deɛ ɔyɛɛ me firii yafunu mu sɛ memmɛyɛ n’akoa no,
Ɔse memfa Yakob nsan mmrɛ no,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛboaboa Israel ano aba ne nkyɛn.+
Wɔbɛhyɛ me animuonyam wɔ Yehowa anim,
Na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden.
6 Na ɔkaa sɛ: “Woyɛ m’akoa
A wobɛma Yakob mmusua so
Na wode Israelfoɔ a wɔakora wɔn so no asan aba; nanso ɛnyɛ ɛno nko ara.
7 Asɛm a Yehowa, Israel Gyefoɔ, Israel Kronkronni+ no, aka akyerɛ deɛ wɔbu no animtia,*+ deɛ ɔman no kyiri no, deɛ ɔyɛ atumfoɔ akoa no nie:
“Ahemfo bɛhunu na wɔasɔre,
Na aberempɔn bɛkoto
Ɛsiane Yehowa a ɔyɛ ɔnokwafoɔ,+
Israel Kronkronni no, deɛ wayi wo no nti.”+
8 Deɛ Yehowa aka nie:
Nkwagyeɛ da na meboaa wo;+
Na mekɔɔ so bɔɔ wo ho ban sɛ mede wo bɛyɛ apam ama nnipa,+
Na woasiesie asaase no,
Na woama wɔasan anya wɔn agyapadeɛ a na asɛe no bio,+
Na woaka akyerɛ wɔn a wɔwɔ sum mu+ no sɛ, ‘Monyi mo ho adi!’
Akwan ho na wɔbɛdidie,
Na anammɔnkwan nyinaa ho* bɛyɛ wɔn adidibea.
12 Hwɛ! Weinom bɛfiri akyirikyiri aba,+
Na hwɛ! Weinom bɛfiri atifi ne atɔeɛ aba,
Na weinom bɛfiri Sinim asaase so aba.”+
13 Ɔsoro, bɔ ose; asaase, di ahurisie.+
Momma mmepɔ mfa anigyeɛ mmɔ ose.+
14 Nanso Sion kɔɔ so kaa sɛ:
“Yehowa apo me;+ Yehowa werɛ afi me.”+
15 Ɔbaa werɛ bɛtumi afi ne ba a ɔtua nufoɔ ano anaa?
Ne yam renhyehye no mma ne yam ba anaa?
Sɛ mmaa yi werɛ bɛfi mpo a, me deɛ, me werɛ remfi wo da.+
16 Hwɛ! Matwerɛ* wo din agu me nsayam; ɛrempepa.
W’afasuo wɔ m’anim daa.
17 Wo mma de ahoɔherɛ bɛsan aba.
Na wɔn a wɔdwirii wo guiɛ na wɔsɛee wo no bɛfiri wo nkyɛn akɔ.
18 Ma w’ani so na hwɛ wo ho hyia.
Wɔn nyinaa reboaboa wɔn ho ano.+
Wɔreba wo nkyɛn.
Na Yehowa aka sɛ: “Sɛ́ mete ase yi,
Wobɛhyɛ wɔn nyinaa te sɛ ataadeɛ a ɛyɛ fɛ,
Na wode wɔn ato wo kɔn mu sɛdeɛ ayeforɔ de kɔnmuadeɛ to ne kɔn mu no.
19 Ɛwom sɛ wɔsɛee w’asaase, ɛdaa mpan, na ɛdanee amamfo,+
Nanso afei deɛ, ɛhɔ bɛyɛ ketewa ama wɔn a wɔte hɔ no,+
20 Na mma a wowoo wɔn berɛ a wo mma wuiɛ no, wɔbɛka ama woate sɛ,
‘Ɛha sua dodo ma me.
Ma me baabi wɔ ha ntena.’+
21 Na wobɛka no wɔ w’akomam sɛ,
‘Hwan na ɔwoo weinom maa me?
Ɛfiri sɛ meyɛ ɔbaa a mahwere me mma na meyɛ bonini,
Na wɔtuu me firii m’asaase so kɔe, na mekɔyɛɛ deduani.
Hwan na ɔtetee weinom?+
Hwɛ! Ɛkaa me nko ara,+
Wɔbɛkoto wo de wɔn anim abutubutu fam,+
Na wɔatafere wo nan ase mfuturo;+
Na wobɛhunu sɛ mene Yehowa;
Wɔn a wɔde wɔn ho to me so no ani renwu.”+
24 Wɔn a ɔsabarima akye wɔn no, obi bɛtumi agye wɔn afiri ne nsam anaa?
Na wɔn a otirimuɔdenfoɔ akye wɔn no, obi bɛtumi agye wɔn anaa?
25 Nanso deɛ Yehowa aka nie:
“Wɔn a ɔsabarima akye wɔn mpo, wɔbɛgye wɔn afiri ne nsam,+
Na wɔn a otirimuɔdenfoɔ akye wɔn no, wɔbɛgye wɔn.+
Deɛ ɔne wo di asie no, me ne no bɛdi asie,+
Na mɛgye wo mma.