Yesaia
24 Hwɛ! Yehowa bɛpra obiara afiri asaase no so na wama no ada mpan.+
Wadane asaase no ani abutu+ na wabɔ ɛsofoɔ ahwete.+
2 Wɔn nyinaa gyinabea bɛyɛ pɛ:
Ɔmanfoɔ ne ɔsɔfoɔ bɛyɛ pɛ,
Akoa ne ne wura bɛyɛ pɛ,
Abaawa ne n’awuraa bɛyɛ pɛ,
Deɛ ɔretɔ ne deɛ ɔretɔn bɛyɛ pɛ,
Deɛ ɔde fɛm ne deɛ ɔfɛm bɛyɛ pɛ,
Deɛ ɔbɔ bosea ne deɛ ɔgye bosea bɛyɛ pɛ.+
4 Asaase no redi awerɛhoɔ;*+ ɛrehi.
Asaase* no akusa; ɛresa.
Asaase no so atitire so ate.
Ɛno nti na asaase no sofoɔ so ateɛ,
Na aka nnipa kakraa bi no.+
8 Nnwom dɛdɛ a wɔde mpintin bɔ no aba awieeɛ;
Ahosɛpɛfoɔ dede to atwa;
Nnwom dɛdɛ a wɔde sankuo bɔ no aba awieeɛ.+
11 Wɔsu hwehwɛ nsã* wɔ mmɔnten so.
Anigyeɛ nyinaa ayera;
Asaase no so ahurisidie atu ayera.+
13 Na sei na ɛbɛyɛ wɔ asaase no so, aman no mu:
14 Wɔbɛma wɔn nne so,
Wɔbɛdi ahurisie.
Wɔbɛfiri po so* aka Yehowa kɛseyɛ.+
15 Ɛno nti wɔbɛhyɛ Yehowa animuonyam wɔ hann fibea,*+
Na wɔbɛhyɛ Israel Nyankopɔn Yehowa din animuonyam wɔ po so nsupɔ so.+
16 Yɛte nnwom firi asaase no so akyirikyiri sɛ:
“Animuonyam* nka Ɔteneneeni no!”+
Na meka sɛ: “Merefɔn, merefɔn!
Asɛm ato me! Nkontompofoɔ di nkontomposɛm.
Nkontompofoɔ nam nkontompo so di nkontomposɛm.”+
17 Wo a wote asaase so, ehu ne amena ne fidie da hɔ retwɛn wo.+
18 Obiara a ɔbɛte nnyegyeeɛ a ɛyɛ hu a ɔbɛdwane no, ɔbɛtɔ amena mu,
Na obiara a ɔbɛpue afiri amena mu no, fidie bɛyi no.+
Ɛfiri sɛ wɔbɛbue ɔsoro mpomma,
Na asaase nnyinasoɔ awoso.
20 Asaase no hinhim sɛ sabofoɔ,
Na ɛkɔ afã-afã te sɛ apata a mframa rebɔ no.
N’amumuyɛsɛm ayɛ ne so duru,+
Na ɛbɛhwe ase a ɛrensɔre bio.
21 Saa da no, Yehowa bɛbu ɔsoro asraafoɔ atɛn,
Na ɔbɛbu asaase so ahemfo atɛn wɔ asaase so.
22 Na wɔbɛboaboa wɔn ano
Sɛdeɛ wɔboaboa nneduafoɔ ano gu amena mu,
Na wɔde wɔn bɛgu afiase ato wɔn mu,
Na nna bebree akyi no, wɔbɛba abɛhwɛ wɔn.