Hesekiel
40 Berɛ a kuro no sɛeeɛ a wɔtuu yɛn firii yɛn asaase so no, mfeɛ 14 akyi na Yehowa honhom* baa me so na ɔde me kɔɔ kuro no mu wɔ afe a ɛtɔ so 25 no mfitiaseɛ, bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so du pɛpɛɛpɛ.+ 2 Onyankopɔn nam anisoadehunu so de me kɔɔ Israel asaase so, na ɔde me kɔgyinaa bepɔ tenten bi so.+ Na mehuu biribi te sɛ kuro wɔ bepɔ no so wɔ anaafoɔ fam.
3 Berɛ a ɔde me kɔɔ hɔ no, mehuu ɔbarima bi a ne ho te sɛ kɔbere.+ Ná ɔkura ahoma* ne demmire* a wɔde susu adeɛ.+ Ná ɔgyina kwan no ano. 4 Ɔbarima no ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, bue w’ani hwɛ na fa w’aso tie no yie, na biribiara a mɛkyerɛ wo no, hwɛ no yie, ɛfiri sɛ ɛno nti na wɔde wo baa ha. Ka deɛ wobɛhunu biara kyerɛ Israel fie.”+
5 Mehuu sɛ fasuo atwa asɔrefie* no ho ahyia. Ná ɔbarima no kura demmire a wɔde susu adeɛ, na na ne tenten bɛyɛ basafa nsia (basafa biara, wɔsusu nsayam* ka ho).* Ɔfirii aseɛ susuu fasuo no. Ná ne pipiripie yɛ demmire baako, na ne tenten nso yɛ demmire baako.
6 Afei ɔbaa ponkɛseɛ a anim kyerɛ apueeɛ fam no+ ho, na ɔforoo ne stɛps no. Berɛ a ɔsusuu ɛkwan a ɛda ponkɛseɛ no anim no, na ne tɛtrɛtɛ yɛ demmire baako, na ɛkwan a ɛda ponkɛseɛ no fã nohoa nso yɛ demmire baako. 7 Ná awɛmfoɔ pia biara tenten yɛ demmire baako, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ demmire baako. Ɛkwan a ɛda awɛmfoɔ mpia no ntam yɛ basafa nnum.+ Ɛponkɛseɛ a ɛbɛn abrannaa a anim kyerɛ asɔrefie no mu no, ɛkwan a ɛda animu no yɛ demmire baako.
8 Berɛ a ɔsusuu ponkɛseɛ no abrannaa no de rekɔ dan no mu no, na ɛyɛ demmire baako. 9 Afei ɔsusuu ponkɛseɛ no abrannaa no. Ná ɛyɛ basafa nwɔtwe. Ɔsusuu ɛho adum no, na na ɛno nso yɛ basafa mmienu. Ná ponkɛseɛ no abrannaa no anim kyerɛ asɔrefie no mu.
10 Ɛponkɛseɛ a ɛwɔ apueeɛ fam no, na awɛmfoɔ mpia mmiɛnsa na ɛwɔ ɛfã biara. Ná mmiɛnsa no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ, na na ɛho adum a ɛwɔ ɛfã biara nso kɛseɛ yɛ pɛ.
11 Afei ɔsusuu ɛkwan a ɛda pono no ano hwɛɛ ne tɛtrɛtɛ. Ná ɛyɛ basafa 10, na ne tenten nso yɛ basafa 13.
12 Ɛban a wɔde agye awɛmfoɔ mpia no ho no, na animu ne akyire nyinaa yɛ basafa baako. Awɛmfoɔ mpia a ɛwɔ ɛfã biara no, na ebiara yɛ basafa nsia.
13 Afei ɔsusuu ɛpono no firii awɛmfoɔ pia baako atifi kɔsii foforɔ atifi. Ná ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 25. Ná akwan a ɛda apono no ano no di nhwɛanimu.+ 14 Ɔsusuu adum no. Ná ne tenten yɛ basafa 60, na ɔsusuu adihɔ hɔ aponkɛseɛ no ho adum nyinaa. 15 Ɛfiri ponkɛseɛ no ano kɔsi abrannaa no ano wɔ ɛfã nohoa yɛ basafa 50.
16 Ná mpomma a aka apua+ wowɔ awɛmfoɔ mpia ne adum no ho wɔ ɛfã biara. Abrannaa no mu nso, na mpomma wowɔ ɛfã biara. Ná mmɛdua mfoni+ wɔ adum no biara ho.
17 Afei ɔde me baa akyire hɔ adihɔ hɔ, na mehuu adidibea,+ na na wɔahyehyɛ aboɔ wɔ fam wɔ adihɔ hɔ. Ná adidibea 30 na ɛwɔ hɔ. 18 Wɔahyehyɛ aboɔ wɔ fam wɔ aponkɛseɛ no nkyɛn ma ɛne apono no tenten yɛ pɛ. Ɛhɔ wɔ fam sene adihɔ a ɛwɔ mfimfini no.
19 Na ɔsusu firii ɛponkɛseɛ no ano kɔsii adihɔ a ɛwɔ mfimfini no anim. Apueeɛ fam ne atifi fam nyinaa, na ɛyɛ basafa 100.
20 Ɛpono da adihɔ a ɛwɔ akyire hɔ no ano; ná anim kyerɛ atifi fam. Ɔsusuu ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ. 21 Ná awɛmfoɔ mpia mmiɛnsa wɔ ɛfã biara. Berɛ a ɔsusuu ɛho adum ne n’abrannaa no, na ɛte sɛ ɛpono a ɛdi kan no deɛ. Ne tenten yɛ basafa 50 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 25. 22 Ne mpomma, n’abrannaa, ne ne mmɛdua a wɔayɛ wɔ ho+ no kɛseɛ te sɛ deɛ ɛwɔ ɛpono a anim kyerɛ apueeɛ fam no ho. Sɛ nkurɔfoɔ pɛ sɛ wɔkɔ hɔ a, wɔfa stɛps nson so na ɛkɔ, na abrannaa wɔ animu.
23 Ná ɛpono da adihɔ a ɛwɔ mfimfini hɔ no ano. Ɛne ponkɛseɛ a ɛwɔ atifi fam ne apueeɛ fam no di nhwɛanimu. Ɔsusu firii ɛpono baako ano kɔɔ foforɔ ano, na na ɛyɛ basafa 100.
24 Ɛno akyi no, ɔde me baa anaafoɔ fam, na mehuu ɛpono bi a ɛwɔ anaafoɔ.+ Ɔsusuu ɛho adum ne abrannaa no, na na ne nyinaa kɛseɛ te sɛ deɛ medii kan hunuiɛ no. 25 Ná mpomma wowɔ ɛne n’abrannaa no fã biara te sɛ mpomma a aka no. Ne tenten yɛ basafa 50 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 25. 26 Wɔforo stɛps nson na ɛkɔ hɔ,+ na abrannaa wɔ animu. Wɔayeyɛ mmɛdua mfoni wɔ n’adum no ho, baako wɔ ha na baako wɔ ha.
27 Ná ɛponkɛseɛ bi wɔ adihɔ a ɛwɔ mfimfini hɔ no, na na anim kyerɛ anaafoɔ fam. Na ɔsusu kɔɔ anaafoɔ fam, ɔde firii ɛpono baako ano kɔsii ɛpono foforɔ ano; ná ɛyɛ basafa 100. 28 Ɛno akyi no, ɔde me faa ponkɛseɛ a ɛwɔ anaafoɔ fam no mu kɔɔ adihɔ a ɛwɔ mfimfini no. Berɛ a ɔsusuu ponkɛseɛ a ɛwɔ anaafoɔ fam no, na ɛne aponkɛseɛ a aka no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. 29 Berɛ a wɔsusuu n’awɛmfoɔ mpia, ne ɛho adum ne n’abrannaa no, na ne kɛseɛ te sɛ deɛ aka no ara. Mpomma wowɔ ne fã biara, na abrannaa wɔ animu. Ná ne tenten yɛ basafa 50 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 25.+ 30 Ná abrannaa wɔ ho nyinaa; ne tenten yɛ basafa 25 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 5. 31 N’abrannaa no, na anim kyerɛ adihɔ a ɛwɔ akyire hɔ no, na wɔayeyɛ mmɛdua mfoni wɔ n’adum no ho.+ Ná wɔfa stɛps nwɔtwe so na ɛkɔ hɔ.+
32 Ɔde me faa apueeɛ fam kɔɔ adihɔ a ɛwɔ mfimfini no. Na ɔsusuu pono no, na na ne kɛseɛ te sɛ apono a aka no ara. 33 Awɛmfoɔ mpia a ɛwɔ hɔ no, adum no, ne abrannaa no kɛseɛ te sɛ deɛ aka no ara. Ná mpomma wowɔ ɛne n’abrannaa no fã biara te sɛ mpomma a aka no. Ne tenten yɛ basafa 50 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 25. 34 Abrannaa no, na anim kyerɛ adihɔ a ɛwɔ akyire hɔ no, na wɔayeyɛ mmɛdua mfoni wɔ n’adum mmienu no ho. Ná wɔfa stɛps nwɔtwe so na ɛkɔ hɔ.
35 Afei ɔde me baa ponkɛseɛ a ɛwɔ atifi fam no ano,+ na ɔsusuiɛ no, na ɛne deɛ aka no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. 36 Awɛmfoɔ mpia, adum no, ne abrannaa no kɛseɛ te sɛ deɛ aka no ara. Ná mpomma wowɔ ɛfã biara. Ne tenten yɛ basafa 50 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 25. 37 N’adum anim kyerɛ akyire hɔ adihɔ hɔ, na wɔayeyɛ mmɛdua mfoni wɔ n’adum mmienu no ho. Ná wɔfa stɛps nwɔtwe so na ɛkɔ hɔ.
38 Ná adidibea a ɛpono da ano bɛn aponkɛseɛ no adum no. Ɛhɔ na na wɔhohoro nneɛma a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no ho.+
39 Ɛponkɛseɛ no abrannaa so no, na apono mmienu si ɛfã ha, ɛnna mmienu nso si ɛfã ha. Ɛso na na wɔkum mmoa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ ne bɔne ho afɔreɛ+ ne afɔdie afɔreɛ+ no. 40 Ná apono mmienu sisi ɛkwan a wɔfa so kɔ ponkɛseɛ a ɛwɔ atifi fam no ano. Ɛponkɛseɛ no abrannaa no fã foforɔ nso, na apono mmienu sisi hɔ. 41 Ná apono nwɔtwe sisi ɛponkɛseɛ no ho—nnan wɔ ɛfã ha, na nnan nso wɔ ɛfã ha. Ɛso na na wɔkum mmoa a wɔde bɔ afɔreɛ no. 42 Aboɔ a wɔasene na wɔde yɛɛ apono nnan a na wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no. Ebiara tenten yɛ basafa baako ne fã, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako ne fã, na ɛfiri soro bɛsi fam yɛ basafa baako. Nneɛma a wɔde kum mmoa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne afɔreɛ a aka no, ɛso na na wɔde gu. 43 Ná adeɛ a wɔde nneɛma sensɛn so bobɔ dan no ho nyinaa, na na ebiara tenten yɛ nsayam baako; apono no so na na wɔde mmoa a wɔde bɔ akyɛdeɛ afɔreɛ no nam gu.
44 Ɛponkɛseɛ a ɛwɔ efie no mu no, na nnwontofoɔ adidibea wowɔ nkyɛn.+ Ná ɛwɔ adihɔ a ɛwɔ mfimfini hɔ wɔ ɛponkɛseɛ a ɛwɔ atifi fam no nkyɛn, na na anim kyerɛ anaafoɔ fam. Ná adidibea foforɔ nso wɔ ponkɛseɛ a ɛwɔ apueeɛ fam no ho, na anim kyerɛ atifi fam.
45 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Adidibea a anim kyerɛ anaafoɔ fam yi yɛ asɔfoɔ a asɔrefie hɔ adwuma hyɛ wɔn nsa no dea.+ 46 Adidibea a anim kyerɛ atifi fam no yɛ asɔfoɔ a afɔrebukyia no ho adwuma hyɛ wɔn nsa no dea.+ Wɔyɛ Sadok mma+ a wɔfiri Lewi abusua mu. Wɔn na wɔmaa wɔn adwuma sɛ wɔmmra Yehowa anim mmɛsom.”+
47 Ɛnna ɔsusuu adihɔ a ɛwɔ mfimfini no. Ná ne tenten yɛ basafa 100, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 100; n’afã nnan nyinaa yɛ pɛ. Ná afɔrebukyia no si asɔrefie no anim.
48 Afei ɔde me baa asɔrefie no abrannaa so, na ɔsusuu abrannaa no dum no, na na ɛfã baako yɛ basafa nnum, ɛnna ɛfã baako nso yɛ basafa nnum. Ná ponkɛseɛ no tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmiɛnsa wɔ ɛfã baako, na ɛfã baako nso yɛ basafa mmiɛnsa.
49 Abrannaa no tenten yɛ basafa 20, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 11.* Wɔforo stɛps na ɛkɔ hɔ, na adum foforɔ sisi adum no ho, baako wɔ ha, na baako nso wɔ ha.+