Hesekiel
43 Afei ɔde me kɔɔ ɛpono a ɛkyerɛ apueeɛ fam no ano.+ 2 Ɛhɔ na mehuu sɛ Israel Nyankopɔn animuonyam firi apueeɛ fam reba.+ Ná ne nne te sɛ nsuo pii a ɛreworo so,+ na n’animuonyam maa asaase hyerɛneeɛ.+ 3 Deɛ mehunuiɛ no, na ɛte sɛ adeɛ a mehunuu no m’ani so berɛ a mebaa sɛ merebɛsɛe* kuro no, na na ɛte sɛ deɛ mehuu wɔ Asubɔnten Kebar ho+ no; ɛnna mede m’anim butuu fam.
4 Afei Yehowa animuonyam faa ɛpono a ɛkyerɛ apueeɛ fam no mu baa asɔrefie* hɔ.+ 5 Ɛnna honhom bi maa me so baa adihɔ a ɛwɔ mfimfini hɔ no, na mehuu sɛ Yehowa animuonyam ahyɛ asɔrefie hɔ ma.+ 6 Afei metee sɛ obi a ɔwɔ asɔrefie hɔ ne me rekasa, na ɔbarima no bɛgyinaa me nkyɛn.+ 7 Ɔka kyerɛɛ me sɛ:
“Onipa ba, ɛha na m’ahennwa si+ na ɛha na me nan sisi;+ mɛtena Israelfoɔ mu akɔsi daa.+ Israel fie ne wɔn ahemfo renkɔ so mfa wɔn adwamammɔ* ne wɔn ahemfo a wɔawuwuo no afunu ngu me din kronkron no ho fĩ.+ 8 Wɔsii wɔn pono wɔ me pono ho na wɔde wɔn aponnwa sii m’aponnwa nkyɛn de yɛɛ akyiwadeɛ guu me din kronkron no ho fĩ; ɔfasuo kɛkɛ na na ɛtwa me ne wɔn ntam.+ Enti mede abufuo sɛee wɔn pasaa.+ 9 Afei ma wɔnyi wɔn adwamammɔ ne wɔn ahemfo afunu no mfiri me nkyɛn nkɔ akyirikyiri, na mɛtena wɔn mu daa.+
10 “Na wo, onipa ba, ka asɔrefie no ho asɛm kyerɛ Israel fie+ na wɔn ani nwu wɔn bɔne ho,+ na wɔnhwɛ sɛdeɛ ɛdan no plan teɛ na wɔnhu no yie.* 11 Sɛ deɛ wɔayɛ no nyinaa ma wɔn ani wu a, fa asɔrefie no plan, ɛho nhyehyɛeɛ, n’akwan a wɔde firi adi, ne n’akwan a wɔde ba mu no kyerɛ wɔn.+ Fa ne plan nyinaa, ɛho ahyɛdeɛ ne ɛho mmara kyerɛ wɔn, na twerɛ wɔ wɔn anim, na wɔnhu ne plan, na wɔnni ɛho ahyɛdeɛ so.+ 12 Wei ne asɔrefie no ho mmara. Bepɔ no so nsaase nyinaa yɛ ade kronkron paa.+ Hwɛ, wei ne asɔrefie no ho mmara.
13 “Sɛdeɛ wɔasusu afɔrebukyia no wɔ basafa mu nie+ (basafa biara, nsayam* baako da so).* Aseɛ no tenten yɛ basafa baako, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako. Anoano a atwa ho ahyia no bɛyɛ nsayam mmiɛnsa. Saa na afɔrebukyia no ase teɛ. 14 Ɛfiri aseɛ hɔ kɔsi mfemfamho a ɛwɔ fam no yɛ basafa mmienu, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako. Ɛfiri mfemfamho ketewa no so kɔsi mfemfamho kɛseɛ no so yɛ basafa nnan, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako. 15 Afɔrebukyia no so beaeɛ a wɔsɔ gya no tenten yɛ basafa nnan, na mmɛn nnan sisi afɔrebukyia no so.+ 16 Beaeɛ a wɔsɔ gya no wɔ afã nnan, ne tenten yɛ basafa 12, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 12.+ 17 Mfemfamho kɛseɛ no wɔ afã nnan, na ɛfã biara tenten yɛ basafa 14, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 14. Deɛ wɔde atoto ano ahyia no yɛ basafa fã, na aseɛ no nyinaa yɛ basafa baako.
“Ne stɛps hwɛ apueeɛ fam.”
18 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Sɛ wɔyɛ afɔrebukyia sɛ wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ na wɔmfa mogya mpete so a, wei ne ɛho akwankyerɛ.’+
19 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Fa nantwinini kumaa baako ma Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔyɛ Sadok asefoɔ a wɔba m’anim bɛsom me no, na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔreɛ.+ 20 Fa ne mogya no bi sosɔ mmɛn nnan no ne mfemfamho kɛseɛ no ntwea nnan ne deɛ wɔde atoto ano ahyia no so, na dwira ho na pata ma no.+ 21 Afei fa nantwinini kumaa a wɔde rebɔ bɔne ho afɔreɛ no na kɔhye no kronkronbea no akyi,+ baabi a wɔayi wɔ asɔrefie hɔ no. 22 Da a ɛtɔ so mmienu no, fa apɔnkyenini a dɛm nni ne ho bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ, na ɛnnwira afɔrebukyia no ho mfiri bɔne ho sɛdeɛ wɔde nantwinini kumaa no dwiraa ho no.’
23 “‘Sɛ wodwira ho wie a, wode nantwinini kumaa a dɛm nni ne ho ne odwennini a dɛm nni ne ho bɛba. 24 Wode bɛba Yehowa anim, na asɔfoɔ no de nkyene apete so+ na wɔde abɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ama Yehowa. 25 Da biara wode apɔnkyenini bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ nnanson,+ na wode nantwinini kumaa ne odwennini nso bɛbɔ afɔreɛ; ɛsɛ sɛ wɔyɛ mmoa a dɛm biara nni wɔn ho.* 26 Wɔbɛpata ama afɔrebukyia no nnanson, na wɔbɛte ho ayɛ no krado. 27 Sɛ saa nna no ba awieeɛ a, ɛfiri da a ɛtɔ so nwɔtwe+ rekɔ no, asɔfoɔ no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ ama mo;* na m’ani begye mo ho,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”