Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 40:29
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 29 Ɔde afɔrebukyia a wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so+ no sii ɔsom ntomadan no, kyerɛ sɛ, ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, na wɔabɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ ne aduane afɔreɛ wɔ so, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

  • Leviticus 1:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 “‘Afei ma wɔnkum nantwie ba no wɔ Yehowa anim, na Aaron mma a wɔyɛ asɔfoɔ no+ mfa mogya no mmra, na afɔrebukyia a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano no, wɔmfa mpete so nhyia.+

  • Leviticus 8:18-21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 Ɛno akyi no, ɔde odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no nso bae, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no apampam.+ 19 Afei Mose kum aboa no de ne mogya petee afɔrebukyia no so hyiae. 20 Mose twitwaa odwennini no mu asinasini, na ɔde ne ti, ne nam asinasini no, ne ne sradeɛ* no nyinaa guu gya no mu. 21 Mose de nsuo hohoroo ne nsono ne ne nan ho, na ɔhyee odwennini no nyinaa wɔ afɔrebukyia no so. Ná ɛyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam,* afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

  • Hesekiel 45:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Ɔsɔfoɔ no de aboa a wɔde rebɔ bɔne ho afɔreɛ no mogya no bi bɛyɛ asɔrefie no aponnwa ho,+ afɔrebukyia no mfemfamho no ntwea nnan no so, ne mfimfini hɔ adihɔ pono no ho.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane