Hesekiel
10 Berɛ a megu so rehwɛ no, mehuu biribi te sɛ hoaboɔ wɔ bamma a ɛwɔ kerubim no atifi no so, na na ayɛ sɛ ahennwa.+ 2 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera ataadeɛ+ no sɛ: “Wura ntwahonan no mu,+ na kɔ kerubim no ase kɔyi nnyasramma+ wo nsa ma mmienu firi kerubim no mfimfini na to gu kuro no so.”+ Na mehuu sɛ ɔkɔ hɔ.
3 Berɛ a ɔbarima no kɔɔ hɔ no, na kerubim no gyinagyina asɔredan no nifa so, na na mununkum ahyɛ adihɔ a ɛwɔ mfimfini hɔ no ma. 4 Afei Yehowa animuonyam+ maa ne ho so firii kerubim no so kɔɔ asɔredan no pono ano, na nkakrankakra mununkum hyɛɛ asɔredan no ma,+ na Yehowa animuonyam hyerɛn adihɔ hɔ nyinaa. 5 Sɛ obi wɔ asɔredan no adihɔ a ɛwɔ akyire hɔ no a, ɔte kerubim no ntaban nnyegyeeɛ te sɛ deɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn na ɔrekasa.+
6 Afei ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera ataadeɛ no sɛ: “Yi gya firi ntwahonan no ntam wɔ kerubim no mfimfini.” Ɛnna ɔkɔɔ hɔ kɔgyinaa ntwahonan no ho. 7 Na kerubim no baako tenee ne nsa yii gya a ɛwɔ kerubim+ no ntam no bi de bɛguu ɔbarima a ɔhyɛ nwera ataadeɛ+ no nsa mmienu nyinaa mu, na ɔno nso de kɔeɛ. 8 Ná kerubim no biara wɔ biribi te sɛ nnipa nsa wɔ ne ntaban ase.+
9 Megu so rehwɛ no, mehuu ntwahonan nnan wɔ kerubim no ho; ntwahonan baako wɔ kerubim biara nkyɛn, na ntwahonan no hyerɛn te sɛ sikabereɛboɔ.+ 10 Ná nnan no nyinaa di nsɛ, na na ɛreyɛ akɔyɛ sɛ ntwahonan a ntwahonan foforɔ hyɛ mu. 11 Sɛ ebiara rekɔ a, ɛtumi kɔ afã nnan no nyinaa, nanso ɛnnane ne ho. Faako a anim* no kyerɛ no, ɛhɔ na ɛkɔ. Ɛrekɔ a, ɛnnane ne ho. 12 Ná aniwa tuatua wɔn ho baabiara, wɔn akyi, wɔn nsa, wɔn ntaban, ne ntwahonan no ho. Ná aniwa tuatua ntwahonan nnan no ho nyinaa hyia.+ 13 Ntwahonan no deɛ, metee nne bi sɛ ɛreka sɛ, “Ntwahonan, twa wo ho!”
14 Wɔn mu biara* wɔ anim nnan. Deɛ ɛdi kan yɛ kerubim anim, deɛ ɛtɔ so mmienu yɛ onipa* anim, deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ gyata anim, na deɛ ɛtɔ so nnan yɛ ɔkɔdeɛ anim.+
15 Ná kerubim no tumi mema wɔn ho so; wɔn ara ne ateasefoɔ* a mehuu wɔn* wɔ Asubɔnten Kebar ho+ no. 16 Baabiara a kerubim no bɛkɔ no, ntwahonan no nso di wɔn nkyɛn kɔ bi; na sɛ kerubim no ma wɔn ntaban so pagya wɔn ho firi asaase so a, ntwahonan no nnane ne ho na ɛntwe ne ho.+ 17 Sɛ wɔgyina a, na agyina; na sɛ wɔma wɔn ho so a, na ɛno nso ama ne ho so, ɛfiri sɛ honhom a ɛyɛ adwuma wɔ ateasefoɔ no so* no, ɛno ara bi na ɛwɔ ntwahonan no mu.
18 Ɛnna Yehowa animuonyam+ firii asɔredan no pono ano kɔsii kerubim no so.+ 19 Megu so rehwɛ no, mehuu sɛ kerubim no amema wɔn ntaban so apagya wɔn ho afiri asaase so. Berɛ a wɔrekɔ no, na ntwahonan no di wɔn nkyɛnmu. Wɔkɔgyinaa Yehowa fie pono a ɛwɔ apueeɛ fam no ano, na na Israel Nyankopɔn animuonyam wɔ wɔn atifi.+
20 Berɛ a mewɔ Asubɔnten Kebar ho+ no, weinom ne ateasefoɔ a mehuu* sɛ Israel Nyankopɔn ahennwa wɔ wɔn atifi no; mehuu sɛ wɔyɛ kerubim. 21 Ná baanan yi mu biara wɔ anim nnan ne ntaban nnan, na biribi te sɛ onipa nsa wɔ wɔn ntaban ase.+ 22 Ná wɔn anim te sɛ anim a mehunuu no Asubɔnten Kebar ho+ no pɛpɛɛpɛ. Wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee.+