Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt nkr. 111-113
  • Exodus Nwoma No Mu Nsɛntitire

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Exodus Nwoma No Mu Nsɛntitire
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Exodus Nwoma No Mu Nsɛntitire

EXODUS

EMU NSƐNTITIRE

  • 1

    • Israelfoɔ ase trɛɛ wɔ Egypt (1-7)

    • Farao hyɛɛ Israelfoɔ so (8-14)

    • Onyankopɔn ho suro nti, mmaa a wɔgye awoɔ no gyee mmɔfra nkwa (15-22)

  • 2

    • Wɔwoo Mose (1-4)

    • Farao babaa faa Mose de no yɛɛ ne ba (5-10)

    • Mose dwane kɔɔ Midian, na ɔwaree Sipora (11-22)

    • Onyankopɔn tee Israelfoɔ no apinisie (23-25)

  • 3

    • Mose huu nwira a ɛredɛre no (1-12)

    • Yehowa kyerɛɛ ne din ase (13-15)

    • Yehowa maa Mose akwankyerɛ (16-22)

  • 4

    • Nsɛnkyerɛnne mmiɛnsa a ɔkaa sɛ Mose nyɛ (1-9)

    • Mose tee nka sɛ ɔmfata (10-17)

    • Mose san kɔɔ Egypt (18-26)

    • Mose ne Aaron san kɔhyiaeɛ (27-31)

  • 5

    • Mose ne Aaron kɔɔ Farao anim (1-5)

    • Nhyɛsoɔ no mu yɛɛ den (6-18)

    • Israelfoɔ no de ho soboɔ bɔɔ Mose ne Aaron (19-23)

  • 6

    • Ɔsan hyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɔbɛgye wɔn (1-13)

      • Ná wɔnte Yehowa din no ase papa (2, 3)

    • Mose ne Aaron abusua santen (14-27)

    • Ɔkaa sɛ Mose nsan nkɔ Farao anim (28-30)

  • 7

    • Yehowa hyɛɛ Mose den (1-7)

    • Aaron poma danee ɔwɔ kɛseɛ (8-13)

    • Ɔhaw 1: nsuo danee mogya (14-25)

  • 8

    • Ɔhaw 2: mpɔtorɔ (1-15)

    • Ɔhaw 3: ntummoa (16-19)

    • Ɔhaw 4: ahuriiɛ (20-32)

      • Ebi ankɔ Gosen asaase so (22, 23)

  • 9

    • Ɔhaw 5: nyɛmmoa wuwuiɛ (1-7)

    • Ɔhaw 6: mpɔmpɔ bobɔɔ nnipa ne mmoa (8-12)

    • Ɔhaw 7: asukɔtweaa (13-35)

      • Onyankopɔn bɛma Farao ahunu ne tumi (16)

      • Yehowa bɛma nkurɔfoɔ abɔ ne din (16)

  • 10

    • Ɔhaw 8: ntutummɛ (1-20)

    • Ɔhaw 9: esum (21-29)

  • 11

    • Ɔkaa sɛ ɔhaw a ɛtɔ so du bɛba (1-10)

      • Ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ wɔmmisa akyɛdeɛ (2)

  • 12

    • Wɔfirii aseɛ dii Twam no (1-28)

      • Wɔmfa mogya mfa aponnwa no ho (7)

    • Ɔhaw 10: wɔkum abakan biara (29-32)

    • Wɔn akwantuo no mfitiaseɛ (33-42)

      • Mfeɛ 430 no awieeɛ (40, 41)

    • Twam no ho ahyɛdeɛ (43-51)

  • 13

    • Abakan biara a ɔyɛ ɔbarima no yɛ Yehowa dea (1, 2)

    • Paanoo a Mmɔka Nnim Afahyɛ no (3-10)

    • Abakan biara a ɔyɛ ɔbarima no, fa no ma Onyankopɔn (11-16)

    • Ɔmaa Israelfoɔ de wɔn ani kyerɛɛ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho (17-20)

    • Omununkum dum ne egya dum (21, 22)

  • 14

    • Israelfoɔ no kɔduruu ɛpo no ano (1-4)

    • Farao tii Israelfoɔ no (5-14)

    • Israelfoɔ twaa Ɛpo Kɔkɔɔ no (15-25)

    • Ɛpo no faa Egyptfoɔ no (26-28)

    • Israelfoɔ gyee Yehowa diiɛ (29-31)

  • 15

    • Mose ne Israelfoɔ too nkonim dwom (1-19)

    • Miriam gyee dwom no so (20, 21)

    • Ɔmaa nsuo a ɛyɛ nwono yɛɛ dɛ (22-27)

  • 16

    • Nkurɔfoɔ no nwiinwii wɔ aduane ho (1-3)

    • Yehowa tee wɔn anwiinwii no (4-12)

    • Wɔmaa wɔn mmoko ne mana (13-21)

    • Mana antɔ Homeda (22-30)

    • Wɔkoraa mana no bi so de yɛɛ nkaeɛ (31-36)

  • 17

    • Wɔnwiinwii wɔ Horeb sɛ wɔnnya nsuo nnom (1-4)

    • Nsuo firii ɔbotan mu baeɛ (5-7)

    • Amalekfoɔ bɛto hyɛɛ wɔn so, nso wɔdii nkoguo (8-16)

  • 18

    • Yetro ne Sipora baa serɛ no so (1-12)

    • Yetro tuu no fo sɛ ɔnyiyi atemmufoɔ (13-27)

  • 19

    • Wɔsoɛɛ Sinai Bepɔ anim (1-25)

      • Wɔkaa sɛ Israel bɛyɛ ahemman a emufoɔ yɛ asɔfoɔ (5, 6)

      • Ɔdwiraa ɔman no ho maa wɔkɔɔ Onyankopɔn anim (14, 15)

  • 20

    • Mmara Nsɛm Du no (1-17)

    • Deɛ Israelfoɔ hunuiɛ na wɔteeɛ nti wɔbɔɔ hu (18-21)

    • Ɔsom ho akwankyerɛ (22-26)

  • 21

    • Atemmusɛm a ɛwɔ hɔ ma Israel (1-36)

      • Hebrini a ɔyɛ akoa (2-11)

      • Obi a ɔbɛpira ne yɔnko anaa ɔbɛku no (12-27)

      • Deɛ ɛfa mmoa ho (28-36)

  • 22

    • Atemmusɛm a ɛwɔ hɔ ma Israel (1-31)

      • Korɔno ho mmara (1-4)

      • Obi a ɔbɛsɛe obi afuo mu nneɛma (5, 6)

      • Obi adeɛ a akɔdi obi hɔ ne adeɛ no wura (7-15)

      • Bradatoɔ (16, 17)

      • Ɔsom ne abrabɔ mu nsɛm (18-31)

  • 23

    • Atemmusɛm a ɛwɔ hɔ ma Israel (1-19)

      • Nokorɛdie ne atɛntrenee (1-9)

      • Homeda ne afahyɛ ho mmara (10-19)

    • Ɔkaa sɛ ɔbɔfoɔ bɛkyerɛ Israel kwan (20-26)

    • Asaase a wɔbɛnya ne n’ahyeɛ (27-33)

  • 24

    • Ɔman no kaa sɛ wɔbɛdi Yehowa apam so (1-11)

    • Mose kɔɔ Sinai Bepɔ so (12-18)

  • 25

    • Ɔsom ntomadan no ho ntoboa (1-9)

    • Adaka no (10-22)

    • Ɛpono no (23-30)

    • Kaneadua no (31-40)

  • 26

    • Ɔsom ntomadan no (1-37)

      • Ɔsom ntomadan no ho ntoma (1-14)

      • Ntomadan no nnua ne ne nnyinasoɔ (15-30)

      • Ntwamutam ne nkataano no (31-37)

  • 27

    • Afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so (1-8)

    • Adihɔ (9-19)

    • Ngo a wɔde bɛgu kaneadua no mu (20, 21)

  • 28

    • Asɔfoɔ ntaadeɛ (1-5)

    • Efɔd no (6-14)

    • Nkataboɔ no (15-30)

      • Urim ne Tumim (30)

    • Nsasini no (31-35)

    • Abotire no ne ade tratra a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ no (36-39)

    • Asɔfoɔ no ntaadeɛ a aka (40-43)

  • 29

    • Ɛkwan a wɔfaa so hyɛɛ wɔn asɔfoɔ (1-37)

    • Afɔreɛ a wɔbɔ no da biara (38-46)

  • 30

    • Aduhwam afɔrebukyia no (1-10)

    • Nnipa a wɔkan wɔn ne agyedeɛ sika (11-16)

    • Kɔbere sɛn a wɔde emu nsuo hohoro wɔn ho (17-21)

    • Ɔsrango a wɔafra no yie (22-33)

    • Sɛdeɛ na wɔyɛ aduhwam kronkron no (34-38)

  • 31

    • Onyankopɔn honhom boaa wɔn a wɔyɛɛ nsaanodwuma no (1-11)

    • Homeda yɛ sɛnkyerɛnne a ɛda Onyankopɔn ne Israel ntam (12-17)

    • Abopono mmienu no (18)

  • 32

    • Wɔsom sika nantwie ba (1-35)

      • Mose tee sɛ wɔreto dwom soronko bi (17, 18)

      • Mose de abopono a mmara wɔ so no hwee hɔ maa no bubuiɛ (19)

      • Lewifoɔ no gyinaa Yehowa afã (26-29)

  • 33

    • Onyankopɔn kaa wɔn anim (1-6)

    • Ná ahyiaeɛ ntomadan no wɔ asoɛeɛ no akyi (7-11)

    • Mose srɛɛ sɛ Yehowa mma no nhunu n’animuonyam (12-23)

  • 34

    • Ɔyɛɛ abopono foforɔ (1-4)

    • Mose huu Yehowa animuonyam (5-9)

    • Apam no mu nsɛm no, wɔsan tii mu (10-28)

    • Mose anim hyerɛnee (29-35)

  • 35

    • Homeda ho akwankyerɛ (1-3)

    • Ɔsom ntomadan no ho ntoboa (4-29)

    • Honhom hyɛɛ Besalel ne Oholiab ma (30-35)

  • 36

    • Wɔnyaa ntoboa a ɛbɛso adwuma no ama ebi aka (1-7)

    • Wɔyɛɛ nneɛma a wɔde bɛsi ɔsom ntomadan no (8-38)

  • 37

    • Wɔyɛɛ Adaka no (1-9)

    • Ɛpono no (10-16)

    • Kaneadua no (17-24)

    • Aduhwam afɔrebukyia no (25-29)

  • 38

    • Afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so (1-7)

    • Ɛsɛn a wɔde kɔbere ayɛ (8)

    • Adihɔ (9-20)

    • Ɔhwɛɛ sɛ nneɛma a wɔde bɛyɛ ɔsom ntomadan no aso anaa (21-31)

  • 39

    • Wɔyɛɛ asɔfoɔ ntaadeɛ no (1)

    • Efɔd no (2-7)

    • Nkataboɔ no (8-21)

    • Nsasini no (22-26)

    • Asɔfoɔ no ntaadeɛ a aka (27-29)

    • Sika kɔkɔɔ traa no (30, 31)

    • Mose hwɛɛ ɔsom ntomadan no ho biribiara sɛ ɛyɛ anaa (32-43)

  • 40

    • Wɔsii ɔsom ntomadan no (1-33)

    • Yehowa animuonyam hyɛɛ ɔsom ntomadan no mu ma (34-38)

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane