GENESIS
Edin “Genesis” no kyerɛ “mfitiaseɛ; awoɔ.”
1 Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ soro ne asaase.+
2 Ná asaase no wɔ hɔ kwa a wonhunu n’adeban,* na esum kata nsuo* no ani,+ na na Onyankopɔn honhom*+ redi akɔneaba wɔ nsuo no ani.+
3 Na Onyankopɔn kaa sɛ: “Hann mmra.” Ɛnna hann baeɛ.+ 4 Afei Onyankopɔn huu sɛ hann no yɛ, na Onyankopɔn firii aseɛ kyɛɛ hann ne sum no mu. 5 Onyankopɔn frɛɛ hann no Awia,* na esum no deɛ, ɔfrɛɛ no Anadwo.*+ Adeɛ saeɛ na adeɛ kyeeɛ; da a ɛdi kan nie.
6 Afei Onyankopɔn kaa sɛ: “Ewiem+ mmra nsuo no ntam, na ɛmmɛpae nsuo ne nsuo no mu.”+ 7 Enti Onyankopɔn maa wiem baeɛ, na ɛpaee nsuo no mu maa ebi kɔdii soro na ebi kaa fam.+ Na ɛyɛɛ saa. 8 Onyankopɔn frɛɛ wiem no Ɔsoro. Adeɛ saeɛ na adeɛ kyeeɛ; da a ɛtɔ so mmienu nie.
9 Na Onyankopɔn kaa sɛ: “Nsuo a ɛwɔ ɔsoro ase no mmoaboa ano wɔ faako na asaase kesee nyi ne ho.”+ Na ɛyɛɛ saa. 10 Onyankopɔn frɛɛ baabi a ɛyɛ kesee no Asaase,+ na ɔfrɛɛ nsuo a aboaboa ano no Ɛpo.+ Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.+ 11 Afei Onyankopɔn kaa sɛ: “Asaase mfifi nwura frɔmfrɔm, afifideɛ a ɛso aba ne nnua a ɛso aba; emu biara nso aba wɔ asaase so sɛdeɛ ne su teɛ.” Na ɛyɛɛ saa. 12 Na nwura frɔmfrɔm firii aseɛ fifii asaase so, afifideɛ a ɛso aba+ ne nnua a ɛso aba; emu biara soo aba sɛdeɛ ne su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ. 13 Adeɛ saeɛ na adeɛ kyeeɛ; da a ɛtɔ so mmiɛnsa nie.
14 Afei Onyankopɔn kaa sɛ: “Nkanea*+ mmra wiem wɔ soro na ɛnkyɛ awia ne anadwo mu;+ na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne na ɛnkyerɛ mmerɛ ne nna ne mfeɛ.+ 15 Ɛbɛyɛ nkanea wɔ wiem na ahyerɛn asaase so.” Na ɛyɛɛ saa. 16 Na Onyankopɔn yɛɛ* nkanea akɛseɛ mmienu, kanea kɛseɛ paa no hyerɛn awia+ na ketewa no hyerɛn anadwo, na ɔyɛɛ nsoromma nso.+ 17 Enti Onyankopɔn de sensɛn soro sɛ ɛnhyerɛn asaase so, 18 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛhyerɛn awia ne anadwo* na akyɛ hann ne esum mu.+ Na Onyankopɔn huu sɛ ɛyɛ. 19 Adeɛ saeɛ na adeɛ kyeeɛ; da a ɛtɔ so nnan nie.
20 Afei Onyankopɔn kaa sɛ: “Abɔdeɛ* a nkwa wom nyɛ nsuo no mu manyamanya na ntuboa nso ntu mfa asaase so wɔ wiem.”+ 21 Na Onyankopɔn bɔɔ ɛpo mu mmoa akɛseɛ ne abɔdeɛ* a nkwa wom a wɔnenam nsuo mu manyamanya nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne ntuboa a wɔwɔ ntaban nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ. 22 Afei Onyankopɔn hyiraa wɔn kaa sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ ɛpo mu ma,+ na ntuboa nso nnɔɔso wɔ asaase so.” 23 Adeɛ saeɛ na adeɛ kyeeɛ; da a ɛtɔ so nnum nie.
24 Afei Onyankopɔn kaa sɛ: “Abɔdeɛ* a nkwa wom mmra asaase so sɛdeɛ wɔn su teɛ, afieboa ne mmoa a wɔwea* ne wuram mmoa sɛdeɛ wɔn su teɛ.”+ Na ɛyɛɛ saa. 25 Na Onyankopɔn yɛɛ wuram mmoa sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne afieboa sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne mmoa a wɔwea asaase so nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.
26 Afei Onyankopɔn kaa sɛ: “Ma yɛnyɛ+ onipa wɔ yɛn suban+ so sɛdeɛ yɛteɛ;+ ma wɔnnya asaase nyinaa so tumi, na wɔnnya ɛpo mu mpataa, ewiem ntuboa, afieboa, ne mmoa a wɔwea asaase so nyinaa so tumi.”+ 27 Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no; ɔbarima ne ɔbaa na ɔbɔɔ wɔn.+ 28 Afei Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asaase so ma+ na monnya so tumi,+ na ɛpo mu mpataa ne ewiem ntuboa ne abɔdeɛ a nkwa wom a wɔnenam asaase so nyinaa, monnya wɔn so tumi.”+
29 Ɛnna Onyankopɔn kaa sɛ: “Mede afifideɛ a ɛso aba wɔ asaase so nyinaa ne nnua a ɛso aba nyinaa ama mo. Ɛnyɛ aduane mma mo.+ 30 Afei wuram mmoa nyinaa ne ewiem ntuboa nyinaa ne asaase so abɔdeɛ biara a nkwa wom* no, mede nhaban mono nyinaa ama wɔn sɛ ɛnyɛ wɔn aduane.”+ Na ɛyɛɛ saa.
31 Afei Onyankopɔn hwɛɛ biribiara a wayɛ, na ɔhunuu sɛ, ɛyɛ paa!+ Adeɛ saeɛ na adeɛ kyeeɛ; da a ɛtɔ so nsia nie.
2 Wei ne kwan a wɔfaa so yɛɛ ɔsoro ne asaase ne emu nneɛma* nyinaa wieeɛ.+ 2 Ɛduruu da a ɛtɔ so nson no, na Onyankopɔn awie biribiara a ɔreyɛ, na da a ɛtɔ so nson no, ɔfirii aseɛ home firii ne nnwuma a ɔreyɛ nyinaa ho.+ 3 Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛtɔ so nson no na ɔkaa sɛ ɛyɛ kronkron, ɛfiri sɛ saa da no na Onyankopɔn firii aseɛ home firii ne nnwuma nyinaa ho. Ɔbɔɔ biribiara a na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no.
4 Berɛ a wɔbɔɔ ɔsoro ne asaase, ɛda a Yehowa* Nyankopɔn yɛɛ asaase ne ɔsoro no, ɛho nsɛm nie.+
5 Saa berɛ yi, na wura biara nni asaase so, na na afifideɛ biara nnya mmaeɛ, ɛfiri sɛ na Yehowa Nyankopɔn ntɔɔ nsuo nguu asaase so, na na onipa biara nni hɔ a ɔbɛdɔ asaase no. 6 Nanso na suwisie firi asaase so kɔ soro, na na ɛbɛfɔ asaase ani nyinaa.
7 Yehowa Nyankopɔn de fam dɔteɛ+ nwenee onipa na ɔhuu nkwa home guu ne hwene mu,+ na onipa no bɛyɛɛ ɔteasefoɔ.*+ 8 Afei nso, Yehowa Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden+ a ani kyerɛ apueeɛ fam; ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwenee no+ no kɔtenaeɛ. 9 Na Yehowa Nyankopɔn maa nnua a wohwɛ a ɛyɛ fɛ na ɛyɛ sɛ wɔdi nyinaa bi fifii asaase no so, ne nkwa dua+ nso wɔ turo no mfimfini ne papa ne bɔne ho nimdeɛ dua.+
10 Saa berɛ no, na asubɔnten bi firi Eden sene bɛfɔ turo no; emu paapae yɛɛ nsubɔnten* nnan. 11 Deɛ ɛdi kan no de Pison. Ɛtwa Hawila asaase a sika kɔkɔɔ wɔ so no nyinaa ho hyia. 12 Saa asaase no so sika kɔkɔɔ yɛ papa. Bedola aduhwam* ne abohene tuntum nso wɔ hɔ. 13 Asubɔnten a ɛtɔ so mmienu no de Gihon, na ɛtwa Kus asaase nyinaa ho hyia. 14 Asubɔnten a ɛtɔ so mmiɛnsa no de Hidekel,*+ na ɛsene wɔ Asiria+ apueeɛ fam. Asubɔnten a ɛtɔ so nnan no ne Eufrate.+
15 Yehowa Nyankopɔn de ɔbarima no kɔtenaa Eden turom hɔ sɛ ɔnnɔ hɔ na ɔnhwɛ hɔ.+ 16 Afei nso, Yehowa Nyankopɔn maa ɔbarima no ahyɛdeɛ sɛ: “Turom ha nnua nyinaa wotumi di deɛ wopɛ biara.+ 17 Nanso papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no deɛ, nni bi, ɛfiri sɛ da a wobɛdi bi no, owuo na wobɛwuo.”+
18 Ɛnna Yehowa Nyankopɔn kaa sɛ: “Ɛnyɛ sɛ ɔbarima no nko ara tena. Merebɛyɛ ɔboafoɔ ama no, ɔhokafoɔ a ɔfata no.”+ 19 Na Yehowa Nyankopɔn de dɔteɛ nwenee wuram mmoa nyinaa ne wiem ntuboa nyinaa, na ɔde wɔn brɛɛ onipa no sɛ ɔnhwɛ ntoto wɔn nyinaa din, na edin biara a onipa no de frɛɛ abɔdeɛ* a ɛte aseɛ biara no, ɛno ara na ɛbɛyɛɛ ne din.+ 20 Enti afieboa ne wiem ntuboa ne asaase so mmoa nyinaa, onipa no totoo wɔn din, nanso onipa no deɛ, na ɔnni ɔboafoɔ a ɔfata no. 21 Enti Yehowa Nyankopɔn maa onipa no daa hatee, na berɛ a ɔdaeɛ no, ɔyii ne mfe dompe baako, na ɔde nam hyɛɛ ananmu. 22 Na Yehowa Nyankopɔn de mfe dompe a ɔyi firii ɔbarima no mu no yɛɛ ɔbaa, na ɔde no brɛɛ ɔbarima no.+
23 Ɛnna ɔbarima no kaa sɛ:
“Afei me nnompe mu dompe
Ne me honam mu nam nie.
Wei na wɔbɛfrɛ no Ɔbaa,
Ɛfiri sɛ ɔbarima mu na wɔyii no firiiɛ.”+
24 Ɛno nti na ɔbarima bɛgya ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔbata* ne yere ho na wɔayɛ honam korɔ.+ 25 Ná ɔbarima no ne ne yere nhyɛ hwee,*+ nanso na wɔmfɛre.
3 Ná ɔwɔ+ yɛ aniteɛ sene wuram mmoa a Yehowa Nyankopɔn ayɛ wɔn nyinaa. Enti ɔbisaa ɔbaa no sɛ: “Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn aka sɛ monnni turo yi mu dua biara so aba?”+ 2 Ɛnna ɔbaa no ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: “Yɛtumi di turo yi mu nnua so aba.+ 3 Na mmom dua a ɛsi turo no mfimfini+ no so aba deɛ, Onyankopɔn aka sɛ, ‘Monnni bi, na mommfa mo nsa nnka; anyɛ saa a mobɛwu.’” 4 Ɛnna ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Ɛnyɛ owuo na mobɛwuo.+ 5 Mmom Onyankopɔn nim sɛ da a mobɛdi bi no, mo ani bɛbue na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahunu papa ne bɔne.”+
6 Afei ɔbaa no hunuu sɛ dua no yɛ sɛ ɔdi bi, na ɔhwɛeɛ no na ɛyɛ akɔnnɔ, na ɛyɛ fɛ. Enti ɔtee n’aba no bi na ɔdiiɛ.+ Akyire yi, berɛ a ne kunu wɔ ne nkyɛn no, ɔmaa no bi, na ɔno nso diiɛ.+ 7 Ɛnna wɔn mmienu no ani bueeɛ na wɔhunuu sɛ wɔda adagya. Enti wɔpam borɔdɔma ahaban de kataa wɔn asene.+
8 Afei berɛ a anwummerɛ mframa rebɔ a Yehowa Nyankopɔn nam turo no mu no, wɔtee ne nne, na ɔbarima no ne ne yere de wɔn ho kɔhintaa Yehowa Nyankopɔn wɔ turom hɔ nnua no mu. 9 Na Yehowa Nyankopɔn frɛɛ ɔbarima no mprɛ pii kaa sɛ: “Wowɔ he?” 10 Afei ɔkaa sɛ: “Metee wo nne wɔ turo no mu, nanso na mesuro ɛfiri sɛ na meda adagya, enti mehintaeɛ.” 11 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ woda adagya?+ Dua a meka kyerɛɛ wo sɛ nni bi no, woadi anaa?”+ 12 Ɔbarima no kaa sɛ: “Ɔbaa a wode no maa me no na ɔmaa me aduaba no bi diiɛ.” 13 Ɛnna Yehowa bisaa ɔbaa no sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yi?” Na ɔbaa no buaa sɛ: “Ɔwɔ no na ɛdaadaa me maa mediiɛ.”+
14 Ɛnna Yehowa Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ+ no sɛ: “Ɛsiane deɛ woayɛ yi nti, wɔadome wo wɔ afieboa ne wuram mmoa nyinaa mu. Wo yafunu so na wobɛwea na wobɛdi dɔteɛ wo nkwa nna nyinaa. 15 Na mede ɔtan+ bɛto wo+ ne ɔbaa+ no ntam ne w’aseni*+ ne n’aseni*+ ntam. Ɔno na ɔbɛpɛkyɛ* wo ti+ na wo nso wobɛka* ne nantin.”+
16 Na ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Mɛma wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso; ɛyea mu na wobɛwo mma, na w’ani bɛgyina wo kunu, na ɔbɛdi* wo so.”
17 Adam* nso, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛsiane sɛ woatie wo yere nne na woadi dua a mekaa sɛ ‘Nni bi’ no+ nti, wo nti wɔadome asaase.+ Ɛyea mu na wobɛdidi so, wo nkwa nna nyinaa.+ 18 Nkasɛɛ ne nwura* na ɛbɛfifi wɔ so ama wo, na wobɛdi afuo mu ahaban.* 19 W’anim fifire mu na wobɛdidi* kɔsi sɛ wobɛsan akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ emu na wɔyii wo firiiɛ.+ Woyɛ dɔteɛ na dɔteɛ mu na wobɛsan akɔ.”+
20 Wei akyi no, Adam too ne yere din Hawa,* ɛfiri sɛ na ɔbɛyɛ ateasefoɔ nyinaa maame.+ 21 Na Yehowa Nyankopɔn de aboa nwoma yɛɛ ntaade tenten maa Adam ne ne yere hyɛeɛ.+ 22 Ɛnna Yehowa Nyankopɔn kaa sɛ: “Hwɛ, onipa no ayɛ sɛ yɛn mu baako ahunu papa ne bɔne,+ na afei deɛ ɛbɛyɛ na wantene ne nsa ankɔte nkwa dua+ no aba nso bi anni na wantena ase daa nti,—” 23 Ɛno nti Yehowa Nyankopɔn tuu no firii Eden turo+ no mu sɛ ɔnkɔdɔ asaase a ɔyii no firii mu no.+ 24 Enti ɔpamoo onipa no na ɔde kerubim+ mmienu* ne egya sekan a ɛredɛ na ɛretwa ne ho kɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no ano wɔ Eden turo no apueeɛ fam.
4 Afei Adam ne ne yere Hawa daeɛ, na ɔnyinsɛn+ woo Kain.+ Na ne yere kaa sɛ: “Yehowa aboa me ama mawo* ɔbabarima.” 2 Akyire yi, ɔwoo ne nua Habel+ kaa ne ho.
Habel bɛyɛɛ odwanhwɛfoɔ, na Kain nso bɛyɛɛ okuafoɔ. 3 Berɛ bi akyi no, Kain de asaase so nnɔbaeɛ bɛbɔɔ afɔreɛ maa Yehowa. 4 Habel deɛ, ɔyii ne nnwan mu mmakan+ no bi na ɔde wɔn sradeɛ kaa ho bɛbɔɔ afɔreɛ. Yehowa ani sɔɔ Habel ne n’afɔreɛ no,+ 5 nanso Kain ne n’afɔreɛ no deɛ, n’ani ansɔ. Afei Kain bo fuu dendeenden na ɔmunaeɛ.* 6 Ɛnna Yehowa bisaa Kain sɛ: “Adɛn nti na wo bo afu na woamuna saa? 7 Sɛ wosakra yɛ papa a, merennye wo ntom* anaa? Nanso sɛ woansakra anyɛ papa a, ɛnneɛ bɔne butu wo pono ano, na ɛrepɛ adi wo so; adɛn na wonni so nkonim?”
8 Wei akyi no, Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel sɛ: “Ma yɛnkɔ wuram.” Wɔkɔɔ hɔ no, Kain to hyɛɛ ne nua Habel so kuu no.+ 9 Akyire yi, Yehowa bisaa Kain sɛ: “Wo nua Habel wɔ he?” Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Mennim. Adɛn, me na mehwɛ me nua no so anaa?” 10 Ɛnna Onyankopɔn kaa sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua no mogya firi asaase so reteam frɛ me.+ 11 Ɛno nti asaase a ɛbuee n’anom gyee wo nua no mogya firii wo nsam no, wɔadome wo atwa wo asu afiri so.+ 12 Sɛ wodɔ asaase no a, ɛremma wo ne nnɔbaeɛ.* Wobɛyɛ ɔkobɔfoɔ abɔ asesa wɔ asaase so.” 13 Ɛnna Kain ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Me bɔne ho asotwe so ma me dodo sɛ mɛsoa. 14 Ɛnnɛ woretwa me asu afiri asaase yi so, na mɛhinta afiri w’anim; mɛyɛ ɔkobɔfoɔ abɔ asesa wɔ asaase so, na obiara a ɔbɛhu me no bɛku me.” 15 Afei Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛno nti obiara a ɔbɛku Kain no bɛnya so akatua mprɛ nson.”
Ɛnna Yehowa yɛɛ sɛnkyerɛnne bi maa Kain na obiara a ɔbɛhu no no amfa ne nsa anka no. 16 Afei Kain firii Yehowa anim kɔtenaa Akobɔfoɔ asaase* so wɔ Eden apueeɛ.+
17 Akyire yi, Kain ne ne yere+ dae na ɔnyinsɛn woo Enok. Na ɔkyekyeree kuro bi de ne ba Enok din too so. 18 Wei akyi no, Enok woo Irad, na Irad woo Mehuyael, na Mehuyael woo Metusael, na Metusael woo Lamek.
19 Lamek waree mmaa mmienu. Deɛ ɔdi kan no din de Ada, na deɛ ɔtɔ so mmienu no din de Sila. 20 Ada woo Yabal. Ɔno ne onipa a ɔdii kan tenaa ntomadan mu yɛn mmoa. 21 Ne nua din de Yubal. Ɔno ne onipa a ɔdi kan wɔ asankubɔfoɔ ne mmɛnhyɛnfoɔ* nyinaa mu. 22 Sila nso woo Tubal-Kain, na na ɔyɛ ɔtomfoɔ a ɔde kɔbere ne nnadeɛ yɛ nneɛma bebree. Ná Tubal-Kain nuabaa din de Naama. 23 Afei Lamek nwenee nsɛm maa ne yere Ada ne ne yere Sila; ɔkaa sɛ:
“Lamek yerenom, montie me;
Monwɛn mo aso ntie me nsɛm:
Maku ɔbarima a ɔpiraa me no,
Aane, aberanteɛ a ɔbɔɔ me no.
24 Deɛ ɔbɛku Kain no, sɛ mprɛ 7 na wɔbɛtua ne so ka a,+
Ɛnneɛ deɛ ɔbɛku Lamek no, wɔbɛtua ne so ka mprɛ 77.”
25 Adam san ne ne yere daeɛ, na ɔwoo ɔbabarima. Ne yere too ne din Set,*+ ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn ama me ba* foforɔ asi Habel a Kain kuu no+ no anan.” 26 Set nso woo ɔbabarima na ɔtoo ne din Enos.+ Saa berɛ no na wɔfirii aseɛ bɔɔ Yehowa din.
5 Wei ne Adam ho nsɛm a wɔatwerɛ ato hɔ. Ɛda a Onyankopɔn bɔɔ Adam no, ɔyɛɛ no Onyankopɔn nsɛsoɔ.+ 2 Ɔbarima ne ɔbaa na ɔbɔɔ wɔn.+ Ɛda a ɔbɔɔ wɔn no,+ ɔhyiraa wɔn, na edin a ɔde frɛɛ wɔn ne Onipa.*
3 Adam dii mfeɛ 130 no, ɔwoo ɔba a ɔte sɛ ɔno wɔ ne suban so, na ɔtoo ne din Set.+ 4 Adam woo Set no, ɔdii mfeɛ 800 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. 5 Enti mfeɛ a Adam diiɛ nyinaa yɛ 930, na ɔwuiɛ.+
6 Set dii mfeɛ 105 no, ɔwoo Enos.+ 7 Set woo Enos no, ɔdii mfeɛ 807 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. 8 Enti mfeɛ a Set diiɛ nyinaa yɛ 912, na ɔwuiɛ.
9 Enos dii mfeɛ 90 no, ɔwoo Kenan. 10 Enos woo Kenan no, ɔdii mfeɛ 815 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. 11 Enti mfeɛ a Enos diiɛ nyinaa yɛ 905, na ɔwuiɛ.
12 Kenan dii mfeɛ 70 no, ɔwoo Mahalalel.+ 13 Kenan woo Mahalalel no, ɔdii mfeɛ 840 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. 14 Enti mfeɛ a Kenan diiɛ nyinaa yɛ 910, na ɔwuiɛ.
15 Mahalalel dii mfeɛ 65 no, ɔwoo Yared.+ 16 Mahalalel woo Yared no, ɔdii mfeɛ 830 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. 17 Enti mfeɛ a Mahalalel diiɛ nyinaa yɛ 895, na ɔwuiɛ.
18 Yared dii mfeɛ 162 no, ɔwoo Enok.+ 19 Yared woo Enok no, ɔdii mfeɛ 800 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. 20 Enti mfeɛ a Yared diiɛ nyinaa yɛ 962, na ɔwuiɛ.
21 Enok dii mfeɛ 65 no, ɔwoo Metusala.+ 22 Enok woo Metusala no, ɔkɔɔ so ne nokorɛ Nyankopɔn no* nantee mfeɛ 300. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. 23 Enti mfeɛ a Enok diiɛ nyinaa yɛ 365. 24 Enok kɔɔ so ne nokorɛ Nyankopɔn no nanteeɛ.+ Ɛduruu berɛ bi no wɔanhu no bio, ɛfiri sɛ Onyankopɔn faa no kɔeɛ.+
25 Metusala dii mfeɛ 187 no, ɔwoo Lamek.+ 26 Metusala woo Lamek no, ɔdii mfeɛ 782 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. 27 Enti mfeɛ a Metusala diiɛ nyinaa yɛ 969, na ɔwuiɛ.
28 Lamek dii mfeɛ 182 no, ɔwoo ɔbabarima. 29 Ɔtoo ne din Noa,*+ na ɔkaa sɛ: “Wei na ɔbɛkyekye yɛn werɛ, ɛfiri sɛ asaase a Yehowa domeeɛ no nti, yɛyɛ adwuma brɛ na yɛte yea wɔ yɛn nsa ano adwuma mu.”+ 30 Lamek woo Noa no, ɔdii mfeɛ 595 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. 31 Enti mfeɛ a Lamek diiɛ nyinaa yɛ 777, na ɔwuiɛ.
32 Noa dii mfeɛ 500 no, ɔwoo Sem,+ Ham,+ ne Yafet.+
6 Afei berɛ a nnipa firii aseɛ dɔɔso wɔ asaase so na wɔwoo mma mmaa maa wɔn no, 2 nokorɛ Nyankopɔn no mma*+ no hunuu sɛ nnipa mma mmaa ho yɛ fɛ. Enti wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ. 3 Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Merennya* onipa ho aboterɛ nkɔsi daa+ ɛfiri sɛ ɔyɛ honam.* Enti ne mfeɛ bɛyɛ 120.”+
4 Saa nna no ne ɛno akyi no, na Nefilimfoɔ* wɔ asaase so. Saa berɛ no, nokorɛ Nyankopɔn no mma no ne nnipa mma mmaa dedaeɛ, na wɔne wɔn woo mma mmarima. Weinom ne abrane a wɔtenaa ase tete no, mmarima a wɔgyee din no.
5 Enti Yehowa hunuu sɛ onipa de abɔnefosɛm ahyɛ asaase so ma, na deɛ ɔsusu ho wɔ n’akomam nyinaa yɛ bɔne berɛ nyinaa.+ 6 Ɛyɛɛ Yehowa ya* sɛ ɔyɛɛ nnipa wɔ asaase so, na ɔdii awerɛhoɔ*+ wɔ n’akomam. 7 Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afiri asaase so, ɛfiri onipa so kɔsi afieboa ne mmoa a wɔwea ne wiem ntuboa so, ɛfiri sɛ ɛyɛ me ya sɛ meyɛɛ wɔn.” 8 Nanso Noa deɛ, ɔnyaa Yehowa anim adom.
9 Noa ho nsɛm nie:
Ná Noa yɛ ɔteneneeni+ a ne ho nni asɛm wɔ ne berɛsofoɔ* mu. Noa ne nokorɛ Nyankopɔn no nanteeɛ.+ 10 Akyire yi, Noa woo mma mmarima mmiɛnsa, Sem, Ham, ne Yafet.+ 11 Nanso na asaase asɛe wɔ nokorɛ Nyankopɔn no ani so, na na amumuyɛ ahyɛ so ma. 12 Ampa, berɛ a Onyankopɔn hwɛɛ asaase no, ɔhunuu sɛ asɛe,+ ɛfiri sɛ na ɔhonam* nyinaa asɛe wɔn akwan wɔ asaase so.+
13 Afei Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: “Merebɛsɛe ɔhonam nyinaa, ɛfiri sɛ wɔama amumuyɛ ahyɛ asaase so ma; enti mɛsɛe wɔn aka asaase no ho.+ 14 Fa dua papa* yɛ adaka.*+ Kyekyɛ adaka no mu, na fa aman*+ yeyɛ emu ne ɛho. 15 Sɛdeɛ yɛ no nie: Ma adaka no tenten nyɛ basafa 300,* ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa 50, na ɛfiri soro bɛsi fam nyɛ basafa 30. 16 Yɛ mpomma wɔ adaka no ho a hann bɛfa mu,* na ɛfiri mpomma no so kɔ adaka no atifi no nyɛ basafa baako. Yɛ ɛkwan wɔ adaka no nkyɛnmu,+ na yɛ no aborosan a ɛtoa so mmiɛnsa, deɛ ɛwɔ aseɛ, deɛ ɛwɔ mfimfini, ne deɛ ɛwɔ soro.
17 “Merebɛma nsuo ayiri+ afa asaase so asɛe nnipa ne mmoa nyinaa,* deɛ nkwa wom na ɛhome* wɔ wiase. Biribiara a ɛwɔ asaase so bɛsɛe.+ 18 Na me ne wo reyɛ apam; ɛsɛ sɛ wokɔ adaka no mu, wo ne wo mma, wo yere, ne wo mma yerenom.+ 19 Na mmoa a wɔte ase nyinaa,+ fa mmienu mmienu, onini baako, ɔbedeɛ baako,+ kɔ adaka no mu na wo ne wɔn nyinaa nnya nkwa. 20 Fa ntuboa, sɛdeɛ wɔn su teɛ, afieboa, sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne mmoa a wɔwea asaase so nyinaa, sɛdeɛ wɔn su teɛ; fa ebiara mmienu mmienu ka wo ho na wɔnnya nkwa.+ 21 Afei boaboa nnuane ahodoɔ a wɔdi nyinaa+ bi ano, na ayɛ wo ne mmoa no aduane.”
22 Na Noa yɛɛ deɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no nyinaa. Ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.+
7 Ɛno akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ: “Wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkɔ adaka no mu, ɛfiri sɛ awoɔ ntoatoasoɔ yi mu no, wo nko ara na mehunu sɛ woyɛ ɔteneneeni wɔ m’anim.+ 2 Mmoa a wɔn ho teɛ no, fa ebiara nson,+ anini ne abedeɛ;* na mmoa a wɔn ho nteɛ no, fa ebiara mmienu pɛ, onini baako, ɔbedeɛ baako; 3 ewiem ntuboa nso, fa ebiara nson, anini ne abedeɛ,* na wɔanya nkwa ama wɔn ase atrɛ wɔ asaase nyinaa so.+ 4 Aka nnanson pɛ na mama nsuo atɔ+ agu asaase so nnafua 40, awia ne anadwo,+ na mɛpepa deɛ mayɛ a ɛte ase biara afiri asaase so.”+ 5 Ɛnna Noa yɛɛ deɛ Yehowa aka akyerɛ no nyinaa.
6 Berɛ a nsuyire no baa asaase so no, na Noa adi mfeɛ 600.+ 7 Afei Noa ne ne mma ne ne yere ne ne mma no yerenom kɔɔ adaka no mu ansa na nsuo no refiri aseɛ atɔ.+ 8 Na mmoa a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ ne ntuboa ne biribiara a ɛwea asaase so,+ 9 ebiara mmienu mmienu, onini baako, ɔbedeɛ baako, kɔɔ Noa nkyɛn wɔ adaka no mu sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa no. 10 Na nnanson akyi no, nsuo tɔɔ wɔ asaase so.
11 Noa asetena mu afe a ɛtɔ so 600, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so 17 no, subunu akɛseɛ no nyinaa ano paapaeeɛ na ɔsoro mpomma buebueeɛ.+ 12 Na nsuo tɔɔ asaase so nnafua 40, awia ne anadwo. 13 Saa da no ara Noa ne ne mma Sem, Ham, Yafet,+ ne ne yere, ne ne mma no yerenom kɔɔ adaka no mu.+ 14 Wɔne wuram mmoa nyinaa, sɛdeɛ wɔn su teɛ; ne afieboa nyinaa, sɛdeɛ wɔn su teɛ; ne mmoa a wɔwea asaase so nyinaa, sɛdeɛ wɔn su teɛ; ne ntuboa nyinaa, nnomaa ne ntakraboa, sɛdeɛ wɔn su teɛ. 15 Wɔkaa Noa ho kɔɔ adaka no mu, aboa biara a nkwa wɔ ne mu na ɔhome,* mmienu mmienu. 16 Enti ɔhonam nyinaa kɔɔ mu sɛdeɛ Onyankopɔn kaeɛ no, anini ne abedeɛ. Ɛno akyi no, Yehowa too pono no mu.
17 Nsuo no kɔɔ so tɔɔ asaase so nnafua 40, na ɛyiri pagyaa adaka no firii asaase so maa ɛbɛtɛɛ nsuo no ani. 18 Afei nsuo no yiri faa asaase so maa no boroo so, nanso na adaka no tɛ nsuo no ani. 19 Na nsuo no yirii wɔ asaase so ara maa no kataa mmepɔ atenten a ɛwɔ wiase nyinaa so.+ 20 Ɛyiri kɔɔ soro traa mmepɔ atifi basafa 15.*
21 Enti abɔdeɛ* a ɛte ase wɔ asaase so nyinaa wuwuiɛ+—ntuboa, afieboa, wuram mmoa, ne mmoa nketenkete foforɔ* ne nnipa nyinaa.+ 22 Biribiara a ɛwɔ asaase kesee so a nkwa wom* na ɛhome fa ne hwenem wuiɛ.+ 23 Enti ɔpepaa biribiara a ɛte ase firii asaase so, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, mmoa a wɔwea asaase so kɔsi wiem ntuboa so. Ɔpepaa wɔn nyinaa firii asaase so,+ na ɛkaa Noa ne wɔn a wɔka ne ho wɔ adaka no mu nko ara.+ 24 Nsuo no taa asaase so nnafua 150.+
8 Nanso Onyankopɔn kaee Noa ne wuram mmoa ne afieboa a wɔka ne ho wɔ adaka no mu nyinaa,+ na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asaase so, na nsuo no firii aseɛ twetweeɛ. 2 Na subunu no ne ɔsoro mpomma no mu totoeɛ, na nsuo no gyaee tɔ.*+ 3 Nsuo no firii aseɛ twetwee nkakrankakra firii asaase so; na nnafua 150 akyi no, na nsuo no aba fam. 4 Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so 17 no, adaka no kɔsii Ararat mmepɔ so baabi. 5 Nsuo no so tee nkakrankakra kɔsii bosome a ɛtɔ so du no so. Na bosome a ɛtɔ so du no da a ɛdi kan no, mmepɔ no atifi yii ne ho adi.+
6 Enti nnafua 40 akyi no, Noa buee mpomma+ a ɔyɛɛ wɔ adaka no ho no, 7 na ɔsomaa kwaakwaadabi firii adi, na sɛ aboa no kɔ ara a, na wasan aba, kɔsii sɛ nsuo no wee wɔ asaase so.
8 Akyire yi, ɔsomaa aburuburo sɛ ɔnkɔhwɛ sɛ nsuo no atwetwe afiri asaase so anaa. 9 Nanso aburuburo no annya baabi ansi,* ɛfiri sɛ na nsuo da so wɔ asaase so baabiara.+ Enti ɔsan baa ne nkyɛn wɔ adaka no mu, na Noa tenee ne nsa faa no de no baa adaka no mu. 10 Ɔsan twɛnee nnanson, na ɔsomaa aburuburo no bio. 11 Ɛrekɔ anwummerɛ no, aburuburo no san baeɛ, na na ngodua ahaban a wate no foforɔ tua n’ano, enti Noa huu sɛ nsuo no awe wɔ asaase so.+ 12 Ɔsan twɛnee nnanson bio. Afei ɔsomaa aburuburo no, nanso wansan amma ne nkyɛn bio.
13 Afei afe a ɛtɔ so 601,+ bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, na nsuo no awe wɔ asaase so; na Noa yii adaka no so nkatasoɔ, na ɔhwɛeɛ no, ɔhunuu sɛ asaase no so rewo. 14 Bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so 27 no, na asaase no so awo wesee.
15 Afei Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: 16 “Wo ne wo yere ne wo mma ne wɔn yerenom a wɔka wo ho no, momfiri adaka no mu.+ 17 Mmoa a wɔka wo ho nyinaa,+ ntuboa ne mmoa ahodoɔ ne mmoa a wɔwea asaase so nyinaa, yi wɔn firi adi na wɔn ase ntrɛ* wɔ asaase so, na wɔnwo na wɔnnɔɔso wɔ asaase so.”+
18 Enti Noa ne ne mma+ ne ne yere ne ne mma no yerenom firii adi. 19 Na mmoa no nyinaa, wɔn a wɔwea ne ntuboa nyinaa, ne asaase so mmoa a aka nyinaa firii adaka no mu puee akuakuo.+ 20 Ɛnna Noa sii afɔrebukyia+ maa Yehowa, na ɔyii wuram mmoa a wɔn ho teɛ ne ntuboa a wɔn ho teɛ+ nyinaa mu bi de wɔn bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia no so.+ 21 Na Yehowa tee sɛ afɔreɛ no yɛ hwam,* enti Yehowa kaa wɔ n’akomam sɛ: “Merenhwɛ deɛ onipa ayɛ ho nnome asaase*+ bio, ɛfiri sɛ deɛ onipa susu wɔ n’akomam yɛ bɔne firi ne mmɔfraase;+ na meremfa me nsa nka deɛ ɛte ase nyinaa bio sɛdeɛ mayɛ yi.+ 22 Ɛfiri nnɛ rekɔ, berɛ a wɔdua ne berɛ a wɔtwa, awɔ ne ɛhyew, sutɔberɛ* ne ɔpɛ berɛ,* adekyeeɛ ne adesaeɛ, to rentwa da.”+
9 Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mma na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asaase so ma.+ 2 Mo ho hu nkɔ so nka asaase so mmoa nyinaa, ewiem ntuboa nyinaa, mmoa a wɔwea fam nyinaa, ne ɛpo mu mpataa nyinaa, na wɔnsuro mo. Seesei mede wɔn ahyɛ mo nsa.*+ 3 Mmoa a wɔte ase nyinaa, mede ama mo sɛ monni.+ Mede ne nyinaa ama mo sɛdeɛ mede nhaban mono maa mo no.+ 4 Ɛnam a mogya,+ kyerɛ sɛ, ne nkwa* wom no, ɛno na ɛnsɛ sɛ modie.+ 5 Afei nso, abɔdeɛ a ɛte ase biara a ɔbɛka mo mogya a ɛyɛ mo nkwa* agu no, mɛma no abu ho akonta. Sɛ onipa ka ne yɔnko mogya gu a, mɛma no abu ho akonta, ɛfiri sɛ ɔyɛ ne nua.+ 6 Obiara a ɔbɛka onipa mogya agu no, wɔnam onipa so na ɛbɛka ne mogya agu,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so.+ 7 Mo deɛ, monwo na monnɔɔso, na mo ase ntrɛ nyɛ bebree wɔ asaase so.”+
8 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne mma a wɔka ne ho no sɛ: 9 “Afei me ne mo reyɛ apam,+ mo ne mo asefoɔ a wɔbɛdi mo akyi aba, 10 ne abɔdeɛ* biara a ɛte ase a ɛka mo ho; nnomaa, wuram mmoa, ne asaase so mmoa nyinaa, wɔn a wɔfi adaka no mu nyinaa; asaase so abɔdeɛ a wɔte ase nyinaa.+ 11 Aane, me ne mo reyɛ apam yi: Meremma nsuo nyiri mfa ɔhonam* nyinaa bio, na meremma nsuo nyiri nsɛe asaase bio.”+
12 Onyankopɔn toaa so sɛ: “Apam a me ne mo ne abɔdeɛ* a ɛte ase biara a ɛka mo ho reyɛ no, wei na ɛbɛyɛ ho sɛnkyerɛnne akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. 13 Mede me nyankontɔn ato mununkum mu na ayɛ apam a me ne asaase reyɛ no ho sɛnkyerɛnne. 14 Berɛ biara a mede mununkum bɛba asaase so no, nyankontɔn bɛpue wɔ mununkum no mu. 15 Na mɛkae m’apam a ɛda me ne mo ne abɔdeɛ biara a ɛte ase* ntam no, na nsuo renyiri nsɛe ɔhonam nyinaa bio.+ 16 Nyankontɔn no bɛba mununkum mu, na mɛhwɛ akae daa apam a ɛda Onyankopɔn ne abɔdeɛ biara a ɛte ase* wɔ asaase so ntam no.”
17 Onyankopɔn tii mu kyerɛɛ Noa sɛ: “Wei na ɛbɛyɛ apam a me ne ɔhonam a ɛwɔ asaase so nyinaa ayɛ no ho sɛnkyerɛnne.”+
18 Noa mma a wɔfiri adaka no mu pueeɛ ne Sem, Ham, ne Yafet.+ Akyire yi, Ham woo Kaanan.+ 19 Weinom ne Noa mma mmiɛnsa no, na wɔn mu na asaase so nnipa nyinaa firi hweteeɛ.+
20 Afei Noa firii aseɛ yɛɛ kua, na ɔyɛɛ bobefuo.* 21 Ɔnom bobesa no bi, na ɔboroeɛ, enti berɛ a ɔda ne ntomadan mu no, na ne ho apa. 22 Kaanan papa Ham hunuu sɛ ne papa ho gu hɔ,* na ɔfirii adi kɔbɔɔ ne nuanom mmienu no amanneɛ. 23 Ɛnna Sem ne Yafet faa ntoma de guu wɔn kɔn ho de wɔn akyi kɔɔ ntomadan no mu. Na wɔyii wɔn ani too nkyɛn kɔkataa wɔn papa ho, enti wɔanhu ne ho.
24 Berɛ a Noa nyanee a nsã* no atete n’ani so no, ɔtee deɛ ne ba kumaa no ayɛ, 25 na ɔkaa sɛ:
“Nnome nka Kaanan.+
Ma ɔnyɛ nkoa mu akoa mma ne nuanom.”+
26 Ɔsan kaa sɛ:
27 Onyankopɔn mma Yafet nnya tenabea a ɛtrɛ,
Na ɔntena Sem ntomadan mu.
Ma Kaanan nyɛ akoa mma ɔno nso.”
28 Nsuyire no akyi no, Noa dii mfeɛ 350 kaa ho.+ 29 Enti mfeɛ a Noa diiɛ nyinaa yɛ 950, na ɔwuiɛ.
10 Noa mma Sem,+ Ham, ne Yafet asefoɔ ho nsɛm nie.
Nsuyire no akyi no, wɔwoo mma.+ 2 Yafet mma ne Gomer,+ Magog,+ Madai, Yawan, Tubal,+ Mesek,+ ne Tira.+
3 Gomer mma ne Askenas,+ Rifat, ne Togarma.+
4 Yawan mma ne Elisah,+ Tarsis,+ Kitim,+ ne Dodanim.
5 Weinom na wɔhwete kɔtenatenaa nsupɔ so ne wɔn nsaase so, sɛdeɛ wɔn mu biara kasa, n’abusua, ne ne man teɛ.
6 Ham mma ne Kus, Misraim,+ Put,+ ne Kaanan.+
7 Kus mma ne Seba,+ Hawila, Sabta, Raama,+ ne Sabteka.
Raama mma ne Saba ne Dedan.
8 Kus woo Nimrod. Ɔno na ɔbɛyɛɛ otumfoɔ a ɔdi kan wɔ asaase so. 9 Ɔbɛyɛɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a ɔsɔre tia Yehowa. Enti abɛyɛ asɛm a wɔtaa ka sɛ: “Wote sɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ Nimrod a ɔsɔre tiaa Yehowa no.” 10 Nkuro a ɛdi kan wɔ n’ahennie mu* ne Babel,+ Erek,+ Akad, ne Kalne a ɛwɔ Sinar asaase so.+ 11 Ɔfiri saa asaase no so kɔɔ Asiria+ kɔkyekyeree Niniwe+ ne Rehobot-Ir, Kala, 12 ne Resen a ɛwɔ Niniwe ne Kala ntam no: Wei ne kuro kɛseɛ no.*
13 Misraim woo Ludim,+ Anamim, Lehabim, Naftuhim,+ 14 Patrusim,+ Kasluhim (wɔn asefoɔ ne Filistifoɔ),+ ne Kaftorim.+
15 Kaanan woo Sidon+ a ɔyɛ ne ba panin, ne Het,+ 16 ne afei Yebusifoɔ,+ Amorifoɔ,+ Girgasifoɔ, 17 Hiwifoɔ,+ Arkifoɔ, Sinfoɔ, 18 Awadfoɔ,+ Semarifoɔ, ne Hamatfoɔ.+ Akyire yi, Kaananfoɔ mmusua bɔ hweteeɛ. 19 Ná Kaanan ahyeɛ firi Sidon kɔpem Gerar,+ a ɛbɛn Gasa,+ na na ɛkɔ ara kɔsi Sodom, Gomora,+ Adma, ne Seboiim+ a ɛbɛn Lasa. 20 Weinom ne Ham mma, sɛdeɛ wɔn mmusua, wɔn kasa, wɔn nsaase, ne wɔn aman teɛ.
21 Sem a ne nua panin paa* ne Yafet no nso nyaa mma. Ɔno ne Eber+ mma nyinaa agya. 22 Sem mma ne Elam,+ Asur,+ Arfaksad,+ Lud, ne Aram.+
23 Aram mma ne Us, Hul, Geta, ne Mas.
24 Arfaksad woo Sela,+ na Sela nso woo Eber.
25 Eber woo mma mmienu. Baako din de Peleg,*+ ɛfiri sɛ ne berɛ so na nnipa mu kyekyɛɛ wɔ asaase so.* Ne nua din de Yoktan.+
26 Yoktan woo Almodad, Selef, Hasarmawet, Yera,+ 27 Hadoram, Usal, Dikla, 28 Obal, Abimael, Saba, 29 Ofir,+ Hawila, ne Yobab. Weinom nyinaa yɛ Yoktan mma.
30 Baabi a wɔtenaeɛ no firi Mesa kɔsi Sefar wɔ Apueeɛ fam mmepɔ so.
31 Weinom ne Sem mma, sɛdeɛ wɔn mmusua, wɔn kasa, wɔn nsaase, ne wɔn aman teɛ.+
32 Weinom ne Noa mma no mmusua, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ ne wɔn aman teɛ. Nsuyire no akyi no, weinom na wɔhwete bɛyɛɛ amanaman wɔ asaase so baabiara.+
11 Saa berɛ no, na asaase so nnipa nyinaa ka kasa baako, na nsɛmfua korɔ no ara na na obiara de yɛ adwuma. 2 Berɛ a wɔde wɔn ani kyerɛɛ apueeɛ no, wɔkɔtoo asaasetraa bi wɔ Sinar asaase so,+ na wɔtenaa hɔ. 3 Ɛnna wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Mommra mma yɛnyɛ birikisi mfa egya ntõ.” Enti wɔde birikisi yɛɛ aboɔ a wɔde si dan, na wɔde kootaa hyehyɛɛ ntam. 4 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Mommra mma yɛnkyekyere kuro kɛseɛ na yɛnto abantenten a n’atifi bɛduru soro, na yɛnnye din, na yɛammɔ anhwete asaase nyinaa so.”+
5 Afei Yehowa bɛhwɛɛ kuro a nnipa mma rekyekyere ne abantenten a wɔreto no. 6 Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Hwɛ! Wɔyɛ nnipa baako a wɔka kasa baako,+ na deɛ wɔafiri aseɛ reyɛ nie. Enti biribiara nni hɔ a wɔpɛ sɛ wɔyɛ a wɔrentumi nyɛ. 7 Ma yɛnsiane+ nkɔyɛ wɔn kasa basabasa na obiara ante ne yɔnko kasa.” 8 Ɛnna Yehowa bɔɔ wɔn hwetee asaase so nyinaa,+ na ɛdidi mu ara na wɔgyaee kuro no kyekyere. 9 Wei nti na wɔbɛfrɛɛ hɔ Babel,*+ ɛfiri sɛ ɛhɔ na Yehowa yɛɛ asaase nyinaa kasa basabasa, na ɛhɔ na Yehowa bɔɔ wɔn hwetee asaase so nyinaa.
10 Sem+ ne n’asefoɔ ho nsɛm nie.
Berɛ a Sem dii mfeɛ 100 a ɛyɛ Nsuyire no akyi mfeɛ mmienu no, ɔwoo Arfaksad.+ 11 Sem woo Arfaksad no, ɔdii mfeɛ 500 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa.+
12 Arfaksad dii mfeɛ 35 no, ɔwoo Sela.+ 13 Arfaksad woo Sela no, ɔdii mfeɛ 403 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa.
14 Sela dii mfeɛ 30 no, ɔwoo Eber.+ 15 Sela woo Eber no, ɔdii mfeɛ 403 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa.
16 Eber dii mfeɛ 34 no, ɔwoo Peleg.+ 17 Eber woo Peleg no, ɔdii mfeɛ 430 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa.
18 Peleg dii mfeɛ 30 no, ɔwoo Reu.+ 19 Peleg woo Reu no, ɔdii mfeɛ 209 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa.
20 Reu dii mfeɛ 32 no, ɔwoo Serug. 21 Reu woo Serug no, ɔdii mfeɛ 207 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa.
22 Serug dii mfeɛ 30 no, ɔwoo Nahor. 23 Serug woo Nahor no, ɔdii mfeɛ 200 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa.
24 Nahor dii mfeɛ 29 no, ɔwoo Tera.+ 25 Nahor woo Tera no, ɔdii mfeɛ 119 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa.
26 Tera dii mfeɛ 70 no, ɔwoo Abram,+ Nahor,+ ne Haran.
27 Tera ne n’asefoɔ ho nsɛm nie.
Tera woo Abram, Nahor ne Haran; na Haran nso woo Lot.+ 28 Haran wuu berɛ a ne papa Tera da so te ase wɔ Ur,+ Kaldeafoɔ asaase so,+ baabi a wɔwoo no no. 29 Abram ne Nahor warewareeɛ. Ná Abram yere din de Sarai,+ na Nahor nso yere din de Milka;+ ná Milka yɛ Haran babaa. Ná Haran yɛ Milka ne Iska nyinaa papa. 30 Ná Sarai yɛ bonin+ a ɔnni ba.
31 Akyire yi Tera ne ne ba Abram ne Haran ba Lot a ɔyɛ ne banana+ ne n’asebaa Sarai a ɔyɛ ne ba Abram yere no firii Ur a ɛwɔ Kaldea kɔɔ Kaanan+ asaase so. Wɔkɔduruu Haran+ no, wɔtenaa hɔ. 32 Mfeɛ a Tera diiɛ nyinaa yɛ 205, na ɔwuu wɔ Haran.
12 Na Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Firi w’asaase so ne w’abusuafoɔ mu ne w’agya fie kɔ asaase a mɛkyerɛ wo no so.+ 2 Mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mɛhyira wo ama wo din ayɛ kɛseɛ, na wobɛyɛ nhyira ama nkurɔfoɔ.+ 3 Mɛhyira wɔn a wɔhyira wo, na mɛdome obiara a ɔdome wo,+ na ɛkwan biara so asaase so mmusua nyinaa nam wo so bɛnya nhyira.”*+
4 Ɛnna Abram kɔeɛ sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ no no, na Lot ne no kɔeɛ. Berɛ a Abram firii Haran no, na wadi mfeɛ 75.+ 5 Abram faa ne yere Sarai+ ne ne nuabarima ba Lot+ ne wɔn agyapadeɛ nyinaa+ ne nnipa* a wɔanya wɔ Haran, na wɔsiim de wɔn ani kyerɛɛ Kaanan asaase so.+ Berɛ a wɔkɔduruu Kaanan asaase so no, 6 Abram faa asaase no so ara kɔduruu Sekem,+ baabi a ɛbɛn More nnua akɛseɛ no.+ Saa berɛ no, na Kaananfoɔ wɔ asaase no so. 7 Afei Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Abram na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “W’asefoɔ*+ na mede asaase yi bɛma wɔn.”+ Enti ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Yehowa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no no. 8 Akyire yi, ɔtu firii hɔ kɔɔ Betel+ apueeɛ fam bepɔ so, na ɔsii ne ntomadan wɔ hɔ. Ná Betel wɔ ne benkum so na Ai+ nso wɔ ne nifa so. Ɔsii afɔrebukyia maa Yehowa,+ na ɔfirii aseɛ bɔɔ Yehowa din frɛɛ no wɔ hɔ.+ 9 Afei Abram tuiɛ na ɔde n’ani kyerɛɛ Negeb;+ ɔkɔɔ so dii atutena.
10 Ɛkɔm baa asaase no so, na Abram de n’ani kyerɛɛ Egypt sɛ ɔrekɔtena hɔ kakra,*+ ɛfiri sɛ na ɛkɔm no ano yɛ den wɔ asaase no so.+ 11 Berɛ a wɔreyɛ aduru Egypt no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: “Mesrɛ wo tie. Menim sɛ woyɛ ɔbaa a wo ho yɛ fɛ.+ 12 Enti sɛ Egyptfoɔ hu wo a, deɛ wɔbɛka ara ne sɛ, ‘Hwɛ, ne yere nie.’ Na wɔbɛku me na wɔagya wo. 13 Mesrɛ wo, ɛyɛ a ka sɛ woyɛ me nuabaa, na asi me yie, na wɔanku me.”*+
14 Berɛ a Abram duruu Egypt ara pɛ, Egyptfoɔ no hunuu sɛ ɔbaa no ho yɛ fɛ yie. 15 Farao mpanimfoɔ no nso hunuu no, na wɔkamfoo no kyerɛɛ Farao, enti wɔbɛfaa no kɔɔ Farao fie. 16 Ɔbaa no nti, Farao ne Abram dii no yie, na ɔnyaa nnwan, anantwie, mfunumu anini ne abedeɛ, nkoa ne mfenaa, ne yoma pii.+ 17 Afei Abram yere Sarai+ nti, Yehowa de nyarewa akɛseɛ* baa Farao ne ne fiefoɔ so. 18 Ɛnna Farao frɛɛ Abram kaa sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔyɛ wo yere? 19 Adɛn nti na wokaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nua’?+ Anka mereyɛ aware no. Hwɛ, wo yere nie, fa no kɔ!” 20 Enti Farao de ahyɛdeɛ maa ne mmarima no maa wɔgyaa no kwan, na ɔde ne yere ne deɛ ɔwɔ nyinaa kɔeɛ.+
13 Afei Abram firii Egypt de n’ani kyerɛɛ Negeb,+ ɔne ne yere ne deɛ ɔwɔ nyinaa, na na Lot ka ne ho. 2 Ná Abram anya nyɛmmoa, dwetɛ, ne sika kɔkɔɔ bebree.+ 3 Berɛ a ɔfiri Negeb rekɔ Betel no, ɔdii atutena kɔsii sɛ ɔduruu baabi a berɛ bi ɔsii ne ntomadan wɔ Betel ne Ai ntam no,+ 4 beaeɛ a kane ɔsii afɔrebukyia no. Ɛhɔ na Abram bɔɔ Yehowa din frɛɛ no no.
5 Lot a na ɔka Abram ho wɔ n’akwantuo mu no nso nyaa nnwan, anantwie, ne ntomadan. 6 Enti na asaase no sua ma wɔn sɛ wɔn nyinaa bɛtena faako, ɛfiri sɛ na wɔn agyapadeɛ adɔɔso ara ama wɔakyere so wɔ asaase no so. 7 Ɛno maa akasakasa baa wɔn a wɔhwɛ Abram nyɛmmoa ne wɔn a wɔhwɛ Lot nyɛmmoa no ntam. (Saa berɛ no, Kaananfoɔ ne Perisifoɔ na na wɔte asaase no so.)+ 8 Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Lot+ sɛ: “Mesrɛ wo, ɛnsɛ sɛ akasakasa biara ba me ne wo ntam ne wɔn a wɔhwɛ me mmoa ne wɔn a wɔhwɛ wo mmoa no ntam, ɛfiri sɛ yɛyɛ anuanom. 9 Ɛnyɛ asaase no nyinaa na ɛda w’anim yi? Mesrɛ wo, te wo ho firi me ho. Wofa benkum a, mɛfa nifa; na sɛ wofa nifa a, mɛfa benkum.” 10 Enti Lot maa n’ani so hwɛeɛ, na ɔhunuu sɛ ɛfiri Yordan mantam no+ nyinaa kɔsi Soar+ no, nsuo wɔ asaase no so te sɛ Yehowa turo+ ne Egypt asaase (ansa na Yehowa resɛe Sodom ne Gomora). 11 Ɛnna Lot faa Yordan mantam no nyinaa, na ɔtu kɔtenaa apueeɛ fam. Enti wɔdii mpaapaemu. 12 Abram tenaa Kaanan asaase so, na Lot kɔtenaa nkuro a ɛwɔ Yordan mantam mu no mu.+ Akyire yi, ɔkɔsii ne ntamadan wɔ baabi a ɛbɛn Sodom. 13 Ná Sodomfoɔ yɛ nnebɔneyɛfoɔ a wɔyɛ bɔne akɛseɛ tia Yehowa.+
14 Akyire yi a Lot tee ne ho firii Abram ho no, Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Mesrɛ wo, gyina baabi a wowɔ no na ma w’ani so hwɛ atifi ne anaafoɔ, apueeɛ ne atɔeɛ, 15 ɛfiri sɛ asaase a w’ani tua yi nyinaa mede bɛma wo ne w’asefoɔ*+ afebɔɔ. 16 Na mɛma w’asefoɔ* ayɛ sɛ asaase so anwea ma enti sɛ obi bɛtumi akan asaase so anwea a, ɛnneɛ ɔbɛtumi akan w’asefoɔ* nso.+ 17 Sɔre kɔfa asaase no nyinaa so, na hwɛ ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ, ɛfiri sɛ wo ara na mede bɛma wo.” 18 Enti Abram kɔɔ so tenaa ntomadan mu. Akyire yi, ɔkɔtenaa baabi a ɛbɛn Mamre+ nnua akɛseɛ a ɛwɔ Hebron+ no, na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Yehowa.+
14 Afei berɛ a na Amrafel di Sinar+ so hene, Ariok di Elasar so, Kedolaoma+ di Elam+ so, na Tidal di Goiim so no, 2 wɔka boom ko tiaa Sodom+ hene Bera, Gomora+ hene Birsa, Adma hene Sinab, Seboiim+ hene Semeber, ne Bela hene, kyerɛ sɛ, Soar hene. 3 Weinom nyinaa bɛhyiaa wɔ Sidim Bɔn mu,*+ kyerɛ sɛ, Nkyene Po*+ no ho.
4 Ná wɔasom Kedolaoma mfeɛ 12, nanso afe a ɛtɔ so 13 no, wɔtee atua. 5 Enti afe a ɛtɔ so 14 no, Kedolaoma ne ahemfo a wɔka ne ho no dii Refaimfoɔ so nkonim kaa wɔn guu wɔ Asterot-Karnaim, wɔkaa Susimfoɔ guu wɔ Ham, wɔkaa Emimfoɔ+ guu wɔ Sawe-Kiriataim, 6 na wɔkaa Horifoɔ+ guu wɔ wɔn Seir Bepɔ so+ kɔduruu El-Paran a ɛwɔ serɛ so no. 7 Afei wɔdanee wɔn ani baa En-Mispat a ɛne Kades,+ na Amalekfoɔ+ asaase nyinaa ne Amorifoɔ+ a wɔtete Hasason-Tama+ nyinaa nso, wɔdii wɔn so nkonim.
8 Saa berɛ yi, Sodom hene, Gomora hene, Adma hene, Seboiim hene, ne Bela hene, kyerɛ sɛ, Soar hene ka boom ne wɔn kɔkoo wɔ Sidim Bɔn mu.* 9 Wɔn a wɔne wɔn koeɛ no ne Elam hene Kedolaoma, Goiim hene Tidal, Sinar hene Amrafel, ne Elasar hene Ariok.+ Ahemfo nnan yi ne nnum no de sii ani. 10 Sidim Bɔn mu* no, na amena pii wɔ hɔ a kootaa taataa mu; na Sodom hene ne Gomora hene yɛɛ sɛ wɔredwane nanso wɔkɔtotɔɔ ebi mu, na wɔn a wɔaka no dwane kɔɔ bepɔ so. 11 Ɛnna ahemfo nnan a wɔdii nkonim no faa biribiara a ɛwɔ Sodom ne Gomora ne wɔn nnuane nyinaa kɔeɛ.+ 12 Saa berɛ no, na Abram nuabarima ba Lot te Sodom,+ enti wɔfaa ɔno nso ne n’agyapadeɛ kaa ho kɔeɛ.
13 Ɛnna mmarima a wɔdwaneeɛ no mu baako kɔbɔɔ Abram a ɔyɛ Hebrini no amanneɛ. Ná wasi ne ntomadan wɔ Amorini Mamre+ nnua akɛseɛ no nkyɛn. Mamre nuanom ne Eskol ne Aner,+ na na wɔn nyinaa ne Abram ayɛ apam sɛ obiara bɛboa ne yɔnko. 14 Enti Abram tee sɛ atamfo abɛkye ne busuani*+ no kɔ. Ɛnna ɔfaa mmarima 318 a wɔnim ko, nkoa a wɔwoo wɔn wɔ ne fie, na wɔtii wɔn kɔduruu Dan.+ 15 Anadwo no, ɔkyɛɛ ne dɔm no mu, na ɔne wɔn to hyɛɛ wɔn so dii wɔn so nkonim. Na wɔtii wɔn ara kɔduruu Hoba a ɛwɔ Damasko atifi. 16 Ɔgyee nneɛma a wɔfaeɛ no nyinaa, na ɔgyee ne busuani Lot ne n’agyapadeɛ ne mmaa ne nnipa a wɔka ho no nso.
17 Berɛ a Abram dii Kedolaoma ne ahemfo a wɔka ne ho no so nkonim na ɔresan aba no, Sodom hene kɔhyiaa Abram wɔ Sawe Bɔn mu,* kyerɛ sɛ, Ɔhene Bɔn mu.+ 18 Na Salem hene+ Melkisedek+ a ɔyɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn sɔfoɔ+ no brɛɛ no paanoo ne bobesa.
19 Ɛnna ɔhyiraa no kaa sɛ:
“Ɔsorosoroni Nyankopɔn, ɔsoro ne asaase Bɔfoɔ no
Nhyira Abram;
20 Na ayeyie nka Ɔsorosoroni Nyankopɔn;
Ɔno na ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa!”
Na Abram kyɛɛ biribiara mu du maa no baako.+
21 Akyire yi, Sodom hene ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Fa nnipa* no ma me, na fa nneɛma no.” 22 Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Sodom hene sɛ: “Mema me nsa so ka Ɔsorosoroni Yehowa Nyankopɔn, ɔsoro ne asaase Bɔfoɔ, no ntam sɛ, 23 ɛfiri asaawa so kɔsi mpaboa ahoma so, meremfa me nsa nka biribiara a ɛyɛ wo dea, na woanka sɛ, ‘Me na memaa Abram nyaa ne ho.’ 24 Merennye biribiara nka deɛ mmeranteɛ no adi no ho. Na mmarima a wɔne me kɔeɛ, Aner ne Eskol ne Mamre+ deɛ, ma wɔmfa wɔn kyɛfa.”
15 Weinom akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Abram wɔ anisoadehunu mu sɛ: “Abram, nsuro.+ Meyɛ wo kyɛm.+ W’akatua bɛyɛ kɛseɛ paa.”+ 2 Ɛnna Abram kaa sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa, ɛdeɛn na wode bɛma me? Wo ara wonim sɛ menni ba, na deɛ ɔbɛdi m’adeɛ ne Elieser+ a ɔyɛ Damaskoni.” 3 Abram toaa so sɛ: “Wommaa me aseni* biara;+ akoa* a ɔwɔ me fie na ɔbɛdi m’adeɛ.” 4 Ɛnna Yehowa nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ ɔbarima yi na ɔbɛdi w’adeɛ, na mmom wo ankasa wo ba* na ɔbɛdi w’adeɛ.”+
5 Afei ɔde no firii adi na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, ma w’ani so hwɛ soro, na sɛ wobɛtumi akan nsoromma yi a, kan.” Na ɔkaa sɛ: “Saa na w’asefoɔ* bɛyɛ.”+ 6 Ɔgyee Yehowa dii,+ na Onyankopɔn buu no sɛ ɔyɛ ɔteneneeni.+ 7 Afei ɔka kaa ho sɛ: “Mene Yehowa a ɔde wo firi Kaldeafoɔ kuro Ur mu baa sɛ bɛfa asaase yi.”+ 8 Ɛnna ɔno nso kaa sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa, ɛdeɛn na mede bɛhunu sɛ ɛbɛyɛ me dea ampa?” 9 Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa nantwie a wadi mfeɛ mmiɛnsa, apɔnkyebedeɛ a wadi mfeɛ mmiɛnsa, odwennini a wadi mfeɛ mmiɛnsa, aburuburo ne aborɔnoma ba brɛ me.” 10 Ɔde ne nyinaa baeɛ na ɔpaapaee wɔn mu mmienu mmienu, na ɔde fã biara too hɔ maa ɛne fã foforɔ dii nhwɛanimu, nanso nnomaa no deɛ, wampae wɔn mu. 11 Na nnomaa a wɔdi nam bɛsisii mmoa no nam so, na sɛ wɔba a, na Abram apamo wɔn.
12 Akyire yi, ɛrekɔ anwummerɛ no, Abram daa hatee na esum kabii a ɛyɛ hu baa ne so. 13 Afei ɔka kyerɛɛ Abram sɛ: “Hu sɛ w’asefoɔ* bɛkɔ akɔyɛ ahɔhoɔ wɔ obi man so, na ɛhɔfoɔ de wɔn bɛyɛ nkoa na wɔateetee wɔn mfeɛ 400.+ 14 Nanso mɛbu ɔman a wɔbɛsom wɔn no atɛn,+ na ɛno akyi wɔde agyapadeɛ bebree bɛfiri hɔ akɔ.+ 15 Wo deɛ, asomdwoeɛ mu na wobɛkɔ akɔka w’agyanom ho, na wobɛnyini akyɛ ansa na wɔasie wo.+ 16 Nanso awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so nnan mu no, w’asefoɔ bɛsan aba ha,+ ɛfiri sɛ berɛ nnya nsoo sɛ Amorifoɔ nya wɔn bɔne so akatua.”+
17 Berɛ a awia tɔeɛ na esum kabii baeɛ no, fononoo bi a wisie firi mu ne tɛnee* a ɛredɛ bɛfaa mmoa a wɔapaapae wɔn mu no ntam. 18 Saa da no, Yehowa ne Abram yɛɛ apam,+ na ɔkaa sɛ: “Mede asaase yi nyinaa bɛma w’asefoɔ,*+ ɛfiri Egypt asubɔnten no ho kɔsi asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho:+ 19 Kenifoɔ+ asaase, Kenisifoɔ asaase, Kadmonfoɔ asaase, 20 Hitifoɔ asaase,+ Perisifoɔ asaase,+ Refaimfoɔ asaase,+ 21 Amorifoɔ asaase, Kaananfoɔ asaase, Girgasifoɔ asaase, ne Yebusifoɔ+ asaase.”
16 Saa berɛ no, na Abram yere Sarai nwoo ba biara mmaa no,+ nanso na ɔwɔ Egyptni abaawa bi a wɔfrɛ no Hagar.+ 2 Ɛnna Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Mesrɛ wo tie me. Yehowa asi m’awoɔ ho kwan. Enti mesrɛ wo, wo ne m’abaawa yi nna, na ebia ɔbɛwo ama me.”+ Na Abram tiee Sarai. 3 Enti Sarai de n’abaawa Hagar a ɔyɛ Egyptni no maa ne kunu Abram wareeɛ. Saa berɛ no, na Abram atena Kaanan asaase so mfeɛ du. 4 Na ɔne Hagar daeɛ, na ɔnyinsɛneeɛ. Berɛ a ɔhunuu sɛ wanyinsɛn no, afei deɛ na n’ani nsɔ ne maame a ɔne no te no bio.
5 Ɛnna Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: “M’amanehunu yi nyinaa firi wo. Me ara na mede m’abaawa maa wo;* afei a wahu sɛ wanyinsɛn no, n’ani nsɔ me bio. Yehowa mmu me ne wo ntam atɛn.” 6 Enti Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ: “Hwɛ! W’abaawa no wɔ wo nsam. Deɛ wopɛ biara, fa yɛ no.” Ɛnna Sarai dii n’ani ara maa no dwane firii ne nkyɛn.
7 Akyire yi, Yehowa bɔfoɔ huu no wɔ abura bi ho wɔ serɛ so wɔ Sur+ kwan so. 8 Na ɔbisaa no sɛ: “Sarai abaawa Hagar, ɛhe na wofiri na ɛhe na worekɔ?” Ɔbuaa sɛ: “Mefiri me maame Sarai nkyɛn na meredwane.” 9 Afei Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “San kɔ wo maame no nkyɛn na kɔbrɛ wo ho ase ma no.”* 10 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mɛma w’asefoɔ* adɔɔso paa, na obiara rentumi nkan wɔn.”+ 11 Yehowa bɔfoɔ no toaa so sɛ: “Seesei woanyinsɛn, na wobɛwo ɔbabarima, na to ne din Ismael,* ɛfiri sɛ amanehunu a worefa mu no, Yehowa ate. 12 Wo ba no bɛyɛ sɛ serɛ so afunumu.* Na ɔbɛko atia obiara, na obiara bɛko atia no; baabi a ɔbɛtena no, ɔne ne nuanom nyinaa bɛdi nhwɛanimu.”*
13 Ɛnna ɔbɔɔ Yehowa a ɔne no kasae no din frɛɛ no kaa sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn a wohunu adeɛ ampa.”+ Na ɔkaa sɛ: “Enti m’ani paa na mede ahunu deɛ ɔhu me no?” 14 Ɛno nti wɔfrɛɛ abura no Beer-Lahai-Roi.* (Ɛwɔ Kades ne Bered ntam.) 15 Na Hagar woo ɔbabarima maa Abram, na Abram too ne ba no din Ismael.+ 16 Berɛ a Hagar woo Ismael no, na Abram adi mfeɛ 86.
17 Berɛ a Abram dii mfeɛ 99 no, Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no kaa sɛ: “Mene adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn. Nante m’akwan so, na mma asɛm biara mmma wo ho.* 2 Mɛma apam a me ne wo ayɛ no aba mu,+ na mɛma w’asefoɔ adɔɔso papaapa.”+
3 Ɛnna Abram de n’anim butuu fam, na Onyankopɔn toaa so ka kyerɛɛ no sɛ: 4 “Hwɛ, me na me ne wo ayɛ apam;+ wobɛyɛ aman pii agya.+ 5 Wɔremfrɛ wo Abram* bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Abraham* ɛfiri sɛ mɛma woayɛ aman pii agya. 6 Mɛma w’ase atrɛ kɛse paa na mɛma woayɛ aman, na ahemfo bɛfiri wo mu aba.+
7 “Na mɛma apam a me ne wo ne w’aseni* ayɛ no atena hɔ+ sɛ daa apam de akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba nyinaa so, na wo ne w’aseni* a ɔbɛdi w’akyi aba nyinaa, mɛyɛ mo Nyankopɔn. 8 Kaanan asaase a wobɛsoɛɛ so sɛ hɔhoɔ no,+ mede ne nyinaa bɛma wo ne w’asefoɔ* a wɔbɛdi w’akyi aba no sɛ mo agyapadeɛ daa; na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn.”+
9 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham bio sɛ: “Di m’apam so, wo ne w’asefoɔ* ne wɔn awoɔ ntoatoasoɔ a wɔbɛdi akyire aba nyinaa. 10 Apam a me ne wo ayɛ a wo ne w’asefoɔ* a wɔbɛdi w’akyi aba nyinaa bɛdi so no nie: Mo mu ɔbarima biara ntwa twetia.*+ 11 Montwa twetia na ɛnyɛ apam a me ne mo ayɛ no ho sɛnkyerɛnne.+ 12 Mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu no, sɛ mo mu ɔbarima biara di nnawɔtwe a, wɔwoo no wo fie oo, ɔnyɛ w’aseni* nanso wode sika tɔɔ no firii ɔhɔhoɔ hɔ oo, montwa no twetia.+ 13 Ɛsɛ sɛ ɔbarima biara a wɔawo no wo fie ne obiara a wode sika atɔ no no twa twetia;+ na m’apam ho sɛnkyerɛnne a ɛwɔ mo honam mu yi bɛyɛ daa apam. 14 Ɔbarima biara a wɔntwaa no twetia no, saa onipa* no, sɛ wantwa twetia a, wɔnku no.* Wabu m’apam so.”
15 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Wo yere Sarai*+ nso, mfrɛ no Sarai bio, ɛfiri sɛ afei deɛ wɔbɛfrɛ no Sara.* 16 Mɛhyira no na mama no awo ɔbabarima nso ama wo;+ mɛhyira no na mama no ayɛ aman; na n’asefoɔ bɛyɛ ahemfo.” 17 Na Abraham teeɛ no, ɔde n’anim butuu fam sereeɛ, na ɔkaa wɔ n’akomam sɛ:+ “Ɔbarima a wadi mfeɛ 100 bɛtumi anya ba, na Sara nso, ɔbaa a wadi mfeɛ 90 no bɛwo anaa?”+
18 Enti Abraham ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: “Menyae a, anka woahyira Ismael!”+ 19 Ɛnna Onyankopɔn kaa sɛ: “Hu sɛ wo yere Sara bɛwo ɔbabarima ama wo, na to ne din Isak.*+ Mɛma me ne n’apam agyina, na ayɛ daa apam ama n’asefoɔ.*+ 20 Na w’abisadeɛ a ɛfa Ismael ho no nso, mate. Hwɛ, mɛhyira no ama n’ase atrɛ na n’asefoɔ ayɛ pii. Mpanimfoɔ 12 bɛfiri ne mu aba, na mɛma no ayɛ ɔman kɛseɛ.+ 21 Nanso m’apam no deɛ, ɛbɛba mu wɔ Sara ba Isak+ a ɔbɛwo no afe sɛsɛɛ no so.”+
22 Berɛ a Onyankopɔn ne Abraham kasa wieeɛ no, ɔgyaa no hɔ kɔɔ soro. 23 Ɛnna Abraham faa ne ba Ismael ne mmarima a wɔwoo wɔn wɔ ne fie no nyinaa ne obiara a ɔde sika tɔɔ no, ɔbarima biara a ɔwɔ Abraham fie, na ɔtwaa wɔn twetia saa da no ara sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no.+ 24 Wɔtwaa Abraham twetia+ no, na wadi mfeɛ 99. 25 Na ne ba Ismael nso, berɛ a wɔtwaa no twetia no, na wadi mfeɛ 13.+ 26 Enti saa da no ara na wɔtwaa Abraham ne ne ba Ismael nyinaa twetia. 27 Ne fie mmarima nyinaa, wɔn a wɔwoo wɔn efie hɔ ne wɔn a ɔde sika tɔɔ wɔn firii ahɔhoɔ hɔ nyinaa nso, wɔtwaa wɔn twetia.
18 Akyire yi, berɛ a ɔte ne ntomadan ano awia ketee a ewiem ayɛ hye no, Yehowa+ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ Mamre nnua akɛseɛ+ no mu. 2 Ɔmaa n’ani so no, n’ani bɔɔ mmarima mmiɛnsa so sɛ wɔgyinagyina akyirikyiri.+ Berɛ a ɔhunuu wɔn no, ɔtuu mmirika firii ntomadan no ano kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase. 3 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Yehowa, sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo, nsiane w’akoa ho nkɔ. 4 Mesrɛ mo, momma wɔmfa nsuo kakra mmɛhohoro mo nan ho,+ na monhome wɔ dua yi ase. 5 Moanya aba mo akoa nkyɛn yi deɛ, momma mempɛ paanoo sini bi mma mo nni na monnwodwo mo ho.* Mowie a afei mobɛtumi akɔ mo kwan.” Ɛnna wɔkaa sɛ: “Yɛate. Yɛ sɛdeɛ woaka no.”
6 Enti Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ Sara nkyɛn wɔ ntomadan no mu, na ɔkaa sɛ: “Yɛ ntɛm! Fa esiam muhumuhu susukuruwa* mmiɛnsa na fete fa yɛ paanoo.” 7 Ɛno akyi no, Abraham tuu mmirika kɔɔ ne mmoa mu kɔkyee nantwie ba kama a ne nam yɛ mmerɛ de no maa n’akoa, na ɔno nso siesiee no ntɛm. 8 Afei ɔde bɔta ne nufosuo ne nantwie ba a ɔde ayɛ aduane no bɛsii wɔn anim. Na wɔredidi nyinaa na ɔgyina wɔn nkyɛn wɔ dua no ase.+
9 Afei wɔbisaa no sɛ: “Wo yere Sara+ wɔ he?” Na ɔbuaa sɛ: “Ɔwɔ ntomadan no mu.” 10 Enti wɔn mu baako kaa sɛ: “Afe sɛsɛɛ mɛsan aba wo nkyɛn saa berɛ yi, na ɛbɛduru hɔ no na wo yere Sara awo ɔbabarima.”+ Berɛ a ɔrekasa nyinaa na Sara wɔ ntomadan no kwan ano wɔ ɔbarima no akyi retie. 11 Ná Abraham ne Sara nyinaa anyinyini,+ na na wɔn mfeɛ akɔ animu. Ná Sara anyini dodo sɛ ɔbɛtumi awo.*+ 12 Enti Sara firii aseɛ seree ne mu sɛ: “Saa berɛ yi a mabɔ aberewa na me wura nso abɔ akɔkoraa yi, mɛtumi anya saa anigyeɛ yi?”+ 13 Ɛnna Yehowa bisaa Abraham sɛ: “Adɛn nti na Sara sere kaa sɛ, ‘Mabɔ aberewa yi, ɛbɛyɛ dɛn koraa na matumi awo ba?’ 14 Biribi wɔ hɔ a ɛboro Yehowa so anaa?+ Afe sɛsɛɛ mɛsan aba wo nkyɛn saa berɛ yi, na ɛbɛduru hɔ no na Sara awo ɔbabarima.” 15 Nanso na Sara suro, enti ɔkaa sɛ: “Mansere!” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Daabi, wosereeɛ.”
16 Mmarima no sɔree sɛ wɔrekɔ, na Abraham gyaa wɔn kwan kɔduruu baabi, na wɔtoo wɔn ani no, wɔhuu Sodom.+ 17 Yehowa kaa sɛ: “Deɛ merebɛyɛ yi, adɛn nti na ɛsɛ sɛ mede sie Abraham?+ 18 Hwɛ, ɛkwan biara so Abraham bɛyɛ ɔman kɛseɛ a ɛyɛ den, na aman nyinaa nam ne so bɛnya nhyira.*+ 19 Me ne no anante sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma ne mma ne ne fiefoɔ a wɔbɛba akyire yi afa Yehowa akwan so,+ na wɔayɛ deɛ ɛtene abu atɛntenenee. Ɛno bɛma Yehowa adi ɛbɔ a wahyɛ Abraham no so.”
20 Afei Yehowa kaa sɛ: “Esũ ne nteamu a Sodom ne Gomora ama no aba no ano yɛ den,+ na wɔn bɔne nso mu yɛ duru papaapa.+ 21 Mɛkɔ akɔhwɛ sɛ esũ ne nteamu a mate no, saa na wɔreyɛ anaa, na sɛ ɛnte saa nso a mɛhu.”+
22 Ɛnna mmarima no firii hɔ de wɔn ani kyerɛɛ Sodom; nanso Yehowa+ deɛ, na ɔda so wɔ Abraham nkyɛn. 23 Afei Abraham twe bɛnee Onyankopɔn, na ɔbisaa no sɛ: “Enti ampa ara sɛ wobɛpra ateneneefoɔ aka abɔnefoɔ ho?+ 24 Fa no sɛ ateneneefoɔ 50 na ɛwɔ kuro no mu. Wobɛbu w’ani agu ateneneefoɔ 50 no so na woasɛe kuro no nyinaa a worenhu wɔn mmɔbɔ? 25 Worentumi nni asɛm a ɛte saa da! Worenkum ɔteneneeni nka ɔbɔnefoɔ ho mma ɛnwie ɔteneneeni sɛ ɔbɔnefoɔ.+ Worentumi nyɛ saa da.+ Asaase nyinaa Temmufoɔ no renyɛ deɛ ɛtene anaa?”+ 26 Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Sɛ mehunu ateneneefoɔ 50 wɔ Sodom kuro no mu a, wɔn nti mɛhu kuro no nyinaa mmɔbɔ.” 27 Nanso Abraham kaa sɛ: “Mesrɛ wo, meyɛ dɔteɛ ne nsõ, nanso meremia m’ani ne Yehowa akasa. 28 Fa no sɛ aka nnipa nnum ansa na aduru ateneneefoɔ 50. Nnipa nnum a afiri so no nti wobɛsɛe kuro no nyinaa?” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Sɛ menya nnipa 45 wɔ hɔ a merensɛe no.”+
29 Ɔsan ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa no sɛ 40 na ɛwɔ hɔ.” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Nnipa 40 no nti merensɛe no.” 30 Ɔtoaa so sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo meresan akasa bio, na mma wo bo mmfu me:+ Fa no sɛ ateneneefoɔ 30 na ɛwɔ hɔ.” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Sɛ menya 30 wɔ hɔ a, merensɛe no.” 31 Nanso ɔtoaa so sɛ: “Mesrɛ wo oo, meremia m’ani ne Yehowa akasa bio: Fa no sɛ 20 na ɛwɔ hɔ.” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Nnipa 20 no nti merensɛe no.” 32 Afei ɔkaa sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo mma wo bo mmfu me, na ma menka deɛ ɛtwa toɔ yi: Fa no sɛ ateneneefoɔ du na ɛwɔ hɔ.” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Edu no nti merensɛe no.” 33 Berɛ a Yehowa ne Abraham kasa wieeɛ no, ɔkɔeɛ+ na Abraham nso san baa ne fie.
19 Abɔfoɔ mmienu no kɔduruu Sodom anwummerɛ, na na Lot te Sodom kuro no pono ano. Lot huu wɔn no, ɔsɔre kɔhyiaa wɔn de n’anim butuu fam.+ 2 Na ɔkaa sɛ: “Me wuranom, mesrɛ mo, mommane mmra mo akoa fie mmɛda ha anadwo yi na wɔnhohoro mo nan ho, na adeɛ kye a moasɔre ntɛm atoa mo akwantuo so.” Ɛnna wɔkaa sɛ: “Daabi, yɛbɛda abɔnten anadwo yi.” 3 Nanso ɔne wɔn kae ara maa wɔne no kɔɔ fie. Na ɔtoo wɔn pono; ɔtõõ paanoo a mmɔka* nnim maa wɔn, na wɔdiiɛ.
4 Wɔnnya nkɔɔ kɛtɛ so no, Sodom kuro no mu mmarima bɛtwaa efie no ho hyiaeɛ, ɛfiri mmarimaa so kɔsi nkɔkoraa so, nnipa a ɛwɔ hɔ nyinaa bɔɔ twi baeɛ. 5 Na wɔteateaa mu guu Lot so sɛ: “Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi no wɔ he? Fa wɔn bra na yɛne wɔn nna.”+
6 Ɛnna Lot pue kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ pono no ano, na ɔtoo pono no mu wɔ n’akyi. 7 Na ɔkaa sɛ: “Me nuanom, mesrɛ mo, monnni amumuyɛsɛm saa. 8 Mesrɛ mo, mewɔ mma mmaa mmienu a ɔbarima biara ne wɔn nnaa da. Momma memfa wɔn mmrɛ mo na monyɛ wɔn deɛ mopɛ biara. Na mmarima yi deɛ, mommfa mo nsa nnka wɔn, ɛfiri sɛ wɔabɛhyɛ me nwunu* ase.”+ 9 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Twe wo ho!” Na wɔtoaa so sɛ: “Ɔhɔhoɔ a ɔreba ha no na obiara nka ne ho yi na ɔrebɛbu yɛn atɛn? Deɛ yɛde rebɛyɛ wo koraa bɛkyɛn wɔn deɛ.” Na wɔn nyinaa baa Lot so. Ná wɔpɛ sɛ wɔbu pono no kɔ mu. 10 Enti mmarima a wɔwɔ fie no mu no sɔɔ Lot mu twee no baa dan no mu, na wɔtoo pono no mu. 11 Na wɔmaa mmarima a wɔgyinagyina pono no ano no ani firafiraeɛ, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, na wɔhwehwɛɛ fie no ano kwan ara nso wɔanhunu.
12 Afei mmarima no bisaa Lot sɛ: “Wowɔ obi ka wo ho wɔ ha? Sɛ w’ase, wo mma mmarima, wo mma mmaa anaa wo busuani biara wɔ kuro yi mu a, yi wɔn firi ha! 13 Na yɛrebɛsɛe ha, ɛfiri sɛ esũ ne nteamu a wɔama no aba no ano ayɛ den Yehowa anim,+ enti Yehowa asoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe kuro yi.” 14 Enti Lot firii adi ne ne nsenom a wɔrebɛware ne mma mmaa no kɔkasaeɛ; ɔkae ara sɛ: “Monsɔre! Momfiri ha, ɛfiri sɛ Yehowa rebɛsɛe kuro yi!” Nanso ne nsenom no faa no sɛ deɛ ɔreyi nsɛnkwaa.+
15 Berɛ a adeɛ reyɛ akye no, abɔfoɔ no ani beree Lot so sɛ: “Sɔre! Fa wo yere ne wo mma mmaa mmienu a wɔwɔ ha no na wɔansɛe wo anka kuro a wɔn amumuyɛ nti wɔrebɛsɛe wɔn no ho!”+ 16 Berɛ a ɔretwentwɛn ne nan ase no, Yehowa mmɔborɔhunu nti,+ mmarima no sosɔɔ ɔne ne yere ne ne mma mmaa mmienu no nsa de wɔn pue kɔɔ kuro no akyi.+ 17 Berɛ a wɔde wɔn duruu kuro no akyi ara pɛ, wɔn mu baako kaa sɛ: “Monnwane mpere mo nkwa!* Monnhwɛ mo akyi+ na monnnyina ɔmantam+ yi mu baabiara! Monnwane nkɔ bepɔ no so na wɔansɛe mo!”
18 Ɛnna Lot ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo, mma me nnkɔ hɔ! 19 W’akoa anya w’anim adom, na woregye me nkwa*+ de ada ayamyɛ kɛseɛ* adi akyerɛ me. Nanso mesrɛ wo, merentumi nnwane nkɔ bepɔ so hɔ, ɛfiri sɛ mesuro sɛ anhwɛ a na asiane bi akɔsiane me ama mawu.+ 20 Kuro yi bɛn, na mɛtumi adwane akɔ hɔ; ɛhɔ sua. Mesrɛ wo, ma mennwane nkɔ hɔ na mennya nkwa;* ɛhɔ sua.” 21 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mate. Wei mu nso mɛhu wo mmɔbɔ;+ merensɛe kuro a woaka ho asɛm no.+ 22 Yɛ ntɛm! Dwane kɔ hɔ, ɛfiri sɛ wonnuruu hɔ a merenyɛ hwee!”+ Ɛno nti ɔtoo kuro no din Soar.*+
23 Lot duruu Soar no, na awia apue asaase no so. 24 Afei Yehowa maa sɔfe* ne egya tɔ firii soro; ɛfiri Yehowa nkyɛn bɛguu Sodom ne Gomora so.+ 25 Enti ɔsɛee nkuro yi ne ɔmantam no nyinaa, ne nnipa a ɛwɔ nkuro no mu ne asaase no so afifideɛ nyinaa.+ 26 Nanso Lot yere a na ɔdi n’akyi no twaa n’ani hwɛɛ n’akyi, na ɔdanee nkyene sie.+
27 Ɛno akyi no, Abraham sɔree anɔpatutuutu kɔɔ faako a ɔgyina ne Yehowa kasaeɛ no.+ 28 Berɛ a ɔmaa n’ani so hwɛɛ baabi a Sodom ne Gomora ne ɔmantam no nyinaa gu no, ɔnkɔhwɛ a, ewiem na ayɛ wisie kumɔnn te sɛ fononoo* mu wisie yi!+ 29 Enti berɛ a Onyankopɔn resɛe nkuro a ɛwɔ ɔmantam no mu hɔ no, Onyankopɔn kaee Abraham, na ɔmaa Lot firii baabi a ɔteɛ, nkuro a ɔsɛee no no mu.+
30 Akyire yi, Lot tu firii Soar na ɔne ne mma mmaa no kɔtenaa bepɔ so,+ ɛfiri sɛ na ɔsuro sɛ ɔbɛtena Soar.+ Enti ɔne ne mma mmaa mmienu no kɔtenaa ɔbodan bi mu. 31 Na panin no ka kyerɛɛ kumaa no sɛ: “Yɛn papa abɔ akɔkoraa na ɔbarima biara nni asaase yi so a ɔne yɛn bɛda sɛdeɛ wɔyɛ wɔ asaase so baabiara no. 32 Bra na yɛmma yɛn papa nsã* nnom na yɛne no nna na yɛne no nwo mma.”
33 Enti saa anadwo no, wɔmaa wɔn papa nsã* pii nomeeɛ; ɛnna ɔpanin no ne no kɔdaeɛ, nanso papa no anhu berɛ a ɔbɛdaa hɔ ne berɛ a ɔsɔreeɛ. 34 Adeɛ kyeeɛ no, panin no ka kyerɛɛ kumaa no sɛ: “Hwɛ, me ne me papa daa nnora anadwo. Ma yɛmma no nsã nnom anadwo yi nso na wo ne no nkɔda, na yɛne no nwo mma.” 35 Enti saa anadwo no nso wɔmaa wɔn papa nsa pii nomeeɛ; ɛnna kumaa no ne no kɔdaeɛ, nanso papa no anhu berɛ a ɔbɛdaa hɔ ne berɛ a ɔsɔreeɛ. 36 Enti Lot mma mmaa mmienu no ne wɔn papa nyinsɛneeɛ. 37 Panin no woo ɔbabarima na ɔtoo ne din Moab.+ Ɔno ne Moabfoɔ a ɛwɔ hɔ nnɛ no agya.+ 38 Kumaa no nso woo ɔbabarima na ɔtoo ne din Ben-Ami. Ɔno ne Ammonfoɔ+ a ɛwɔ hɔ nnɛ no agya.
20 Na Abraham tu kɔɔ+ Negeb asaase so kɔtenaa Kades+ ne Sur+ ntam. Berɛ a Abraham te* Gerar+ no, 2 ɔkaa ne yere Sara ho asɛm bio sɛ: “Ɔyɛ me nuabaa.”+ Enti Gerar hene Abimelek soma maa wɔkɔfaa Sara brɛɛ no.+ 3 Ɛnna Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo wɔ daeɛ mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbaa a woakɔfa no yi, woawu awie,+ ɛfiri sɛ ɔyɛ obi yere.”+ 4 Nso na Abimelek mfaa ne ho nkaa no.* Na ɔkaa sɛ: “Yehowa, enti worebɛkum ɔman a wɔn ho nni asɛm?* 5 Ɛnyɛ ɔno ara na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa’? Na ɔbaa no nso anka sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabarima’? M’akomam fitaa; ɛnyɛ adwemmɔne na mede yɛɛ saa.” 6 Ɛnna nokorɛ Nyankopɔn no ka kyerɛɛ no wɔ daeɛ no mu sɛ: “Menim sɛ w’akomam fitaa na woyɛɛ saa, enti na masi wo kwan na woanyɛ bɔne antia me. Ɛno nti na mamma woamfa wo ho anka no no. 7 Afei fa ɔbaa no kɔma ne kunu,+ ɛfiri sɛ ɔbarima no yɛ odiyifoɔ, na ɔbɛsrɛ ama wo+ na woanwu. Na sɛ woamfa no ankɔ a, kae hu sɛ wo ne wo fiefoɔ nyinaa, owuo na mobɛwuo.”
8 Abimelek sɔree anɔpatutuutu frɛfrɛɛ ne nkoa nyinaa, na ɔkaa deɛ asi nyinaa kyerɛɛ wɔn. Na wɔbɔɔ hu paa. 9 Afei Abimelek frɛɛ Abraham na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛdeɛn na wode ayɛ yɛn yi? Ɛdeɛn koraa na mayɛ wo a wode bɔne kɛseɛ yi aba me ne m’ahennie so yi? Deɛ wode ayɛ me yi nyɛ.” 10 Na Abimelek san bisaa Abraham sɛ: “Ɛdeɛn koraa na ɛbaa wo tirim a enti woyɛɛ saa?”+ 11 Ɛnna Abraham kaa sɛ: “Mekaa no me tirim sɛ, ‘Onyankopɔn ho suro paa deɛ, ebi nni ha, na anhwɛ a me yere nti wɔbɛku me.’+ 12 Na ɔyɛ me nuabaa nso ampa, ɔyɛ me papa ba, nanso ɔnyɛ me maame ba; ɛnna ɔbɛyɛɛ me yere.+ 13 Berɛ a Onyankopɔn maa mefirii me papa fie dii atutena+ no, meka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a mepɛ sɛ woda no adi kyerɛ me nie: Baabiara a yɛbɛkɔ no ka sɛ meyɛ wo nuabarima.’”+
14 Afei Abimelek maa Abraham nnwan ne anantwie ne nkoa ne mfenaa, na ɔde ne yere Sara san maa no. 15 Abimelek kaa nso sɛ: “M’asaase na ɛda w’anim yi, tena baabiara a wopɛ.” 16 Na ɔka kyerɛɛ Sara nso sɛ: “Merema wo nuabarima no nnwetɛbena 1,000.+ Wei na mede rekyerɛ sɛ wo ho nguu fĩ* wɔ wɔn a wɔka wo ho nyinaa ne obiara anim; wo ho nni asɛm biara.” 17 Na Abraham bɔɔ nokorɛ Nyankopɔn no mpaeɛ; na Onyankopɔn saa Abimelek ne ne yere ne ne mfenaa yareɛ, na wɔfirii aseɛ woo mma. 18 Deɛ ɛwom ne sɛ, Abraham yere Sara nti, na Yehowa ama mmaa a wɔwɔ Abimelek fie nyinaa ntumi nwo.*+
21 Yehowa twaa n’ani bɛhwɛɛ Sara sɛdeɛ ɔkaeɛ no, na ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ Sara no, ɔdii so pɛpɛɛpɛ.+ 2 Enti Abraham nkɔkoraaberɛ mu no, Sara nyinsɛneeɛ,+ na ɔwoo babarima maa no wɔ berɛ a Onyankopɔn hyɛeɛ no ara mu.+ 3 Abraham too abɔfra a ɔne Sara woo no no din Isak.+ 4 Berɛ a Abraham ba Isak nyaa nnawɔtwe no, ɔtwaa no twetia* sɛdeɛ Onyankopɔn kaa sɛ ɔnyɛ no.+ 5 Abraham woo ne ba Isak no, na wadi mfeɛ 100. 6 Ɛnna Sara kaa sɛ: “Onyankopɔn ama masere. Na obiara a ɔbɛte no ne me bɛsere.”* 7 Ɔtoaa so sɛ: “Hwan na anka ɔbɛka akyerɛ Abraham sɛ, ‘Sara bɛma nufoɔ’? Nanso hwɛ sɛ ne nkɔkoraaberɛ mu, mawo ama no.”
8 Na abɔfra no nyinii, na wɔtwaa no nufoɔ; da a wɔtwaa Isak nufoɔ no, Abraham too pono kɛseɛ. 9 Afei Sara hunuu sɛ ɛyɛ a na abɔfra a Egyptni Hagar+ woo no maa Abraham no redi Isak ho fɛ.+ 10 Enti ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Pamo abaawa yi ne ne ba no, na ɛnyɛ abaawa yi ba ne me ba Isak na ɛbɛbom adi adeɛ!”+ 11 Nanso Abraham ba no ho asɛm a ne yere kaeɛ no anyɛ no dɛ koraa.+ 12 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Mma abarimaa no ne w’abaawa ho asɛm a Sara reka no nnha wo. Tie no,* ɛfiri sɛ deɛ wɔbɛfrɛ no w’aseni* no nam Isak so na ɔbɛba.+ 13 W’abaawa no ba+ no nso, mɛma no ayɛ ɔman,+ ɛfiri sɛ ɔyɛ w’aseni.”*
14 Enti Abraham sɔree ahomakye faa paanoo ne nsuo kotokuo* a nsuo wom de maa Hagar, na ɔde sii ne kɔn ho, na ɔde abarimaa no kaa ne ho gyaa no kwan.+ Na ɔkɔ kɔkyinkyinii Beer-Seba+ serɛ so. 15 Ɛduruu baabi no, na nsuo a ɛwɔ kotokuo no mu asa, na ɔgyaa abɔfra no wɔ wura kusuu bi mu. 16 Ɛnna ɔtee ne ho* kɔpɛɛ baabi tenaeɛ, na ɔkaa sɛ: “Mma mennhu abɔfra yi wuo.” Enti ɔtenaa nkyɛn baabi maa ne nne so suiɛ na ɔtee nisuo.
17 Ɛnna Onyankopɔn tee abɔfra no nne,+ na Onyankopɔn bɔfoɔ firi soro teaam frɛɛ Hagar sɛ:+ “Hagar, deɛn na ɛreyɛ wo? Nsuro, na Onyankopɔn ate abɔfra no nne wɔ faako a ɔwɔ no. 18 Sɔre, ma abɔfra no so na sɔ ne mu yie, ɛfiri sɛ mɛma no ayɛ ɔman kɛseɛ.”+ 19 Afei Onyankopɔn buee n’ani maa no huu asubura bi, na ɔkɔsaa nsuo guu kotokuo no mu maa abɔfra no bi nomeeɛ. 20 Na Onyankopɔn dii abɔfra no+ akyi berɛ a ɔrenyini no. Ɔtenaa serɛ so, na ɔbɛyɛɛ agyantofoɔ. 21 Ɔkɔtenaa Paran serɛ so,+ na ne maame kɔwaree ɔbaa firii Egypt asaase so brɛɛ no.
22 Saa berɛ no, Abimelek ne ne sahene Pikol bɛka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Onyankopɔn di w’akyi wɔ deɛ woreyɛ nyinaa mu.+ 23 Enti ka Onyankopɔn ntam sɛ worennaadaa me ne me mma ne m’asefoɔ; na sɛdeɛ mada ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ wo no, saa ara na wobɛyɛ me ne asaase a woabɛsoɛ so yi.”+ 24 Na Abraham kaa sɛ: “Meka ntam.”
25 Nanso na Abimelek nkoa de aniɛden agye asubura bi,+ enti Abraham kaa ho asɛm kyerɛɛ no. 26 Abimelek buaa sɛ: “Mennim wɔn a wɔdii saa dwuma yi, na wonkaa ho asɛm nso nkyerɛɛ me; ɛnyɛ nnɛ a, anka menteeɛ.” 27 Ɛnna Abraham maa Abimelek nnwan ne anantwie na wɔn mmienu no yɛɛ apam. 28 Berɛ a Abraham yii nnwan mma abedeɛ nson gyinaa nkyɛn no, 29 Abimelek bisaa Abraham sɛ: “Adɛn nti na woayi nnwan mma abedeɛ nson yi agyina nkyɛn?” 30 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Gye nnwan mma abedeɛ nson yi me nsam, na ɛnyɛ adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ me na metuu saa abura yi.” 31 Ɛno nti na ɔfrɛɛ hɔ Beer-Seba*+ no, ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔn mmienu nyinaa kaa ntam. 32 Enti wɔyɛɛ apam+ wɔ Beer-Seba, na wowieeɛ no, Abimelek ne ne sahene Pikol sɔre san kɔɔ Filistifoɔ+ asaase so. 33 Ɛno akyi no, ɔduaa tamarisk dua wɔ Beer-Seba, na ɔbɔɔ Yehowa a ɔyɛ mmerɛsanten Nyankopɔn+ no din frɛɛ no wɔ hɔ.+ 34 Na Abraham tenaa* Filistifoɔ asaase so kyɛeɛ.*+
22 Akyire yi, nokorɛ Nyankopɔn no sɔɔ Abraham hwɛeɛ.+ Ɔbɔɔ ne din frɛɛ no sɛ: “Abraham!” Na ɔgyee so sɛ: “Menie!” 2 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo ba korɔ a wodɔ no,+ Isak,+ kɔ Moria+ asaase so kɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ mmepɔ no baako a mɛkyerɛ wo so.”
3 Enti Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ n’afunumu, na ɔfaa ne nkoa mmienu ne ne ba Isak kaa ne ho. Ɔpaapaee anyina a ɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no, na ɔsiim kɔɔ faako a nokorɛ Nyankopɔn no kyerɛɛ no no. 4 Ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Abraham maa n’ani so, na ɔhuu beaeɛ no wɔ akyirikyiri. 5 Afei Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: “Mo ne afunumu no ntwɛn wɔ ha, na me ne abɔfra no rekɔ hɔ akɔsom na yɛasan aba mo nkyɛn.”
6 Ɛnna Abraham de anyina a ɔde bɛsɔ gya abɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no soaa ne ba Isak, na ɔfaa egya* ne sekan kuraeɛ, na wɔn mmienu siim kɔeɛ. 7 Afei Isak frɛɛ ne papa Abraham sɛ: “Papa!” Na ɔgyee so sɛ: “Me ba, menie!” Na ɔkaa sɛ: “Egya ne anyina nie, na odwan a yɛde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no wɔ he?” 8 Ɛnna Abraham kaa sɛ: “Me ba, Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛ odwan a yɛde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no.”+ Na wɔn mmienu toaa so kɔeɛ.
9 Berɛ a wɔkɔduruu faako a nokorɛ Nyankopɔn no kyerɛɛ no no, Abraham sii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔhyehyɛɛ anyina no wɔ so. Afei ɔkyekyeree ne ba Isak nsa ne ne nan, na ɔde no too anyina no so wɔ afɔrebukyia no so.+ 10 Afei Abraham tenee ne nsa twee sekan no sɛ ɔrebɛku ne ba no.+ 11 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ firi soro frɛɛ no sɛ: “Abraham, Abraham!” Na ɔgyee so sɛ: “Menie!” 12 Na ɔkaa sɛ: “Mfa wo nsa nka abɔfra no; nyɛ no hwee. Afei na mahunu sɛ wosuro Onyankopɔn, ɛfiri sɛ woamfa wo ba korɔ no ankame me.”+ 13 Ɛnna Abraham maa n’ani so hwɛɛ ne ntentensoɔ, na ɔhuu odwennini bi a ne mmɛn aka dɔtɔ* mu. Enti Abraham kɔyii no de no sii ne ba no ananmu bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ. 14 Na Abraham frɛɛ hɔ Yehowa-Yire.* Wei nti na nnɛ yi nyinaa wɔka sɛ: “Yehowa bɛkyerɛ wɔ ne bepɔ so”+ no.
15 Yehowa bɔfoɔ firi soro frɛɛ Abraham ne mprenu so, 16 na ɔkaa sɛ: “Yehowa asɛm nie: ‘Ɛsiane sɛ woayɛ wei na woamfa wo ba korɔ no ankame me+ nti, meka me ho ntam sɛ,+ 17 ɛkwan biara so mɛhyira wo, na ɛkwan biara so mɛma w’aseni* ayɛ bebree te sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea;+ na w’aseni* bɛfa n’atamfo nkuro apono.*+ 18 Ɛnam w’aseni*+ so na asaase so aman nyinaa bɛnya nhyira, ɛfiri sɛ woatie me nne.’”+
19 Afei Abraham san baa ne nkoa no nkyɛn, na wɔsiim kɔɔ Beer-Seba;+ na Abraham kɔɔ so tenaa Beer-Seba.
20 Weinom akyi no, wɔbɛbɔɔ Abraham amanneɛ sɛ: “Hwɛ, Milka nso awo mma ama wo nua Nahor:+ 21 Ne ba panin Us, ne ne nua Bus, ne Kemuel a ɔyɛ Aram agya, 22 ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf, ne Betuel.”+ 23 Betuel nso woo Rebeka.+ Mmarima nwɔtwe yi na Milka woo wɔn maa Abraham nua Nahor. 24 Ne mpena* a wɔfrɛ no Reuma no nso woo Teba, Gaham, Tahas, ne Maaka.
23 Sara dii mfeɛ 127; nna a Sara de tenaa asaase so nyinaa no no.+ 2 Sara wuu wɔ Kiriat-Arba,+ anaa Hebron,+ wɔ Kaanan asaase so,+ na Abraham gyam Sara na ɔsuu no. 3 Afei Abraham sɔre firii ne yere funu no ho, na ɔkɔka kyerɛɛ Het+ asefoɔ no sɛ: 4 “Meyɛ hɔhoɔ ne otubrafoɔ a mabɛsoɛ mo mu.+ Momma me asieeɛ wɔ mo nkyɛn ha na mensie me yere funu.” 5 Ɛnna Het asefoɔ no buaa Abraham sɛ: 6 “Me wura, tie yɛn. Woyɛ ɔberempɔn* a Onyankopɔn ayi wo wɔ yɛn mu.+ Wobɛtumi asie wo yere funu wɔ yɛn asieeɛ no fã biara a ɛyɛ ma wo. Yɛn mu biara remfa n’asieeɛ nkame wo sɛ nsie wo yere funu.”
7 Afei Abraham sɔre bɔɔ ne mu ase wɔ Het+ asefoɔ a wɔte asaase no so no anim, 8 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mopene so* sɛ mensie me yere funu a, ɛnneɛ montie me na monsrɛ Sohar ba Efron 9 sɛ ɔmfa ɔbodan a ɛwɔ Makpela a ɛda n’asaase ano no mma me ntɔ. Sɛdeɛ asaase no boɔ teɛ biara, ɔmfa mma me na ɔnnye ho dwetɛ sika nyinaa+ wɔ mo anim na mennya baabi mfa nyɛ asieeɛ.”+
10 Saa berɛ no, na Efron ne Het asefoɔ no na ɛwɔ hɔ. Enti Hitini Efron buaa Abraham, na Het asefoɔ no ne obiara a ɔnam kuro no pono ano teeɛ.+ Ɔkaa sɛ: 11 “Daabi, me wura! Tie me. Mede asaase no ne ɔbodan a ɛwɔ so no nyinaa ama wo. Mede ma wo wɔ me manfoɔ nyinaa anim. Sie wo yere funu wɔ hɔ.” 12 Ɛnna Abraham bɔɔ ne mu ase wɔ ɔmanfoɔ no anim, 13 na ɔka kyerɛɛ Efron wɔ ɔmanfoɔ no anim sɛ: “Mesrɛ wo tie me. Mɛtua asaase no ho dwetɛ sika nyinaa ama wo. Gye, na matumi asie me yere funu wɔ hɔ.”
14 Ɛnna Efron buaa Abraham sɛ: 15 “Me wura, tie. Asaase a ne boɔ yɛ nnwetɛbena* 400 deɛ, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛyɛ me ne wo ntam asɛm? Kɔsie wo yere funu no.” 16 Abraham tiee Efron na ɔkarii sika a Efron bɔɔ din wɔ Het asefoɔ anim no maa no, nnwetɛbena* 400 sɛdeɛ adwadifoɔ kari no.+ 17 Afei Efron asaase a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamre no ne ɛso ɔbodan ne nnua nyinaa, ɛfiri tire kɔsi tire, 18 bɛdii Abraham nsam, na ɛbɛyɛɛ n’agyapadeɛ wɔ Het asefoɔ ne wɔn a wɔnam kuro no pono ano nyinaa anim. 19 Ɛnna Abraham siee ne yere Sara wɔ ɔbodan mu wɔ Makpela asaase so baabi a ɛbɛn Mamre, kyerɛ sɛ, Hebron a ɛwɔ Kaanan asaase so. 20 Enti Het asefoɔ no de asaase no ne ɔbodan a ɛwɔ so no nyinaa maa Abraham sɛ asieeɛ.+
24 Afei, na Abraham mfeɛ akɔ animu na wabɔ akɔkoraa, na na Yehowa ahyira Abraham wɔ biribiara mu.+ 2 Abraham ka kyerɛɛ n’akoa panin a ɔhwɛ ne fie nneɛma nyinaa so+ no sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo nsa hyɛ me srɛ ase.* 3 Mepɛ sɛ woka Yehowa, ɔsoro ne asaase Nyankopɔn no ntam sɛ Kaananfoɔ a mete wɔn asaase so yi, worenware wɔn babaa biara mma me ba.+ 4 Mmom kɔ me kurom ne m’abusuafoɔ+ nkyɛn kɔware ɔbaa ma me ba Isak.”
5 Ɛnna akoa no bisaa no sɛ: “Na sɛ ɔbaa no mpɛ sɛ ɔne me ba kurom ha nso ɛ? Mɛtumi de wo ba no akɔ asaase a wofiri so baeɛ no so?”+ 6 Na Abraham ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ na woamfa me ba no ankɔ hɔ.+ 7 Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn a ɔfaa me firii me papa fie ne m’abusuafoɔ asaase so+ no, ɔno na ɔkaa me ntam+ sɛ: ‘W’asefoɔ*+ na mede asaase yi bɛma wɔn.’+ Ɔbɛma ne bɔfoɔ adi w’anim,+ na menim paa sɛ wobɛnya ɔbaa afiri hɔ abrɛ me ba no.+ 8 Na sɛ ɔbaa no mpɛ sɛ ɔne wo ba a, ɛnneɛ na woade wo ho afiri ntam a woaka me yi ho. Mmom hwɛ na woamfa me ba no ankɔ hɔ.” 9 Ɛnna akoa no de ne nsa hyɛɛ ne wura Abraham srɛ ase, na ɔkaa ntam sɛ ɔbɛyɛ deɛ waka no.+
10 Enti akoa no faa ne wura yoma du ne nneɛma pa a ne wura wɔ no pii. Na ɔde n’ani kyerɛɛ Mesopotamia sɛ ɔrekɔ Nahor kurom. 11 Ɔmaa yoma no butubutuu abura bi ho wɔ kuro no akyi. Saa berɛ no, na ɛyɛ anwummerɛ a mmaa taa kɔ nsuo. 12 Na ɔkaa sɛ: “Yehowa, me wura Abraham Nyankopɔn, mesrɛ wo ma ɛnsi me yie nnɛ; da ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ me wura Abraham. 13 Kuro no mu mmabaawa rebɛsa nsuo; meregyina abura yi ho, 14 na ma ɛmmra sɛ ababaawa a mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo soɛ w’ahina na ma me nsuo no bi nnom’ na ɔbɛka sɛ, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ no, ma ɔnyɛ ɔbaa a woayi no ama w’akoa Isak; ɛno na ɛbɛma mahunu sɛ woada ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ me wura.”
15 N’ano ansi mpo na ɔhuu sɛ Betuel ba Rebeka+ reba a ahina si ne kɔn ho. Ná Betuel yɛ Abraham nua Nahor+ yere Milka+ ba. 16 Ná ababaawa no ho yɛ fɛ yie; ɔyɛ ɔbaabunu a ɔbarima biara ne no nnaa da. Ɔkɔɔ abura no ho kɔsaa nsuo guu n’ahina mu baeɛ. 17 Ɛhɔ ara na akoa no kɔhyiaa no kaa sɛ: “Mesrɛ wo, ma me w’ahina no mu nsuo kakra nnom.” 18 Na ɔno nso kaa sɛ: “Me wura, nom bi.” Ɛhɔ ara na ɔsoɛɛ ahina no sii ne nsam maa no bi nomeeɛ. 19 Ɔmaa no bi nom wieeɛ no, ɔkaa sɛ: “Mɛsa bi ama wo yoma no nso akɔsi sɛ wɔbɛnom amee.” 20 Na ntɛm ara ɔhwiee nsuo a ɛwɔ n’ahina no mu guu baabi a mmoa nom nsuo no, na ɔde mmirika dii akɔneaba wɔ abura no ho kɔsaa nsuo brɛɛ ne yoma no nyinaa. 21 Saa berɛ yi nyinaa na ɔbarima no ayɛ dinn rehwɛ no. Ne ho dwirii no, na na ɔredwene ho sɛ ebia Yehowa ama n’akwantuo no asi no yie anaa.
22 Berɛ a yoma no nyinaa nom nsuo no bi wieeɛ no, ɔbarima no yii sika kɔkɔɔ hwenem kawa a emu duro yɛ dwetɛbena* fã ne sika kɔkɔɔ nkapo mmienu a emu duro yɛ nnwetɛbena* du, na ɔde maa no, 23 na ɔbisaa no sɛ: “Mesrɛ wo, hwan ba ne wo? Anadwo yi, yɛbɛnya baabi ada wɔ wo papa fie?” 24 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me papa ne Betuel+ a Nahor+ ne Milka woo no no.” 25 Na ɔtoaa so sɛ: “Yɛwɔ serɛ ne mmoa aduane pii, na mobɛnya baabi nso ada.” 26 Afei ɔbarima no bɔɔ ne mu ase kotoo Yehowa anim, 27 na ɔkaa sɛ: “Ayeyie nka Yehowa, me wura Abraham Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wakɔ so ada ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ me wura, na wadi no nokorɛ. Yehowa akyerɛ me kwan aba me wura nuanom fie.”
28 Afei ababaawa no de mmirika kɔbɔɔ ne maame fiefoɔ amanneɛ. 29 Ná Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban.+ Enti Laban tuu mmirika kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ abura no ho. 30 Berɛ a ɔhuu hwenem kawa no ne nkapo a ɛgu ne nua Rebeka nsa na ɔtee asɛm a ɔkaa sɛ: “Sɛɛ ne sɛɛ na ɔbarima no ka kyerɛɛ me” no, ɔkɔɔ ɔbarima no nkyɛn, na na ɔda so ara gyina yoma no ho wɔ abura no ho. 31 Ntɛm ara na ɔkaa sɛ: “Bra, wo a Yehowa ahyira wo. Woda so gyina ha reyɛ dɛn? Masiesie baabi ama wo wɔ fie, na masiesie baabi nso ama yoma no.” 32 Ɛnna ɔbarima no kɔɔ fie hɔ, na ɔyiyii* yoma no so nneɛma, na ɔmaa wɔn serɛ ne mmoa aduane. Afei ɔmaa ɔbarima no ne wɔn a wɔka ne ho no nsuo de hohoroo wɔn nan ho. 33 Nanso berɛ a wɔde aduane bɛsii n’anim no, ɔkaa sɛ: “Merennidi, gye sɛ mabɔ m’amanneɛ awie.” Na Laban kaa sɛ: “Kasa!”
34 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Meyɛ Abraham akoa.+ 35 Na Yehowa ahyira me wura yie, na wama wanya ne ho paa; wama no nnwan ne anantwie, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa, yoma ne mfunumu.+ 36 Afei, me wura yere Sara bɔɔ aberewa no, ɔwoo babarima maa no,+ na me wura de deɛ ɔwɔ nyinaa bɛma ne ba no.+ 37 Enti me wura ma mekaa ntam, na ɔkaa sɛ: ‘Kaananfoɔ a mete wɔn asaase so yi, nware wɔn babaa biara mma me ba.+ 38 Na mmom kɔ me papa fie ne m’abusua mu+ kɔware ɔbaa ma me ba no.’+ 39 Na mebisaa me wura sɛ: ‘Na sɛ ɔbaa no mpɛ sɛ ɔne me ba nso ɛ?’+ 40 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Me ne Yehowa anante,+ na menim paa sɛ ɔbɛma ne bɔfoɔ+ aka wo ho na asi wo yie wɔ w’akwantuo mu; enti kɔware ɔbaa firi m’abusua mu ne me papa fie+ brɛ me ba no. 41 Sɛ wokɔ m’abusua mu na sɛ wɔamfa ɔbaa no amma wo a, ntam no ho asodie biara renna wo so. Wei bɛma woade wo ho afiri wo ntam yi ho.’+
42 “Berɛ a meduruu abura no ho nnɛ no, mekaa sɛ: ‘Yehowa, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ wobɛma m’akwantuo yi asi me yie a, 43 ɛnneɛ meregyina abura yi ho, na ma no mmra sɛ ababaawa+ a ɔbɛba abɛsa nsuo a mɛka akyerɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, ma mennom w’ahina yi mu nsuo no bi” 44 na ɔbɛka akyerɛ me sɛ: “Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom” no, ma ɔnyɛ ɔbaa a Yehowa ayi no ama me wura ba no.’+
45 “Berɛ a megu so reka asɛm no wɔ m’akomam no, mehuu sɛ Rebeka reba a ahina si ne kɔn ho; na ɔkɔɔ abura no ho kɔsaa nsuo. Ɛnna meka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mesrɛ wo, ma me nsuo no bi nnom.’+ 46 Ɛhɔ ara na ɔsoɛɛ n’ahina no kaa sɛ: ‘Nom bi,+ na mɛma wo yoma no nso bi anom.’ Enti menomeeɛ, na ɔmaa yoma no nso bi nomeeɛ. 47 Ɛno akyi, mebisaa no sɛ, ‘Hwan ba ne wo?’ na ɔkaa sɛ ‘Me papa ne Betuel a Nahor ne Milka woo no no.’ Enti mede hwenem kawa no hyɛɛ ne hwenem na mede nkapo no guu ne nsa.+ 48 Na mekotoo Yehowa anim, na meyii me wura Abraham Nyankopɔn Yehowa ayɛ;+ ɔno na ɔkyerɛɛ me kwan sɛ memmɛfa me wura nua babaa mma ne ba no. 49 Na afei sɛ mobɛda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ me wura na moadi no nokorɛ a, monka nkyerɛ me; sɛ ɛnte saa nso a, monka nkyerɛ me, na sɛ nifa na mɛfa oo, benkum na mɛfa oo, mahunu deɛ mɛyɛ.”+
50 Ɛnna Laban ne Betuel ka kyerɛɛ no sɛ: “Asɛm yi firi Yehowa. Yɛn deɛ, yɛrentumi nka aane anaa daabi nkyerɛ wo.* 51 Rebeka na ɔgyina w’anim no. Fa no kɔ na ɔnyɛ wo wura ba no yere sɛdeɛ Yehowa aka no.” 52 Berɛ a Abraham akoa no tee wɔn nsɛm no ara pɛ na ɔbutuu fam wɔ Yehowa anim. 53 Na akoa no yii dwetɛ agudeɛ ne sika kɔkɔɔ agudeɛ ne ntaadeɛ, na ɔde maa Rebeka, na ɔmaa ne nuabarima ne ne maame nneɛma a ɛsom bo. 54 Afei ɔne mmarima a wɔka ne ho no didiiɛ na wɔnomeeɛ, na wɔdaa hɔ anadwo no.
Berɛ a ɔsɔree anɔpa no, ɔkaa sɛ: “Monnya me kwan na menkɔ me wura nkyɛn.” 55 Ɛnna ababaawa no nuabarima ne ne maame kaa sɛ: “Ma ababaawa no ntena yɛn nkyɛn dadu bi ɛ. Ɛno akyi no ɔbɛtumi akɔ.” 56 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnnye me nntena ha, ɛfiri sɛ Yehowa ama no asi me yie wɔ m’akwantuo mu. Monnya me kwan na menkɔ me wura nkyɛn.” 57 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Momma yɛmfrɛ ababaawa no na yɛntie deɛ ɔbɛka.” 58 Afei wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no sɛ: “Wo ne ɔbarima yi bɛkɔ?” Na ɔbuaa sɛ: “Mɛkɔ dodo.”
59 Enti wɔgyaa wɔn nuabaa Rebeka kwan,+ ɔne ɔbaa a na ɔhwɛ no no,*+ ne Abraham akoa no ne ne mmarima no. 60 Na wɔhyiraa Rebeka ka kyerɛɛ no sɛ: “O yɛn nuabaa, mpempem huhaa mfiri wo mu mmra, na w’asefoɔ* mfa wɔn atamfo nkuro apono.”*+ 61 Afei Rebeka ne ne mmaawa sɔre tenatenaa yoma so dii ɔbarima no akyi. Enti akoa no ne Rebeka sii kwan so kɔeɛ.
62 Saa berɛ no, na Isak te Negeb+ asaase so. Enti na ɔfiri Beer-Lahai-Roi+ kwan so reba. 63 Na ɛrekɔ anwummerɛ no, ɔkɔɔ wuram baabi kɔdwendweneeɛ.+ Afei ɔnkɔhwɛ a, yoma na ɛsa so reba yi! 64 Berɛ a Rebeka maa n’ani so a ɔhuu Isak no, ɛhɔ ara na ɔhuri firii yoma no so sii fam. 65 Afei ɔbisaa akoa no sɛ: “Ɔbarima bɛn na ɔfiri wuram rebɛhyia yɛn yi?” Na akoa no buaa sɛ: “Ɛyɛ me wura.” Ɛnna ɔyii ntoma de kataa n’anim. 66 Na akoa no kaa deɛ ɔyɛeɛ nyinaa kyerɛɛ Isak. 67 Afei Isak de Rebeka baa ne maame Sara ntomadan+ mu. Enti ɔbɛyɛɛ ne yere. Isak bɛnyaa ɔdɔ maa no,+ na ɛmaa ne werɛ kyekyee wɔ ne maame wuo akyi.+
25 Abraham san waree bio; ɔbaa no din de Ketura. 2 Akyire yi, ɔne no woo Simran, Yoksan, Medan, Midian,+ Yisbak, ne Suha.+
3 Yoksan woo Saba ne Dedan.
Dedan woo Asurim, Letusim, ne Leumim.
4 Midian woo Efa, Efer, Hanok, Abida, ne Eldaa.
Weinom nyinaa yɛ Ketura mma.
5 Akyire yi Abraham de deɛ ɔwɔ nyinaa maa Isak,+ 6 na mmaa a Abraham waree wɔn kaa ne yere ho no nso, ɔkyɛɛ wɔn mma no adeɛ. Na berɛ a ɔda so te aseɛ no, ɔmaa wɔfirii ne ba Isak nkyɛn+ de wɔn ani kyerɛɛ apueeɛ fam kɔɔ Apueeɛ asaase so. 7 Mfeɛ a Abraham diiɛ nyinaa yɛ 175. 8 Afei Abraham guu ahome a ɛtwa toɔ na ɔwuiɛ. Saa berɛ no, na wanyini abɔ akɔkoraa adi nna amee, na wɔde no kɔkaa n’agyanom ho.* 9 Ne ba Isak ne ne ba Ismael siee no wɔ Makpela ɔbodan mu wɔ Hitini Sohar ba Efron asaase a ɛbɛn Mamre no so;+ 10 ɛno ne asaase a Abraham tɔ firii Het asefoɔ hɔ no. Ɛhɔ na wɔsiee Abraham kaa ne yere Sara ho.+ 11 Na Abraham wuo akyi no, Onyankopɔn kɔɔ so hyiraa ne ba Isak,+ na Isak tenaa baabi a ɛbɛn Beer-Lahai-Roi.+
12 Ismael+ a Egyptni Hagar,+ Sara abaawa no, woo no maa Abraham no ho nsɛm nie.
13 Afei Ismael mma ne wɔn mmusua din nie: Ismael ba panin ne Nebaiot,+ na wɔn a wɔdi hɔ ne Kedar,+ Adbeel, Mibsam,+ 14 Misma, Duma, Masa, 15 Hadad, Tema, Yetur, Nafis, ne Kedema. 16 Weinom ne Ismael mma ne wɔn din ne wɔn tenabea sɛdeɛ wɔn nsaase* teɛ, mpanimfoɔ 12 ne wɔn mmusua.+ 17 Mfeɛ a Ismael diiɛ nyinaa yɛ 137. Afei ɔguu ahome a ɛtwa toɔ na ɔwuiɛ, na wɔde no kɔkaa n’agyanom ho.* 18 Na wɔtenaa* Hawila+ a ɛbɛn Sur+ wɔ Egypt nkyɛn de kɔpem Asiria. Wɔtenaa baabi a ɛbɛn wɔn nuanom nyinaa.*+
19 Abraham ba Isak+ nso ho nsɛm nie.
Abraham woo Isak. 20 Isak dii mfeɛ 40 no, ɔwaree Rebeka a ne papa ne Aramni Betuel+ a ɔfiri Padan-Aram no; ná ɔyɛ Aramni Laban nuabaa. 21 Ná Rebeka nwo, enti na Isak taa de ho adesrɛ to Yehowa anim, na Yehowa tiee n’adesrɛ maa ne yere nyinsɛneeɛ. 22 Na mmɔfra a wɔhyɛ ne yam no dii aperepereɛ,+ enti ɔkaa sɛ: “Sɛ saa na ɛbɛkɔ so a, ɛnneɛ na mete nkwa mu reyɛ deɛn?” Enti ɔkɔbisaa Yehowa anom asɛm. 23 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Aman mmienu na ɛwɔ wo yam,+ na mmusuakuo mmienu bɛfiri wo yam aba na obiara bɛfa ne kwan;+ ɔman baako bɛyɛ den asene baako,+ na panin no bɛsom kumaa no.”+
24 Berɛ a n’awoɔ duruu so no, ampa, na mmɔfra a wɔfiri ne yam reba no yɛ nta. 25 Deɛ ɔdi kan no baeɛ no, na ne ho nyinaa yɛ kɔkɔɔ na ne ho nwi yɛ kuhaa te sɛ deɛ ɔhyɛ ataadeɛ;+ enti wɔtoo ne din Esau.*+ 26 Ɛno akyi no, ne nua no baeɛ, na na ɔkura Esau nantin;+ enti ɔtoo ne din Yakob.*+ Berɛ a Rebeka woo wɔn no, na Isak adi mfeɛ 60.
27 Mmɔfra no renyini no, Esau bɛyɛɛ obi a ɔnim ahayɔ+ a ɔtaa kɔ wuram. Yakob deɛ, na ɔyɛ obi a ne ho nni asɛm a ɔte ntomadan mu.+ 28 Ná Isak pɛ Esau asɛm ɛfiri sɛ na ɔma no nya wuram nam* we, na na Rebeka nso pɛ Yakob asɛm.+ 29 Berɛ bi, na Yakob reyɛ asɛdua forɔeɛ, na Esau firi wuram baeɛ no, na wabrɛ, 30 enti Esau ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Mesrɛ wo, yɛ ntɛm ma me forɔeɛ kɔkɔɔ* yi bi nni na mabrɛ!”* Ɛno nti na wɔtoo ne din Edom*+ no. 31 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ no sɛ: “Tɔn wo panin ma me ansa!”+ 32 Esau buaa sɛ: “Merebɛwu, na mpaninnie na ɛbɛyɛ me dɛn?” 33 Na Yakob ka kyerɛɛ no sɛ: “Ka me ntam ansa!” Enti ɔkaa Yakob ntam tɔn ne panin maa no.+ 34 Ɛnna Yakob maa Esau paanoo ne asɛdua forɔeɛ no bi, na ɔdidi nomeeɛ, na ɔsɔre kɔeɛ. Enti Esau amfa ne mpaninnie anyɛ hwee.
26 Afei ɛkɔm baa asaase no so. Ɛsono ɛkɔm yi, ɛnna ɛsono deɛ ɛdii kan baa wɔ Abraham berɛ so no.+ Ɛmaa Isak kɔɔ Filistifoɔ hene Abimelek nkyɛn wɔ Gerar. 2 Na Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no sɛ: “Nkɔ Egypt. Tena asaase a mɛkyerɛ wo no so. 3 Tena asaase no so sɛ hɔhoɔ,+ na mɛka wo ho na mahyira wo berɛ nyinaa, na wo ne w’asefoɔ* na mede nsaase yi nyinaa bɛma mo,+ na mɛma ntam yi a mekaa wo papa Abraham no aba mu:+ 4 ‘Mɛma w’asefoɔ* ayɛ bebree te sɛ ɔsoro nsoromma,+ na mede nsaase yi nyinaa bɛma w’asefoɔ;*+ na asaase so aman nyinaa nam w’asefoɔ* so bɛnya nhyira,’+ 5 ɛfiri sɛ Abraham tiee m’asɛm yɛɛ deɛ mehwehwɛ nyinaa, na ɔdii m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm ne me mmara so.”+ 6 Enti Isak kɔɔ so tenaa Gerar.+
7 Berɛ biara a mmarima a wɔwɔ hɔ no bɛbisa ne yere ho asɛm no, ɔka sɛ: “Ɔyɛ me nuabaa.”+ Ná ɔsuro sɛ ɔbɛka sɛ ɔyɛ ne yere, ɛfiri sɛ na ne ho yɛ fɛ paa,+ enti ɔkaa sɛ, “Anhwɛ a Rebeka nti mmarima a wɔwɔ ha yi bɛku me.” 8 Ɔtenaa hɔ kakra no, da bi, Filistifoɔ hene Abimelek hwɛɛ ne mpomma mu huu sɛ Isak ne ne yere Rebeka redi dɔ.*+ 9 Ɛhɔ ara na Abimelek frɛɛ Isak kaa sɛ: “Mahu sɛ ɔbaa yi yɛ wo yere! Adɛn nti na wokaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa’?” Ɛnna Isak ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ enti a mekaa saa ne sɛ, na mesuro sɛ anhwɛ a ne nti wɔbɛku me.”+ 10 Na Abimelek toaa so sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi?+ Anka worebɛyɛ ama obi ne wo yere ada, na wode asodie abɛto yɛn so!”+ 11 Ɛnna Abimelek hyɛɛ mmara maa nkurɔfoɔ no nyinaa sɛ: “Obiara a ɔde ne nsa bɛka ɔbarima yi ne ne yere no, ku na wɔbɛku no!”
12 Akyire yi, Isak yɛɛ afuo wɔ asaase no so, na saa afe no, ɔnyaa nnɔbaeɛ mmɔho 100, ɛfiri sɛ Yehowa hyiraa no.+ 13 Ɔbarima no bɛyɛɛ ɔdefoɔ, na ɔkɔɔ so nyaa ne ho kɔsii sɛ ɔbɛyɛɛ ɔdefoɔ kɛseɛ. 14 Ɔbɛnyaa nnwan ne anantwie ne nkoa pii,+ na Filistifoɔ no ani beree no.
15 Enti nsubura a ne papa Abraham nkoa tuiɛ berɛ a na ɔte aseɛ no, Filistifoɔ no de dɔteɛ sii ne nyinaa.+ 16 Afei Abimelek ka kyerɛɛ Isak sɛ: “Tu firi yɛn nkyɛn ha kɔ, ɛfiri sɛ woabɛyɛ kɛseɛ asene yɛn koraa.” 17 Enti Isak tu firii hɔ kɔsii ne ntomadan wɔ Gerar+ Bɔn mu, na ɔtenaa hɔ. 18 Afei nsubura a Isak papa Abraham nkoa tuiɛ berɛ a ɔte aseɛ no, Isak san tuu mu bio. Saa nsubura no na Abraham wuo akyi Filistifoɔ no sii no no.+ Edin a ne papa de totoo nsubura no, ɛno ara na ɔsan de totoo so.+
19 Berɛ a Isak nkoa no tuu bɔn no mu no, wɔnyaa abura a nsu pa wom. 20 Na akasakasa baa Gerar nnwanhwɛfoɔ ne Isak nnwanhwɛfoɔ ntam, na wɔkaa sɛ: “Nsuo no yɛ yɛn dea!” Enti ɔtoo abura no din Esek,* ɛfiri sɛ wɔne no nyaa akasakasa. 21 Ne nkurɔfoɔ no san tuu abura foforɔ, na ɛno nso wɔne wɔn peree ho. Enti ɔfrɛɛ no Sitna.* 22 Akyire yi, ɔfirii hɔ kɔtuu abura foforɔ, na ɛno deɛ wɔne no ampere ho. Enti ɔfrɛɛ abura no Rehobot* kaa sɛ: “Afei deɛ, Yehowa ama yɛanya yɛn ho atwaeɛ na wama yɛadi yie wɔ asaase yi so.”+
23 Ɛnna wɔfirii hɔ kɔɔ Beer-Seba.+ 24 Na Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no saa anadwo no, na ɔkaa sɛ: “Mene wo papa Abraham Nyankopɔn.+ Nsuro,+ ɛfiri sɛ meka wo ho, na m’akoa Abraham nti mɛhyira wo, na mɛma w’asefoɔ* ayɛ bebree.”+ 25 Enti ɔsii afɔrebukyia, na ɔbɔɔ Yehowa din frɛɛ no wɔ hɔ;+ afei Isak sii ne ntomadan wɔ hɔ,+ na ne nkoa tuu abura wɔ hɔ.
26 Akyire yi, Abimelek ne ne fotufoɔ Ahusat ne ne sahene Pikol+ firi Gerar baa ne nkyɛn. 27 Ɛnna Isak bisaa wɔn sɛ: “Moaba me nkyɛn rebɛyɛ dɛn? Ɛnyɛ mo ara na ɔtan nti mopamoo me firii mo mpɔtamu hɔ no?” 28 Afei wɔkaa sɛ: “Yɛahu ampa ara sɛ Yehowa di w’akyi.+ Enti adwene a yɛafa ne sɛ, ‘Yɛsrɛ wo, wo ne yɛn nka ntam, na yɛne wo nyɛ apam+ 29 sɛ worenyɛ yɛn bɔne biara sɛdeɛ yɛamfa yɛn nsa anka wo na yɛne wo adi no yie, na yɛagya wo kwan asomdwoeɛ mu no. Yɛahu sɛ wo na Yehowa ahyira wo.’” 30 Ɛnna ɔtoo wɔn pono, na wɔdidi nomeeɛ. 31 Adeɛ kyeeɛ no, wɔsɔree ntɛm, na wɔkekaa wɔn ho ntam.+ Ɛno akyi no, Isak gyaa wɔn kwan maa wɔde asomdwoeɛ firii ne nkyɛn kɔeɛ.
32 Saa da no, Isak nkoa no bɛkaa abura a wotuiɛ+ no ho asɛm kyerɛɛ no sɛ: “Yɛato nsuo!” 33 Enti ɔfrɛɛ no Siba. Ɛno nti na wɔfrɛ kuro no Beer-Seba+ bɛsi nnɛ no.
34 Berɛ a Esau dii mfeɛ 40 no, ɔwaree Hitini Beeri ba Yudit ne Hitini Elon ba Basemat.+ 35 Ɛno maa Isak ne Rebeka dii awerɛhoɔ kɛse.*+
27 Afei berɛ a Isak bɔɔ akɔkoraa a ɔnhunu adeɛ no, ɔfrɛɛ ne ba panin Esau+ sɛ: “Me ba!” Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Menie!” 2 Na ɔkaa sɛ: “Mabɔ akɔkoraa. Mennim da a mɛwuo. 3 Enti mesrɛ wo, afei fa wo nneɛma a wode kɔ ahayɔ, w’agyan ne w’agyan kotokuo, na kɔpɛ wuram nam brɛ me.+ 4 Woba a, fa yɛ akɔnnɔduane a mepɛ paa brɛ me ma menni, na menhyira* wo ansa na mawu.”
5 Berɛ a Isak ne ne ba Esau rekasa no nyinaa na Rebeka retie. Na Esau kɔɔ wuram sɛ ɔrekɔpɛ nam aba.+ 6 Ɛnna Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob+ sɛ: “Metee sɛ wo papa reka akyerɛ wo nua Esau sɛ, 7 ‘Kɔ wuram kɔpɛ nam bɛyɛ akɔnnɔduane ma menni na menhyira wo wɔ Yehowa anim ansa na mawu.’+ 8 Enti me ba, yɛ aso tie deɛ mereka akyerɛ wo yi na yɛ ho adwuma.+ 9 Mesrɛ wo, kɔ mmoadan no mu kɔpɛ mpɔnkye nkumaa mmienu a wɔte apɔ brɛ me na memfa nyɛ akɔnnɔduane a wo papa pɛ. 10 Mewie a, na wode akɔma wo papa ama no adi, na wahyira wo ansa na wawu.”
11 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne maame Rebeka sɛ: “Me nua Esau ho wɔ nwi+ na me deɛ, me ho yɛ tonomtonom. 12 Na sɛ me papa de ne nsa ka me ho ɛ?+ Ɛbɛyɛ sɛ deɛ meredi ne ho fɛ, na ɛbɛdane nnome ama me, na ɛrenyɛ nhyira.” 13 Ɛnna ne maame ka kyerɛɛ no sɛ: “Me ba, nnome biara a anka ɛbɛba wo so no mmra me so. Wo deɛ, yɛ deɛ maka no na kɔfa mmoa no brɛ me.”+ 14 Enti ɔkɔfaa wɔn brɛɛ ne maame, na ɔde yɛɛ akɔnnɔduane a ne papa pɛ. 15 Afei Rebeka de ne ba panin Esau ntaadeɛ a ɛyɛ papa paa wɔ ne nkyɛn wɔ fie hɔ no hyɛɛ ne ba kumaa Yakob.+ 16 Ɛnna ɔde mpɔnkye no nwoma duraa ne nsa ne ne kɔn ho baabi a nwi nnie no.+ 17 Afei ɔde akɔnnɔduane ne paanoo a wasiesie no maa ne ba Yakob.+
18 Enti ɔde kɔɔ ne papa hɔ, na ɔkaa sɛ: “Papa!” na ɔgyee so sɛ: “Menie! Ɛyɛ wo hwan, me ba?” 19 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Ɛyɛ wo ba panin Esau.+ Deɛ wokaeɛ no mayɛ awie. Mesrɛ wo, sɔre tena ase na di wuram nam a makum no bi na hyira* me.”+ 20 Ɛnna Isak bisaa ne ba no sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wonyaa bi ntɛm saa?” Ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ Yehowa wo Nyankopɔn na ɔmaa menyaeɛ.” 21 Afei Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Mesrɛ wo, twe bɛn me na memfa me nsa nka wo nhwɛ sɛ ampa woyɛ me ba Esau anaa.”+ 22 Enti Yakob twe bɛnee ne papa Isak, na ɔde ne nsa kekaa ne ho, na ɔkaa sɛ: “Ɛnne no yɛ Yakob nne, nanso nsa no yɛ Esau nsa.”+ 23 Wanhu no, ɛfiri sɛ na ne nsa ho wɔ nwi te sɛ ne nua Esau. Enti ɔhyiraa no.+
24 Ɛnna ɔbisaa sɛ: “Ampa ara sɛ wone me ba Esau?” Na ɔbuaa sɛ: “Aane, ɛyɛ me a.” 25 Afei ɔkaa sɛ: “Me ba, brɛ me wuram nam no bi nni, na menhyira wo.”* Enti ɔde brɛɛ no na ɔdiiɛ, na ɔde nsã* brɛɛ no maa no nomeeɛ. 26 Ɛnna ne papa Isak ka kyerɛɛ no sɛ: “Me ba, mesrɛ wo, twe bɛn me na bɛfe m’ano.”+ 27 Enti ɔtwe bɛnee no, na ɔfee n’ano, na ɔtee n’ataadeɛ mu hwa.+ Ɛnna ɔhyiraa no sɛ:
“Hwɛ, me ba ho hwa te sɛ afuo a Yehowa ahyira so hwa. 28 Nokorɛ Nyankopɔn no mma wo ɔsoro bosuo+ ne asaase pa+ ne hwiit* ne bobesa foforɔ+ bebree. 29 Ma aman nsom wo, na amanaman nkoto wo. Di wo nuanom so, na wo maame yam mma nkoto wo.+ Nnome nka obiara a ɔbɛdome wo, na nhyira nka obiara a ɔbɛhyira wo.”+
30 Berɛ a Isak hyiraa Yakob wieeɛ a ɔfirii ne papa Isak anim kɔeɛ ara pɛ na ne nua Esau firi ahayɔ baeɛ.+ 31 Ɔno nso yɛɛ akɔnnɔduane de brɛɛ ne papa, na ɔkaa sɛ: “Papa, mesrɛ wo sɔre na di wo ba wuram nam no bi na hyira me.”* 32 Ɛnna ne papa Isak bisaa no sɛ: “Ɛyɛ wo hwan?” Na ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ me, wo ba panin Esau.”+ 33 Afei, na Isak ho rewoso biribiribiri, na ɔkaa sɛ: “Ɛnneɛ hwan na ɔkɔkum wuram nam brɛɛ me maa mediiɛ ansa na woreba yi? Mahyira no, na ɔbɛnya nhyira nso!”
34 Berɛ a Esau tee ne papa asɛm no, ɔde awerɛhoɔ suu dendeenden, na ɔka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Papa, mesrɛ wo, hyira me, hyira me bi!”+ 35 Nanso ɔkaa sɛ: “Wo nua no abɛdaadaa me agye wo nhyira.” 36 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ ɛno nti na ne din de Yakob* no? Mprenu nie a watwintwane m’ananmu.+ Wagye me panin dada,+ na seesei nso wabɛgye me nhyira!”+ Ɔtoaa so sɛ: “Enti woannya nhyira biara amma me?” 37 Nanso Isak buaa Esau sɛ: “Hwɛ, mayi no sɛ ɔnni wo so,+ mede ne nuanom nyinaa ama no sɛ nkoa, na mede hwiit* ne bobesa foforɔ nso ahyira no.+ Me ba, ɛdeɛn bio na mɛtumi ayɛ ama wo?”
38 Afei Esau bisaa ne papa sɛ: “Papa, enti nhyira baako pɛ na wowɔ? Papa, hyira me, hyira me bi!” Ɛnna Esau tuee su mu.+ 39 Enti ne papa Isak buaa sɛ:
“Hwɛ, wo ne asaase pa ntam kwan bɛware, na wobɛtena baabi a ɔsoro bosuo nnie.+ 40 Wo sekan na wonam so bɛtena ase,+ na wobɛsom wo nua.+ Nanso sɛ wo ho firi aseɛ yera wo a, wobɛbu ne kɔndua mu ayi afiri wo kɔn mu.”+
41 Ɛsiane sɛ Esau papa hyiraa Yakob nti, Esau nyaa ne nua no ho tan,+ na ɔkaa wɔ n’akomam sɛ: “Ɛrenkyɛ na masie* me papa.+ Ɛno akyi no, mɛku me nua Yakob.” 42 Berɛ a wɔbɛkaa asɛm a Rebeka ba panin Esau aka no kyerɛɛ no no, ntɛm ara na Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, wo nua Esau abɔ wo ato hɔ; ɔnya wo a, ɔbɛku wo.* 43 Enti me ba, tie deɛ mereka akyerɛ wo yi. Sɔre dwane kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran.+ 44 Tena ne nkyɛn kakra kɔsi sɛ wo nua no abufuo ano bɛdwo; 45 twɛn kɔsi sɛ wo nua no abufuo bɛbrɛ ase na ne werɛ bɛfi deɛ wode ayɛ no no. Afei mɛsoma ama wɔabɛfa wo afiri hɔ. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mehwere mo mmienu nyinaa da koro?”
46 Akyire yi, Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ: “Het+ mma mmaa nti m’anigyeɛ asa. Na sɛ Yakob nso kɔware Het mma mmaa te sɛ weinom wɔ asaase yi so a, ɛnneɛ na mete ase reyɛ dɛn?”+
28 Enti Isak frɛɛ Yakob, na ɔhyiraa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ na woanware Kaananni baa.+ 2 Sɔre kɔ Padan-Aram, wo maame papa Betuel fie, na ware+ wo wɔfa Laban mma mmaa no mu baako. 3 Adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn bɛhyira wo ama w’ase atrɛ ayɛ bebree, na wobɛyɛ mmusuakuo a wɔdɔɔso.+ 4 Na ɔde Abraham nhyira+ bɛma wo ne w’asefoɔ* a wɔka wo ho, na wobɛfa asaase a woabɛsoɛ so a Onyankopɔn de ama Abraham no.”+
5 Enti Isak gyaa Yakob kwan na ɔsiim sɛ ɔrekɔ Aramni Betuel ba Laban nkyɛn wɔ Padan-Aram.+ Ná Laban yɛ Yakob ne Esau maame Rebeka nuabarima.+
6 Esau huu sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan kɔ Padan-Aram sɛ ɔnkɔware wɔ hɔ, na berɛ a ɔhyiraa no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nware Kaananni baa biara.”+ 7 Afei nso, ɔhuu sɛ Yakob atie ne papa ne ne maame, na wasi kwan so rekɔ Padan-Aram.+ 8 Esau bɛhuu sɛ ne papa Isak ani nnye Kaananfoɔ mmaa ho,+ 9 enti Esau kɔɔ Abraham ba Ismael nkyɛn kɔwaree ne babaa Mahalat kaa ne yerenom ho. Ná ɔyɛ Nebaiot nuabaa.+
10 Yakob firii Beer-Seba de n’ani kyerɛɛ Haran.+ 11 Afei ɔkɔduruu beaeɛ bi, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛda hɔ ɛfiri sɛ na enwunu adwo. Enti ɔfaa boɔ bi de yɛɛ sumiiɛ, na ɔdaa hɔ.+ 12 Ɔsoo daeɛ, na ɔhuu sɛ stɛps* bi wɔ asaase so na n’atifi kɔpem soro, na Onyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane wɔ so.+ 13 Hwɛ! Ná Yehowa wɔ stɛps no atifi, na ɔkaa sɛ:
“Mene Yehowa, w’agya Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn.+ Mede asaase a woda so yi bɛma wo ne w’asefoɔ.*+ 14 W’asefoɔ* bɛyɛ sɛ asaase so anwea na w’ase bɛtrɛ akɔ baabiara,+ atɔeɛ ne apueeɛ, atifi ne anaafoɔ; na asaase so mmusua nyinaa nam wo ne w’asefoɔ* so bɛnya nhyira.+ 15 Mɛdi w’akyi, na baabiara a wobɛkɔ no, mɛhwɛ wo so, na mɛsan de wo aba asaase yi so,+ na merennya wo kɔsi sɛ mɛyɛ deɛ mahyɛ wo bɔ no.”+
16 Afei Yakob nyaneeɛ, na ɔkaa sɛ: “Ampa ara Yehowa wɔ ha, nanso na mennim.” 17 Ehu kaa no, na ɔkaa sɛ: “Ɛha yɛ hu papaapa! Ɛha nyɛ baabiara sɛ Onyankopɔn fie,+ na ɔsoro pono ano nie.”+ 18 Enti Yakob sɔree anɔpatutuutu na ɛboɔ a ɔde yɛɛ sumiiɛ no, ɔde sii hɔ yɛɛ edum, na ɔhwiee ngo guu so.+ 19 Enti ɔtoo hɔ din Betel;* nanso kane no, na wɔfrɛ hɔ Lus.+
20 Afei Yakob kaa ntam sɛ: “Sɛ Onyankopɔn di m’akyi hwɛ me so wɔ m’akwantuo yi mu, na ɔma me aduane* di ma me ataadeɛ hyɛ, 21 na mesan kɔ me papa fie asomdwoeɛ mu a, ɛnneɛ na Yehowa akyerɛ sɛ ɔyɛ me Nyankopɔn ampa. 22 Na ɛboɔ a mede ayɛ edum yi bɛyɛ Onyankopɔn fie,+ na biribiara a wode bɛma me no, mɛhwɛ akyɛ mu du ama wo baako.”
29 Afei Yakob toaa n’akwantuo no so kɔɔ nnipa a wɔte Apueeɛ fam no asaase so. 2 Na ɔhuu sɛ abura bi wɔ asaase no so a nnwankuo mmiɛnsa butubutu ho, ɛfiri sɛ saa abura no mu nsuo na na wɔsa ma mmoa no nom. Ná ɛboɔ kɛseɛ bi kata abura no ano. 3 Sɛ wɔboaboa nnwan no nyinaa ano wɔ hɔ a, wɔyi ɛboɔ no firi abura no ano, na wɔama nnwan no nsuo anom; wɔwie a, na wɔasan de ɛboɔ no akata abura no ano.
4 Yakob bisaa wɔn sɛ: “Me nuanom, ɛhe na mofiri?” na wɔbuaa sɛ: “Yɛfiri Haran.”+ 5 Ɔbisaa wɔn sɛ: “Monim Nahor+ banana Laban?”+ Ɛnna wɔkaa sɛ: “Yɛnim no.” 6 Ɛnna ɔbisaa wɔn sɛ: “Ne ho yɛ anaa?” Wɔbuaa sɛ: “Ne ho yɛ. Na ne babaa Rahel+ mpo na ɔde nnwan reba no!” 7 Afei ɔkaa sɛ: “Sɛ́ adeɛ nsaeɛ, na berɛ nsoo sɛ moboaboa mmoa no ano. Momma nnwan no nsuo nnom na momma wɔnkɔdidi.” 8 Ɛnna wɔbuaa sɛ: “Yɛnni ho kwan sɛ yɛyɛ saa gye sɛ nnwan no nyinaa ba ha ansa na yɛayi boɔ no afiri abura no ano. Saa berɛ no na yɛma nnwan no nsuo nom.”
9 Berɛ a ɔgu so ne wɔn rekasa no, Rahel de ne papa nnwan baeɛ, ɛfiri sɛ na ɔyɛ odwanhwɛfoɔ. 10 Berɛ a Yakob huu ne wɔfa Laban ba Rahel ne Laban nnwan no, ɛhɔ ara na Yakob kɔpiaa boɔ no firii abura no ano, na ɔmaa ne wɔfa Laban nnwan no nsuo. 11 Afei Yakob fee Rahel ano na ɔmaa ne nne so suiɛ. 12 Yakob ka kyerɛɛ Rahel sɛ ne maame ne Rebeka, enti Rahel papa yɛ ne busuani.* Ɛnna Rahel de mmirika kɔka kyerɛɛ ne papa.
13 Berɛ a Laban+ tee ne wɔfase Yakob ho asɛm ara pɛ na ɔde mmirika kɔhyiaa no. Afei ɔbam no fee n’ano, na ɔde no baa ne fie. Na Yakob kaa deɛ asi nyinaa kyerɛɛ Laban. 14 Laban ka kyerɛɛ no sɛ: “Ampa ara, woyɛ me dompe ne me honam.”* Enti ɔne no tenaa bosome baako.
15 Afei Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Ɛsiane sɛ woyɛ me busuani*+ nti wobɛsom me kwa anaa? Ɛdeɛn na memfa ntua wo ka?+ Ka kyerɛ me.” 16 Ná Laban wɔ mma mmaa mmienu. Panin no din de Lea, na kumaa no de Rahel.+ 17 Nanso na Lea ani mma nhyɛ da nyɛ fɛ, na Rahel deɛ, na ɔyɛ ɔbaa a ne ho yɛ fɛ na ne ho twa. 18 Ná Yakob pɛ Rahel, enti ɔkaa sɛ: “Ma mensom wo mfeɛ nson na fa wo babaa kumaa Rahel ma me.”+ 19 Ɛnna Laban kaa sɛ: “Ɛyɛ sɛ mede no bɛma wo sene sɛ mede no bɛma ɔbarima foforɔ. Kɔ so tena me nkyɛn.” 20 Na Rahel nti, Yakob somee mfeɛ nson,+ nanso ɛyɛɛ n’ani so sɛ nna kakraa bi ɛfiri sɛ na ɔdɔ no.
21 Afei Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: “Me berɛ aso, enti fa me yere ma me, na me ne no nna.” 22 Ɛnna Laban frɛfrɛɛ nnipa a wɔtete hɔ nyinaa behyiaeɛ, na ɔtoo pono. 23 Nanso adeɛ saeɛ no, ne babaa Lea mmom na ɔde no brɛɛ no sɛ ɔne no nna. 24 Afei nso, Laban de n’afenaa Silpa maa ne babaa Lea sɛ n’abaawa.+ 25 Adeɛ kyeeɛ no, ɔnkɔhwɛ a Lea nie! Enti ɔbisaa Laban sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Ɛnyɛ Rahel nti na mesom wo? Adɛn nti na woadaadaa me?”+ 26 Ɛnna Laban buaa sɛ: “Ɛha deɛ, yɛnyɛ no saa. Yɛn deɛ, yɛmfa kumaa no mma awareɛ ansa na panin no aware. 27 Wo ne ɔbaa yi ntena nnawɔtwe. Ɛno akyi no, mede ɔbaa baako yi nso bɛma wo na woasom me mfeɛ nson aka ho.”+ 28 Yakob penee so ne ɔbaa no tena maa nnawɔtwe no soeɛ, na ɛno akyi no Laban de ne ba Rahel maa no awareɛ. 29 Afei nso, Laban de n’afenaa Bilha+ maa Rahel sɛ n’abaawa.+
30 Ɛnna Yakob ne Rahel nso daeɛ, na na ɔdɔ Rahel sene Lea, na ɔfirii aseɛ som Laban mfeɛ nson bio.+ 31 Berɛ a Yehowa huu sɛ Lea kunu nnɔ* no no, ɔmaa no nyinsɛneeɛ;*+ Rahel deɛ, na ɔntumi nnyinsɛn.+ 32 Afei Lea nyinsɛn woo ɔbabarima na ɔtoo ne din Ruben,*+ na ɔkaa sɛ: “Yehowa abɛhwɛ m’amanehunu.+ Afei deɛ, me kunu bɛdɔ me.” 33 Na ɔsan nyinsɛn woo ɔbabarima, na ɔkaa sɛ: “Yehowa ate sɛ me kunu nnɔ me, enti na wama me wei nso.” Na ɔtoo ne din Simeon.*+ 34 Na ɔnyinsɛn bio woo ɔbabarima, na ɔkaa sɛ: “Afei deɛ, me kunu bɛka aba me ho, ɛfiri sɛ mawo mma mmarima mmiɛnsa ama no.” Enti ɔtoo ne din Lewi.*+ 35 Na ɔsan nyinsɛn woo ɔbabarima, na ɔkaa sɛ: “Afei deɛ, mɛkamfo Yehowa.” Enti ɔtoo ne din Yuda.*+ Afei awoɔ no te kɔeɛ.
30 Berɛ a Rahel huu sɛ ɔnwoo ba biara mmaa Yakob no, n’ani beree ne nua no na ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Ma me mma, anyɛ saa a mɛwu.” 2 Ɛnna Yakob bo fuu Rahel na ɔbisaa no sɛ: “Meyɛ Onyankopɔn a wasi w’awoɔ kwan* no anaa?” 3 Enti ɔkaa sɛ: “Hwɛ, m’abaawa Bilha+ nie. Wo ne no nna na ɔnwo mma me,* na me nso manya mma afiri ne hɔ.” 4 Ɛnna ɔde n’abaawa Bilha maa Yakob wareeɛ, na Yakob ne no daeɛ.+ 5 Bilha nyinsɛneeɛ, na ɔwoo ɔbabarima maa Yakob. 6 Ɛnna Rahel kaa sɛ: “Onyankopɔn adi m’asɛm ama me, na watie me nso ama me ɔbabarima.” Enti ɔtoo ne din Dan.*+ 7 Rahel abaawa Bilha san nyinsɛneeɛ, na ɔwoo ɔbabarima a ɔtɔ so mmienu maa Yakob. 8 Ɛnna Rahel kaa sɛ: “Me ne me nua adi asie kɛseɛ, na madi nkonim!” Enti ɔtoo ne din Naftali.*+
9 Berɛ a Lea huu sɛ ɔnwo bio no, ɔde n’abaawa Silpa maa Yakob wareeɛ.+ 10 Na Lea abaawa Silpa woo ɔbabarima maa Yakob. 11 Ɛnna Lea kaa sɛ: “Aba yie!” Enti ɔtoo ne din Gad.*+ 12 Ɛno akyi no, Lea abaawa Silpa woo ɔbabarima a ɔtɔ so mmienu maa Yakob. 13 Ɛnna Lea kaa sɛ: “M’ani agye! Mmaa bɛfrɛ me deɛ ɔwɔ anigyeɛ.”+ Enti ɔtoo ne din Aser.*+
14 Ɛduruu berɛ a wɔtwa hwiit no, na Ruben+ nam na ɔkɔhuu dudayim* aduaba bi wɔ wuram. Enti ɔde brɛɛ ne maame Lea. Ɛnna Rahel ka kyerɛɛ Lea sɛ: “Mesrɛ wo, ma me dudayim aduaba a wo ba no de baeɛ no bi.” 15 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wogye di sɛ ɛyɛ ade ketewa sɛ wobɛgye me kunu+ na woasan abɛgye aduaba a me ba de aba yi?” Enti Rahel kaa sɛ: “Saa na woaka a, ɛnneɛ ma me wo ba no aduaba no bi na ɔbarima no ne wo nkɔda anadwo yi.”
16 Anwummerɛ a Yakob firi afuo mu reba no, Lea kɔhyiaa no kaa sɛ: “Wo ne me bɛda anadwo yi, ɛfiri sɛ mede me ba aduaba ama Rahel de abɔ wo paa.” Enti ɔne no kɔdaa saa anadwo no. 17 Na Onyankopɔn tiee Lea na ɔnyinsɛneeɛ, na ɔwoo ɔbabarima a ɔtɔ so nnum maa Yakob. 18 Ɛnna Lea kaa sɛ: “Onyankopɔn de m’akatua* ama me, ɛfiri sɛ mede m’abaawa ama me kunu.” Enti ɔtoo abɔfra no din Isakar.*+ 19 Na Lea san nyinsɛneeɛ na ɔwoo ɔbabarima a ɔtɔ so nsia maa Yakob.+ 20 Ɛnna Lea kaa sɛ: “Onyankopɔn akyɛ me adepa. Afei deɛ me kunu bɛgye me atom,+ ɛfiri sɛ mawo mmarima nsia ama no.”+ Enti ɔtoo ne din Sebulon.*+ 21 Ɛno akyi no, ɔwoo ɔbabaa na ɔtoo ne din Dina.+
22 Afei Onyankopɔn kaee Rahel, na Onyankopɔn tiee no na ɔmaa no nyinsɛneeɛ.*+ 23 Ɔnyinsɛn woo ɔbabarima. Ɛnna ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn ayi m’aniwuo afiri me so!”+ 24 Enti ɔtoo ne din Yosef,*+ na ɔkaa sɛ: “Yehowa de ɔbabarima foforɔ aka me ho.”
25 Berɛ a Rahel woo Yosef no, ɛhɔ ara na Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: “Gya me kwan ma menkɔ me kurom ne baabi a mefiri baeɛ.+ 26 Fa me yerenom ne me mma a masom wo anya wɔn no ma me na menkɔ, na wo ara wonim sɛdeɛ masom wo.”+ 27 Ɛnna Laban ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ manya w’anim adom a, ɛnneɛ wo ne me ntena, na mahu nsɛnkyerɛnne* a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nam wo so ahyira me.” 28 Na ɔka kaa ho sɛ: “Kyerɛ me akatua a memfa mma wo, na mede bɛma wo.”+ 29 Enti Yakob ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara wunim sɛdeɛ masom wo ne sɛdeɛ mahwɛ wo mmoa so yie;+ 30 ansa na mereba no, na wowɔ mmoa kakraa bi, nanso ɛfiri berɛ a mebaa ha yi, Yehowa ahyira wo ama wɔadɔɔso ayɛ bebree. Enti berɛ bɛn na me nso mɛnya biribi ama me fie?”+
31 Ɛnna ɔbisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na memfa mma wo?” Na Yakob kaa sɛ: “Mma me hwee! Sɛ wobɛyɛ wei ama me a, anka mɛkɔ so ahwɛ wo nnwan no na mabɔ wɔn ho ban.+ 32 Mɛfa wo nnwan no nyinaa mu nnɛ. Ma nnwan a wɔn ho yɛ nsisiinsisii ne damedame ne adwennini nkumaa a wɔn ho bere dum ne mpɔnkye a wɔn ho yɛ nsisiinsisii ne damedame no nnyina faako. Ɛfiri nnɛ rekɔ, ɛno na ɛbɛyɛ m’akatua.+ 33 Sɛ ɛba sɛ daakye wobɛhwɛ m’akatua no a, me nokorɛdie* bɛdi me adanseɛ; na sɛ wohu mpɔnkye a wɔn ho nyɛ nsisiinsisii ne damedame ne adwennini nkumaa a wɔn ho mmere nnum wɔ me mmoa mu a, na mawia.”
34 Ɛnna Laban kaa sɛ: “Ɛyɛ paa! Ma yɛnyɛ no sɛdeɛ woaka no.”+ 35 Enti saa da no Laban maa mpɔnkyenini a wɔn ho yɛ nsensaneeɛ ne mpɔnkyebedeɛ a wɔn ho yɛ nsisiinsisii ne damedame, deɛ fitaa wɔ ne ho biara, ne adwennini nkumaa a wɔn ho bere dum nyinaa gyinaa faako, na ɔde wɔn hyɛɛ ne mma mmarima no nsa. 36 Afei ɔtee ne ho firii Yakob ho kɔɔ bɛyɛ nnansa kwan. Yakob toaa so hwɛɛ Laban mmoa a ɛkaeɛ no so.
37 Ɛno akyi no, Yakob twitwaa duafufuo* ne aborɔfo nkateɛ ne kyɛnkyɛn nnua nteaanteaa a ɛyɛ mono, na ɔwaawaee ho nketenkete maa baabi a ɛyɛ fitaa no daa adi. 38 Afei ɔde nnua nteaanteaa a wawaawae ho no guu baabi a mmoa no nom nsuo no, na sɛ berɛ duru sɛ anini no foro abedeɛ no na wɔba hɔ bɛnom nsuo a, wɔahu nnua no.
39 Enti sɛ berɛ duru ma anini no foro abedeɛ no wɔ nnua no ho a, wɔwo mma a wɔn ho yɛ nsensaneeɛ, nsisiinsisii, ne damedame. 40 Yakob yii nnwan mma no kɔɔ nkyɛn na ɔde nnwankuo no ani kyerɛɛ adwennini nkumaa a wɔn ho yɛ nsensaneeɛ ne damedame a wɔwɔ Laban nnwankuo mu no. Ɛnna Yakob yii mmoa a wanya no kɔɔ nkyɛn na wɔamfra Laban deɛ no. 41 Mmoa a wɔn ho yɛ den no, sɛ berɛ duru sɛ anini no foro abedeɛ no a, Yakob de nnua no kɔgu suka no mu faako a mmoa no bɛhunu, na sɛ anini no foro abedeɛ no a, wɔahu nnua no. 42 Na sɛ mmoa no ho nyɛ den deɛ a, ɔmfa nnua no ngu hɔ. Enti, na Laban mmoa no ho nyɛ den, nanso Yakob mmoa no deɛ, na wɔn ho yɛ den.+
43 Enti ɔbarima no nyaa ne ho paa, na ɔnyaa nnwan ne mfenaa ne nkoa ne yoma ne mfunumu pii.+
31 Akyire yi, Yakob tee sɛ Laban mma no rekeka sɛ: “Yakob afa yɛn papa nneɛma nyinaa; yɛn papa agyapadeɛ na ɔde anya ne ho.”+ 2 Afei nso, Yakob huu sɛ Laban nte n’anim mma no sɛ kane no.+ 3 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “San kɔ w’agyanom asaase so ne w’abusuafoɔ nkyɛn,+ na mɛkɔ so adi w’akyi.” 4 Ɛnna Yakob soma maa wɔkɔfrɛɛ Rahel ne Lea baa baabi a ɔde ne mmoa kɔ adidi no, 5 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:
“Mahu sɛ mo papa Laban nte n’anim mma me sɛ kane no,+ nanso Onyankopɔn a me papa som no no di m’akyi.+ 6 Mo ara monim sɛ mede m’ahoɔden nyinaa asom mo papa.+ 7 Ná mo papa pɛ sɛ ɔfa kwan bi so sisi me, na wasesa m’akatua mprɛ du, nanso Onyankopɔn amma kwan amma no anyɛ me bɔne. 8 Sɛ ɔka sɛ, ‘Mede mmoa a wɔn ho yɛ damedame no bɛtua wo ka’ a, mmoa no nyinaa wo wɔn a wɔn ho yɛ damedame; na sɛ ɔka sɛ, ‘Mede wɔn a wɔn ho yɛ nsensaneeɛ no na ɛbɛtua wo ka’ a, wɔn nyinaa wo wɔn a wɔn ho yɛ nsensaneeɛ.+ 9 Enti Onyankopɔn gyee mo papa nyɛmmoa maa me. 10 Afei ɛduruu berɛ a ɛsɛ sɛ anini no foro abedeɛ no, mesoo daeɛ huu sɛ mpɔnkyenini a wɔreforo abedeɛ no, wɔn ho yɛ nsensaneeɛ, damedame, ne nsisiiɛ-nsisiiɛ.+ 11 Ɛnna nokorɛ Nyankopɔn no bɔfoɔ frɛɛ me wɔ daeɛ mu sɛ, ‘Yakob!’ na megyee so sɛ, ‘Menie.’ 12 Ɔtoaa so sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma w’ani so na hwɛ, na wobɛhu sɛ mpɔnkyenini a wɔreforo abedeɛ no, wɔn ho yɛ nsensaneeɛ, damedame, ne nsisiiɛ-nsisiiɛ, ɛfiri sɛ deɛ Laban reyɛ wo nyinaa, mahu.+ 13 Mene nokorɛ Nyankopɔn a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wo wɔ Betel,+ baabi a wosraa edum bi na wokaa me ntam no.+ Afei sɔre firi ha san kɔ asaase a wɔwoo wo wɔ so no so.’”+
14 Na Rahel ne Lea buaa sɛ: “Agyapadeɛ bɛn bio na yɛwɔ wɔ yɛn papa fie? 15 Wanyɛ yɛn sɛ ahɔhoɔ antɔn yɛn anaa? Na ɛnyɛ yɛn tiri sika na ɔdidi ho?+ 16 Agyapadeɛ a Onyankopɔn agye afiri yɛn papa hɔ nyinaa yɛ yɛne yɛn mma dea.+ Enti biribiara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo no, yɛ.”+
17 Afei Yakob sɔre de ne mma ne ne yerenom tenatenaa yoma so;+ 18 na ɔde ne nyɛmmoa ne agyapadeɛ a wabɛnya+ wɔ Padan-Aram nyinaa siim sɛ ɔrekɔ ne papa Isak nkyɛn wɔ Kaanan asaase so.+
19 Saa berɛ no, na Laban rekɔtwitwa ne nnwan ho nwi, na Rahel wiaa ne papa terafim ahoni*+ kɔeɛ. 20 Afei nso, Yakob rekɔ no, wammɔ Aramni Laban amanneɛ; ɔwiaa ne ho kɔeɛ. 21 Na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa dwane kɔtwaa Asubɔnten no.*+ Ɛnna ɔde n’ani kyerɛɛ Gilead+ mmepɔ mu. 22 Nnansa akyi no, wɔka kyerɛɛ Laban sɛ Yakob adwane. 23 Enti ɔfaa ne nuanom* kaa ne ho tii no nnanson, na wɔkɔtoo no wɔ Gilead mmepɔ mu. 24 Ɛnna Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Aramni+ Laban wɔ daeɛ mu,+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Asɛm biara a wobɛka akyerɛ Yakob no, papa oo, bɔne oo, hwɛ yie.”*+
25 Laban kɔtoo Yakob sɛ wasi ne ntomadan wɔ bepɔ so, na Laban ne ne nuanom nso sii wɔn deɛ wɔ Gilead mmepɔ mu. 26 Afei Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yi? Adɛn nti na woawia wo ho de me mma mmaa adwane te sɛ nnipa a wɔatwe wɔn so sekan akye wɔn kɔ? 27 Adɛn nti na wowiaa wo ho kɔeɛ a woankra me? Sɛ wobɔɔ me amanneɛ a, anka mede osebɔ ne nnwom ne mpintin ne sankuo na ɛbɛgya wo kwan. 28 Woamma mamfe me nananom* ne me mma mmaa no ano. Woadi nkwaseasɛm. 29 Anka mɛtumi ayɛ mo bɔne biara a mepɛ, nanso Onyankopɔn a wo papa som no no ne me kasaa anadwo yi sɛ, ‘Asɛm biara a wobɛka akyerɛ Yakob no, papa oo, bɔne oo, hwɛ yie.’+ 30 Sɛ w’ani agyina wo papa fie na wopɛ sɛ wokɔ a, adɛn nti na woawia m’anyame?”+
31 Ɛnna Yakob buaa Laban sɛ: “Na mesuro sɛ wobɛgye wo mma mmaa no afiri me nsam. 32 Obiara a wobɛhu w’anyame no wɔ ne nkyɛn no, ɛnsɛ sɛ ɔtena nkwa mu. Hwehwɛ me nneɛma mu wɔ yɛn nuanom* a wɔwɔ ha yi anim na sɛ wohunu a, fa kɔ.” Nanso na Yakob nnim sɛ Rahel na awia. 33 Enti Laban kɔɔ Yakob ne Lea ne mmaawa mmienu+ no nyinaa ntomadan mu, nanso wanhunu. Afei ɔfirii Lea ntomadan mu kɔɔ Rahel ntomadan mu. 34 Ná Rahel afa terafim ahoni no de ahyɛ mmaa kotokuo a wɔde to yoma so no mu, na saa berɛ no nyinaa na ɔte so. Enti Laban hwehwɛɛ ntomadan no mu baabiara nanso wanhunu. 35 Afei Rahel ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Papa, mesrɛ wo mma wo bo mmfu me; merentumi nsɔre ɛfiri sɛ meyare mmaa yareɛ.”+ Enti ɔtoo ne bo ase hwehwɛɛ baabiara, nanso wanhu terafim ahoni no.+
36 Ɛnna Yakob bo fuiɛ, na n’ani beree Laban so, na Yakob bisaa no sɛ: “Bɔne bɛn na mayɛ, na mmara bɛn na mato a wodi m’akyi kirididi saa? 37 Wohwehwɛɛ me nneɛma mu yi, wo fie agyapadeɛ bɛn na wohunuiɛ? Sɛ wohuu biribi a, fa bra me nuanom ne wo nuanom nyinaa anim na wɔmmu yɛn mmienu ntam atɛn. 38 Me ne wo atena mfeɛ 20. Wo nnwan anaa wo mpɔnkye no mu biara ampɔn,+ na manwe wo nnwan no baako mpo. 39 Sɛ aboa bi ku wo mmoa no bi a,+ memfa no mmrɛ wo; me ara metua ka. Na sɛ obi wia bi anadwo oo, awia oo, wogye no me nsam. 40 Ahuhuro ba awia a, menam mu, awɔ ba anadwo nso a, menam mu, m’ani nkum na mada.+ 41 Mfeɛ 20 nie a matena wo fie. Wo mma mmaa mmienu no nti, masom wo mfeɛ 14, na mede mfeɛ 6 nso ahwɛ wo mmoa, na woasesa m’akatua mprɛ du.+ 42 Sɛ Abraham Nyankopɔn a me papa Isak suro no+ no nni m’akyi a,+ anka nsapan na wode bɛgya me kwan. Nanso Onyankopɔn ahu m’ahohia ne me brɛ, enti na ɔkaa w’anim nnora anadwo no.”+
43 Afei Laban buaa Yakob sɛ: “Hwɛ, mmaa yi yɛ me mma mmaa, mmɔfra yi nso yɛ me dea, na mmoa yi nso wɔ me; biribiara a w’ani tua yi yɛ me ne me mma mmaa dea. Ɛnnɛ ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ wɔn anaa mmɔfra a wɔawo wɔn yi? 44 Afei ma me ne wo nyɛ apam na ɛnyɛ adanseɛ wɔ me ne wo ntam.” 45 Enti Yakob faa boɔ na ɔde sii hɔ yɛɛ edum.+ 46 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Montase aboɔ mmra!” Ɛnna wɔkɔtasee aboɔ baeɛ, na wɔboaboaa ano yɛɛ no kuo. Afei wɔdidii wɔ aboɔ kuo no so. 47 Laban frɛɛ no Yega-Sahaduta,* na Yakob deɛ, ɔfrɛɛ no Galeed.*
48 Afei Laban kaa sɛ: “Ɛnnɛ, aboɔ kuo yi yɛ me ne wo ntam adanseɛ.” Ɛno nti na ɔfrɛɛ no Galeed,+ 49 ne Ɔwɛn Aban, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: “Sɛ yɛpaapae mu a, Yehowa ani nni me ne wo nyinaa akyi. 50 Sɛ woteetee me mma mmaa yi anaa wokɔfa mmaa foforɔ ka me mma yi ho, na sɛ onipa biara anni ho adanseɛ mpo a, kae sɛ Onyankopɔn na ɔyɛ me ne wo ntam dansefoɔ.” 51 Laban toaa so ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Mahyehyɛ aboɔ kuo yi, na mede edum yi asi me ne wo ntam. 52 Aboɔ kuo ne edum yi yɛ adanseɛ+ sɛ merentra aboɔ yi mmɛyɛ wo bɔne, na wo nso worentra aboɔ ne edum yi mmɛyɛ me bɔne. 53 Abraham Nyankopɔn ne Nahor Nyankopɔn,+ wɔn agya Nyankopɔn, nni me ne wo ntam asɛm.” Na Yakob de Onyankopɔn a ne papa Isak suro no+ no din kaa ntam.
54 Ɛno akyi no, Yakob bɔɔ afɔreɛ wɔ bepɔ no so, na ɔfrɛɛ ne nuanom sɛ wɔmmɛdidi. Enti wɔdidiiɛ,* na wɔdaa bepɔ no so anadwo no. 55 Na Laban deɛ, ɔsɔree ahomakye na ɔfee ne nananom*+ ne ne mma mmaa no ano na ɔhyiraa wɔn.+ Ɛnna Laban sii kwan so san kɔɔ ne kurom.+
32 Afei Yakob toaa n’akwantuo so, na Onyankopɔn abɔfoɔ bɛhyiaa no. 2 Yakob huu wɔn ara na ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn asoɛeɛ nie!” Enti ɔtoo hɔ din Mahanaim.*
3 Ɛnna Yakob somaa nkurɔfoɔ dii n’anim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn wɔ Seir+ asaase so wɔ Edom+ mpɔtamu,* 4 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mokɔ a, monka nkyerɛ me wura Esau sɛ, ‘W’akoa Yakob se: “Makɔtena* Laban nkyɛn berɛ tenten nie.+ 5 Na manya anantwie, mfunumu, ne nnwan, ne nkoa ne mfenaa,+ na mede nkra yi asoma sɛ wɔmmɛka nkyerɛ me wura na manya w’anim adom.”’”
6 Akyire yi, nnipa a Yakob somaa wɔn no san ba bɛkaa sɛ: “Yɛkɔtoo wo nua Esau, na ɔnam kwan so ne mmarima 400 rebɛhyia wo.”+ 7 Na Yakob bɔɔ hu paa, na ne ho yeraa no.+ Enti nnipa a wɔka ne ho no ne nnwan, anantwie, ne yoma no, ɔkyɛɛ wɔn mu yɛɛ wɔn akuo mmienu. 8 Asɛm a ɔkaeɛ ne sɛ: “Sɛ Esau bɛto hyɛ kuo baako so a, kuo a aka no bɛtumi adwane.”
9 Afei Yakob kaa sɛ: “O m’agya Abraham ne m’agya Isak Nyankopɔn, Yehowa, wo na woka kyerɛɛ me sɛ, ‘San kɔ w’asaase so, w’abusuafoɔ nkyɛn, na mɛhwɛ wo so.’+ 10 Wo dɔ a ɛnni hwammɔ ne wo nokorɛdie a woada no adi akyerɛ me no+ nyinaa mfata me, ɛfiri sɛ berɛ a meretwa Yordan no, me poma pɛ na na ɛkura me, nanso seesei mabɛyɛ akuo mmienu.+ 11 Mesrɛ wo, gye me+ firi me nua Esau nsam, ɛfiri sɛ mesuro sɛ ɔbɛba abɛto ahyɛ me ne mmaa ne mmɔfra yi so.+ 12 Wo ara nso na wokaa sɛ, ‘Ɛkwan biara so mɛdi w’akyi, na mɛma w’asefoɔ* adɔɔso sɛ mpoano anwea a obiara ntumi nkan.’”+
13 Na ɔdaa hɔ anadwo no. Afei ɔyii n’agyapadeɛ no bi sɛ akyɛdeɛ a ɔde rekɔma ne nua Esau:+ 14 mpɔnkyebedeɛ 200, mpɔnkyenini 20, nnwammedeɛ 200, adwennini 20, 15 yoma 30 ne wɔn mma a wɔntwaa nufoɔ, anantwibedeɛ 40, anantwinini 10, mfunumu abedeɛ 20 ne mfunumu anini 10.+
16 Ɔkyekyɛɛ mmoa no mu akuakuo de hyɛɛ ne nkoa no nsa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monni m’anim nkɔ, na monnya kwan nto kuo biara ne deɛ ɛdi hɔ ntam.” 17 Ɔka kyerɛɛ deɛ ɔdi kan no sɛ: “Ebia na me nua Esau ahyia wo abisa wo sɛ, ‘Hwan akoa ne wo, na ɛhe na worekɔ, na deɛ ɛdi w’anim yi nso, hwan dea?’ 18 Ɛba saa a, ka kyerɛ no sɛ, ‘Ɛyɛ w’akoa Yakob dea. Ɛyɛ akyɛdeɛ a ɔde asoma sɛ yɛmfa mmrɛ me wura Esau,+ na ɔno ankasa di akyire reba.’” 19 Deɛ ɔtɔ so mmienu ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne wɔn a wɔdi mmoa no akyi nyinaa nso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mohyia Esau a, asɛm yi ara na monka nkyerɛ no. 20 Na monsan nka nkyerɛ no sɛ, ‘W’akoa Yakob wɔ yɛn akyi.’” Asɛm a ɔkaa wɔ ne tirim ne sɛ: ‘Mede akyɛdeɛ yi di m’anim kɔ a,+ ansa na mɛduru n’anim no na ne bo adwo. Ebia ɔbɛte n’anim ama me.’ 21 Enti ɔmaa akyɛdeɛ no dii n’anim kɔeɛ, nanso ɔno deɛ, anadwo no ɔdaa baabi a wɔsoɛeɛ no.
22 Saa anadwo no ara, ɔfaa ne yerenom mmienu no+ ne ne mmaawa mmienu no+ ne ne mma 11 no kɔtwaa Yabok+ asuo no.* 23 Ɔde wɔn twaa asuo* no, na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa nso twaeɛ.
24 Akyire yi ɛkaa Yakob nko ara, na ɔbarima bi ne no bɛtentameeɛ kɔsii ahomakye.+ 25 Berɛ a ɔbarima no ne Yakob tentamee a ɔhuu sɛ wantumi anni ne so no, ɔde ne nsa kaa Yakob dwonku maa no hwaneeɛ.+ 26 Afei ɔkaa sɛ: “Adeɛ rekye, ma menkɔ.” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Woanhyira me a, meremma wonkɔ.”+ 27 Enti ɔbisaa no sɛ: “Wo din de sɛn?” na ɔkaa sɛ: “Yakob.” 28 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Wɔremfrɛ wo Yakob bio; mmom wɔbɛfrɛ wo Israel,*+ ɛfiri sɛ wo ne Onyankopɔn ne nnipa apere so,+ na woatumi agyina.” 29 Yakob nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo bɔ wo din kyerɛ me.” Nanso ɔbisaa no sɛ: “Adɛn nti na worebisa me me din?”+ Ɛnna ɔhyiraa no wɔ hɔ. 30 Enti Yakob frɛɛ hɔ Peniel,*+ ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, “Mahu Onyankopɔn animu ne animu, nanso manya me tiri adidi mu.”*+
31 Ɔfirii Penuel* no, ankyɛ koraa na awia pueeɛ, na ne dwonku no nti, na ɔtɔ gu ne nan so.+ 32 Wei nti na bɛsi nnɛ nyinaa, Israelfoɔ nwe srɛ mu ntini a ɛsɔ dwonkuo mu no, ɛfiri sɛ ɔbarima no de ne nsa kaa Yakob srɛ mu ntini a ɛsɔ ne dwonku mu no.
33 Afei Yakob maa n’ani so, na ɔhuu sɛ Esau ne mmarima 400 reba.+ Enti ɔkyɛɛ mmɔfra no mu maa Lea ne Rahel ne mmaawa mmienu no.+ 2 Ɔde mmaawa no ne wɔn mma dii animu,+ Lea ne ne mma dii so,+ ɛnna Rahel+ ne Yosef dii wɔn akyi. 3 Afei ɔno ankasa kɔdii kan, na ɔrebɛn ne nua no nyinaa na ɔrebɔ ne mu ase; ɔyɛɛ saa mprɛ nson.
4 Ɛnna Esau de mmirika bɛhyiaa no, na ɔyɛɛ no atuu fee n’ano, na wɔn mmienu suiɛ. 5 Berɛ a ɔmaa n’ani so huu mmaa ne mmɔfra no, ɔbisaa sɛ: “Weinom nso firi he?” Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ mmɔfra a Onyankopɔn de adom w’akoa.”+ 6 Ɛnna mmaawa no ne wɔn mma dii so baeɛ, na wɔbɔɔ wɔn mu ase. 7 Lea ne ne mma nso ba bɛbɔɔ wɔn mu ase, na Yosef ne Rahel dii so baeɛ, na wɔbɔɔ wɔn mu ase.+
8 Esau bisaa sɛ: “Adɛn nti na wodii kan maa nnipa pii bɛhyiaa me?”+ Ɛnna ɔkaa sɛ: “Meyɛɛ saa na manya me wura anim adom.”+ 9 Afei Esau kaa sɛ: “Me nua, deɛ mewɔ dɔɔso.+ Ma wo nneɛma no nwɔ hɔ.” 10 Nanso Yakob kaa sɛ: “Daabi. Mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, ɛnneɛ gye m’akyɛdeɛ yi, na mepɛ sɛ mehu w’anim nti na mede baeɛ. Na w’anim a mahunu yi te sɛ deɛ mahu Onyankopɔn anim, ɛfiri sɛ woate w’anim ama me.+ 11 Mesrɛ wo, gye m’akyɛdeɛ yi; ɛyɛ nhyira a mede rebrɛ wo,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn adom me ama manya biribiara a mehia.”+ Enti ɔsrɛɛ no ara maa no gyeeɛ.
12 Akyire yi, Esau kaa sɛ: “Ma yɛnkɔ, na mɛdi w’anim.” 13 Ɛnna ɔno nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura nim sɛ mmɔfra no ho nyɛ den+ na me nnwan ne anantwie a wɔka me ho no nso, ebi ma wɔn mma nufoɔ. Enti sɛ yɛka wɔn ntɛmntɛm da koro a, wɔn nyinaa bɛwuwu. 14 Me wura mesrɛ wo, di w’akoa anim kan na mento me bo ase nnante sɛdeɛ me nyɛmmoa yi ne me mma no bɛtumi kɔsi sɛ mɛduru me wura nkyɛn wɔ Seir.”+ 15 Ɛnna Esau kaa sɛ: “Mesrɛ wo, ma mennya me nkurɔfoɔ yi bi mma wo.” Na ɔno nso kaa sɛ: “O adɛn na woreha wo ho? Deɛ mehia ara ne sɛ mɛnya me wura anim adom.” 16 Enti saa da no Esau san kɔɔ Seir.
17 Na Yakob siim kɔɔ Sukot,+ na ɔsii ne fie wɔ hɔ, na ɔbobɔɔ buo maa ne mmoa no. Enti ɔfrɛɛ hɔ Sukot.*
18 Yakob firii Padan-Aram+ bɛduruu Sekem+ wɔ Kaananfoɔ+ asaase so dwoodwoo; na ɔsii ne ntomadan wɔ kuro no nkyɛn. 19 Na ɔtɔɔ asaase a ɔsii ne ntomadan wɔ so no firii Sekem papa Hamor mma no nkyɛn; ɔmaa wɔn nnwetɛbena 100.+ 20 Ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔtoo din Onyankopɔn yɛ Israel Nyankopɔn.+
34 Yakob babaa Dina a ɔne Lea woo no no,+ na ɔtaa kɔ kurom hɔ mmabaawa nkyɛn ne wɔn kɔbɔ.*+ 2 Berɛ a asaase no so ɔberempɔn Hamor a ɔyɛ Hiwini+ no ba Sekem huu Dina no, ɔfaa no ne no daeɛ na ɔguu ne ho fĩ. 3 Afei na ɔnte Yakob ba Dina ho kasa koraa;* ɔdɔɔ ababaawa no, na ɔkorɔkorɔɔ no.* 4 Ɛnna Sekem ka kyerɛɛ ne papa Hamor+ sɛ: “Kɔgye ababaawa yi awareɛ ma me.”
5 Berɛ a Yakob tee sɛ aberanteɛ no agu ne ba Dina ho fĩ no, na ne mma mmarima no rehwɛ ne mmoa wɔ wuram, enti ɔmuaa n’ano twɛnee sɛ wɔbɛba. 6 Akyire yi, Sekem papa Hamor baa Yakob nkyɛn ne no bɛkasaeɛ. 7 Nanso Yakob mma no tee deɛ asie, na ntɛm pa ara wɔfiri wuram baeɛ. Asɛm no yɛɛ wɔn ya, na wɔn bo fuu dendeenden, ɛfiri sɛ Yakob babaa a ɔne no daeɛ no,+ na ɛyɛ animguaseɛ ma Israel, na na ɛyɛ akyiwadeɛ.+
8 Hamor ne wɔn kasae sɛ: “Mo babaa no, me ba Sekem pɛ no paa.* Enti mesrɛ mo momfa no mma no awareɛ, 9 na momma yɛnwareware yɛn ho.* Momfa mo mma mmaa mma yɛn na mo nso monware yɛn mma mmaa.+ 10 Mobɛtumi ne yɛn atena, asaase no da hɔ ma mo. Montena ha na monni dwa, na momma mo ani nka ha.” 11 Afei Sekem ka kyerɛɛ Dina papa ne ne nuanom sɛ: “Mesrɛ mo, momma mennya mo anim adom, na biribiara a mobɛbisa no mede bɛma mo. 12 Ti adeɛ ne akyɛdeɛ biara a mobɛgye me no, sɛ ɛso sɛ deɛn koraa a, mɛtua.+ Deɛ ɛhia me ara ne sɛ mode ababaawa no bɛma me awareɛ.”
13 Na Yakob mma mmarima no daadaa Sekem ne ne papa Hamor, ɛfiri sɛ na Sekem agu wɔn nuabaa Dina ho fĩ. 14 Asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ: “Yɛrentumi nyɛ saa. Yɛrentumi mfa yɛn nuabaa mma ɔbarima a ɔntwaa twetia,*+ ɛfiri sɛ ɛyɛ animguaseɛ ma yɛn. 15 Sɛ yɛbɛpene so a, gye sɛ moyɛ wei: monyɛ sɛ yɛn na momma mmarima a wɔwɔ mo mu nyinaa ntwa twetia.+ 16 Moyɛ saa a, yɛde yɛn mma mmaa bɛma mo na yɛn nso yɛaware mo mma mmaa, na yɛne mo bɛtena sɛ nnipa baako. 17 Na sɛ moantie antwa twetia a, ɛnneɛ yɛbɛfa yɛn nuabaa* no na yɛakɔ.”
18 Asɛm no yɛɛ Hamor+ ne ne ba Sekem+ dɛ. 19 Aberanteɛ no antwentwɛn ne nan ase koraa sɛ ɔbɛyɛ deɛ wɔaka no,+ ɛfiri sɛ na n’ani gye Yakob babaa no ho, na na aberanteɛ no wɔ animuonyam sene ne papa fiefoɔ nyinaa.
20 Enti Hamor ne ne ba Sekem kɔɔ wɔn kuro pono ano,+ na wɔka kyerɛɛ kurom hɔ mmarima sɛ: 21 “Mmarima yi pɛ sɛ wɔne yɛn tena asomdwoeɛ mu. Enti momma wɔntena asaase yi so na wɔnni dwa wɔ so, ɛfiri sɛ asaase nyɛ na wɔ ha. Yɛbɛtumi aware wɔn mma mmaa na yɛde yɛn mma mmaa ama wɔn.+ 22 Nanso sɛ wɔbɛpene so ne yɛn atena na wɔne yɛn ayɛ baako a, ɛsɛ sɛ yɛn mmarima nyinaa twa twetia sɛdeɛ wɔatwa twetia no.+ 23 Ɛba saa a, wɔn agyapadeɛ, wɔn ahodeɛ, ne wɔn nyɛmmoa nyinaa, ɛremmɛdi yɛn nsam anaa? Enti momma yɛmpene deɛ wɔaka no so na wɔne yɛn ntena.” 24 Enti wɔn a wɔfa kuro no pono ano firi adi nyinaa tiee Hamor ne ne ba Sekem, na mmarima a wɔfa kuro pono ano firi adi nyinaa twaa twetia.
25 Afei ne nnansa so a ɛyea no da so wɔ hɔ no, Yakob mma mmienu, Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuanom,+ faa sekan, na wɔkɔɔ kuro no mu berɛ a obiara ani nna, na wɔkɔkunkum mmarima no nyinaa.+ 26 Wɔde sekan kum Hamor ne ne ba Sekem nso. Afei wɔfaa Dina firii Sekem fie hɔ, na wɔkɔeɛ. 27 Yakob mma a aka no nso bɛtoo mmarima a wɔakunkum wɔn no so, na wɔfaa kuro no mu nneɛma nyinaa, ɛfiri sɛ na wɔagu wɔn nuabaa no ho fĩ.+ 28 Wɔfaa wɔn nnwan, wɔn anantwie, wɔn mfunumu; deɛ ɛwɔ kuro no mu ne deɛ ɛwɔ wuram nyinaa. 29 Afei nso, wɔfaa wɔn ho nneɛma nyinaa, na wɔfaa wɔn mma ne wɔn yerenom kɔeɛ, na biribiara a wɔn nsa kaa no wɔn afie mu no, wɔfaeɛ.
30 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi+ sɛ: “Moakɔfa ɔhaw* kɛseɛ abɛto me so, na moama me ho abɔn Kaananfoɔ ne Perisifoɔ; asaase yi sofoɔ nyinaa. Me ho nnipa sua, na wɔbɛboaboa wɔn ano abɛku me atɔre me ne me fiefoɔ ase.” 31 Ɛnna wɔbuaa sɛ: “Yɛntena hɔ mma obi nyɛ yɛn nuabaa sɛ tuutuuni anaa?”
35 Ɛno akyi no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Sɔre kɔ Betel+ kɔtena hɔ, na si afɔrebukyia wɔ hɔ ma nokorɛ Nyankopɔn a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wo berɛ a woredwane wo nua Esau no.”+
2 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne fiefoɔ ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ: “Monto ananafoɔ anyame a ɛwɔ mo ho no nyinaa ngu,+ na monte mo ho na monsesa mo ntaadeɛ, 3 na momma yɛnkɔ Betel. Mɛsi afɔrebukyia wɔ hɔ ama nokorɛ Nyankopɔn a ɔtiee me wɔ m’ahohia mu na wadi m’akyi wɔ m’akwantuo nyinaa mu no.”+ 4 Enti ananafoɔ anyame a ɛwɔ wɔn ho nyinaa ne asomuadeɛ a ɛhyehyɛ wɔn no, wɔde maa Yakob, na ɔde siee dua kɛseɛ bi ase wɔ baabi a ɛbɛn Sekem.
5 Wɔn akwantuo no mu no, Onyankopɔn ho hu tɔɔ nkuro a atwa wɔn ho ahyia no so, enti wɔanti Yakob mma no. 6 Na Yakob ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa kɔduruu Lus+ anaa Betel a ɛwɔ Kaananfoɔ asaase so no. 7 Ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔfrɛɛ hɔ El-Betel,* ɛfiri sɛ berɛ bi a ɔredwane afiri ne nua no nkyɛn no, ɛhɔ na nokorɛ Nyankopɔn no yii ne ho adi kyerɛɛ no.+ 8 Akyire yi, Debora+ a na ɔhwɛ Rebeka no wuiɛ, na wɔsiee no odum kɛseɛ bi ase wɔ Betel anaafoɔ. Enti ɔtoo hɔ din Alon-Bakut.*
9 Onyankopɔn san yii ne ho adi kyerɛɛ Yakob berɛ a ɔfiri Padan-Aram reba no, na ɔhyiraa no. 10 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo din de Yakob.+ Nanso wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Israel.” Enti ɔfirii aseɛ frɛɛ no Israel.+ 11 Afei Onyankopɔn san ka kyerɛɛ no sɛ: “Mene adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn.+ Monwo na monnɔɔso.+ Aman ne aman asafodɔm ne ahemfo bɛfiri wo mu aba.*+ 12 Na asaase a mede ama Abraham ne Isak no, mede bɛma wo ne w’asefoɔ*+ a wɔbɛdi w’akyi aba no.” 13 Ɛno akyi no, Onyankopɔn firii baabi a ɔne no kasaeɛ no kɔɔ soro.
14 Afei Yakob de boɔ yɛɛ edum sii baabi a ɔne no kasaeɛ no, na ɔhwiee nsã guu so de bɔɔ afɔreɛ, na ɔhwiee ngo guu so.+ 15 Na Yakob kɔɔ so frɛɛ baabi a Onyankopɔn ne no kasaeɛ no Betel.+
16 Afei wɔtu firii Betel, na berɛ a wɔkɔduruu baabi a ɛne Efrat ntam twe kakra no, awoɔ kaa Rahel, na awoɔ no mu yɛɛ den. 17 Nanso berɛ a n’awoɔ mu yɛɛ den no, deɛ ɔregye no awoɔ no kaa sɛ: “Nsuro, na wobɛsan anya ɔbabarima yi nso.”+ 18 Berɛ a ne nkwa* refiri ne mu no, (saa berɛ no na ɔrewu) ɔtoo abɔfra no din Ben-Oni,* nanso ne papa frɛɛ no Benyamin.*+ 19 Enti Rahel wuiɛ, na wɔsiee no Efrat anaa Betlehem+ kwan so. 20 Yakob yɛɛ edum sii ne da so. Ɛyɛ edum a ɛsi Rahel da so bɛsi nnɛ.
21 Ɛno akyi no, Israel firii hɔ kɔsii ne ntomadan wɔ Eder aban no akyi baabi. 22 Berɛ a Israel te asaase no so no, da bi Ruben ne ne papa mpena* Bilha daeɛ, na Israel teeɛ.+
Ná Yakob mma mmarima no yɛ 12. 23 Mma a ɔne Lea woeɛ ne Ruben,+ a ɔyɛ Yakob ba panin, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, ne Sebulon. 24 Mma a ɔne Rahel woeɛ ne Yosef ne Benyamin. 25 Na Rahel abaawa Bilha nso mma a ɔne no woeɛ ne Dan ne Naftali. 26 Lea abaawa Silpa mma a ɔne no woeɛ ne Gad ne Aser. Weinom ne Yakob mma mmarima a wɔwoo wɔn wɔ Padan-Aram.
27 Afei Yakob kɔduruu ne papa Isak nkyɛn wɔ Mamre,+ wɔ Kiriat-Arba, kyerɛ sɛ Hebron, baabi a Abraham ne Isak tenaa sɛ ahɔhoɔ no.+ 28 Mfeɛ a Isak diiɛ nyinaa yɛ 180.+ 29 Afei Isak guu ahome a ɛtwa toɔ na ɔwuiɛ. Ná wanyini abɔ akɔkoraa adi nna amee, na ɔne n’agyanom kɔdae.* Ne mma Esau ne Yakob na wɔsiee no.+
36 Esau anaa Edom+ ho nsɛm nie.
2 Esau waree Kaananfoɔ mmaa: Hitini Elon+ ba Ada;+ ne Anah ba Oholibama+ a ɔyɛ Hiwini Sibeon banana; 3 ne Ismael ba Basemat+ a ɔyɛ Nebaiot nuabaa.+
4 Na Esau ne Ada woo Elifas, na ɔne Basemat nso woo Reuel,
Weinom ne mma mmarima a Esau woo wɔn wɔ Kaanan asaase so. 6 Afei Esau faa ne yerenom ne ne mma mmarima, ne mma mmaa, nnipa* a wɔwɔ ne fie nyinaa, ne n’anantwie ne mmoa foforɔ, ne agyapadeɛ a wanya+ wɔ Kaanan nyinaa, na ɔfirii ne nua Yakob nkyɛn kɔɔ asaase foforɔ so.+ 7 Deɛ ɛwom ne sɛ, na wɔn agyapadeɛ dɔɔso dodo sɛ wɔbɛtumi atena faako, na na asaase a wɔte so* no sua ma wɔn mmoa. 8 Enti Esau kɔtenaa Seir mmepɔ mu.+ Esau, ɔno ara ne Edom.+
9 Edomfoɔ a wɔtenaa Seir+ mmepɔ mu no, wɔn agya Esau ho nsɛm nie.
10 Esau mma mmarima no din nie: Esau yere Ada ba Elifas, ne ne yere Basemat ba Reuel.+
11 Elifas mma ne Teman,+ Omar, Sefo, Gatam, ne Kenas.+ 12 Esau ba Elifas faa Timna sɛ ne mpena,* na akyire yi Elifas ne no woo Amalek.+ Weinom ne Esau yere Ada mma.
13 Reuel mma nie: Nahat, Sera, Samma, ne Misa. Weinom ne Esau yere Basemat+ mma.
14 Esau yere Oholibama a ne papa de Anah, a ne banana de Sibeon no mma a ɔne Esau woeɛ nie: Yeus, Yalam, ne Kora.
15 Weinom ne Esau asefoɔ a wɔbɛyɛɛ abusua mpanimfoɔ:+ Esau ba panin Elifas mma nie: Abusuapanin Teman, Abusuapanin Omar, Abusuapanin Sefo, Abusuapanin Kenas,+ 16 Abusuapanin Kora, Abusuapanin Gatam, ne Abusuapanin Amalek. Weinom ne Elifas mma+ a wɔbɛyɛɛ abusua mpanimfoɔ wɔ Edom asaase so. Weinom nyinaa yɛ Ada mma.
17 Esau ba Reuel mma nie: Abusuapanin Nahat, Abusuapanin Sera, Abusuapanin Samma, Abusuapanin Misa. Weinom ne Reuel mma a wɔbɛyɛɛ abusua mpanimfoɔ wɔ Edom+ asaase so. Weinom nyinaa yɛ Esau yere Basemat mma.
18 Esau yere Oholibama mma nie: Abusuapanin Yeus, Abusuapanin Yalam, ne Abusuapanin Kora. Weinom ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Anah ba no mma a wɔbɛyɛɛ abusua mpanimfoɔ.
19 Weinom ne Esau mma ne abusua mpanimfoɔ. Ɔno ara ne Edom.+
20 Horini Seir mma a wɔyɛ asaase no sofoɔ nie:+ Lotan, Sobal, Sibeon, Anah,+ 21 Dison, Eser, ne Disan.+ Weinom ne Horini Seir mma a wɔbɛyɛɛ abusua mpanimfoɔ wɔ Edom.
22 Lotan mma ne Hori ne Hemam, na Lotan nuabaa ne Timna.+
23 Sobal mma nie: Alwan, Manahat, Ebal, Sefo, ne Onam.
24 Sibeon+ mma nie: Aiya ne Anah. Anah yi na berɛ a ɔrehwɛ ne papa Sibeon mfunumu no, ɔhuu nsutire a ɛpu nsuohyeɛ wɔ serɛ so no.
25 Anah mma nie: Dison ne Oholibama a ɔyɛ Anah babaa.
26 Dison mma nie: Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.+
27 Eser mma nie: Bilhan, Saawan, ne Akan.
28 Disan mma nie: Us ne Aran.+
29 Horifoɔ abusua mpanimfoɔ nie: Abusuapanin Lotan, Abusuapanin Sobal, Abusuapanin Sibeon, Abusuapanin Anah, 30 Abusuapanin Dison, Abusuapanin Eser, ne Abusuapanin Disan.+ Weinom ne Horifoɔ abusua mpanimfoɔ a na wɔwɔ Seir asaase so.
31 Ahemfo a wɔdii Edom+ asaase so ansa na Israelfoɔ* rebɛnya ɔhene adi wɔn so nie:+ 32 Beor ba Bela bɛdii hene wɔ Edom, na na ne kuro din de Dinhaba. 33 Bela wuiɛ no, Sera a ɔfiri Bosra ba Yobab bɛdii n’adeɛ. 34 Berɛ a Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Temanfoɔ asaase so bɛdii n’adeɛ. 35 Husam wuiɛ no, Bedad ba Hadad a ɔdii Midianfoɔ+ so nkonim wɔ Moab asaase so no bɛdii n’adeɛ, na na ne kuro din de Awit. 36 Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka bɛdii n’adeɛ. 37 Berɛ a Samla wuiɛ no, Saul a ɔfiri Rehobot a ɛwɔ Asubɔnten no ho no bɛdii n’adeɛ. 38 Saul wuiɛ no, Akbor ba Baal-Hanan bɛdii n’adeɛ. 39 Berɛ a Akbor ba Baal-Hanan wuiɛ no, Hadar bɛdii n’adeɛ; ná ne kuro din de Pau. Ná ne yere de Mehetabel, na Mesahab ba Matred na ɔwoo no.
40 Enti weinom ne Esau asefoɔ a wɔbɛyɛɛ abusua mpanimfoɔ no din, wɔn mmusua, ne wɔn nkuro: Abusuapanin Timna, Abusuapanin Alwa, Abusuapanin Yetet,+ 41 Abusuapanin Oholibama, Abusuapanin Ela, Abusuapanin Pinon, 42 Abusuapanin Kenas, Abusuapanin Teman, Abusuapanin Mibsar, 43 Abusuapanin Magdiel, ne Abusuapanin Iram. Weinom ne Edom abusua mpanimfoɔ, wɔn nkuro, ne wɔn nsaase.+ Edomfoɔ agya Esau+ ho nsɛm nie.
37 Yakob kɔɔ so tenaa Kaanan asaase a ne papa kɔsoɛɛ so no so.+
2 Yakob ho nsɛm nie.
Berɛ a Yosef+ yɛ aberantewa a wadi mfeɛ 17 no, na ɔne ne papa yerenom Bilha+ ne Silpa+ mma rehwɛ nnwan.+ Yosef bɛkaa wɔn ho asɛmmɔne kyerɛɛ wɔn papa. 3 Saa berɛ no, na Israel dɔ Yosef sene ne mma no nyinaa,+ ɛfiri sɛ na ɔyɛ ne nkɔkoraaberɛ mu ba, na ɔmaa wɔpam ataadeɛ soronko bi* maa no. 4 Berɛ a ne nuanom huu sɛ wɔn papa dɔ no sene wɔn nyinaa no, wɔfaa ne ho tan, na na wɔne no nkasa abodwoɔ so.
5 Akyire yi, Yosef soo daeɛ, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom;+ ɛno maa ɔtan no yɛɛ kɛse. 6 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mesrɛ mo, montie daeɛ bi a maso. 7 Deɛ ɛbaeɛ ne sɛ, na yɛwɔ wuram rekyekyere hwiit atifi atifi. Afei me hwiit a makyekyere no sɔre gyinaeɛ, na mo deɛ no twaa me deɛ no ho hyiaeɛ na ɛkotoo no.”+ 8 Ɛnna ne nuanom bisaa no sɛ: “Worebɛyɛ ɔhene adi yɛn so anaa?”+ Ne daeɛ yi ne nsɛm a ɔkaeɛ no nti, wɔtan no senee kane no.
9 Ɛno akyi no, ɔsoo daeɛ foforɔ, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Maso daeɛ foforɔ. Saa daeɛ yi deɛ, mehuu sɛ awia ne bosome ne nsoromma 11 rekoto me.”+ 10 Ɔka kyerɛɛ ne papa ne ne nuanom, na ne papa kaa n’anim bisaa no sɛ: “Daeɛ a woaso yi kyerɛ sɛn? Me ne wo maame ne wo nuanom nyinaa bɛba w’anim abɛkoto wo anaa?” 11 Afei ne nuanom ani beree no,+ nanso ne papa de asɛm no siee ne tirim.
12 Afei, ne nuanom de wɔn papa nnwan kɔɔ adidie wɔ baabi a ɛbɛn Sekem.+ 13 Akyire yi, Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Sɛ́ wonim sɛ wo nuanom rehwɛ nnwan wɔ Sekem mpɔtamu hɔ? Bra na mensoma wo wɔn nkyɛn.” Na ɔbuaa sɛ: “Mate, mɛkɔ!” 14 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, kɔ na kɔhwɛ sɛdeɛ wo nuanom ne mmoa no ho teɛ, na bɛka kyerɛ me.” Enti ɔsomaa no firii Hebron+ Bɔn mu* kɔɔ Sekem. 15 Akyire yi, ɔbarima bi huu sɛ wayera nenam wuram baabi. Ɛnna ɔbarima no bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na worehwehwɛ?” 16 Ɔbuaa sɛ: “Merehwehwɛ me nuanom. Mesrɛ wo, ɛhe na wɔde nnwan no kɔ?” 17 Ɔbarima no kaa sɛ: “Wɔafiri ha kɔ. Metee sɛ wɔreka sɛ, ‘Momma yɛnkɔ Dotan.’” Enti Yosef tii ne nuanom, na ɔkɔhuu wɔn wɔ Dotan.
18 Ne nuanom huu no wɔ akyirikyiri sɛ ɔreba, na wɔfirii aseɛ hwehwɛɛ kwan a wɔbɛfa so aku no. 19 Wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Monhwɛ, daeɛsofoɔ+ no na ɔreba no! 20 Mommra mma yɛnku no nto nsubura yi bi mu, na yɛnkɔka sɛ aboa bi akye no awe, na yɛnhwɛ deɛ ne daeɛ no bɛkɔ akɔsi.” 21 Berɛ a Ruben+ teeɛ no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛgye no afiri wɔn nsam. Enti ɔkaa sɛ: “Mommma yɛnnku no.”+ 22 Ruben ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnhwie mogya nngu.+ Mommfa mo nsa nnka no;*+ momfa no nto abura bi mu wɔ serɛ so ha.” Ná n’adwene nyinaa ne sɛ ɔbɛgye no afiri ne nuanom nsam de no asan akɔma ne papa.
23 Enti berɛ a Yosef duruu ne nuanom nkyɛn ara pɛ na wɔworɔɔ n’ataade fɛfɛ a ɛhyɛ no no;+ 24 afei wɔde no too abura no mu. Saa berɛ no na nsuo biara nni abura no mu.
25 Afei wɔtenaa ase sɛ wɔredidi. Na berɛ a wɔmaa wɔn ani so no, wɔhuu sɛ Ismaelfoɔ+ akwantufoɔ bi firi Gilead reba. Ná wɔn yoma soso labdanum ne balsam aduhwam ne dua abena*+ a wɔde rekɔ Egypt. 26 Ɛnna Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Sɛ yɛku yɛn nua yi na yɛkata so* a, mfasoɔ bɛn na yɛbɛnya?+ 27 Mommma yɛmmfa yɛn nsa nnka no; momma yɛntɔn no+ mma Ismaelfoɔ yi. Ɛyɛ dɛn ara a, ɔyɛ yɛn nua ne yɛn honam.” Enti wɔtiee wɔn nua no. 28 Afei berɛ a Midianfoɔ+ adwadifoɔ no rebɛtwam no, wɔyii Yosef firii abura no mu, na wɔtɔn no maa Ismaelfoɔ no gyee nnwetɛbena 20,+ na wɔde Yosef kɔɔ Egypt.
29 Akyire yi, Ruben baa abura no ho, nanso na Yosef nni abura no mu. Ɔhuu saa no, ɔsuanee n’ataadeɛ mu. 30 Berɛ a ɔsan baa ne nuanom nkyɛn no, ɔteaam sɛ: “Abɔfra no nni hɔ! Ɛdeɛn koraa na mɛyɛ?”
31 Deɛ ɛbae ne sɛ, wɔfaa Yosef ataadeɛ no, na wɔkum apɔnkye de ataadeɛ no bɔɔ mogya no mu. 32 Na wɔde Yosef ataadeɛ no kɔmaa wɔn papa na wɔkaa sɛ: “Yɛkɔhuu ataadeɛ yi wɔ baabi. Yɛsrɛ wo, hwɛ sɛ ɛyɛ wo ba no ataadeɛ anaa.”+ 33 Na ɔdanedanee ataadeɛ no hwɛe, na ɔteaam sɛ: “Ɛyɛ me ba no dea! Gyama aboa bi akye no awe! Ɛbɛyɛ sɛ watete Yosef mu!” 34 Ɛnna Yakob suan n’ataadeɛ mu, na ɔde awerɛhoɔ ntoma* sii n’asene suu ne ba no nna pii. 35 Ne mma mmarima ne ne mma mmaa nyinaa yɛɛ biara sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ, nanso wantie, na ɔkaa sɛ: “Mede awerɛhoɔ bɛkɔ me ba no nkyɛn wɔ Adamena* mu!”+ Na ne papa kɔɔ so ara suu no.
36 Midianfoɔ no nso kɔtɔn no wɔ Egypt maa Potifar a ɔyɛ Farao mpanimfoɔ no baako,+ awɛmfoɔ so panin no.+
38 Emu hɔ baabi no, Yuda firii ne nuanom nkyɛn kɔsii ne ntomadan wɔ baabi a ɛbɛn ɔbarima bi a ɔfiri Adulam a ne din de Hira. 2 Ɛhɔ na Yuda huu Kaananni+ baa bi a ne papa din de Sua, enti ɔwaree no, na ɔne no daeɛ. 3 Ɔbaa no nyinsɛneeɛ, na akyire yi, ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo ne din Er.+ 4 Ɔnyinsɛnee bio woo ɔbabarima, na ɔtoo ne din Onan. 5 Ɔsan woo ɔbabarima, na ɔtoo ne din Sela. Ɔwoeɛ no, na ɔwɔ* Aksib.+
6 Akyire yi, Yuda ware maa ne ba panin Er; ná wɔfrɛ ɔbaa no Tamar.+ 7 Nanso Yuda ba panin Er anyɛ deɛ ɛsɔ Yehowa ani, enti Yehowa kum no. 8 Ɛno nti Yuda ka kyerɛɛ Onan sɛ: “Ware wo nua yere, na wo ma wo nua no.”+ 9 Nanso na Onan nim sɛ mma a ɔbɛwo wɔn no renyɛ ne dea.+ Enti sɛ ɔne ne nua yere no da a, na wama ne ho nsuo asene agu fam asɛe, na wamma ne nua no annya mma.+ 10 Deɛ ɔyɛeɛ no, na ɛyɛ bɔne wɔ Yehowa ani so, enti ɔkum ɔno nso.+ 11 Yuda ka kyerɛɛ n’asebaa Tamar sɛ: “Kɔtena wo papa fie na yɛ kunafoɔ kɔsi sɛ me ba Sela bɛnyini.” Nanso Yuda kaa wɔ ne tirim sɛ: “Anhwɛ a na ɔno nso awu te sɛ ne nuanom.”+ Ɛnna Tamar kɔtenaa ne papa fie.
12 Berɛ bi akyi no, Yuda yere a ɔyɛ Sua+ babaa no wuiɛ, na Yuda yɛɛ n’ayie. Akyire yi, ɔne n’adamfo Hira a ɔfiri Adulam+ no kɔɔ wɔn a wɔtwitwa ne nnwan ho nwi no hɔ wɔ Timna.+ 13 Obi bɛka kyerɛɛ Tamar sɛ: “Hwɛ, w’asebarima rekɔ Timna akɔtwitwa ne nnwan ho nwi.” 14 Ɛnna ɔyii ataadeɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ okunafoɔ no guu hɔ, na ɔde ntoma kataa ne kɔn mu de nkataanimu kataa n’anim, na ɔkɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timna kwan so, ɛfiri sɛ na wahu sɛ Sela anyini nanso wɔmfaa no mmaa no awareɛ.+
15 Berɛ a Yuda ani bɔɔ ne so no, ɔsusuu sɛ ɔyɛ tuutuuni, ɛfiri sɛ na wakata n’anim. 16 Enti ɔmane kɔɔ ne nkyɛn kaa sɛ: “Mesrɛ wo, ma me ne wo nna.” Ná ɔnnim sɛ ɛyɛ n’asebaa.+ Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Ɛdeɛn na wode bɛma me ansa na wo ne me ada?” 17 Ɛnna Yuda kaa sɛ: “Mɛsoma ma wɔde apɔnkye ba abrɛ wo.” Na ɔbaa no bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na wode bɛdi agyinamu ansa na wode aba?” 18 Na ɔkaa sɛ: “Ɛdeɛn na memfa nni agyinamu?” Ɔbuaa sɛ: “W’ahyɛnsodeɛ kawa+ ne w’ahoma ne wo poma.” Ɛnna ɔde maa no, na ɔne no da maa no nyinsɛnee. 19 Afei ɔsɔre kɔyii ne nkataanimu no guu hɔ, na ɔhyɛɛ ne kuna ataadeɛ no.
20 Afei Yuda somaa n’adamfo a ɔfiri Adulam+ no sɛ ɔmfa apɔnkye ba no nkɔ na ɔnkɔgye deɛ ɔde dii agyinamu no mfiri ɔbaa no hɔ mmra, nanso wanhu no. 21 Ɔbisabisaa nnipa a wɔwɔ kurom hɔ no sɛ: “Tuutuuni* baa a ɔtaa tena Enaim kwankyɛn no wɔ he?” Ɛnna wɔkaa sɛ: “Tuutuuni biara mmaa ha da.” 22 Afei ɔsanee n’akyi kɔbɔɔ Yuda amanneɛ sɛ: “Manhu ɔbaa no, na kurom hɔfoɔ nso se, ‘Tuutuuni biara mmaa ha da.’” 23 Ɛnna Yuda kaa sɛ: “Ma ɔmfa na yɛn anim angu ase. Me deɛ, mede apɔnkye no somaeɛ, hu na woanhu no.”
24 Afei bɛyɛ abosome mmiɛnsa akyi no, obi ka kyerɛɛ Yuda sɛ: “W’asebaa Tamar adane tuutuuni, na ɛnam so ama wanyinsɛn.” Ɛnna Yuda kaa sɛ: “Momfa no mmra na wɔnhye no.”+ 25 Berɛ a wɔde no reba no, ɔsoma kɔɔ n’asebarima hɔ kɔkaa sɛ: “Ɔbarima a nneɛma yi yɛ ne dea no, ɔno na ɔne me anyinsɛn.” Ɔtoaa so sɛ: “Mesrɛ wo, hwɛ sɛ ahyɛnsodeɛ kawa ne ahoma ne poma yi yɛ hwan dea.”+ 26 Ɛnna Yuda hwɛeɛ, na ɔkaa sɛ: “Ɔbaa yi yɛ ɔteneneeni sene me, ɛfiri sɛ mamfa no amma me ba Sela.”+ Na ɔne no anna bio.
27 Afei n’awoɔ duruu so no, na nta na ɛwɔ ne yam. 28 Ɔrewo no, mmɔfra no baako yii ne nsa pueeɛ, na deɛ ɔgye awoɔ no de ahoma kɔkɔɔ kyekyeree ne nsa, na ɔkaa sɛ: “Wei na ɔdii kan baeɛ.” 29 Nanso berɛ a ɔtwee ne nsa kɔɔ mu no, ɛhɔ ara na ne nua no firii adie; enti deɛ ɔregye awoɔ no kaa sɛ: “Hwɛ sɛ woapae apue!” Enti wɔtoo ne din Peres.*+ 30 Afei ne nua a wɔde ahoma kɔkɔɔ kyekyeree ne nsa no dii akyire baeɛ, na wɔtoo ne din Sera.+
39 Wɔde Yosef kɔɔ Egypt,+ na Egyptni Potifar a ɔyɛ Farao mpanimfoɔ no baako,+ awɛmfoɔ so panin no, tɔɔ no firii Ismaelfoɔ+ a wɔde no kɔɔ hɔ no nkyɛn. 2 Nanso Yehowa dii Yosef akyi,+ enti ɛsii no yie, na ne wura Egyptni no de ne fie hɔ nneɛma hyɛɛ ne nsa. 3 Afei ne wura no huu sɛ Yehowa di n’akyi, na biribiara a ɔde ne nsa bɛsɔ mu no, Yehowa ma no yɛ yie.
4 Yosef nyaa n’anim adom na ɔbɛyɛɛ ne somfoɔ a ɔbɛn no. Enti ɔde ne fie hyɛɛ ne nsa na ɔmaa no hwɛɛ biribiara a ɔwɔ so. 5 Ɛfiri berɛ a ɔde ne fie hyɛɛ ne nsa na ɔmaa no hwɛɛ biribiara a ɔwɔ so no, Yosef nti Yehowa hyiraa Egyptni no fie; Yehowa hyiraa deɛ ɔwɔ nyinaa so, deɛ ɛwɔ fie ne deɛ ɛwɔ afuo mu.+ 6 Ɛduruu baabi no, na ne biribiara wɔ Yosef nsam. Enti wamfa biribiara anha ne ho; aduane a ɔbɛdi nko ara na na ɛho asɛm hia no. Afei nso, Yosef nyini bɛyɛɛ ɔbarima mũ a ne ho yɛ fɛ.
7 Akyire yi, ne wura yere de n’ani sii ne so, na ɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Wo ne me mmɛda.” 8 Nanso wampene, na ɔka kyerɛɛ ne wura yere no sɛ: “Hwɛ, deɛ ɛkɔ so wɔ fie ha nyinaa, me wura agya ama me, na ɔde biribiara a ɔwɔ ahyɛ me nsa. 9 Obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛseɛ sene me wɔ fie ha, na ɔmfa biribiara nkame me gye wo, ɛfiri sɛ woyɛ ne yere. Enti ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumuyɛsɛm a ɛte sei na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?”+
10 Enti da biara, na ɔde asɛm no dwan Yosef ho, nanso wampene sɛ ɔne no bɛda anaa ɛbɛka ɔne ɔbaa no nko ara. 11 Da bi, ɔkɔɔ fie hɔ sɛ ɔrekɔyɛ n’adwuma, na na nkoa a ɛwɔ fie hɔ no biara nni hɔ. 12 Afei ɔbaa no sɔɔ n’ataadeɛ mu kaa sɛ: “Wo ne me mmɛda!” Nanso ɔgyaa n’ataadeɛ no maa no na ɔdwane firii adi. 13 Berɛ a ɔbaa no huu sɛ Yosef agya n’ataadeɛ wɔ ne nsam na wadwane afiri adi no, 14 ɔfirii aseɛ teateaam frɛɛ mmarima a ɛwɔ fie hɔ sɛ: “Monhwɛ! Wakɔfa Hebrini barima yi aba sɛ ɔmmɛdi yɛn ho agorɔ. Ɔbaa me nkyɛn sɛ ɔne me rebɛda, ɛnna meteateaam dendeenden. 15 Berɛ a ɔtee sɛ mereteateam no, ɔgyaa n’ataadeɛ wɔ me nkyɛn, na ɔdwane firii adi.” 16 Ɛno akyi no, ɔde ataadeɛ no guu ne nkyɛn kɔsii sɛ ne wura no baa fie.
17 Na ɔkaa asɛm korɔ no ara kyerɛɛ no sɛ: “Hebrini akoa a wokɔfaa no baa ha yi baa me nkyɛn sɛ ɔrebɛdi me ho agorɔ. 18 Nanso berɛ a meteateaam dendeenden no, ntɛm ara na ɔgyaa n’ataadeɛ wɔ me nkyɛn, na ɔdwane firii adi.” 19 Berɛ a ne wura tee asɛm a ne yere kaeɛ sɛ: “Sei ne sei na w’akoa no ayɛ me” no, ɛhyɛɛ no abufuo. 20 Enti Yosef wura no de no kɔtoo afiase, baabi a ɔhene nneduafoɔ gu no, na ɔkaa afiase hɔ.+
21 Nanso Yehowa kɔɔ so ara dii Yosef akyi, na ɔdaa ne dɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛɛ no, na ɔmaa no nyaa panin a ɔhwɛ afiase hɔ no anim adom.+ 22 Enti afiase panin no de nnipa a wɔgu afiase hɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na ɔno na na ɔhwɛ ma wɔyɛ biribiara wɔ hɔ.+ 23 Na biribiara a ɛhyɛ Yosef nsa no, afiase panin no anha ne ho wɔ ho, ɛfiri sɛ na Yehowa di Yosef akyi, na deɛ ɔyɛeɛ biara, Yehowa hwɛ maa no yɛɛ yie.+
40 Nsɛm yi akyi no, Egypt hene nsahyɛfoɔ panin+ ne ne paanootofoɔ panin yɛɛ bɔne tiaa wɔn wura, Egypt hene no. 2 Enti Farao bo fuu ne mpanimfoɔ mmienu no, nsahyɛfoɔ panin ne paanootofoɔ panin no.+ 3 Ɛnna ɔde wɔn kɔguu afiase wɔ awɛmfoɔ so panin no fie,+ baabi a Yosef da no.+ 4 Awɛmfoɔ so panin no de wɔn maa Yosef sɛ ɔnsom wɔn,+ na wɔkyɛɛ kakra* wɔ afiase hɔ.
5 Da koro anadwo, Egypt hene nsahyɛfoɔ ne paanootofoɔ a wɔda afiase hɔ no mu biara soo daeɛ; ɛsono obiara daeɛ no nkyerɛaseɛ. 6 Adeɛ kyee anɔpa a Yosef baa wɔn nkyɛn no, ɔhuu sɛ wɔn anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ. 7 Ɛnna ɔbisaa Farao mpanimfoɔ a ɔne wɔn da afiase wɔ ne wura fie no sɛ: “Adɛn nti na nnɛ mo anim ayɛ bosaa saa?” 8 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛn mu biara aso daeɛ, nanso obiara nni ha a ɔbɛkyerɛ aseɛ ama yɛn.” Ɛnna Yosef bisaa wɔn sɛ: “Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛ daeɛ ase?+ Mesrɛ mo, monka nkyerɛ me.”
9 Enti nsahyɛfoɔ panin no kaa ne daeɛ no kyerɛɛ Yosef sɛ: “Mesoo daeɛ no, na bobe dua si m’anim. 10 Na bobe no yiyii nkorabata mmiɛnsa na ɛfefɛeɛ. Afei ɛguu nhyerɛnee na ɛsow aba esia esia, na aba no bereeɛ. 11 Ná mekura Farao kuruwa, na mefaa bobe aba no bi kyĩ guu kuruwa no mu. Na mede kuruwa no hyɛɛ Farao nsam.” 12 Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: “Ne nkyerɛaseɛ nie: Nkorabata mmiɛnsa no yɛ nnansa. 13 Aka nnansa na Farao ayi wo de wo diberɛ asan ama wo.+ Wode Farao kuruwa bɛhyɛ ne nsam sɛdeɛ na woyɛ berɛ a wohyɛ no nsã no.+ 14 Na sɛ biribiara kɔ yie ma wo a, kae me. Mesrɛ wo, da ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ me na ka me ho asɛm kyerɛ Farao na wɔmmɛyi me mfiri ha. 15 Asɛm no ne sɛ, wɔkyee me de me firii Hebrifoɔ asaase so baa ha,+ na ɛha nso menyɛɛ hwee a ɛsɛ sɛ wɔde me bɛto afiase.”*+
16 Afei berɛ a paanootofoɔ panin no huu sɛ nkyerɛaseɛ no akɔ yie no, ɔno nso ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Me nso me daeɛ mu no, na mesõ nkɛntɛn a ɛsisi so mmiɛnsa, na na paanoo fitaa wɔ emu biara mu. 17 Ná nnuane ahodoɔ a wɔtõ ma Farao no nyinaa bi wɔ kɛntɛn a ɛwɔ soro no mu; ɛsi me tiri so nyinaa na nnomaa redi nnuane a ɛwom no.” 18 Ɛnna Yosef kaa sɛ, “Ne nkyerɛaseɛ nie: Nkɛntɛn mmiɛnsa no yɛ nnansa. 19 Aka nnansa na Farao atwa wo tiri afiri so, na ɔbɛsɛn wo dua so, na nnomaa bɛdi wo nam.”+
20 Berɛ a nnansa no duruiɛ a Farao redi n’awoda+ no, ɔtoo pono maa ne nkoa nyinaa, na ɔyii nsahyɛfoɔ panin ne paanootofoɔ panin no firii adi maa ne nkoa hunuiɛ. 21 Ɔsan de nsahyɛfoɔ panin no diberɛ maa no, na ɔtoaa so hyɛɛ Farao nsã. 22 Na paanootofoɔ panin no deɛ, ɔsɛn no, sɛdeɛ Yosef kyerɛɛ daeɛ no ase no.+ 23 Nanso nsahyɛfoɔ panin no ankae Yosef; ne werɛ fii no koraa.+
41 Mfeɛ mmienu akyi no, Farao soo daeɛ+ sɛ ɔgyina Asubɔnten Nil ho. 2 Ɔhuu sɛ anantwie nson a wɔn ho yɛ fɛ na wɔadɔre sradeɛ apue afiri asubɔnten no mu, na na wɔrewe serɛ a ɛwɔ Nil ho no.+ 3 Ɔsan huu anantwie nson foforɔ a wɔn ho yɛ tan na wɔafomfɔn sɛ wɔfiri Nil no mu apue, na wɔbɛgyinagyinaa anantwie a wɔadɔre sradeɛ no nkyɛn wɔ Nil no ho. 4 Afei anantwie a wɔn ho yɛ tan na wɔafomfɔn no wee anantwie nson a wɔn ho yɛ fɛ na wɔadɔre sradeɛ no. Ɛhɔ ara na Farao ani teeɛ.
5 Ɔsan daa bio, na ɔsoo daeɛ a ɛtɔ so mmienu. Ɔhuu sɛ hwiit* mmɛtem akɛseɛ nson a ɛyɛ fɛ apuepue dua korɔ so.+ 6 Afei hwiit mmɛtem nson nteaanteaa a apueeɛ mframa ama atwintwam nso dii akyire baeɛ. 7 Na hwiit mmɛtem nteaanteaa no memenee hwiit mmɛtem akɛseɛ nson a ɛyɛ fɛ no. Afei Farao ani teeɛ, na ɔhuu sɛ ɛyɛ daeɛ.
8 Adeɛ kyee anɔpa no, na ne ho yera no. Enti ɔsoma kɔfrɛɛ Egypt akɔmfoɔ ne anyansafoɔ nyinaa baeɛ, na ɔkaa ne daeɛ no kyerɛɛ wɔn. Nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ Farao daeɛ no ase.
9 Ɛhɔ na nsahyɛfoɔ panin no ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Mɛka me bɔne nnɛ. 10 Berɛ bi Farao bo fuu ne nkoa, enti ɔde me ne paanootofoɔ panin no nyinaa kɔguu afiase wɔ awɛmfoɔ so panin no fie.+ 11 Afei da bi anadwo yɛn mmienu nyinaa sosoo daeɛ. Ná ɛsono obiara daeɛ ne ne nkyerɛaseɛ.+ 12 Saa berɛ no, na yɛne Hebrini aberanteɛ bi a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin+ no akoa na ɛwɔ hɔ. Berɛ a yɛkaa yɛn daeɛ no kyerɛɛ no no,+ ɔkyerɛɛ obiara deɛ ase sɛdeɛ ɛteɛ. 13 Deɛ ɔkaeɛ no baa mu pɛpɛɛpɛ. Me nsa kaa me diberɛ bio, nanso ɔbarima baako no deɛ, wɔsɛn no.”+
14 Enti Farao somaa sɛ wɔnkɔyi Yosef+ mfiri afiase* mmra, na ntɛm ara wɔkɔfaa no baeɛ.+ Ɔyii n’abɔdwesɛ,* na ɔsesaa n’ataadeɛ, ɛnna ɔkɔɔ Farao anim. 15 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Maso daeɛ bi, nanso obiara ntumi nkyerɛ aseɛ. Na mate wo nka sɛ wo deɛ, wotumi kyerɛ daeɛ ase.”+ 16 Ɛnna Yosef buaa Farao sɛ: “Me deɛ, mene hwan? Onyankopɔn na ɔbɛka asɛmpa akyerɛ Farao.”+
17 Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Mesoo daeɛ no, na megyina Asubɔnten Nil ho. 18 Na mehuu sɛ anantwie nson a wɔn ho yɛ fɛ na wɔadɔre sradeɛ apue afiri Nil no mu, na na wɔrewe serɛ a ɛwɔ Nil ho no.+ 19 Afei mesan huu anantwie nson foforɔ a wɔn ho yɛ tan na wɔafomfɔn ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ sɛ wɔabɛgyinagyina hɔ. Menhuu anantwie a wɔn ho yɛ tan saa da wɔ Egypt asaase so baabiara. 20 Na anantwie a wɔafomfɔn na wɔn ho yɛ tan no wee anantwie nson a wɔadɔre sradeɛ no. 21 Nanso wɔwee wɔn wieeɛ no, na wonhu mpo sɛ biribi akɔ wɔn yafunu mu, ɛfiri sɛ na wɔn ho da so ara yɛ tan. Afei m’ani teeɛ.
22 “Ɛno akyi no, mesan soo daeɛ huu sɛ hwiit mmɛtem akɛseɛ nson a ɛyɛ fɛ apuepue dua korɔ so.+ 23 Afei hwiit mmɛtem nson nteaanteaa a atwintwam a apueeɛ mframa atwe mu nsuo nso baeɛ. 24 Na hwiit mmɛtem nteaanteaa no memenee hwiit mmɛtem nson a ɛyɛ fɛ no. Mekaa weinom nyinaa kyerɛɛ akɔmfoɔ no,+ nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ me aseɛ.”+
25 Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Farao daeɛ no nyinaa yɛ asɛm korɔ. Deɛ nokorɛ Nyankopɔn no rebɛyɛ na waka akyerɛ Farao.+ 26 Anantwie nson a wɔn ho yɛ fɛ no yɛ mfeɛ nson, na hwiit mmɛtem nson a ɛyɛ fɛ no nso yɛ mfeɛ nson. Daeɛ no nyinaa yɛ asɛm korɔ. 27 Anantwie nson a wɔafomfɔn na wɔn ho yɛ tan no yɛ mfeɛ nson, na hwiit mmɛtem a ammɔ yie na apueeɛ mframa atwe mu nsuo no nso yɛ mfeɛ nson a ɛkɔm bɛba. 28 Sɛdeɛ maka akyerɛ Farao no, deɛ nokorɛ Nyankopɔn no bɛyɛ na wayi akyerɛ Farao.
29 “Mfeɛ nson reba a aduane bɛbu so wɔ Egypt asaase so baabiara. 30 Nanso ɛno akyi no ɛkɔm bɛba mfeɛ nson, na nnipa renkae mpo sɛ aduane abu so wɔ Egypt asaase so pɛn. Wei bɛyɛ ɛkɔm fitaa a ɛbɛka asaase no nyinaa.+ 31 Na ɛkɔm a ɛbɛba no ano den nti, biribiara nni hɔ a ɛbɛkyerɛ sɛ aduane abu so pɛn wɔ asaase no so. 32 Na daeɛ no a Farao soo no mprenu no kyerɛ sɛ nokorɛ Nyankopɔn no asi asɛm no so dua, na ɛrenkyɛ nokorɛ Nyankopɔn no bɛyɛ deɛ waka no.
33 “Enti ma Farao nhwehwɛ barima a n’adwenem da hɔ a ɔnim nyansa, na ɔnyɛ Egypt asaase so panin. 34 Afei ma Farao nyiyi ahwɛfoɔ wɔ asaase no nyinaa so, na aduane biara a ɛbɛba Egypt asaase so no, wɔnnyegye nkyɛmu nnum mu baako berɛ a aduane abu so mfeɛ nson no.+ 35 Na sɛ saa mmerɛ pa no ba a, ma wɔnnyegye aduane a ɛbɛba biara na wɔmmoaboa ano mma Farao, na wɔnkora so wɔ nkuro akɛseɛ mu mmɔ ho ban.+ 36 Sɛ ɛkɔm a ɛbɛba Egypt asaase so mfeɛ nson no ba a, ma wɔmfa aduane a wɔde asie no mma ɔmanfoɔ, na ɛkɔm no ampepa wɔn amfiri asaase no so.”+
37 Farao ne n’ahemfie mpanimfoɔ nyinaa ani gyee asɛm no ho. 38 Enti Farao bisaa n’ahemfie mpanimfoɔ no sɛ: “Onipa bɛn na yɛbɛnya no te sɛ wei a Onyankopɔn honhom wɔ ne so?” 39 Afei Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Sɛ Onyankopɔn ama woahunu weinom nyinaa a, ɛnneɛ obi foforɔ biara nni hɔ a n’adwenem da hɔ na ɔnim nyansa sɛ wo. 40 Wo na wobɛhwɛ me fie so, na me manfoɔ nyinaa bɛtie wo wɔ biribiara mu.+ Adwa a mete so yi nko ara na mede bɛsene wo.” 41 Na Farao san ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Hwɛ, mereyɛ wo Egypt asaase nyinaa so panin.”+ 42 Afei Farao yii ahyɛnsodeɛ kawa firii ne nsa de hyɛɛ Yosef nsa, na ɔde ataadeɛ a wɔde nwera pa ayɛ hyɛɛ no, ɛnna ɔde sika kɔkɔɔ kɔnmuadeɛ too ne kɔn mu. 43 Ɛno akyi no, ɔmaa no tenaa ɔhene teaseɛnam a ɛtɔ so mmienu mu, na nkurɔfoɔ teaam dii n’anim sɛ “Awrek!”* Enti ɔyɛɛ no Egypt asaase nyinaa so panin.
44 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef bio sɛ: “Mene Farao, nanso wommaa kwan a, obiara rentumi nyɛ biribiara* wɔ Egypt asaase so baabiara.”+ 45 Akyire yi, Farao too Yosef din Safenat-Panea, na ɔde Asenat+ maa no awareɛ. Asenat yɛ On* sɔfoɔ Potifera babaa. Yosef firii aseɛ hwɛɛ nneɛma so wɔ* Egypt asaase so.+ 46 Berɛ a Yosef baa Egypt hene Farao anim* no, na wadi mfeɛ 30.+
Afei Yosef firii Farao anim kɔkyinkyinii Egypt asaase no so nyinaa. 47 Na mfeɛ nson a ɔkaa sɛ aduane bɛba no, asaase no maa nnɔbaeɛ bebree. 48 Aduane a ɛbaa Egypt asaase so mfeɛ nson no, ɔboaboaa ne nyinaa ano, na wɔkoraa so wɔ nkuro akɛseɛ mu. Nnɔbaeɛ a wɔnya firii afuo biara mu no, ɔkoraa so wɔ kuro kɛseɛ a ɛbɛn hɔ mu. 49 Yosef boaboaa aduane ano ara maa ne dodoɔ yɛɛ sɛ mpoano anwea. Ɛduruu baabi no, wɔankari bio, ɛfiri sɛ na wɔntumi mmu ano.
50 Ansa na ɛkɔm no reba no, Yosef ne On* sɔfoɔ Potifera babaa Asenat woo mma mmarima mmienu.+ 51 Yosef too ne ba panin no din Manase,*+ ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ, “Onyankopɔn ama me werɛ afi m’amanehunu ne me papa fie nyinaa.” 52 Na ɔfrɛɛ deɛ ɔtɔ so mmienu no Efraim,*+ ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ, “Onyankopɔn ama m’ase atrɛ wɔ asaase a mabrɛ wɔ so no so.”+
53 Afei mfeɛ nson a aduane buu so wɔ Egypt asaase so no baa awieeɛ,+ 54 na ɛkɔm a Yosef kaa sɛ ɛbɛba mfeɛ nson no firii aseɛ.+ Ɛkɔm no baa nsaase nyinaa so, nanso na aduane* wɔ Egypt asaase so baabiara.+ 55 Nkakrankakra ɛkɔm no duruu Egypt asaase nyinaa so, na nkurɔfoɔ su guu Farao so sɛ ɔmma wɔn aduane.*+ Ɛnna Farao ka kyerɛɛ Egyptfoɔ nyinaa sɛ: “Monkɔ Yosef nkyɛn. Deɛ ɔbɛka akyerɛ mo biara, monyɛ.”+ 56 Ɛkɔm no kɔɔ so yɛɛ kɛse wɔ asaase nyinaa so.+ Berɛ a ɛkɔm no mu yɛɛ den wɔ Egypt asaase so no, Yosef buebuee adan a wɔkora aduane wom no nyinaa, na ɔtɔn aduane maa Egyptfoɔ no.+ 57 Afei nnipa firi aman nyinaa mu baa Egypt bɛtɔɔ aduane firii Yosef hɔ, ɛfiri sɛ na ɛkɔm no mu ayɛ den wɔ asaase nyinaa so.+
42 Berɛ a Yakob tee sɛ aduane* wɔ Egypt no,+ ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: “Adɛn na motete hɔ na obiara rehwɛ ne yɔnko anim yi?” 2 Na ɔtoaa so sɛ: “Mate sɛ aduane wɔ Egypt. Monkɔ hɔ nkɔtɔ bi mmra sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtena ase, anyɛ saa a yɛbɛwuwu.”+ 3 Enti Yosef nuanom du+ siim kɔɔ Egypt sɛ wɔrekɔtɔ aduane. 4 Nanso Yosef nua Benyamin+ deɛ, Yakob amma no ankɔ bi, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: “Anhwɛ a, na asiane bi akɔto no.”+
5 Enti Israel mma no kɔɔ Egypt sɛ wɔrekɔtɔ aduane, na wɔne ebinom boom kɔeɛ, ɛfiri sɛ na ɛkɔm no aduru Kaanan asaase so.+ 6 Ná Yosef ne asaase no so panin.+ Ɔno na na ɔtɔn aduane ma asaase sofoɔ nyinaa.+ Enti Yosef nuanom ba bɛkotoo no de wɔn anim butubutuu fam.+ 7 Berɛ a Yosef ani bɔɔ ne nuanom so no, ntɛm ara na ɔhuu wɔn, nanso wamma wɔanhu nipa ko a ɔyɛ.+ Enti ɔpoopoo n’ani kyerɛɛ wɔn bisaa wɔn sɛ: “Ɛhe na mofiri?” Ɛnna wɔbuaa sɛ: “Yɛfiri Kaanan asaase so, na yɛrebɛtɔ aduane.”+
8 Yosef huu ne nuanom, nanso wɔn deɛ, wɔanhu no. 9 Ɛhɔ ara na Yosef kaee daeɛ a ɔso faa wɔn ho no,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moyɛ akwansrafoɔ!* Moaba asaase yi so sɛ morebɛhwɛ baabi a mofa a, mobɛnya yɛn!”* 10 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura, ɛnte saa; mmom wo nkoa aba sɛ wɔrebɛtɔ aduane. 11 Yɛn nyinaa yɛ papa baako mma. Yɛnyɛ nnipabɔnefoɔ. Wo nkoa nyɛ akwansrafoɔ.” 12 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moboa! Moaba asaase yi so sɛ morebɛhwɛ baabi a mofa a, mobɛnya yɛn!” 13 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Wo nkoa yɛ anuanom 12.+ Yɛyɛ papa baako mma,+ na ɔwɔ Kaanan asaase so; yɛn nua kumaa no wɔ yɛn papa nkyɛn,+ na deɛ ɔka ho no nni hɔ bio.”+
14 Nanso Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛno ara na maka no, ‘Moyɛ akwansrafoɔ!’ 15 Deɛ mede bɛsɔ mo ahwɛ nie: Farao te ase yi, moremfiri ha nkɔ gye sɛ mo nua kumaa no aba ha.+ 16 Momma mo mu baako nkɔfa mo nua no mmra; mo a moaka no deɛ, merennyaa mo. Ɛno na yɛde bɛhu sɛ deɛ moreka no yɛ nokorɛ anaa. Anyɛ saa a, ɛnneɛ Farao te ase yi, yɛbɛbu mo akwansrafoɔ.” 17 Ɛnna ɔde wɔn nyinaa guu afiase nnansa.
18 Ne nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mesuro Onyankopɔn, enti mepɛ sɛ moyɛ wei na moanya mo tiri adidi mu. 19 Sɛ monyɛ nnipabɔnefoɔ a, momma mo mu baako nka afiase ha, na mo a moaka no mfa aduane nkɔma mo fiefoɔ a wɔredi kɔm no.+ 20 Mokɔ a, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me na menhu sɛ asɛm a moaka no yɛ nokorɛ, na moanwu.” Na wɔyɛɛ no saa.
21 Afei wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Ampa ara, deɛ yɛde yɛɛ yɛn nua no ho asotwe na ɛreba yɛn so yi,+ ɛfiri sɛ yɛhuu sɛ ɔwɔ ahoyera mu,* nanso berɛ a ɔsrɛɛ sɛ yɛnhu no mmɔbɔ no yɛantie. Ɛno nti na yɛrehunu amane yi.” 22 Ɛnna Ruben ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Manka ankyerɛ mo sɛ monnyɛ abɔfra no bɔne, ɛnna moantie?+ Ne mogya ho akonta na afei yɛrebuo yi.”+ 23 Nanso na wɔnnim sɛ Yosef te deɛ wɔreka no nyinaa, ɛfiri sɛ sɛ wɔne no kasa a, obi na ɔkyerɛ aseɛ ma no. 24 Ɛnna ɔfirii wɔn nkyɛn kɔsuiɛ.+ Berɛ a ɔsan ba ne wɔn bɛkasaeɛ no, ɔyii Simeon firii wɔn mu+ na ɔkyekyeree no wɔ wɔn anim.+ 25 Afei Yosef kaa sɛ n’asomfoɔ no mfa aduane nhyɛ obiara kotokuo ma, wɔmfa obiara sika nhyɛ ne kotokuo mu, na wɔmma wɔn akwansoduane. Na wɔyɛɛ saa maa wɔn.
26 Enti wɔhyehyɛɛ aduane no wɔ wɔn mfunumu so, na wɔfirii hɔ kɔeɛ. 27 Berɛ a wɔduruu ahomegyebea a wɔn mu baako sanee ne kotokuo sɛ ɔrema n’afunumu aduane no, ɔhuu sɛ ne sika no hyɛ ne kotokuo mu. 28 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Wɔde me sika asan ama me; monhwɛ sɛ ɛhyɛ me kotokuo mu!” Afei wɔn akoma tuiɛ, na wɔde ahopopoɔ ka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Ɛdeɛn na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?”
29 Berɛ a wɔkɔduruu wɔn papa Yakob nkyɛn wɔ Kaanan asaase so no, wɔkaa deɛ ɛtoo wɔn nyinaa kyerɛɛ no sɛ: 30 “Ɔpanin a ɔhwɛ asaase no so no poopoo n’ani kyerɛɛ yɛn,+ na ɔbɔɔ yɛn soboɔ sɛ yɛyɛ akwansrafoɔ a yɛrebɛhwehwɛ asaase no so. 31 Nanso yɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Yɛnyɛ nnipabɔnefoɔ, na yɛnyɛ akwansrafoɔ.+ 32 Yɛkaa sɛ yɛyɛ anuanom 12+ a yɛfiri papa baako. Baako nni hɔ bio,+ na seesei, kumaa no wɔ yɛn papa nkyɛn wɔ Kaanan asaase so.’+ 33 Ɛnna ɔpanin a ɔhwɛ asaase no so no ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Deɛ ɛbɛma mahu sɛ monyɛ nnipabɔnefoɔ no, monnya mo mu baako wɔ me nkyɛn,+ na mo a moaka no mfa biribi nkɔma mo fiefoɔ a wɔredi kɔm no.+ 34 Na momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me na menhu sɛ ampa monyɛ akwansrafoɔ na mmom moyɛ nnipa pa. Afei mede mo nua no bɛsan ama mo, na mobɛtumi atɔ deɛ mopɛ biara wɔ asaase yi so.’”
35 Wɔhwiee wɔn kotokuo mu nneɛma no, wɔnkɔhwɛ a, obiara sika bɔtɔ hyɛ ne kotokuo mu. Berɛ a wɔne wɔn papa nyinaa huu sika no, wɔbɔɔ hu. 36 Na wɔn papa Yakob teaam sɛ: “Moama adeɛ atɔ m’ani!+ Yosef nni hɔ,+ Simeon nni hɔ,+ na morebɛfa Benyamin nso akɔ! Me so na wei nyinaa aba!” 37 Afei Ruben ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Sɛ mansan amfa no ammrɛ wo a, wotumi kum me mma mmienu.+ Fa no hyɛ me nsa, na mɛhwɛ de no abrɛ wo.”+ 38 Nanso ɔkaa sɛ: “Meremma momfa me ba no nkɔ, ɛfiri sɛ ne nua awu ama no aka ɔno nko ara.+ Sɛ asiane bi kɔto no kwan so a, mobɛma madi awerɛhoɔ+ ara kɔsi sɛ mede me tiri so dwene bɛkɔ Adamena* mu.”+
43 Afei ɛkɔm no mu yɛɛ den wɔ asaase no so.+ 2 Enti berɛ a aduane a wɔde firi Egypt baeɛ no saeɛ no,+ wɔn papa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsan nkɔtɔ aduane kakra mmra.” 3 Ɛnna Yuda ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbarima no kaa no aniberɛ so kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Sɛ moamfa mo nua no amma a, monhwɛ na moansi m’anim bio.’+ 4 Enti sɛ wobɛma yɛne yɛn nua no akɔ a, ɛnneɛ yɛbɛkɔ akɔtɔ aduane no abrɛ wo. 5 Na sɛ woamma yɛamfa no ankɔ a, ɛnneɛ yɛrensan nkɔ, ɛfiri sɛ ɔbarima no ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Mo nua no nka mo ho a, monhwɛ na moansi m’anim bio.’”+ 6 Na Israel+ bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moakɔfa ɔhaw aba me so saa? Ɛyɛɛ dɛn na moka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ mowɔ nua bi wɔ hɔ?” 7 Wɔbuaa sɛ: “Ɔbarima no ara na ɔbisaa yɛn abusua ho asɛm sɛ, ‘Mo papa da so te ase? Mowɔ nua foforɔ bi?’ Ɛnna yɛn nso yɛmaa no ɛho mmuaeɛ.+ Anka yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ ɔbɛka sɛ, ‘Monkɔfa mo nua no mmra’?”+
8 Ɛnna Yuda ka kyerɛɛ ne papa Israel sɛ: “Ma memfa abɔfra no nkɔ,+ na yɛne wo ne yɛn mma+ atena ase, anyɛ saa a yɛbɛwuwu.+ 9 Mɛdi no agyinamu.+ Sɛ biribi to no a, bisa no me nsam. Sɛ mamfa no ammrɛ wo a, mɛdi fɔ wɔ w’anim afebɔɔ. 10 Sɛ yɛkɔeɛ a, anka saa berɛ yi yɛakɔ aba mprenu.”
11 Ɛnna wɔn papa Israel ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ saa na ɛteɛ a, ɛnneɛ deɛ monyɛ nie: Momfa asaase yi so nneɛma pa no bi ngu mo nkotokuo mu mfa nkɔma ɔbarima no:+ balsam+ aduhwam kakra, ɛwoɔ kakra, labdanum aduhwam, dua abena,*+ nkateɛ, ne aborɔfo nkateɛ. 12 Sika a mode rekɔ no, monyɛ no mmɔho, na momfa sika a wɔde hyehyɛɛ mo nkotokuo mu no nsan nka ho nkɔ;+ ebia ɛfaa wɔn ani so. 13 Momfa mo nua no na monsan nkɔhu ɔbarima no. 14 Adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn mma ɔbarima no nhu mo mmɔbɔ na ɔnnyaa mo nua no nka Benyamin ho mma mo. Nanso ɛba sɛ hwere ara na mɛhwere me mma no nso a, ɛnneɛ hwee nni hɔ a mɛtumi ayɛ!”+
15 Enti mmarima no faa akyɛdeɛ no ne sika no mmɔho, na wɔde Benyamin kaa wɔn ho siim kɔɔ Egypt, na wɔsan kɔgyinaa Yosef anim.+ 16 Berɛ a Yosef huu sɛ Benyamin ka wɔn ho ara pɛ na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhwɛ ne fie so no sɛ: “Fa mmarima yi kɔ fie na kum mmoa no bi yɛ aduane, na me ne wɔn bɛdidi awia yi.” 17 Ntɛm ara na ɔbarima no de wɔn kɔɔ Yosef fie sɛdeɛ Yosef kaeɛ no.+ 18 Berɛ a wɔde mmarima no kɔɔ Yosef fie no, wɔbɔɔ hu na wɔkaa sɛ: “Sika a wɔde hyehyɛɛ yɛn nkotokuo mu no nti na wɔde yɛn aba ha yi. Wɔrebɛkye yɛn de yɛn ayɛ nkoa na wɔafa yɛn mfunumu no!”+
19 Enti berɛ a wɔduruu fie no kwan ano no, wɔtwe bɛn barima a ɔhwɛ Yosef fie so no, na wɔne no kasaeɛ. 20 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛsrɛ wo, yɛn wura! Yɛbaa ha bɛtɔɔ aduane.+ 21 Nanso berɛ a yɛkɔduruu ahomegyebea a yɛsanee yɛn nkotokuo no, yɛhuu sɛ obiara sika hyɛ ne kotokuo mu sɛdeɛ ne dodoɔ te pɛpɛɛpɛ.+ Enti yɛasan de aba. 22 Yɛnnim onii ko a ɔde sika no hyehyɛɛ yɛn nkotokuo mu. Na yɛde sika foforɔ aba rebɛtɔ aduane.”+ 23 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ hwee; monnsuro. Mo Nyankopɔn ne mo papa Nyankopɔn na wama mo ademudeɛ wɔ mo nkotokuo mu. Me nsam na mo sika no dii kan baeɛ.” Afei ɔkɔyii Simeon brɛɛ wɔn.+
24 Ɛnna ɔbarima no de wɔn wuraa Yosef fie no mu, na ɔmaa wɔn nsuo hohoroo wɔn nan ho. Afei ɔmaa wɔn mfunumu no aduane. 25 Na wɔyiyii wɔn akyɛdeɛ no+ sɛ Yosef ba awia no a wɔde bɛma no, ɛfiri sɛ na wɔate sɛ wɔbɛdidi wɔ hɔ.+ 26 Berɛ a Yosef baa fie hɔ no, wɔde nneɛma a wɔde brɛɛ no no maa no, na wɔde wɔn anim butubutuu fam wɔ n’anim.+ 27 Afei ɔbisaa sɛdeɛ wɔn ho teɛ, na ɔkaa sɛ: “Mo papa akɔkoraa a mokaa ne ho asɛm no ho te sɛn? Ɔda so te ase?”+ 28 Wɔbuaa sɛ: “Yɛn papa, w’akoa da so te ase na ne ho yɛ.” Afei wɔbɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butubutuu fam.+
29 Berɛ a ɔmaa n’ani so huu ne nua Benyamin, ne maame ba no,+ ɔkaa sɛ: “Mo nua kumaa a mokaa ne ho asɛm kyerɛɛ me no nie anaa?”+ Na ɔtoaa so sɛ: “Me ba, Onyankopɔn nhyira wo.” 30 Afei, Yosef yɛɛ ntɛm pueeɛ, ɛfiri sɛ ne nua no nti, na ɔyɛ ne ho hwee a ɛnyɛ yie, enti na ɔrepɛ baabi akɔsu, na ɔkɔhyɛɛ dan mu sui.+ 31 Ɔwieeɛ no, ɔhohoroo n’anim baeɛ; afei deɛ na watumi ahyɛ ne ho so. Ɔkaa sɛ: “Momfa aduane no mmra.” 32 Wɔde ɔno nko ara deɛ sii n’anim, na wɔde ne nuanom deɛ sisii wɔn anim, ɛnna wɔde Egyptfoɔ a wɔne no redidi no nso deɛ sisii wɔn anim. Ná Egyptfoɔ no rentumi ne Hebrifoɔ no nto nsa nnidi, ɛfiri sɛ na ɛyɛ Egyptfoɔ akyiwadeɛ.+
33 Ne nuanom tenatenaa* n’anim nnidisoɔ nnidisoɔ firi panin so+ kɔsi kumaa so, na obiara hwɛɛ ne yɔnko anim a wɔnhunu deɛ wɔnka. 34 Ɛwom ara a, na wama wɔayi ne pono so aduane no bi de akɔma wɔn, na ɔmaa Benyamin deɛ no dɔɔso senee wɔn a wɔaka no deɛ mmɔho nnum.+ Na wɔne no didi nom kɔsii sɛ wɔmeeɛ.
44 Akyire yi, ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhwɛ ne fie so no sɛ: “Fa aduane a mmarima no mu biara bɛtumi asoa gu ne kotokuo mu na fa obiara sika hyɛ mu.+ 2 Kumaa no deɛ, fa me dwetɛ kuruwa no hyɛ ne kotokuo mu, na fa aduane no sika ka ho.” Na ɔyɛɛ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no.
3 Adeɛ kyee a animu teteeɛ no, wɔgyaa mmarima no kwan maa wɔne wɔn mfunumu kɔeɛ. 4 Berɛ a wɔfirii kuro no mu no, wɔannuru baabiara na Yosef ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhwɛ ne fie so no sɛ: “Sɔre! Ti mmarima no na kɔbisa wɔn sɛ, ‘Adɛn nti na mode bɔne atua papa so ka? 5 Adeɛ a me wura nom mu na ɔhwɛ mu hu wiem nsɛm na moafa yi? Moayɛ bɔne kɛseɛ.’”
6 Enti ɔkɔtoo wɔn kaa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn. 7 Nanso wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na me wura reka asɛm a ɛte saa? Ɛmpare wo nkoa sɛ yɛbɛyɛ saa. 8 Hwɛ, sika a yɛhuu no yɛn nkotokuo mu no yɛsan de firii Kaanan asaase so brɛɛ wo.+ Enti ɛbɛyɛ dɛn na yɛawia dwetɛ anaa sika kɔkɔɔ wɔ wo wura fie? 9 Wo nkoa yi mu biara a wobɛhu wɔ ne nkyɛn no, ma no nwu, na ma yɛn a yɛaka no nyɛ me wura nkoa.” 10 Enti ɔkaa sɛ: “Momma yɛnyɛ no sɛdeɛ moaka no. Deɛ yɛbɛhu wɔ ne nkyɛn no bɛyɛ m’akoa, na mo a moaka deɛ, mo ho sɔnn.” 11 Ntɛm ara na obiara yii ne kotokuo too fam, na wɔsanesanee ano. 12 Na ɔtoo ne bo ase hwehwɛɛ obiara deɛ mu. Ɔde firi panin so kɔsii kumaa so. Ɛwiee aseɛ no, ɔhuu kuruwa no wɔ Benyamin kotokuo mu.+
13 Ɛnna wɔsunsuanee wɔn ntaadeɛ mu, na obiara maa n’adesoa so too n’afunumu so, na wɔsan wɔn akyi kɔɔ kuro no mu. 14 Berɛ a Yuda+ ne ne nuanom kɔɔ Yosef fie no, na ɔda so wɔ hɔ; na wɔde wɔn anim butubutuu fam wɔ n’anim.+ 15 Afei Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛdeɛn na moayɛ yi? Monnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nim wiem anaa?”+ 16 Ɛnna Yuda kaa sɛ: “Asɛm bɛn ara na yɛbɛtumi aka akyerɛ me wura? Na deɛn koraa na yɛbɛka? Ɛbɛyɛ dɛn na yɛadi bem? Nokorɛ Nyankopɔn no ama wo nkoa bɔne ada adi.+ Seesei yɛabɛyɛ me wura nkoa; yɛne deɛ wɔhuu kuruwa no wɔ ne nkyɛn no nyinaa!” 17 Ɛnna ɔno nso kaa sɛ: “Ɛmpare me sɛ mɛyɛ saa! Deɛ yɛhuu kuruwa no wɔ ne nkyɛn no, ɔno na ɔbɛyɛ m’akoa.+ Mo a moaka no mfa asomdwoeɛ nkɔ mo papa nkyɛn.”
18 Afei Yuda twe bɛn no kaa sɛ: “Me wura, mesrɛ wo, ma w’akoa nkasa na tie, na mma wo bo mmfu w’akoa, ɛfiri sɛ wote sɛ Farao.+ 19 Me wura bisaa ne nkoa sɛ, ‘Mowɔ papa anaa nua foforɔ bi?’ 20 Ɛnna yɛbuaa me wura sɛ, ‘Yɛn papa akɔkoraa ne ne ba a ɔwoo no ne nkɔkoraaberɛ mu wɔ hɔ; ɔno ne kumaa koraa.+ Nanso ne nua a ɔne no firi maame baako+ awu agya no,+ enti aka ɔno nko ara, na ne papa dɔ no.’ 21 Ɛnna woka kyerɛɛ wo nkoa sɛ, ‘Monkɔfa no mmra na menhu no.’+ 22 Na yɛka kyerɛɛ me wura sɛ, ‘Abɔfra no ntumi mfiri ne papa nkyɛn. Sɛ ɔfiri ne nkyɛn a, owuo na ne papa bɛwuo.’+ 23 Na woka kyerɛɛ wo nkoa sɛ, ‘Sɛ mo nua kumaa no ne mo amma a, monnsi m’anim bio.’+
24 “Enti yɛkɔɔ w’akoa, me papa nkyɛn kɔkaa me wura asɛm no kyerɛɛ no. 25 Akyire yi, yɛn papa kaa sɛ, ‘Monsan nkɔtɔ aduane kakra mmra.’+ 26 Nanso yɛkaa sɛ: ‘Yɛrentumi nsan nkɔ, gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho, ɛfiri sɛ sɛ yɛn nua kumaa no nka yɛn ho a, yɛrentumi nkɔ ɔbarima no anim.’+ 27 Afei w’akoa, me papa ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Mo ara monim sɛ me ne me yere woo mmɔfra mmienu pɛ.+ 28 Akyire yi, baako firii me nkyɛn na mekaa sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ aboa bi atete ne mu pasaa!”+ na manhu no bio de bɛsi nnɛ. 29 Na sɛ mode wei nso firi me nkyɛn kɔ na sɛ asiane bi kɔto no a, mobɛma madi awerɛhoɔ+ ara kɔsi sɛ mede me tiri so dwene bɛkɔ Adamena* mu.’+
30 “Na sɛ ɛba sɛ mesan kɔ w’akoa, me papa nkyɛn na abɔfra no nka yɛn ho a, sɛdeɛ n’akoma da ne so* no, 31 sɛ ɔnya hu sɛ abɔfra no nka yɛn ho a, ɔbɛwu, na ampa ara wo nkoa bɛma w’akoa, yɛn papa adi awerɛhoɔ ara kɔsi sɛ ɔde ne tiri so dwene bɛkɔ Adamena* mu. 32 Berɛ a abɔfra no refiri ne papa nkyɛn no, w’akoa dii no agyinamu sɛ, ‘Sɛ mamfa no ammrɛ wo a, mɛdi fɔ wɔ w’anim daa.’+ 33 Enti mesrɛ wo, ma me mmom menka ha na menyɛ me wura akoa, na ma abɔfra no ne ne nuanom nkɔ. 34 Sɛ abɔfra no nka me ho a, mɛyɛ dɛn akɔ me papa anim? Merentumi nhwɛ me papa amanehunu saa!”
45 Afei deɛ na Yosef ntumi nhyɛ ne ho so bio wɔ n’asomfoɔ no nyinaa anim.+ Enti ɔteaam sɛ: “Momma obiara mfiri me nkyɛn!” Obiara firii Yosef nkyɛn ansa na ɔreda ne ho adi akyerɛ ne nuanom.+
2 Ɛnna ɔmaa ne nne so suu dendeenden, na Egyptfoɔ ne wɔn a wɔwɔ Farao fie mpo teeɛ. 3 Afei Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Mene Yosef. Me papa da so te ase anaa?” Nanso ne nuanom antumi ankasa, ɛfiri sɛ na asɛm no atɔ wɔn so. 4 Enti Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Montwe mmɛn me.” Na wɔbɛn no.
Afei ɔkaa sɛ: “Mene mo nua Yosef a motɔn no baa Egypt no.+ 5 Nanso mommma no nnha mo, na mommma obiara mmmɔ ne yɔnko soboɔ sɛ motɔn me baa ha, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa me dii mo anim sɛ memmɛkora nkwa so.+ 6 Mfeɛ mmienu nie a ɛkɔm no baa asaase yi so,+ na asan aka mfeɛ nnum a obiara rentumi nnɔ* anaa ɔntwa. 7 Onyankopɔn na ɔsomaa me dii mo anim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔde nkwagyeɛ kɛseɛ bɛkora mo so+ wɔ asaase so, na mo ase anhye.* 8 Enti ɛnyɛ mo na mode me baa ha, na mmom nokorɛ Nyankopɔn no na ɔde me baa sɛ memmɛyɛ Farao fotufoɔ panin* ne ne fie nyinaa so wura, na madi Egypt asaase nyinaa so.+
9 “Enti monyɛ ntɛm nkɔ me papa hɔ, na monka nkyerɛ no sɛ, ‘Deɛ wo ba Yosef aka nie: “Onyankopɔn de me ayɛ Egypt nyinaa so panin.+ Tu bra me nkyɛn. Ntwentwɛn wo nan ase koraa.+ 10 Bɛtena Gosen+ asaase so, na woabɛn me; wo ne wo mma, wo nananom, wo nnwan, w’anantwie, ne deɛ wowɔ nyinaa. 11 Mɛma wo aduane adi, ɛfiri sɛ aka mfeɛ nnum ansa na ɛkɔm no to atwa.+ Anyɛ saa a, ohia bɛka wo ne wo fie ne deɛ wowɔ nyinaa.”’ 12 Seesei mo ne me nua Benyamin nyinaa de mo ani ahu sɛ me ara na me ne mo rekasa yi.+ 13 Monka animuonyam a manya wɔ Egypt asaase so ne deɛ moahunu nyinaa nkyerɛ me papa. Momma mo ho nyɛ hare nkɔfa me papa mmra.”
14 Ɛnna ɔbam ne nua Benyamin na ɔsui, na Benyamin nso de ne nsa too ne kɔn mu sui.+ 15 Na ɔfee ne nuanom nyinaa ano de ne tiri too wɔn kɔn ho sui; afei ne nuanom ne no bɔɔ nkɔmmɔ.
16 Farao fiefoɔ tee sɛ nkurɔfoɔ reka sɛ: “Yosef nuanom aba!” Na Farao ne ne nkoa ani gyee asɛm no ho. 17 Enti Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Ka kyerɛ wo nuanom sɛ, ‘Monhyehyɛ nneɛma ngu mo mmoa so mfa nkɔ Kaanan asaase so, 18 na monkɔfa mo papa ne mo fiefoɔ mmra me nkyɛn. Mede Egypt asaase no so nneɛma pa bɛma mo, na asaase no fã a ɛso aba pii* no, moadidi so.’*+ 19 Na wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ:+ ‘Momfa Egypt asaase so nteaseɛnam+ nkɔfa mo mma ne mo yerenom, na momfa mo papa ntena baako mu mmra.+ 20 Monnnwene mo agyapadeɛ ho,+ ɛfiri sɛ Egypt asaase nyinaa so nneɛma pa yɛ mo dea.’”
21 Ɛnna Israel mma no yɛɛ saa, na Yosef maa wɔn nteaseɛnam sɛdeɛ Farao kaa sɛ wɔnyɛ no, na ɔmaa wɔn akwansoduane. 22 Ɔmaa obiara ataadeɛ foforɔ baako, na Benyamin deɛ, ɔmaa no nnwetɛbena 300 ne ntaadeɛ foforɔ nnum.+ 23 Deɛ ɔde soma kɔmaa ne papa nso nie: mfunumu du a wɔsoso Egypt nneɛma pa ne mfunumu abedeɛ du a wɔsoso hwiit ne paanoo ne aduane foforɔ a ne papa bɛdi wɔ kwan so. 24 Afei ɔgyaa ne nuanom kwan ma wɔsiim. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommma obiara bo mmfu ne yɔnko wɔ kwan so.”+
25 Enti wɔfirii Egypt, na nkakrankakra wɔkɔduruu wɔn papa Yakob nkyɛn wɔ Kaanan asaase so. 26 Ɛnna wɔbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Yosef da so te ase, na ɔno na ɔdi Egypt asaase nyinaa so!”+ Nanso asɛm no ampusu no,* ɛfiri sɛ wannye wɔn anni.+ 27 Afei berɛ a wɔkaa deɛ Yosef kaeɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn papa Yakob, na ɔhuu nteaseɛnam a Yosef de asoma sɛ wɔmfa mmɛfa no no, n’ani gyeeɛ.* 28 Israel teaam sɛ: “Ɛyɛ, deɛ mateɛ no ara dɔɔso! Me ba Yosef te ase ampa! Ɛsɛ sɛ mekɔhu no ansa na mawu!”+
46 Afei Israel faa deɛ ɔwɔ* nyinaa siim kɔeɛ. Berɛ a wɔduruu Beer-Seba+ no, ɔde mmoa bɔɔ afɔreɛ maa ne papa Isak Nyankopɔn.+ 2 Ɛnna Onyankopɔn ne Israel kasaa anadwo wɔ anisoadehunu mu sɛ: “Yakob, Yakob!” na ɔgyee so sɛ: “Menie!” 3 Ɔkaa sɛ: “Mene nokorɛ Nyankopɔn no, Onyankopɔn a wo papa som no no.+ Nsuro sɛ wobɛkɔ Egypt, na mɛma woayɛ ɔman kɛseɛ wɔ hɔ.+ 4 Me ara me ne wo bɛkɔ Egypt, na me ara masan de wo aba;+ Yosef na ɔde ne nsa bɛka w’ani agu so.”*+
5 Ɛno akyi no, Yakob firii Beer-Seba; Israel mma no de wɔn papa Yakob ne wɔn mma ne wɔn yerenom tenatenaa nteaseɛnam a Farao de somaa sɛ wɔmfa nkɔfa no mmra no mu. 6 Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapadeɛ a wɔnyaa no Kaanan asaase so. Enti Yakob ne n’asefoɔ nyinaa kɔduruu Egypt. 7 Ɔde ne mma mmarima, ne mma mmaa, ne nananom—n’asefoɔ nyinaa, kaa ne ho kɔɔ Egypt.
8 Israel asefoɔ a wɔkɔɔ Egypt,+ kyerɛ sɛ, Yakob ne ne mma mmarima nie: Yakob ba panin ne Ruben.+
9 Ruben mma ne Hanok, Palu, Hesron, ne Karmi.+
10 Simeon+ mma ne Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar, ne Saul+ a ɔne Kaananni baa woo no no.
11 Lewi+ mma ne Gerson, Kohat, ne Merari.+
12 Yuda+ mma ne Er, Onan, Sela,+ Peres,+ ne Sera.+ Er ne Onan deɛ, wɔwuu wɔ Kaanan asaase so.+
Peres mma ne Hesron ne Hamul.+
13 Isakar mma ne Tola, Puwa, Yob, ne Simron.+
14 Sebulon+ mma ne Sered, Elon, ne Yaleel.+
15 Weinom ne Yakob mma mmarima ne ne babaa Dina+ a ɔne Lea woo wɔn wɔ Padan-Aram no. Ne mma mmarima ne ne mma mmaa nyinaa dodoɔ* si 33.
16 Gad+ mma ne Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arod, ne Areli.+
17 Aser+ mma ne Yimnah, Yiswa, Yiswi, Beria, ne wɔn nuabaa Serah.
Beria mma ne Heber ne Malkiel.+
18 Silpa+ a Laban de no maa ne babaa Lea no, weinom ne ne mma a ɔne Yakob woeɛ: wɔn nyinaa yɛ nnipa* 16.
19 Yakob yere Rahel mma ne Yosef+ ne Benyamin.+
20 Yosef ne Asenat+ a ɔyɛ On* sɔfoɔ Potifera babaa no woo Manase+ ne Efraim+ wɔ Egypt.
21 Benyamin mma+ ne Bela, Beker, Asbel, Gera,+ Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim,+ ne Ard.+
22 Weinom ne mma a Rahel ne Yakob woeɛ. Wɔn nyinaa yɛ nnipa* 14.
24 Naftali+ mma ne Yaseel, Guni, Yeser, ne Silem.+
25 Weinom ne Bilha a Laban de no maa ne babaa Rahel no asefoɔ a ɔne Yakob woeɛ; wɔn nyinaa yɛ nnipa* nson.
26 Nnipa* a wɔfiri Yakob asene mu a wɔne no kɔɔ Egypt nyinaa yɛ 66.+ Yakob mma yerenom nka ho. 27 Yosef mma a ɔwoo wɔn wɔ Egypt yɛ mmienu.* Nnipa* a wɔfiri Yakob fie baa Egypt no nyinaa si 70.+
28 Yakob dii kan somaa Yuda+ maa no kɔbɔɔ Yosef amanneɛ sɛ n’ani kyerɛ Gosen. Berɛ a wɔkɔduruu Gosen asaase so no,+ 29 Yosef maa wɔsiesiee ne teaseɛnam, na ɔsiim kɔhyiaa ne papa Israel wɔ Gosen. Berɛ a ɔduruu ne papa nkyɛn no, ntɛm ara na ɔbam no, na ɔsuu paa. 30 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Afei a mahu w’anim sɛ wote ase yi deɛ, mewu mpo a, ɛnyɛ hwee.”
31 Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom ne ne papa fiefoɔ sɛ: “Momma menkɔbɔ Farao amanneɛ+ sɛ, ‘Me nuanom ne me papa fiefoɔ a wɔwɔ Kaanan asaase so no aba me nkyɛn.+ 32 Wɔyɛn nnwan+ ne anantwie,+ na wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne deɛ wɔwɔ nyinaa aba ha.’+ 33 Sɛ Farao frɛ mo bisa mo sɛ, ‘Adwuma bɛn na moyɛ?’ a, 34 monka sɛ, ‘Wo nkoa ne yɛn agyanom ayɛn nnwan ne anantwie afiri yɛn mmɔfraase.’+ Wei bɛma moatena Gosen asaase so,+ ɛfiri sɛ Egyptfoɔ kyiri nnwanhwɛfoɔ.”+
47 Ɛnna Yosef kɔbɔɔ Farao amanneɛ+ sɛ: “Me papa ne me nuanom de wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne deɛ wɔwɔ nyinaa firi Kaanan asaase so aba Gosen asaase so.”+ 2 Ɔfaa ne nuanom nnum de wɔn kɔɔ Farao anim.+
3 Farao bisaa ne nuanom sɛ: “Adwuma bɛn na moyɛ?” Ɛnna wɔbuaa Farao sɛ: “Wo nkoa ne yɛn agyanom yɛ nnwanhwɛfoɔ.”+ 4 Afei wɔka kyerɛɛ Farao sɛ: “Yɛaba sɛ yɛrebɛsoɛ asaase yi so,+ ɛfiri sɛ ɛkɔm no ano yɛ den wɔ Kaanan asaase so, na wo nkoa nnya aduane mma wɔn mmoa.+ Enti yɛsrɛ wo, ma wo nkoa ntena Gosen asaase so.”+ 5 Ɛnna Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Wo papa ne wo nuanom na aba wo nkyɛn. 6 Egypt asaase na ɛda w’anim yi. Ma wo papa ne wo nuanom ntena asaase no fã a ɛyɛ paa so.+ Ma wɔntena Gosen asaase so, na sɛ wonya wɔn mu bi a wɔbɔ wɔn ho mmɔden a, yi wɔn ma wɔnhwɛ me nyɛmmoa so.”
7 Afei Yosef de ne papa Yakob kɔkyerɛɛ Farao, na Yakob hyiraa Farao. 8 Farao bisaa Yakob sɛ: “Enti mfeɛ sɛn na woadie?” 9 Yakob buaa Farao sɛ: “M’akwantuo mfeɛ* yɛ 130. Ɛyɛ mfeɛ kakraa bi a ɔhaw ahyɛ mu ma,+ na ɛnnuru m’agyanom akwantuo mfeɛ.”*+ 10 Afei Yakob hyiraa Farao na ɔfirii n’anim kɔeɛ.
11 Enti Yosef maa ne papa ne ne nuanom tenaa Egypt, na sɛdeɛ Farao kaeɛ no, ɔmaa wɔn asaase no fã a ɛyɛ paa wɔ Ramese+ asaase so. 12 Na Yosef maa ne papa, ne nuanom, ne ne papa fiefoɔ nyinaa aduane;* deɛ obiara nyaeɛ gyina ne mma dodoɔ so.
13 Afei na aduane* biara nni asaase no so baabiara, ɛfiri sɛ ɛkɔm no mu yɛɛ den paa; ɛkɔm no dosaa Egypt ne Kaanan asaase sofoɔ.+ 14 Sika a ɛfiri Egypt ne Kaanan asaase so a wɔde bɛtɔɔ aduane no, Yosef gyegyee ne nyinaa,+ na Yosef de sika no kɔɔ Farao fie. 15 Ɛduruu baabi no, Egypt ne Kaanan asaase so sika saeɛ, na Egyptfoɔ nyinaa firii aseɛ baa Yosef anim bɛkaa sɛ: “Ma yɛn aduane! Adɛn nti na yɛn sika a asa nti ɛsɛ sɛ yɛwuwu w’anim?” 16 Ɛnna Yosef buaa sɛ: “Mo sika asa a, momfa mo nyɛmmoa mmra na memma mo aduane.” 17 Enti wɔde wɔn nyɛmmoa brɛɛ Yosef, na Yosef maa wɔn aduane de gyee wɔn apɔnkɔ, nnwan, anantwie, ne mfunumu; ɔmaa wɔn aduane de gyee wɔn mmoa nyinaa saa afe no.
18 Berɛ a saa afe no kɔɔ awieeɛ no, wɔfirii aseɛ baa Yosef anim afe a ɛdi hɔ no bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛremfa nsie yɛn wura; yɛn sika ne yɛn afieboa nyinaa yɛde abrɛ yɛn wura. Yɛrennya biribiara mma yɛn wura sɛ yɛn nipadua ne yɛn nsaase. 19 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛwuwu wɔ w’anim ma yɛn nsaase deda hɔ kwa? Fa aduane tɔ yɛne yɛn nsaase na yɛne yɛn nsaase mmɛyɛ Farao nkoa. Ma yɛn aba a yɛbɛdua na yɛntena nkwa mu, na yɛanwuwu amma yɛn nsaase anneda hɔ kwa.” 20 Enti Yosef tɔɔ Egyptfoɔ nsaase nyinaa de maa Farao; Egyptfoɔ nyinaa tontɔn wɔn nsaase, ɛfiri sɛ na ɛkɔm no ano yɛ den, na wɔn nsaase no bɛyɛɛ Farao dea.
21 Afei ɔmaa nnipa a wɔtete Egypt mmaa nyinaa tu kɔtenatenaa nkuro akɛseɛ mu.+ 22 Asɔfoɔ no nko ara na wantɔ wɔn nsaase,+ ɛfiri sɛ Farao na na ɔma asɔfoɔ no aduane, na deɛ Farao de maa wɔn na wɔdiiɛ. Ɛno nti na wɔantɔn wɔn nsaase no. 23 Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ: “Hwɛ, ɛnnɛ matɔ mo ne mo nsaase ama Farao. Monnye aba yi nkɔdua wɔ asaase no so. 24 Sɛ nnɔbaeɛ no ba a, monkyɛ mu nnum mfa baako mma Farao+ na nnan a aka no nyɛ mo dea, na wei mu bi na mobɛdua wɔ asaase no so na mo ne mo fiefoɔ ne mo mma nso adi bi.” 25 Na wɔkaa sɛ: “Woagye yɛn nkwa.+ Ma yɛnnya me wura anim adom na yɛnyɛ Farao nkoa.”+ 26 Ɛnna Yosef hyɛɛ mmara maa Egyptfoɔ sɛ nnɔbaeɛ no nkyɛmu nnum mu baako bɛyɛ Farao dea, na mmara no wɔ hɔ bɛsi nnɛ. Asɔfoɔ no nko ara na wɔamfa wɔn nsaase amma Farao.+
27 Israel asefoɔ tenaa Gosen+ wɔ Egypt asaase so, na wɔn ase timii wɔ hɔ, na wɔdɔre yɛɛ pii.+ 28 Yakob tenaa Egypt mfeɛ 17. Enti mfeɛ a Yakob diiɛ nyinaa yɛ 147.+
29 Afei na aka kakra ama Israel awu.+ Enti ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, fa wo nsa hyɛ me srɛ ase,* na da ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ me na di me nokorɛ. Mepa wo kyɛw, nsie me wɔ Egypt.+ 30 Sɛ mewu* a, fa me firi Egypt kɔsie me wɔ m’agyanom adamena mu.”+ Na ɔkaa sɛ: “Mɛyɛ sɛdeɛ woaka no.” 31 Na ɔkaa sɛ: “Ka me ntam.” Na ɔkaa no ntam.+ Afei Israel sii ne tiri ase wɔ mpa no atifi.+
48 Berɛ bi akyi no, wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Hwɛ, wo papa ayɛ mmerɛ.” Ɔtee saa no, ɔfaa Manase ne Efraim, ne mma mmienu no, ne wɔn kɔɔ hɔ.+ 2 Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Wo ba Yosef aba wo nkyɛn.” Enti Israel miaa n’ani sɔre tenaa ne mpa so. 3 Na Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ:
“Adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ Lus wɔ Kaanan asaase so, na ɔhyiraa me.+ 4 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mɛma w’ase atrɛ ayɛ bebree, na mɛma woabɛyɛ aman asafodɔm.+ Mede asaase yi bɛma w’asefoɔ* a wɔbɛdi w’akyi aba, na ayɛ wɔn agyapadeɛ daa.’+ 5 Hwɛ, wo mma mmienu a wowoo wɔn wɔ Egypt ansa na mereba wo nkyɛn wɔ Egypt ha no yɛ me dea.+ Efraim ne Manase bɛyɛ me ara me mma te sɛ Ruben ne Simeon.+ 6 Na mma a wobɛnya wɔ wɔn akyi no na wɔbɛyɛ wo dea. Na agyapadeɛ a wɔn nuanom mmienu no din da so no, ɛno bi na wɔbɛnya.+ 7 Me deɛ, berɛ a mefiri Padan reba no, Rahel wu too me so+ wɔ Kaanan asaase so. Ná baabi a yɛaduro no ne Efrat+ ntam twe kakra, enti mesiee no Efrat anaasɛ Betlehem+ kwan so.”
8 Afei Israel huu Yosef mma no, na ɔbisaa sɛ: “Hwannom nie?” 9 Yosef buaa ne papa sɛ: “Mma a Onyankopɔn ama manya wɔ ha nie.”+ Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mesrɛ wo, fa wɔn brɛ me na menhyira wɔn.”+ 10 Ɔnyini nti, na Israel ani so ayɛ no wisiwisi, na na ɔnhunu adeɛ yie. Enti ɔde wɔn bɛn no na ɔfee wɔn ano bam wɔn. 11 Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Mansusu da sɛ mɛhu w’anim bio,+ nanso hwɛ sɛ Onyankopɔn ama mahu w’asefoɔ* mpo aka wo ho.” 12 Afei Yosef yii wɔn firii Israel anim,* na ɔbɔɔ ne mu ase de n’anim butuu fam.
13 Ɛnna Yosef de ne nsa nifa sɔɔ Efraim+ mu gyinaa Israel benkum, na ɔde ne nsa benkum sɔɔ Manase+ mu gyinaa Israel nifa, na ɔmaa wɔn mmienu bɛn no. 14 Nanso Israel de ne nsa nifa too Efraim a ɔyɛ kumaa no mmom tiri so, na ɔde ne nsa benkum too Manase tiri so. Manase na na ɔyɛ panin,+ nanso ɔhyɛɛ da na ɔyɛɛ no saa. 15 Ɛnna ɔhyiraa Yosef kaa sɛ:+
“Nokorɛ Nyankopɔn no a m’agyanom Abraham ne Isak nantee n’anim,+
Nokorɛ Nyankopɔn no a wahwɛ me so me nkwa nna nyinaa abɛsi nnɛ;+
16 Deɛ ɔnam ne bɔfoɔ so yii me firii m’ahohia nyinaa mu no,+ ɔno na ɔnhyira mmɔfra yi.+
Ma wɔmfa me din ne m’agyanom Abraham ne Isak din nto wɔn so,
Na ma wɔnnɔre nyɛ bebree wɔ asaase so.”+
17 Berɛ a Yosef huu sɛ ne papa de ne nsa nifa ato Efraim tiri so no, n’ani annye ho, enti ɔyɛɛ sɛ ɔreyi ne papa nsa afiri Efraim tiri so de ato Manase tiri so. 18 Yosef ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Papa, nyɛ no saa, ɛfiri sɛ wei ne panin.+ Fa wo nsa nifa to ɔno mmom tiri so.” 19 Nanso ne papa antie, na ɔkaa sɛ: “Menim saa, me ba, menim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na ɔbɛyɛ kɛse. Nanso ne nua kumaa no bɛyɛ kɛse asene no,+ na n’asefoɔ* bɛyɛ sɛ aman pii.”+ 20 Enti saa da no, ɔtoaa so hyiraa wɔn+ sɛ:
“Ma Israelfoɔ mfa wo din nhyira wɔn ho nka sɛ,
‘Onyankopɔn nyɛ wo sɛ Efraim ne Manase.’”
Enti sɛ ɔhyira wɔn biara a, ɔde Efraim di Manase anim.
21 Afei Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Hwɛ, merebɛwu,+ nanso Onyankopɔn bɛka mo ho daa, na ɔde mo bɛsan akɔ mo agyanom asaase so.+ 22 Na asaase a mede me sekan ne m’agyan gye firii Amorifoɔ hɔ no, mede baako bɛka wo deɛ ho ama no ayɛ kɛse asene wo nuanom deɛ.”
49 Na Yakob frɛɛ ne mma ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommoa mo ho ano na menkyerɛ mo deɛ ɛbɛto mo wɔ awieeɛ nna no mu. 2 Yakob mma, monhyia na montie; montie mo papa Israel.
3 “Ruben,+ wone me ba panin,+ me tumi ne m’ahoɔden mfitiaseɛ; anka woyɛ ɔkɛseɛ wɔ animuonyam ne tumi mu. 4 Woanhyɛ wo ho so; wote sɛ nsuo a ɛtue waa, enti worenyɛ ɔkɛseɛ, ɛfiri sɛ woforoo wo papa mpa.+ Woguu me mpa ho fĩ saa berɛ no. Ɔforoeɛ ampa!
5 “Simeon ne Lewi yɛ anuanom.+ Wɔn sekan yɛ awudie sekan.+ 6 Me kra,* wo ne wɔn mmmɔ fekuo. M’akoma,* nkɔfra wɔn asafo mu, ɛfiri sɛ wɔn abufuo mu na wɔkunkum nnipa,+ na wɔn atirimuɔdensɛm nti wɔtwitwaa anantwie srɛ akyi ntini. 7 Nnome nka wɔn abufuo, ɛfiri sɛ na ɛboro so, ne wɔn aniberɛ, ɛfiri sɛ na ano yɛ hye.+ Mɛkyekyɛ wɔn mu wɔ Yakob mu na mabɔ wɔn ahwete Israel.+
8 “Wo Yuda+ deɛ, wo nuanom bɛkamfo wo.+ Na wo nsa bɛsɔ w’atamfo kɔn akyi.+ Wo papa mma bɛkoto w’anim.+ 9 Yuda yɛ gyata ba.+ Me ba, wobɛwe wuram nam asɔre akɔ. Ɔda hɔ twe ne mu sɛ gyata, na obi a ɔte sɛ gyata deɛ, hwan na ɔbɛpɛ ne ho asɛm akɔnyane no? 10 Ahempoma remfiri Yuda nsa,+ na tumi poma remfiri ne nan ntam, kɔsi sɛ Silo* bɛba;+ ɔno na aman bɛtie no.+ 11 Ɔde n’afunumu asã bobe dua ho, na ɔde n’afunumu ba asã bobe dua pa ho. Ɔbɛhoro n’ataadeɛ wɔ bobesa mu, ne ne ngugusoɔ wɔ bobe nsuo* mu. 12 Bobesa ama n’ani ayɛ kɔɔ, na nufosuo ama ne se ayɛ fitaa.
13 “Sebulon+ bɛtena mpoano, baabi a ahyɛn gyina,+ na ne hyeɛ a ɛwɔ akyiri no bɛtrɛ akɔ Sidon fam.+
14 “Isakar+ yɛ afunumu hoɔdenfoɔ a ɔbutu hɔ na ɔso nnesoa mmienu. 15 Ɔbɛhu sɛ tenabea hɔ yɛ na asaase no yɛ papa. Ɔbɛbɔ ne mu ase agye nnesoa na wayɛ nkoadwuma.
16 “Dan+ yɛ Israel mmusuakuo no mu baako, na ɔbɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn.+ 17 Dan bɛyɛ ɔwɔ a ɔda kwankyɛn, nanka a ɔda kwan ho. Ɔbɛka pɔnkɔ nantin ama deɛ ɔte so no abu ahwe n’akyi.+ 18 O Yehowa, wo nkwagyeɛ na m’ani da so.
19 “Gad+ deɛ, dɔm bɛto ahyɛ ne so, nanso ɔbɛtoa wɔn akɔto ahyɛ wɔn so.+
20 “Aser+ aduane* bɛdɔɔso,* na ɔbɛma nkurɔfoɔ anya aduane papa te sɛ ahemfo aduane.+
21 “Naftali+ yɛ wansane a ne ho yɛ hare. Ɔbɛka nsɛm a ɛyɛ dɛ.+
22 “Yosef+ yɛ nkorabata wɔ dua a ɛso aba ho, nsuo ho dua a ɛso aba pii; deɛ ne nkorabata tra ɔfasuo no. 23 Nanso agyantofoɔ tuu wɔn ani sii ne so, wɔtotoo agyan baa ne so, na wɔfaa ne ho tan.+ 24 Ne nyinaa akyi no, n’agyan mu anyɛ mmerɛ,+ na ne nsa a ɛyɛ den na ɛnim ko no nso, emu ango.+ Wei firi ɔhoɔdenfoɔ a ɔtaa Yakob akyi no nsam, Israel botan ne ɔhwɛfoɔ no. 25 Ɔfiri* Onyankopɔn a wo papa som no no hɔ, na ɔno na ɔbɛboa wo; ɔne adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no na ɛnam, na ɔno na ɔde ɔsoro nhyira ne subunu a ɛwɔ fam nhyira bɛhyira wo;+ ɔde nufoɔ ne yafunu mu nhyira bɛhyira wo. 26 Wo papa nhyira bɛkyɛn nhyira a ɛfiri mmepɔ ne nkokoɔ fɛfɛ a ɛtim hɔ daa so.+ Ɛbɛtena Yosef tiri so, ɛbɛtena deɛ wɔyii no firii ne nuanom mu no apampam.+
27 “Benyamin+ bɛtete n’atamfo mu te sɛ pataku.+ Anɔpa ɔbɛwe aboa a wakye no, na anwummerɛ nso ɔbɛkyɛ ɛko mu nneɛma afa.”+
28 Weinom nyinaa ne Israel mmusuakuo 12 no, na wei ne nsɛm a wɔn papa kaeɛ berɛ a ɔrehyira wɔn no. Deɛ ɛfata obiara na ɔde hyiraa no.+
29 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛrenkyɛ wɔde me bɛkɔ akɔka me nkurɔfoɔ ho.*+ Monkɔsie me nka m’agyanom ho wɔ ɔbodan a ɛwɔ Hitini Efron asaase so no mu.+ 30 Wei ne ɔbodan a ɛwɔ Makpela asaase so wɔ Mamre anim wɔ Kaanan asaase so no; ɔbodan yi na Abraham tɔ firii Hitini Efron hɔ de yɛɛ asieeɛ no. 31 Ɛhɔ na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara,+ ɛhɔ na wɔsiee Isak+ ne ne yere Rebeka, na ɛhɔ ara nso na mesiee Lea. 32 Het asefoɔ na wɔtɔn asaase no ne ɔbodan a ɛwɔ so no.”+
33 Berɛ a Yakob ne ne mma no kasa wieeɛ no, ɔmaa ne nan so guu mpa so na ɔguu ahome a ɛtwa to, na wɔde no kɔkaa ne nkurɔfoɔ ho.*+
50 Ɛnna Yosef de ne tiri too ne papa so+ suiɛ, na ɔfee n’ano. 2 Afei Yosef ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔyɛ aduyɛfoɔ no sɛ wɔnhyɛ ne papa aduro.+ Enti aduyɛfoɔ no hyɛɛ Israel aduro, 3 na sɛdeɛ na wɔyɛ no, wɔde adaduanan na ɛhyɛɛ no aduro. Na Egyptfoɔ no suu no adaduɔson.
4 Berɛ a wɔsuu no wieeɛ no, Yosef ka kyerɛɛ Farao ahemfie mpanimfoɔ sɛ: “Sɛ manya mo anim adom a, ɛnneɛ mesrɛ mo monka nkyerɛ Farao sɛ: 5 ‘Me papa ka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ, merebɛwu.+ Ka me ntam+ sɛ ɛda a mabɔ wɔ Kaanan asaase so no,+ emu na wobɛsie me.”+ Enti mesrɛ wo, ma menkɔsie me papa, na mewie a masan aba.’” 6 Farao kaa sɛ: “Kɔsie wo papa sɛdeɛ ɔmaa wokaa ntam no.”+
7 Enti Yosef siim sɛ ɔrekɔsie ne papa, na Farao nkoa nyinaa kɔgyaa no, Farao fie mpanimfoɔ+ ne Egypt asaase so mpanimfoɔ nyinaa kɔɔ bi, 8 na Yosef fiefoɔ nyinaa ne ne nuanom ne ne papa fiefoɔ ne no kɔeɛ.+ Wɔn mma nkumaa ne wɔn nnwan ne anantwie nko ara na wɔgyaa wɔn Gosen asaase so. 9 Wɔrekɔ nso, wɔde nteaseɛnam+ ne nnipa a wɔtete apɔnkɔ so kaa wɔn ho kɔeɛ, na na nnipa a wɔka ho no dɔɔso. 10 Afei wɔkɔduruu Atad ayuporobea wɔ Yordan mpɔtamu hɔ, na wɔsu bɔɔ bena dendeenden wɔ hɔ; nnanson na ɔde suu ne papa. 11 Berɛ a Kaananfoɔ a wɔte asaase no so hunuu sɛdeɛ wɔregyam no wɔ Atad ayuporobea no, wɔteaam sɛ: “Wei yɛ Egyptfoɔ ayi kɛseɛ!” Enti na wɔtoo hɔ din Abel-Misraim;* ɛwɔ Yordan mpɔtamu.
12 Enti ne mma no yɛɛ deɛ ɔkaa sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ.+ 13 Ne mma no de no kɔɔ Kaanan asaase so kɔsiee no ɔbodan mu wɔ Makpela asaase so wɔ Mamre anim. Asaase yi na Abraham tɔ firii Hitini Efron hɔ de yɛɛ asieeɛ no.+ 14 Yosef siee ne papa wieeɛ no, ɔne ne nuanom ne wɔn a ɔne wɔn kɔsiee ne papa no nyinaa san baa Egypt.
15 Berɛ a Yosef nuanom huu sɛ afei wɔn papa awu no, wɔkaa sɛ: “Ebia yɛn ho asɛm da so hyɛ Yosef mu, na bɔne a yɛayɛ atia no nyinaa, ɔbɛyɛ yɛn bi atua ka.”+ 16 Enti wɔde asɛm yi kɔtoo Yosef anim sɛ: “Ansa na wo papa rewuo no, ahyɛdeɛ a ɔde maa yɛn ne sɛ: 17 ‘Monka nkyerɛ Yosef sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo nuanom mfomsoɔ ne bɔne a wɔayɛ wo nyinaa kyɛ wɔn.”’ Enti yɛsrɛ wo, fa bɔne a wo papa Nyankopɔn nkoa ayɛ atia wo no kyɛ yɛn.” Berɛ a wɔkaa saa no, Yosef suiɛ. 18 Ɛnna ne nuanom bɛbutubutuu n’anim kaa sɛ: “Yɛn nie, yɛyɛ wo nkoa!”+ 19 Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnsuro. Adɛn, meyɛ Onyankopɔn? 20 Mo deɛ, na anka mopɛ sɛ moyɛ me bɔne,+ nanso na Onyankopɔn adwene ne sɛ ɔbɛma biribi pa afiri mu aba na ɔde agye nnipa bebree nkwa, sɛdeɛ ɛnnɛ ɔreyɛ yi.+ 21 Enti monnsuro. Mɛkɔ so ara ama mo ne mo mma nkumaa nyinaa aduane.”+ Ɔkaa saa de kyekyee wɔn werɛ kaa wɔn akoma too wɔn yam.
22 Na Yosef ne ne papa fiefoɔ kɔɔ so tenaa Egypt, na ɔdii mfeɛ 110. 23 Yosef de n’ani huu Efraim mmanana*+ ne Manase ba Makir+ nso mma. Wɔwoo wɔn guu Yosef nan so.* 24 Akyire yi, Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Merebɛwu, nanso Onyankopɔn bɛtwa n’ani abɛhwɛ mo,+ na ɔbɛyi mo afiri asaase yi so de mo akɔ asaase a ɔkaa Abraham, Isak, ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma mo no so.”+ 25 Enti Yosef ka kyerɛɛ Israel mma no sɛ: “Ɛkwan biara so Onyankopɔn bɛtwa n’ani abɛhwɛ mo, enti monka me ntam sɛ mode me nnompe bɛfiri ha akɔ.”+ 26 Na Yosef wui a na wadi mfeɛ 110; wɔhyɛɛ no aduro+ de no too adaka mu wɔ Egypt.
Anaa “wɔ hɔ kwa a hwee nni so.”
Anaa “subunu; nsuo a ɛrebu fa so.”
Anaa “Onyankopɔn adeyɛ tumi; tumi a Onyankopɔn de yɛ adeɛ.”
Anaa “Adekyeeɛ.”
Anaa “Adesaeɛ.”
Kyerɛ sɛ, awia, bosome, ne nsoromma.
Ɛsono Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ aseɛ “yɛɛ” no, ɛnna ɛsono deɛ wɔakyerɛ aseɛ “bɔɔ” wɔ nkyekyɛmu 1, 21, 27, ne 2:3 no. Asɛmfua “yɛɛ” no bɛtumi akyerɛ biribi a obi resiesie anaa ɔreyɛ ho adwuma.
Nt., “ɛbɛdi awia ne anadwo so.”
Anaa “Akra.”
Anaa “akra.”
Anaa “Akra.”
Anaa “mmoa a wɔtwe wɔn ho ase.” Ebi ne ɔwɔ, koterɛ, ne mmoa foforɔ a wɔn nso twe wɔn ho ase.
Anaa “ɔkra; ɔkra teasefoɔ.”
Nt., “asafo.”
Ɛha ne baabi a ɛdi kan a Onyankopɔn din ankasa, יהוה (YHWH) pue. Hwɛ Nkh. A4.
Anaa “ɔkra teasefoɔ.” Hebri, ne′phesh, a deɛ ɛkyerɛ paa ne “abɔdeɛ a ɛhome.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “nsutire.”
Ɛyɛ aduhwam bi a ɛte sɛ kurobo.
Anaa “Tigris.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “akɔfam.”
Anaa “wɔdeda adagya.”
Nt., “w’aba.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ adeɛ baako, nanso ɛtumi gyina hɔ ma dodoɔ kabea.
Nt., “n’aba.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ adeɛ baako, nanso ɛtumi gyina hɔ ma dodoɔ kabea.
Anaa “ɔbɛbɔ.”
Anaa “wobɛbɔ.”
Anaa “ɔbɛhyɛ.”
Ɛkyerɛ, “Onipa a Wɔyii No Firii Dɔteɛ Mu; Ɔdasani.”
Anaa “nkyɛkyerɛ.”
Anaa “wuram ahaban.”
Nt., “wobɛdi paanoo.”
Ɛkyerɛ, “Ɔteasefoɔ.”
Hebri kasa mu no, ɛbɛtumi akyerɛ kerubim mmienu anaa deɛ ɛboro saa.
Anaa “manya.”
Anaa “ɔkunkum n’anim.”
Anaa “w’anim remma nyam.”
Nt., “n’ahoɔden.”
Anaa “Nod asaase.”
Anaa “wɔn a wɔbɔ atɛntɛbɛn.”
Ɛkyerɛ, “Wɔapaw No; Wɔayi No.”
Nt., “aba.”
Anaa “Adam; Ɔdasani.”
Nt., “Onyankopɔn no.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛbetumi akyerɛ “Ɔhome; Awerɛkyekyerɛ.”
Hebri kasakoa a ɛkyerɛ Onyankopɔn abɔfoɔ.
Nt., “Me honhom rennya.”
Anaa “ɛfiri sɛ ɔdi ne honam akyi.”
Ɛbɛtumi akyerɛ wɔn a wɔma nkurɔfoɔ hwe ase. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Yehowa nuu ne ho.”
Anaa “yea.”
Nt., “n’awoɔ ntoatoasoɔ.”
Anaa “nnipa.”
Nt., “gofer dua.” Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ kwabɔhorɔ dua.
Anaa “ɛhyɛn kɛseɛ.”
Anaa “kootaa.”
Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.
Hebri, tso′har. Ɛbɛtumi aba sɛ na ɛyɛ ntokuro a ɛte sɛ mpomma, na na atwa adaka no ho ahyia. Ebinom nso ka sɛ tso′har yɛ ɛkwan a na ɛdeda adaka no suhyɛ ase na ɛnyɛ mpomma a hann fa mu.
Nt., “ɔhonam nyinaa.”
Anaa “deɛ ɛwɔ nkwa honhom.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “anini nson, abedeɛ nson.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “anini nson, abedeɛ nson.”
Anaa “ɛwɔ honhom a ɛhome.”
Basafa a obiara nim no, na ɛyɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.
Nt., “ɔhonam.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ mmoa nketenkete a wɔbom sɛ kuo.
Anaa “ɛwɔ nkwa honhom.”
Anaa “nsuo no teeɛ.”
Anaa “baabi amfa ne nan ansi.”
Anaa “wɔnyɛ manyamanya.”
Anaa “afɔreɛ no dwodwo akoma; afɔreɛ no, ahomeka wom.”
Anaa “mfrɛ mmusuo mma asaase so.”
Kyerɛ sɛ, ahuhuro berɛ.
Kyerɛ sɛ, awɔ berɛ.
Anaa “monni wɔn so.”
Anaa “ne kra.”
Anaa “mo kra mogya.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “abɔdeɛ a ɛte ase.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “ɔhonam a ɛte ase nyinaa kra.”
Anaa “ɔhonam a ɛte ase nyinaa kra.”
Anaa “bobeturo.”
Anaa “da adagya.”
Anaa “bobesa.”
Ɛkyerɛ sɛ ɔnyɛ Sem akoa.
Anaa “n’ahennie mfitiaseɛ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ɛka bom yɛ kuro kɛseɛ no.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ne nua kumaa.”
Ɛkyerɛ, “Mpaapaemu.”
Anaa “asaase mu kyekyɛeɛ.”
Ɛkyerɛ, “Basabasa.”
Anaa “bɛnya nhyira ama wɔn ho.”
Anaa “akra.”
Nt., “W’aba.”
Anaa “ɔrekɔyɛ hɔhoɔ wɔ hɔ.”
Anaa “wode agye me kra nkwa.”
Anaa “ɔhaw akɛseɛ.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “w’aba.”
Anaa “Asaasetraa so.”
Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awuo.
Anaa “Asaasetraa so.”
Anaa “Asaasetraa so.”
Nt., “nua.”
Anaa “Asaasetraa so.”
Anaa “akra.”
Nt., “aba.”
Nt., “ɔba.”
Nt., “deɛ ɔbɛfiri w’asene mu aba.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “w’aba.”
Ɛyɛ pãpã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.
Nt., “w’aba.”
Nt., “too wo kokom.”
Nt., “kɔbrɛ wo ho ase hyɛ ne nsa ase.”
Nt., “w’aba.”
Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Atie.”
Anaa “wuram afunumu.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ obi a ɔyɛ deɛ ɔno ara pɛ.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔne ne nuanom nyinaa bɛdi asie.”
Ɛkyerɛ, “Ɔteasefoɔ a Ɔhu Me No Abura.”
Anaa “na wie pɛyɛ.”
Ɛkyerɛ, “Agya No Korɔn (Wɔama Ne So).”
Ɛkyerɛ, “Dodoɔ Agya (Nnipadɔm Agya); Nnipa Pii Agya.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “w’aba.”
Anaa “ntwa ne dua.”
Nt., “w’aba.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “wɔbɛtwa no afiri ne nkurɔfoɔ mu atwene.”
Ɛbɛtumi akyerɛ “Aperepereɛ.”
Ɛkyerɛ, “Ɔdehyeɛ.”
Ɛkyerɛ, “Sereɛ.”
Nt., “n’aba.”
Nt., “momfa nhyɛ mo akoma den.”
Nt., “seah susudeɛ.” Seah susudeɛ baako yɛ lita 7.33 (bɛyɛ olonka 2 ne magyirin konko 2 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.
Kyerɛ sɛ, na Sara atwa bra.
Anaa “bɛnya nhyira ama wɔn ho.”
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.
Anaa “m’ahobammɔ.”
Anaa “kra.”
Anaa “me kra nkwa.”
Anaa “ɔdɔ a ɛnni hwammɔ.”
Anaa “me kra nnya nkwa.”
Ɛkyerɛ, “Ketewa.”
Adeɛ bi a ɛte sɛ atuduro a wɔde gu gya mu ma no dɛre.
Kyerɛ sɛ, fononoo kɛseɛ a wɔde tõ birikisi.
Anaa “bobesa.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “bɛyɛɛ hɔhoɔ wɔ.”
Kyerɛ sɛ, na ɔne no nnaeɛ.
Anaa “ɔman tenenee?”
Anaa “Wei na mede rete w’anim.”
Anaa “na Yehowa ato mmaa a wɔwɔ Abimelek fie nyinaa yafunu mu.”
Anaa “ɔtwaa ne dua.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “bɛsere me.”
Nt., “Tie ne nne.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “toa a wɔde aboa nwoma ayɛ.”
Anaa “ɔtee ne ho bɛyɛ sɛ deɛ wɔto agyan a ɛbɛtɔ.”
Ɛbɛtumi akyerɛ “Ntanka Abura; [Nnwan Mma] Nson Abura.”
Anaa “yɛɛ hɔhoɔ wɔ.”
Nt., “nna pii.”
Ɛbɛtumi akyerɛ nnyasramma.
Anaa “wura kusuu.”
Ɛkyerɛ, “Yehowa Bɛkyerɛ; Yehowa De Bɛma.”
Anaa “W’asefoɔ.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ adeɛ baako, nanso ɛtumi gyina hɔ ma dodoɔ kabea.
Nt., “w’aba.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ adeɛ baako, nanso ɛtumi gyina hɔ ma dodoɔ kabea.
Anaa “n’atamfo nkuro.”
Anaa “w’aba.”
Tete mmerɛ mu no, na ɛyɛ ɔbaa a ɔtɔ awareɛ so, kyerɛ sɛ, ɔbaa a obi aware no aka ne yere ho.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔberempɔn kɛseɛ.”
Anaa “mo kra pene so.”
Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Ɛbɛyɛ sɛ saa berɛ no, sɛ wɔreka ntam a, saa na na wɔyɛ de si so dua.
Nt., “w’aba.”
Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ Laban.
Anaa “Yɛn deɛ, yɛrentumi nka papa anaa bɔne nkyerɛ wo.”
Kyerɛ sɛ, ɔbaa a ɔhwɛɛ no maa no nufoɔ wɔ ne mmɔfraase a afei ɔsom no no.
Nt., “w’aba.”
Anaa “atamfo nkuro.”
Ɛyɛ kasakoa a ɛgyina hɔ ma owuo.
Anaa “nsaase a wɔagye ho ban.”
Ɛyɛ kasakoa a ɛgyina hɔ ma owuo.
Anaa “Ismael asefoɔ tenaa.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ɔne ne nuanom nyinaa dii asie.”
Ɛkyerɛ, “Ne Ho Wɔ Nwi.”
Ɛkyerɛ, “Deɛ Ɔkura Obi Nantin; Deɛ Ɔsi Obi Ananmu.”
Anaa “hanam.”
Nt., “kɔkɔɔ no, saa kɔkɔɔ yi.”
Anaa “ɛkɔm reku me!”
Ɛkyerɛ, “Kɔkɔɔ.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “w’aba.”
Anaa “Isak abam ne yere Rebeka.”
Ɛkyerɛ, “Akameakame.”
Ɛkyerɛ, “Soboɔ.”
Ɛkyerɛ, “Baabi a Ɛhɔ Trɛ.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “honhom dii awerɛhoɔ.”
Anaa “me kra nhyira.”
Anaa “wo kra nhyira.”
Anaa “me kra nhyira wo.”
Anaa “bobesa.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “wo kra nhyira me.”
Ɛkyerɛ, “Deɛ Ɔkura Obi Nantin; Deɛ Ɔsi Obi Ananmu.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “magyam.”
Nt., “deɛ ɔde rekyekye ne ho werɛ ne sɛ ɔnya wo a, ɔbɛku wo.”
Nt., “w’aba.”
Anaa “atwedeɛ.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “W’aba.”
Nt., “w’aba.”
Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Fie.”
Nt., “paanoo.”
Nt., “ne nua.”
Anaa “me ho nipa a me ne wo firi mogya baako mu.”
Nt., “me nua.”
Nt., “tan.”
Nt., “ɔbuee ne yam.”
Ɛkyerɛ, “Hwɛ, Ɔbabarima!”
Ɛkyerɛ, “Wate.”
Ɛkyerɛ, “Ka Fam Ho; Ka Bata Ho.”
Ɛkyerɛ, “Nkamfoɔ; Adeɛ a Wɔkamfo.”
Anaa “wasi wo yafunu ano a wontumi nwo.”
Nt., “ɔnwo nto me srɛ so.”
Ɛkyerɛ, “Ɔtemmufoɔ.”
Ɛkyerɛ, “Madi Asie.”
Ɛkyerɛ, “Aba-Yie.”
Ɛkyerɛ, “Anigyeɛ; Anigyesɛm.”
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ntɔmmɔ anaa santom a ɛso aba. Ná nkurɔfoɔ susu sɛ ɛma awoɔ.
Anaa “ɔpaani akatua.”
Ɛkyerɛ, “Ɔyɛ Akatua.”
Ɛkyerɛ, “Ɔbɛgye Atom.”
Nt., “Onyankopɔn tiee no na ɔbuee ne yafunu mu.”
Ɛyɛ Yosifia a wɔatwa no tia. Ɛkyerɛ, “Yah Mfa Bi Nka Ho (Ɔmma No Nnɔɔso).”
Anaa “adanseɛ.”
Anaa “me tenenee.”
Ɛyɛ dua bi a ɛpae nhwiren fitaa.
Anaa “abusua abosom; ahoni.”
Kyerɛ sɛ, Eufrate.
Anaa “n’abusuafoɔ.”
Nt., “Hwɛ yie na asɛm biara a wobɛka akyerɛ Yakob no, woamma papa annane bɔne.”
Nt., “mma.”
Anaa “yɛn abusuafoɔ.”
Aram asɛmfua a ɛkyerɛ “Abokuo a Ɛdi Adanseɛ.”
Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “Abokuo a Ɛdi Adanseɛ.”
Nt., “wɔdii paanoo.”
Nt., “ne mma.”
Ɛkyerɛ, “Asoɛeɛ Mmienu.”
Nt., “asaase so.”
Anaa “Makɔyɛ hɔhoɔ wɔ.”
Nt., “w’aba.”
Anaa “kɔfaa baabi a wɔfa twa Yabok asuo no twaeɛ.”
Anaa “subɔn.”
Ɛkyerɛ, “Deɛ Ɔne Onyankopɔn Apere So” anaa “Onyankopɔn Ne Obi Apere So.”
Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Anim.”
Anaa “me kra anya nkwa.”
Anaa “Peniel.”
Ɛkyerɛ, “Apata; Asese.”
Anaa “kɔsra wɔn.”
Anaa “ne kra fam Yakob ba Dina ho.”
Nt., “ɔkaa ababaawa no akoma too ne yam.”
Anaa “Sekem kra fam ne ho.”
Anaa “momma yɛnni ayewareɛ.”
Anaa “ɔntwaa ne dua.”
Anaa “yɛn babaa.”
Anaa “mmusuo.”
Ɛkyerɛ, “Betel Nyankopɔn.”
Ɛkyerɛ, “Odum Nisuo.”
Nt., “bɛfiri w’asene mu aba.”
Nt., “w’aba.”
Anaa “ne kra.”
Ɛkyerɛ, “M’awerɛhoɔ Ba.”
Ɛkyerɛ, “Me Nsa Nifa Ba.”
Tete mmerɛ mu no, na ɛyɛ ɔbaa a ɔtɔ awareɛ so, kyerɛ sɛ, ɔbaa a obi aware no aka ne yere ho.
Nt., “wɔboaboaa no kɔkaa ne nkurɔfoɔ ho.” Wei yɛ kasakoa, na ɛkyerɛ sɛ obi awu.
Anaa “akra.”
Anaa “wɔabɛsoɛ so.”
Tete mmerɛ mu no, na ɛyɛ ɔbaa a ɔtɔ awareɛ so, kyerɛ sɛ, ɔbaa a obi aware no aka ne yere ho.
Nt., “Israel mma.”
Anaa “ataade tenten bi a ɛyɛ fɛ.”
Anaa “Asaasetraa so.”
Anaa “Monnyɛ no bɔne.”
Ná wɔde nsuo a ɛfiri dua abena yi mu yɛ aduhwam.
Nt. “yɛkata ne mogya so.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Kyerɛ sɛ, Yuda.
Nt., “Asɔrefie tuutuuni.”
Ɛkyerɛ, “Pae,” ɛbɛtumi aba sɛ ɛkyerɛ awotwaa a ɔpaee no no.
Nt., “wɔdii nna kakra.”
Nt., “amena mu; ɛbɔn mu.”
Anaa “atokoɔ.”
Nt., “amena mu; ɛbɔn mu.”
Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ aseɛ no bɛtumi akyerɛ sɛ ɔyii n’abɔdwesɛ ne ne tiri nwi.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ asɛm a wɔka de bɔ gye obi so ma nkurɔfoɔ di no ni na wɔhyɛ no animuonyam.
Nt., “mma ne nsa anaa ne nan so.”
Kyerɛ sɛ, Heliopoli.
Anaa “firii aseɛ kyinkyinii.”
Anaa “kɔyɛɛ adwuma maa Egypt hene Farao.”
Kyerɛ sɛ, Heliopoli.
Ɛkyerɛ, “Deɛ Ɔma Awerɛfire Ba; Deɛ Ɔde Awerɛfire Ba.”
Ɛkyerɛ, “Maso Aba Mprenu.”
Nt., “paanoo.”
Nt., “paanoo.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ hwiit anaa afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.
Kyerɛ sɛ, nkurɔfoɔ a wɔsoma wɔn kodɛɛ ma wɔkɔhwɛ sɛdeɛ baabi teɛ na wɔbɛka.
Anaa “baabi a ahobammɔ nnie.”
Anaa “ne kra wɔ ahoyera mu.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ná wɔde nsuo a ɛfiri dua abena yi mu yɛ aduhwam.
Anaa “Wɔtenatenaa.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ne kra fam ne kra ho.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “mfuntum.”
Anaa “moanya nkaefoɔ bi wɔ asaase so.”
Nt., “Farao agya.”
Anaa “adɔre sradeɛ.”
Anaa “moadi so aba.”
Anaa “anka n’akoma.”
Anaa “ne honhom sanee no.”
Anaa “ne ho nnipa.”
Kyerɛ sɛ, ɔwu a, Yosef na ɛbɛka n’ani agu so.
Anaa “Ne mma mmarima ne ne mma mmaa akra.”
Anaa “akra.”
Kyerɛ sɛ, Heliopoli.
Anaa “akra.”
Nt., “mma mmarima.”
Anaa “akra.”
Anaa “Akra.”
Anaa “akra mmienu.”
Anaa “Akra.”
Anaa “mfeɛ a mede tenaa nkurɔfoɔ nsaase so.”
Anaa “mfeɛ a wɔde tenaa nkurɔfoɔ nsaase so.”
Nt., “paanoo.”
Nt., “paanoo.”
Ɛbɛyɛ sɛ saa berɛ no, sɛ wɔreka ntam a, saa na na wɔyɛ de si so dua.
Nt., “me ne m’agyanom kɔda.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “Israel nkotodwe ho.”
Nt., “n’aba.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Me honhom.”
Ɛkyerɛ, “Deɛ Adeɛ Wɔ No.”
Anaa “bobe mogya.”
Nt., “paanoo.”
Nt., “bɛdɔre sradeɛ.”
Kyerɛ sɛ, Yosef.
Ɛyɛ kasakoa a ɛgyina hɔ ma owuo.
Ɛyɛ kasakoa a ɛgyina hɔ ma owuo.
Ɛkyerɛ, “Egyptfoɔ ayie.”
Anaa “Efraim awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa.”
Kyerɛ sɛ, ɔfaa wɔn sɛ ne mma a ɔpɛ wɔn asɛm paa.