Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt nkr. 1859-1863
  • A4 Onyankopɔn Din Pue Wɔ Hebri Twerɛnsɛm No Mu

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • A4 Onyankopɔn Din Pue Wɔ Hebri Twerɛnsɛm No Mu
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
A4 Onyankopɔn Din Pue Wɔ Hebri Twerɛnsɛm No Mu

A4

Onyankopɔn Din Pue Wɔ Hebri Twerɛnsɛm No Mu

Sɛdeɛ tete no na wɔtwerɛ Tetragrammaton no wɔ Hebri mu

Ansa na wɔretu Israelfoɔ ase akɔ Babilon no, sɛdeɛ na wɔtwerɛ Onyankopɔn din wɔ tete Hebri kasa mu nie

Sɛdeɛ akyiri yi na wɔtwerɛ Tetragrammaton no wɔ Hebri mu

Berɛ a Israelfoɔ firii Babilon baeɛ no, sɛdeɛ na wɔtwerɛ Onyankopɔn din wɔ Hebri kasa mu nie

Onyankopɔn din pue bɛyɛ 7,000 wɔ Hebri Twerɛnsɛm no mu. Hebri ntwerɛdeɛ nnan a wɔde gyina hɔ ma Onyankopɔn din no ne יהוה. Wɔfrɛ ntwerɛdeɛ yi Tetragrammaton, na Bible yi mu no, yɛakyerɛ aseɛ “Yehowa.” Ɛno ne din a ɛdɔɔso paa wɔ Bible mu. Nnipa a Onyankopɔn de ne honhom kaa wɔn maa wɔtwerɛɛ Bible no de abodin pii frɛɛ no. Ebi ne “adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,” “Ɔsorosoroni,” ne “Awurade.” Nanso, Tetragrammaton no nko ara na wɔsii no pi sɛ ɛyɛ Onyankopɔn din.

Yehowa Nyankopɔn ankasa hwɛ maa nnipa a wɔtwerɛɛ Bible no de ne din baa mu. Nhwɛsoɔ bi ne sɛ, ɔde ne honhom kaa odiyifoɔ Yoel maa no twerɛɛ sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, ɔbɛnya nkwa.” (Yoel 2:32) Onyankopɔn maa ɔdwontofoɔ bi nso twerɛɛ sɛ: “Ma nnipa nhu sɛ wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni a ɔdi asaase nyinaa so.” (Dwom 83:18) Nnwom nwoma no yɛ anwensɛm nwoma a na Onyankopɔn nkurɔfoɔ to emu nsɛm no sɛ nnwom anaa wɔka no sɛ anwensɛm. Saa nwoma yi nko ara mu no, Onyankopɔn din no pue bɛyɛ 700. Ɛnneɛ adɛn nti na wohwɛ Bible pii mu a, wonhu Onyankopɔn din wom? Adɛn nti na yɛakyerɛ din no ase “Yehowa” wɔ Bible yi mu? Ɛdeɛn na Onyankopɔn din Yehowa no kyerɛ?

Tetragrammaton no pue mmeaeɛ pii wɔ Nnwom nwoma no mu

Nnwom nwoma no mu nsɛm bi a ɛwɔ Ɛpo a Awuo Ho Nwoma Mmobɔeɛ bi mu na ɛwɔ ha yi. Ɛbɛyɛ sɛ Yesu berɛ so na wɔyɛeɛ. Hebri ntwerɛdeɛ a ɛwɔ so no, wɔfirii Babilon baeɛ no, ɛno na na wɔde twerɛ Hebri kasa no. Nanso Tetragrammaton no nko ara deɛ, tete Hebri ntwerɛdeɛ na wɔde twerɛeɛ

Adɛn nti na Onyankopɔn din no nni Bible pii mu? Nneɛma pii ntira. Ebinom susu sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn deɛ, ɛnhia sɛ ɔnya din pɔtee biara. Afei nso, na Yudafoɔ wɔ atetesɛm bi sɛ Onyankopɔn din deɛ, ɛnsɛ sɛ obiara bɔ no basabasa, anyɛ saa a ɛho bɛgu fĩ. Ɛbɛtumi aba sɛ ɛno ka ho bi nti na ebinom ayi Onyankopɔn din afiri Bible mu no. Ebinom nso gye di sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛtumi akyerɛ sɛdeɛ wɔbɔ Onyankopɔn din no pɔtee, enti ɛbɛyɛ papa sɛ wɔde abodin bi te sɛ “Awurade” anaa “Onyankopɔn” mmom frɛ no. Nanso, nsɛm a ɛdidi so yi ma yɛhu sɛ saa nsɛm no ntɔ asom.

  •  Wɔn a wɔka sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn nhia din pɔtee biara no bu wɔn ani gu biribi so. Ɛne sɛ, tete no, na nkurɔfoɔ hwɛ Onyankopɔn Asɛm a ɛwɔ hɔ so twerɛ bi, na deɛ wɔtwerɛeɛ ansa na wɔrewo Kristo no mpo, na Onyankopɔn din no wom. Yɛadi kan aka sɛ Onyankopɔn hwɛ maa ne din puee n’Asɛm no mu bɛyɛ 7,000. Ɛno ma yɛhunu pefee sɛ ɔpɛ sɛ yɛhu ne din no na yɛbɔ.

  •  Wɔn a wɔkyerɛ Bible ase a Yudafoɔ atetesɛm nti wɔyi Onyankopɔn din firi wɔn nkyerɛaseɛ mu no bu wɔn ani gu asɛnhia bi so. Ɛno ne sɛ, Yudafoɔ atwerɛfoɔ bi wɔ hɔ a, wɔrekasa a na wɔmmɔ Onyankopɔn din, nanso berɛ a wɔrehwɛ Bible no so atwerɛ bi no, wɔanyi din no amfiri mu. Nkurɔfoɔ kɔhuu tete nwoma mmobɔeɛ bi wɔ Ɛpo a Awuo no mpɔtamu baabi a wɔfrɛ hɔ Qumran, na na Onyankopɔn din no dɔɔso wɔ saa nwoma mmobɔeɛ no mu. Wɔn a wɔkyerɛ Bible ase no bi nso yɛ biribi a ɛma yɛhu sɛ na Onyankopɔn din no wɔ tete deɛ a wɔdii kan twerɛeɛ no mu. Wɔde ntwerɛdeɛ akɛseɛ twerɛ “AWURADE” wɔ baabi a edin no hyehyɛ no. Nanso asɛm no ne sɛ, wɔn ara gye tom sɛ edin no wɔ Bible mu bebree. Ɛnneɛ deɛn na ɛkaa wɔn maa wɔyi firii Bible a wɔkyerɛɛ aseɛ no mu? Hwan na ɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnsesa din no? Wɔn nko ara na wɔnim.

  •  Nnipa a wɔka sɛ obiara nnim sɛdeɛ wɔbɔ Onyankopɔn din no pɔtee nti ɛnsɛ sɛ yɛbɔ no, saa nnipa yi ara nso, Yesu din deɛ, wɔbɔ. Nanso sɛdeɛ Yesu berɛ so na n’asuafoɔ bɔ ne din no, seesei ɛnyɛ saa koraa na Kristofoɔ dodoɔ no ara bɔ no. Ɛbɛyɛ sɛ na Yudafoɔ a wɔyɛ Kristofoɔ no bɔ Yesu din no Ye·shuʹa‛. Afei “Kristo” nso, na wɔbɔ no Ma·shiʹach, anaa “Mesia.” Kristofoɔ a na wɔka Greek kasa no frɛɛ no I·e·sousʹ Khri·stosʹ, na Kristofoɔ a wɔka Latin nso frɛɛ no Ieʹsus Chriʹstus. Wɔn a Onyankopɔn honhom kaa wɔn maa wɔtwerɛɛ Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm no mpo, sɛ wɔretwerɛ Yesu din a, na wɔtwerɛ no sɛdeɛ wɔbɔ no wɔ Greek kasa mu no. Wohwɛ nso a, na ɛtɔ asom, ɛfiri sɛ Greek ne kasa a na nnipa dodoɔ no ara ka. Wiase Foforɔ Bible Nkyerɛaseɛ Kuo no nso kyerɛɛ Onyankopɔn din no ase “Yehowa.” Wɔn a wɔyɛeɛ no nim sɛ ɛnyɛ saa pɛpɛɛpɛ na na wɔbɔ din no wɔ tete Hebri kasa mu. Nanso wɔhu sɛ nteaseɛ wom sɛ wɔbɛkyerɛ aseɛ saa.

Adɛn nti na yɛakyerɛ din no ase “Yehowa” wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ yi mu? Twi kasa mu no, wɔde YHWH na ɛgyina hɔ ma Tetragrammaton (יהוה) ntwerɛdeɛ nnan no. Tete no, sɛ wɔretwerɛ Hebri a, na wɔmfa ɛnne ntwerɛdeɛ te sɛ a, e, ɛ, i, o, ɔ, anaa u, nhyehyɛ mu. Enti Tetragrammaton no nso, na saa ntwerɛdeɛ no bi nnim. Berɛ a na nnipa pii ka tete Hebri kasa no, sɛ obi rekenkan biribi a, na ɔno ara de ɛnne ntwerɛdeɛ hyehyɛ mu.

Berɛ a wɔtwerɛɛ Hebri Twerɛnsɛm no wieeɛ no, bɛyɛ mfeɛ apem akyi na Yudafoɔ abenfoɔ bɛnyaa kwan bi a wɔfa so twerɛ Hebri kasa no. Wɔfirii aseɛ de ahyɛnsodeɛ ahodoɔ bi kekaa ho a ɛbɛboa obi a ɔrekenkan ama no ahu ɛnne ntwerɛdeɛ pɔtee a ɔde bɛhyehyɛ mu. Nanso ansa na saa kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ Hebri kasa no reba no, na Yudafoɔ pii abɛnya adwene bi a ɛmfata sɛ ɛyɛ mfomsoɔ sɛ obi bɛbɔ Onyankopɔn din. Enti sɛ wɔreka Onyankopɔn ho asɛm a, na wɔde abodin hyɛ ananmu. Ne saa nti, ɛbɛyɛ sɛ saa berɛ no, sɛ wɔrehwɛ nsaano ntwerɛeɛ no so atwerɛ bi na wɔkɔto Tetragrammaton ntwerɛdeɛ nnan no so a, wɔtwerɛ wie a, na wɔde ɛnne ntwerɛdeɛ a ɛwɔ abodin a nkurɔfoɔ taa de si anan no bi ahyehyɛm. Enti sɛ yɛpɛ sɛ yɛhu sɛdeɛ na wɔbɔ din no wɔ Hebri kasa mu paa a, deɛ wɔde ɛnne ntwerɛdeɛ hyehyɛɛ mu no rentumi mmoa yɛn. Ebinom susu sɛ na wɔbɔ no “Yahwe,” ɛnna ebinom nso te nka sɛ na wɔbɔ no kwan foforɔ so. Leviticus nwoma no fã bi a ɛwɔ Greek kasa mu ka Ɛpo a Awuo Ho Nwoma Mmobɔeɛ no ho, na wohwɛ mu a, wobɛhu sɛ wɔatwerɛ Onyankopɔn din no Iao. Ɛnyɛ ɛno nko; tete Greek atwerɛfoɔ bi nso kyerɛ sɛ na wɔbɔ din no Iae, I·a·beʹ, anaa I·a·ou·eʹ. Nanso, yɛrentumi nsi no pi nka sɛ sei anaa sei na na wɔbɔ din no. Deɛ ɛwom ne sɛ, yɛnnim sɛdeɛ na Onyankopɔn asomfoɔ a wɔtenaa ase tete no bɔ Onyankopɔn din no wɔ Hebri kasa mu. (Genesis 13:4; Exodus 3:15) Deɛ yɛnim ara ne sɛ, sɛ Onyankopɔn ne n’asomfoɔ rekasa a, na ɔtaa bɔ ne din kyerɛ wɔn, na sɛ wɔn nso ne Onyankopɔn anaa wɔn yɔnko nnipa rekasa a, na wɔtaa bɔ edin no.—Exodus 6:2; 1 Ahemfo 8:23; Dwom 99:9.

Onyankopɔn din Yehowa

Sɛdeɛ William Tyndale kyerɛɛ Onyankopɔn din ase wɔ Genesis 15:2 nie. Pentateuch (Bible mu nwoma nnum a ɛdi kan) a ɔkyerɛɛ aseɛ afe 1530 no mu na ɛwɔ

Ɛnneɛ adɛn nti na yɛakyerɛ edin no ase “Yehowa” wɔ Bible yi mu? Ɛfiri sɛ ɛnyɛ nnɛ na wɔfirii aseɛ frɛɛ no saa wɔ Twi kasa mu. Onyankopɔn din “Yehowa” no dii kan puee Twi Bible mu wɔ nkyerɛaseɛ a Johann Gottlieb Christaller yɛɛ no afe 1871 no mu.

Ebinom te nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛfrɛ Onyankopɔn “Yahwe,” ɛnna ebinom nso se “Yehowa.” Afe 1911 no, Bible ho ɔbenfoɔ Joseph Bryant Rotherham a nkurɔfoɔ bu no paa no twerɛɛ nwoma bi a wɔato din Studies in the Psalms. Ɔkyerɛɛ mu wɔ nwoma no mu sɛ, ɔno deɛ, “nnipa a wɔtaa kenkan Bible no, edin a wɔn mu dodoɔ no ara nim (na wɔgye tom)” no, ɛno na ɔde aba ne Bible nkyerɛaseɛ no mu. Afe 1930 mu no, ɔbenfoɔ A. F. Kirkpatrick nso kaa biribi saa. Ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ deɛ ɛhia ne sɛdeɛ wɔbɔ din no; deɛ ɛhia ne sɛ obiara bɛhu sɛ ɛyɛ Edin Ankasa, na ɛnyɛ abodin kɛkɛ te sɛ ‘Awurade.’”

Tetragrammaton no

Tetragrammaton ntwerɛdeɛ YHWH no kyerɛ: “Deɛ Ɔma No Yɛ Hɔ”

Sɛnea wɔkyerɛw Hebri adeyɛ asɛm “ɛyɛ hɔ”

Hebri adeyɛ asɛm a wɔtwerɛ no HWH no kyerɛ: “ɛyɛ hɔ”

Ɛdeɛn na edin Yehowa kyerɛ? Edin Yehowa no firi Hebri adeyɛ asɛm bi mu, na deɛ saa asɛm no kyerɛ ne, “ɛyɛ hɔ.” Nwomanimfoɔ binom susu sɛ adwene a ɛwɔ saa adeyɛ asɛm no akyi ne sɛ obi na ɔma biribi yɛ hɔ. Enti Wiase Foforɔ Bible Nkyerɛaseɛ Kuo no te Onyankopɔn din no ase sɛ, “Deɛ Ɔma No Yɛ Hɔ.” Nwomanimfoɔ adwene nhyia wɔ edin no nkyerɛaseɛ ho, enti yɛrentumi nka sɛ kyenkyen ara a, saa na ɛkyerɛ. Nanso edin no nkyerɛaseɛ no fata Yehowa paa, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɔɔ biribiara, na deɛ ɔbɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ biara nso, ɔma no yɛ hɔ. Ɔno na ɔmaa abɔfoɔ, nnipa, ne amansan yi mu nneɛma a aka nyinaa baeɛ. Afei nso ɛmfa ho deɛ ɛbɛsi biara, ɔhwɛ ma n’apɛdeɛ ne n’atirimpɔ yɛ hɔ.

Hebri adeyɛ asɛm a Yehowa din firi mu no, wɔde adeyɛ asɛm bi a ɛne no sɛ dii dwuma wɔ Exodus 3:14. Ɛhɔ kan sɛ: “Mɛyɛ Me Ho Deɛ Mepɛ Sɛ Meyɛ Biara.” Nanso yɛreka paa a, ɛnyɛ Onyankopɔn din no nkyerɛaseɛ nyinaa no no. Ne nyinaa mu no, ɛma yɛhunu biribi fa Onyankopɔn ho, kyerɛ sɛ, tebea biara mu no, ɔyɛ ne ho sɛdeɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ ma n’atirimpɔ yɛ hɔ. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara. Edin Yehowa no san kyerɛ sɛ ɔtumi ma n’abɔdeɛ yɛ deɛ ɔpɛ ma n’atirimpɔ ba mu.

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane