Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt Exodus 1:1-40:38
  • Exodus

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Exodus
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Exodus

EXODUS

1 Berɛ a Yakob a wɔfrɛ no Israel kɔɔ Egypt no, ne mma no nyinaa ne wɔn fiefoɔ nso kɔɔ bi. Yakob mma no din nie:+ 2 Ruben, Simeon, Lewi, ne Yuda;+ 3 Isakar, Sebulon, ne Benyamin; 4 Dan ne Naftali; Gad ne Aser.+ 5 Ná Yakob mma ne ne mmanana nyinaa yɛ nnipa 70.* Yosef deɛ, na ɔwɔ Egypt dada.+ 6 Akyire yi Yosef wuiɛ,+ na ne nuanom nyinaa ne wɔn berɛsofoɔ* nyinaa nso wuwuiɛ. 7 Israelfoɔ* no wowoeɛ, na wɔbɛyɛɛ bebree. Wɔn ase trɛeɛ na wɔbɛyɛɛ den ntɛmntɛm, na wɔhyɛɛ asaase no so ma.+

8 Akyire yi, ɔhene foforɔ bɛdii adeɛ wɔ Egypt. Ɔno deɛ, na ɔnnim Yosef. 9 Enti ɔka kyerɛɛ ne manfoɔ sɛ: “Hwɛ! Israelfoɔ no dɔɔso na wɔn ho yɛ den sene yɛn.+ 10 Momma yɛmpɛ nyansakwan bi mfa wɔn mfa so. Anyɛ saa a, wɔn ase bɛtrɛ na wɔayɛ pii, na sɛ ɛko ba a, wɔbɛkɔ akɔka yɛn atamfo ho ne yɛn ako na wɔafiri ɔman yi mu akɔ.”

11 Enti wɔde adwuma so ahwɛfoɔ* sisii wɔn so sɛ wɔnhyɛ wɔn mma wɔnyɛ adwumaden;+ wɔmaa wɔkyekyeree nkuro a wɔde bɛyɛ adekorabea maa Farao. Saa nkuro no ne Pitom ne Raamse.+ 12 Nanso berɛ a wɔrehyɛ wɔn so no, afei koraa na na wɔredɔɔso na wɔn ase retrɛ. Enti Israelfoɔ no ho hu tɔɔ wɔn so.+ 13 Ɛbaa saa no, Egyptfoɔ no hyɛɛ Israelfoɔ no maa wɔyɛɛ nkoadwuma.+ 14 Wɔmaa asetena fonoo wɔn, na wɔhyɛɛ wɔn maa wɔyɛɛ adwumaden. Wɔmaa wɔwɔɔ dɔteɛ de yɛɛ birikisi, na wɔmaa wɔyɛɛ afuo mu nnwuma nyinaa bi. Nkoadwuma biara a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn yɛ no, wɔhyɛɛ wɔn maa wɔyɛeɛ.+

15 Akyire yi, Egypt hene ne Hebrifoɔ mmaa a wɔgye awoɔ no kasaeɛ; baako de Sifra na baako nso de Pua. 16 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ moregye Hebrini baa bi awoɔ*+ na sɛ mohu sɛ abɔfra no yɛ ɔbarima a, monku no, na sɛ ɔyɛ ɔbaa deɛ a, monnku no.” 17 Nanso na wɔn a wɔgye awoɔ no suro nokorɛ Nyankopɔn no, enti wɔanyɛ deɛ Egypt hene ka kyerɛɛ wɔn no. Mmom wɔkoraa mmɔfra a wɔyɛ mmarima no so.+ 18 Berɛ bi akyi no, Egypt hene frɛɛ mmaa a wɔgye awoɔ no bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moakora mmarima no so?” 19 Ɛnna mmaa a wɔgye awoɔ no buaa Farao sɛ: “Hebrifoɔ mmaa no nte sɛ Egyptfoɔ mmaa. Wɔn ho yɛ den, enti ansa na deɛ ɔgye awoɔ no bɛduru wɔn nkyɛn no na wɔawo dada.”

20 Enti Onyankopɔn ne mmaa a wɔgye awoɔ no dii no yie; na Israelfoɔ no yɛɛ bebree na wɔn ho yɛɛ den paa. 21 Ɛsiane sɛ wɔn a wɔgye awoɔ no suroo nokorɛ Nyankopɔn no nti, akyire yi ɔmaa wɔnyaa mma.* 22 Afei Farao ka kyerɛɛ ne manfoɔ sɛ: “Abɔfra biara a Hebrifoɔ no bɛwo no foforɔ no, sɛ ɔyɛ ɔbarima a, monto no ntwene Asubɔnten Nil mu, na sɛ ɔyɛ ɔbaa deɛ a, ɛnsɛ sɛ moku no.”+

2 Saa berɛ no ara mu, ɔbarima bi a ɔfiri Lewi fie kɔwaree Lewini baa bi.+ 2 Ɔbaa no nyinsɛn woo ɔbabarima, na berɛ a ɔhunuu sɛdeɛ abɔfra no ho yɛ fɛ no, ɔde no siee abosome mmiɛnsa.+ 3 Afei ɔhuu sɛ ɔrentumi mfa no nsie bio,+ enti ɔfaa mmɛwa* kɛntɛn* de kootaa ne aman yɛɛ ho, na ɔde abɔfra no too mu de no kɔhyɛɛ nwura* mu wɔ Asubɔnten Nil ho. 4 Ɛnna ne nuabaa+ kɔgyinaa baabi hwɛɛ deɛ ɛbɛto no.

5 Afei Farao babaa baa Asubɔnten Nil ho sɛ ɔrebɛdware, na na mmaa a wɔsom no no nenam Nil no ho. Ɔhuu sɛ kɛntɛn bi hyɛ nwura no mu wɔ nsuo no ano. Ɛhɔ ara na ɔsomaa n’abaawa sɛ ɔnkɔfa mmra.+ 6 Ɔbuee so no, ɔhuu sɛ abarimaa no da mu resu. Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔkaa sɛ: “Hebrifoɔ mma no bi nie.” 7 Ɛnna ne nuabaa no bisaa Farao babaa no sɛ: “Menkɔfrɛ Hebrifoɔ mmaa no bi na ɔmmɛma no nufoɔ na ɔnhwɛ no mma wo anaa?” 8 Ɛnna Farao babaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ!” Ntɛm ara na abaayewa no kɔfrɛɛ abɔfra no maame baeɛ.+ 9 Afei Farao babaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa abɔfra yi kɔhwɛ no ma me, na mɛtua wo ka.” Enti ɔbaa no faa abɔfra no kɔhwɛɛ no. 10 Abɔfra no nyiniiɛ no, ɔde no kɔmaa Farao babaa no, na ɔde no yɛɛ ne ba.+ Ɔtoo ne din Mose* na ɔkaa sɛ: “Nsuo mu na meyii no firiiɛ ntira.”+

11 Afei berɛ a Mose nyiniiɛ* no, ɔfirii adi kɔɔ ne nuanom nkyɛn kɔhwɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ adwumaden;+ na ɔhuu sɛ Egyptni bi rehwe ne nuanom Hebrifoɔ no mu baako. 12 Berɛ a ɔhwɛɛ ha ne ha a ɔhuu sɛ obiara nni hɔ no, ɔbɔɔ Egyptni no kum no, na ɔde no hyɛɛ anwea mu.+

13 Adeɛ kyeeɛ a ɔfirii adie no, ɔhuu sɛ Hebrifoɔ mmienu bi reko. Enti ɔbisaa deɛ ɔdi fɔ no sɛ: “Adɛn nti na wo ne wo ara wo ho nipa reko?”+ 14 Ɛnna ɔbisaa no sɛ: “Hwan na ɔde wo sii yɛn so sɛ di yɛn so na bu yɛn atɛn? Wopɛ sɛ woku me sɛdeɛ wokum Egyptni no anaa?”+ Ɛmaa Mose bɔɔ hu na ɔkaa sɛ: “Ei, asɛm yi apue!”

15 Akyire yi Farao tee asɛm no, na ɔyɛɛ sɛ ɔbɛku Mose, nanso Mose dwane firii Farao anim kɔɔ Midian+ asaase so, na ɔkɔtenaa abura bi ho. 16 Ná ɔsɔfoɔ a ɔwɔ Midian+ no wɔ mma mmaa nson, na wɔbaa sɛ wɔrebɛsa nsuo de akɔgu adeɛ mu ama wɔn papa nnwan anom. 17 Nanso sɛdeɛ na ɛtaa sie no, nnwanhwɛfoɔ bi bɛpamoo wɔn. Ɛnna Mose sɔre boaa* mmaa no, na ɔmaa wɔn mmoa no nsuo. 18 Berɛ a wɔkɔɔ wɔn papa Reuel*+ nkyɛn wɔ fie no, ɔteaam sɛ: “Ɛnnɛ deɛ ɛyɛɛ dɛn na moaba fie ntɛm saa?” 19 Ɛnna wɔbuaa sɛ: “Egyptni+ bi na ɔgyee yɛn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam. Ɔsan saa nsuo mpo maa yɛn, na ɔmaa nnwan no bi nomeeɛ.” 20 Ɔbisaa ne mma mmaa no sɛ: “Ɔwɔ he? Adɛn na moagya no wɔ hɔ? Monkɔfrɛ no na ɔne yɛn mmɛdidi.” 21 Na Mose penee so sɛ ɔbɛtena ɔbarima no nkyɛn, na ɔde ne babaa Sipora+ maa Mose awareɛ. 22 Akyire yi, ɔbaa no woo ɔbabarima, na Mose too ne din Gersom,*+ ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: “Mabɛyɛ hɔhoɔ wɔ ananafoɔ asaase so.”+

23 Mfeɛ* pii akyi no, Egypt hene no wuiɛ,+ nanso nkoasom no nti, Israelfoɔ no kɔɔ so sii apini, na wɔsu hwehwɛɛ ɔboafoɔ, na wɔn sufrɛ no duruu nokorɛ Nyankopɔn no asom.+ 24 Ɛduruu baabi no, Onyankopɔn tee wɔn apinisie+ no, na Onyankopɔn kaee apam a ɔne Abraham, Isak, ne Yakob yɛeɛ no.+ 25 Enti Onyankopɔn hwɛɛ Israelfoɔ no, na Onyankopɔn hunuu deɛ wɔrefa mu.

3 Mose bɛyɛɛ odwanhwɛfoɔ, na na ɔhwɛ n’asebarima Yetro+ a ɔyɛ Midian sɔfoɔ no nnwan. Da bi a ɔde nnwan no rekɔ serɛ no atɔeɛ fam no, ɔkɔpuee nokorɛ Nyankopɔn no bepɔ Horeb+ ho. 2 Afei Yehowa bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nwura* bi a ɛredɛre mu.+ Berɛ a ɔhwɛɛ adeɛ no dinn no, ɔhuu sɛ nwura no redɛre nanso ɛnhye. 3 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Mɛkɔ akɔhwɛ anwanwadeɛ yi, na mahunu deɛ enti a nwura no nhyeɛ.” 4 Berɛ a Yehowa huu sɛ ɔrebɛn hɔ abɛhwɛ no, ɔfrɛ firii nwura no mu sɛ: “Mose! Mose!” na ɔbuaa sɛ: “Menie.” 5 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mmɛn ha. Yi wo nan ase mpaboa, ɛfiri sɛ baabi a wogyina no yɛ asaase kronkron.”

6 Ɔtoaa so sɛ: “Mene w’agya Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn,+ Isak Nyankopɔn,+ ne Yakob Nyankopɔn.”+ Ɛnna Mose de n’anim hintaeɛ, ɛfiri sɛ na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ nokorɛ Nyankopɔn no. 7 Yehowa toaa n’asɛm no so sɛ: “Amaneɛ a me nkurɔfoɔ a wɔwɔ Egypt no rehunu nyinaa m’ani tua, na mate apini a wɔsi ɛsiane sɛ wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma nti. Menim wɔn brɛ nyinaa.+ 8 Mɛsiane akɔgye wɔn afiri Egyptfoɔ nsam,+ na mayi wɔn afiri asaase no so akɔ asaase a ɛyɛ na ɛtrɛ so, asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so,+ baabi a Kaananfoɔ, Hitifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ teɛ.+ 9 Afei hwɛ! Mate Israelfoɔ no sufrɛ, na sɛdeɛ Egyptfoɔ rehyɛ wɔn so+ no nso mahu. 10 Enti bra ma mensoma wo Farao nkyɛn na kɔyi me man Israelfoɔ no firi Egypt.”+

11 Nanso Mose bisaa nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: “Mene hwan a merekɔ Farao anim sɛ merekɔyi Israelfoɔ afiri Egypt?” 12 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mɛdi w’akyi,+ na deɛ ɛbɛkyerɛ sɛ me na masoma wo nie: Sɛ wonya de ɔman no firi Egypt ba a, mobɛsom nokorɛ Nyankopɔn no wɔ bepɔ yi so.”+

13 Nanso Mose bisaa nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: “Sɛ mekɔ Israelfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mo agyanom Nyankopɔn asoma me mo nkyɛn’ na sɛ wɔbisa me sɛ, ‘Ne din de sɛn?’+ a, asɛm bɛn na menka nkyerɛ wɔn?” 14 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mɛyɛ Me Ho Deɛ Mepɛ Sɛ Meyɛ Biara.”*+ Na ɔtoaa so sɛ: “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, deɛ wɔfrɛ no ‘Mɛyɛ Me Ho Deɛ Mepɛ Sɛ Meyɛ Biara’ no, ɔno na wasoma me mo nkyɛn.”+ 15 Afei Onyankopɔn san ka kyerɛɛ Mose sɛ:

“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn,+ Isak Nyankopɔn,+ ne Yakob Nyankopɔn+ na wasoma me mo nkyɛn.’ Wei ne me din de kɔsi daa,+ na wei na wɔmfa nkae me wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. 16 Afei kɔ na kɔboa Israel mpanimfoɔ ano na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham, Isak, ne Yakob Nyankopɔn ayi ne ho adi akyerɛ me. Ɔkaa sɛ: “M’adwene wɔ mo so,+ na deɛ wɔde reyɛ mo wɔ Egypt nyinaa m’ani tua. 17 Enti deɛ mereka ne sɛ, mɛgye mo afiri amanehunu+ a Egyptfoɔ de aba mo so no mu de mo akɔ Kaananfoɔ, Hitifoɔ, Amorifoɔ,+ Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ+ asaase so, asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so.”’+

18 “Sɛdeɛ ɛteɛ biara wɔbɛtie wo.+ Afei wo ne Israel mpanimfoɔ no bɛkɔ Egypt hene hɔ. Mokɔ a, monka nkyerɛ no sɛ, ‘Yehowa, Hebrifoɔ+ Nyankopɔn no ne yɛn akasa. Enti yɛsrɛ wo ma yɛntwa nnansa kwan nkɔ serɛ so nkɔbɔ afɔreɛ mma Yehowa yɛn Nyankopɔn.’+ 19 Nanso menim paa sɛ Egypt hene remma mo kwan, gye sɛ nsa a ɛyɛ den hyɛ no ansa.+ 20 Enti mɛtene me nsa abɔ Egypt na mayɛ anwanwadeɛ pii wɔ hɔ; afei ɔbɛma moakɔ.+ 21 Na mɛma nkurɔfoɔ no anya Egyptfoɔ anim adom, na sɛ morefiri hɔ akɔ a, moremfa nsapan nkɔ da.+ 22 Israelni baa biara mmisa deɛ ɔte bɛn no, ne ɔbaa a ɔne no te fie baako mu, na ɔnnye nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne deɛ wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ, ne ntoma mfiri ne hɔ, na momfa nhyehyɛ mo mma mmarima ne mo mma mmaa; monwerɛ Egyptfoɔ no ho.”*+

4 Nanso Mose kaa sɛ: “Na sɛ wɔannye me anni na wɔantie me,+ na wɔka sɛ ‘Yehowa nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo’ nso ɛ?” 2 Ɛnna Yehowa bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na wokura yi?” Na ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ poma.” 3 Ɛnna ɔkaa sɛ: “To twene fam.” Enti ɔto twenee fam, na ɛdanee ɔwɔ;+ ɛnna Mose dwane firii ho. 4 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Tene wo nsa sɔ ne dua mu.” Na ɔtenee ne nsa sɔɔ ne dua mu, na ɛdanee poma wɔ ne nsam. 5 Ɛnna Onyankopɔn kaa sɛ: “Wei bɛma wɔagye adi sɛ Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn+ no ayi ne ho adi akyerɛ wo.”+

6 Afei Yehowa ka kyerɛɛ no bio sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo nsa hyɛ w’ataadeɛ mu wɔ wo koko so.” Enti ɔde ne nsa hyɛɛ n’ataadeɛ mu. Berɛ a ɔyii ne nsa no, ɔnkɔhwɛ a, kwata na ayɛ ne nsa ho fitaa te sɛ sukyerɛmma yi!+ 7 Afei ɔkaa sɛ: “San fa wo nsa hyɛ w’ataadeɛ mu wɔ wo koko so.” Na ɔsan de ne nsa hyɛɛ n’ataadeɛ mu. Berɛ a ɔyii ne nsa no, na kwata no kɔ ama ne nsa ho ayɛ sɛ ne honam baabiara! 8 Ɔkaa sɛ: “Sɛ wɔannye wo anni anaasɛ wɔannye sɛnkyerɛnne a ɛdi kan no anni a, sɛnkyerɛnne a ɛtɔ so mmienu no deɛ, deɛ ɛteɛ biara wɔbɛgye atom.+ 9 Na sɛ wɔannye nsɛnkyerɛnne mmienu yi nyinaa anni na wɔantie wo a, kɔsa Asubɔnten Nil mu nsuo na hwie gu asaase kesee so, na nsuo a wosa firii Asubɔnten Nil no mu no bɛdane mogya wɔ asaase kesee no so.”+

10 Afei Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo, ɛfiri tete bɛsi berɛ a wo ne w’akoa rekasa yi mpo, menyɛ obi a m’ano ate, ɛfiri sɛ me kasa yɛ nyaa na me kɛtrɛma yɛ duru.”+ 11 Ɛnna Yehowa bisaa no sɛ: “Hwan na ɔyɛɛ onipa ano, na hwan na ɔma obi tumi yɛ mum, sotifoɔ, deɛ ɔhunu adeɛ yie ne onifirani? Ɛnyɛ me Yehowa? 12 Enti wo deɛ kɔ, na worekasa a, mɛka wo ho na mɛkyerɛ wo deɛ wobɛka.”+ 13 Nanso ɔkaa sɛ: “Yehowa, wei deɛ mesrɛ wo, sɛ obi foforɔ wɔ hɔ a wopɛ sɛ wosoma no a, soma ɔno mmom.” 14 Ɛnna Yehowa bo fuu Mose, na ɔkaa sɛ: “Wo nua Lewini Aaron+ nni hɔ anaa? Menim sɛ n’ano ate paa. Na ɔnam kwan so mpo rebɛhyia wo. Sɛ ɔhu wo a, n’ani bɛgye wɔ n’akomam.+ 15 Wo ne no nkasa na fa asɛm no hyɛ n’ano,+ na sɛ worekasa a, mɛka wo ho, na ɔno nso rekasa a, mɛka ne ho,+ na mɛkyerɛ mo deɛ monyɛ. 16 Ɔbɛsi w’ananmu ne nkurɔfoɔ no akasa; ɔbɛyɛ wo kyeame, na wo nso woayɛ sɛ Onyankopɔn ama no.*+ 17 Na fa poma yi kura na wode ayɛ nsɛnkyerɛnne no.”+

18 Enti Mose san n’akyi kɔɔ n’asebarima Yetro+ hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, mepɛ sɛ mesan kɔ me nuanom a wɔwɔ Egypt no nkyɛn kɔhwɛ sɛ wɔda so te ase anaa.” Ɛnna Yetro ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ.” 19 Ɛno akyi, berɛ a Mose da so wɔ Midian no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “San kɔ Egypt, ɛfiri sɛ wɔn a na wɔrehwehwɛ wo aku wo* no nyinaa awuwu.”+

20 Ɛnna Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenaa afunumu so, na ɔsiim de n’ani kyerɛɛ Egypt. Na Mose faa nokorɛ Nyankopɔn no poma no nso kuraeɛ. 21 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ wokɔduru Egypt a, anwanwadeɛ a mama wo tumi sɛ yɛ wɔ Farao anim no, hwɛ sɛ wobɛyɛ ne nyinaa.+ Nanso mɛma kwan ama n’akoma apirim,+ na ɔremma nkurɔfoɔ no nkɔ.+ 22 Ka kyerɛ Farao sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Israel yɛ me ba, m’abakan.+ 23 Mereka akyerɛ wo sɛ, Ma me ba no kwan na ɔnkɔsom me. Na sɛ woamma no ankɔ a, mɛku w’abakan.”’”+

24 Berɛ a wɔnam kwan so a wɔduruu ahomegyebea bi no, Yehowa+ bɛhyiaa no, na na ɔpɛ sɛ ɔku no.+ 25 Ɛnna Sipora+ faa boɔ bi a ano yɛ nnam* de twaa ne ba no twetia* na ɔmaa deɛ ɔtwaeɛ no kaa ne nan,* na ɔkaa sɛ: “Deɛ enti a mayɛ saa ne sɛ woyɛ mogya ayeforɔkunu ma me.” 26 Enti ɔgyaa no. Afei twetiatwa no nti Sipora kaa sɛ: “Woyɛ mogya ayeforɔkunu.”

27 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Kɔhyia Mose wɔ serɛ so.”+ Enti ɔkɔhyiaa no wɔ nokorɛ Nyankopɔn no bepɔ so,+ na ɔde mfeano kyeaa no. 28 Na nsɛm a Yehowa de somaa Mose+ ne nsɛnkyerɛnne a ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no,+ ɔkaa ne nyinaa ho asɛm kyerɛɛ Aaron. 29 Ɛno akyi no, Mose ne Aaron kɔboaboaa Israel mpanimfoɔ nyinaa ano.+ 30 Afei nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, Aaron kaa ne nyinaa kyerɛɛ wɔn, na Mose yɛɛ nsɛnkyerɛnne+ no wɔ nkurɔfoɔ no anim. 31 Ɛbaa saa no, nkurɔfoɔ no gye diiɛ.+ Na berɛ a wɔtee sɛ Yehowa atwa n’ani abɛhwɛ Israelfoɔ+ na wahu wɔn amanehunu no,+ wɔbɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butubutuu fam.

5 Akyire yi, Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Israel Nyankopɔn Yehowa se, ‘Ma me nkurɔfoɔ nkɔ na wɔnkodi m’afahyɛ wɔ serɛ so.’” 2 Nanso Farao kaa sɛ: “Hwan ne Yehowa,+ na matie no ama Israel akɔ?+ Mennim Yehowa biara, na Israelfoɔ nso, meremma wɔnkɔ.”+ 3 Nanso wɔkaa sɛ: “Hebrifoɔ Nyankopɔn no ne yɛn akasa. Yɛsrɛ wo, yɛpɛ sɛ yɛde nnansa tu kwan kɔbɔ afɔreɛ wɔ serɛ so ma Yehowa yɛn Nyankopɔn;+ anyɛ saa a, ɔde yareɛ anaa sekan bɛba yɛn so.” 4 Ɛnna Egypt hene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mose ne Aaron, adɛn nti na moama nkurɔfoɔ no agyae wɔn adwuma agu hɔ? Monkɔhwɛ so nyɛ mo adwuma!”*+ 5 Farao toaa so sɛ: “Hwɛ nnipa dodoɔ a wɔreyɛ adwuma wɔ asaase no so. Nanso mopɛ sɛ wɔgyae adwuma a wɔreyɛ no.”

6 Enti da no ara, Farao ka kyerɛɛ adwuma so ahwɛfoɔ ne wɔn a wɔdeda adwuma ano no sɛ: 7 “Mommma nkurɔfoɔ no serɛ a wɔde bɛyɛ birikisi bio.+ Ɛsɛ sɛ wɔn ankasa kɔhwehwɛ serɛ. 8 Nanso momma wɔnyɛ birikisi dodoɔ a wɔyɛ daa no. Monnte so mmma wɔn, ɛfiri sɛ wɔrego wɔn ho.* Ɛno nti na wɔresu sɛ, ‘Yɛpɛ sɛ yɛkɔ, yɛpɛ sɛ yɛkɔbɔ afɔreɛ ma yɛn Nyankopɔn!’ 9 Mommia adwuma no mu mma wɔn na adwuma no nnɔɔso mma wɔn, na wɔankɔtie nnaadaasɛm biara.”

10 Enti adwuma so ahwɛfoɔ+ ne wɔn a wɔdeda adwuma ano no kɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Asɛm a Farao aka ne sɛ, ‘Meremma mo serɛ bio. 11 Baabi a mobɛnya serɛ biara, mo ara monkɔhwehwɛ, nanso mo adwuma no deɛ, yɛrente so ketewaa bi mpo.’” 12 Enti nkurɔfoɔ no tee wɔn ho guu mu kɔboaboaa serɛ* ano wɔ Egypt asaase so baabiara. 13 Na adwuma so ahwɛfoɔ no kɔɔ so hyɛɛ wɔn sɛ: “Adwuma a wɔatwa ama obiara sɛ da biara ɔnyɛ no, monyɛ no sɛ berɛ a na wɔma mo serɛ no.” 14 Afei nso, Farao adwuma so ahwɛfoɔ no hwee+ Israelfoɔ a wɔdeda adwuma ano no, na wɔbisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na nnora ne nnɛ, birikisi dodoɔ a daa motwa no, moantwa anwie?”

15 Ɛnna Israelfoɔ a wɔdeda adwuma ano no kɔɔ Farao nkyɛn kɔkaa wɔn haw kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na woreyɛ wo nkoa saa? 16 Wɔmmaa wo nkoa serɛ biara, nso wɔka kyerɛ yɛn sɛ, ‘Monyɛ birikisi!’ Wɔhwe yɛn, nanso mfomsoɔ no firi wo nkurɔfoɔ no.” 17 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Morego mo ho,* morego mo ho!*+ Ɛno ara nti na moreka sɛ, ‘Yɛpɛ sɛ yɛkɔbɔ afɔreɛ ma Yehowa.’+ 18 Monkɔ nkɔyɛ adwuma! Wɔremma mo serɛ biara, nanso birikisi dodoɔ a yɛaka sɛ montwa no, ɛno ara na mobɛtwa.”

19 Berɛ a ɔkaa sɛ: “Monnte birikisi a moyɛ no daa no so baako mpo” no, Israelfoɔ a wɔdeda adwuma ano no huu sɛ asɛm ato wɔn. 20 Afei berɛ a wɔfiri Farao hɔ reba no, wɔbɛtoo Mose ne Aaron sɛ wɔgyina hɔ retwɛn wɔn. 21 Ɛhɔ ara na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa nhwɛ na ɔntwe mo aso, ɛfiri sɛ moama Farao ne ne nkoa bo afu yɛn,* na mode sekan ahyɛ wɔn nsam sɛ wɔmfa nkunkum yɛn.”+ 22 Ɛnna Mose bɔɔ Yehowa mpaeɛ sɛ: “Yehowa, adɛn nti na woama awie nkurɔfoɔ yi bɔne? Adɛn nti na wosomaa me? 23 Ɛfiri berɛ a mekɔɔ Farao nkyɛn kɔkasaa wɔ wo din mu no,+ wateetee nkurɔfoɔ yi asene kane no mpo,+ nanso wonnyee wo nkurɔfoɔ.”+

6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Afei wobɛhu deɛ mɛyɛ Farao.+ Mede nsa a ɛyɛ den bɛhyɛ no ama no agyaa wɔn ama wɔakɔ; mede nsa a ɛyɛ den bɛhyɛ no ama no apamo wɔn afiri n’asaase so.”+

2 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mene Yehowa. 3 Ná meyi me ho adi kyerɛ Abraham, Isak, ne Yakob sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn,+ nanso me din Yehowa+ no deɛ, mamma wɔamfa anhu me.+ 4 Me ne wɔn yɛɛ apam nso sɛ mede Kaanan asaase a wɔkɔsoɛɛ so sɛ ahɔhoɔ no bɛma wɔn.+ 5 Afei mate Israelfoɔ a Egyptfoɔ de wɔn ayɛ nkoa no apinisie, na mekae m’apam+ nso.

6 “Enti ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: ‘Mene Yehowa, na mɛyi mo afiri Egyptfoɔ nnesoa ase, na magye mo afiri wɔn nkoasom mu;+ mede basa a emu atene* ne asotwe* akɛseɛ na ɛbɛgye mo afiri Egyptfoɔ nsam.+ 7 Na mede mo bɛyɛ me man, na mayɛ mo Nyankopɔn,+ na mobɛhu sɛ ampa mene Yehowa mo Nyankopɔn a ɔyii mo firii Egypt nkoasom mu no. 8 Mede mo bɛba asaase a mekaa ntam* sɛ mede bɛma Abraham, Isak, ne Yakob no so; mede bɛma mo sɛ agyapadeɛ.+ Mene Yehowa.’”+

9 Akyire yi Mose de nsɛm yi kɔtoo Israelfoɔ no anim, nanso ɛsiane sɛ na wɔn abam abu na wɔrebrɛ wɔ nkoasom mu nti, wɔantie Mose.+

10 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 11 “Kɔka kyerɛ Egypt hene Farao sɛ ɔmma Israelfoɔ no mfiri n’asaase so nkɔ.” 12 Nanso Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Hwɛ, Israelfoɔ no mpo antie me,+ na ɛbɛyɛ dɛn na Farao atie me a m’ano nteeɛ*+ yi?” 13 Nanso Yehowa san kaa asɛm a ɔpɛ sɛ Mose ne Aaron de kɔto Israelfoɔ no ne Egypt hene Farao anim, na wɔatumi ayi Israelfoɔ no afiri Egypt asaase so.

14 Weinom ne atitire wɔ wɔn agyanom fie: Israel ba panin Ruben+ mma ne Hanok, Palu, Hesron, ne Karmi.+ Weinom ne Ruben asefoɔ.

15 Simeon mma ne Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar, ne Saul a ɔne Kaananni baa woo no no.+ Weinom ne Simeon asefoɔ.

16 Lewi+ mma din, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Gerson, Kohat, ne Merari.+ Mfeɛ a Lewi diiɛ nyinaa yɛ 137.

17 Gerson mma ne Libni ne Simei, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+

18 Kohat mma ne Amram, Yisar, Hebron, ne Usiel.+ Mfeɛ a Kohat diiɛ nyinaa yɛ 133.

19 Merari mma ne Mahli ne Musi.

Weinom ne Lewi asefoɔ no mmusua.+

20 Afei Amram waree ne papa nuabaa Yokebed.+ Akyire yi, ɔne no woo Aaron ne Mose.+ Mfeɛ a Amram diiɛ nyinaa yɛ 137.

21 Yisar mma ne Kora,+ Nefeg, ne Sikri.

22 Usiel mma ne Misael, Elisafan,+ ne Sitri.

23 Afei Aaron waree Aminadab babaa Eliseba a ɔyɛ Naason+ nuabaa. Ɔne no woo Nadab, Abihu, Eleasar, ne Itamar.+

24 Kora mma ne Asir, Elkana, ne Abiasaf.+ Weinom ne Kora asefoɔ.+

25 Aaron ba Eleasar+ waree Putiel mma mmaa no mu baako. Ɔne no woo Finehas.+

Weinom ne Lewifoɔ agyanom abusuafie mpanimfoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+

26 Aaron ne Mose yi na Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhyehyɛ Israelfoɔ no akuakuo* na monyi wɔn mfiri Egypt asaase so.”+ 27 Ɛyɛ Aaron ne Mose yi ara na wɔne Egypt hene Farao kɔkasaa sɛ ɔmma wɔn kwan mma wɔnyi Israelfoɔ mfiri Egypt no.+

28 Ɛda a Yehowa ne Mose kasaa wɔ Egypt asaase so no, 29 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mene Yehowa. Deɛ mereka akyerɛ wo yi nyinaa, ka kyerɛ Egypt hene Farao.” 30 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Hwɛ, m’ano nteeɛ,* na deɛn paa na ɛbɛma Farao atie me?”+

7 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, mayɛ wo sɛ Onyankopɔn* ama Farao, na wo ara wo nua Aaron na ɔbɛyɛ wo diyifoɔ.+ 2 Deɛ maka akyerɛ wo nyinaa, ka kyerɛ wo nua Aaron na ɔno nso nka nkyerɛ Farao, na ɔbɛma Israelfoɔ no afiri n’asaase so akɔ. 3 Nanso mɛma kwan ama Farao akoma apirim,+ na mɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ bebree wɔ Egypt asaase so.+ 4 Ne nyinaa akyi, Farao rentie mo, na mɛtene me nsa wɔ Egypt so, na mede asotwe* akɛseɛ bɛyi me dɔm,* Israelfoɔ a wɔyɛ me nkurɔfoɔ no afiri Egypt asaase so.+ 5 Afei sɛ mede me nsa ka Egypt na meyi Israelfoɔ no firi wɔn mu a, ɛno na Egyptfoɔ bɛhu paa sɛ mene Yehowa.”+ 6 Ɛnna Mose ne Aaron kɔyɛɛ deɛ Yehowa kaa sɛ wɔnyɛ no. Wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ. 7 Berɛ a wɔne Farao kɔkasaeɛ no, na Mose adi mfeɛ 80, na na Aaron nso adi mfeɛ 83.+

8 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 9 “Sɛ Farao ka sɛ, ‘Monyɛ anwanwadeɛ’ a, ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘To wo poma no to Farao anim.’ Ɛbɛdane ɔwɔ kɛseɛ.”+ 10 Enti Mose ne Aaron kɔɔ Farao anim, na wɔyɛɛ deɛ Yehowa kaa sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. Aaron too ne poma no too Farao ne n’ahemfie mpanimfoɔ anim, na ɛdanee ɔwɔ kɛseɛ. 11 Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafoɔ ne asumanfoɔ no baeɛ, na Egypt akɔmfoɔ+ no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara.+ 12 Wɔn mu biara too ne poma too fam na ebiara danee ɔwɔ kɛseɛ, na Aaron poma no memenee wɔn mpoma no. 13 Nanso Farao kɔɔ so ara pirim n’akoma,+ na sɛdeɛ na Yehowa aka no, wantie wɔn.

14 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Farao akoma yɛ den.+ Ɔmpɛ sɛ ɔma nkurɔfoɔ no kɔ. 15 Kɔ Farao nkyɛn anɔpa. Hwɛ! Ɔbɛkɔ nsuo no ho. Enti kɔhyia no wɔ Asubɔnten Nil no ho; worekɔ a, fa poma a ɛdanee ɔwɔ no kura.+ 16 Ka kyerɛ no sɛ, ‘Hebrifoɔ Nyankopɔn Yehowa na wasoma me wo nkyɛn,+ na waka sɛ: “Ma me nkurɔfoɔ no nkɔsom me wɔ serɛ so,” nanso ɛbɛsi nnɛ wontieeɛ. 17 Deɛ Yehowa aka nie: “Wei na ɛbɛma woahu sɛ mene Yehowa.+ Mede poma a ɛkura me yi rebɛbɔ Asubɔnten Nil mu na ɛbɛdane mogya. 18 Na Nil mu mpataa bɛwuwu ama nsuo no abɔn kankaankan, na Egyptfoɔ rentumi nnom Nil mu nsuo.”’”

19 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘Fa wo poma na tene wo nsa kyerɛ Egypt nsuo so,+ wɔn nsubɔnten, asuasu,* atadeɛ,+ ne wɔn nsuo a ɛtaataa hɔ nyinaa so, na ɛnnane mogya.’ Na mogya bɛba Egypt asaase so baabiara, nneɛma a wɔde nsuo gu mu a wɔde nnua ayɛ, ne deɛ wɔde aboɔ ayɛ nyinaa mu.” 20 Deɛ Yehowa kaa sɛ Mose ne Aaron nyɛ no, saa na wɔyɛeɛ; wɔyɛɛ no ntɛm ara. Ɔmaa ne poma so de bɔɔ nsuo a ɛwɔ Asubɔnten Nil mu no mu wɔ Farao ne ne nkoa anim, na asubɔnten no mu nsuo nyinaa danee mogya.+ 21 Afei mpataa a ɛwɔ asubɔnten no mu wuwuiɛ,+ na asubɔnten no bɔnee. Enti Egyptfoɔ no antumi annom Nil mu nsuo,+ na mogya baa Egypt asaase so baabiara.

22 Egypt akɔmfoɔ no nso de nyankomade yɛɛ saa ara,+ enti Farao kɔɔ so pirim n’akoma, na sɛdeɛ na Yehowa aka no, wantie wɔn.+ 23 Afei Farao san kɔɔ ne fie, na wamfa deɛ asi yi nso anyɛ asɛm. 24 Na Egyptfoɔ nyinaa firii aseɛ tutuu mmura wɔ Nil ho baabiara de pɛɛ nsuo a wɔbɛnom, ɛfiri sɛ na wɔntumi nnom Nil mu nsuo. 25 Berɛ a Yehowa maa Nil danee mogya no, nnanson twaam.

8 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Ma me nkurɔfoɔ no kwan na wɔnkɔsom me.+ 2 Sɛ woamma wɔankɔ a, mɛma mpɔtorɔ aba w’asaase so baabiara.+ 3 Na mpɔtorɔ bɛyɛ Asubɔnten Nil mu manyamanya, na wɔbɛba wo fie ne wo pia mu ne wo mpa so ne wo nkoa afie mu ne wo manfoɔ so, na wɔbɛba wo fononoo ne deɛ wofete mmɔre wom nyinaa mu.+ 4 Mpɔtorɔ no bɛforo aba wo ne wo manfoɔ ne wo nkoa nyinaa so.”’”

5 Akyire yi, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘Fa wo poma na tene wo nsa wɔ nsubɔnten, Nil asuasu, ne atadeɛ so, na ma mpɔtorɔ no mmra Egypt asaase so baabiara.’” 6 Ɛnna Aaron tenee ne nsa wɔ Egypt nsuo so, na mpɔtorɔ no bɛkataa Egypt asaase nyinaa so. 7 Na akɔmfoɔ no nso de nyankomade yɛɛ saa ara; wɔmaa mpɔtorɔ no baa Egypt asaase so.+ 8 Ɛnna Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsrɛ Yehowa na ɔmma mpɔtorɔ no mfiri me ne me man so nkɔ,+ na mɛma nkurɔfoɔ no kwan ama wɔakɔbɔ afɔreɛ ama Yehowa.” 9 Mose ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Mepɛ sɛ wo ara wokyerɛ berɛ a wopɛ sɛ mesrɛ ma wo ne wo nkoa ne wo manfoɔ na mpɔtorɔ no firi mo so ne mo afie mu. Asubɔnten Nil no mu deɛ nko ara na ɛbɛka.” 10 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ɔkyena.” Enti Mose kaa sɛ: “Ɛbɛba mu sɛdeɛ woaka no, na ama woahu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn.+ 11 Mpɔtorɔ no bɛfiri wo ne w’afie mu ne wo nkoa ne wo man so akɔ. Ɛbɛka Nil no mu deɛ nko ara.”+

12 Afei Mose ne Aaron firii Farao anim kɔeɛ, na Mose srɛɛ Yehowa sɛ ɔnyi mpɔtorɔ a ɔde aba Farao so no.+ 13 Yehowa yɛɛ Mose abisadeɛ no, na mpɔtorɔ a wɔwɔ afie mu, wɔn adihɔ, ne wɔn nsaase nyinaa so firii aseɛ wuwuiɛ. 14 Na wɔboaboaa wɔn ano sum hɔ akuakuo pii, na asaase no so firii aseɛ bɔnee. 15 Berɛ a Farao huu sɛ ahotɔ aba no, ɔpirim n’akoma,+ na sɛdeɛ na Yehowa aka no, wantie wɔn.

16 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘Tene wo poma no na fa bɔ fam, na mfuturo no bɛdane ntummoa* wɔ Egypt asaase so nyinaa.’” 17 Wɔyɛɛ saa; Aaron tenee ne nsa de ne poma no bɔɔ fam, na ntummoa baa nnipa ne mmoa nyinaa so. Na asaase no so mfuturo nyinaa danee ntummoa wɔ Egypt asaase so baabiara.+ 18 Akɔmfoɔ no nso yɛɛ sɛ wɔreyɛ nyankomade+ ama ntummoa aba, nanso wɔantumi. Ntummoa no baa nnipa ne mmoa so. 19 Enti akɔmfoɔ no ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Ɛyɛ Onyankopɔn nsateaa!”+ Nanso Farao kɔɔ so pirim n’akoma, na sɛdeɛ na Yehowa aka no, wantie wɔn.

20 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɔre anɔpatutuutu kɔgyina Farao anim. Hwɛ, ɔreba nsuo no ho! Ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Ma me nkurɔfoɔ no kwan na wɔnkɔsom me. 21 Na sɛ woamma me nkurɔfoɔ no ankɔ a, mɛma ahuriiɛ* aba wo ne wo nkoa ne wo manfoɔ so ne w’afie mu, na ahuriiɛ bɛhyɛ Egypt afie ma, na asaase a wɔn nan* sisi so mpo, wɔbɛkata so nyinaa. 22 Saa da no, mɛyɛ Gosen asaase a me nkurɔfoɔ te so no soronko. Ohuriiɛ biara renkɔ hɔ,+ na woahu sɛ me Yehowa, mewɔ asaase yi so.+ 23 Na mede ɛhyeɛ bɛto me nkurɔfoɔ ne wo nkurɔfoɔ ntam. Mɛyɛ sɛnkyerɛnne yi ɔkyena.”’”

24 Yehowa yɛɛ saa, na ahuriiɛ tuu yuu bɛhyɛɛ Farao fie ne ne nkoa afie mu ne Egypt asaase nyinaa so ma.+ Na ahuriiɛ no nti, asaase no so sɛeeɛ.+ 25 Afei Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔbɔ afɔreɛ mma mo Nyankopɔn wɔ asaase yi so.” 26 Nanso Mose kaa sɛ: “Ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛyɛ saa, ɛfiri sɛ yɛde adeɛ a Egyptfoɔ kyiri na ɛbɛbɔ afɔreɛ ama Yehowa yɛn Nyankopɔn.+ Na sɛ yɛde adeɛ a Egyptfoɔ kyiri bɔ afɔreɛ wɔ wɔn anim a, wɔrensi yɛn aboɔ anaa? 27 Enti yɛbɛtu kwan nnansa akɔbɔ afɔreɛ wɔ serɛ so ama Yehowa yɛn Nyankopɔn sɛdeɛ waka akyerɛ yɛn no.”+

28 Ɛnna Farao kaa sɛ: “Mɛma mo kwan ama moakɔbɔ afɔreɛ ama Yehowa mo Nyankopɔn wɔ serɛ so. Mmom monnkɔ akyiri pii. Mompa kyɛw mma me.”+ 29 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Merefiri w’anim akɔpa Yehowa kyɛw, na ɔkyena ahuriiɛ no bɛfiri Farao ne ne nkoa ne ne manfoɔ so akɔ. Nanso hwɛ na Farao annaadaa yɛn* bio anka sɛ ɔremma nkurɔfoɔ no nkɔbɔ afɔreɛ mma Yehowa.”+ 30 Afei Mose firii Farao anim kɔpaa Yehowa kyɛw.+ 31 Enti Yehowa yɛɛ deɛ Mose bisaeɛ no, na ahuriiɛ no firii Farao ne ne nkoa ne ne manfoɔ so kɔeɛ; baako mpo anka. 32 Nanso Farao pirim n’akoma saa berɛ yi nso, na wamma nkurɔfoɔ no kwan ankɔ.

9 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Hebrifoɔ Nyankopɔn Yehowa aka nie: “Ma me nkurɔfoɔ no kwan ma wɔnkɔsom me.+ 2 Na sɛ wokɔ so si wɔn kwan na woamma wɔankɔ a, 3 ɛnneɛ hwɛ, Yehowa de ne nsa+ bɛka wo nyɛmmoa a wɔwɔ wuram no. Na ɔbɛma owuyareɛ+ ate asi apɔnkɔ, mfunumu, yoma, anantwie ne nnwan nyinaa mu. 4 Na Yehowa bɛma nsonsonoeɛ abɛda Israel nyɛmmoa ne Egypt nyɛmmoa ntam, na Israelfoɔ mmoa no mu baako mpo renwu.”’”+ 5 Afei Yehowa hyɛɛ berɛ; ɔkaa sɛ: “Ɔkyena na Yehowa bɛyɛ wei wɔ asaase no so.”

6 Enti adeɛ kyeeɛ no, Yehowa yɛɛ deɛ ɔkaeɛ no, na Egypt nyɛmmoa nyinaa bi firii aseɛ wuwuiɛ,+ nanso Israelfoɔ mmoa deɛ, baako mpo anwu. 7 Berɛ a Farao bisaa mu no, ɔtee sɛ Israelfoɔ no nyɛmmoa no mu baako mpo nwuiɛ. Nanso Farao kɔɔ so ara pirim n’akoma, na wamma nkurɔfoɔ no ankɔ.+

8 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Momfa mo nsa mmienu nsa fononoo mu nsõ na Mose nto mpete wiem wɔ Farao anim. 9 Na ɛbɛyɛ sɛ mfuturo akata Egypt asaase nyinaa so, na ɛbɛdane mpɔmpɔ bɔne abobɔ nnipa ne mmoa wɔ Egypt asaase so baabiara.”

10 Enti wɔkɔsaa fononoo mu nsõ, na wɔbɛgyinaa Farao anim. Afei Mose to petee wiem na ɛdanee mpɔmpɔ bɔne bobɔɔ nnipa ne mmoa nyinaa. 11 Na mpɔmpɔ no nti akɔmfoɔ a wɔwɔ hɔ no antumi annyina Mose anim, ɛfiri sɛ na mpɔmpɔ no abobɔ akɔmfoɔ no ne Egyptfoɔ nyinaa.+ 12 Nanso Yehowa maa kwan maa Farao pirim n’akoma, na sɛdeɛ na Yehowa aka akyerɛ Mose no, wantie wɔn.+

13 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɔre anɔpatutuutu kɔ Farao anim, na ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Hebrifoɔ Nyankopɔn Yehowa aka nie: “Ma me nkurɔfoɔ no kwan na wɔnkɔsom me. 14 Ɛfiri sɛ merehwie mmusuo nyinaa agu wo ne wo nkoa ne wo man so, na woahu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ me wɔ asaase nyinaa so.+ 15 Sɛ mepɛ a, anka ɛbɛsi saa berɛ yi matene me nsa de owuyareɛ abɔ wo ne wo manfoɔ, na mayi* wo afiri asaase so. 16 Nanso deɛ enti a mama woda so te ase nie: mepɛ sɛ meda me tumi adi kyerɛ wo, na mema nkurɔfoɔ bɔ me din asaase nyinaa so.+ 17 W’ahomasoɔ nti, woda so ara resi me nkurɔfoɔ no kwan sɛ woremma wɔnkɔ? 18 Ɔkyena sɛsɛɛ mɛma asukɔtweaa a emu yɛ duru atɔ, na ɛfiri berɛ a wɔkyekyeree Egypt bɛsi nnɛ ebi ntɔɔ saa da. 19 Enti soma kɔfa wo nyɛmmoa ne biribiara a wowɔ wɔ wuram bra bɛhyɛ fie. Onipa anaa aboa biara a ɔwɔ wuram a wɔamfa no amma fie no, asukɔtweaa no bɛgu ne so ama no awu.”’”

20 Farao nkoa a wɔfaa Yehowa asɛm no aniberesɛm no de wɔn nkoa ne wɔn nyɛmmoa baa fie ntɛm, 21 nanso wɔn a wɔamfa Yehowa asɛm anyɛ asɛm no gyaa wɔn nkoa ne wɔn nyɛmmoa wɔ wuram.

22 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Tene wo nsa kyerɛ soro na asukɔtweaa ntɔ ngu Egypt asaase nyinaa so,+ na ɛmmɛgu nnipa, mmoa, ne afifideɛ nyinaa so wɔ Egypt asaase so.”+ 23 Enti Mose de ne poma no kyerɛɛ soro, na Yehowa maa aprannaa ne asukɔtweaa ne egya* pae guu asaase no so, na Yehowa kɔɔ so maa asukɔtweaa no tɔ guu Egypt asaase so. 24 Berɛ a asukɔtweaa retɔ no, na egya nso repa yerɛyerɛ. Ná ano yɛ den paa; ɛfiri berɛ a Egypt bɛyɛɛ ɔman no, na ɛso bi mmaa asaase no so da.+ 25 Asukɔtweaa no pae guu Egypt asaase nyinaa so. Ɛpae guu biribiara a ɛwɔ wuram so, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so. Ɛsɛee afifideɛ nyinaa, na ɛbubuu wuram nnua nyinaa.+ 26 Gosen asaase a na Israelfoɔ wɔ so no nko ara na asukɔtweaa no antɔ wɔ hɔ.+

27 Ɛnna Farao soma kɔfrɛɛ Mose ne Aaron baeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Afei deɛ, mahu sɛ mayɛ bɔne. Yehowa tene, na me ne me man afom. 28 Monsrɛ Yehowa na Onyankopɔn aprannaa ne asukɔtweaa no nnyae, na mɛma mo kwan ama moakɔ; morentena ha bio.” 29 Enti Mose ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ menya firi kurom ha a, mɛtrɛ me nsam wɔ Yehowa anim. Afei aprannaa ne asukɔtweaa no to bɛtwa na woahu sɛ asaase yɛ Yehowa dea.+ 30 Nanso wo ne wo nkoa deɛ, menim paa sɛ wei mpo remma monsuro Yehowa Nyankopɔn.”

31 Deɛ ɛsiiɛ no sɛee asaawa ne baali,* ɛfiri sɛ na baali no aduru berɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa, na asaawa no nso agu nhyerɛnee. 32 Nanso hwiit ne kɔkɔte* deɛ, ansɛe ɛfiri sɛ na ɛmfifi ntɛm.* 33 Na Mose gyaa Farao hɔ kɔeɛ, na ɔfirii kuro no mu kɔtrɛɛ ne nsam wɔ Yehowa anim, na aprannaa ne asukɔtweaa no to twaeɛ, na nsuo no gyaee tɔ wɔ asaase no so.+ 34 Berɛ a Farao huu sɛ nsuo ne asukɔtweaa ne aprannaa no agyae no, ɔsan yɛɛ bɔne na ɔne ne nkoa akoma yɛɛ den.+ 35 Enti Farao kɔɔ so pirim n’akoma, na sɛdeɛ na Yehowa nam Mose so aka no, wamma Israelfoɔ no ankɔ.+

10 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔ Farao nkyɛn, na mama kwan ama ɔne ne nkoa apirim wɔn akoma,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛyi me nsɛnkyerɛnne yi adi wɔ n’anim.+ 2 Ɛno bɛma wo nso woaka ama wo mma ne wo mmanana ate deɛ mede yɛɛ Egypt ne nsɛnkyerɛnne a meyii no adi kyerɛɛ wɔn no,+ na mobɛhunu ampa sɛ mene Yehowa.”

3 Enti Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Hebrifoɔ Nyankopɔn Yehowa aka nie, ‘Wobɛbɔ me so dwɛɛ akɔsi da bɛn?+ Ma me nkurɔfoɔ no kwan ma wɔnkɔsom me. 4 Na sɛ wosene wo kɔn na woamma me nkurɔfoɔ no ankɔ a, ɛnneɛ ɔkyena mɛma ntutummɛ aba w’asaase so. 5 Na wɔbɛkata asaase no so baabiara, na nnipa renhunu fam mpo; na biribiara a asukɔtweaa no ansɛe no a ɛkaeɛ no, ntutummɛ no bɛdi ne nyinaa, na dua biara a ɛrefifi wɔ wuram no, wɔbɛwe.+ 6 Wɔbɛhyɛ w’afie ne wo nkoa nyinaa afie ne Egyptfoɔ nyinaa afie ma, na ɛbɛyɛ biribi a ɛfiri berɛ a w’agyanom ne wo nananom tenaa asaase yi so bɛsi nnɛ, obiara nhunuu bi da.’”+ Afei ɔdanee ne ho firii Farao anim kɔeɛ.

7 Ɛno akyi no, Farao nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnkɔsi da bɛn na saa ɔbarima yi bɛkɔ so ateetee yɛn?* Ma nkurɔfoɔ no nkɔsom wɔn Nyankopɔn Yehowa no. Egypt asɛe yi, enti wonhunuiɛ?” 8 Ɛnna wɔde Mose ne Aaron san baa Farao anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔsom mo Nyankopɔn Yehowa no. Hwannom na wɔbɛkɔ bi?” 9 Na Mose buaa sɛ: “Yɛn mmɔfra, yɛn nkɔkoraa ne yɛn mmerewa, yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmaa, yɛn nnwan ne yɛn anantwie na yɛne wɔn bɛkɔ,+ ɛfiri sɛ yɛrekɔdi Yehowa afahyɛ.”+ 10 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mema kwan ma mo ne mo mma kɔ a, ɛnneɛ na Yehowa di mo akyi ampa!+ Metumi hu paa sɛ adwemmɔne na mokura. 11 Daabi! Mmarima a wɔwɔ mo mu no nko ara na wɔbɛtumi akɔsom Yehowa, ɛfiri sɛ ɛno na mobɛbisaeɛ.” Ɔkaa saa no, wɔpamoo wɔn firii Farao anim.

12 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Tene wo nsa wɔ Egypt asaase so na ntutummɛ mmra Egypt asaase so, na asaase no so afifideɛ nyinaa, deɛ asukɔtweaa no ansɛe no biara, wɔmmɛwe.” 13 Ɛhɔ ara na Mose tenee ne poma wɔ Egypt asaase so, na da mu no nyinaa, Yehowa maa apueeɛ mframa bɔ faa asaase no so; ɛbɔɔ awia ne anadwo. Adeɛ kyee anɔpa no, apueeɛ mframa no soaa ntutummɛ baeɛ. 14 Afei ntutummɛ no tu baa Egypt asaase no nyinaa so, na wɔbɛsum asaase no so baabiara.+ Wɔsɛee adeɛ papaapa.+ Ná ntutummɛ a ɛte saa mmaa da, na ɛno akyi nso, ebi amma saa bio da. 15 Wɔkataa asaase no so baabiara maa asaase no so yɛɛ tumm; na wɔdii asaase no so nhaban ne nnuaba a asukɔtweaa no gyaeɛ nyinaa. Afei, na ahabammono biara nni dua anaa afuo mu afifideɛ biara so wɔ Egypt asaase nyinaa so.

16 Ntɛm ara na Farao frɛɛ Mose ne Aaron baeɛ, na ɔkaa sɛ: “Mayɛ mo Nyankopɔn Yehowa no bɔne, na mo nso, mayɛ mo bɔne. 17 Afei mesrɛ mo, momfa me bɔne nkyɛ me nnɛ nko ara, na monsrɛ mo Nyankopɔn Yehowa mma me na ɔnyi mmusuo yi mfiri me so.” 18 Enti ɔfirii* Farao anim na ɔkɔsrɛɛ Yehowa.+ 19 Afei Yehowa danee mframa no ani, na atɔeɛ mframa denden bi bɔeɛ, na ɛtwee ntutummɛ no nyinaa kɔguu Ɛpo Kɔkɔɔ no mu. Ntutummɛ no baako mpo anka Egypt asaase so. 20 Nanso Yehowa maa kwan maa Farao pirim n’akoma,+ na wamma Israelfoɔ no ankɔ.

21 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Tene wo nsa kyerɛ soro na esum mmra Egypt asaase so, esum kabii a wosɔ mu a ɛbɛyɛ yie.” 22 Ntɛm ara na Mose tenee ne nsa kyerɛɛ soro, na esum kabii baa Egypt asaase nyinaa so nnansa.+ 23 Obiara anhu ne yɔnko anim, na obiara antumi ampue nnansa; nanso baabi a Israelfoɔ teɛ no deɛ, na hann wɔ hɔ.+ 24 Ɛnna Farao frɛɛ Mose ka kyerɛɛ no sɛ: “Monkɔsom Yehowa.+ Mo nnwan ne mo anantwie nko ara na ɛbɛka ha. Mobɛtumi de mo mma mpo akɔ.” 25 Nanso Mose kaa sɛ: “Wo na wobɛma yɛn* mmoa a yɛde bɛyɛ afɔrebɔdeɛ ne deɛ yɛde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ama Yehowa yɛn Nyankopɔn.+ 26 Yɛn nyɛmmoa nso bɛka yɛn ho akɔ. Aboa baako* mpo renka ha, ɛfiri sɛ wɔn mu bi na yɛbɛyi de abɔ afɔreɛ ama yɛn Nyankopɔn Yehowa, nanso gye sɛ yɛduru hɔ ansa na yɛbɛhu deɛ yɛde bɛbɔ afɔreɛ ama Yehowa.” 27 Na Yehowa maa kwan maa Farao pirim n’akoma, enti wampene so amma wɔankɔ.+ 28 Ɛnna Farao ka kyerɛɛ no sɛ: “Firi me so kɔ! Hwɛ na woansi m’anim bio, ɛfiri sɛ da a wobɛba m’anim no, wobɛwu.” 29 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Woaka a mate. Merensi w’anim bio.”

11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Aka ɔhaw baako a mede bɛba Farao ne Egypt so. Ɛno akyi ɔbɛma moafiri ha akɔ.+ Ɔma mo kwan sɛ monkɔ a, ɔbɛpiapia mo atikɔ mpo.+ 2 Afei ka kyerɛ nkurɔfoɔ no sɛ mmarima ne mmaa nyinaa, obiara mmisa deɛ ɔte bɛn no no hɔ nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne deɛ wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ.”+ 3 Yehowa maa nkurɔfoɔ no nyaa Egyptfoɔ anim adom. Afei nso, Farao nkoa ne nkurɔfoɔ no nyaa obuo kɛseɛ paa maa Mose wɔ Egypt asaase so.

4 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Mɛba abɛfa Egypt anadwo dasuo mu,+ 5 na abakan biara a ɔwɔ Egypt asaase so bɛwu,+ ɛfiri Farao a ɔte adwa so abakan so kɔsi afenaa a ɔreyam adeɛ wɔ boɔ* so abakan so, ne ayɛmmoa biara abakan.+ 6 Egypt asaase so nyinaa nkurɔfoɔ bɛsu dendeenden. Biribi a ɛte saa nsii da, na ebi nso rensi bio.+ 7 Na Israelni anaa n’ayɛmmoa deɛ, ɔkraman mpo rempɔ no, na Yehowa de bɛkyerɛ mo sɛ nsonsonoeɛ da Egyptfoɔ ne Israelfoɔ ntam.’+ 8 Wo nkoa nyinaa nso bɛba abɛbɔ wɔn mu ase wɔ m’anim aka sɛ, ‘Wo ne wo nkurɔfoɔ nyinaa nkɔ.’+ Ɛba saa a, afei mɛkɔ.” Ɛnna ɔde abufuo firii Farao anim kɔeɛ.

9 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Farao rentie mo,+ na ɛno bɛma mayɛ anwanwadeɛ pii wɔ Egypt asaase so.”+ 10 Mose ne Aaron yɛɛ anwanwadeɛ yi nyinaa wɔ Farao anim,+ nanso Yehowa maa Farao kwan maa no pirim n’akoma, enti wamma Israelfoɔ no amfiri n’asaase so ankɔ.+

12 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Egypt asaase so sɛ: 2 “Bosome yi bɛyɛ abosome no nyinaa mfitiaseɛ. Ɛbɛyɛ afe no mu bosome a ɛdi kan ama mo.+ 3 Monka nkyerɛ Israel asafo nyinaa sɛ, ‘Bosome yi da a ɛtɔ so du no, abusua biara mpɛ odwan+ baako mma wɔn agya fie, kyerɛ sɛ, efie biara mpɛ odwan baako. 4 Na sɛ efie no mufoɔ sua sɛ wɔn nko ara bɛwe odwan baako a, wɔne wɔn a wɔte bɛn wɔn* no nkyɛ wɔ wɔn fie, sɛdeɛ nnipa* a wɔwɔ hɔ dodoɔ teɛ. Mommu wɔn dodoɔ ano nhunu dodoɔ a ɛbɛso obiara, na monkyɛ odwan no mma no nso obiara so. 5 Momfa onini a wadi afe a ɔte apɔ;+ ɛbɛtumi ayɛ odwan ba anaa apɔnkye ba. 6 Momfa aboa no nsie nkɔsi bosome yi da a ɛtɔ so 14,+ na Israel asafo mu no nyinaa nku no anwummerɛ+ a anim rebiribiri.* 7 Na efie biara a wɔbɛwe wom no, wɔmfa mogya no mfa aponnwa no nnua mmienu a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no ne deɛ ɛwɔ atifi no ho.+

8 “‘Wɔnwe nam no anadwo no ara.+ Wɔmfa gya ntõtõ na wɔmfa nka paanoo a mmɔka* nnim+ ne nhaban a ɛyɛ nwono ho nni.+ 9 Ɛnsɛ sɛ mowe no amono, na ɛnsɛ sɛ mode nsuo noa; mmom momfa gya ntõtõ. Montõtõ ne ti ne ne nan* ne ne yam adeɛ nyinaa. 10 Monnnya bi mmma adeɛ nnkye so, na sɛ ebi ka ma adeɛ kye so a, momfa gya nhye.+ 11 Monni no saa kwan yi so: Mommɔ abɔsoɔ* na monhyɛ mpaboa; momfa poma nkura na monni no ntɛmntɛm. Ɛyɛ Yehowa Twam. 12 Ɛfiri sɛ mɛba abɛfa Egypt asaase so anadwo yi akunkum Egypt mmakan nyinaa, ɛfiri onipa so kɔsi aboa so.+ Na mɛbu Egypt anyame nyinaa atɛn.+ Mene Yehowa. 13 Na efie biara a mowɔ mu no, mogya no bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama mo. Sɛ mehu mogya no a, mɛtwam akɔ, na sɛ mede ɔsɛeɛ ba Egypt asaase so a, ebi renka mo.+

14 “‘Monyɛ biribi mfa nkae saa da yi wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; monni no sɛ Yehowa afahyɛ. Monni saa ahyɛdeɛ yi so afebɔɔ. 15 Ɛyɛ a momfa nnanson nni paanoo a mmɔka nnim.+ Da a ɛdi kan no, monyi mmɔka biara mfiri mo afie mu, ɛfiri sɛ onipa* biara a ɔbɛdi adeɛ a mmɔka wom firi da a ɛdi kan kɔsi da a ɛtɔ so nson no, wɔbɛku* no afiri Israelfoɔ mu. 16 Da a ɛdi kan no monyɛ nhyiamu kronkron, na da a ɛtɔ so nson no nso monyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ obiara yɛ adwuma saa berɛ no;+ aduane a onipa* biara bɛdi no, ɛno nko ara na mobɛtumi ayɛ.

17 “‘Monni Paanoo a Mmɔka Nnim Afahyɛ no,+ ɛfiri sɛ saa da yi na mɛyi mo asafodɔm afiri Egypt asaase so. Mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, monkae saa da yi; monni saa ahyɛdeɛ yi so afebɔɔ. 18 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 14 anwummerɛ kɔsi da a ɛtɔ so 21 anwummerɛ no, monni paanoo a mmɔka nnim.+ 19 Na ɛnsɛ sɛ wɔhu mmɔka biara wɔ mo afie mu nnanson, ɛfiri sɛ obiara a ɔde mmɔka bɛka n’ano no, ɔhɔhoɔ oo, Israelni oo,+ wɔbɛku no* afiri Israel asafo mu.+ 20 Monnni biribiara a mmɔka wom. Baabi a moteɛ biara, paanoo a mmɔka nnim na ɛsɛ sɛ modi.’”

21 Ntɛm ara na Mose frɛɛ Israel mpanimfoɔ+ nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma abusua biara nkɔ ne nyɛmmoa mu nkɔyi aboa ketewa* baako, na monku aboa a mode bɛdi Twam no. 22 Afei momfa sommɛ* mmɔ ne mogya mu wɔ ɛsɛn mu na momfa mfa aponnwa no dua a ɛwɔ atifi ne mmienu a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no ho. Mma obiara mmpue mmfiri ne fie kɔsi sɛ adeɛ bɛkye. 23 Ɛba saa na sɛ Yehowa bɛfa ɔman no mu kunkum Egyptfoɔ no a, ɔbɛhu mogya a ɛwɔ aponnwa no dua a ɛwɔ atifi ne mmienu a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no ho no, na Yehowa bɛtwam wɔ saa pono no ho; ɔremma owuo* no mma mo afie mu.+

24 “Momma wei nyɛ ahyɛdeɛ a mo ne mo mma bɛdi so afebɔɔ.+ 25 Na sɛ moduru asaase a Yehowa de bɛma mo no so sɛdeɛ waka no a, monkɔ so nyɛ saa amanneɛ yi.+ 26 Na sɛ mo mma bisa mo sɛ, ‘Adɛn nti na moyɛ saa amanneɛ yi?’+ a, 27 monka sɛ, ‘Ɛyɛ Twam afɔreɛ a yɛbɔ ma Yehowa; ɔno na berɛ a ɔrekunkum Egyptfoɔ na ɔduruu Israelfoɔ afie ho wɔ Egypt no, ɔtwaam a wamfa ne nsa anka obiara wɔ yɛn afie mu.’”

Ɛnna nkurɔfoɔ no koto de wɔn anim butubutuu fam. 28 Enti Israelfoɔ no kɔyɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron no.+ Wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.

29 Ɛduruu anadwo dasuo mu no, Yehowa kum Egypt asaase no so abakan biara,+ ɛfiri Farao a ɔte adwa so abakan so kɔsi akoa a ɔda afiase* abakan so. Ɔkum aboa biara nso abakan.+ 30 Farao ne n’ahemfie mpanimfoɔ ne Egyptfoɔ a wɔaka nyinaa sɔree saa anadwo no, na nkurɔfoɔ suu dendeenden wɔ Egypt, ɛfiri sɛ efie baako mpo nni hɔ a obi anwu wom.+ 31 Ntɛm pa ara na ɔfrɛɛ Mose ne Aaron+ anadwo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsɔre na mo ne Israelfoɔ a wɔaka nyinaa mfiri me man mu nkɔ. Monkɔsom Yehowa sɛdeɛ moaka no.+ 32 Momfa mo nnwan ne mo anantwie nso nkɔ sɛdeɛ moaka no.+ Na ɛyɛ a monsrɛ nhyira mma me nso.”

33 Afei Egyptfoɔ no kaa wɔn so sɛ wɔnyɛ ntɛm+ mfiri ɔman no mu, na wɔkaa sɛ, “Anyɛ saa a, yɛn nyinaa bɛwuwu!”+ 34 Enti nkurɔfoɔ no faa wɔn mmɔre a ɛnnya nkaaɛ, na wɔde ntoma kyekyeree deɛ wɔfete mmɔre wom no de sisii wɔn kɔn ho. 35 Israelfoɔ no yɛɛ deɛ na Mose aka no; wɔbisaa nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne deɛ wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ, ne ntoma firii Egyptfoɔ no hɔ.+ 36 Yehowa maa nkurɔfoɔ no nyaa Egyptfoɔ anim adom, enti biribiara a wɔbisaeɛ no, wɔde maa wɔn, na wɔwerɛɛ Egyptfoɔ ho.+

37 Afei Israelfoɔ no firii Ramese+ de wɔn ani kyerɛɛ Sukot.+ Ná wɔnam fam, na na wɔyɛ mmarima bɛyɛ 600,000; wɔankan mmɔfra anka ho.+ 38 Firamanfiramanfoɔ*+ bebree nso ne wɔn kɔeɛ, na na nnwan ne anantwie ne nyɛmmoa ahodoɔ pii nso ka wɔn ho. 39 Afei wɔde esiam a wɔafete a wɔde firi Egypt baeɛ no tõõ paanoo nkuruwankuruwa a mmɔka nnim. Deɛ enti a na mmɔka nnim ne sɛ wɔpamoo wɔn firii Egypt, enti wɔannya kwan anyɛ aduane a wɔbɛdi no kwan so.+

40 Mfeɛ dodoɔ a Israelfoɔ de tenaa Egypt+ nyinaa si 430.+ 41 Ɛda a wɔdii mfeɛ 430 wɔ hɔ no, saa da no ara na Yehowa asafodɔm no nyinaa firii Egypt asaase so kɔeɛ. 42 Ɛbɛyɛɛ anadwo a wɔbɛyɛ biribi de akae deɛ Yehowa yɛ de yii wɔn firii Egypt asaase so no. Israelfoɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi de kae saa anadwo yi de hyɛ Yehowa animuonyam.+

43 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Twam no ho ahyɛdeɛ nie: Ɛnsɛ sɛ ɔhɔhoɔ biara di bi.+ 44 Nanso sɛ obi wɔ akoa a ɔde sika atɔ no a, montwa akoa no twetia.*+ Ɛno ansa na ɔbɛtumi adi bi. 45 Ɔhɔhoɔ a wabɛtena mo mu, ne ɔpaani a ɔmfiri mo man mu rentumi nni bi. 46 Monni no efie baako mu. Mommfa nam no bi mmfiri fie hɔ nnkɔ abɔnten baabiara, na mommmu ne dompe biara mu.+ 47 Ɛsɛ sɛ Israel asafo nyinaa di saa afahyɛ yi. 48 Sɛ ɔhɔhoɔ bi te mo mu na ɔpɛ sɛ ɔdi Twam no bi de hyɛ Yehowa animuonyam a, ma ɔbarima biara a ɔwɔ ne fie ntwa twetia ansa na wabɛn ho sɛ ɔrebɛdi bi. Ɛno bɛma no ayɛ sɛ kuromanni. Nanso ɔbarima biara a ɔntwaa twetia deɛ, ɛnsɛ sɛ ɔdi bi.+ 49 Mmara korɔ no ara na kuromanni ne ɔhɔhoɔ a wabɛtena mo mu bɛdi so.”+

50 Enti Israelfoɔ nyinaa yɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron no. Wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ. 51 Da no ara, Yehowa yii Israelfoɔ ne wɔn asafodɔm firii Egypt asaase so.

13 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Abakan biara a ɔyɛ ɔbarima* wɔ Israel no, hyira ne so* ma me. Sɛ ɔyɛ ɔbarima a ɔdi kan oo, sɛ aboa a ɔyɛ onini a ɔdi kan oo, ɛyɛ me dea.”+

3 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Monkae da a wɔyii mo firii nkoafie wɔ Egypt no,+ ɛfiri sɛ Yehowa de nsa a ɛyɛ den na ɛyii mo firii ha.+ Enti ɛnsɛ sɛ modi biribiara a mmɔka* wom. 4 Morefiri ha nnɛ wɔ bosome Abib* mu.+ 5 Sɛ Yehowa de mo duru Kaananfoɔ, Hitifoɔ, Amorifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ+ asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so+ a ɔkaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma mo no so a,+ monyɛ saa amanneɛ yi wɔ bosome yi mu. 6 Ɛsɛ sɛ modi paanoo a mmɔka nnim nnanson,+ na da a ɛtɔ so nson no mobɛdi Yehowa afahyɛ. 7 Enti monni paanoo a mmɔka nnim nnanson;+ na ɛnsɛ sɛ wɔhunu biribiara a mmɔka wom wɔ mo nkyɛn+ wɔ mo asaase so baabiara. 8 Saa da no, ka kyerɛ wo ba sɛ, ‘Deɛ Yehowa yɛ maa me berɛ a mefirii Egypt no nti na mereyɛ wei.’+ 9 Na wei bɛyɛ sɛ ahyɛnsodeɛ wɔ wo nsa ho, na ayɛ sɛ biribi wɔ wo moma so* a ɛbɛkae wo.+ Wei bɛma woaka Yehowa mmara ho asɛm, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na Yehowa de yii wo firii Egypt. 10 Afe biara, berɛ no duru a, kae na di saa ahyɛdeɛ yi so.+

11 “Sɛ Yehowa de wo duru Kaananfoɔ asaase so, sɛdeɛ waka wo ne w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wo no a,+ 12 abakan biara a ɔyɛ ɔbarima,* ne nyɛmmoa anini a wɔdi kan a wobɛnya no, fa ma Yehowa. Wɔyɛ Yehowa dea.+ 13 Afunumu ba a ɔdi kan deɛ, fa odwan sesa, anyɛ saa a bu ne kɔn mu. Wo babarima biara a ɔyɛ abakan deɛ, tɔ no.+

14 “Na sɛ akyire yi wo ba bisa wo sɛ, ‘Wei kyerɛ sɛn?’ a, ka kyerɛ no sɛ, ‘Yehowa de nsa a ɛyɛ den na ɛyii yɛn firii nkoafie wɔ Egypt.+ 15 Berɛ a Farao pirim n’akoma kaa sɛ ɔremma yɛnkɔ no,+ Yehowa kum abakan biara a ɔwɔ Egypt asaase so, ɛfiri onipa so kɔsi aboa so.+ Ɛno nti na mede anini a wɔdi kan nyinaa* rebɔ afɔreɛ ama Yehowa no, nanso m’abakan biara deɛ, mɛtɔ no.’ 16 Wei bɛyɛ sɛ ahyɛnsodeɛ wɔ wo nsa ho, na ayɛ sɛ biribi wɔ wo moma so*+ a ɛbɛkae wo, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na Yehowa de yii wo firii Egypt.”

17 Na berɛ a Farao maa wɔn kwan sɛ wɔnkɔ no, ɛwom sɛ na ɛkwan a ɛda Filistifoɔ asaase so no nware, nanso Onyankopɔn amfa wɔn amfa hɔ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn kaa sɛ: “Sɛ ɛko bi si a, nkurɔfoɔ no bɛsesa wɔn adwene, na wɔasan akɔ Egypt.” 18 Enti Onyankopɔn maa wɔkɔnwonwan faa serɛ so wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.+ Na berɛ a Israelfoɔ no firi Egypt reba nyinaa, na wɔahyehyɛ wɔn sɛ asafodɔm. 19 Mose faa Yosef nnompe nso kaa ne ho kɔeɛ, ɛfiri sɛ na Yosef ama Israelfoɔ no aka ntam, na ɔkaa sɛ: “Ɛkwan biara so Onyankopɔn bɛtwa n’ani abɛhwɛ mo, enti monhwɛ sɛ mode me nnompe bɛka mo ho afiri ha akɔ.”+ 20 Afei wɔfirii Sukot kɔsoɛɛ Etarm wɔ serɛ no ano.

21 Yehowa dii wɔn anim kyerɛɛ wɔn kwan. Ɔnam mununkum dum mu kyerɛɛ wɔn kwan awia,+ na ɔnam egya dum mu maa wɔn hann anadwo, na ɛmaa wɔnantee awia ne anadwo.+ 22 Mununkum dum no amfiri wɔn anim awia, na egya dum no nso amfiri wɔn anim anadwo.+

14 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔnsan wɔn akyi mmɛsoɛ wɔ Pihahirot anim, Migdol ne ɛpo no ntam.+ Na wɔmfa wɔn ani nkyerɛ Baal-Sefon wɔ ɛpo no ho. 3 Na Farao bɛka sɛ, ‘Israelfoɔ no ayera ama wɔn ani so atan wɔn wɔ asaase no so. Wɔnnya baabiara mfa wɔ serɛ no so.’ 4 Mɛma kwan ama Farao akoma apirim+ na ɔbɛti wɔn, na mede Farao ne n’asraafoɔdɔm bɛhyɛ me ho animuonyam,+ na deɛ ɛteɛ biara Egyptfoɔ bɛhu sɛ mene Yehowa.”+ Enti wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.

5 Akyire yi, Egypt hene tee sɛ nkurɔfoɔ no adwane. Ɛhɔ ara na Farao ne ne nkoa sesaa wɔn adwene wɔ Israelfoɔ no ho,+ na wɔkaa sɛ: “Ɛdeɛn koraa na yɛayɛ yi? Israelfoɔ a yɛama wɔkɔ yi, hwan na ɔbɛsom yɛn?” 6 Enti ɔhyehyɛɛ ne nteaseɛnam, na ɔfaa ne dɔm kaa ne ho.+ 7 Ɔfaa nteaseɛnam atitire 600, na ɔde Egypt nteaseɛnam a aka nyinaa kaa ho, na ɔyii akofoɔ a wɔbɛtena emu biara mu. 8 Na Yehowa maa kwan maa Egypt hene Farao pirim n’akoma, enti berɛ a Israelfoɔ no de akokoɔduro* rekɔ no,+ ɔtii wɔn. 9 Egyptfoɔ no tii wɔn,+ na Farao nteaseɛnam, n’apɔnkɔ, ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so, ne n’asraafoɔdɔm nyinaa bɛn wɔn pɛɛ; saa berɛ no, na Israelfoɔ no asoɛ wɔ ɛpo no ho wɔ Pihahirot a ɛne Baal-Sefon di nhwɛanimu no.

10 Berɛ a Farao bɛn Israelfoɔ no, wɔmaa wɔn ani so huu sɛ Egyptfoɔ no di wɔn akyi. Ɛbaa saa no, Israelfoɔ no bɔɔ hu na wɔfirii aseɛ su frɛɛ Yehowa.+ 11 Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Asieeɛ biara nni Egypt nti na wode yɛn aba sɛ yɛmmɛwuwu wɔ serɛ so ha yi?+ Adɛn nti koraa na woyii yɛn firii Egypt baa ha? 12 Yɛanka ankyerɛ wo wɔ Egypt sɛ, ‘Gyae ma yɛnsom Egyptfoɔ no’? Anka ɛyɛ sɛ yɛbɛsom Egyptfoɔ no mmom sene sɛ yɛbɛwuwu wɔ serɛ so.”+ 13 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Monnsuro.+ Monnyina pintinn na monhwɛ sɛdeɛ nnɛ Yehowa bɛgye mo nkwa.+ Na Egyptfoɔ a mohu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn bio da.+ 14 Mo deɛ, monyɛ komm nhwɛ, na Yehowa ankasa bɛko ama mo.”+

15 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Adɛn nti na wosu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔntoa akwantuo no so. 16 Wo deɛ, fa wo poma no kyerɛ ɛpo no so, na emu bɛpae ama Israelfoɔ no anante asaase kesee so wɔ ɛpo no mfimfini. 17 Na me deɛ, mɛma kwan ama Egyptfoɔ no apirim wɔn akoma na wɔati Israelfoɔ no, na mede Farao, n’asraafoɔdɔm, ne nteaseɛnam, ne ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so bɛhyɛ me ho animuonyam.+ 18 Na sɛ mede Farao, ne nteaseɛnam, ne ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so hyɛ me ho animuonyam a, Egyptfoɔ no bɛhu sɛ mene Yehowa.”+

19 Afei nokorɛ Nyankopɔn no bɔfoɔ+ a na ɔdi Israel asafo no anim no bɛdii wɔn akyi, na mununkum dum no nso firii wɔn anim bɛdii wɔn akyi.+ 20 Enti ɛbɛhyɛɛ Egyptfoɔ dɔm ne Israel asafo no mfimfini.+ Ɛfã baako no, na ɛyɛ mununkum tumm, na ɛfã foforɔ no nso maa hann anadwo no.+ Enti Egyptfoɔ no anto Israelfoɔ no anadwo no nyinaa.

21 Afei Mose de ne poma no kyerɛɛ ɛpo no so+ na Yehowa maa apueeɛ mframa denden bɔɔ anadwo no nyinaa, na ɛpiaa nsuo no kɔɔ akyire maa ɛpo no ase danee asaase kesee.+ Na nsuo no mu paee mmienu.+ 22 Enti Israelfoɔ no faa asaase a awoɔ no so wɔ ɛpo no mfimfini,+ na nsuo no yɛɛ fasuo wɔ wɔn nifa ne wɔn benkum.+ 23 Egyptfoɔ no, Farao apɔnkɔ, ne nteaseɛnam, ne ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so no nyinaa tii wɔn kɔduruu ɛpo no mfimfini.+ 24 Ɛduruu ahomakye no,* Yehowa firi egya ne mununkum dum+ no mu hwɛɛ Egyptfoɔ dɔm no na ɔmaa wɔn ani so tan wɔn. 25 Afei ɔtutuu wɔn nteaseɛnam no nan na ɛyɛɛ den maa wɔn sɛ wɔbɛkɔ, na Egyptfoɔ no kaa sɛ: “Momma yɛnnwane mfiri Israelfoɔ no anim, ɛfiri sɛ Israelfoɔ nti Yehowa ne Egyptfoɔ reko.”+

26 Ɛno akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Tene wo nsa wɔ ɛpo no so na nsuo no mmu mfa Egyptfoɔ, wɔn nteaseɛnam, ne wɔn nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so no so.” 27 Ɛhɔ ara na Mose tenee ne nsa wɔ ɛpo no so, na adeɛ rekye no, nsuo no san baa baabi a na ɛwɔ. Afei Egyptfoɔ no yɛɛ sɛ wɔredwane, nanso Yehowa kaa wɔn guu ɛpo no mfimfini.+ 28 Enti Farao nteaseɛnam, ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so, ne n’asraafoɔdɔm a wɔtii Israelfoɔ kɔɔ ɛpo no mu nyinaa, nsuo no bɛkataa wɔn so.+ Wɔn mu baako mpo anka.+

29 Nanso Israelfoɔ no faa asaase kesee so wɔ ɛpo no mfimfini,+ na nsuo no yɛɛ fasuo wɔ wɔn nifa ne wɔn benkum.+ 30 Enti saa da no Yehowa gyee Israelfoɔ firii Egyptfoɔ no nsam,+ na Israelfoɔ huu sɛ Egyptfoɔ no awuwu gu ɛpo no ano. 31 Berɛ a Israelfoɔ hunuu tumi* kɛseɛ a Yehowa de ko tiaa Egyptfoɔ no, ɛmaa wɔfirii aseɛ suroo Yehowa, na wɔgyee Yehowa ne n’akoa Mose diiɛ.+

15 Saa berɛ no, Mose ne Israelfoɔ too dwom yi de kamfoo Yehowa sɛ:+

“Mɛto dwom ama Yehowa, ɛfiri sɛ n’animuonyam ayɛ kɛse.+

Pɔnkɔ ne deɛ ɔte ne so nyinaa, waka wɔn agu ɛpo mu.+

 2 Yah* ne m’ahoɔden ne me tumi, ɛfiri sɛ ɔno ne me nkwagyeɛ.+

Me Nyankopɔn nie, mɛyi no ayɛ;+ Onyankopɔn a me papa som no no nie,+ mɛkamfo no.+

 3 Yehowa yɛ ɛko mu katakyie.+ Ne din ne Yehowa.+

 4 Farao nteaseɛnam ne n’asraafoɔdɔm nyinaa, waka wɔn agu ɛpo mu,+

N’akofoɔ a wɔyɛ akatakyie paa no amem wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu.+

 5 Nsuo no bu faa wɔn so; wɔkɔɔ aseɛ tɔnn te sɛ boɔ.+

 6 O Yehowa, tumi ahyɛ wo nsa nifa ma;+

O Yehowa, wo nsa nifa bubu atamfo.

 7 W’animuonyam kɛseɛ mu na wode wɔn a wɔsɔre tia wo no hwe fam;+

Wosoma w’abufuhyeɛ, na ɛhye wɔn sɛ serɛ.

 8 Mframa a ɛfiri wo hwene mu kaa nsuo boaa ano;

Ɛgyinaa dinn, na nsuo a ayiri no ammu amfa so;

Nsuo a ɛrebu fa so no yɛɛ te sɛ nsukyenee wɔ ɛpo no mfimfini.

 9 Ɔtamfo no kaa sɛ: ‘Mɛti wɔn; mɛto wɔn!

Mɛkyɛ wɔn ho nneɛma akɔsi sɛ m’akoma bɛtɔ me yam!*

Mɛtwe me sekan! Me nsa bɛdi wɔn so nkonim!’+

10 Wohuu mframa, na ɛpo kataa wɔn so;+

Wɔkɔɔ aseɛ tɔnn te sɛ dadeɛ a emu yɛ duru* wɔ nsuo kɛseɛ mu.

11 O Yehowa, anyame no mu hwan na ɔte sɛ wo?+

Hwan na ɔte sɛ wo, wo a wo kronkronyɛ nni ano?+

Wo na ɛsɛ sɛ wɔsuro wo na wɔde nnwom yi wo ayɛ; wo na woyɛ anwanwadeɛ.+

12 Wotenee wo nsa nifa, na asaase menee wɔn.+

13 Wo dɔ a ɛnni hwammɔ nti, wodii ɔman a woagye wɔn no anim;+

Wode wo tumi bɛkyerɛ wɔn kwan akɔ wo tenabea kronkron hɔ.

14 Nkurɔfoɔ bɛte+ na wɔabɔ hu;

Filistifoɔ ho bɛyera wɔn paa.*

15 Saa berɛ no, ehu bɛka Edom abusua mpanimfoɔ;

Moab atumfoɔ* ho bɛpopo.+

Na Kaanan nyinaa akoma bɛtu.+

16 Ehu bɛma wɔn ho awoso biribiribiri.+

Wo basa kɛseɛ no nti wɔrenkeka wɔn ho; wɔbɛyɛ te sɛ boɔ

Kɔsi sɛ wo, Yehowa, wo man bɛtwam,

Kɔsi sɛ ɔman a woanya wɔn no+ bɛtwam akɔ.+

17 Wode wɔn bɛba na woabɛdua wɔn wo bepɔ so,+ w’agyapadeɛ so,

Faako a wo, Yehowa, woasiesie sɛ wobɛtena,

Tenabea kronkron a wo, Yehowa, wode wo nsa ayɛ no.

18 Yehowa bɛdi hene daa daa.+

19 Berɛ a Farao apɔnkɔ, ne nteaseɛnam, ne ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so no kɔɔ ɛpo no mu no,+

Yehowa maa ɛpo no bɛkataa wɔn so,+

Nanso Israelfoɔ no deɛ, wɔfaa asaase kesee so wɔ ɛpo no mfimfini.”+

20 Ɛnna odiyifoɔbaa Miriam a ɔyɛ Aaron nua no faa mpintin kuraeɛ, na mmaa no nyinaa de mpintin ne asa dii n’akyi. 21 Na Miriam gyee mmarima no so sɛ:

“Monto dwom mma Yehowa, ɛfiri sɛ n’animuonyam ayɛ kɛse.+

Pɔnkɔ ne deɛ ɔte ne so nyinaa, waka wɔn agu ɛpo mu.”+

22 Akyire yi, Mose dii Israelfoɔ no anim maa wɔfirii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur serɛ so, na wɔtwaa kwan nnansa wɔ serɛ no so, nanso wɔannya nsuo. 23 Wɔbɛduruu Mara,*+ nanso na ɛhɔ nsuo no yɛ nwono, enti wɔantumi annom. Ɛno nti na ɔfrɛɛ hɔ Mara no. 24 Ɛnna nkurɔfoɔ no firii aseɛ nwiinwii tiaa Mose sɛ:+ “Ɛdeɛn na yɛbɛnom?” 25 Enti ɔsu frɛɛ Yehowa,+ na Yehowa kyerɛɛ no dua bi. Berɛ a ɔde too nsuo no mu no, ɛyɛɛ dɛ.

Ɛhɔ na Onyankopɔn maa wɔn ahyɛdeɛ ne atemmusɛm, na ɛhɔ na ɔsɔɔ wɔn hwɛeɛ.+ 26 Ɔkaa sɛ: “Sɛ wowɛn w’aso tie Yehowa wo Nyankopɔn na woyɛ deɛ ɛtene wɔ n’ani so, na wotie ne mmara, na wodi n’ahyɛdeɛ nyinaa so a,+ nyarewa a mede baa Egyptfoɔ so no, meremfa emu biara mma wo so,+ ɛfiri sɛ me Yehowa na meresa wo yareɛ.”+

27 Ɛno akyi no, wɔbɛduruu Elim, na na asutire 12 ne mmɛdua 70 wɔ hɔ. Enti wɔsoɛɛ nsuo no ho.

16 Berɛ a wɔtu firii Elim no, akyire yi Israel asafo no nyinaa baa Sin serɛ+ a ɛwɔ Elim ne Sinai ntam no so. Ɛyɛ berɛ a wɔfirii Egypt asaase so no akyi bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so 15.

2 Afei Israel asafo no nyinaa firii aseɛ nwiinwii tiaa Mose ne Aaron wɔ serɛ no so.+ 3 Israelfoɔ no dwan wɔn ho sɛ: “Sɛ ɛyɛ berɛ a yɛwɔ Egypt asaase so tena kwansɛn ho we nam,+ na yɛdi paanoo mee no mpo na Yehowa kunkum yɛn a, anka yɛpɛ. Seesei mode yɛn aba serɛ yi so sɛ ɛkɔm nkunkum asafo mu yi nyinaa.+

4 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mɛma aduane atɔ afiri soro ama mo,+ na da biara obiara mpue nkɔfa deɛ ɛbɛso no da koro,+ na mede bɛsɔ wɔn ahwɛ sɛ wɔbɛdi me mmara so anaa wɔrenni so.+ 5 Nanso da a ɛtɔ so nsia no+ deɛ, deɛ wɔfa daa no, wɔmfa no mmɔho+ na wɔnsiesie.”

6 Enti Mose ne Aaron ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ: “Anwummerɛ mobɛhu sɛ Yehowa na ɔyii mo firii Egypt asaase so ampa.+ 7 Anɔpa mobɛhu Yehowa animuonyam, ɛfiri sɛ Yehowa ate anwiinwii a monwiinwii tia no no. Yɛn deɛ, yɛne hwan a monwiinwii tia yɛn?” 8 Mose toaa so sɛ: “Sɛ anwummerɛ Yehowa ma mo nam we na anɔpa nso ɔma mo aduane di mee a, ɛno na mobɛhu sɛ Yehowa ate anwiinwii a monwiinwii tia no no. Yɛn deɛ yɛne hwan? Yehowa na monwiinwii tia no, na ɛnyɛ yɛn.”+

9 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Ka kyerɛ Israel asafo no sɛ, ‘Mommra Yehowa anim, ɛfiri sɛ wate mo anwiinwii no.’”+ 10 Berɛ a Aaron kasa kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa wieeɛ no, Israelfoɔ no danee wɔn ani kyerɛɛ serɛ no so. Wɔnkɔhwɛ a, Yehowa animuonyam na apue wɔ mununkum mu yi.+

11 Yehowa ne Mose san kasaa sɛ: 12 “Mate Israelfoɔ anwiinwii no.+ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Anwummerɛ* mobɛwe nam, na anɔpa moadi aduane amee,+ na mobɛhu sɛ ampa mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”+

13 Na ɛduruu anwummerɛ no, mmoko* bɛhyɛɛ asoɛeɛ hɔ ma,+ na anɔpa no bosuo bɛkataa asoɛeɛ no ho nyinaa hyiaeɛ. 14 Berɛ a bosuo no woeɛ no, wɔhuu sɛ adeɛ nketenkete bi gugu serɛ no so+ te sɛ asukɔtweaa. 15 Berɛ a Israelfoɔ no hunuiɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho sɛ: “Ɛdeɛn nie?” Ná wɔnnim ade korɔ. Enti Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ aduane a Yehowa de ama mo sɛ monni.+ 16 Ahyɛdeɛ a Yehowa de ama mo ne sɛ, ‘Obiara mfa dodoɔ a ɔbɛtumi adi. Monhwɛ nnipa* a wɔwɔ mo ntomadan mu na monhunu dodoɔ a mobɛfa, obiara mfa omer*+ baako.’” 17 Israelfoɔ no yɛɛ saa; ebinom faa pii na ebinom nso faa kakraa bi. 18 Sɛ wɔde omer susu a, deɛ ɔfaa pii no annya ammoro so, na deɛ ɔfaa kakraa bi no nso deɛ soo no.+ Obiara faa deɛ ɔbɛtumi adi.

19 Afei Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnsɛ sɛ obiara gya bi ma adeɛ kye so.”+ 20 Nanso wɔantie Mose. Ebinom gyaa bi maa adeɛ kyee so, na ɛdɔree mmoaa maa no bɔnee, enti Mose bo fuu wɔn. 21 Anɔpa biara obiara kɔfa deɛ ɔbɛtumi adi. Na sɛ awia ano yɛ den a, na anane.

22 Da a ɛtɔ so nsia no, wɔfaa aduane no mmɔho mmienu,+ obiara faa omer mmienu. Enti Israel mpanimfoɔ nyinaa bɛbɔɔ Mose amanneɛ. 23 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Deɛ Yehowa aka nie: Ɔkyena yɛ homeda, homeda kronkron ma Yehowa.+ Deɛ mobɛtõ no montõ, na deɛ mobɛnoa nso monnoa.+ Na deɛ ɛbɛka no, momfa nsie nkɔsi anɔpa.” 24 Enti wɔde sie kɔsii anɔpa, sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no, na ammɔn na annɔre mmoaa nso. 25 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Monni no nnɛ, ɛfiri sɛ ɛnnɛ yɛ homeda ma Yehowa. Ɛnnɛ deɛ, mokɔ a morennya bi wɔ serɛ no so. 26 Nnansia na mobɛsesa, na da a ɛtɔ so nson no deɛ, ebi rentɔ, ɛfiri sɛ ɛyɛ Homeda.”+ 27 Da a ɛtɔ so nson no, ebinom kɔɔ sɛ wɔrekɔfa bi, nanso wɔannya bi.

28 Ɛnna Yehowa bisaa Mose sɛ: “Mobɛbu m’ahyɛdeɛ ne me mmara so akɔsi da bɛn?+ 29 Monkae sɛ Yehowa ama mo Homeda.+ Ɛno nti na da a ɛtɔ so nsia no wama mo aduane a mobɛdi no nnanu no. Enti da a ɛtɔ so nson no, obiara ntena baabi a ɔwɔ; mma no nkɔ baabiara.” 30 Enti da a ɛtɔ so nson no, ɔman no dii Homeda.*+

31 Israelfoɔ frɛɛ aduane no “mana.”* Ɛte sɛ aba fitaa ketewa bi, na ne dɛ te sɛ keeki a ɛwoɔ wom.+ 32 Afei Mose kaa sɛ: “Yehowa aka sɛ, ‘Monhyɛ omer ma na monkora so wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhu aduane a mede maa mo dii wɔ serɛ so berɛ a meyii mo firii Egypt asaase so no.’” 33 Enti Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Fa ahina na hyɛ mana omer baako gu mu na fa si Yehowa anim, na monkora so wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.”+ 34 Sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, Aaron de kɔsii Adanseɛ Adaka*+ no anim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛkora so. 35 Israelfoɔ no dii mana mfeɛ 40+ kɔsii sɛ wɔduruu asaase a nkurɔfoɔ te so so.+ Mana na wɔdi kɔsii sɛ wɔduruu Kaanan hyeɛ so.+ 36 Ná omer yɛ efa susudeɛ nkyɛmu du mu baako.*

17 Israel asafo nyinaa tu firii Sin serɛ no so.+ Sɛ wɔtu firi ha a, na wɔkɔ baabi foforɔ sɛdeɛ Yehowa bɛka sɛ wɔnyɛ no,+ na akyire yi wɔkɔsoɛɛ Refidim.+ Nanso na nsuo nni hɔ a ɔman no bɛnom.

2 Enti ɔman no ne Mose hameeɛ,+ na wɔkaa sɛ: “Ma yɛn nsuo nnom.” Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na mo ne me reham? Adɛn nti na mokɔ so sɔ Yehowa hwɛ?”+ 3 Ná sukɔm de nkurɔfoɔ no wɔ hɔ, enti ɔman no nwiinwii tiaa Mose sɛ:+ “Adɛn nti na woayi yɛn afiri Egypt aba ha sɛ sukɔm mmɛkunkum yɛne yɛn mma ne yɛn nyɛmmoa?” 4 Ɛnna Mose su frɛɛ Yehowa sɛ: “Ɛdeɛn na menyɛ ɔman yi? Aka kakraa bi na wɔasi me aboɔ!”

5 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa poma a wode bɔɔ Asubɔnten Nil mu no kura;+ fa Israel mpanimfoɔ no bi ka wo ho, na di ɔman no anim kɔ. 6 Hwɛ, mɛgyina w’anim wɔ Horeb botan so. Fa poma no bɔ botan no, na nsuo bɛfiri mu aba ama ɔman no anom.”+ Mose yɛɛ saa wɔ Israel mpanimfoɔ no anim. 7 Na ɔfrɛɛ hɔ Masa*+ ne Meriba,*+ ɛfiri sɛ ɛhɔ na Israelfoɔ no ne Mose hameeɛ, na ɛhɔ na wɔsɔɔ Yehowa hwɛeɛ.+ Wɔbisaa sɛ: “Yehowa wɔ yɛn mu anaa ɔnni yɛn mu?”

8 Ɛno akyi Amalekfoɔ+ ne Israelfoɔ bɛkoo wɔ Refidim.+ 9 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yosua+ sɛ: “Yi mmarima ma wɔne Amalekfoɔ nkɔko. Ɔkyena mɛkura nokorɛ Nyankopɔn no poma no akɔgyina kokoɔ no so.” 10 Na Yosua yɛɛ deɛ Mose ka kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ.+ Ɔne Amalekfoɔ no kɔkoeɛ, na Mose ne Aaron ne Hur+ foro kɔgyinaa kokoɔ no so.

11 Sɛ Mose ma ne nsa so kɔ soro a, na Israelfoɔ no redi nkonim, nanso sɛ ɔgyaa ne nsa mu ba fam a, na Amalekfoɔ no redi nkonim. 12 Berɛ a Mose nsa gyeneeɛ no, Aaron ne Hur faa boɔ de no tenaa so, na wɔsosɔɔ ne nsa mu. Ná baako wɔ benkum na baako nso wɔ nifa, na ne nsa amma fam kɔsii sɛ awia kɔtɔeɛ. 13 Enti Yosua de sekan dii Amalek ne ne dɔm so nkonim.+

14 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Twerɛ wei wɔ nwoma no mu na ɛnkae mo, na si so dua kyerɛ Yosua sɛ, ‘Mɛpepa Amalekfoɔ, na wɔrenkae wɔn bio da wɔ ɔsoro ase.’”+ 15 Mose sii afɔrebukyia na ɔtoo din Yehowa-Nisi,* 16 na ɔkaa sɛ: “Ɛsiane sɛ wɔama wɔn nsa so atia Yah+ ahennwa nti, Yehowa ne Amalek bɛko wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.”+

18 Na Mose asebarima Yetro a ɔyɛ Midian sɔfoɔ+ no tee deɛ Onyankopɔn ayɛ ama Mose ne ne man Israel ne sɛdeɛ Yehowa yii Israel firii Egypt no nyinaa.+ 2 Enti Mose ase Yetro faa Mose yere Sipora a na Mose ama no kɔ ne nkyɛn no, 3 na ɔfaa ne mma mmarima mmienu+ no kaa ho. Baako din de Gersom,*+ ɛfiri sɛ Mose kaa sɛ, “Meyɛ hɔhoɔ a mabɛtena ananafoɔ asaase so,” 4 na deɛ ɔka ho no nso de Elieser,* ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ, “Onyankopɔn a m’agya som no no ne me boafoɔ, na ɔno na ɔgyee me firii Farao sekan ano.”+

5 Enti Mose ase Yetro, ne Mose yere, ne ne mma no baa Mose nkyɛn wɔ serɛ no so, nokorɛ Nyankopɔn no bepɔ no ho.+ 6 Afei ɔsoma maa wɔkɔbɔɔ Mose amanneɛ sɛ: “Me, w’ase Yetro,+ ne wo yere ne ne mma mmienu no reba wo nkyɛn.” 7 Ntɛm ara na Mose firii adi kɔhyiaa n’ase, na ɔbɔɔ ne mu ase fee n’ano, na obiara bisaa ne yɔnko sɛdeɛ ne ho teɛ. Afei wɔkɔɔ ntomadan mu.

8 Mose kaa deɛ Israel nti Yehowa de yɛɛ Farao ne Egypt no nyinaa+ ho asɛm kyerɛɛ n’ase. Na amaneɛ a wɔhunuu no kwan so+ ne sɛdeɛ Yehowa gyee wɔn no nyinaa nso, ɔka kyerɛɛ no. 9 Berɛ a Yetro tee nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama Israel no nyinaa, ne gye a ɔgyee wɔn firii Egypt nsam no, n’ani gyeeɛ. 10 Ɛnna Yetro kaa sɛ: “Ayeyie nka Yehowa; ɔno na wagye mo afiri Egypt ne Farao nsam, na ɔno na wayi nkurɔfoɔ no afiri Egypt nkoasom mu. 11 Sɛ mehwɛ deɛ Yehowa de baa Egyptfoɔ so berɛ a wɔredi Israelfoɔ so ahantansɛm no a, ama mahu sɛ ɔso sene anyame a aka no nyinaa.”+ 12 Afei Mose ase Yetro bɔɔ* ɔhyeɛ afɔreɛ ne afɔreɛ foforɔ maa Onyankopɔn, na Aaron ne Israel mpanimfoɔ nyinaa ne Mose ase didii wɔ nokorɛ Nyankopɔn no anim.

13 Adeɛ kyeeɛ no, Mose tenaa ase sɛ ɔrebu atɛn sɛdeɛ daa ɔyɛ no, na nkurɔfoɔ no bɛgyinaa Mose so firii anɔpa kɔsii anwummerɛ. 14 Berɛ a Mose ase hunuu deɛ ɔreyɛ ama nkurɔfoɔ no, ɔbisaa sɛ: “Ɛdeɛn na woreyɛ ɔman yi? Adɛn nti na wo nko ara wote hɔ na nnipa yi nyinaa abɛgyina wo so firi anɔpa kɔsi anwummerɛ?” 15 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ n’ase sɛ: “Ɛfiri sɛ nkurɔfoɔ no ba me nkyɛn bɛgye akwankyerɛ firi Onyankopɔn hɔ. 16 Sɛ asɛm bi si wɔ nnipa mmienu ntam a, wɔde ba ma medi, na mema wɔhu nokorɛ Nyankopɔn no adwene ne ne mmara.”+

17 Ɛnna Mose ase ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ woreyɛ no nyɛ. 18 Woyɛ saa a, wo ne ɔman a wɔka wo ho yi nyinaa bɛbrɛ, ɛfiri sɛ adwuma no boro wo so. Wo nko ara worentumi nyɛ. 19 Afei tie me. Mɛtu wo fo, na Onyankopɔn bɛdi w’akyi.+ Wo deɛ, gyina ɔman no ananmu wɔ nokorɛ Nyankopɔn no anim,+ na fa wɔn nsɛm bra nokorɛ Nyankopɔn no anim.+ 20 Kyerɛ wɔn ahyɛdeɛ ne mmara no,+ na ma wɔnhunu ɛkwan a wɔmfa so ne adwuma a wɔnyɛ. 21 Afei hwɛ nkurɔfoɔ no mu yi mmarima a wɔfata,+ wɔsuro Onyankopɔn, mmarima anokwafoɔ a wɔmpɛ mfaso bɔne;+ yi wɔn sɛ mpanimfoɔ wɔ nnipa apem biara so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne edu biara so.+ 22 Na sɛ asɛm bi si a, wɔmmu nkurɔfoɔ no atɛn, nanso asɛm a emu yɛ duru deɛ, wɔmfa mmrɛ wo; na nsɛm nketenkete deɛ, wɔn ankasa nni.+ Enti ma wɔmmoa wo na adwuma no nyɛ mmerɛ mma wo.+ 23 Sɛ woyɛ wei, na Onyankopɔn pene so a, ɛnneɛ woremmrɛ, na obiara de akomatɔyam bɛkɔ fie.”

24 Mose antwentwɛn ne nan ase koraa; ɔtiee n’ase no, na ɔyɛɛ deɛ ɔka kyerɛɛ no no nyinaa. 25 Ɛnna Mose yii Israelfoɔ no mu mmarima a wɔfata yɛɛ wɔn mpanimfoɔ wɔ nnipa apem biara so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne edu biara so. 26 Enti berɛ biara a asɛm bi bɛsi no, na wɔbu nkurɔfoɔ no atɛn. Nanso asɛm a emu yɛ duru no, wɔde brɛ Mose,+ na nsɛm nketenkete no deɛ, wɔn ankasa di. 27 Ɛno akyi no, Mose gyaa n’ase+ kwan maa no kɔɔ n’asaase so.

19 Berɛ a Israelfoɔ firii Egypt asaase so no, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no, saa da no ara na wɔkɔduruu Sinai serɛ so. 2 Wɔtu firii Refidim+ kɔɔ Sinai serɛ so, na wɔsoɛɛ wɔ hɔ. Bepɔ no anim na Israelfoɔ no soɛeɛ.+

3 Afei Mose foro kɔɔ bepɔ no so kɔgyinaa nokorɛ Nyankopɔn no anim, na Yehowa frɛɛ no firii bepɔ no so kaa sɛ:+ “Ka kyerɛ Yakob fie, na ma Israelfoɔ no aso nte sɛ, 4 ‘Mo ara moahu deɛ mede yɛɛ Egyptfoɔ no;+ mesoaa mo sɛdeɛ ɔkɔdeɛ soa ne mma wɔ ne ntaban so de mo baa me nkyɛn.+ 5 Enti sɛ motie me wɔ biribiara mu na modi m’apam so a, ɛnneɛ mobɛyɛ m’agyapadeɛ titire* wɔ aman nyinaa mu,+ ɛfiri sɛ asaase nyinaa yɛ me dea.+ 6 Na mobɛyɛ ahemman a emufoɔ yɛ asɔfoɔ ne ɔman kronkron ama me.’+ Nsɛm yi na ka kyerɛ Israelfoɔ no.”

7 Enti Mose kɔeɛ, na ɔfrɛɛ ɔman no mu mpanimfoɔ no de asɛm a Yehowa kaeɛ no nyinaa too wɔn anim.+ 8 Ɛnna ɔman no nyinaa boom buaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nyinaa, yɛbɛyɛ.”+ Ntɛm ara, Mose san kɔɔ Yehowa hɔ de asɛm a ɔman no kaeɛ no kɔtoo n’anim. 9 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, mɛba wo nkyɛn wɔ mununkum tumm mu na sɛ me ne wo rekasa a, ɔman no ate, na ama wɔagye wo nso adi berɛ nyinaa.” Ɛnna Mose de asɛm a nkurɔfoɔ no kaeɛ no too Yehowa anim.

10 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔ nkurɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ, ɛnnɛ ne ɔkyena wɔnnwira* wɔn ho, na wɔnhwɛ sɛ wɔbɛsi wɔn ntaadeɛ. 11 Afei wɔnsiesie wɔn ho mma da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɛfiri sɛ da a ɛtɔ so mmiɛnsa no Yehowa bɛsiane aba Sinai Bepɔ so wɔ ɔman no nyinaa anim. 12 To hyeɛ fa bepɔ no ho nyinaa ma nkurɔfoɔ no, na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Monhwɛ yie na moamforo amma bepɔ no so, na monhwɛ na moamma ho amfa mo nsa ammɛka. Deɛ ɔde ne nsa bɛka bepɔ no, wɔbɛku no. 13 Onii a ɔbɛbu mmara no so no, mma obiara mmfa ne nsa nnsɔ ne mu, mmom wɔnsi no aboɔ anaa wɔnto adeɛ nwɔ no.* Aboa oo, onipa oo, ɔrentena ase.’+ Sɛ wɔte abɛn* nnyegyeeɛ a,+ wɔmmra bepɔ no ho.”

14 Afei Mose siane firii bepɔ no so kɔɔ nkurɔfoɔ no nkyɛn, na ɔfirii aseɛ dwiraa ɔman no ho, na wɔsii wɔn ntaadeɛ.+ 15 Ɛnna ɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Monsiesie mo ho mma da a ɛtɔ so mmiɛnsa no. Ɔbarima biara nhwɛ na ɔne ne yere anna.”*

16 Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anɔpa no, aprannaa ne anyinam paapaeeɛ, na mununkum kusuu+ bɛkataa bepɔ no so, na abɛn bi gyegyee dendeenden, na ɔmanfoɔ a wɔwɔ asoɛeɛ hɔ no nyinaa ho popoeɛ.+ 17 Afei Mose de ɔmanfoɔ no firii asoɛeɛ hɔ bɛgyinaa bepɔ no ase sɛ wɔrebɛhyia nokorɛ Nyankopɔn no. 18 Na wisie bɛkataa Sinai Bepɔ nyinaa so te sɛ fononoo mu wisie, ɛfiri sɛ Yehowa nam egya mu+ siane baa so, na bepɔ no nyinaa wosoo dendeenden.+ 19 Berɛ a abɛn no ano yɛɛ den paa no, Mose kasaeɛ, na nokorɛ Nyankopɔn no de nne kɛseɛ gyee so.

20 Enti Yehowa siane baa Sinai Bepɔ no atifi. Afei Yehowa frɛɛ Mose sɛ ɔmmra bepɔ no so, na Mose foro kɔeɛ.+ 21 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔbɔ nkurɔfoɔ no kɔkɔ sɛ mma wɔnnyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛbɛn Yehowa abɛhwɛ no, anyɛ saa a wɔn mu pii bɛwuwu. 22 Na asɔfoɔ a wɔba Yehowa anim daa no, ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnte wɔn ho, na Yehowa anku wɔn.”+ 23 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Ɔman no rentumi mma Sinai Bepɔ so, ɛfiri sɛ woabɔ yɛn kɔkɔ dada sɛ, ‘To hyeɛ fa bepɔ no ho nyinaa, na yɛ no kronkron.’”+ 24 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Si fam kɔ na sɛ woreba a, wo ne Aaron mforo mmra; nanso mma asɔfoɔ no ne ɔman no mmforo mmma Yehowa nkyɛn na wanku wɔn.”+ 25 Enti Mose siane kɔɔ ɔman no nkyɛn kɔbɔɔ wɔn amanneɛ.

20 Afei Onyankopɔn kaa nsɛm yi nyinaa sɛ:+

2 “Mene Yehowa wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii nkoafie wɔ Egypt asaase so no.+ 3 Nsom onyame foforɔ biara nka me ho.*+

4 “Nyɛ ohoni a wɔasene biara anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asaase so anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu wɔ asaase ase nsɛsoɔ biara mfa.+ 5 Nkoto wɔn na mma biribiara nntwetwe wo mma wonkɔsom wɔn,+ ɛfiri sɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ wɔsom obiara ka me ho.+ Na agyanom a wɔtan me no, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom so, 6 na wɔn a wɔdɔ me na wɔdi me mmara so+ deɛ, meda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ wɔn kɔsi wɔn awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so apem so.

7 “Mfa Yehowa wo Nyankopɔn din nni agorɔ,+ ɛfiri sɛ Yehowa remma deɛ ɔde ne din di agorɔ no mfa ne ho nni.+

8 “Kae Homeda no na yɛ no kronkron.+ 9 Adwuma biara a wowɔ yɛ no, fa nnansia yɛ,+ 10 nanso da a ɛtɔ so nson no deɛ, ɛyɛ Homeda ma Yehowa wo Nyankopɔn. Nyɛ adwuma biara; wo ankasa oo, wo babarima anaa wo babaa oo, w’akoa anaa w’afenaa oo, w’afieboa oo, ɔhɔhoɔ a ɔte wo kurom* oo, ɛnsɛ sɛ obiara yɛ adwuma.+ 11 Ɛfiri sɛ Yehowa de nnansia na ɛyɛɛ ɔsoro ne ɛhɔ nneɛma, asaase ne ɛso nneɛma, ne ɛpo ne emu nneɛma nyinaa, na da a ɛtɔ so nson no, ɔfirii aseɛ homeeɛ.+ Ɛno nti na Yehowa hyiraa Homeda so yɛɛ no kronkron no.

12 “Di wo papa ne wo maame ni+ na woanyini akyɛ wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.+

13 “Nni awu.+

14 “Nsɛe awareɛ.+

15 “Mmɔ korɔno.+

16 “Nni wo yɔnko ho adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ.*+

17 “Mma w’ani mmmere wo yɔnko fie. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere,+ n’akoa, n’afenaa, ne nantwie, anaa n’afunumu. Mma w’ani mmmere wo yɔnko biribiara.”+

18 Afei nkurɔfoɔ no nyinaa huu anyinam ne bepɔ a ɛrefiri wisie no, na wɔtee aprannaa ne abɛn nnyegyeeɛ no. Berɛ a wɔhunuiɛ no, wɔn ho popoeɛ na wɔkɔgyinaa akyirikyiri.+ 19 Enti wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo deɛ, wo ne yɛn nkasa na yɛbɛtie, na mma Onyankopɔn ne yɛn nnkasa na yɛanwuwu.”+ 20 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Monnsuro, ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn no aba sɛ ɔrebɛsɔ mo ahwɛ+ na ama moasuro no daa, na moanyɛ bɔne.”+ 21 Na ɔman no kɔɔ so gyinaa akyirikyiri, nanso Mose bɛnee mununkum tumm no, faako a nokorɛ Nyankopɔn no wɔ no.+

22 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Mo ara moahu sɛ ɔsoro na mefiri ne mo kasaeɛ.+ 23 Monnyɛ dwetɛ anyame nnsom wɔn nnka me ho, na monnyɛ sika kɔkɔɔ anyame biara.+ 24 Fa dɔteɛ yɛ afɔrebukyia ma me, na fa wo nnwan ne w’anantwie bɔ afɔreɛ wɔ so, na ɛso na wobɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ. Baabiara a mɛma wɔakae me din no,+ mɛba wo nkyɛn abɛhyira wo. 25 Sɛ wode aboɔ reyɛ afɔrebukyia ama me a, mfa nnwinnadeɛ nse ho.*+ Sɛ wode kyesel ka pɛ, woagu ho fĩ. 26 Afei ɛnsɛ sɛ woyɛ stɛps a wode bɛforo akɔ m’afɔrebukyia no so na wo ho angu hɔ wɔ so.’*

21 “Atemmusɛm a fa kɔto wɔn anim nie:+

2 “Sɛ wotɔ Hebrini sɛ akoa a,+ ɔbɛsom wo mfeɛ nsia, nanso sɛ mfeɛ nsia no so ma afe a ɛtɔ so nson no duru a, ɔbɛfa ne ho adi a ɔrentua hwee.+ 3 Sɛ ɔno nko ara na ɔbaeɛ a, ɔno nko ara na ɔbɛkɔ. Na sɛ ɔne ne yere na ɛbaeɛ a, ɔne ne yere no bɛkɔ. 4 Nanso sɛ ne wura ma no ɔbaa ware na ɔne no wo mma mmarima anaa mma mmaa a, ɛnneɛ ne wura no bɛgye ɔbaa no ne mmɔfra no, na ɔno nko ara akɔ.+ 5 Na sɛ akoa no ka sɛ, ‘Medɔ me wura ne me yere ne me mma, enti mempɛ ahofadie biara’ a,+ 6 ɛnneɛ ne wura no mfa no mmra nokorɛ Nyankopɔn no anim na ɔmfa no nnyina ɛpono anaa aponnwa ho. Afei ne wura no mfa adeɛ a wɔde bɔ tokuro mmɔ n’asom tokuro na ɔnyɛ n’akoa afebɔɔ.

7 “Sɛ ɔbarima bi tɔn ne babaa sɛ afenaa a, ɔremfiri ne wura no nkyɛn nkɔ sɛdeɛ ɔbarima a ɔyɛ akoa kɔ no. 8 Sɛ afenaa no wura ani nnye ne ho na ɔmpɛ sɛ ɔfa no sɛ ne mpena* na mmom ɔpɛ sɛ ɔtɔn no ma obi* a, ɔnni hokwan sɛ ɔtɔn no ma hɔhoɔ, ɛfiri sɛ wadaadaa ɔbaa no. 9 Na sɛ ɔde no ma ne babarima a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ no sɛ ne babaa. 10 Sɛ ɔware ɔbaa foforɔ a, ɛnsɛ sɛ ɔte ne yere a ɔdi kan no aduane ne ne ntoma so. Bio nso, ɛsɛ sɛ ɔma no deɛ ɛsɛ wɔ awareɛ mu.*+ 11 Sɛ wamma no nneɛma mmiɛnsa yi a, ɛnneɛ ɔbaa no bɛfa ne ho adi a ɔrentua sika biara.

12 “Obiara a ɔbɛbɔ obi ama no awu no, wɔnku ɔno nso.+ 13 Nanso sɛ wanhyɛ da, na nokorɛ Nyankopɔn no na ɔmaa kwan maa no sii a, ɛnneɛ mɛma mo baabi a ɔbɛdwane akɔ.+ 14 Sɛ obi bo fu ne yɔnko na ɔhyɛ da ku no a,+ ɛsɛ sɛ wɔku no; sɛ ɔwɔ m’afɔrebukyia ho mpo a, twe no firi hɔ kɔku no.+ 15 Obiara a ɔbɛbɔ ne papa anaa ne maame no, wɔnku no.+

16 “Sɛ obi kye onipa bi sie+ na ɔkɔtɔn no, anaasɛ wɔkɔhu onipa no wɔ ne nkyɛn a,+ wɔnku deɛ ɔyɛɛ saa no.+

17 “Obiara a ɔbɛdome ne papa anaa ne maame* no, wɔnku no.+

18 “Sɛ mmarima reko na baako de boɔ anaa ne nsa* bɔ ne yɔnko na sɛ wanwu nanso ɛka no to mpa so a, deɛ monyɛ nie: 19 Sɛ ɔtumi sɔre de poma nante firi adi a, ɛnneɛ deɛ ɔpiraa no no bɛfa ne ho adi. Berɛ a ɔpiraeɛ a wantumi anyɛ adwuma no nko ara ho mpata na ɔbɛtua akɔsi sɛ ne ho bɛtɔ no koraa.

20 “Sɛ obi de abaa bɔ n’akoa anaa n’afenaa ma no wu wɔ ne nsam a, ɔno nso ɛsɛ sɛ wɔku no.+ 21 Nanso sɛ wanwu wɔ da koro anaa nnanu ntam a, ɛnneɛ wɔrentwe ne wura no aso, ɛfiri sɛ ɔno ara na ɔtee sika tɔɔ no.

22 “Sɛ mmarima bi reko na wɔkɔpem ɔpemfoɔ ma ɔwo prɛko pɛ*+ nanso owuo* amfiri mu amma a, ɛsɛ sɛ wɔgye deɛ ɔkɔpem no no hɔ mpata biara a ɔbaa no kunu bɛbisa. Ɛsɛ sɛ ɔtua fa atemmufoɔ no so.+ 23 Nanso sɛ owuo firi mu ba a, ɛnneɛ momma nkwa nsi nkwa* ananmu,+ 24 aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, na ɛnan nsi ɛnan ananmu.+ 25 Sɛ obi de adeɛ hye obi oo, ɔpira no oo, ɔhwe no oo, monyɛ no saa bi ntua ka.

26 “Sɛ obi bɔ n’akoa anaa n’afenaa ani ma n’ani no sɛe a, ɛsɛ sɛ ɔgyaa no ma no kɔ de tua n’ani no ka.+ 27 Na sɛ ɔbɔ n’akoa anaa n’afenaa ma ne se tu a, ɛsɛ sɛ ɔgyaa no ma no kɔ de tua ne se no ka.

28 “Sɛ nantwie bi pem ɔbarima anaa ɔbaa ma no wu a, wɔnsi nantwie no aboɔ nku no,+ na ɛnsɛ sɛ wɔwe ne nam. Ne wura no deɛ, ɔbɛfa ne ho adi. 29 Nanso sɛ nantwie bi taa pempem nkurɔfoɔ na wɔaka akyerɛ ne wura, nanso wamma n’ani ankɔ ne ho, na ɔkɔkum ɔbarima anaa ɔbaa bi a, wɔnsi nantwie no aboɔ na wɔnku ne wura no nso. 30 Sɛ wɔka sɛ ɔntua agyedeɛ* bi a, ɛnneɛ biribiara a wɔbɛgye no no, ɛsɛ sɛ ɔtua de gye ne ho nkwa.* 31 Sɛ ɔpem ɔbabarima oo, ɔbabaa oo, wɔne nantwie no wura bɛdi sɛdeɛ atemmusɛm yi kyerɛ. 32 Na sɛ nantwie no pem akoa anaa afenaa a, nantwie no wura bɛtua nnwetɛbena* 30 ama akoa no wura, na wɔbɛsi nantwie no aboɔ aku no.

33 “Sɛ obi bue amena bi so anaa ɔtu amena na wankata so, na nantwie anaa afunumu bi kɔtɔ mu a, 34 ɛsɛ sɛ amena no wura no tua nantwie no ka ma aboa no wura.+ Wɔbɛma amena no wura afa aboa a wawu no. 35 Sɛ obi nantwie kɔpem onipa foforɔ nantwie ma no wu a, wɔntɔn deɛ ɔnwuiɛ no na wɔnkyɛ sika no; afei nantwie a wawu no nso, wɔnkyɛ mu. 36 Nanso sɛ wɔnim nantwie no sɛ ɔtaa pempem mmoa foforɔ na sɛ ne wura amma n’ani ankɔ ne ho a, ɔmfa nantwie nsi nantwie no ananmu, na ɔmfa deɛ wawu no.

22 “Sɛ obi wia nantwie anaa odwan na ɔku no anaasɛ ɔtɔn no a, ɔde bi bɛsi ananmu. Sɛ ɛyɛ nantwie a, ɔde anantwie nnum bɛsi ananmu, na sɛ ɛyɛ odwan nso a, ɔde nnwan nnan bɛsi ananmu.+

2 (“Sɛ korɔmfoɔ+ bɔ wura obi fie sɛ ɔrekɔwia adeɛ na wɔbɔ no ma no wu a, deɛ ɔbɔɔ no no renni mogya ho fɔ. 3 Nanso sɛ ɔbaeɛ no, na awia apue a, ɛnneɛ deɛ ɔbɔɔ no no bɛdi mogya ho fɔ.)

“Ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ananmu. Sɛ ɔnni hwee a, ɛnneɛ wɔbɛtɔn no de atua deɛ ɔwiaeɛ no ka. 4 Sɛ wɔhu aboa a ɔwiaeɛ no wɔ ne nkyɛn na sɛ aboa no nwui a, nantwie oo, afunumu oo, odwan oo, ɔbɛbɔ ho mmienu ahyɛ anan.

5 “Sɛ obi de ne mmoa kɔ adidi, na sɛ ɔgyaa wɔn ma wɔkɔwe ne yɔnko afuo mu nneɛma anaa wɔkɔsɛe ne bobefuo* a, ɛsɛ sɛ ɔde nnɔbaeɛ a ɛyɛ paa wɔ ɔno ara n’afuo anaa ne bobefuo mu hyɛ anan.

6 “Sɛ obi sɔ gya na ɛtrɛ kɔtɔ nkasɛɛ mu, na sɛ ɛhye obi hwiit* a watwa agu hɔ anaa deɛ ɛsisi hɔ anaa ɛhye afuo bi a, deɛ ɔsɔɔ gya no, ɛsɛ sɛ ɔtua deɛ ahyeɛ no ho ka.

7 “Sɛ obi de sika anaa nneɛma bi ma ne yɔnko sɛ ɔmfa nsie na obi kɔwia firi ne fie na wɔkye korɔmfoɔ no a, korɔmfoɔ no bɛbɔ ho mmienu ahyɛ anan.+ 8 Sɛ wɔanhu korɔmfoɔ no a, wɔmfa fiewura no mmra nokorɛ Nyankopɔn no anim+ na wɔnhwɛ sɛ ɛnyɛ ɔno ara na wafa ne yɔnko no nneɛma anaa. 9 Berɛ biara a wɔbɛbɔ obi soboɔ sɛ wafa obi adeɛ no, ɛyɛ nantwie oo, afunumu oo, odwan oo, ataadeɛ oo, biribiara a ayera a obi bɛhu aka sɛ, ‘Ɛyɛ me dea’ no, wɔmfa wɔn mmienu asɛm no mmra nokorɛ Nyankopɔn no anim.+ Deɛ Onyankopɔn bɛka sɛ ɔdi fɔ no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ho mmienu hyɛ ne yɔnko no anan.+

10 “Sɛ obi de n’afunumu anaa ne nantwie anaa ne dwan anaa n’afieboa bi ma ne yɔnko sɛ ɔnhwɛ so na aboa no wu anaa ɔpira anaa obi kye no na obiara anhunu a, 11 ɔnka ntam wɔ Yehowa anim nkyerɛ aboa no wura sɛ ɔmfaa ne nsa nkaa ne yɔnko no biribiara. Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ aboa no wura no gye tom; ɛnsɛ sɛ ne yɔnko no tua bi hyɛ anan.+ 12 Nanso sɛ obi na ɔbaa ne hɔ bɛwiaa aboa no a,* ɛnneɛ ɔmfa bi nhyɛ ne wura no ananmu. 13 Sɛ wuram aboa na ɛtetee ne mu a, ɔmfa mmra na ɛnyɛ adanseɛ. Deɛ aboa bi atete ne mu deɛ, ɛnsɛ sɛ ɔtua ho ka.

14 “Na sɛ obi kɔsrɛ aboa bi firi ne yɔnko hɔ na aboa no pira anaa ɔwu berɛ a ne wura no nni hɔ a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ deɛ ɔkɔsrɛɛ aboa no tua ho ka. 15 Sɛ ɛsii wɔ ne wura anim a, ɛnneɛ ɔrentua ho ka. Na sɛ aboa no wura no de no maa ahan a, ɛsiane sika a ɔde too aseɛ no nti, ɔrentua biribi foforɔ biara nhyɛ anan.

16 “Sɛ obi yɛ ɔbaabunu a obiara mfaa n’ano ntoo ne so na sɛ ɔbarima bi to no bradɛ ne no da a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no tua ne ti adeɛ na ɔware no.+ 17 Na sɛ ababaawa no papa si no pi sɛ ɔrempene mma ɔbarima no nware ne ba no mpo a, ti adeɛ sika no deɛ, ɛsɛ sɛ ɔbarima no tua.

18 “Mma ɔbaa sumanni biara nntena nkwa mu.+

19 “Obiara a ɔne aboa bɛda no, ɛsɛ sɛ wɔku no.+

20 “Obiara a ɔbɛfiri Yehowa akyi akɔbɔ afɔreɛ ama onyame foforɔ no, wɔnku no.+

21 “Nteetee ɔhɔhoɔ na nhyɛ ne so,+ ɛfiri sɛ mo nso na moyɛ ahɔhoɔ wɔ Egypt asaase so.+

22 “Monnteetee okunafoɔ anaa agyanka.+ 23 Sɛ moteetee no na ɔsu frɛ me a, ɛkwan biara so mɛtie ne sufrɛ;+ 24 na m’abufuo bɛdɛre, na mede sekan bɛkunkum mo ama mo yerenom ayɛ akunafoɔ na mo mma ayɛ nnyanka.

25 “Sɛ mobɔ me nkurɔfoɔ a ahia wɔn* no bosea a, monnyɛ mo ho sɛ wɔn a wɔbɔ nkurɔfoɔ bosea de pɛ mfaso bɔne no. Mommfa nsiho biara nnka ho.+

26 “Sɛ wo yɔnko bɛbɔ wo hɔ bosea na sɛ ɔde ne ntoma si awowa a,+ san fa n’adeɛ kɔma no ansa na adeɛ asa. 27 Ntoma a ɔwɔ ara no no, na ɛno na ɔde kata ne ho. Sɛ ne nsa anka a, ɛdeɛn na ɔde bɛda?+ Sɛ ɔsu frɛ me a, mɛtie, ɛfiri sɛ mewɔ ayamhyehyeɛ.*+

28 “Nka Onyankopɔn ho abususɛm,+ na nnome wo man mu panin.+

29 “Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wode wo nnɔbaeɛ bebrebe ne wo nsã anaa wo ngo a abu so no bi bɛbɔ afɔreɛ.+ Fa wo babarima panin ma me.+ 30 Saa ara na ɛsɛ sɛ woyɛ wo nantwie ne wo dwan abakan:+ Ma no ntena ne maame ho nnanson. Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, fa no ma me.+

31 “Monyɛ ɔman kronkron mma me.+ Aboa biara a wuram aboa bɛtete ne mu no, ɛnsɛ sɛ mowe ne nam.+ Monto mma nkraman.

23 “Nkeka nkurɔfoɔ ho nsɛm a ɛnyɛ nokorɛ.+ Nkɔka ɔbɔnefoɔ ho nkɔdi adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ.*+ 2 Nni nnipa dodoɔ akyi nkɔyɛ bɔne, na nnyina nnipa dodoɔ anom asɛm so* nkɔdi adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ. 3 Sɛ ohiani ne obi nya asɛm na woredi asɛm no a, fa asɛm no to deɛ ɛda.+

4 “Wohu wo tamfo nantwie anaa n’afunumu sɛ wayera a, fa no kɔma no.+ 5 Wokɔto sɛ obi a ɔtan wo afunumu butu hɔ a n’adesoa adɛn ne so a, nsian ne ho nkɔ. Sɔ ne mu na ɔnyi adesoa no.+

6 “Sɛ woredi ohiani asɛm a, hwɛ na woammu atɛnkyea.+

7 “Hwɛ na woammoa ntwatosoɔ. Nkum deɛ ne ho nni asɛm ne ɔteneneeni, ɛfiri sɛ meremma ɔbɔnefoɔ nni bem.*+

8 “Nnye adanmudeɛ,* ɛfiri sɛ deɛ ɔhunu adeɛ yie mpo, adanmudeɛ tumi fira n’ani, na ɛma ɔteneneeni sesa n’ano.+

9 “Nhyɛ ɔhɔhoɔ so, ɛfiri sɛ moayɛ ahɔhoɔ pɛn wɔ Egypt asaase so, enti monim sɛdeɛ ɛteɛ.*+

10 “Fa mfeɛ nsia dua w’asaase so aba na twa so nnɔbaeɛ.+ 11 Na afe a ɛtɔ so nson no deɛ, nnɔ so, gya ma no nna hɔ kwa na ahiafoɔ nnidi asaase no so, na deɛ wɔn nso bɛgya no, wuram mmoa bɛdi. Saa ara na monyɛ mo bobefuo* ne mo ngodua afuo.

12 “Fa nnansia yɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no deɛ, nyɛ adwuma. Ɛbɛma wo nantwie ne w’afunumu ahome, na w’akoa* ne ɔhɔhoɔ adwodwo wɔn ho.+

13 “Monhwɛ nni deɛ maka akyerɛ mo nyinaa so.+ Mommmɔ anyame foforɔ din; mommma no mmpue mmfiri mo anom mpo.+

14 “Afe biara monni afahyɛ mprɛnsa mma me.+ 15 Monni Paanoo a Mmɔka* Nnim Afahyɛ+ no. Sɛdeɛ meka kyerɛɛ mo no, sɛ berɛ a mahyɛ wɔ bosome Abib*+ mu no duru a, monni paanoo a mmɔka nnim nnanson, ɛfiri sɛ bosome Abib mu na mofiri Egypt baeɛ. Ɛnsɛ sɛ obiara de nsapan ba m’anim.+ 16 Afei Otwa Afahyɛ* no, monni no berɛ a mode twa mo afuo mu nneɛma a ɛdi kan no mu.+ Anoboaboa Afahyɛ* no nso, monni no afe no awieeɛ, berɛ a moboaboa mo nnɔbaeɛ a ɛtwa toɔ ano firi afuo mu no.+ 17 Afe biara, ɔbarima biara a ɔwɔ wo mu bɛba abɛgyina nokorɛ Awurade Yehowa anim mprɛnsa.+

18 “Wokum aboa de bɔ afɔreɛ ma me a, mfa biribiara a mmɔka wom nka mogya no ho mma me. Na sradeɛ a wode bɔɔ afɔreɛ wɔ m’afahyɛ mu no, mma adeɛ nnkye so.

19 “Fa w’afuo mu aba pa a wobɛdi kan atwa no bra Yehowa wo Nyankopɔn fie.+

“Ɛnsɛ sɛ wonoa apɔnkye ba nam wɔ ne maame nufosuo mu.+

20 “Meresoma ɔbɔfoɔ adi w’anim+ ama no abɔ wo ho ban wɔ kwan so na ɔde wo akɔduru baabi a masiesie no.+ 21 Tie n’asɛm na yɛ deɛ ɔbɛka biara. Nsɔre ntia no, na woyɛ bɔne a ɔremma womfa wo ho nni,+ ɛfiri sɛ me din da ne so. 22 Na sɛ wowɛn w’aso tie n’asɛm na woyɛ deɛ mɛka nyinaa a, mɛtan w’atamfo ani, na wɔn a wɔne w’ani nhyia no, mɛtu m’ani asi wɔn so. 23 Me bɔfoɔ bɛdi w’anim de wo akɔ Amorifoɔ, Hitifoɔ, Perisifoɔ, Kaananfoɔ, Hiwifoɔ ne Yebusifoɔ asaase so, na mɛtu wɔn ase afiri so.+ 24 Nkoto wɔn anyame, na mma biribiara ntwetwe wo na woankɔsom wɔn. Nyɛ deɛ wɔyɛ no bi.+ Mmom sɛe wɔn ahoni, na bubu wɔn abosom adum nyinaa.+ 25 Monsom Yehowa mo Nyankopɔn,+ na ɔbɛhyira mo aduane ne mo nsuo so.+ Mɛyi yareɛ afiri mo so.+ 26 Ɔbaa biara nni w’asaase so a ɔbɛnyinsɛn apɔn,+ na obiara renyɛ bonini wɔ w’asaase so. Mɛma moanyini akyɛ.*

27 “Mɛdi kan ama me ho hu atɔ wɔn so,+ na mɛma nnipa a wobɛkɔ wɔn nkyɛn no nyinaa ani so atan wɔn. Mɛyɛ ama w’atamfo hu wo a, wɔde ahopopoɔ adwane.*+ 28 Ansa na wobɛduru hɔ no na mama wɔaboto,*+ na ɛbɛma Hiwifoɔ ne Kaananfoɔ ne Hitifoɔ adwane afiri w’anim.+ 29 Merempamo wɔn mfiri w’anim afe baako pɛ mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asaase no renna hɔ kwa,* na mmoa a wɔbɛtumi adi wo awu annɔɔso wɔ so.+ 30 Mɛpamo wɔn nkakrankakra akɔsi sɛ w’ase bɛtrɛ na woafa asaase no.+

31 “Asaase a mede bɛma wo no bɛfiri Ɛpo Kɔkɔɔ no ano akɔsi Filistifoɔ po no ano, na asan afa serɛ no so akɔsi Asubɔnten no* ano.+ Na mede asaase no sofoɔ bɛhyɛ wo nsa na woapamo wɔn afiri w’anim.+ 32 Ɛnsɛ sɛ wo ne wɔn anaa wɔn anyame yɛ apam biara.+ 33 Mma wɔnntena w’asaase so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrentwetwe wo mma wonyɛ bɔne ntia me. Sɛ wosom wɔn anyame a, sɛdeɛ ɛteɛ biara ɛbɛyɛ fidie ama wo.”+

24 Afei ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo ne Aaron ne Nadab ne Abihu+ ne Israel mpanimfoɔ 70 mforo mmra Yehowa nkyɛn, na monnyina akyirikyiri mmɔ mo mu ase. 2 Mose nko ara mmra Yehowa anim; ɛnsɛ sɛ mmarima a aka no ba bi, na ɔman no nso, ɛnsɛ sɛ wɔforo di n’akyi.”+

3 Ɛnna Mose bɛkaa Yehowa nsɛm no nyinaa ne atemmusɛm no nyinaa kyerɛɛ nkurɔfoɔ no,+ na wɔn nyinaa de anokorɔ kaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nyinaa yɛbɛyɛ.”+ 4 Enti Mose twerɛɛ Yehowa nsɛm no nyinaa.+ Afei adeɛ kyee anɔpatutuutu no, ɔsɔre sii afɔrebukyia, na ɔsii adum 12 a ɛgyina hɔ ma Israel mmusuakuo 12 no wɔ bepɔ no ase. 5 Ɛno akyi no, ɔsomaa Israel mmeranteɛ bi maa wɔkɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ na wɔde anantwinini nso bɔɔ asomdwoeɛ afɔreɛ+ maa Yehowa. 6 Ɛnna Mose kyɛɛ mogya no mu mmienu de fã guu nkyɛnsee mu, na ɔde fã nso petepetee afɔrebukyia no so. 7 Afei ɔfaa apam nwoma no kenkan kyerɛɛ nkurɔfoɔ no.+ Na wɔkaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nyinaa yɛbɛtie na yɛadi so.”+ 8 Enti Mose de mogya no petepetee nkurɔfoɔ no so+ kaa sɛ: “Apam a Yehowa ne mo yɛɛ wɔ nsɛm yi nyinaa ho no, ɛho mogya nie.”+

9 Mose ne Aaron ne Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ 70 no foro kɔeɛ, 10 na berɛ a wɔhuu Israel Nyankopɔn no,+ na baabi a ne nan si no te sɛ deɛ wɔde hoaboɔ asɛm hɔ, na na ɛhɔ te, te sɛ ɔsoro ankasa.+ 11 Wamfa ne nsa anka Israel mmarima atitire yi;+ mmom wɔnyaa nokorɛ Nyankopɔn no ho anisoadehunu, na wɔdidi nomeeɛ.

12 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Bra me nkyɛn wɔ bepɔ no so bɛtena ha. Mɛtwerɛ mmara ne ahyɛdeɛ wɔ abopono so ama wode akyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ no.”+ 13 Enti Mose ne ne somfoɔ Yosua+ sɔreeɛ, na Mose kɔɔ nokorɛ Nyankopɔn no bepɔ so.+ 14 Na mpanimfoɔ no deɛ, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montwɛn wɔ ha nkɔsi sɛ yɛbɛsan aba mo nkyɛn.+ Aaron ne Hur+ ka mo ho. Enti obi wɔ asɛm bi a, ɔmfa mmrɛ wɔn mma wɔnni.”+ 15 Ɛnna Mose foro kɔɔ bepɔ no so; saa berɛ no, na mununkum akata bepɔ no so nyinaa.+

16 Yehowa animuonyam+ amfiri Sinai Bepɔ no so,+ na mununkum no kataa so nnansia. Da a ɛtɔ so nson no, ɔfiri mununkum no mu frɛɛ Mose. 17 Ná Israelfoɔ no rehwɛ Yehowa animuonyam no wɔ bepɔ no so, na na wɔhu no te sɛ egya bi a ɛredɛre. 18 Afei Mose wuraa mununkum no mu kɔɔ bepɔ no so.+ Na Mose dii bepɔ no so nnafua 40, awia ne anadwo.+

25 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔnyi ntoboa mma me. Obiara a n’akoma bɛka no no, monnye ntoboa mfiri ne nkyɛn mma me.+ 3 Ntoboa a mobɛgye afiri wɔn nkyɛn nie: sika kɔkɔɔ,+ dwetɛ,+ kɔbere,+ 4 ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ahoma papa a wɔde yɛ nwera, apɔnkye nwi, 5 adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, sukraman* nwoma, ɔkanto dua,+ 6 ngo a wɔde bɛgu nkanea mu,+ balsam ngo a wɔde bɛyɛ ɔsrango+ ne aduhwam,+ 7 ne abohene tuntum ne aboɔ foforɔ a wɔde bɛbobɔ efɔd*+ ne nkataboɔ+ mu. 8 Ma wɔnyɛ tenabea kronkron mma me, na mɛtena wɔn mfimfini.+ 9 Ɔsom ntomadan no ne nneɛma a ɛwom nyinaa, monyɛ no sɛdeɛ merekyerɛ wo yi pɛpɛɛpɛ.+

10 “Ma wɔmfa ɔkanto dua nyɛ adaka. Ma ne tenten nyɛ basafa* mmienu ne fã, ne tɛtrɛtɛ basafa baako ne fã, na ɛfiri soro bɛsi fam nyɛ basafa baako ne fã.+ 11 Afei fa sika kɔkɔɔ amapa fa emu ne ɛho nyinaa,+ na fa sika kɔkɔɔ no bi toto ano hyia.+ 12 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa nnan bobɔ baabi wɔ ne nan no biara soro; nkawa mmienu wɔ ha a, na mmienu nso wɔ ha. 13 Afei fa ɔkanto dua sene nnua nteaanteaa na fa sika kɔkɔɔ fa ho nyinaa.+ 14 Wode nnua no bɛhyehyɛ nkawa no mu wɔ Adaka no nkyɛn na wɔde asoa Adaka no. 15 Ma nnua no nhyɛ nkawa no mu wɔ Adaka no ho; ɛnsɛ sɛ wɔyiyi firi mu.+ 16 Adanseɛ Abopono a mede bɛma wo no, Adaka no mu na wode bɛgu.+

17 “Fa sika kɔkɔɔ amapa yɛ ne mmuasoɔ. Ma ne tenten nyɛ basafa mmienu ne fã, na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa baako ne fã.+ 18 Afei fa hamma* boro sika kɔkɔɔ yɛ kerubim mmienu, na fa sisi mmuasoɔ no afã mmienu no nyinaa.+ 19 Fa kerubim mmienu no sisi mmuasoɔ no so, baako wɔ ano ha a, na baako nso wɔ ano ha. 20 Ma kerubim no ntrɛ wɔn ntaban mmienu no mu nkɔ soro na ɛnkata adaka no mmuasoɔ so.+ Ma kerubim no nni nhwɛanimu na wɔn anim nkyerɛ mmuasoɔ no. 21 Afei Adanseɛ Abopono a mede bɛma wo no, wode bɛgu Adaka no mu, na wode mmuasoɔ no+ akata Adaka no so. 22 Mɛyi me ho adi akyerɛ wo wɔ hɔ, na kerubim mmienu a wɔwɔ Adanseɛ Adaka no mmuasoɔ so no, me ne wo bɛkasa wɔ wɔn ntam.+ Na ahyɛdeɛ a mede bɛma Israel no, ɛhɔ na mɛkyerɛ wo ne nyinaa.

23 “Afei fa ɔkanto dua yɛ ɛpono;+ ma ne tenten nyɛ basafa mmienu, ne tɛtrɛtɛ basafa baako, na ɛfiri soro bɛsi fam nyɛ basafa baako ne fã.+ 24 Fa sika kɔkɔɔ amapa fa ho nyinaa, na fa sika kɔkɔɔ no bi toto ano hyia. 25 Yɛ mfemfamho a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ sɛ nsayam* twa ho hyia, na fa sika kɔkɔɔ twa mfemfamho no ho hyia. 26 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa nnan, na fa nkawa no bobɔ ntwea nnan no ho, baabi a ne nan nnan no sisi no. 27 Ma nkawa no mmɛn mfemfamho a wɔde atwa ɛpono no ho ahyia no. Nkawa no mu na wɔde nnua nteaanteaa no bɛhyehyɛ de asoa ɛpono no. 28 Nnua nteaanteaa no, fa ɔkanto dua sene, na fa sika kɔkɔɔ fa ho nyinaa, na wɔmfa nsoa ɛpono no.

29 “Afei yɛ nyowa, nkuruwa nketewa ne akɛseɛ, ne nkyɛnsee a wɔde bɛhwie afɔrebɔ nsã fa sisi so. Fa sika kɔkɔɔ amapa yɛ ne nyinaa.+ 30 Paanoo a wɔde kyerɛ no, da biara wode bɛsi ɛpono no so wɔ m’anim.+

31 “Fa hamma boro sika kɔkɔɔ amapa yɛ kaneadua.+ Sɛdeɛ wobɛyɛ no nie: Ma no nnya deɛ ɛbɛgyina so, ɛnan, nkorabata, nkuruwa, funuma, ne nhwiren. Yɛ ne nyinaa bom baako.+ 32 Ma kaneadua no nnya nkorabata nsia, nkorabata mmiɛnsa wɔ ɛfã baako na mmiɛnsa nso wɔ ɛfã a aka no. 33 Ma ɛfã baako nkorabata biara nnya nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ aborɔfo nkateɛ nhwiren, funuma, ne nhwiren; wofiri funuma so a, na wokɔ nhwiren so. Ma ɛfã a aka no nso nkorabata biara nnya nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ aborɔfo nkateɛ nhwiren, funuma, ne nhwiren; wofiri funuma so a, na wokɔ nhwiren so. Saa na yɛ nkorabata nsia a ɛwowɔ kaneadua no nan ho nyinaa. 34 Yɛ nkuruwa nnan a ɛte sɛ aborɔfo nkateɛ nhwiren wɔ kaneadua no nan ho. Na yɛ funuma ne nhwiren nso wɔ ho; wofiri funuma so a, na wokɔ nhwiren so. 35 Faako a nkorabata mmienu a ɛdi kan no pue firi kaneadua no ho no, yɛ funuma wɔ aseɛ; faako a nkorabata mmienu a ɛdi hɔ no pue no, yɛ funuma wɔ aseɛ; faako a nkorabata mmienu a ɛtwa toɔ no pue no nso, yɛ funuma wɔ aseɛ. Enti baabi a nkorabata nsia no paapae wɔ kaneadua no ho biara, yɛ bi wɔ aseɛ. 36 Funuma ne nkorabata ne kaneadua mu no nyinaa, fa hamma boro sika kɔkɔɔ amapa+ na yɛ ne nyinaa bom baako. 37 Yɛ nkanea nson sisi so, na sɛ wɔsɔ a, ahyerɛn wɔ kaneadua no anim.+ 38 Fa sika kɔkɔɔ amapa yɛ ɛho nneɛma a wɔde fa gya ne nkyɛnsee a wɔde gya gu mu no.+ 39 Sika kɔkɔɔ amapa dwetikɛseɛ* baako na wode bɛyɛ kaneadua no ne saa nneɛma yi nyinaa. 40 Hwɛ sɛ wobɛyɛ no te sɛ ne nhwɛsoɔ a mede kyerɛɛ wo wɔ bepɔ no so no.+

26 “Nwene ntoma du fa yɛ ɔsom ntomadan+ no. Nneɛma a wode bɛyɛ saa ntoma du no ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera, ahoma bruu, ahoma afasebire, ne ahoma kɔkɔɔ. Ma wɔnnwene kerubim+ wɔ ntoma no biara mu. 2 Ma ntoma no mu biara tenten nyɛ basafa* 28, na emu biara tɛtrɛtɛ nyɛ basafa 4. Ɛsɛ sɛ ntoma no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ.+ 3 Keka ntoma nnum si animu ma baako ntoa baako so, na keka nnum a aka no nso si animu ma baako ntoa baako so. 4 Afei fa ahoma bruu yɛ nhankra toto ntoma a wɔakeka asi animu no baako ano, na yɛ saa ara wɔ ntoma a wɔakeka asi animu baako a aka no nso ano; ɛhɔ na wɔbɛka mmienu no abom. 5 Yɛ nhankra 50 wɔ ntoma no baako ano, na yɛ 50 wɔ ntoma a aka no nso ano; ɛhɔ na wɔbɛka mmienu no abom; enti baabi a nhankra no wɔ no bɛdi nhwɛanimu. 6 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nnadeɛ nketewa 50 fa sosɔ ntoma mmienu no mu na ɛmmom baako.+

7 “Afei fa apɔnkye nwi+ yɛ ntoma 11 a wode bɛkata ɔsom ntomadan no so.+ 8 Ma ntoma no mu biara tenten nyɛ basafa 30, na emu biara tɛtrɛtɛ nyɛ basafa 4. Ma ntoma 11 no nyinaa kɛseɛ nyɛ pɛ. 9 Keka ntoma nnum si animu yɛ no ntoma baako, na ka nsia a aka no nso si animu yɛ no baako. Deɛ ɛtɔ so nsia no, bu to so mmienu wɔ ntomadan no anim. 10 Afei yɛ nhankra 50 toto ntoma a wɔaka abom no baako ano, na yɛ 50 wɔ ntoma a aka no nso ano; ɛhɔ na wɔbɛka mmienu no abom. 11 Fa kɔbere yɛ nnadeɛ nketewa 50 fa hyehyɛ nhankra no mu, na ka ntoma mmienu no bom ma ɛnyɛ baako. 12 Ntoma no fã a ɛbɛboro so no deɛ, ma no nsensɛn hɔ. Ntoma a ɛbɛka no, emu fã bɛsensɛn ɔsom ntomadan no akyi. 13 Ntoma a ɛboro so no, ma emu basafa baako ngu ɔsom ntomadan no benkum na basafa baako nso ngu nifa, na ɛnkata n’afanu nyinaa.

14 “Afei fa adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛ nkatasoɔ, na fa sukraman* nwoma nso yɛ nkatasoɔ foforɔ gu so.+

15 “Paapae ɔkanto nnua fa sisi hɔ ma no nyɛ ɔsom ntomadan no nnua.+ 16 Ma nnua no biara tenten nyɛ basafa du na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa baako ne fã. 17 Yɛ pɔ mmienu a ɛsa so wɔ nnua no biara ase. Nnua a mode bɛsisi hɔ ama ɔsom ntomadan no, yɛ ne nyinaa saa ara. 18 Fa nnua no mu 20 sisi ɔsom ntomadan no fã a ɛhwɛ anaafoɔ fam no.

19 “Afei fa dwetɛ yɛ nnyinasoɔ+ 40 a wode nnua 20 no bɛsisi so. Ntomadan nnua no biara bɛnya pɔ mmienu, na wɔde nnyinasoɔ mmienu bɛhyɛ baako ase, na wɔde mmienu mmienu ahyehyɛ nnua a aka no mu biara ase.+ 20 Fa nnua 20 nso sisi ɔsom ntomadan no fã nohoa a ɛhwɛ atifi fam no, 21 na fa dwetɛ yɛ nnyinasoɔ 40 a nnua no bɛsisi so. Ntomadan dua baako bɛnya nnyinasoɔ mmienu, na nnua a aka no mu biara nso bɛnya nnyinasoɔ mmienu. 22 Ɔsom ntomadan no akyi a ɛhwɛ atɔeɛ fam no nso, wode nnua no nsia bɛsisi hɔ.+ 23 Wobɛyɛ ntomadan nnua no mmienu asisi ɔsom ntomadan no ntwea mmienu so wɔ akyire. 24 Ka bɔ so mmienu firi fam kɔsi soro ma no nhyia wɔ baabi a kawa a ɛdi kan no wɔ no. Saa ara na wobɛyɛ mmienu no nyinaa; ɛno na ɛbɛyɛ ntomadan no ntwea mmienu no. 25 Enti ɛbɛyɛ nnua nwɔtwe ne dwetɛ nnyinasoɔ 16; ntomadan dua baako bɛnya nnyinasoɔ mmienu wɔ aseɛ, na nnua a aka no mu biara nso bɛnya nnyinasoɔ mmienu wɔ aseɛ.

26 “Afei fa ɔkanto nnua yɛ mmeamu nnum beabea ntomadan nnua no mu wɔ ɛfã baako,+ 27 fa mmeamu nnum beabea nnua no mu wɔ ɛfã foforɔ, na fa mmeamu nnum nso beabea ɔsom ntomadan no akyi a ɛhwɛ atɔeɛ fam no. 28 Mmeamu a ɛwɔ ntomadan nnua no mfimfini no deɛ, ɛsɛ sɛ ɛtoam firi tire kɔsi tire.

29 “Fa sika kɔkɔɔ fa ntomadan nnua no ho,+ na fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa a mmeamu no bɛhyehyɛ mu no. Mmeamu no nso, fa sika kɔkɔɔ fa ho. 30 Ɔsom ntomadan no, yɛ no sɛdeɛ mekyerɛɛ wo wɔ bepɔ no so no.+

31 “Fa ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera yɛ ntwamutam,+ na wɔnnwene kerubim wom. 32 Afei fa ɔkanto yɛ adum nnan na fa sika kɔkɔɔ fa ho, na fa ntwamutam no sɛn so. Fa sika kɔkɔɔ yɛ adum no ho nsosɔmu, na fa adum no sisi dwetɛ nnyinasoɔ nnan so. 33 Fa ntwamutam no sɛn nnadeɛ nketewa no ase na fa Adanseɛ Adaka no+ si dan no mu. Ma ntwamutam no nkyɛ Kronkronbea+ no ne Kronkron Mu Kronkronbea+ no mu. 34 Fa mmuasoɔ no kata Adanseɛ Adaka no so wɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ.

35 “Afei fa pono no si ntwamutam no anim wɔ ɔsom ntomadan no atifi fam, na fa kaneadua+ no si anaafoɔ fam. Ma ɛpono no ne kaneadua no nni nhwɛanimu. 36 Fa ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera nwene ntoma* sɛn ntomadan no kwan ano.+ 37 Afei fa ɔkanto yɛ adum nnum a wode ntoma* no bɛsensɛn so; fa sika kɔkɔɔ fa adum no ho. Fa sika kɔkɔɔ yɛ ɛho nsosɔmu, na fa kɔbere yɛ nnyinasoɔ nnum a wode adum no bɛsisi so.

27 “Fa ɔkanto dua yɛ afɔrebukyia no;+ ma ne tenten nyɛ basafa* nnum, na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa nnum. Ma n’afã nnan nyinaa nyɛ pɛ, na ɛfiri soro bɛsi fam nyɛ basafa mmiɛnsa.+ 2 Yɛ mmɛn+ wɔ ntwea nnan no so. Yɛ afɔrebukyia ne mmɛn no nyinaa bom. Fa kɔbere fa afɔrebukyia no ho.+ 3 Yɛ adeɛ a wɔde nsõ* bɛgu mu akɔto agu, na yɛ sofi, nkyɛnsee, adinam, ne nkyɛnsee a wɔde egya gu mu. Nneɛma a wɔde bɛyɛ adwuma wɔ ho nyinaa, fa kɔbere yɛ.+ 4 Afei fa kɔbere yɛ nkantankantan, na fa bi yɛ nkawa nnan wɔ nkantankantan no ntwea nnan no so. 5 Fa nkantankantan no hyɛ afɔrebukyia no mu ma ɛnkɔduru mfimfini. 6 Fa ɔkanto sene nnua nteaanteaa ma afɔrebukyia no, na fa kɔbere fa ho. 7 Wode nnua no bɛhyehyɛ nkawa a ɛwɔ n’afãnu no mu, na ɛno na wɔde bɛsoa.+ 8 Fa nnua yɛ no sɛ adaka a ɛnni mmuasoɔ. Yɛ no sɛdeɛ ɔkyerɛɛ wo wɔ bepɔ no so no.+

9 “Yɛ adihɔ+ wɔ ɔsom ntomadan no ho. Fa ahoma papa a wɔde yɛ nwera yɛ ntoma sensɛn adihɔ no fã a ɛhwɛ anaafoɔ fam no; ɛhɔ deɛ no, ma ne tenten nyɛ basafa 100.+ 10 Ɛbɛnya adum 20 ne kɔbere nnyinasoɔ 20. Fa dwetɛ yɛ adum no nsosɔmu ne ne nkawa. 11 Atifi fam nso, ntoma a ɛbɛsensɛn hɔ no tenten bɛyɛ basafa 100, na ɛbɛnya adum 20 ne kɔbere nnyinasoɔ 20 ne ɛho nsosɔmu ne ne nkawa a wɔde dwetɛ ayɛ. 12 Adihɔ no fã a ɛhwɛ atɔeɛ fam no, fa ntoma a ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 50 sɛn hɔ, na fa adum du sisi nnyinasoɔ du so. 13 Adihɔ no fã a ɛhwɛ apueeɛ fam no nso, ma ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa 50. 14 Fa ntoma a ne tenten yɛ basafa 15 sɛn hɔ, na ma no nnya adum mmiɛnsa a ɛsisi nnyinasoɔ mmiɛnsa so+ wɔ ɛfã baako. 15 Ɛfã nohoa nso, fa ntoma a ne tenten yɛ basafa 15 sɛn hɔ, na ma ɛnnya adum mmiɛnsa a ɛsisi nnyinasoɔ mmiɛnsa so.

16 “Adihɔ no kwan ano nso, fa ntoma* a ne tenten yɛ basafa 20 sɛn hɔ. Deɛ wode bɛyɛ nie: Ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera;+ ma ɛnnya adum nnan a ɛsisi nnyinasoɔ nnan so.+ 17 Adum a atwa adihɔ no ho ahyia nyinaa ho nsosɔmu ne ne nkawa nyinaa, fa dwetɛ yɛ. Adum no nnyinasoɔ deɛ, fa kɔbere yɛ.+ 18 Ma adihɔ no tenten nyɛ basafa 100+ na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa 50, na nwera pa a ɛsensɛn hɔ no, ɛfiri soro bɛsi fam no, ma no nyɛ basafa 5. Fa kɔbere yɛ adum no nnyinasoɔ. 19 Nneɛma a wɔde bɛyɛ adwuma wɔ ɔsom ntomadan no mu nyinaa, ne deɛ wɔde bɛbobom atim fam nyinaa, fa kɔbere yɛ. Afei nso, deɛ wɔde bɛbobɔ adihɔ no ntoma mu atim fam nyinaa, fa kɔbere yɛ.+

20 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmma wo ngo korɔgyenn a ɛfiri ngodua mu; ɛno na wɔde bɛgu nkanea no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛsi so daa a ɛrennum.+ 21 Ahyiaeɛ ntomadan no nkanea a ɛwɔ ntwamutam no akyi wɔ Adanseɛ Adaka+ no abɔnten no, Aaron ne ne mma bɛhwɛ sɛ ɛsi so firi anwummerɛ kɔsi anɔpa wɔ Yehowa anim.+ Ɛyɛ ahyɛdeɛ a Israelfoɔ bɛdi so daa wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+

28 “Wobɛyi wo nua Aaron ne ne mma afiri Israelfoɔ mu ama wɔasom sɛ asɔfoɔ wɔ m’anim;+ Aaron+ ne ne mma+ Nadab, Abihu,+ Eleasar, ne Itamar.+ 2 Pam ntaade kronkron ma wo nua Aaron sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛhyɛ no animuonyam na ne ho ayɛ fɛ.+ 3 Wo ne adwumayɛfoɔ a wɔn ho akokwa* a mama wɔn nyansa*+ no nyinaa nkasa. Ma wɔmpam ntaadeɛ mma Aaron na ne ho nte, na watumi asom sɛ ɔsɔfoɔ wɔ m’anim.

4 “Ntaadeɛ yi na wɔmpam: nkataboɔ,+ efɔd,*+ nsasini,+ ataade tenten a wɔanwene no damedame, abotire+ ne deɛ ɔde bɛbɔ ne mu.+ Ma wɔnyɛ ntaade kronkron yi mma wo nua Aaron ne ne mma, na wɔnsom sɛ asɔfoɔ wɔ m’anim. 5 Ma adwumayɛfoɔ a wɔn ho akokwa no mfa sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera nyɛ ntaadeɛ no.

6 “Efɔd no, ma wɔmfa sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera nyɛ.+ 7 Wɔmfa adeɛ ntoto ne mmati mmienu no so mfa nka akyire ne animu no mmom. 8 Ɛsɛ sɛ wɔde sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera no ara bi nwene abɔsoɔ*+ a wɔde bɛbɔ efɔd no mu; ɛno na wɔde bɛkyekyere abom kama.

9 “Afei fa abohene tuntum+ mmienu na twerɛ* Israel mma no din+ wɔ so. 10 Twerɛ din nsia wɔ boɔ baako so, na twerɛ nsia a aka no nso wɔ boɔ baako no so; fa firi panin so kɔsi kumaa so. 11 Ma obi a ɔtumi twerɛ boɔ so ntwerɛ Israel mma no din wɔ aboɔ mmienu no so sɛdeɛ wɔtwerɛ adeɛ wɔ ahyɛnsodeɛ so no.+ Fa sika kɔkɔɔ yɛ biribi te sɛ nsiaseɛ ketewa bi a wɔde aboɔ no biara bɛtare so. 12 Fa aboɔ mmienu no bobɔ efɔd no mmati so na wɔmfa nyɛ nkaeɛ aboɔ mma Israel mma.+ Ma Aaron mfa wɔn din a ɛwɔ ne mmati mmienu so no mmra Yehowa anim, na ɛnyɛ nkaeɛ mma Israel mma. 13 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nsiaseɛ, 14 na fa sika kɔkɔɔ amapa nwene biribi te sɛ nhoma+ mmienu sosɔ nsiaseɛ+ no mu.

15 “Ma obi a ɔnim adeɛ nwene nyɛ atemmuo nkataboɔ+ no. Ma ɔmfa sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera nyɛ no te sɛ efɔd no.+ 16 Sɛ wɔbu to so mmienu a, n’afã nnan nyinaa bɛyɛ pɛ; ma ne ntwemu nyɛ nsayam mmiɛnsa,* na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ nsayam mmiɛnsa. 17 Fa abohene tetare mu, na ɛnsesã so nnan. Ma nsãsoɔ a ɛdi kan no nyɛ abohene kɔkɔɔ, topas abohene, ne ahabammonoboɔ. 18 Nsãsoɔ a ɛtɔ so mmienu no bɛyɛ nsrammaboɔ, hoaboɔ, ne ahwehwɛboɔ. 19 Nsãsoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɛyɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeboɔ, ne beredumboɔ. 20 Nsãsoɔ a ɛtɔ so nnan no bɛyɛ sikabereɛboɔ, abohene tuntum, ne abohene ahabammono. Fa sika kɔkɔɔ yɛ nsiaseɛ a wɔde abohene no biara bɛtare so. 21 Israel mma 12 no, twerɛ wɔn mu biara din wɔ ɛboɔ baako so. Twerɛ no sɛdeɛ wɔtwerɛ adeɛ wɔ ahyɛnsodeɛ so, na ebiara nnyina hɔ mma Israel mmusuakuo 12 no mu baako.

22 “Fa sika kɔkɔɔ amapa nwene biribi te sɛ ahoma toto nkataboɔ no anoano hyia.+ 23 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa mmienu a wode bɛhyehyɛ nkataboɔ no soro, na fa nkawa mmienu no hyehyɛ nkataboɔ no ano wɔ ha ne ha. 24 Fa nhoma mmienu a wode sika kɔkɔɔ ayɛ no hyehyɛ nkawa mmienu no mu wɔ nkataboɔ no ano wɔ ha ne ha. 25 Sika kɔkɔɔ nhoma mmienu no fã a aka no, fa fa efɔd no anim kɔhyehyɛ nsiaseɛ no mu wɔ efɔd no mmati so. 26 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa mmienu fa hyehyɛ nkataboɔ no fã a wɔbɛbu ato so no anoano.+ 27 San fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa mmienu fa hyehyɛ efɔd no mu wɔ abɔsoɔ no soro kakra.+ 28 Nkawa a ɛwɔ efɔd no mu no, fa ahoma bruu hyehyɛ mu, na san fa kyekyere nkataboɔ no nkawa mu bɔ efɔd no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkataboɔ no bɛda efɔd no so yie wɔ abɔsoɔ no soro.

29 “Israel mma din a ɛbobɔ atemmuo nkataboɔ no so wɔ Aaron koko* so no, ma no mfa mmra Kronkronbea hɔ na Yehowa mfa nkae wɔn daa. 30 Sɛ Aaron reba Yehowa anim a, fa Urim ne Tumim*+ no hyehyɛ atemmuo nkataboɔ no mu na ɛmmɔ ne koko so. Saa adeɛ yi a wɔgyina so si gyinaeɛ ma Israelfoɔ no, ɛsɛ sɛ Aaron ma ɛda ne koko so daa wɔ Yehowa anim.

31 “Nsasini a ɔbɛhyɛ wɔ efɔd no ase no, fa ahoma bruu nko ara yɛ.+ 32 Twa ataadeɛ no mfimfini fa yɛ ne kɔn na ma obi a ɔnwene adeɛ nnwene ano nhyia. Yɛ ne kɔn no sɛ dadeɛ akotaadeɛ kɔn na ante amfa mu. 33 Fa ahoma bruu, ahoma afasebire, ne ahoma kɔkɔɔ nwene granate akutuo* sensɛn ano hyia. Afei yɛ sika kɔkɔɔ adɔmma hyehyɛ granate akutuo no ntam. 34 Enti granate akutuo biara akyi no, sika kɔkɔɔ adɔmma toa so; ma ɛnsesa so wɔ nsasini no ano nhyia. 35 Aaron bɛhyɛ ataadeɛ yi de asom. Sɛ ɔkɔ tenabea kronkron hɔ kɔgyina Yehowa anim a, wɔbɛte sɛ adɔmma no regyegye, na ɔpue nso a, wɔbɛte. Ma no nyɛ saa na wanwu.+

36 “Afei fa sika kɔkɔɔ amapa yɛ ade tratra hyɛnn bi, na twerɛ so sɛdeɛ wɔtwerɛ adeɛ wɔ ahyɛnsodeɛ so. Twerɛ so sɛ: ‘Yehowa ne Ɔkronkronni no.’+ 37 Fa ahoma bruu sɔ mu, na fa bɔ abotire no anim.+ 38 Ma ɛmmɔ Aaron moma so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nneɛma kronkron+ a Israelfoɔ ahyira so de rebɛyɛ akyɛdeɛ kronkron no, sɛ obi di mfomsoɔ ma ne ho ba asɛm wɔ ho a, Aaron bɛsoa bɔne no. Ɛmmɔ ne moma so daa na ama Yehowa ani asɔ wɔn.

39 “Fa ahoma papa a wɔde yɛ nwera yɛ ataade tenten; yɛ no damedame, na fa nwera pa yɛ abotire na nwene deɛ ɔde bɛbɔ ne mu nso.+

40 “Aaron mma no nso,+ yɛ ntaade tenten, deɛ wɔde bɛbɔ wɔn mu ne abotire sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛhyɛ wɔn animuonyam na wɔn ho ayɛ fɛ.+ 41 Fa ntaadeɛ no hyehyɛ wo nua Aaron ne ne mma, na fa ngo sra wɔn+ fa hyɛ wɔn asɔfoɔ.*+ Te wɔn ho na wɔnsom sɛ asɔfoɔ wɔ m’anim. 42 Afei fa nwera pam nika* na wɔmfa nkata wɔn adagya so.+ Ɛsɛ sɛ ɛkata wɔn ho firi wɔn sisi kɔsi wɔn srɛ. 43 Berɛ biara a Aaron ne ne mma bɛba ahyiaeɛ ntomadan no mu anaa wɔbɛba afɔrebukyia no ho abɛsom wɔ kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ na wɔanni fɔ amma wɔanwuwu. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a ɔne ne mma* bɛdi so daa.

29 “Wei na fa te wɔn ho na wɔatumi asom sɛ asɔfoɔ ama me: Fa nantwinini kumaa baako ne adwennini mmienu a wɔte apɔ,+ 2 na fa hwiit siam muhumuhu yɛ paanoo a mmɔka* nnim, na fa ngo fra esiam no bi yɛ paanoo a mmɔka nnim a ɛte sɛ kawa.+ Afei yɛ paanoo ntraantraa a mmɔka nnim, na fa ngo sra so. 3 Fa gu kɛntɛn mu+ na fa ka nantwinini ne adwennini mmienu no ho bra m’anim.

4 “Afei fa Aaron ne ne mma no bra ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano,+ na ma wɔmfa nsuo nnware.+ 5 Fa ataade tenten no,+ nsasini no, efɔd* no, ne nkataboɔ no hyɛ Aaron, na fa abɔsoɔ* no bɔ ne mu wɔ ngugusoɔ no so.+ 6 Fa abotire no bɔ ne ti na fa ahosohyira sɛnkyerɛnne kronkron* no bɔ abotire no anim.+ 7 Wowie a, fa ɔsrango no,+ na hwie gu n’apampam fa sra no.+

8 “Afei fa ne mma no nso bra, na fa ntaade tenten no hyehyɛ wɔn.+ 9 Aaron ne ne mma no nyinaa, fa deɛ wɔde bɔ wɔn mu no bobɔ wɔn mu, na fa abotire no nso bobɔ wɔn. Ma no nyɛ mmara a ɛda hɔ sɛ wɔn fiefoɔ na wɔbɛdi asɔfoɔ daa.+ Wei ne ɛkwan a wɔbɛfa so ahyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ.*+

10 “Afei fa nantwinini no bra ahyiaeɛ ntomadan no anim na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu aboa no apampam.+ 11 Kum nantwie no wɔ Yehowa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano.+ 12 Fa wo nsateaa bɔ nantwie no mogya mu, na fa sosɔ afɔrebukyia no mmɛn+ no ho, na hwie mogya a aka no nyinaa gu afɔrebukyia no ase.+ 13 Afei sradeɛ+ a ɛwowɔ aboa no nsono ne ne mmerɛboɔ ho, ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ no, yiyi na hye wɔ afɔrebukyia no so.+ 14 Nantwie no nam, ne nwoma, ne ne bini deɛ, fa egya hye wɔ asoɛeɛ no akyi. Wei yɛ bɔne ho afɔreɛ.

15 “Afei fa adwennini no baako, na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu odwennini no apampam.+ 16 Kum odwennini no na fa ne mogya pete afɔrebukyia no ho hyia.+ 17 Twitwa aboa no mu asinasini na hohoro ne nsono+ mu ne ne nan* ho, na fa esini biara to ne sini foforɔ ho kɔsi ne ti. 18 Hye odwennini mu no nyinaa wɔ afɔrebukyia no so. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔhye ma Yehowa.+ Ɛyɛ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa.

19 “Afei fa odwennini a aka no nso bra na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu odwennini no apampam.+ 20 Kum odwennini no na fa ne mogya no bi yɛ Aaron aso nifa ne ne mma no aso nifa, na fa bi nso yɛ wɔn nsa nifa kokuromoti ne wɔn nan nifa kokuromoti ho, na fa mogya no bi pete afɔrebukyia no ho hyia. 21 Afei fa mogya a ɛwɔ afɔrebukyia no so ne ɔsrango+ no bi pete Aaron ho ne ne ntaadeɛ mu, na fa bi nso pete ne mma ho ne wɔn ntaadeɛ mu, na ama ɔne ne ntaadeɛ ne ne mma ne wɔn ntaadeɛ ayɛ kronkron.+

22 “Odwennini no sradeɛ, ne dua a adɔre sradeɛ no, sradeɛ a ɛwowɔ ne nsono ne ne mmerɛboɔ ho, n’asaabo mmienu ne sradeɛ a ɛwowɔ ho,+ ne ne nan nifa no, yiyi ne nyinaa, ɛfiri sɛ ɛyɛ asɔfohyɛ dwan.+ 23 Afei yi paanoo kurukuruwa, paanoo a ɛte sɛ kawa a ngo wom, paanoo tratra a mmɔka nnim firi kɛntɛn a ɛwɔ Yehowa anim no mu. 24 Fa ne nyinaa hyɛ Aaron ne ne mma nsam, na ma wɔnhim no sɛ ohim afɔreɛ wɔ Yehowa anim. 25 Wɔwie a, na woagye afiri wɔn nsam de aka ɔhyeɛ afɔreɛ a ɛdi kan no ho ahye wɔ afɔrebukyia no so; ɛbɛyɛ afɔreɛ hwamhwam* wɔ Yehowa anim, afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa.

26 “Afei odwan a wɔde bɛbɔ afɔreɛ de ahyɛ Aaron sɔfoɔ no,+ fa ne koko na him wɔ Yehowa anim sɛ ohim afɔreɛ. Ɛno na ɛbɛyɛ wo kyɛfa. 27 Odwan a wɔde bɛbɔ afɔreɛ de ahyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ no,+ fa ne koko a wɔde bɛbɔ ohim afɔreɛ no ne ne nan a ɛka afɔrebɔdeɛ kronkron no ho no, na dwira ho. 28 Wei bɛyɛ Aaron ne ne mma dea. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a Israelfoɔ bɛdi so daa, na ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron a Israelfoɔ de bɛma wɔn.+ Sɛ wɔbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ a, wɔde afɔrebɔdeɛ+ kronkron yi bɛma Yehowa.

29 “Aaron ntaade kronkron no,+ sɛ wɔsra ne mma+ a wɔbɛdi n’akyi aba no hyɛ wɔn asɔfoɔ a, wɔbɛhyɛ. 30 Ne mma no mu deɛ ɔbɛdi n’adeɛ sɛ ɔsɔfoɔ no, sɛ ɔba ahyiaeɛ ntomadan no mu bɛsom wɔ kronkronbea hɔ a, ɔbɛhyɛ no nnanson.+

31 “Odwan a wɔde bɛbɔ afɔreɛ ama asɔfoɔ no, fa ne nam a aka no, na noa wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron.+ 32 Aaron ne ne mma nwe+ odwennini no nam na wɔnni paanoo a ɛwɔ kɛntɛn mu no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano. 33 Deɛ wɔde bɛpata ama wɔn de adwira wɔn ho a ɛno na wɔde bɛhyɛ wɔn asɔfoɔ* no, ma wɔnni. Nanso obiara a ɔnyɛ ɔsɔfoɔ* rentumi nni bi, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron.+ 34 Sɛ asɔfohyɛ dwan no nam anaa paanoo no bi ka ma adeɛ kye so a, deɛ ɛbɛka biara fa gya hye.+ Ɛnsɛ sɛ obiara di, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron.

35 “Deɛ maka akyerɛ wo yi nyinaa, yɛ Aaron ne ne mma saa pɛpɛɛpɛ. Nnanson na wode bɛhyɛ wɔn asɔfoɔ.*+ 36 Da biara, wode nantwinini bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ, na wode adwira afɔrebukyia no ho afiri bɔne ho de ate ho. Afei fa ngo sra afɔrebukyia no ma no nyɛ kronkron.+ 37 Fa nnanson pata ma afɔrebukyia no na dwira ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a afɔrebukyia no bɛyɛ kronkron paa.+ Ansa na obi de ne nsa bɛka afɔrebukyia no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ kronkron.

38 “Deɛ wode bɛbɔ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia no so nie: da biara,+ wobɛfa adwennini nkumaa mmienu a wɔn mu biara adi afe. 39 Fa adwennini nkumaa no baako bɔ afɔreɛ anɔpa na fa baako nso bɔ afɔreɛ anwummerɛ a anim rebiribiri.*+ 40 Sɛ wode odwennini kumaa a ɔdi kan no rebɔ afɔreɛ a, fa ngo pa a ɛfiri ngodua mu hin* nkyɛmu nnan mu baako, na fa fra esiam muhumuhu efa susudeɛ* nkyɛm du mu baako ka ho, na fa bobesa hin nkyɛmu nnan mu baako nso bɔ nsã afɔreɛ. 41 Odwennini kumaa a ɔtɔ so mmienu no, fa bɔ afɔreɛ anwummerɛ a anim rebiribiri.* Fa aduane afɔreɛ ne afɔrebɔ nsã no bi ka ho te sɛ anɔpa deɛ no ara. Fa bɔ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa. 42 Mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu no, mommɔ ɔhyeɛ afɔreɛ yi wɔ Yehowa anim daa wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, na ɛhɔ na mɛyi me ho adi ne mo akasa.+

43 “Mɛyi me ho adi akyerɛ Israelfoɔ no wɔ hɔ, na m’animuonyam+ ama hɔ ayɛ kronkron. 44 Mɛyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no kronkron, na mɛyɛ Aaron ne ne mma nso kronkron+ ama wɔasom sɛ asɔfoɔ wɔ m’anim. 45 Mɛtena Israelfoɔ mu na mayɛ wɔn Nyankopɔn.+ 46 Na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn, na me na meyii wɔn firii Egypt asaase so sɛ me ne wɔn bɛtena.+ Mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.

30 “Fa ɔkanto dua yɛ afɔrebukyia+ a wɔbɛhye aduhwam wɔ so.+ 2 Ma n’afã nnan nyinaa nyɛ pɛ; ma ne tenten nyɛ basafa* baako, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa baako; ɛfiri fam kɔsi soro nso nyɛ basafa mmienu. Yɛ afɔrebukyia no ne ne mmɛn nyinaa bom.+ 3 Fa sika kɔkɔɔ amapa fa ho nyinaa; ne soro, nkyɛnkyɛn, ne ne mmɛn ho, na fa sika kɔkɔɔ toto ano hyia. 4 Afei baabi a wode sika kɔkɔɔ bɛtoto ano ahyia no, fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa mmienu mmienu wɔ n’ase, ebi wɔ fã ha na ebi nso wɔ fã ha. Ɛno na wɔde nnua no bɛhyehyɛ mu de asoa. 5 Nnua nteaanteaa no, fa ɔkanto dua sene, na fa sika kɔkɔɔ fa ho nyinaa. 6 Fa si ntwamutam a ɛsɛn hɔ no anim wɔ Adanseɛ Adaka no ho.+ Ma no nsi Adanseɛ Adaka no mmuasoɔ anim, baabi a mɛyi me ho adi akyerɛ wo no.+

7 “Aaron+ bɛhye aduhwam+ wɔ so.+ Anɔpa biara, sɛ ɔbɛhwɛ nkanea+ no a, ɔbɛhye aduhwam no wɔ afɔrebukyia no so. 8 Afei sɛ ɛduru anwummerɛ a anim rebiribiri* na sɛ Aaron sɔ nkanea no a, ɔbɛhye aduhwam no. Ɛyɛ aduhwam a daa mobɛhye wɔ Yehowa anim, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. 9 Ɛnsɛ sɛ mohye aduhwam biara a monni hokwan sɛ mohye wɔ so,+ na ɛnsɛ sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔreɛ, aduane afɔreɛ, anaa nsã afɔreɛ biara wɔ so. 10 Afe biara, aboa a Aaron de bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no,+ ɔde ne mogya no bi bɛsosɔ mmɛn no ho de ate afɔrebukyia no ho. Ɔbɛyɛ saa prɛko afe biara+ de apata ama afɔrebukyia no wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ɛyɛ kronkron paa ma Yehowa.”

11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 12 “Berɛ biara a wobɛkan Israelfoɔ de ahu wɔn dodoɔ no,+ ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tua agyedeɛ bi ma Yehowa de pata ma ne nkwa* na mmusuo biara amma wɔn so berɛ a worekan wɔn no. 13 Wɔn a wɔbɛkan wɔn nyinaa, wɔbɛtua dwetɛbena* fã, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.*+ Dwetɛbena biara yɛ gerah* 20. Dwetɛbena fã yi ne ntoboa a wɔbɛyi ama Yehowa.+ 14 Obiara a wadi mfeɛ 20 rekɔ a wɔbɛkan no no bɛyi ntoboa ama Yehowa.+ 15 Dwetɛbena* fã no, ɛnsɛ sɛ sikani tua boro so na ɛnsɛ sɛ ohiani nso te so. Ɛyɛ ntoboa a mobɛtua ama Yehowa de apata ama mo nkwa.* 16 Gyegye dwetɛ sika no firi Israelfoɔ no hɔ fa pata ma wɔn, na wɔmfa nyɛ ahyiaeɛ ntomadan hɔ adwuma, na ayɛ nkaeɛ wɔ Yehowa anim ama Israelfoɔ, na apata ama mo nkwa.”*

17 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 18 “Fa kɔbere yɛ ɛsɛn ne ne nnyinasoɔ,+ na fa nsuo gu mu si ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam; ɛno na wɔde bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho.+ 19 Ɛhɔ na Aaron ne ne mma bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho.+ 20 Ansa na wɔbɛkɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu anaa wɔbɛba afɔrebukyia no ho de egya abɛbɔ afɔreɛ ama Yehowa no, wɔmfa nsuo nhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho, na wɔanwuwu. 21 Ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho, na wɔanwuwu. Wei yɛ ahyɛdeɛ a ɔne n’asefoɔ bɛdi so daa wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.”+

22 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 23 “Afei kɔhwehwɛ nnuhwam papa: kurobo a ada nnwetɛbena 500, na fa sinamon hwamhwam te sɛ kurobo no fã, kyerɛ sɛ nnwetɛbena 250, ne kalamus aduhwam nnwetɛbena 250, 24 ne kasia aduhwam nnwetɛbena 500, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no,*+ ne ngo hin* baako. 25 Fa yɛ ɔsrango kronkron; ɛsɛ sɛ mofra no yie paa.*+ Ɛbɛyɛ ɔsrango kronkron.

26 “Fa sra ahyiaeɛ ntomadan no+ ne Adanseɛ Adaka no ho; 27 ɛne ɛpono no ne ɛho nneɛma nyinaa, kaneadua no ne ɛho nneɛma, aduhwam afɔrebukyia no, 28 afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so ne ɛho nneɛma nyinaa, ne ɛsɛn no ne ne nnyinasoɔ no. 29 Te weinom nyinaa ho ma no nyɛ kronkron paa.+ Obiara a ɔde ne nsa bɛka no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ kronkron.+ 30 Sra Aaron+ ne ne mma+ na te wɔn ho na wɔatumi asom sɛ asɔfoɔ wɔ m’anim.+

31 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Wei bɛkɔ so ayɛ ɔsrango kronkron ama me wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+ 32 Ɛnsɛ sɛ ɔdasani biara de bi sra anaa ɔyɛ ne nsɛsoɔ biara. Ɛyɛ kronkron, na ɛbɛkɔ so ayɛ kronkron ama mo. 33 Obiara a ɔbɛyɛ ngo te sɛ wei de asra obi a ɔnyɛ ɔsɔfoɔ* no, wɔbɛku* no afiri ne man mu.’”+

34 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa nnuhwam+ yi na susu ne nyinaa pɛ: stakiti, onika, galbanum, ne ɛhyɛ* papa. 35 Fa ne nyinaa fra yɛ aduhwam;+ ɛsɛ sɛ mofra no yie paa* na mohyɛ no nkyene,+ na ɛyɛ aduhwam kronkron a wɔmfraa mu. 36 Si bi ma no nyɛ muhumuhu na fa bi si Adanseɛ Adaka no anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu, baabi a mɛyi me ho adi akyerɛ wo no. Ɛyɛ ade kronkron paa. 37 Sɛdeɛ wobɛyɛ saa aduhwam yi deɛ, monhwɛ na obiara anyɛ bi amfa.+ Mommu no sɛ ade kronkron wɔ Yehowa anim. 38 Sɛ ne hwam nti obi yɛ bi a, wɔbɛku* no afiri ne man mu.”

31 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Hwɛ, Hur ba Uri wɔ ba bi a ɔde Besalel+ a ɔfiri Yuda abusuakuo+ mu, na ɔno na mayi no.* 3 Mede Onyankopɔn honhom bɛhyɛ no ma na wanya nyansa, nteaseɛ, ne nimdeɛ a ɛbɛtumi ama no de ahokokwa ayɛ nsaanodwuma biara, 4 na ɛbɛma no ayɛ odwumfoɔ a ɔwɔ sika kɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere ho nimdeɛ, 5 ne obi a ɔtumi de aboɔ di adwini+ na ɔsene nnua de yɛ nneɛma hodoɔ nyinaa bi.+ 6 Afei nso, mayi Ahisamak ba Oholiab+ a ɔfiri Dan abusuakuo mu sɛ ɔmmoa no, na wɔn a wɔwɔ nimdeɛ* nyinaa nso, mɛma wɔn nyansa na wɔatumi ayɛ deɛ maka akyerɛ wo nyinaa:+ 7 ahyiaeɛ ntomadan no,+ Adanseɛ Adaka+ ne ne mmuasoɔ,+ nneɛma a ɛwɔ ntomadan no mu nyinaa, 8 ɛpono no+ ne ɛso nneɛma, kaneadua a wɔde sika kɔkɔɔ amapa ayɛ ne ɛho nneɛma nyinaa,+ aduhwam afɔrebukyia,+ 9 afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so+ ne ɛso nneɛma nyinaa, ɛsɛn no ne ne nnyinasoɔ,+ 10 ntaadeɛ a wɔanwene no kama, ɔsɔfoɔ Aaron ntaade kronkron no, ntaadeɛ a ne mma de bɛsom sɛ asɔfoɔ,+ 11 ɔsrango, ne aduhwam a ɛwɔ tenabea kronkron hɔ no.+ Wɔn na wɔbɛyɛ deɛ maka akyerɛ wo no nyinaa.”

12 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 13 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Me home nna no deɛ, monhwɛ sɛ mobɛdi,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛda me ne mo ntam, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhu sɛ me Yehowa na mate mo ho. 14 Monni Homeda no, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron ma mo.+ Obiara a ɔbɛgu ho fĩ no, ɛsɛ sɛ wɔku no. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma biara saa da no, ɛsɛ sɛ wɔkum* saa onipa* no firi ne man mu.+ 15 Momfa nnansia nyɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no deɛ, ɛyɛ homeda, monhome koraa.+ Ɛyɛ da kronkron ma Yehowa. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma Homeda no, ɛsɛ sɛ wɔku no. 16 Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ di Homeda no; wɔbɛdi Homeda no wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; ɛyɛ daa apam. 17 Ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛda me ne Israelfoɔ ntam daa,+ ɛfiri sɛ Yehowa de nnansia na ɛyɛɛ soro ne asaase, na da a ɛtɔ so nson no, ɔhomeeɛ na ɔdwodwoo ne ho.’”+

18 Afei berɛ a ɔne Mose kasa wiee wɔ Sinai Bepɔ so no, ɔde Adanseɛ Abopono mmienu maa Mose,+ abopono a Onyankopɔn de ne nsateaa atwerɛ so.+

32 Berɛ a nkurɔfoɔ no huu sɛ Mose akyɛ wɔ bepɔ no so no,+ wɔsoaa wɔn ho kɔɔ Aaron nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre yɛ onyame ma yɛn na ɔnni yɛn anim,+ ɛfiri sɛ ɔbarima Mose yi a ɔdii yɛn anim firii Egypt asaase so no deɛ, yɛnnim deɛ ato no.” 2 Ɛnna Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sika kɔkɔɔ asomuadeɛ+ a ɛhyehyɛ mo yerenom, mo mma mmarima, ne mo mma mmaa no, monyiyi mfa mmrɛ me.” 3 Enti obiara yii sika kɔkɔɔ asomuadeɛ a ɛhyɛ no no de brɛɛ Aaron. 4 Ɛnna ɔgye firii wɔn hɔ, na ɔnane de dadeɛ a wɔde di adwini yɛɛ ho adwuma maa no yɛɛ nantwie ba honi.*+ Afei wɔkaa sɛ: “Israel man, mo Nyankopɔn nie. Ɔno na ɔdii mo anim firii Egypt asaase so.”+

5 Berɛ a Aaron hunuiɛ no, ɔyɛɛ afɔrebukyia de sii ohoni no anim, na ɔkaa sɛ: “Ɔkyena yɛ Yehowa afahyɛ.” 6 Adeɛ kyeeɛ no, wɔsɔree ntɛm bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ. Afei nkurɔfoɔ no tenaa ase didi nomeeɛ, na wɔsɔre gyee wɔn ani.+

7 Ɛbaa saa no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Siane kɔ, na nkurɔfoɔ a wodii wɔn anim firii Egypt asaase so no agu wɔn ho fĩ.+ 8 Akwankyerɛ a mede maa wɔn no, wɔamma mframa amfa so koraa, wɔamane afiri ho.+ Wɔayɛ nantwie ba honi,* na wɔrekoto no bɔ afɔreɛ ma no, na wɔka sɛ: ‘Israel man, mo Nyankopɔn nie. Ɔno na ɔdii mo anim firii Egypt asaase so.’” 9 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mahu sɛ nkurɔfoɔ yi aso yɛ den.*+ 10 Me bo afu wɔn paa; ma mentɔre wɔn ase na menyɛ wo mmom ɔman kɛseɛ.”+

11 Ɛnna Mose srɛɛ Yehowa, ne Nyankopɔn* sɛ:+ “O Yehowa, wo nkurɔfoɔ a wode tumi kɛseɛ ne nsa a ɛyɛ den yii wɔn firii Egypt asaase so no, adɛn nti na wo bo afu wɔn saa?+ 12 Adɛn na ɛsɛ sɛ woma kwan ma Egyptfoɔ ka sɛ, ‘Adwemmɔne na ɔde yii wɔn; na ɔpɛ sɛ ɔkunkum wɔn wɔ bepɔ no so na ɔtɔre wɔn ase firi asaase so’?+ Ma wo bo nnwo na gyinaeɛ a woasi sɛ wobɛyɛ wo man bɔne no, san hwɛ no bio.* 13 Kae w’akoa Abraham, Isak ne Israel a wode wo ho kaa wɔn ntam no. Woka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mɛma mo asefoɔ* ayɛ bebree te sɛ ɔsoro nsoromma,+ na mede asaase a mekyerɛɛ mo no nyinaa bɛma mo asefoɔ,* na ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ daa.’”+

14 Enti gyinaeɛ a Yehowa sii sɛ ɔde bɔne bɛba ne nkurɔfoɔ so no, ɔsesaa n’adwene.*+

15 Afei Mose siane firii bepɔ no so. Ɔreba no, na Adanseɛ Abopono mmienu no+ kura no;+ emu biara, na wɔatwerɛ animu ne akyire. 16 Onyankopɔn ankasa na ɔyɛɛ abopono no, na ɔno na ɔtwerɛɛ so.+ 17 Afei Yosua tee sɛ nnipa no reyɛ dede, na ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Dede yi deɛ, ɛte sɛ deɛ ɛko bi asi wɔ asoɛeɛ hɔ.” 18 Nanso Mose kaa sɛ:

“Ɛnyɛ nkonimdie* ho osebɔ,

Na ɛnyɛ nkogudie ho benabɔ;

Ɛyɛ dwom foforɔ na mete yi.”

19 Berɛ a Mose bɛn asoɛeɛ hɔ a ɔhuu nantwie ba+ ne asa no, ne bo fuiɛ, na ɔgyaa abopono no mu hwee bepɔ no ase maa no bubuiɛ.+ 20 Ɔde gya hyee nantwie ba a wɔayɛ no, na ɔyam no muhumuhu;+ afei ɔde petee nsuo ani maa Israelfoɔ no nomeeɛ.+ 21 Ɛno akyi no, Mose bisaa Aaron sɛ: “Ɛdeɛn na nkurɔfoɔ yi yɛɛ wo a enti woakɔdi wɔn akyi de bɔne a ɛte sei aba wɔn so yi?” 22 Ɛnna Aaron kaa sɛ: “Mma me wura bo mmfu. Wo ara wonim sɛ nkurɔfoɔ yi deɛ, ɛnkyɛ na wɔreyɛ bɔne.+ 23 Wɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛ onyame ma yɛn na ɔnni yɛn anim, ɛfiri sɛ ɔbarima Mose yi a ɔdii yɛn anim firii Egypt asaase so no deɛ, yɛnnim deɛ ato no.’+ 24 Enti me nso mebisaa wɔn sɛ, ‘Hwan na ɔwɔ sika kɔkɔɔ? Ɔnyi mma me.’ Afei mede guu gya mu, na deɛ ɛfirii mu baeɛ ne nantwie ba yi.”

25 Mose huu sɛ nkurɔfoɔ no ayɛ deɛ wɔn ankasa pɛ, ɛfiri sɛ Aaron maa wɔn kwan ma wɔyɛɛ deɛ wɔpɛ de guu wɔn anim ase wɔ wɔn atamfo anim. 26 Afei Mose bɛgyinaa asoɛeɛ no kwan ano bisaa sɛ: “Hwan na ɔwɔ Yehowa afã? Ɔmmra mmɛgyina me nkyɛn!”+ Ɛnna Lewifoɔ no nyinaa bɛgyinaa ne nkyɛn. 27 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Israel Nyankopɔn Yehowa aka nie, ‘Obiara mfa ne sekan mmɔ n’asene, na monkyini asoɛeɛ no mu nkɔ apono ano, na obiara nku ne nua, deɛ ɔte bɛn no, ne n’adamfo paa.’”+ 28 Lewifoɔ no yɛɛ deɛ Mose kaeɛ no, na wɔkum nnipa bɛyɛ 3,000 saa da no. 29 Mose san kaa sɛ: “Montu mo ho nsi hɔ* mma Yehowa nnɛ, ɛfiri sɛ mo mu biara ne ɔno ara ne ba ne ne nua adi asie,+ na ɛnnɛ ɔbɛhyira mo.”+

30 Afei adeɛ kyeeɛ no, Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Moayɛ bɔne kɛseɛ, enti mɛkɔ Yehowa nkyɛn akɔhwɛ sɛ mɛtumi apata ama mo bɔne anaa.”+ 31 Enti Mose san kɔɔ Yehowa nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, ɔman yi bɔne so! Wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ onyame!+ 32 Nanso wobɛpene a, anka fa wɔn bɔne kyɛ wɔn,+ anyɛ saa a ɛnneɛ mesrɛ wo, pepa me din firi nwoma a woatwerɛ no mu.”+ 33 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Deɛ wayɛ me bɔne no, ɔno na mɛpepa ne din afiri me nwoma mu. 34 Afei kɔdi ɔman no anim kɔ faako a makyerɛ wo no. Hwɛ, me bɔfoɔ bɛdi w’anim,+ na berɛ a mɛba abɛbu atɛn no duru a, wɔn bɔne nti mɛtwe wɔn aso.” 35 Ɛnna Yehowa twee ɔman no aso sɛ wɔyɛɛ nantwie ba, deɛ Aaron yɛeɛ no.

33 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Asaase a mekaa Abraham, Isak, ne Yakob ntam sɛ, ‘W’asefoɔ* na mede bɛma wɔn’+ no, kɔfa nnipa a wodii wɔn anim firii Egypt asaase so no, na monsim nkɔ hɔ. 2 Mɛma me bɔfoɔ adi w’anim+ akɔtu Kaananfoɔ, Amorifoɔ, Hitifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ afiri asaase no so.+ 3 Monkɔ asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so+ no so, na ɛsiane sɛ mo aso yɛ den*+ nti, me deɛ, me ne mo renkɔ, ɛfiri sɛ anhwɛ a na makunkum mo ɛkwan no so.”+

4 Berɛ a ɔman no tee nsɛm a ano yɛ den saa no, wɔfirii aseɛ dii abooboo, na wɔn mu baako mpo anhyɛ agudeɛ. 5 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Moyɛ ɔman a mo aso yɛ den.*+ Sɛ moanhwɛ yie a, mɛba mo mu prɛko pɛ abɛsɛe mo nyinaa.+ Enti monnyae agudeɛ no hyɛ nkɔsi sɛ mɛhu deɛ mɛyɛ mo.’” 6 Ɛno nti ɛfiri Horeb Bepɔ ho rekɔ no, Israelfoɔ anhyɛ agudeɛ bio.*

7 Afei Mose tee ne ho kɔsii ntomadan wɔ asoɛeɛ no akyi, na ɔfrɛɛ no ahyiaeɛ ntomadan. Enti sɛ obi pɛ sɛ ɔbisa Yehowa hɔ biribi a,+ ahyiaeɛ ntomadan a ɛwɔ asoɛeɛ no akyi no, ɛhɔ na ɔkɔ. 8 Berɛ biara a Mose bɛfiri adi sɛ ɔrekɔ ntomadan no mu no, nkurɔfoɔ no mu biara sɔre gyina hɔ, na wɔgyinagyina wɔn ntomadan anim hwɛ Mose atikɔ kɔsi sɛ ɔbɛwura ntomadan no mu. 9 Sɛ Mose nya wura ntomadan no mu pɛ a, mununkum dum+ no siane ba ntomadan no ano; saa berɛ no na Onyankopɔn ne Mose kasa.+ 10 Sɛ nkurɔfoɔ no nyinaa hu mununkum dum no sɛ ɛwɔ ntomadan no ano a, wɔn mu biara sɔre bɔ ne mu ase wɔ ne ntomadan ano. 11 Yehowa ne Mose kasaa animu ne animu+ te sɛ deɛ obi ne ne yɔnko nipa kasa. Na sɛ ɔsan kɔ asoɛeɛ hɔ a, ne somfoɔ+ Yosua+ a ɔyɛ Nun ba no deɛ, ɔmfiri ntomadan no mu.

12 Afei Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Woaka akyerɛ me sɛ, ‘Di nkurɔfoɔ yi anim,’ nanso wonkyerɛɛ me deɛ me ne no bɛkɔ. Wokaa bio sɛ, ‘Mede wo din nim wo,* na woanya m’anim adom nso.’ 13 Mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, ɛnneɛ ma menhu w’akwan,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛhu wo yie, na makɔ so anya w’anim adom. Kae nso sɛ ɔman yi yɛ wo man.”+ 14 Enti ɔkaa sɛ: “Me ara me* ne wo bɛkɔ,+ na mɛma woahome.”+ 15 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wo ara wo* ne yɛn renkɔ a, ɛnneɛ mma yɛmmfiri ha. 16 Sɛ wo ne yɛn ankɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na nkurɔfoɔ ahu sɛ me ne wo man anya w’anim adom?+ Ɛnyɛ wei na ɛbɛma me ne wo man ayɛ soronko wɔ asaase so aman nyinaa ho?”+

17 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Deɛ woabisa no nso mɛyɛ, ɛfiri sɛ woanya m’anim adom, na mede wo din nim wo.” 18 Ɛnna ɔno nso kaa sɛ: “Mesrɛ wo, ma menhu w’animuonyam.” 19 Onyankopɔn kaa sɛ: “Mɛtwam wɔ w’anim, na mɛma woahu me papayɛ nyinaa, na mɛbɔ me din Yehowa no+ wɔ w’anim. Na deɛ mepɛ sɛ mehu no mmɔbɔ no, ɔno na mɛhu no mmɔbɔ, na deɛ mepɛ sɛ me yam hyehye me ma no no, ɔno na me yam bɛhyehye me ama no.”+ 20 Ɔtoaa n’asɛm no so sɛ: “Worentumi nhu m’anim, ɛfiri sɛ onipa biara renhu m’anim nnya nkwa.”

21 Yehowa kaa bio sɛ: “Baabi wɔ me nkyɛn ha; bɛgyina ɔbotan yi so. 22 Sɛ m’animuonyam retwam a, mede wo bɛhyɛ tokuro mu wɔ ɔbotan yi mu, na mede me nsa bɛkata wo so akɔsi sɛ mɛtwam akɔ. 23 Ɛno akyi no, mɛyi me nsa, na wobɛhu m’akyi. Na m’anim deɛ, worenhu.”+

34 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sene abopono mmienu te sɛ kane deɛ+ a wobubuu no no,+ na mɛtwerɛ nsɛm a na ɛwɔ so no agu so.+ 2 Yɛ ahoboa ma anɔpa, ɛfiri sɛ wobɛba Sinai Bepɔ so anɔpa abɛgyina m’anim wɔ bepɔ no so.+ 3 Nanso mma obiara nnni w’akyi mma bepɔ no so, na mma obi foforɔ biara mmɛn hɔ. Ɛnsɛ sɛ anantwie anaa nnwan mpo ba bepɔ no ho bɛdidi.”+

4 Enti Mose senee abopono mmienu te sɛ kane deɛ no, na ɔsɔree anɔpatutuutu faa abopono mmienu no kura kɔɔ Sinai Bepɔ so sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ no no. 5 Ɛnna Yehowa nam mununkum mu siane baa hɔ,+ na ɔbɛgyinaa ne nkyɛn, na ɔbɔɔ Yehowa din.+ 6 Yehowa bɛtwaam wɔ n’anim kaa sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu+ ne ayamhyehyeɛ,*+ deɛ ne bo mfu ntɛm,+ deɛ ne dɔ a ɛnni hwammɔ+ nni ano, na ne nokorɛdie+ dɔɔso. 7 Ɔda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ nnipa mpempem,+ na ɔde mfomsoɔ ne mmarato ne bɔne kyɛ,+ nanso ɔremma deɛ ɔdi fɔ mfa ne ho nni da.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom so.”+

8 Ɛnna Mose yɛɛ ntɛm bɔɔ ne mu ase kotoo fam. 9 Na ɔkaa sɛ: “O Yehowa, sɛ afei manya w’anim adom a, ɛnneɛ mesrɛ wo, Yehowa, ɛwom sɛ yɛn aso yɛ den*+ deɛ, nanso ka yɛn ho ma yɛnkɔ,+ na fa yɛn mfomsoɔ ne yɛn bɔne kyɛ yɛn,+ na fa yɛn yɛ w’agyapadeɛ.” 10 Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Me ne mo reyɛ apam: Mɛyɛ anwanwadeɛ a wɔnyɛɛ bi da wɔ asaase anaa ɔman biara so. Mɛyɛ wei wɔ wo nkurɔfoɔ nyinaa anim.+ Na nnipa a wɔatwa mo ho ahyia nyinaa bɛhu Yehowa nnwuma, ɛfiri sɛ deɛ mɛyɛ ama mo no bɛma obiara ho adwiri no.+

11 “Deɛ mereka akyerɛ wo nnɛ yi, tie no yie.+ Merebɛtu Amorifoɔ, Kaananfoɔ, Hitifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ ne Yebusifoɔ afiri w’anim.+ 12 Hwɛ yie na wo ne nnipa a wɔte baabi a worekɔ no ankɔyɛ apam biara+ na ansum wo fidie.+ 13 Mmom mommubu wɔn afɔrebukyia ne wɔn abosom adum, na montwitwa wɔn abosonnua* ngu.+ 14 Nkoto onyame foforɔ biara,+ ɛfiri sɛ Yehowa yɛ obi a ɔmpɛ* sɛ wɔsom obiara ka ne ho.* Ampa, ɔyɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.+ 15 Hwɛ yie na wo ne nnipa a wɔwɔ asaase no so anyɛ apam, ɛfiri sɛ sɛ wɔne wɔn anyame bɔ adwaman na wɔbɔ afɔreɛ ma wɔn anyame a,+ obi bɛfrɛ wo ama woakɔdi wɔn abosonnuane no bi.+ 16 Ɛba saa a, sɛdeɛ ɛteɛ biara wobɛma wɔn mma mmaa aware wo mma mmarima,+ na sɛ wɔn mma mmaa no ne wɔn anyame bɔ adwaman a, wɔbɛma wo mma mmarima no nso ne wɔn anyame abɔ adwaman.+

17 “Ɛnsɛ sɛ woyɛ dadeɛ honi biara.+

18 “Monni Paanoo a Mmɔka* Nnim Afahyɛ+ no. Sɛdeɛ meka kyerɛɛ mo no, sɛ berɛ a mahyɛ wɔ bosome Abib*+ mu no duru a, monni paanoo a mmɔka nnim nnanson, ɛfiri sɛ bosome Abib mu na mofiri Egypt baeɛ. Ɛnsɛ sɛ obiara de nsapan ba m’anim.

19 “Abakan a ɔyɛ ɔbarima* biara yɛ me dea,+ na wo nyɛmmoa nso, onini a ɔdi kan biara, nantwie oo, odwan oo,+ ɛyɛ me dea. 20 Afunumu ba a ɔdi kan deɛ, fa odwan sesa, anyɛ saa a bu ne kɔn mu. Wo babarima biara a ɔyɛ abakan deɛ, tɔ no.+ Ɛnsɛ sɛ obiara de nsapan ba m’anim.

21 “Fa nnansia yɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no deɛ, home;*+ sɛ ɛyɛ adɔ berɛ anaa twaberɛ mpo a, home.

22 “Monni Nnawɔtwe Afahyɛ no; sɛ moredi a, momfa hwiit a mobɛdi kan atwa no mmra. Afei monni Anoboaboa Afahyɛ* no wɔ afe no awieeɛ.+

23 “Afe biara, ɔbarima biara a ɔwɔ wo mu bɛba abɛgyina nokorɛ Awurade Yehowa, Israel Nyankopɔn no anim mprɛnsa.+ 24 Mɛpamo aman no afiri w’anim,+ na mɛma w’asaase ayɛ kɛse, na afe biara, mprɛnsa a wobɛkɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim no, obiara ani remmere w’asaase.

25 “Wokum aboa de bɔ afɔreɛ ma me a, mfa biribiara a mmɔka wom nka mogya no ho mma me.+ Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ no, mma adeɛ nnkye so.+

26 “Fa w’afuo mu aba pa a wobɛdi kan atwa no bra Yehowa wo Nyankopɔn fie.+

“Ɛnsɛ sɛ wonoa apɔnkye ba nam wɔ ne maame nufosuo mu.”+

27 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Twerɛ nsɛm yi to hɔ,+ ɛfiri sɛ apam a me ne wo ne Israel reyɛ yi gyina nsɛm yi so.”+ 28 Ɔdii Yehowa nkyɛn nnafua 40, awia ne anadwo. Aduane ne nsuo biara anka n’ano.+ Na ɔtwerɛɛ* Mmara Nsɛm Du* a ɛyɛ apam no ho nsɛm no wɔ abopono no so.+

29 Afei Mose siane firii Sinai Bepɔ so, na ɔreba no, na ɔkura Adanseɛ Abopono mmienu no.+ Berɛ a Mose firi bepɔ no so baeɛ no, na ɔnnim sɛ Onyankopɔn a ɔne no kasaeɛ nti, n’anim rehyerɛn. 30 Berɛ a Aaron ne Israelfoɔ nyinaa huu Mose no, wɔhuu sɛ n’anim rehyerɛn, enti na wɔsuro sɛ wɔbɛbɛn no.+

31 Nanso Mose frɛɛ wɔn, na Aaron ne Israel mpanimfoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔne wɔn kasaeɛ. 32 Ɛno akyi no, Israelfoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔde ahyɛdeɛ a Yehowa de maa no wɔ Sinai Bepɔ so no nyinaa too wɔn anim.+ 33 Sɛ Mose ne wɔn kasa wie a, na ɔde adeɛ akata n’anim.+ 34 Nanso sɛ ɔrekɔ Yehowa anim ne no akɔkasa a, na wayi nkataanimu no kɔsi sɛ ɔbɛfiri n’anim.+ Deɛ ɔbɛka akyerɛ no biara, na wabɛka akyerɛ Israelfoɔ no.+ 35 Sɛ Israelfoɔ no hu sɛ Mose anim rehyerɛn a, na Mose asan akata n’anim kɔsi sɛ ɔne Onyankopɔn* bɛkɔ akɔkasa bio.+

35 Akyire yi, Mose frɛɛ Israel asafo nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa aka akyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nie:+ 2 Nnansia na momfa nyɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no deɛ, ɛbɛyɛ da kronkron ama mo. Ɛyɛ Yehowa Homeda a mode bɛhome koraa.+ Obiara a ɔbɛyɛ adwuma saa da no, ɛsɛ sɛ wɔku no.+ 3 Ɛnsɛ sɛ mosɔ gya wɔ mo tenabea biara Homeda.”

4 Afei Mose ka kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, 5 ‘Monnyegye ntoboa mma Yehowa.+ Obiara a n’akoma ka no+ no bɛtumi de nneɛma yi bi abrɛ Yehowa: sika kɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, 6 ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ahoma papa a wɔde yɛ nwera, apɔnkye nwi,+ 7 adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, sukraman* nwoma, ɔkanto dua, 8 ngo a wɔde bɛgu nkanea mu, balsam ngo a wɔde bɛyɛ ɔsrango ne aduhwam,+ 9 abohene tuntum ne aboɔ foforɔ a wɔde bɛbobɔ efɔd*+ ne nkataboɔ+ mu.

10 “‘Ma adwumayɛfoɔ a wɔn ho akokwa*+ nyinaa mmra mmɛyɛ deɛ Yehowa aka nyinaa. 11 Wɔmmɛyɛ ɔsom ntomadan no ne ɛho nneɛma ne ne nkatasoɔ, ɛho nnadeɛ nketewa ne nnua ne deɛ wɔde bɛbeabea mu, ɛho adum ne ne nnyinasoɔ; 12 Adaka no+ ne nnua a wɔde bɛsoa+ ne ne mmuasoɔ+ ne ntwamutam+ no; 13 ɛpono no+ ne nnua a wɔde bɛsoa ne ɛso nneɛma nyinaa, paanoo a wɔde kyerɛ;+ 14 kaneadua no+ ne nkanea a ɛsisi so ne ɛho nneɛma nyinaa, ngo a wɔde bɛgu mu;+ 15 afɔrebukyia a wɔbɛhye aduhwam wɔ so,+ nnua a wɔde bɛsoa, ɔsrango ne aduhwam,+ ntoma* a wɔde bɛsɛn ɔsom ntomadan no kwan ano; 16 afɔrebukyia a wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so+ ne kɔbere nkantankantan a ɛda so ne nnua a wɔde bɛsoa ne ɛho nneɛma nyinaa; ɛsɛn no ne ne nnyinasoɔ;+ 17 ntoma a wɔde bɛsensɛn adihɔ hɔ,+ adum a ɛwɔ hɔ ne ne nnyinasoɔ; ntoma* a wɔde bɛsɛn adihɔ no kwan ano; 18 deɛ wɔde bɛbobɔ ɔsom ntomadan no ntoma ne adihɔ hɔ ntoma no atim fam ne ɛho nhoma;+ 19 ntaadeɛ a wɔanwene no kama+ a wɔde bɛsom wɔ tenabea kronkron hɔ, ɔsɔfoɔ Aaron ntaade kronkron,+ ne ntaadeɛ a ne mma de bɛsom sɛ asɔfoɔ no.’”

20 Ɛnna Israel asafo no nyinaa firii Mose anim kɔeɛ. 21 Na obiara a n’akoma kaa no no baeɛ,+ na obiara a ne honhom kanyan no no baeɛ, na ɔbɛyii ntoboa maa Yehowa sɛ wɔmfa nyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ne ɛhɔ som adwuma nyinaa ne ntaade kronkron no. 22 Mmarima ne mmaa nyinaa pu baeɛ, obiara a n’akoma kaa no no baeɛ. Wɔde agudeɛ a wɔde bobɔ ntaadeɛ mu, asomuadeɛ, nkawa, ne agudeɛ foforɔ ne nneɛma a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ nyinaa bi baeɛ. Obiara de sika kɔkɔɔ nneɛma no yɛɛ afɔrebɔdeɛ* maa Yehowa.+ 23 Na obiara de deɛ ɔwɔ baeɛ: ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ahoma papa a wɔde yɛ nwera, apɔnkye nwi, adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, ne sukraman nwoma. 24 Obiara a ɔyii dwetɛ ne kɔbere sɛ ne ntoboa no de brɛɛ Yehowa, na obiara a ɔwɔ ɔkanto dua no nso de baa sɛ wɔmfa nyɛ adwuma no.

25 Mmaa a wɔnim adwuma+ no nyinaa de asaawa yɛɛ nhoma,* na deɛ wɔde baeɛ nie: ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera. 26 Afei nso, mmaa a wɔnim adwuma a wɔn akoma kaa wɔn no nyinaa de apɔnkye nwi yɛɛ nhoma.

27 Deɛ mpanimfoɔ no nso de baeɛ ne abohene tuntum ne aboɔ foforɔ a wɔde bɛbobɔ efɔd ne nkataboɔ+ mu, 28 ne balsam ngo ne ngo a wɔde bɛgu nkanea mu ne deɛ wɔde bɛyɛ ɔsrango+ ne aduhwam.+ 29 Sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, ɔbarima anaa ɔbaa biara a n’akoma kaa no no de biribi baa sɛ wɔmfa nyɛ adwuma no. Israelfoɔ de ayamyɛ afɔreɛ brɛɛ Yehowa.+

30 Afei Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Hwɛ, Yehowa ayi Hur ba Uri ba a ɔde Besalel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu.+ 31 Onyankopɔn de ne honhom ahyɛ no ma, na wama no nyansa, nteaseɛ, ne nimdeɛ a ɛbɛtumi ama no de ahokokwa ayɛ nsaanodwuma biara, 32 na ɛbɛma no ayɛ odwumfoɔ a ɔwɔ sika kɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere ho nimdeɛ, 33 ne obi a ɔtumi de aboɔ di adwini na ɔsene nnua de yɛ nneɛma hodoɔ nyinaa bi. 34 Ɔde ahyɛ n’akomam nso sɛ ɔnkyerɛkyerɛ; ɔno ne Ahisamak ba Oholiab+ a ɔfiri Dan abusuakuo mu. 35 Wama wɔn nimdeɛ+ a wɔde bɛyɛ adwumfoɔ adwuma na wɔde ahoma adi adwini, na wɔatumi de ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera ayɛ ntomanwemfoɔ adwuma. Mmarima yi bɛyɛ nnwuma ahodoɔ nyinaa bi, na wɔbɛdi adwini ahodoɔ nyinaa bi.

36 “Besalel ne Oholiab bɛyɛ adwuma no; wɔne odwumayɛni biara a ne ho akokwa* a Yehowa ama no nyansa ne nimdeɛ a ɔbɛtumi de ayɛ adwuma kronkron a Yehowa de ahyɛ mo nsa no.”+

2 Enti Mose frɛɛ Besalel ne Oholiab ne obiara a ne ho akokwa a Yehowa de nyansa ahyɛ n’akomam;+ ɔfrɛɛ obiara a n’akoma kaa no sɛ ɔmmɛyɛ adwuma no bi.+ 3 Ɛnna wɔgyee nneɛma a Israelfoɔ no de baeɛ+ sɛ wɔmfa nyɛ adwuma kronkron no nyinaa firii Mose hɔ. Nanso wɔkɔɔ so ara de ayamyɛ afɔreɛ no brɛɛ no anɔpa biara.

4 Berɛ a wɔfirii adwuma kronkron no ase no, ɛwɔ hɔ ara a na adwumayɛfoɔ a wɔn ho akokwa no baako aba, 5 na wabɛka akyerɛ Mose sɛ: “Nneɛma a nkurɔfoɔ no de reba no dɔɔso, na ɛboro adwuma a Yehowa se yɛnyɛ no so.” 6 Ɛnna Mose ma wɔbɔɔ amanneɛ wɔ asoɛeɛ hɔ nyinaa sɛ: “Mmarima ne mmaa, mma obiara mmfa ntoboa kronkron no bi mmma bio.” Enti nkurɔfoɔ no amfa biribiara amma bio. 7 Ná deɛ wɔanya no bɛso adwuma no nyinaa ama ebi aka.

8 Enti adwumayɛfoɔ a wɔn ho akokwa+ no nyinaa sii ɔsom ntomadan no.+ Wɔde ahoma papa a wɔde yɛ nwera, ahoma bruu, ahoma afasebire, ne ahoma kɔkɔɔ nwenee ntoma du a wɔde bɛyɛ ntomadan no, na ɔnwenee* kerubim wom.+ 9 Ná ntoma no mu biara tenten yɛ basafa* 28, na emu biara tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 4. Ná ntoma no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. 10 Ɔde ntoma nnum toatoaa so yɛɛ no baako, na ɔde nnum a aka no nso toatoaa so yɛɛ no baako. 11 Afei ɔde ahoma bruu yɛɛ nhankra totoo ntoma no baako ano wɔ baabi a wɔbɛka asi baako no anim, na ɔyɛɛ saa ara wɔ ntoma foforɔ no nso ano wɔ baabi a wɔbɛka mmienu no abom no. 12 Ɔyɛɛ nhankra 50 wɔ ntoma no baako ano, na ɔyɛɛ 50 wɔ ntoma a aka no nso ano wɔ baabi a wɔbɛka mmienu no abom no; enti, na nhankra no di nhwɛanimu. 13 Ɔwieeɛ no, ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nnadeɛ nketewa 50, na ɔde sosɔɔ ntoma mmienu no mu maa no yɛɛ baako.

14 Afei ɔde apɔnkye nwi yɛɛ ntoma 11 a ɔde bɛkata ɔsom ntomadan no so.+ 15 Ntoma no mu biara tenten yɛ basafa 30, na emu biara tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 4. Ná ntoma 11 no nyinaa yɛ pɛ. 16 Ɛnna ɔkekaa ntoma nnum sisii animu yɛɛ no ntoma baako, na ɔkaa nsia a aka no nso sii animu yɛɛ no baako. 17 Afei ɔyɛɛ nhankra 50 totoo ntoma a wɔaka abom no baako ano wɔ baabi a wɔbɛka asi baako no anim no, na ɔyɛɛ 50 wɔ ntoma a aka no nso ano wɔ baabi a wɔbɛka mmienu no abom no. 18 Afei ɔde kɔbere yɛɛ nnadeɛ nketewa 50 de sosɔɔ ntoma mmienu no mu maa no yɛɛ baako.

19 Ɔde adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛɛ nkatasoɔ, na ɔde sukraman* nwoma nso yɛɛ nkatasoɔ foforɔ guu so.+

20 Ɛnna ɔpaapae ɔkanto nnua+ sisii hɔ de yɛɛ ɔsom ntomadan no nnua.+ 21 Nnua no biara tenten yɛ basafa du na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa baako ne fã. 22 Ɔyɛɛ pɔ mmienu a ɛsa so wɔ nnua no biara ase. Nnua a ɔde sisii hɔ maa ɔsom ntomadan no, ɔyɛɛ ne nyinaa saa ara. 23 Enti ɔde nnua no mu 20 sisii ɔsom ntomadan no fã a ɛhwɛ anaafoɔ fam no. 24 Afei ɔde dwetɛ yɛɛ nnyinasoɔ 40 a ɔde nnua 20 no bɛsisi so. Ná ntomadan no nnua no biara wɔ pɔ mmienu, na ɔde nnyinasoɔ mmienu hyɛɛ baako ase, na ɔde mmienu mmienu hyehyɛɛ nnua a aka no mu biara ase.+ 25 Ɔde nnua 20 nso sisii ɔsom ntomadan no fã nohoa a ɛhwɛ atifi fam no, 26 na ɔde dwetɛ yɛɛ nnyinasoɔ 40 a nnua no bɛsisi so. Ntomadan dua baako nyaa nnyinasoɔ mmienu, na nnua a aka no mu biara nso nyaa nnyinasoɔ mmienu.

27 Ɔsom ntomadan no akyi a ɛhwɛ atɔeɛ fam no nso, ɔde nnua no nsia sisii hɔ.+ 28 Ɔyɛɛ ntomadan nnua no mmienu de sisii ɔsom ntomadan no ntwea mmienu so wɔ akyire. 29 Ntomadan nnua no, ɔkaa ɛhɔ deɛ no bɔɔ so mmienu firi fam kɔsii soro maa no hyiaa wɔ baabi a kawa a ɛdi kan no wɔ no. Saa ara na ɔyɛɛ mmienu a ɛsisi ntomadan no ntwea so no. 30 Enti ne nyinaa yɛɛ nnua nwɔtwe ne dwetɛ nnyinasoɔ 16; ntomadan dua biara nyaa nnyinasoɔ mmienu wɔ aseɛ.

31 Afei ɔde ɔkanto nnua yɛɛ mmeamu nnum beabeaa ntomadan nnua no mu wɔ ɛfã baako,+ 32 na ɔde mmeamu nnum beabeaa nnua no mu wɔ ɛfã foforɔ, na ɔde nnum nso beabeaa ɔsom ntomadan no akyi a ɛhwɛ atɔeɛ fam no. 33 Mmeamu a ɛwɔ ntomadan nnua no mfimfini no deɛ, ɔyɛɛ no tenten baako firi tire kɔsi tire. 34 Ɔde sika kɔkɔɔ faa ntomadan nnua no ho, na ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa a mmeamu no bɛhyehyɛ mu no. Mmeamu no nso, ɔde sika kɔkɔɔ faa ho.+

35 Afei ɔde ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera yɛɛ ntwamutam,+ na ɔnwenee kerubim wom.+ 36 Ɛnna ɔde ɔkanto yɛɛ adum nnan a ɔde bɛsensɛn so, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho. Ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ adum no ho nsosɔmu, na ɔde dwetɛ yɛɛ nnyinasoɔ nnan a wɔde bɛsisi so. 37 Afei ɔde ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera nwenee ntoma* a ɔde bɛsɛn ntomadan no kwan ano.+ 38 Na ɔyɛɛ adum nnum ne ɛho nsosɔmu. Ɔde sika kɔkɔɔ faa adum no soro ne ne nsosɔmu ho. Ne nnyinasoɔ nnum no deɛ, kɔbere na ɔde yɛeɛ.

37 Afei Besalel+ de ɔkanto dua yɛɛ Adaka no.+ Ɔyɛɛ ne tenten basafa* mmienu ne fã, ne tɛtrɛtɛ basafa baako ne fã, na ɛfiri soro bɛsi fam yɛ basafa baako ne fã.+ 2 Ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa emu ne ɛho nyinaa, na ɔde sika kɔkɔɔ no bi totoo ano hyiaeɛ.+ 3 Afei ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa nnan bobɔɔ baabi wɔ ne nan no biara soro; nkawa mmienu wɔ ha a, na mmienu nso wɔ ha. 4 Ɛnna ɔde ɔkanto dua senee nnua nteaanteaa, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho nyinaa.+ 5 Afei ɔde nnua no hyehyɛɛ nkawa no mu wɔ Adaka no nkyɛn na wɔde asoa Adaka no.+

6 Ɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛɛ ne mmuasoɔ.+ Ná ne tenten yɛ basafa mmienu ne fã, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako ne fã.+ 7 Afei ɔde hamma* boroo sika kɔkɔɔ yɛɛ kerubim mmienu,+ na ɔde sisii mmuasoɔ+ no afã mmienu no nyinaa. 8 Ɔde kerubim no sisii mmuasoɔ no afã mmienu no nyinaa. Ɔde kerubim baako sii mmuasoɔ no fã ha, na ɔde baako nso sii fã ha. 9 Ná kerubim mmienu no atrɛtrɛ wɔn ntaban mu kɔ soro, na ɛkataa adaka no mmuasoɔ so.+ Kerubim no dii nhwɛanimu, na na wɔn anim kyerɛ mmuasoɔ no.+

10 Afei ɔde ɔkanto dua yɛɛ ɛpono no.+ Ɔyɛɛ ne tenten basafa mmienu, ne tɛtrɛtɛ basafa baako, na ɛfiri soro bɛsi fam basafa baako ne fã.+ 11 Ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa ho nyinaa, na ɔde sika kɔkɔɔ no bi totoo ano hyiaeɛ. 12 Afei ɔyɛɛ mfemfamho a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ sɛ nsayam* twaa ho hyiaeɛ, na ɔde sika kɔkɔɔ twaa mfemfamho no ho hyiaeɛ. 13 Na ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa nnan, na ɔde nkawa no bobɔɔ ntwea nnan no ho, baabi a ne nan nnan no sisi no. 14 Ná nkawa no bɛn mfemfamho a ɔde atwa ɛpono no ho ahyia no; ɛno na na wɔde nnua bɛhyehyɛ mu de asoa ɛpono no. 15 Afei ɔde ɔkanto dua senee nnua nteaanteaa a wɔde bɛsoa ɛpono no, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho nyinaa. 16 Ɛno akyi no, ɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛɛ nneɛma a wɔde bɛsisi ɛpono no so: nyowa, nkuruwa nketewa ne akɛseɛ, ne nkyɛnsee a wɔde bɛhwie afɔrebɔ nsã.+

17 Afei ɔde hamma boroo sika kɔkɔɔ amapa de yɛɛ kaneadua+ no. Sɛdeɛ ɔyɛɛ no nie: Ɔmaa no nyaa deɛ ɛbɛgyina so, ɛnan, nkuruwa, funuma, ne nhwiren. Ɔyɛɛ ne nyinaa boom baako.+ 18 Kaneadua no nyaa nkorabata nsia, nkorabata mmiɛnsa wɔ fã baako na mmiɛnsa nso wɔ fã a aka no. 19 Ɔmaa ɛfã baako nkorabata biara nyaa nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ aborɔfo nkateɛ nhwiren, funuma, ne nhwiren; wofiri funuma so a, na wokɔ nhwiren so. Ɔmaa ɛfã a aka no nso nkorabata biara nyaa nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ aborɔfo nkateɛ nhwiren, funuma, ne nhwiren; wofiri funuma so a, na wokɔ nhwiren so. Saa na ɔyɛɛ nkorabata nsia a ɛwowɔ kaneadua no nan ho nyinaa. 20 Afei ɔyɛɛ nkuruwa nnan a ɛte sɛ aborɔfo nkateɛ nhwiren wɔ kaneadua no nan ho. Na ɔyɛɛ funuma ne nhwiren nso wɔ ho; wofiri funuma so a, na wokɔ nhwiren so. 21 Faako a nkorabata mmienu a ɛdi kan no pue firi kaneadua no ho no, ɔyɛɛ funuma wɔ aseɛ; faako a nkorabata mmienu a ɛdi hɔ no pue no, ɔyɛɛ funuma wɔ aseɛ; faako a nkorabata mmienu a ɛtwa toɔ no pue no nso, ɔyɛɛ funuma wɔ aseɛ. Enti baabi a nkorabata nsia no paapae wɔ kaneadua no ho biara, ɔyɛɛ bi wɔ aseɛ. 22 Funuma ne nkorabata ne kaneadua mu no nyinaa, ɔde hamma boroo sika kɔkɔɔ amapa na ɔyɛɛ ne nyinaa boom baako. 23 Ɛnna ɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛɛ nkanea nson,+ ɛho nneɛma a wɔde fa gya ne nkyɛnsee a wɔde gya gu mu. 24 Sika kɔkɔɔ amapa dwetikɛseɛ* baako na ɔde yɛɛ kaneadua no ne ɛho nneɛma nyinaa.

25 Afei ɔde ɔkanto dua yɛɛ aduhwam afɔrebukyia.+ N’afã nnan nyinaa ɔyɛɛ no pɛpɛɛpɛ; ɔmaa ne tenten yɛɛ basafa baako, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛɛ basafa baako; ɛfiri fam kɔsi soro nso yɛɛ basafa mmienu. Ɔyɛɛ ɛne ne mmɛn nyinaa boom.+ 26 Ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa ho nyinaa, ne soro, nkyɛnkyɛn, ne ne mmɛn ho, na ɔde sika kɔkɔɔ totoo ano hyiaeɛ. 27 Afei baabi a ɔde sika kɔkɔɔ totoo ano hyiaeɛ no, ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa mmienu mmienu wɔ n’ase, ebi wɔ fã ha na ebi nso wɔ fã ha. Ɛno na na wɔde nnua no bɛhyehyɛ mu de asoa. 28 Ɛno akyi no, ɔde ɔkanto dua senee nnua nteaanteaa a wɔde bɛsoa, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho nyinaa. 29 Afei ɔyɛɛ ɔsrango kronkron+ no ne aduhwam+ korɔgyenn a wɔafra no yie paa no.

38 Ɔde ɔkanto dua yɛɛ afɔrebukyia a wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so. N’afã nnan nyinaa ɔyɛɛ no pɛpɛɛpɛ; ne tenten yɛ basafa* nnum, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnum. Ɛfiri soro bɛsi fam nso, ɔyɛɛ no basafa mmiɛnsa.+ 2 Afei ɔyɛɛ mmɛn wɔ ntwea nnan no so. Ɔyɛɛ afɔrebukyia ne mmɛn no nyinaa boom. Ɔwieeɛ no, ɔde kɔbere faa afɔrebukyia no ho.+ 3 Ɛno akyi no, ɔyɛɛ afɔrebukyia no ho nneɛma nyinaa, adeɛ a wɔde nsõ bɛgu mu, sofi, nkyɛnsee, adinam, ne nkyɛnsee a wɔde egya gu mu. Kɔbere na ɔde yɛɛ ɛho nneɛma nyinaa. 4 Ɔde kɔbere yɛɛ nkantankantan de hyɛɛ afɔrebukyia no mfimfini. 5 Ɔyɛɛ nkawa nnan a wɔde nnua nteaanteaa no bɛhyehyɛ mu wɔ ntwea nnan no so wɔ baabi a ɛbɛn kɔbere nkantankantan no. 6 Afei ɔde ɔkanto dua yɛɛ nnua nteaanteaa no, na ɔde kɔbere faa ho. 7 Ɔde nnua no hyehyɛɛ nkawa a ɛwɔ afɔrebukyia no nkyɛnkyɛn no mu na wɔde asoa. Ɔde nnua yɛɛ afɔrebukyia no te sɛ adaka a ɛnni mmuasoɔ.

8 Ɔde kɔbere yɛɛ ɛsɛn+ ne ne nnyinasoɔ. Nhwehwɛ* na ɔde yɛeɛ; mmaa a wɔyɛɛ nhyehyɛeɛ maa wɔbɛsom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano no, wɔn hɔ na ɔnya firiiɛ.

9 Afei ɔyɛɛ adihɔ wɔ ntomadan no ho.+ Ɔde ahoma papa a wɔde yɛ nwera yɛɛ ntoma sensɛn adihɔ no fã a ɛhwɛ anaafoɔ fam no; ɛhɔ deɛ no, ɔmaa ne tenten yɛɛ basafa 100.+ 10 Ɔde kɔbere yɛɛ adum 20 ne nnyinasoɔ 20 no, na ɔde dwetɛ yɛɛ adum no nsosɔmu ne ne nkawa. 11 Ɛfã a ɛhwɛ atifi fam no nso, ɔyɛɛ ntoma a ne tenten yɛ basafa 100 sensɛn hɔ. Na ɔde kɔbere yɛɛ adum 20 ne nnyinasoɔ 20, na ɔde dwetɛ yɛɛ ɛho nsosɔmu ne nkawa no. 12 Adihɔ no fã a ɛhwɛ atɔeɛ fam no deɛ, ɔde ntoma a ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 50 sɛn hɔ. Ɔyɛɛ adum du sisii nnyinasoɔ du so, na ɔde dwetɛ yɛɛ adum no ho nsosɔmu ne nkawa no. 13 Ná ne fã a ɛhwɛ apueeɛ fam no nso tɛtrɛtɛ yɛ basafa 50. 14 Sɛ worewura adihɔ hɔ a, na ntoma a ne tenten yɛ basafa 15 sɛn ɛfã baako. Ná ɛwɔ adum mmiɛnsa a ɛsisi nnyinasoɔ mmiɛnsa so. 15 Sɛ worewura adihɔ hɔ a, na ntoma a ne tenten yɛ basafa 15 nso sɛn ɛfã nohoa. Ná ɛwɔ adum mmiɛnsa a ɛsisi nnyinasoɔ mmiɛnsa so. 16 Ɔde ahoma papa a wɔde yɛ nwera yɛɛ ntoma twaa adihɔ no ho hyiaeɛ. 17 Kɔbere na ɔde yɛɛ adum no nnyinasoɔ nyinaa. Ɔde dwetɛ na ɛyɛɛ adum no nsosɔmu ne ne nkawa, na ɔde dwetɛ faa adihɔ hɔ adum no nyinaa ho; nneɛma a wɔde sosɔɔ mu no nso, ɔde dwetɛ na ɛyɛeɛ.+

18 Ɔde ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera yɛɛ ntoma* a ne tenten yɛ basafa 20 sɛn adihɔ no kwan ano, na ɛfiri soro bɛsi fam nso na ɛyɛ basafa 5 te sɛ ntoma a ɛsensɛn adihɔ hɔ no.+ 19 Adum nnan ne nnyinasoɔ nnan no, kɔbere na ɔde yɛeɛ. Ɛho nsosɔmu ne nkawa no nso, na ɛyɛ dwetɛ, na ɔde dwetɛ faa adum no soro. 20 Deɛ wɔde bobɔɔ ɔsom ntomadan no ne adihɔ no ntoma mu tim fam nyinaa, kɔbere na ɔde yɛeɛ.+

21 Nneɛma a wɔde yɛɛ ɔsom ntomadan a Adanseɛ+ Adaka no wom no, Mose maa wɔbuu ne nyinaa ano hunuu ne dodoɔ. Ɔde saa adwuma no hyɛɛ Lewifoɔ no nsa,+ na ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar+ na na ɔda wɔn ano. 22 Hur ba Uri ba a ɔde Besalel+ a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no yɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no nyinaa. 23 Ná Ahisamak ba Oholiab+ a ɔfiri Dan abusuakuo mu no ka ne ho. Saa ɔbarima yi, na ɔyɛ odwumfoɔ ne ntomanwemfoɔ a ɔtumi de ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera nwene nneɛma.

24 Sika kɔkɔɔ a wɔde yɛɛ kronkronbea hɔ adwuma nyinaa, ne dodoɔ ne sika kɔkɔɔ a wɔde bɔɔ ohim afɔreɛ no nyinaa yɛ pɛ.+ Ná ɛsi dwetikɛseɛ* 29 ne nnwetɛbena* 730, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.* 25 Asafo no mu nnipa a wɔkanee wɔn no, dwetɛ a wɔde baeɛ no si dwetikɛseɛ 100 ne nnwetɛbena 1,775, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.* 26 Dwetɛbena fã a wɔgyegyeeɛ no, obiara a wadi mfeɛ 20 rekɔ a wɔkan no no de dwetɛbena fã baeɛ,+ sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.* Ná wɔn nyinaa dodoɔ yɛ 603,550.+

27 Dwetɛ a wɔde yɛɛ kronkronbea no nnyinasoɔ ne ntwamutam no nnyinasoɔ si dwetikɛseɛ 100. Nnyinasoɔ+ 100 no yɛ dwetikɛseɛ 100, kyerɛ sɛ nnyinasoɔ biara yɛ dwetikɛseɛ baako. 28 Na ɔde nnwetɛbena 1,775 yɛɛ adum no nsosɔmu, na ɔde dwetɛ faa ho, ɛnna ɔka boom.

29 Kɔbere a wɔde bɛyɛɛ akyɛdeɛ* no si dwetikɛseɛ 70 ne nnwetɛbena 2,400. 30 Ɛno na ɔde yɛɛ nnyinasoɔ a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, kɔbere afɔrebukyia no, kɔbere nkantankantan a ɛda so no, ne afɔrebukyia no ho nneɛma nyinaa; 31 ɛno ara nso na ɔde yɛɛ nnyinasoɔ a ɛwɔ adihɔ hɔ no, nnyinasoɔ a ɛwɔ adihɔ no kwan ano, ne deɛ wɔde bobɔɔ adihɔ ntoma no mu tim fam no nyinaa.+

39 Wɔde ahoma bruu, ahoma afasebire, ne ahoma kɔkɔɔ+ no nwenee ntaadeɛ kama a wɔde bɛsom wɔ kronkronbea hɔ. Wɔpam ntaade kronkron no maa Aaron,+ sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

2 Ɔde sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera yɛɛ efɔd*+ no. 3 Wɔde hamma* boroo sika kɔkɔɔ yɛɛ no ntraantraa, na ɔtwitwaa no nteaanteaa de kaa ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera no ho de nwenee efɔd no. 4 Wɔyɛɛ adeɛ totoo ne mmati no so de kaa animu ne akyire no boom. 5 Sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, wɔde sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera no ara bi nwenee abɔsoɔ* de bɔɔ efɔd no mu; ɛno na wɔde bɛkyekyere abom kama.+

6 Afei wɔde abohene tuntum no tetaree biribi te sɛ nsiaseɛ nketewa bi a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ so, na wɔtwerɛɛ* Israel mma din wɔ so sɛdeɛ wɔtwerɛ adeɛ wɔ ahyɛnsodeɛ so no.+ 7 Ɔde sisii efɔd no mmati so sɛ wɔmfa nyɛ nkaeɛ aboɔ mma Israel mma,+ sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no. 8 Afei ɔde sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera nwenee nkataboɔ+ no te sɛ efɔd no.+ 9 Sɛdeɛ wɔyɛɛ nkataboɔ no, sɛ wɔbu to so mmienu a, n’afã nnan nyinaa yɛ pɛ, ne tenten yɛ nsayam mmiɛnsa,* na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ nsayam mmiɛnsa. 10 Wɔde abohene tetaree mu, na na ɛsesa so nnan. Ná nsãsoɔ a ɛdi kan no yɛ abohene kɔkɔɔ, topas abohene, ne ahabammonoboɔ. 11 Nsãsoɔ a ɛtɔ so mmienu no, na ɛyɛ nsrammaboɔ, hoaboɔ, ne ahwehwɛboɔ. 12 Nsãsoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na ɛyɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeboɔ, ne beredumboɔ. 13 Ná nsãsoɔ a ɛtɔ so nnan no yɛ sikabereɛboɔ, abohene tuntum, ne abohene ahabammono. Wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nsiaseɛ de abohene no biara tetaree so. 14 Israel mma 12 no, ɔtwerɛɛ wɔn mu biara din wɔ ɛboɔ baako so. Ɔtwerɛɛ no sɛdeɛ wɔtwerɛ adeɛ wɔ ahyɛnsodeɛ so, na ɔde ebiara gyinaa hɔ maa Israel mmusuakuo 12 no mu baako.

15 Afei wɔde sika kɔkɔɔ amapa nwenee biribi te sɛ ahoma totoo nkataboɔ no anoano hyiaeɛ.+ 16 Wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nsiaseɛ mmienu ne nkawa mmienu, na wɔde nkawa mmienu no hyehyɛɛ nkataboɔ no ano wɔ ha ne ha. 17 Afei wɔde nhoma mmienu a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ no hyehyɛɛ nkawa mmienu no mu wɔ nkataboɔ no ano wɔ ha ne ha. 18 Ɛnna wɔde sika kɔkɔɔ nhoma mmienu no fã a aka no faa efɔd no anim kɔhyehyɛɛ nsiaseɛ no mu wɔ efɔd no mmati so. 19 Wɔwieeɛ no, wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa mmienu de hyehyɛɛ nkataboɔ no fã a wɔabu ato so no anoano.+ 20 Ɛnna wɔsan de sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa mmienu hyehyɛɛ efɔd no mu wɔ baabi a abɔsoɔ no bɔ efɔd no mu no. Ná ɛwɔ abɔso no soro kakra. 21 Afei nkawa a ɛwɔ efɔd no mu no, wɔde ahoma bruu hyehyɛɛ mu, na wɔsan de kyekyeree nkataboɔ no nkawa mu bɔɔ efɔd no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkataboɔ no bɛda efɔd no so yie wɔ abɔsoɔ no soro, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

22 Afei nsasini a ɛwɔ efɔd no ase no, ɔmaa obi a ɔnwene adeɛ nweneeɛ; ɔde ahoma bruu nko ara na ɛyɛeɛ.+ 23 Wɔtwaa ataadeɛ no mfimfini de yɛɛ ne kɔn te sɛ dadeɛ akotaadeɛ kɔn, na wɔnwenee ano hyiaeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛrente mfa mu. 24 Ɛno akyi no, wɔde ahoma bruu, ahoma afasebire, ne ahoma kɔkɔɔ nwenee granate akutuo* sensɛn nsasini no ano hyiaeɛ. 25 Afei wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ adɔmma hyehyɛɛ granate akutuo no ntam wɔ nsasini no ano hyiaeɛ; 26 enti granate akutuo biara akyi no, sika kɔkɔɔ adɔmma toa so; wɔde sesãã so wɔ nsasini a wɔde yɛ asɔfodwuma no ano hyiaeɛ, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

27 Afei wɔmaa obi a ɔnwene adeɛ de nwera pa nwenee ntaade tenten maa Aaron ne ne mma,+ 28 na wɔde nwera pa no bi nwenee abotire,+ abotire a wɔadi adwini agu ho,+ ne nika,*+ 29 na wɔde ahoma papa a wɔde yɛ nwera, ahoma bruu, ahoma afasebire, ne ahoma kɔkɔɔ nwenee deɛ ɔde bɛbɔ ne mu, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

30 Wɔwieeɛ no, wɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛɛ ade tratra hyɛnn bi, ahosohyira sɛnkyerɛnne kronkron* no, na wɔtwerɛɛ so sɛdeɛ wɔtwerɛ adeɛ wɔ ahyɛnsodeɛ so no. Wɔtwerɛɛ so sɛ: “Yehowa ne Ɔkronkronni no.”+ 31 Wɔde ahoma bruu sɔɔ mu de bɔɔ abotire no anim, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

32 Enti afei ɔsom ntomadan no, kyerɛ sɛ, ahyiaeɛ ntomadan kronkron no ho adwuma nyinaa baa awieeɛ, na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no nyinaa.+ Wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.

33 Ɛnna wɔde ɔsom ntomadan+ no ho nneɛma nyinaa brɛɛ Mose: ɛho ntoma, emu nneɛma, ɛho nnadeɛ nketewa,+ ntomadan nnua+ no ne ne mmeamu,+ ɛho adum ne ne nnyinasoɔ;+ 34 nkatasoɔ a wɔde adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ+ ayɛ, nkatasoɔ foforɔ a wɔde sukraman* nwoma ayɛ, ntwamutam no;+ 35 Adanseɛ Adaka no ne nnua a wɔde soa+ ne ne mmuasoɔ;+ 36 ɛpono no ne ɛho nneɛma nyinaa+ ne paanoo a wɔde kyerɛ; 37 kaneadua a wɔde sika kɔkɔɔ amapa ayɛ ne ɛho nkanea+ a ɛsesa so no, ne ɛho nneɛma nyinaa,+ ne ngo a wɔde bɛgu nkanea no mu;+ 38 sika kɔkɔɔ afɔrebukyia no,+ ɔsrango no,+ aduhwam no,+ ntoma*+ a wɔde bɛsɛn ntomadan no kwan ano; 39 kɔbere afɔrebukyia+ ne kɔbere nkantankantan a ɛda so no, ɛho nnua a wɔde bɛsoa+ ne ɛho nneɛma nyinaa,+ ɔsɛn no ne ne nnyinasoɔ;+ 40 ntoma a ɛsensɛn adihɔ hɔ ne n’adum ne ne nnyinasoɔ,+ ntoma*+ a ɛwɔ adihɔ no kwan ano, ne ɛho nhoma ne deɛ wɔde bɛbobɔ ntomadan no mu atim fam,+ ne nneɛma a wɔde bɛyɛ ɔsom ntomadan no, kyerɛ sɛ, ahyiaeɛ ntomadan no mu adwuma nyinaa; 41 ɛne ntaadeɛ a wɔanwene no kama a wɔde bɛsom wɔ tenabea kronkron hɔ, ɔsɔfoɔ Aaron ntaade kronkron,+ ne ntaadeɛ a ne mma de bɛsom sɛ asɔfoɔ no.

42 Sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, saa pɛpɛɛpɛ na Israelfoɔ no yɛɛ adwuma no nyinaa.+ 43 Berɛ a Mose hwɛɛ adwuma no nyinaa no, ɔhuu sɛ wɔayɛ no sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no pɛpɛɛpɛ. Ɛnna Mose hyiraa wɔn.

40 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, si ɔsom ntomadan no, kyerɛ sɛ, ahyiaeɛ ntomadan no.+ 3 Fa Adanseɛ Adaka no+ si mu na fa ntwamutam no sɛn hɔ na obi anhu Adaka no.+ 4 Afei fa ɛpono no+ si mu na fa ɛso nneɛma no sisi so pɛpɛɛpɛ. Fa kaneadua no+ bra mu na sosɔ ɛso nkanea no.+ 5 Afei fa sika kɔkɔɔ aduhwam afɔrebukyia+ no si ɔsom ntomadan no mu na ɛmmɛn baabi a Adanseɛ Adaka no wɔ no, na fa ntoma* sɛn ɔsom ntomadan no kwan ano.+

6 “Fa afɔrebukyia a wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so+ no si ɔsom ntomadan no, kyerɛ sɛ, ahyiaeɛ ntomadan no abɔnten. 7 Fa ɛsɛn no si ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam, na fa nsuo gu mu.+ 8 Afei yɛ adihɔ+ wɔ ntomadan no ho hyia, na fa ntoma*+ sɛn adihɔ no kwan ano. 9 Wowie a, fa ɔsrango+ no, na sra ɔsom ntomadan no ne deɛ ɛwom nyinaa,+ na dwira ɔsom ntomadan no ne ɛho nneɛma nyinaa ho ma ɛnyɛ kronkron. 10 Sra afɔrebukyia a wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no ne ɛho nneɛma nyinaa, na dwira afɔrebukyia no ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a afɔrebukyia no bɛyɛ kronkron paa.+ 11 Sra ɛsɛn no ne ne nnyinasoɔ no nso na dwira ho.

12 “Afei fa Aaron ne ne mma no bra ahyiaeɛ ntomadan no ano na fa nsuo dware wɔn.+ 13 Fa ntaade kronkron no hyɛ Aaron,+ na sra no+ na dwira ne ho ma no nsom wɔ m’anim sɛ ɔsɔfoɔ. 14 Ɛno akyi no, ma ne mma no nso mmra, na fa ntaade tenten no hyɛ wɔn.+ 15 Sra wɔn sɛdeɛ wosraa wɔn papa no+ ma wɔnsom wɔ m’anim sɛ asɔfoɔ. Sɛ wosra wɔn a, ɛbɛma wɔabɛyɛ asɔfoɔ daa wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu.”+

16 Mose yɛɛ deɛ Yehowa kaa sɛ ɔnyɛ no nyinaa.+ Ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.

17 Da a ɛdi kan wɔ afe a ɛtɔ so mmienu no bosome a ɛdi kan mu no, wɔsii ɔsom ntomadan no.+ 18 Berɛ a Mose resi ɔsom ntomadan no, ɔde nnyinasoɔ+ no totoo fam na ɔde ntomadan nnua no+ hyehyɛɛ mu. Afei ɔde mmeamu+ beabeaa nnua no mu, na ɔsisii adum no. 19 Ɔde ntoma kataa ɔsom ntomadan no so,+ na ɔde nkatasoɔ+ foforɔ guu so, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

20 Ɛno akyi no, ɔde Adanseɛ Abopono no+ guu Adaka no+ mu, na ɔde nnua nteaanteaa no+ hyehyɛɛ Adaka no ho de mmuasoɔ no+ kataa Adaka no+ so. 21 Afei ɔde Adanseɛ Adaka no baa ɔsom ntomadan no mu, na ɔde ntwamutam no+ sɛn hɔ na obi anhu Adaka no,+ sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

22 Afei ɔde ɛpono no+ sii ntwamutam no akyi wɔ ɔsom ntomadan no, kyerɛ sɛ, ahyiaeɛ ntomadan no atifi fam, 23 na ɔhyehyɛɛ paanoo no wɔ so+ wɔ Yehowa anim, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

24 Afei ɔde kaneadua no+ sii ahyiaeɛ ntomadan no, kyerɛ sɛ, ɔsom ntomadan no anaafoɔ fam maa ɛne ɛpono no dii nhwɛanimu. 25 Ɔsosɔɔ nkanea no+ wɔ Yehowa anim, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

26 Afei ɔde sika kɔkɔɔ afɔrebukyia no+ sii ahyiaeɛ ntomadan no mu wɔ ntwamutam no akyi; 27 ɛso na na wɔbɛhye aduhwam,+ sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

28 Afei ɔde ntoma* no+ sɛn ɔsom ntomadan no kwan ano.

29 Ɔde afɔrebukyia a wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so+ no sii ɔsom ntomadan no, kyerɛ sɛ, ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, na wɔabɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ ne aduane afɔreɛ wɔ so, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

30 Afei ɔde ɛsɛn no sii ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam de nsuo a wɔde bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho guu mu.+ 31 Ɛhɔ na na Mose ne Aaron ne ne mma hohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho. 32 Berɛ biara a wɔbɛkɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu anaa wɔbɛkɔ afɔrebukyia no ho no, wɔhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho,+ sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.

33 Afei ɔyɛɛ adihɔ+ wɔ ɔsom ntomadan no ne afɔrebukyia no ho hyiaeɛ, na ɔde ntoma* sɛn adihɔ no kwan ano.+

Enti Mose wiee adwuma no. 34 Ɛnna mununkum bɛkataa ahyiaeɛ ntomadan no so, na Yehowa animuonyam bɛhyɛɛ ɔsom ntomadan no mu ma.+ 35 Mununkum a ɛkataa ɔsom ntomadan no so ne Yehowa animuonyam a na ahyɛ mu ma nti, Mose antumi ankɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu.+

36 Israelfoɔ akwantuo nyinaa mu no, sɛ mununkum no firi ɔsom ntomadan no so a, na wɔatoa wɔn akwantuo no so.+ 37 Nanso sɛ mununkum no wɔ so a, wɔtwɛn kɔsi da a ɛbɛfiri so ansa na wɔatoa wɔn akwantuo so.+ 38 Israelfoɔ akwantuo nyinaa mu no, na Yehowa mununkum wɔ ɔsom ntomadan no so anɔpa, na ɛduru anadwo nso a, na adane egya.+ Ná Israelfoɔ nyinaa hu wɔ wɔn afie.

Anaa “Akra a wɔfiri Yakob asene mu baeɛ nyinaa si akra 70.”

Anaa “awoɔ ntoatoasoɔ.”

Nt., “Israel mma.”

Anaa “adwumaden so ahwɛfoɔ.”

Anaa “Sɛ moregye Hebrini baa bi awoɔ wɔ awoɔ adwa so.”

Anaa “mmusua.”

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.

Anaa “adaka.”

Anaa “demmire.”

Ɛkyerɛ, “Wɔyii No Firii Nsuo Mu,” kyerɛ sɛ, wɔgyee no firii nsuo mu.

Anaa “berɛ a Mose renya ahoɔden.”

Anaa “twitwa gyee.”

Kyerɛ sɛ, Yetro.

Ɛkyerɛ, “Ɔhɔhoɔ a Wabɛtena Hɔ.”

Nt., “Nna.”

Anaa “nkyɛkyerɛ.”

Anaa “Mɛyɛ Me Ho Deɛ Mepɛ Sɛ Meyɛ.” Hwɛ Nkh. A4.

Anaa “monnye Egyptfoɔ ho nneɛma nyinaa.”

Anaa “wo nso wobɛsi Onyankopɔn ananmu akasa akyerɛ no.”

Anaa “wɔrehwehwɛ wo kra.”

Anaa “twerɛboɔ.”

Anaa “dua.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, ɔbɔfoɔ no nan ho.

Anaa “Monkɔhwɛ so nsoa mo nnesoa!”

Anaa “wɔyɛ anihafoɔ.”

Wei yɛ hwiit anaa baali dua a aka wɔ afuo mu berɛ a wɔatwa aduane no awie.

Anaa “Moyɛ anihafoɔ.”

Anaa “moyɛ anihafoɔ!”

Anaa “moama yɛn ho abɔn Farao ne ne nkoa.”

Anaa “basa a tumi wom.”

Nt., “atemmuo.”

Nt., “memaa me nsa so.”

Nt., “wɔntwaa m’ano twetia.”

Nt., “Monhyehyɛ Israelfoɔ sɛ asraafoɔkuo.”

Nt., “wɔntwaa m’ano twetia.”

Nt., “mayɛ wo Onyankopɔn.”

Nt., “atemmuo.”

Nt., “m’asafo.”

Kyerɛ sɛ, Nil asuasu.

Mmoa nketenkete bi a wɔte sɛ ntontom a na wɔwɔ Egypt.

Ɛyɛ ntummoa bi a wɔkeka.

Kyerɛ sɛ, Egyptfoɔ nan.

Anaa “anni yɛn ho agorɔ.”

Anaa “matwa.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ anyinam a ano yɛ den.

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.

Ɛte sɛ hwiit, na na wɔtaa dua wɔ tete Egypt.

Anaa “ɛtaa ka akyire.”

Nt., “ayɛ fidie ama yɛn.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Mose.

Anaa “wobɛma yɛanya.”

Nt., “Aboa nan.”

Anaa “owiyammoɔ.”

Nt., “ɔne deɛ ɔte bɛn no.”

Anaa “akra.”

Nt., “anwummerɛ mmienu no ntam.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Anaa “nnyawa.”

Anaa “bɛlt.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “wɔbɛtwa.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “wɔbɛtwa ɔkra a ɔte saa no.”

Kyerɛ sɛ, odwan ba anaa apɔnkye ba.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “ɔhaw a ɛsɛe adeɛ.”

Nt., “amena mu; ɛbɔn mu.”

Kyerɛ sɛ, nnipa a wɔnyɛ Israelfoɔ a Egyptfoɔ ka ho.

Anaa “dua.”

Nt., “Ɔbarima biara a ɔbɛbue yafunu ano.”

Anaa “yi no si nkyɛn.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Hwɛ Nkh. B15.

Nt., “w’ani ntam.”

Nt., “obiara a ɔbɛbue yafunu ano.”

Nt., “adeɛ biara a ɛbue yafunu ano.”

Nt., “w’ani ntam.”

Nt., “nsa a wɔama so.”

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ anadwo nnɔn 2 kɔsi anɔpa nnɔn 6.

Nt., “nsa.”

“Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “me kra akoma bɛtɔ ne yam!”

Anaa “te sɛ sumpii.”

Nt., “Awoɔ yea bɛsɔ Filistifoɔ mu dendeenden.”

Anaa “atumfoɔ atirimuɔdenfoɔ.”

Ɛkyerɛ, “Nwononwono.”

Nt., “Anwummerɛ mmienu no ntam.”

Nnomaa bi a wɔte sɛ nkokɔhwedeɛ.

Anaa “akra.”

Omer baako bɛyɛ lita 2.2 (ɛnnuru olonka baako). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ɔman no homeeɛ.”

Ɛbɛtumi akyerɛ “Ɛyɛ deɛn adeɛ?” wɔ Hebri kasa mu.

Ɛyɛ adaka a wɔkora twerɛtohɔ titire so wom.

Efa yɛ lita 22 (bɛyɛ olonka 7 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Ɛkyerɛ, “Sɔhwɛ.”

Ɛkyerɛ, “Akasakasa.”

Ɛkyerɛ, “Yehowa Ne Me Frankaa.”

Ɛkyerɛ, “Ɔhɔhoɔ a Wabɛtena Hɔ.”

Ɛkyerɛ, “Me Nyankopɔn Yɛ Boafoɔ.”

Anaa “Yetro de nneɛma ba maa wɔbɔɔ.”

Anaa “m’agyapadeɛ a ɛda m’akoma so.”

Anaa “wɔnte.”

Ebia na ɛyɛ agyan na wɔbɛto awɔ no.

Nt., “odwennini abɛn.”

Nt., “nhwɛ na wammɛn ɔbaa.”

Anaa “mfa mmu me animtia.”

Nt., “w’apono mu.”

Anaa “adansekurumu.”

Anaa “aboɔ a wɔapae nyɛ.”

Nt., “w’adagya anna adi wɔ so.”

Tete mmerɛ mu no, na ɛyɛ ɔbaa a ɔtɔ awareɛ so, kyerɛ sɛ, ɔbaa a obi aware no aka ne yere ho.

Nt., “obi gye no.”

Kyerɛ sɛ, ɔbarima ne ɔbaa nna.

Anaa “ɔbɛfrɛ mmusuo aba ne papa anaa ne maame so.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “adeɛ.”

Nt., “mmɔfra no firi ba.”

Anaa “pira kɛseɛ.”

Anaa “ɔkra nsi ɔkra.”

Anaa “mpatadeɛ.”

Anaa “ne kra nkwa.”

Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “bobeturo.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Ɛbɛyɛ sɛ hwɛ a wanhwɛ so yie nti na ɛbaa saa, anaa anka ɔbɛtumi ayɛ tebea no ho biribi.

Anaa “wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ.”

Anaa “meyɛ ɔdomfoɔ.”

Anaa “adansekurumu.”

Anaa “na nni nnipa dodoɔ akyi.”

Anaa “ɔbɔnefoɔ mfa ne ho nni.”

Anaa “braeb.”

Anaa “monim sɛdeɛ ɔhɔhoɔ nkwa (kra) teɛ.”

Anaa “bobeturo.”

Nt., “w’afenaa babarima.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Hwɛ Nkh. B15.

Wɔsan frɛ no Nnawɔtwe Afahyɛ anaa Pentekoste Afahyɛ.

Wɔsan frɛ no Apata Afahyɛ.

Anaa “Mɛma moadi nna amee.”

Anaa “wɔbɛdane wɔn atikɔ akyerɛ wo.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔabɔ hu.”

Anaa “rennane amamfo.”

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Aboa bi a ɔwɔ nsuo mu.

Ɛyɛ ataadeɛ bi a na asɔfoɔ hyɛ gu wɔn ntaadeɛ so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “asaeɛ; abɔsobaa.”

Bɛyɛ sɛnt. 7.4 (ntk. 2.9). Hwɛ Nkh. B14.

Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Aboa bi a ɔwɔ nsuo mu.

Anaa “ntwamutam.”

Anaa “ntwamutam.”

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “sradeɛ nsõ,” kyerɛ sɛ, nsõ ne mmoa sradeɛ a adi afra.

Anaa “ntwamutam.”

Nt., “wɔwɔ nyansa akoma.”

Nt., “mede nyansa honhom ahyɛ wɔn mu.”

Ɛyɛ ataadeɛ bi a na asɔfoɔ hyɛ gu wɔn ntaadeɛ so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bɛlt.”

Anaa “kurukyire.”

Bɛyɛ sɛnt. 22.2. Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “akoma.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “pomegranate.”

Nt., “fa tumi hyɛ wɔn nsa.”

Anaa “twakoto.”

Nt., “n’aba.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Ɛyɛ ataadeɛ bi a na asɔfoɔ hyɛ gu wɔn ntaadeɛ so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bɛlt.”

Anaa “ahemmotire kronkron.”

Nt., “de tumi ahyɛ Aaron ne ne mma nsa.”

Anaa “nnyawa.”

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Nt., “bɛhyɛ wɔn nsa ma.”

Nt., “ɔyɛ hɔhoɔ,” kyerɛ sɛ, ɔbarima a ɔmfiri Aaron abusua mu.

Nt., “bɛhyɛ wɔn nsa ma.”

Nt., “anwummerɛ mmienu no ntam.”

Hin baako yɛ lita 3.67. Hwɛ Nkh. B14.

Efa yɛ lita 22 (bɛyɛ olonka 7 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “anwummerɛ mmienu no ntam.”

Anaa “afɔreɛ a ɛdwodwo akoma; afɔreɛ a ahomeka wom.”

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “anwummerɛ mmienu no ntam.”

Anaa “ne kra.”

Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena kronkron ano no.”

Gerah baako yɛ gram 0.57. Hwɛ Nkh. B14.

Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “mo kra.”

Anaa “mo kra.”

Anaa “sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena kronkron ano no.”

Hin baako yɛ lita 3.67. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “mofra no te sɛ aduhwamfrafoɔ nsa ano adwuma.”

Nt., “ɔyɛ hɔhoɔ,” kyerɛ sɛ, ɔbarima a ɔmfiri Aaron abusua mu.

Anaa “wɔbɛtwa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “mofra no te sɛ aduhwamfrafoɔ nsa ano adwuma.”

Anaa “wɔbɛtwa.”

Nt., “mabɔ ne din afrɛ no.”

Nt., “akomam anyansafoɔ.”

Anaa “wɔtwa.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “honi a wɔaguo.”

Anaa “honi a wɔaguo.”

Anaa “nkurɔfoɔ yi asene wɔn kɔn.”

Anaa “bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdwodwo Yehowa, ne Nyankopɔn bo.”

Anaa “sesa w’adwene wɔ ho.”

Nt., “mo aba.”

Nt., “mo aba.”

Anaa “Yehowa sesaa n’adwene wɔ bɔne a ɔde reba ne nkurɔfoɔ so no ho.”

Anaa “anwanwadwuma.”

Nt., “Monhyɛ mo nsam den.”

Nt., “W’aba.”

Anaa “moasene mo kɔn.”

Anaa “ɔman a moasene mo kɔn.”

Nt., “yiyii wɔn agudeɛ no.”

Anaa “Mayi wo.”

Nt., “M’anim.”

Nt., “w’anim.”

Anaa “mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ.”

Anaa “ɛwom sɛ yɛasene yɛn kɔn.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “Yehowa, ne din mpɛ.”

Anaa “ɔne obiara nkyɛ ne som.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Hwɛ Nkh. B15.

Nt., “Deɛ ɛbue yafunu ano.”

Anaa “di homeda.”

Wɔsan frɛ no Apata Afahyɛ.

Yɛbɛtumi aka sɛ Yehowa na ɔtwerɛeɛ. Hwɛ nkyekyɛmu 1.

Nt., “Nsɛm Du.”

Nt., “ɔne no.”

Aboa bi a ɔwɔ nsuo mu.

Ɛyɛ ataadeɛ bi a na asɔfoɔ hyɛ gu wɔn ntaadeɛ so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “wɔwɔ nyansa akoma.”

Anaa “ntwamutam.”

Anaa “ntwamutam.”

Anaa “ohim afɔreɛ.”

Anaa “too asaawa.”

Nt., “ɔwɔ nyansa akoma.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Besalel ho.

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Aboa bi a ɔwɔ nsuo mu.

Anaa “ntwamutam.”

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “asaeɛ; abɔsobaa.”

Bɛyɛ sɛnt. 7.4 (ntk. 2.9). Hwɛ Nkh. B14.

Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Kyerɛ sɛ, ahwehwɛ a wɔde fagudeɛ te sɛ kɔbere a wɔatwi ho hyɛnhyɛn na ayɛ.

Anaa “ntwamutam.”

Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena kronkron ano no.”

Anaa “sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena kronkron ano no.”

Anaa “sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena kronkron ano no.”

Anaa “ohim afɔreɛ.”

Ɛyɛ ataadeɛ bi a na asɔfoɔ hyɛ gu wɔn ntaadeɛ so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “asaeɛ; abɔsobaa.”

Anaa “bɛlt.”

Anaa “wɔkurukyireeɛ.”

Bɛyɛ sɛnt. 22.2. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “pomegranate.”

Anaa “twakoto.”

Anaa “ahemmotire kronkron.”

Aboa bi a ɔwɔ nsuo mu.

Anaa “ntwamutam.”

Anaa “ntwamutam.”

Anaa “ntwamutam.”

Anaa “ntwamutam.”

Anaa “ntwamutam.”

Anaa “ntwamutam.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane