Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt nkr. 895-896
  • Mmebusɛm Nwoma No Mu Nsɛntitire

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmebusɛm Nwoma No Mu Nsɛntitire
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Mmebusɛm Nwoma No Mu Nsɛntitire

MMEBUSƐM

EMU NSƐNTITIRE

  • 1

    • Deɛ enti a wɔtwerɛɛ mmebusɛm no (1-7)

    • Asiane a ɛwɔ fekubɔne mu (8-19)

    • Nyansa team wɔ mmorɔno so (20-33)

  • 2

    • Nyansa so mfasoɔ (1-22)

      • Hwehwɛ nyansa te sɛ biribi a ɛsom bo a wɔde asie (4)

      • Nyansa bɛbɔ wo ho ban (11)

      • Adwamammɔ de amanehunu ba (16-19)

  • 3

    • Yɛ onyansafoɔ, na fa wo ho to Yehowa so (1-12)

      • Fa w’ahonyadeɛ hyɛ Yehowa animuonyam (9)

    • Nyansa ma yɛn ani gye (13-18)

    • Nyansa bɔ yɛn ho ban (19-26)

    • Sɛdeɛ ɛsɛ sɛ yɛne nnipa tena (27-35)

      • Berɛ biara a wobɛtumi no, yɛ nkurɔfoɔ papa (27)

  • 4

    • Agya bi akwankyerɛ pa (1-27)

      • Hwehwɛ nyansa sene biribi foforɔ biara (7)

      • Twe wo ho firi abɔnefoɔ kwan so (14, 15)

      • Ateneneefoɔ kwan hyerɛn nkakrankakra (18)

      • “Bɔ w’akoma ho ban” (23)

  • 5

    • Hwɛ yie wɔ mmaa a wɔn bra asɛe ho (1-14)

    • Wo ne wo yere ani nnye (15-23)

  • 6

    • Nni wo yɔnko anim mma no nnkɔgye bosea (1-5)

    • “Ɔkwadwofoɔ, kɔ ntɛtea nkyɛn” (6-11)

    • Onipahunu ne onipabɔnefoɔ (12-15)

    • Nneɛma nson a Yehowa kyiri (16-19)

    • Hwɛ wo ho yie wɔ ɔbaa bɔne ho (20-35)

  • 7

    • Di Onyankopɔn mmara so na nya nkwa (1-5)

    • Aberanteɛ gyimifoɔ bi; ɔbaa bi de n’ano dɛdɛɛdɛ nyaa no (6-27)

      • ‘Ɔte sɛ nantwie a wɔrekɔku no’ (22)

  • 8

    • Nyansa kasa te sɛ onipa (1-36)

      • ‘Onyankopɔn bɔɔ me de firii n’adwuma ase’ (22)

      • ‘Ná mewɔ Onyankopɔn nkyɛn sɛ odwumayɛni a ɔnim adwuma paa’ (30)

      • “Nnipa mma na na wɔda m’akoma so” (31)

  • 9

    • Nyansa to nsa frɛ nkurɔfoɔ (1-12)

      • “Me na mɛma wo nna ayɛ bebree” (11)

    • Ɔbaa kwasea to nsa frɛ nkurɔfoɔ (13-18)

      • “Nsuo a wɔawia yɛ dɛ” (17)

  • SOLOMON MMEBUSƐM (10:1–24:34)

    • 10

      • Ɔba nyansafoɔ ma ne papa ani gye (1)

      • Mmɔdemmɔfoɔ nsa de ahonyadeɛ na ɛba (4)

      • Mfomsoɔ mpa kasa dodoɔ mu (19)

      • Yehowa nhyira na ɛma obi yɛ ɔdefoɔ (22)

      • Yehowa suro ma nkwa tenten (27)

    • 11

      • Nyansa ne ahobrɛasefoɔ na ɛteɛ (2)

      • Ɔwaefoɔ sɛe nkurɔfoɔ (9)

      • “Afotufoɔ dodoɔ na ɛma nneɛma kɔ yie” (14)

      • Onipa a ne yam yɛ no, ɛbɛsi no yie (25)

      • Deɛ ɔde ne ho to n’ahonyadeɛ so no, ɔbɛhwe ase (28)

    • 12

      • Deɛ ɔtan kasakyerɛ no nni adwene (1)

      • “Nsɛm a wɔtu no bumbum no, ɛte sɛ deɛ wɔde sekan rewowɔ obi” (18)

      • Wɔn a wɔhyɛ asomdwoeɛ ho nkuran ani gye (20)

      • Ano a ɛnka nokorɛ yɛ Yehowa akyiwadeɛ (22)

      • Onipa akomam dadwene ma n’akoma boto 25)

    • 13

      • Wɔn a wɔhwehwɛ afotuo no nim nyansa (10)

      • Anidasoɔ a ɛmma mu ntɛm no, ɛma akoma yare (12)

      • Obi a wɔasoma no a ɔdi nokorɛ de ayaresa ba (17)

      • Deɛ ɔne anyansafoɔ nante no bɛyɛ onyansafoɔ (20)

      • Ntenesoɔ kyerɛ ɔdɔ (24)

    • 14

      • Akoma na ɛnim n’awerɛhoɔ (10)

      • Ɛkwan a ɛtene onipa ani so tumi kɔwie owuo mu (12)

      • Ogyimifoɔ gye asɛm biara di (15)

      • Osikani nnamfo dɔɔso (20)

      • Akoma a ɛdwoɔ ma nipadua nya nkwa (30)

    • 15

      • Mmuaeɛ bɔkɔɔ ma abufuo twa (1)

      • Yehowa ani wɔ baabiara (3)

      • Onyankopɔn ani gye ateneneefoɔ mpaebɔ ho (8)

      • Sɛ adwentoatoa nni hɔ a, nhyehyɛeɛ nyɛ yie (22)

      • Dwene ansa na woama mmuaeɛ (28)

    • 16

      • Yehowa hwehwɛ adwene a onipa de yɛ biribi mu (2)

      • Fa wo nnwuma hyɛ Yehowa nsa (3)

      • Nsenia a ɛdi mu firi Yehowa hɔ (11)

      • Ahantan di ɔsɛeɛ anim (18)

      • Etire so dwene yɛ ahenkyɛ a ɛyɛ fɛ (31)

    • 17

      • Mfa bɔne ntua papa so ka (13)

      • Akasakasa nnya mfirii aseɛ no, twa so kɔ (14)

      • Adamfo pa kyerɛ ne dɔ berɛ nyinaa (17)

      • “Anigyeɛ akoma yɛ aduro papa” (22)

      • Onipa a ɔwɔ nhunumu hwɛ ne nsɛm yie (27)

    • 18

      • Obiara a ɔte ne ho no, deɛ ɔno ara pɛ na ɔdi akyire, na ɔnnim nyansa (1)

      • Yehowa din yɛ abandenden (10)

      • Ahonyadeɛ yɛ ahobammɔ wɔ nnipa ani so (11)

      • Ɛyɛ sɛ wobɛtie afanu nyinaa (17)

      • Adamfoɔ bi wɔ hɔ a, ɔntwe ne ho da; ɔkyɛn onua mpo (24)

    • 19

      • Onipa nhunumu ma ɔtwentwɛn n’abufuo ase (11)

      • Ɔyere a ɔpɛ ntɔkwa te sɛ ɛdan a ɛnwunu (13)

      • Ɔyere badwemma firi Yehowa (14)

      • Berɛ a anidasoɔ wɔ hɔ yi, tene wo ba (18)

      • Nyansa wom sɛ wobɛtie afotuo (20)

    • 20

      • Nsã yɛ fɛdifoɔ (1)

      • Ɔkwadwofoɔ mfuntum asaase awɔberɛ (4)

      • Onipa akomam nsusuiɛ te sɛ nsuo a emu dɔ (5)

      • Hwɛ yie na woampere wo ho anka ntam (25)

      • Mmeranteɛ animuonyam ne wɔn ahoɔden (29)

    • 21

      • Yehowa dane ɔhene akoma kɔ baabiara a ɔpɛ (1)

      • Deɛ ɛtene yɛ sene afɔrebɔ (3)

      • Deɛ ɔyɛ nsi no, ɛbɛwie no yie (5)

      • Deɛ ɔntie mmɔborɔwafoɔ su no, ɔno nso wɔrentie no (13)

      • Nyansa biara nni hɔ a ɛbɛtumi ne Yehowa adi asie (30)

    • 22

      • Din pa yɛ sene ahonyadeɛ pii (1)

      • Kyerɛkyerɛ abɔfra firi ne mmɔfraase; ɔnyini a, ɔremfiri ho (6)

      • Ɔkwadwofoɔ suro sɛ gyata wɔ abɔnten (13)

      • Ntenesoɔ yi agyimisɛm firi hɔ (15)

      • Onipa a n’adwuma ho twa no, ahemfo na ɔbɛsom wɔn (29)

    • 23

      • Obi to nsa frɛ wo a, dwene ho yie (2)

      • Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyadeɛ (4)

      • Ahonyadeɛ bɛtumi atu akɔ (5)

      • Nkɔka wɔn a wɔnom nsã pii ho (20)

      • Nsã ka te sɛ ɔwɔ (32)

    • 24

      • Mma w’ani mmmere abɔnefoɔ (1)

      • Nyansa na wɔde si fie (3)

      • Ɔteneneeni bɛhwe ase, nanso ɔbɛsɔre (16)

      • Mfa bɔne ntua bɔne ka (29)

      • Nkotɔ ne ohia na ɛnam (33, 34)

  • SOLOMON MMEBUSƐM A ƆHENE HESEKIA MMARIMA (25:1–29:27)

    • 25

      • Kokoam nsɛm (9)

      • Nsɛm a wɔka wɔ berɛ a ɛfata mu (11)

      • Ntaa nkɔ wo yɔnko fie (17)

      • Boaboa nnyasramma ano gu wo tamfo apampam (21, 22)

      • Amanneɛbɔ pa te sɛ nsuonwunu (25)

    • 26

      • Akwadwofoɔ suban (13-16)

      • Mfa w’ano nto obi ntɔkwa mu (17)

      • Mfa nneɛma bi nni agorɔ (18, 19)

      • Anyina nni hɔ a, egya dum (20, 21)

      • Deɛ ɔsɛe nkurɔfoɔ din no, ne nsɛm te sɛ aduane a ɛyɛ dɛ (22)

    • 27

      • Adamfoɔ kasakyerɛ de mfasoɔ ba (5, 6)

      • Me ba, ma m’akoma ntɔ me yam (11)

      • Dadeɛ se dadeɛ ano (17)

      • Hunu wo nnwan (23)

      • Ahonyadeɛ rentena hɔ daa (24)

    • 28

      • Deɛ ɔntie mmara no, ne mpaebɔ yɛ akyiwadeɛ (9)

      • Deɛ ɔka ne mmarato no, wɔbɛhu no mmɔbɔ (13)

      • Deɛ ɔrepɛ ntɛm anya ne ho no, ɔremfa ne ho nni (20)

      • Kasakyerɛ yɛ sene adɛfɛdɛfɛ (23)

      • Deɛ ɔyi ne yam kyɛ adeɛ no, hwee renhia no (27)

    • 29

      • Abɔfra a wɔgyaa no ma ɔyɛ deɛ ɔpɛ no, ɔde animguaseɛ ba (15)

      • Anisoadehunu nni hɔ a, ɔmanfoɔ yɛ deɛ wɔpɛ (18)

      • Onipa a ne bo afu ma ntɔkwa ba (22)

      • Onipa a ɔbrɛ ne ho ase no, ɔbɛnya animuonyam (23)

      • Onipa ho suro yɛ fidie (25)

  • 30

    • AGUR NSƐM (1-33)

      • Mma me ohia anaa ahonyadeɛ (8)

      • Nneɛma a ɛmmee da (15, 16)

      • Nneɛma a wonhunu akyire akwan (18, 19)

      • Ɔbaa waresɛefoɔ (20)

      • Mmoa a wɔde nyansa ahyɛ wɔn mu (24)

  • 31

    • ƆHENE LEMUEL NSƐM (1-31)

      • Ɔyere pa, hwan na ɔbɛnya? (10)

      • Ɔpɛ adwuma, na ɔyɛ adwumaden (17)

      • Ayamyɛ wɔ ne kɛtrɛma so (26)

      • Ne mma ne ne kunu yi no ayɛ (28)

      • Ahoɔfɛ twam ntɛm (30)

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane