MMEBUSƐM
1 Israel hene+ Solomon, Dawid ba no mmebusɛm nie:+
2 Ɛwɔ hɔ sɛ nnipa mfa nsua* nyansa+ ne ntenesoɔ,
Na wɔmfa nte anyansasɛm ase;
3 Na wɔmfa nnya ntenesoɔ+ a ɛma nhunumu,
Na wɔmfa nyɛ adetenenee,+ mmu atɛn pa,*+ na wɔnyɛ deɛ ɛtene;*
5 Onyansafoɔ tie, na ɔsua nneɛma pii;+
Onipa a ɔwɔ nteaseɛ* bɛnya akwankyerɛ pa,+
6 Na ama no ate ɛbɛ ne kasakoa ase,
7 Yehowa suro, ɛno ne nimdeɛ mfitiaseɛ.+
Nkwaseafoɔ nko ara na wɔmfa nyansa ne ntenesoɔ nyɛ hwee.+
10 Me ba, sɛ abɔnefoɔ pɛ sɛ wɔdaadaa wo a, mpene.+
11 Wɔbɛka sɛ: “Bra ma yɛnkɔ.
Ma yɛnkɔhinta na yɛnhwie mogya ngu.
Yɛbɛtetɛ wɔn a wɔnyɛɛ hwee no, na yɛadi wɔn bɔne kwa.
15 Me ba, nni wɔn akyi.
Hwɛ yie na wo nan ankɔfa wɔn kwan so,+
16 Ɛfiri sɛ wɔn nan tu mmirika kɔdi bɔne;
Wɔde ahoɔherɛ kɔka mogya gu.+
17 Sɛ wode atena sum anomaa fidie ma no hunu a, ɛyɛ kwa.
20 Nyansa*+ team wɔ mmorɔno so.+
Ɛma ne nne so daa wɔ mmɔnten so.+
21 Ɛteam wɔ abɔnten kɛseɛ so.
Ɛka ne nsɛm wɔ kuro apono ano sɛ:+
22 “Agyimifoɔ, mobɛpɛ agyimisɛm akɔsi da bɛn?
Na mo, afɛdifoɔ, mo ani bɛgye afɛdie ho akɔsi da bɛn?
Na mo, nkwaseafoɔ, mobɛkyiri nimdeɛ akɔsi da bɛn?+
23 Sɛ mekasa kyerɛ mo a, montie na monsesa mo akwan.+
Moyɛ saa a, mɛhwie me honhom ama mo,
Na mama moahunu me nsɛm.+
25 Moamfa m’afotuo biara anyɛ hwee,
Na berɛ a mekasa kyerɛɛ mo no, moantie.
26 Ɛno nti me nso, sɛ mohunu amane a mɛsere mo,
Na deɛ mosuro ba mo so a, mɛdi mo ho fɛ,+
27 Sɛ deɛ mosuro ba mo so sɛ ahum,
Na mo amanehunu ba sɛ mframa a ano yɛ den,
Na ɔhaw ne abɛbrɛsɛ ba mo so a, mɛdi mo ho fɛ.
28 Saa berɛ no wɔbɛkɔ so afrɛ me, nanso merennye so;
Wɔbɛhwehwɛ me dendeenden, nanso wɔrenhu me,+
Na wɔampɛ sɛ wɔsuro Yehowa.+
30 Wɔantie m’afotuo,
Na me kasakyerɛ nso, wɔamfa emu biara anyɛ hwee.
32 Na agyimifoɔ atuateɛ bɛku wɔn,
Na nkwaseafoɔ akokoɔduro bɔne bɛsɛe wɔn.
33 Deɛ ɔtie me no deɛ, ɔbɛtena hɔ komm,+
Na ne ho adwo no a ɔnsuro mmusuo.”+
2 Me ba, sɛ wogye me nsɛm tom,
Na wode m’ahyɛdeɛ sie,+
Na wobue w’akomam ma nhunumu;+
3 Afei nso, sɛ woteam frɛ nteaseɛ,+
Na woma wo nne so frɛ nhunumu;+
4 Sɛ wokɔ so hwehwɛ no sɛ dwetɛ,+
Na wokɔ so hwehwɛ no sɛ biribi a ɛsom bo a wɔde asie a,+
5 Ɛbɛma woate Yehowa suro ase,+
Na woanya Onyankopɔn ho nimdeɛ.+
Na wo kra* ani gye nimdeɛ ho a,+
Na nhunumu abɔ wo ho ban,
12 Na ɛbɛgye wo afiri kwammɔne so,
Na ayi wo afiri ɔbarima kontomponi nsam,+
13 Ɛbɛgye wo afiri wɔn a wɔmane firi tenenee akwan so
Kɔnante sum akwan so+ no nsam,
14 Ɛbɛgye wo afiri wɔn a wɔn ani gye bɔne ho no nsam,
Wɔn a wɔdi bɔne a ɛyɛ asefem ho ahurisie,
15 Wɔn a wɔn akwan akyea,
Na wɔn akwan nyinaa yɛ nnaadaa no.
16 Ɛbɛgye wo afiri ɔbaa a wamane* nsam,
Na ayi wo afiri ɔbaa a ne bra asɛe* a n’ano yɛ dɛ* nsam;+
17 Ɔno na wagya ne mmabaaberɛ mu yɔnko berɛboɔ* hɔ,+
Na ne werɛ afi ne Nyankopɔn apam;
18 Ne fie siane kɔ owuo mu,
20 Enti nante apapafoɔ kwan so,
Na kɔ so fa ateneneefoɔ akwan so.+
21 Na ateneneefoɔ nko ara na wɔbɛtena asaase so,
3 Mma ɔdɔ a ɛnni hwammɔ ne nokorɛdie* nnkɔ nnnya wo.+
Fa kyekyere wo kɔn,
Na twerɛ gu w’akoma pono so;+
4 Ɛba saa a, wobɛnya adom ne nteaseɛ a ɛdi mu
Wɔ Onyankopɔn ne onipa ani so.+
Suro Yehowa na twe wo ho firi bɔne ho.
9 Fa w’ahonyadeɛ hyɛ Yehowa animuonyam,+
Wo nnɔbaeɛ* nyinaa mu aba a ɛdi kan.*+
10 Woyɛ saa a, w’adekora adan bɛyɛ ma tɔ,+
Na bobesa foforɔ abu so wɔ amena a wokyĩ nsã wom no mu.
11 Me ba, mpo Yehowa ntenesoɔ,+
Na ne kasakyerɛ nso, nkyiri,+
12 Ɛfiri sɛ deɛ Yehowa dɔ no na ɔkasa kyerɛ no,+
Sɛdeɛ agya yɛ ne ba a ɔpɛ n’asɛm no.+
13 Anigyeɛ ne onipa a ɔhunu nyansa,+
Ne onipa a ɔnya nhunumu;
14 Ɛyɛ sɛ wobɛnya ɛno sene sɛ wobɛnya dwetɛ;
Sɛ wonya ɛno sɛ mfasoɔ a, ɛyɛ sene sɛ wobɛnya sika kɔkɔɔ.+
16 Nkwa tenten wɔ ne nsa nifa mu,
Na ahonya ne animuonyam wɔ ne nsa benkum mu.
19 Yehowa de nyansa na ɛtoo asaase fapem.+
Nhunumu so na ɔnam de ɔsoro tim hɔ.+
25 Worensuro adeɛ a ɛyɛ hu a ɛbɛba mpofirim biara,+
Na worensuro ahum a ɛreba abɔnefoɔ so no.+
26 Ɛfiri sɛ Yehowa bɛyɛ w’ahotɔsoɔ,+
Na ɔremma fidie nyi wo nan.+
28 Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ, “Kɔ; akyire yi na woaba! Ɔkyena mede bɛma wo,”
Berɛ a wobɛtumi de ama no seesei ara.
Na mfa n’akwan biara so.
Na ateneneefoɔ na wɔyɛ ne nnamfo paa.+
4 Ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔkaa sɛ: “Fa w’akoma sɔ me nsɛm mu den.+
Di me mmara nsɛm so na nyini kyɛ.+
5 Hwehwɛ nyansa; hwehwɛ nteaseɛ.+
Mma wo werɛ mmfi, na ntwe wo ho mfiri m’anom asɛm ho.
6 Nto nyansa ntwene, na ɛbɛbɔ wo ho ban.
Dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so.
8 Bu nyansa paa, na ɛbɛma wo so.+
Yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo animuonyam.+
9 Ɛde nhwiren abotire fɛfɛɛfɛ bɛbɔ wo ti;
Ɛbɛyɛ ahenkyɛ fɛfɛɛfɛ wɔ wo tiri so.”
12 Sɛ wonante a, biribiara rensi w’anammɔn kwan;
Na sɛ wotu mmirika a, worensunti.
Bɔ ho ban, ɛfiri sɛ ɛbɛgye wo nkwa.+
16 Wɔntumi nna, gye sɛ wɔadi bɔne;
Wɔnna, gye sɛ wɔama obi ahwe ase.
19 Abɔnefoɔ kwan te sɛ esum;
Wɔnnim deɛ ɛma wɔsunti.
20 Me ba, tie m’asɛm;
Yɛ aso tie m’anom nsɛm.
27 Mmane nkɔ nifa anaa benkum.+
Twe wo nan firi bɔne ho.
5 Me ba, tie me nyansa.
5 Ne nan siane kɔ owuo mu.
N’anammɔn kɔ Adamena* mu tẽẽ.
6 Ɔnnwene nkwa kwan ho.
N’akwan manemane, na ɔnnim baabi a ɔrekɔ.
7 Afei me mma, montie me,
Na monnnane mmfiri deɛ mereka yi ho.
8 Twe wo ho firi ne ho koraa;
Mmɛn ne fie kwan ano,+
9 Na woamfa w’animuonyam amma ebinom,+
Na woantwa so aba yayaaya mfeɛ pii;+
10 Na ahɔhoɔ anni w’agyapadeɛ,*+
Na deɛ wobrɛ pɛeɛ no ankɔdi obi foforɔ fie,
11 Anyɛ saa a, wode wo nsa bɛgu wo ti asu, berɛ a wo nkwa reba awieeɛ,
Berɛ a wo honam ne wo nipadua asɛe awie no.+
12 Na wobɛka sɛ: “Ao, hwɛ sɛdeɛ metan ntenesoɔ!
Hwɛ sɛdeɛ m’akoma amfa kasakyerɛ anyɛ hwee!
13 Mantie m’afotufoɔ nne,
Na manyɛ aso antie m’akyerɛkyerɛfoɔ.
Ma ne nufo nsɔ w’ani* daa.
Tɔ ne dɔ mu ntentan daa nyinaa.+
23 Ɔbɛwu, ɛfiri sɛ wannye ntenesoɔ antom,
Na ne nkwaseasɛm bebrebe nti, ɔbɛyera.
6 Me ba, sɛ woadi wo yɔnko anim* ama wakɔgye bosea,+
2 Sɛ woahyɛ bɔ ama asum wo fidie,
Na sɛ woaka asɛm ama akyekyere wo* a,+
3 Me ba, yɛ wei fa tete wo ho,
Ɛfiri sɛ woatɔ wo yɔnko nsam:
Kɔ, na kɔbrɛ wo ho ase; yɛ ntɛm kɔsrɛ wo yɔnko no.+
4 Mma w’ani nnkum,
Na mma nna mmma w’ani so.
5 Gye wo ho sɛdeɛ ɔtwe gye ne ho firi bɔmmɔfoɔ nsam,
Na anomaa gye ne ho firi anomaayifoɔ nsam no.
7 Ɔnni otitire, ɔpanin, anaa ɔhene,
8 Nanso ɔhwehwɛ n’aduane wɔ ahuhuro berɛ mu,+
Na ɔboaboa n’aduane ano wɔ twaberɛ mu.
9 Ɔkwadwofoɔ, wobɛda akɔsi da bɛn?
Berɛ bɛn na wobɛsɔre afiri wo nna mu?
10 Mereda kakra, meretɔ nko kakra,
Merebobɔ me nsa ahome kakra;+
11 Wode saa ara na wo hia aba sɛ korɔmfoɔ,
Na w’ahokyerɛ aba sɛ korɔmfo-werɛmfoɔ.+
12 Onipahunu ne onipabɔnefoɔ nenam keka atosɛm;*+
13 Ɔbu n’ani,+ ɔde ne nan kasa, na ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ nneɛma.
17 Ani a ɛtra ntɔn,+ kɛtrɛma a ɛdi atorɔ,+ ne nsa a ɛhwie mogya a ɛdi bem guo,+
18 Akoma a ɛbɔ pɔ bɔne,+ ne nan a ɛtu mmirika kɔ bɔne mu,
19 Ɔdansekurumufoɔ a ɔtwa nkontompo daa,+
Ne obiara a ɔsɛe anuanom ntam.+
21 Fa kyekyere w’akoma ho daa;
Fa bebare wo kɔn.
23 Ɛfiri sɛ mmara nsɛm no yɛ kanea,+
Na mmara no yɛ hann,+
Na ntenesoɔ a animka de ba no yɛ nkwa kwan.+
25 Mma wo kɔn nnnɔ no w’akoma mu, n’ahoɔfɛ nti,+
Na mma n’ani adabadabaa no nntwetwe wo,
26 Ɛfiri sɛ tuutuuni nti, ɔbarima bɛdi paanoo sini;+
Na ɔbarima foforɔ yere deɛ, ɔsɛe nkwa* a ne boɔ yɛ den.
27 Obi bɛtumi de egya ahyɛ ne kokom a ne ntaadeɛ renhye anaa?+
28 Anaa obi bɛtumi anante gyasramma so a ɛrenhye ne nan?
29 Saa ara na obiara a ɔne ne yɔnko yere da teɛ;
Obiara nni hɔ a ɔde ne ho ka no a, ɔbɛfa ne ho adi.+
35 Biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi apata no,*
Na woma no akyɛdeɛ kɛseɛ sɛ deɛn mpo a, ɛrentumi nnwodwo ne bo.
4 Ka kyerɛ nyansa sɛ, “Me nuabaa ne wo,”
Na frɛ nteaseɛ sɛ, “me busuani.”
5 Ɛbɛbɔ wo ho ban afiri ɔbaa a wamane* ho,+
Na abɔ wo ho ban afiri ɔbaa a ne bra asɛe* a n’ano yɛ dɛ* ho.+
8 Ɔkɔfaa baabi a ɛbɛn ɔbaa no nkwanta so,
Na ɔfaa ɔbaa no fie kwan so,
9 Anwummerɛ a animu rebiribiri,+
Berɛ a adeɛ resa na esum reba no.
11 Ɔyɛ peterepetere, na wasoro.+
Ɔntena* fie.
13 Ɔyeree aberanteɛ no, na ɔfee n’ano;
Watõtõ n’ani awe, enti ɔka kyerɛɛ aberanteɛ no sɛ:
Ɛnnɛ matua me bɔhyɛ adeɛ.
15 Ɛno nti na mapue abɛhyia wo yi.
Mebaa sɛ merebɛhwehwɛ wo, ɛnna mahu wo yi!
17 Mede kurobo ne pɛprɛ ne sinamon apetepete me mpa so.+
18 Bra, ma yɛnni dɔ nkɔsi anɔpa;
Ma yɛmfa ɔdɔ nsɛpɛ yɛn ho.
19 Ɛfiri sɛ me kunu nni fie;
Watu kwan kɔ akyirikyiri.
20 Wafa sika kotokuo akura.
Ɔremma kɔsi da a bosome bɛyɛ kurukuruwa.”
21 Ɔde n’adɔkɔdɔkɔsɛm bebree no daadaa aberanteɛ no.+
Ɔde n’ano dɛdɛɛdɛ no nyaa no.
22 Ɔtu dii n’akyi prɛko pɛ te sɛ nantwie a wɔrekɔku no,
Te sɛ kwasea a wɔde no rekɔbɔ dua mu* atwe n’aso,+
23 Kɔsii sɛ agyan wɔɔ ne mmerɛboɔ mu;
Sɛdeɛ anomaa tu mmirika kɔtɔ fidie mu no, ɔnnim sɛ ne nkwa* na ɔde reto asiane mu.+
24 Enti afei me mma, montie me;
Monyɛ aso ntie m’anom nsɛm.
25 Mma w’akoma mmmane nnkɔfa n’akwan so.
8 Ɛnyɛ nyansa na ɛreteam yi?
Na ɛnyɛ nhunumu na ama ne nne so yi?+
6 Montie, ɛfiri sɛ deɛ mereka no ho hia,
Na m’ano ka deɛ ɛtene.
7 Ɛfiri sɛ m’ano ka nokorɛ; ɛka no brɛoo,
Na m’ano kyiri abɔnefosɛm.
8 M’anom nsɛm nyinaa yɛ tenenee.
Nkontomposɛm ne nsɛm a akyinkyim biara nni mu.
10 Momfa me ntenesoɔ, na ɛnyɛ dwetɛ,
Na momfa nimdeɛ, na ɛnyɛ sika kɔkɔɔ amapa,+
11 Ɛfiri sɛ nyansa yɛ sene ɛpo mu abohene,*
Na adeɛ a ɛsom bo biara ne no nsɛ.
13 Deɛ Yehowa suro kyerɛ ne sɛ wobɛtan bɔne.+
Mekyiri ahomasoɔ+ ne ahantan ne ɔkwammɔne ne nkontomposɛm.+
16 Me na adehyeɛ nam me so di tumi,
Na atitire nam me so bu atɛn wɔ tenenee mu.
19 M’aba yɛ sene sika kɔkɔɔ, ɛsene sika kɔkɔɔ a wɔayiyi mu fĩ mpo,
Na deɛ mede ma no, ɛsene dwetɛ amapa.+
20 Menante tenenee kwan so,
Atɛntenenee anammɔnkwan mfimfini;
21 Mede agyapadeɛ a ɛsom bo ma wɔn a wɔdɔ me,
Na mede nneɛma hyɛ wɔn adekoradan ma.
24 Berɛ a subunu biara nni hɔ no,+ na wɔawo me,*
Berɛ a nsutire biara nni hɔ a nsuo pii tene firi mu no.
25 Ansa na wɔde mmepɔ resisi hɔ,
Na nkokoɔ nnya mmaeɛ no, na wɔawo me,
26 Berɛ a ɔnnya nyɛɛ asaase ne kwaeɛ a ɛwɔ so,
Na ɔmfirii aseɛ nyɛɛ asaase so dɔteɛ no.
27 Berɛ a ɔsiesiee ɔsoro no,+ na mewɔ hɔ;
Berɛ a ɔtwaa nsuo ani kanko,*+
28 Berɛ a ɔde mununkum sensɛn ɔsoro,*
Na ɔyɛɛ subunu no asutire,
29 Berɛ a ɔhyɛɛ mmara maa ɛpo
Sɛ ɛnsɛ sɛ emu nsuo bu ne mmara so,+
Berɛ a ɔtoo asaase fapem no,*
Me na na ɔpɛ m’asɛm yie+ daa nyinaa;
M’ani gyee n’anim daa.+
31 M’ani gyee n’asaase a ɔyɛeɛ sɛ nnipa ntena so no ho,
Na nnipa mma* na na wɔda m’akoma so.
32 Enti afei me mma, montie me;
Aane, anigyeɛ ne wɔn a wɔfa m’akwan so.
34 Anigyeɛ ne onipa a ɔtie me:
Daa nyinaa, ɔba m’aboboano anɔpatutuutu,
Ɔtwɛn wɔ me pono ano;*
35 Ɛfiri sɛ deɛ ɔhu me no bɛnya nkwa,+
Na Yehowa bɛgye no atom.
4 “Deɛ wagyimi biara, ma ɔmmra ha.”
Ɔka kyerɛ deɛ ɔnnim nyansa* sɛ:
8 Nkasa nkyerɛ fɛdifoɔ, na ɔbɛtan wo.+
Kasa kyerɛ onyansafoɔ, na ɔbɛdɔ wo.+
9 Tu onyansafoɔ fo, na ne nyansa bɛdɔɔso.+
Kyerɛkyerɛ ɔteneneeni, na ɔbɛsua adeɛ pii.
12 Sɛ wohunu nyansa a, wo ara na nyansa no bɛboa wo,
Na sɛ wodi fɛ a, wo nko ara na wobɛsoa.
Ne tiri awu;* ɔnnim hwee.
14 Ɔte ne fie kwan ano,
Ɔte akonnwa so wɔ baabi a ɛwɔ soro wɔ kuro no mu,+
15 Ɔteam frɛ wɔn a wɔretwam,
Wɔn a wɔnam wɔn kwan so tẽẽ no sɛ:
16 “Deɛ wagyimi biara, ma no mmra ha.”
Ɔka kyerɛ wɔn a wɔnnim nyansa* sɛ:+
18 Nanso wɔnnim sɛ awufoɔ wɔ hɔ, wɔn a wɔntumi nyɛ hwee no,
Ɔba nyansafoɔ ma ne papa ani gye,+
Na ɔba kwasea deɛ, ɔma ne maame di awerɛhoɔ.
2 Agyapadeɛ a wɔnam kwammɔne so nya no, mfasoɔ biara remma so,
Na tenenee na ɛgye onipa firi owuo mu.+
5 Ɔba a ɔwɔ nhunumu boaboa nnɔbaeɛ ano ahuhuro berɛ,
Na ɔba a ne ho yɛ aniwu deɛ, ɔda hatee twaberɛ.+
15 Osikani ahonyadeɛ ne ne kuro a wabɔ ho ban,
Na ahiafoɔ deɛ, wɔn hia na ɛsɛe wɔn.+
31 Ɔteneneeni ano so nyansa aba,
Na nkontompofoɔ kɛtrɛma deɛ, wɔbɛtwa afiri hɔ.
32 Ɔteneneeni ano nim deɛ ɛsɔ ani,
Na abɔnefoɔ ano deɛ, ɛyɛ nkontompo.
3 Ateneneefoɔ deɛ, wɔn abrabɔ a ɛdi mu na ɛkyerɛ wɔn kwan,+
Na nkontompofoɔ nnaadaasɛm na ɛbɛsɛe wɔn.+
5 Onipa a ne ho nni asɛm no, ne tenenee ma ne kwan tene,
Na ɔbɔnefoɔ deɛ, ɔno ara n’amumuyɛ nti ɔbɛhwe ase.+
12 Obiara a ɔnnim nyansa* no, ɔbu ne yɔnko animtia,*
Na onipa a ne nhunumu dɔɔso deɛ, ɔka n’ano tom.+
13 Deɛ ɔsɛe nkurɔfoɔ din no, ɔnenam na ɔreyi kokoam nsɛm* adi,+
Na deɛ ɔyɛ ɔnokwafoɔ* deɛ, ɔkata asɛm so.
15 Obiara a ɔdi ɔhɔhoɔ anim ma ɔkɔgye bosea no, ɛbɛwie no bɔne,+
Na obiara a ɔnkyea obi nsam sɛ ɔde redi agyinamu no, n’asom bɛdwo no.
16 Ɔbaa nimuonyamfoɔ* nya anidie,+
22 Sɛdeɛ sika kɔkɔɔ kawa teɛ wɔ prako hwene mu no,
Saa ara na ɔbaa hoɔfɛfoɔ a ɔpo nyansa teɛ.
25 Onipa* a ne yam yɛ no, ɛbɛsi no yie,*+
Obiara a ɔma nkurɔfoɔ ho dwo wɔn no,* ɔno nso, wɔbɛma ne ho adwo no.+
28 Deɛ ɔde ne ho to n’ahonyadeɛ so no, ɔbɛhwe ase,+
Na ateneneefoɔ deɛ, wɔbɛyɛ frɔmfrɔm te sɛ ahabammono.+
29 Obiara a ɔde ɔhaw* ba ne fie so no, deɛ ɔbɛnya ara ne mframa,+
Na kwasea bɛyɛ akoa ama akoma mu nyansafoɔ.
31 Sɛ ɔteneneeni mpo remfa ne ho nni wɔ asaase so a,
Ɛbɛyɛ dɛn na omumuyɛfoɔ ne ɔbɔnefoɔ afa wɔn ho adi?+
4 Ɔyere pa yɛ ne kunu ahenkyɛ,+
Na ɔyere a ɔyɛ aniwudeɛ deɛ, ɔte sɛ yareɛ a ɛma ne kunu nnompe porɔ.+
5 Ateneneefoɔ nsusuiɛ tene,
Na abɔnefoɔ akwankyerɛ deɛ, ɛyɛ nnaadaa.
12 Ɔbɔnefoɔ ani bere deɛ abɔnefoɔ foforɔ asum fidie anya,
Na ateneneefoɔ nhini deɛ, ɛso aba.
18 Nsɛm a wɔtu no bumbum no, ɛte sɛ deɛ wɔde sekan rewowɔ obi,
Na anyansafoɔ kɛtrɛma deɛ, ɛsa yareɛ.+
26 Ɔteneneeni hwehwɛ baabi a ne mmoa bɛdidi,
Na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɛma wɔyera.
7 Obi wɔ hɔ a ɔyɛ ne ho sɛ sikani, nanso ɔnni hwee;+
Obi nso yɛ ne ho sɛ ohiani, nanso ɔwɔ ahonyadeɛ bebree.
11 Ahonyadeɛ a wɔnya no ntɛm* no, ɛbɛsa,+
Na deɛ ɔboaboa ahonyadeɛ ano nkakrankakra* no, ɛbɛyɛ bebree.
13 Obiara a ɔmfa akwankyerɛ nyɛ hwee no,* ɔbɛnya ho asotwe,+
Na deɛ ɔwɔ obuo ma mmara no, ɔbɛnya akatua.+
17 Obi a wɔasoma no a ɔyɛ ɔbɔnefoɔ no, ɔtɔ ɔhaw mu,+
Na obi a wɔasoma no a ɔdi nokorɛ deɛ, ɔde ayaresa ba.+
18 Obiara a ɔbu n’ani gu ntenesoɔ so no, ohia ne animguaseɛ na ɛbɛka no,
3 Ahantan abaa wɔ kwasea anom,
Na anyansafoɔ ano deɛ, ɛbɛbɔ wɔn ho ban.
4 Sɛ anantwie nni hɔ a, mmoa adididaka mu te,
Nanso nantwinini ahoɔden ma nnɔbaeɛ dɔɔso.
12 Ɛkwan bi wɔ hɔ a, ɛtene wɔ onipa ani so,+
16 Onyansafoɔ hwɛ ne ho yie,* na ɔtwe ne ho firi bɔne ho,
Na kwasea deɛ, biribiara mfa ne ho,* na ɔgye ne ho di dodo.
19 Abɔnefoɔ bɛkoto apapafoɔ anim,
Na amumuyɛfoɔ akoto ateneneefoɔ apono ano.
22 Wɔn a wɔdwene adwemmɔne no, wɔremfom kwan anaa?
Wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ papa no deɛ, ɔdɔ a ɛnni hwammɔ ne nokorɛ wɔ hɔ ma wɔn.+
27 Yehowa suro yɛ nkwa asutire,
Ɛdane onipa firi owuo mfidie ho.
31 Deɛ ɔsisi mmɔborɔwa no, ɔdidi ne Bɔfo atɛm,+
Na obiara a ne yam hyehye no ma ohiani no deɛ, ɔhyɛ No animuonyam.+
32 Ɔbɔnefoɔ deɛ, ɔno ara n’amumuyɛ na ɛbɛma no ahwe ase,
2 Anyansafoɔ kɛtrɛma de nimdeɛ yɛ adepa,+
Na nkwaseafoɔ ano deɛ, ɛkeka nkwaseasɛm.
11 Adamena* ne ɔsɛeɛ amena* mpo Yehowa ani tua,+
Na nnipa akoma mu na ɔrenhu anaa?+
12 Fɛdifoɔ nnɔ deɛ ɔtene no.*+
Ɔrenkɔ anyansafoɔ nkyɛn.+
14 Nteaseɛ akoma hwehwɛ nimdeɛ,+
16 Sɛ obi suro Yehowa na ɔwɔ adeɛ ketewaa bi a,+
Ɛyɛ sene sɛ ɔbɛnya ahonyadeɛ pii a adwendwene bata ho.+
17 Nhabamma* a wɔdi wɔ baabi a ɔdɔ wɔ no,+
Ɛyɛ sene nantwie a wadɔre sradeɛ* a wɔwe no wɔ baabi a ɔtan wɔ.+
19 Ɔkwadwofoɔ kwan te sɛ nkasɛɛ a wɔde agye ban,+
Na ateneneefoɔ kwan deɛ, ɛte sɛ kwantempɔn a ɛda so.+
4 Biribiara a Yehowa ayɛ no, wayɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛma n’atirimpɔ abam,
Ɔbɔnefoɔ mpo, ɔwɔ hɔ ma da bɔne.+
5 Yehowa akyiwadeɛ ne obiara a ɔyɛ ahantan wɔ akomam.+
Hunu sɛ,* ɔremfa ne ho nni.
6 Wɔde ɔdɔ a ɛnni hwammɔ ne nokorɛdie na ɛpata mfomsoɔ,+
Na Yehowa suro na ɛma obi dane firi bɔne ho.+
8 Adeɛ ketewa a tenenee bata ho no,+
Ɛyɛ sene akatua kɛseɛ a atɛntenenee nni mu.+
11 Adeɛ a wɔde susu nneɛma ne nsenia* a ɛdi mu firi Yehowa hɔ;
Nkariboɔ a ɛwɔ kotokuo mu nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma.+
13 Ahemfo ani sɔ kasa a ɛtene.
Wɔdɔ obiara a ɔka nokorɛ.+
16 Ɛyɛ koraa sɛ wobɛnya nyansa sene sɛ wobɛnya sika kɔkɔɔ!+
Ɛyɛ sɛ wobɛfa nteaseɛ sene sɛ wobɛfa dwetɛ.+
17 Ateneneefoɔ kwantempɔn mane firi bɔne ho.
Obiara a ɔhwɛ ne kwan yie no kora ne nkwa* so.+
19 Ɛyɛ sɛ wobɛbrɛ wo ho ase* wɔ wɔn a wɔdwoɔ mu+
Sene sɛ wo ne ahantanfoɔ bɛkyɛ nneɛma a wɔagye afiri nkurɔfoɔ nsam.
20 Deɛ ɔda nhunumu adi wɔ asɛm mu no, ɛbɛsi no yie;
Anigyeɛ ne deɛ ɔde ne ho to Yehowa so.
21 Deɛ ɔyɛ onyansafoɔ wɔ akomam no, wɔbɛfrɛ no nteaseɛ,+
Na deɛ n’anom kasa yɛ dɛ* no, nkurɔfoɔ tie no.+
22 Nhunumu yɛ nkwa asutire ma wɔn a wɔwɔ nhunumu,
Na nkwaseafoɔ deɛ, wɔn ankasa nkwaseasɛm na ɛtene wɔn so.
28 Onipa gyegyefoɔ* sɛe nnipa ntam,+
Na deɛ ɔsɛe nkurɔfoɔ din no, ɔtete nnamfoɔ a wɔbɔ kosua tafere ntam.+
29 Wudini daadaa ne yɔnko,
Na ɔde no fa ɛkwan a ɛnyɛ so.
30 Ɔrebɔ pɔ bɔne nyinaa, na ɔrebobɔ n’ani.
Ɔredi bɔne nyinaa, na ɔrewe n’ano.
2 Akoa a ɔwɔ nhunumu no, ɔbɛdi ɔba a ɔyɛ aniwudeɛ so,
Na ɔno nso bɛnya agyapadeɛ te sɛ owura no ba no.
3 Kukuo a wɔnane adeɛ wom wɔ hɔ ma dwetɛ, ɛnna fononoo wɔ hɔ ma sika kɔkɔɔ,+
Na deɛ ɔhwehwɛ akomam ne Yehowa.+
5 Obiara a ɔdi ohiani ho fɛ no, ɔdidi ne Bɔfo atɛm,+
Na obiara a ɔdi ne yɔnko amanehunu ho ahurisie no, ɔremfa ne ho nni.+
7 Sɛdeɛ kasa a ɛtene* mfata kwasea no,+
Saa ara na nkontompo kasa mfata ɔhene* koraa!+
9 Obiara a ɔde bɔne kyɛ* no hwehwɛ ɔdɔ,+
Na deɛ ɔkɔ so tĩ asɛm mu deɛ, ɔtete nnamfoɔ a wɔbɔ kosua tafere ntam.+
16 Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so sɛ kwasea wɔ deɛ ɔbɛtumi de anya nyansa
17 Yɔnko berɛboɔ deɛ, ɔkyerɛ ne dɔ berɛ nyinaa,+
19 Deɛ ɔpɛ ntɔkwa no, ɔpɛ mmarato.+
Obiara a ɔma ne pono ano kwan kɔ soro no frɛfrɛ ahweaseɛ.+
23 Ɔbɔnefoɔ gye adanmudeɛ* wɔ kokoam*
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛkyea atemmuo.+
24 Deɛ ɔwɔ nhunumu no, nyansa wɔ n’anim pɛɛ,
Na kwasea ani deɛ, ɛdeda asaase ano akyirikyiri.+
26 Ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛtwe ɔteneneeni aso,
Na ɛmfata sɛ wɔbɛbɔ onimuonyamfoɔ mmaa.
28 Kwasea mpo, sɛ ɔmua n’ano a, wɔbu no onyansafoɔ,
Na deɛ ɔka n’ano tom no, wɔbu no sɛ ɔwɔ nhunumu.
4 Onipa anom nsɛm yɛ nsuo a emu dɔ.+
Nyansa asutire yɛ nsuo a ɛtene bu fa so.
5 Ɛnyɛ papa sɛ wobɛyɛ animhwɛ na woadi ama ɔbɔnefoɔ,+
Na ɛnyɛ papa nso sɛ wobɛbu ɔteneneeni atɛnkyea.+
8 Deɛ ɔsɛe nkurɔfoɔ din no, ne nsɛm te sɛ aduane a ɛyɛ dɛ;*+
Nkurɔfoɔ memene kɔgu wɔn yafunu mu tɔnn.+
Emu na ɔteneneeni dwane kɔ, na ɔnya ahobammɔ.*+
12 Sɛ onipa akoma ma ne ho so a, deɛ ɛdi akyire ba ne ahweaseɛ,+
Na ahobrɛaseɛ ba a, deɛ ɛdi akyire ba ne animuonyam.+
17 Deɛ ɔdi kan ka n’asɛm no, anhwɛ a wobɛka sɛ n’asɛm yɛ dɛ,+
Kɔsi sɛ deɛ ɔne no anya asɛm no bɛba na wabɛbisabisa no nsɛm.*+
19 Onua a wɔafom no no, n’asɛm yɛ den sene kuro a wɔato ho fasuo;+
Na mansotwe bi wɔ hɔ a, ɛte sɛ nnadeɛ a wɔde abram abankɛseɛ akyi.+
23 Ohiani rekasa a ɔpa kyɛw,
Na osikani reyi ano a, ɔtu ne nsɛm bumbum.
3 Onipa nkwaseasɛm na ɛma ne kwan kyea,
Na ne bo fu Yehowa n’akoma mu.
5 Onipa a ɔdi adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ no, ɔbɛnya asotwe,+
Na deɛ ɔtwa nkontompo daa no, ɔremfa ne ho nni.+
Ɔrehwehwɛ wɔn abisa wɔn biribi, nanso obiara mmua no.
8 Obiara a ɔnya nyansa no,* ɔdɔ ne ho.*+
Obiara a nhunumu som bo ma no no, ɛbɛsi no yie.+
19 Onipa a ne bo fu ntɛmntɛm no, wɔbɔ no ka;
Sɛ woyɛ sɛ wobɛgyaa no a, wobɛgyaa no asan agyaa no bio.+
25 Bɔ fɛdifoɔ,+ na ɛbɛma ogyimifoɔ ahunu nyansa;+
Kasa kyerɛ obi a ɔwɔ nteaseɛ, na ɛbɛma ne nimdeɛ adɔɔso.+
27 Me ba, sɛ wogyae ntenesoɔ tie a,
Wobɛmane afiri nsɛm a ɛma nimdeɛ ho.
3 Ɛyɛ animuonyam ma onipa sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri akasakasa ho,+
Na obiara a ɔyɛ kwasea deɛ, ɔde ne ho gye mu.+
6 Nnipa pii bɔ wɔn dɔ a ɛnni hwammɔ ho dawuro,
Nanso onipa a ɔyɛ nokwafoɔ deɛ, ne ho yɛ na!
Ne mma* a wɔbɛba wɔ n’akyi no ani bɛgye.+
13 Mma nna nnyɛ wo dɛ, anyɛ saa a, wobɛdi hia.+
Bue w’ani, na aduane bɛmee wo.+
16 Sɛ ɔbarima di agyinamu ma ɔhɔhoɔ a, gye ne ntoma;+
Sɛ ɔdii agyinamu maa ɔbaa hɔhoɔ* a, ɛnneɛ gye adeɛ a ɔde sii awowa no firi ne nsam.+
22 Nka sɛ: “Mɛtua bɔne so ka!”+
Fa w’ani to Yehowa so,+ na ɔbɛgye wo.+
24 Yehowa na ɔkyerɛ sɛdeɛ onipa bɛtutu n’anammɔn;+
Onipa deɛ, ɛbɛyɛ dɛn na wate ɔno ara ne kwan ase?*
25 Ɛyɛ fidie ma onipa sɛ ɔbɛpere ne ho aka sɛ, “Ɛyɛ ade kronkron!”+
Ansa na akyire yi wasusu ne bɔhyɛ no ho.+
27 Onipa home te sɛ Yehowa kanea,
Ɛhwehwɛ deɛ ahinta biara wɔ onipa mu.
21 Ɔhene akoma te sɛ asubɔnten wɔ Yehowa nsam.+
Baabi a Ɔpɛ biara na Ɔdane kɔ.+
9 Ɛyɛ sɛ wobɛtena mmantwea baabi wɔ ɛdan atifi,
14 Akyɛdeɛ a wɔde ma wɔ kokoam dwodwo abufuo,+
Na adanmudeɛ* a wɔde ma wɔ ahintaeɛ mu dwodwo abufuhyeɛ.
15 Ɛyɛ anigye ma ɔteneneeni sɛ ɔde atɛntenenee bɛyɛ adwuma,+
Na abɔnefoɔ deɛ, ɛyɛ biribi a ɛyɛ hu ma wɔn.
27 Abɔnefoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ.+
Na sɛ adwemmɔne* bata ho deɛ a, ɛnyɛ koraa!
30 Nyansa ne nhunumu ne afotuo biara nni hɔ a ɛbɛtumi ne Yehowa adi asie.+
2 Osikani ne ohiani nyinaa, adeɛ baako bi wɔ wɔn ho.*
Ɛne sɛ, Yehowa na ɔbɔɔ wɔn nyinaa.+
5 Nkasɛɛ ne mfidie wɔ nkontomponi kwan mu,
Na obiara a ne nkwa* ho hia no deɛ, ɔtwe ne ho firi ho kɔ akyirikyiri.+
13 Ɔkwadwofoɔ ka sɛ: “Gyata wɔ abɔnten!
Ɔbɛku me wɔ abɔnten!”+
14 Mmaa a wɔamane* ano yɛ amena donkodonko.+
Deɛ Yehowa abu no fɔ no, ɔno na ɔbɛtɔ mu.
17 Yɛ aso na tie anyansafoɔ nsɛm,+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wode me nimdeɛ bɛto w’akoma so.+
18 Ɛfiri sɛ ɛyɛ sɛ wode bɛsie w’akomam,+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne nyinaa bɛda w’ano daa.+
19 Deɛ ɛbɛyɛ a wode wo ho bɛto Yehowa so no,
Merema wo nimdeɛ nnɛ.
20 Matwerɛ wo dada,
Na matu wo fo ama wo nimdeɛ,
21 Sɛ ɛnkyerɛ wo nsɛm a ɛyɛ nokorɛ a ɛnni hwammɔ,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtumi de amanneɛbɔ a ɛyɛ nokorɛ akɔma deɛ ɔsomaa wo no.
22 Nsisi ohiani, ɛsiane sɛ ɔyɛ ohiani nti,+
Na ntiatia mmɔborɔwa so wɔ kuro pono ano.+
23 Ɛfiri sɛ Yehowa ankasa bɛdi wɔn asɛm ama wɔn,+
Na obiara a ɔsisi wɔn no, Ɔbɛgye ne nkwa* afiri ne nsam.
24 Wo ne onipa a ne bo fu ntɛmntɛm mmfa yɔnko,
Na wo ne onipa a ne koko ha no mmmɔ,
25 Na woansua n’akwan da,
27 Sɛ woannya deɛ wode bɛtua a,
Wɔbɛyi wo mpa afiri w’ase!
29 Woahunu onipa a n’adwuma ho twa* anaa?
Ahemfo anim na ɔbɛgyina;+
Ɔrennyina onipa biara kɛkɛ anim.
23 Sɛ wotena ase sɛ wo ne ɔhene rebɛdidi a,
Susu deɛ ɛsi w’anim no ho yie;
2 Sɛ woyɛ obi a wopɛ aduane paa* a,
Ɛnneɛ fa sekan to wo mene mu.*
4 Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyadeɛ.+
Gyae, na da nteaseɛ adi.*
5 Sɛ woto w’ani hwɛ ahonyadeɛ no a, worenhu,+
Ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛbɛfu ntaban te sɛ ɔkɔdeɛ na atu akɔ wiem.+
Ɔbɛka akyerɛ wo sɛ: “Didi na nom,” nanso ɛnyɛ ne yam a.*
8 Deɛ woadie no, wobɛfe aba,
Na kamfo a wokamfoo no nyinaa bɛyɛ kwa.
12 Fa w’akoma gye ntenesoɔ tom,
Na fa w’aso tie nsɛm a ɛma nimdeɛ.
13 Mfa ntenesoɔ nkame abɔfra.*+
Sɛ wode abaa hwe no a, ɔrenwu.
19 Me ba, tie na yɛ nyansafoɔ,
Na ma w’akoma mfa kwantenenee so.
20 Nkɔka wɔn a wɔnom nsã* pii+
Ne wɔn a wɔdi nam fuu no ho.+
21 Ɛfiri sɛ ɛbɛhia asabofoɔ ne adidifoɔ,*+
Na deɛ ɔtɔ nko no, ntomago na ɔbɛfira.
24 Anigyeɛ na ɔteneneeni papa bɛnya;
Ɔba nyansafoɔ papa bɛdi ne ho ahurisie.
25 Wo papa ne wo maame bɛdi ahurisie,
Na wo maame a ɔwoo wo ani agye.
29 Hwan na ɔwɔ amanehunu mu? Hwan na ɔwɔ ahoyera mu?
Hwan na ntɔkwa ahyɛ no ma? Hwan na ɔredi abooboo?
Hwan na wapirapira pira hunu? Hwan na n’ani ayɛ sann?
Berɛ a ɛretwa ahuro wɔ kuruwa mu, na ɛkɔ yɔɔ no.
32 Ɛfiri sɛ ɛbɛwie aseɛ no, ɛbɛka te sɛ ɔwɔ,
Na ɛbɛpu borɔ te sɛ ahuritia.*
34 Wobɛyɛ sɛ obi a ɔda ɛpo mfimfini,
Na wobɛyɛ sɛ obi a ɔda po so hyɛn dua so.
35 Wobɛka sɛ: “Wɔbɔɔ me, nanso mante.*
Wɔhwee me, nanso manhunu.
Berɛ bɛn na mɛsɔre?+
Menyaa bio a, anka mɛnom.”*
24 Mma w’ani mmmere abɔnefoɔ,
Na mma wo kɔn nnnɔ sɛ wo ne wɔn bɛbɔ.+
2 Ɛfiri sɛ wɔn akoma dwene awudisɛm ho,
Na wɔn ano keka mmusuo.
12 Sɛ woka sɛ: “O, na yɛnnim” a,
Deɛ Ɔhwehwɛ akoma mu* no renhunu anaa?+
13 Me ba, di ɛwoɔ, ɛfiri sɛ ɛyɛ;
Ɛwoɔ a ɛfiri ɛwoɔkyɛm mu yɛ dɛ paa.
14 Saa ara na nyansa teɛ; hunu sɛ ɛyɛ ma wo.*+
Sɛ wonya bi a, ɛbɛsi wo yie daakye,
Na wɔrentwa w’anidasoɔ ntwene.+
15 Nyɛ wo ho sɛ ɔbɔnefoɔ nkɔtɛ baabi a ɛbɛn ɔteneneeni fie;
Nsɛe baabi a ɔgye n’ahome.
19 Mma wo bo mmfu* ɛsiane abɔnefoɔ nti,
Na mma w’ani mmmere nnipabɔnefoɔ.
20 Ɛfiri sɛ anidasoɔ biara nni hɔ mma ɔbɔnefoɔ biara;+
Na wɔbɛdum abɔnefoɔ kanea.+
21 Me ba, suro Yehowa ne ɔhene,+
Hwan na ɔnim ɔsɛeɛ a wɔn mmienu* de bɛba wɔn so?+
23 Saa nsɛm yi nso yɛ anyansafoɔ dea:
Atemmuo mu animhwɛ deɛ, ɛnyɛ.+
24 Obiara a ɔka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ: “Woyɛ ɔteneneeni” no,+
Aman bɛdome no, na amanaman bɛbu no busuyɛni.
26 Deɛ ɔma mmuaeɛ a ɛyɛ nokorɛ no, nkurɔfoɔ bɛfe n’ano.*+
28 Nni adanseɛ ntia wo yɔnko berɛ a wonni nnyinasoɔ biara.+
Mfa w’ano nnaadaa nkurɔfoɔ.+
33 Mereda kakra, meretɔ nko kakra,
Merebobɔ me nsa ahome kakra;
34 Wode saa ara na wo hia aba sɛ korɔmfoɔ,
Na w’ahokyerɛ aba sɛ korɔmfo-werɛmfoɔ.+
25 Weinom nso yɛ Solomon mmebusɛm+ a Yuda hene Hesekia+ mmarima twerɛeɛ:*
3 Sɛdeɛ ɔsoro ware na asaase mu dɔ no,
Saa ara na ahemfo akomam teɛ; wɔrentumi nhwehwɛ mu nwie.
6 Nhyɛ wo ho animuonyam wɔ ɔhene anim,+
Na nkɔgyina baabi a atitire gyina.+
7 Ɛfiri sɛ ɛyɛ sɛ ɔbɛka akyerɛ wo sɛ: “Bra soro ha,”
Sene sɛ ɔbɛgu w’anim ase wɔ otitire anim.+
9 Wo ne wo yɔnko wɔ asɛm a, wo ne no nsiesie,+
10 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, deɛ ɔretie wo no rengu w’anim ase,
Na woankeka nsɛmmɔne* a worentumi ntwe nsan.
11 Sɛdeɛ sika kɔkɔɔ aduaba* a ɛgu dwetɛ anwenneɛ* mu teɛ no,
Saa ara na asɛm a wɔka no wɔ berɛ a ɛfata mu teɛ.+
12 Sɛdeɛ sika kɔkɔɔ asomuadeɛ ne sika kɔkɔɔ amapa agudeɛ teɛ no,
Saa ara na onyansafoɔ a ɔkasa kyerɛ nkurɔfoɔ nso teɛ ma aso a ɛtie asɛm.+
13 Sɛdeɛ sukyerɛmma nwunu teɛ wɔ twaberɛ mu no,
Saa ara na ɔsomafoɔ nokwafoɔ teɛ ma wɔn a wɔsomaa no no,
14 Sɛdeɛ mununkum ne mframa a nsuo nni mu teɛ no,
Saa ara na onipa a ɔdwa n’anom sɛ ɔbɛkyɛ adeɛ nanso ɔnkyɛ no* teɛ.+
18 Sɛdeɛ aporibaa a wɔde kɔ ɛko ne sekan ne agyan a ano yɛ nnam teɛ no,
Saa ara na onipa a ɔdi ne yɔnko ho adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ no teɛ.+
19 Sɛdeɛ ɛse a abubuo, ne nan a afirikyi teɛ no,
Saa ara na ahotɔsoɔ a wɔnya wɔ nkontomponi* mu wɔ amanehunu berɛ mu no teɛ.
20 Deɛ ɔto nnwom kyerɛ akoma a ɛredi awerɛhoɔ no,
Ɔte sɛ obi a ɔyi n’ataadeɛ wɔ awɔ berɛ mu,
21 Sɛ ɛkɔm de wo tamfo a,* ma no aduane nni;
Sɛ sukɔm de no a, ma no nsuo nnom,+
22 Woyɛ saa a, na woreboaboa nnyasramma ano agu n’apampam,*+
Na Yehowa bɛma wo akatua.
24 Ɛyɛ sɛ wobɛtena mmantwea baabi wɔ ɛdan atifi
26 Sɛdeɛ asutire a wɔayɛ no fĩ ne abura a asɛe teɛ no,
Saa ara na ɔteneneeni a ɔgyaa ne ho ma ɔbɔnefoɔ* teɛ.
26 Sɛdeɛ sukyerɛmma ntɔ ahuhuro berɛ mu, na nsuo ntɔ twaberɛ mu no,
Saa ara na animuonyam mfata kwasea.+
9 Sɛdeɛ nkasɛɛ dua teɛ wɔ ɔsabofoɔ nsam no,
Saa ara na nkwaseafoɔ anom abebusɛm teɛ.
10 Sɛdeɛ obi a ɔto agyan pirapira nkurɔfoɔ basabasa* teɛ no,
Saa ara na obi a ɔbɔ nkwaseafoɔ anaa wɔn a wɔretwam paa no teɛ.
12 Woahunu onipa a n’adwene yɛ no sɛ ɔyɛ onyansafoɔ?+
Anidasoɔ wɔ hɔ ma kwasea sene no.
16 Ɔkwadwofoɔ adwene yɛ no sɛ ɔnim nyansa
Sene nnipa nson a wɔma mmuaeɛ a nyansa wom.
18 Sɛdeɛ bɔdamfoɔ toto pea a egya wɔ ano ne agyan a ɛdi awuo* no,
19 Saa ara na onipa a ɔdaadaa ne yɔnko na ɔka sɛ: “Ɛyɛ agorɔ na meredie” no teɛ.+
21 Sɛdeɛ gyabidie wɔ hɔ ma nsramma a ɛredum, na anyina wɔ hɔ ma egya no,
Saa ara na ntɔkwapɛfoɔ soso gya gu akasakasa mu.+
22 Deɛ ɔsɛe nkurɔfoɔ din no, ne nsɛm te sɛ aduane a ɛyɛ dɛ;*
Nkurɔfoɔ memene kɔgu wɔn yafunu mu tɔnn.+
24 Deɛ ɔtan nkurɔfoɔ no, ɔde n’ano kata ɔtan no so,
Nanso ɔde nnaadaa hyɛ ne mu.
26 Ɔde nnaadaa akata ɔtan no so,
Nanso ne bɔne bɛda adi asafo mu.
3 Ɛboɔ mu yɛ duru, na anwea nso mu yɛ duru,
Nanso kwasea agyegyesɛm mu yɛ duru sene ne mmienu nyinaa.+
5 Kasakyerɛ pefee yɛ sene ɔdɔ a ahinta.+
7 Obi a wamee* no, woma no ɛwoɔkyɛm a ɔrennye,*
Na deɛ ɛkɔm de no* deɛ, adeɛ a ɛyɛ nwono mpo yɛ no dɛ.
9 Ngo ne aduhwam ma akoma di ahurisie,
Saa ara na adamfoɔ a ɔtu fo a ɔmfa biribiara nsie* no ma adamfofa yɛ dɛ.+
10 Nto w’adamfo anaa wo papa adamfo ntwene,
Na nkɔwura wo ara wo nua fie w’amanehunu da;
Ofipamfoɔ a ɔbɛn yɛ sene onua a ɔwɔ akyirikyiri.+
12 Onyansafoɔ* hunu asiane, na ɔde ne ho sie,+
Na ogyimifoɔ deɛ, ɛno ara ne sɛ ɔrekɔ, na ɔtwa so aba.*
13 Sɛ ɔbarima di agyinamu ma ɔhɔhoɔ a, gye ne ntoma;
Sɛ ɔdii agyinamu maa ɔbaa hɔhoɔ* a, ɛnneɛ gye adeɛ a ɔde sii awowa no firi ne nsam.+
14 Sɛ obi de nne kɛseɛ hyira ne yɔnko anɔpatutuutu a,
Wɔbɛbu no sɛ nnome ama no.
15 Ɔyere a ɔpɛ ntɔkwa* no, ɔte sɛ ɛdan a ɛnwunu sutɔ da a ɛnnyae.+
16 Obiara a ɔbɛtumi adwodwo no no, ɔbɛtumi adwodwo mframa,
Na ɔbɛtumi de ne nsa nifa asɔ ngo mu.
19 Sɛdeɛ obi hunu n’anim wɔ nsuo mu no,
Saa ara na onipa hunu n’akoma wɔ onipa foforɔ deɛ mu.
21 Kukuo a wɔnane adeɛ wom wɔ hɔ ma dwetɛ, ɛnna fononoo wɔ hɔ ma sika kɔkɔɔ;+
Saa ara na nkamfoɔ a onipa nya na wɔde sɔ no hwɛ.*
23 Ɛsɛ sɛ wohunu sɛdeɛ wo nnwan teɛ yie.
25 Ɛserɛ mono kɔ, na ɛserɛ foforɔ fifi,
Na wɔboaboa mmepɔ so nhabamma ano.
26 Adwennini nkumaa ma wonya ntoma,
Na mpɔnkyenini ma wonya sika a wɔde tɔ asaase.
27 Wobɛnya mpɔnkye nufosuo pii anom,
Wo fiefoɔ bɛnya bi anom, na wo mmaawa nso bɛnom bi.
2 Sɛ mmarato* wɔ kuro mu a, ɔhene baako ba a, na ɔkɔ, na foforɔ nso aba,+
Nanso onipa a ɔwɔ nhunumu ne nimdeɛ bɛtumi ama ɔhene atena so akyɛ.+
4 Wɔn a wɔmfa mmara nyɛ hwee no yi abɔnefoɔ ayɛ,
Na wɔn a wɔdi mmara so deɛ, wɔn ani bere abɔnefoɔ so.+
5 Abɔnefoɔ rentumi nte atɛntenenee ase,
Na wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no deɛ, wɔbɛtumi ate biribiara ase.+
10 Deɛ ɔdi ateneneefoɔ anim kɔ bɔne kwan so no, ɔbɛtɔ ɔno ankasa amena mu,+
Na wɔn a wɔn ho nni asɛm deɛ, wɔbɛnya adepa sɛ wɔn agyapadeɛ.+
11 Osikani yɛ nyansafoɔ wɔ ɔno ara n’ani so,+
Na ohiani a ɔwɔ nhunumu deɛ, ɔhunu deɛ ɛwɔ sikani no mu.+
12 Sɛ ateneneefoɔ di nkonim a, ɛde animuonyam kɛseɛ ba,
Nanso sɛ abɔnefoɔ bɛdi tumi a, nkurɔfoɔ de wɔn ho sie.+
13 Deɛ ɔkata ne mmarato so no, ɛrensi no yie,+
Na obiara a ɔka ne mmarato na ɔgyae no, wɔbɛhu no mmɔbɔ.+
16 Ɔhene a ɔnni nhunumu no, ɔde ne tumi yɛ deɛ ɔpɛ,+
Na deɛ ɔkyiri mfaso bɔne deɛ, ɔbɛma ne nkwa ayɛ tenten.+
17 Onipa a wakum obi* a enti ɔdi mogya ho fɔ no, ɔbɛdwane ara akɔtɔ adamena* mu.+
Mma obiara mmmoa no.
24 Obiara a ɔbɔ ne papa ne ne maame korɔno na ɔka sɛ: “Ɛnyɛ bɔne” no,+
Ne yɔnko ne ɔdesɛefoɔ.+
27 Obiara a ɔma ahiafoɔ adeɛ no, hwee renhia no,+
Na deɛ ɔyi n’ani firi wɔn so deɛ, ɔbɛnya nnome pii.
29 Onipa a wɔakasa akyerɛ no mprɛ pii a ɔsene ne kɔn no,*+
Wɔbɛbubu no mpofirim, na ɔrennya ayaresa da.+
3 Onipa a n’ani gye nyansa ho no, ɔma ne papa di ahurisie,+
Na deɛ ɔne tuutuufoɔ bɔ deɛ, ɔsɛe n’ahonyadeɛ.+
Na onipa a ɔpɛ adanmudeɛ* deɛ, ɔbɔ man.
10 Awudifoɔ tan obiara a ne ho nni asɛm,+
Na wɔde si wɔn ani so sɛ wɔbɛgye ateneneefoɔ nkwa* afiri wɔn nsam.*
13 Ohiani ne obi a ɔhyɛ nnipa so wɔ adeɛ baako bi wɔ wɔn ho.*
Ɛne sɛ, Yehowa ma wɔn nyinaa ani hunu hann.*
20 Woahunu onipa a ɔpere ne ho wɔ ne kasa mu?+
Anidasoɔ wɔ hɔ ma kwasea sene no.+
21 Sɛ wɔgyegye akoa so firi ne mmɔfraase a,
Akyire yi ɔbɛyɛ bonniayɛfoɔ.
24 Deɛ ne yɔnko ne korɔmfoɔ no tan ne ho.*
Ɔbɛte sɛ wɔrefrɛ no sɛ ɔmmɛdi adanseɛ,* nanso ɔremmɛka hwee.+
30 Yake ba Agur nsɛm a emu yɛ duru. Ɔka kyerɛɛ Itiel, Itiel ne Ukal.
4 Hwan na waforo akɔ soro na wasiane?+
Hwan na ɔde ne nsa mmienu akye mframa?
Hwan na ɔde ne ntoma akyekyere nsuo?+
Hwan na ɔde asaase ano nyinaa tintim hɔ?*+
Sɛ wonim a, ne din de sɛn, na ne ba din de sɛn?
5 Onyankopɔn asɛm biara ho te.+
Ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔhwehwɛ ahobammɔ wɔ ne nkyɛn.+
7 Nneɛma mmienu na mesrɛ firi wo hɔ.
Berɛ a menwuiɛ yi, mfa nkame me.
8 Yi nkontompo ne atorɔ firi me ho kɔ akyirikyiri.+
Mma me ohia anaa ahonyadeɛ.
Na mma ɛnnhia me, na manwia adeɛ angu me Nyankopɔn din ho fĩ.*
14 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn se yɛ sekan,
Wɔn apantan yɛ sekan a wɔde di awuo,
Na wɔde we mmɔborɔwafoɔ a wɔwɔ asaase so
Ne ahiafoɔ firi nnipa mu.+
15 Amemem* wɔ mma mmaa mmienu a wɔteam sɛ: “Fa bra! Fa bra!”
Nneɛma mmiɛnsa bi wɔ hɔ a, ɛmmee da,
Na nneɛma nnan bi wɔ hɔ a, ɛnka sɛ: “Ayɛ yie!”
17 Ani a ɛdi ne papa ho fɛ na ɛbu ne maame asɛm animtia no,*+
Subɔn mu kwaakwaadabi bɛtutu,
Na ɔkɔdeɛ mma abɛdi.+
20 Ɔbaa waresɛefoɔ kwan nie:
Ɔdidi, ɔpepa n’ano;
Na ɔka sɛ, “Menyɛɛ bɔne biara.”+
21 Nneɛma mmiɛnsa na ɛwoso asaase,
Na nnan yi na ɛntumi nnyina ano:
29 Nneɛma mmiɛnsa na sɛ wɔretutu wɔn nan a, wɔyi akyẽa,
Na nnan yi na wɔn nanteɛ yɛ fɛ:
31 Kraman a wɔde no kɔ ahayɔ; apɔnkyenini;
Ne ɔhene a n’asraafoɔ ka ne ho.
33 Ɛfiri sɛ wonu nufosuo mu ara a,* bɔta na ɛba,
Na womia hwene a, mogya na ɛba,
Saa ara na sɛ wohwanyan abufuo a, akasakasa na ɛba.+
31 Ɔhene Lemuel nsɛm. Ɛyɛ nsɛm a emu yɛ duru a ne maame de yɛɛ kasakyerɛ maa no:+
2 O me ba, deɛn na menka nkyerɛ wo,
O me yafunu mu ba, deɛn na menka,
Deɛn koraa na menka, O me bɔhyɛ ba?+
4 O Lemuel, ɛmfata ahemfo,
Ɛmfata ahemfo sɛ wɔbɛnom nsã,*
Na ɛmfata ahemfo sɛ wɔbɛbisa sɛ, “Me nsã wɔ he?”+
5 Na wɔannom amma wɔn werɛ amfi deɛ wɔahyɛ ato hɔ,
Na wɔantiatia mmɔborɔwafoɔ fahodie so.
7 Momma wɔnnom na wɔn werɛ mfi wɔn hia;
Mommma wɔnnkae wɔn haw bio.
א [Aleph]
10 Ɔyere pa,* hwan na ɔbɛnya?+
Ne boɔ yɛ den sene ɛpo mu abohene* koraa.
ב [Beth]
11 Ne kunu de n’akoma nyinaa gye no di,
Na adepa biara mmɔ ne kunu.
ג [Gimel]
12 Ne nkwa nna nyinaa,
Ɔde papa tua ne kunu ka, na ɛnyɛ bɔne.
ד [Daleth]
ה [He]
ו [Waw]
15 Adeɛ nnya nkyee koraa no, na wasɔre,
Na wama ne fiefoɔ aduane,
ז [Zayin]
ח [Heth]
ט [Teth]
18 Ɔhunu sɛ n’adwadie ma no nya mfasoɔ;
Ne kanea nnum anadwo.
י [Yod]
כ [Kaph]
ל [Lamed]
מ [Mem]
22 Ɔyɛ ɔno ara ne mpasotam.
Ne ntoma yɛ nwera ne ntoma afasebire.
נ [Nun]
ס [Samekh]
ע [Ayin]
פ [Pe]
צ [Tsade]
ק [Qoph]
28 Ne mma sɔre, na wɔfrɛ no anigyeɛ;
Ne kunu sɔre, na ɔyi no ayɛ.
ר [Resh]
ש [Shin]
30 Ahoɔfɛ krabɛhwɛ bɛtumi ayɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ tumi twam ntɛm,*+
Na ɔbaa a ɔsuro Yehowa deɛ, wɔbɛyi no ayɛ.+
ת [Taw]
Nt., “nhunu.”
Anaa “atɛn turodoo.”
Anaa “deɛ ɛda ne kwan mu.”
Anaa “ɔbabunu.”
Anaa “Ɔbadwemma.”
Anaa “aborɔme.”
Anaa “mmara.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “asadeɛ.”
Anaa “Fa wo ntoma bɛbɔ yɛn deɛ ano.”
Anaa “Na yɛn nyinaa bɛnya sika kotokuo baako.”
Anaa “akra.”
Anaa “kra.”
Anaa “Nokorɛ nyansa.”
Nt., “wɔbɛdi so aba.”
Anaa “nhyehyɛeɛ; tirimbɔ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “ɔbaa nanani.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ deɛ ɔmmɔ bra a ɛsɔ Onyankopɔn ani.
Nt., “ɔbaa hɔhoɔ.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ deɛ ɔmmɔ bra a Onyankopɔn ani gye ho.
Anaa “ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm.”
Anaa “kunu.”
Nt., “anammɔnkwan.”
Anaa “wɔn a wɔn abrabɔ di mu.”
Anaa “mmara.”
Anaa “nkwa mfeɛ.”
Anaa “nokorɛ.”
Nt., “ntwere.”
Nt., “funuma.”
Anaa “Deɛ wonya.”
Anaa “deɛ ɛyɛ paa.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Onyankopɔn suban ahodoɔ a wɔabobɔ din wɔ nkyekyɛmu a ɛdi animu no mu ho.
Anaa “wo kra.”
Anaa “wo nan rensunti.”
Anaa “tumi wɔ wo nsam.”
Anaa “mmara.”
Anaa “ade titire.”
Anaa “wo nkwa mfeɛ bɛdɔɔso.”
Anaa “bobesa.”
Nt., “wɔn honam nyinaa.”
Anaa “nnaadaasɛm.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Susu w’anammɔn kwan ho yie.”
Nt., “Ɔbaa nanani.” Hwɛ Mme 2:16.
Anaa “n’ano yɛ dɛ.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ansɛe w’ahoɔden.”
Nt., “Wɔ badwa no ne asafo no mu.”
Anaa “w’asutire.”
Anaa “wansane bedeɛ.”
Anaa “Ma ne nufo mma w’ani nnye.”
Nt., “ɔbaa nanani.” Hwɛ Mme 2:16.
Nt., “ɔbaa hɔhoɔ.” Hwɛ Mme 2:16.
Nt., “woadi agyinamu ama wo yɔnko.”
Kyerɛ sɛ, woakyea ne nsam de ahyɛ bɔ.
Anaa “w’ano ayi ka ama wo.”
Anaa “keka nsɛm kyinkyim no.”
Anaa “ne kra.”
Anaa “mmara.”
Anaa “ɛbɛkyerɛkyerɛ wo.”
Nt., “ɔbaa hɔhoɔ.” Hwɛ Mme 2:16.
Anaa “ɔkra.”
Anaa “ɔredi ama ne kra amee.”
Nt., “n’akoma nni hɔ.”
Anaa “ne kra.”
Anaa “Agyedeɛ biara nni hɔ a ɔbɛgye.”
Anaa “me mmara.”
Nt., “ɔbaa nanani.” Hwɛ Mme 2:16.
Anaa “ɔbaa hɔhoɔ.” Hwɛ Mme 2:16.
Anaa “ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm.”
Nt., “n’akoma nni hɔ.”
Anaa “Wafira tuutuufoɔ ntoma.”
Nt., “Ne nan nnyina faako.”
Anaa “wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn rekɔgu no.”
Anaa “kra.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “nnipa mma.”
Anaa “mu da hɔ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nyansa a wɔde bɔ bra.”
Anaa “Agyapadeɛ.”
Anaa “n’adwuma.”
Anaa “wɔakyem yayaaya awo me.”
Anaa “Berɛ a ɔyɛɛ baabi a ayɛ sɛ deɛ wiem ne po reyɛ abom no.”
Nt., “ɔde tim hɔ pintinn.”
Anaa “ɔtwaa asaase hyeɛ no.”
Anaa “adasamma.”
Anaa “m’aponnwa ho.”
Anaa “ɔpira ne kra.”
Anaa “Nokorɛ nyansa.”
Nt., “Wakum deɛ ɛsɛ sɛ ɔkum.”
Anaa “bobesa.”
Nt., “n’akoma nni hɔ.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “Monnyae agyimifoɔ.”
Anaa “yɛ peterepetere.”
Anaa “Ɔyɛ tibɔnkɔso.”
Nt., “wɔn a wɔn akoma nni hɔ.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɔteneneeni kra.”
Anaa “nsiyɛfoɔ.”
Anaa “Ɔteneneeni din pa.”
Anaa “mmara nsɛm.”
Nt., “n’akoma nni hɔ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔnam nkwa kwan so.”
Anaa “ɔtrɛ atesɛm mu.”
Anaa “badwemma.”
Anaa “ano yɛn nnipa pii.”
Anaa “awerɛhoɔ; amanehunu.”
Anaa “n’adwumawura.”
Anaa “Ateneneefoɔ anidasoɔ.”
Anaa “Nkontompo.”
Adeɛ a wɔde susu biribi mu duro.
Anaa “Nkariboɔ a ɛdi mu.”
Anaa “Onipa a ɔnsuro Onyankopɔn.”
Nt., “n’akoma nni hɔ.”
Anaa “ɔmfa ne yɔnko nyɛ hwee.”
Anaa “ahintasɛm.”
Nt., “deɛ ɔwɔ ɔnokwafoɔ honhom.”
Anaa “agyinatufoɔ.”
Anaa “nkwa.”
Anaa “hoɔfɛfoɔ.”
Anaa “Onipa a ne dɔ nni hwammɔ.”
Anaa “ɔyɛ ne kra yie.”
Anaa “animguaseɛ.”
Anaa “Sɛ nsa tɔ nsayam mpo a.”
Nt., “pete.”
Anaa “kame.”
Anaa “Ɔkra.”
Nt., “ɔbɛdɔre sradeɛ.”
Nt., “Deɛ ɔgugu nkurɔfoɔ so nsuo bebree no.”
Anaa “nnɔbaeɛ.”
Anaa “animguaseɛ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɔnnim nyansa.”
Nt., “ɔretwɛn mogya.”
Nt., “paanoo.”
Anaa “n’afieboa kra.”
Nt., “n’akoma nni hɔ.”
Anaa “papa.”
Anaa “da no ara.”
Nt., “ɔkata adapaatwa so.”
Nt., “ɔka deɛ ɛtene.”
Nt., “asomdwoeɛ ho afotufoɔ deɛ, wɔn ani gye.”
Anaa “Nsiyɛfoɔ.”
Anaa “ma ɔyɛ basaa.”
Anaa “atenetene.”
Anaa “papa.”
Anaa “deɛ wɔn kra pɛ ne awudisɛm.”
Anaa “deɛ ɔhwɛ ne kasa yie no.”
Anaa “kra.”
Anaa “ne kra akɔnnɔdeɛ.”
Anaa “mmɔdemmɔfoɔ kra.”
Anaa “ɔbɛdɔre sradeɛ.”
Anaa “kra.”
Nt., “wɔnte animka biara.”
Nt., “di ahurisie.”
Nt., “wɔtie animka.”
Anaa “Ahonyadeɛ a ɛfiri ahuhudeɛ mu.”
Nt., “deɛ ɔde ne nsa boaboa ahonyadeɛ ano.”
Anaa “Akwanhwɛ.”
Anaa “ɔbu asɛm animtia no.”
Anaa “mmara.”
Anaa “ɛyɛ mmonkyimmɔnka.”
Anaa “deɛ ɔma kwan ma wɔtenetene no.”
Anaa “ne kra.”
Anaa “ne mma mma.”
Anaa “bɛpra no akɔ.”
Anaa “ntenesoɔ; asotwe.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔtene ne so ntɛm.”
Anaa “ne kra mee.”
Anaa “deɛ n’akwan akyea.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔde wɔn nkwaseasɛm daadaa afoforɔ.”
Anaa “asomdwoeɛ a wɔbɛma aba wɔne nkurɔfoɔ ntam.”
Anaa “wɔn mu na anisɔ wɔ.”
Anaa “ne kra awerɛhoɔ.”
Anaa “Onipa a ne nimdeɛ sua.”
Anaa “suro ne ho.”
Anaa “ne bo fu.”
Anaa “Nnipa a wɔn nimdeɛ sua.”
Anaa “akra.”
Anaa “apɔmuden.”
Anaa “dwankɔbea.”
Anaa “Kɛtrɛma a ɛsa yareɛ.”
Nt., “ɛbubu honhom.”
Anaa “ɔma kwan ma wɔtenetene no.”
Anaa “deɛ ɔbɔnefoɔ nya.”
Anaa “ɔbu ntenesoɔ sɛ emu yɛ den.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ne Abadon.”
Anaa “ɔkasa kyerɛ no.”
Anaa “ano di nkwaseasɛm akyi.”
Anaa “akoma pa.”
Anaa “Atosodeɛ.”
Nt., “nantwie a wɔma no aduane wɔ buo mu.”
Nt., “Deɛ n’akoma nni hɔ.”
Anaa “atirimusɛm.”
Anaa “tirimbɔ.”
Anaa “agyinatufoɔ.”
Nt., “n’anom mmuaeɛ.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “animguaseɛ.”
Anaa “braeb.”
Anaa “to ne bo ase susu sɛdeɛ ɛbɛma mmuaeɛ ho; dwene ansa na akasa.”
Anaa “Animu a ɛyɛ seresere.”
Nt., “ma nnompe yɛ akɛseɛ.”
Anaa “kra.”
Nt., “akoma.”
Anaa “siesie.”
Nt., “Akomam nhyehyɛeɛ yɛ onipa dea.”
Anaa “mmuaeɛ a ɛfata deɛ.” Nt., “kɛtrɛma mmuaeɛ deɛ.”
Nt., “ho te.”
Nt., “ahonhom.”
Nt., “Pia wo nnwuma gu Yehowa so.”
Nt., “Nsa tɔ nsa yam.”
Adeɛ a wɔde susu biribi mu duro.
Anaa “twe ne ho.”
Anaa “kra.”
Nt., “wo honhom bɛba fam.”
Nt., “n’ano yɛ fremfrem.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “kra.”
Nt., “n’ano.”
Anaa “Onipa a ɔbɔ pɔ bɔne.”
Anaa “ɛwɔ animuonyam.”
Nt., “deɛ ɔdi ne honhom so.”
Anaa “kommyɛ.”
Nt., “afɔreɛ.”
Anaa “mmanana a wɔyɛ mmarima.”
Anaa “mma.”
Anaa “awofoɔ.”
Anaa “kasa pa.”
Anaa “nimuonyamfoɔ.”
Anaa “ɛboɔ a ɛde animuonyam ba.”
Nt., “ɔkata bɔne so.”
Nt., “nsuo ano tue.”
Anaa “Ɔham.”
Nt., “ɔnni akoma.”
Anaa “Berɛ a ɔnnim nyansa?”
Anaa “da hiada.”
Nt., “n’akoma nni hɔ.”
Anaa “akagyinamu.”
Anaa “sa yareɛ.”
Anaa “nnompe mu we.”
Anaa “braeb.”
Nt., “Ɔbɔnefoɔ bɛgye adanmudeɛ afiri obi kokom.”
Nt., “honhom dwo.”
Anaa “Ɔmfa nyansa biara nyɛ hwee.”
Anaa “kra.”
Anaa “ne nsɛm te sɛ kɔntɔmoa a wɔde adufudepɛ memene.”
Nt., “wɔma ne so kɔ soro,” kyerɛ sɛ, obiara nsa ntumi nka no, biribiara ntumi nyɛ no.
Anaa “abambuo; abasamtuo.”
Anaa “abɛpɛɛpɛɛ ne mu; abɛhwehwɛ ne mu.”
Anaa “n’anom nnɔbaeɛ.”
Anaa “kɛtrɛma tumi mu.”
Anaa “bɛyɛ no adom.”
Anaa “ɔfam ho dendeenden.”
Anaa “Ɔkra.”
Nt., “Deɛ ne nan ase yɛ hare.”
Anaa “onipa a ne yam yɛ.”
Nt., “ɔnya akoma.”
Anaa “ne kra.”
Anaa “bɔne.”
Nt., “ɔbɛtwa mfomsoɔ ho.”
Anaa “gyatanini a ne ho yɛ den.”
Anaa “ɔyere gyegyefoɔ.”
Anaa “ɔkwadwofoɔ kra.”
Anaa “kra.”
Anaa “ɔde fɛm Yehowa.”
Anaa “Ɔbɛtua no ka.”
Anaa “Mma ne wuo nnyɛ wo akɔnnɔ.”
Anaa “Bobesa.”
Anaa “gyatanini a ne ho yɛ den.”
Anaa “nnɔ awɔberɛ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ɛduru twaberɛ a wɔbɛhwehwɛ, nanso wɔrennya hwee.”
Anaa “adwene.” Nt., “agyinatuo.”
Nt., “mma mmarima.”
Anaa “Nkariboɔ ahodoɔ mmienu ne efa susudeɛ ahodoɔ mmienu.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɔhɔhoɔ.”
Anaa “Agyinatuo.”
Anaa “ahintasɛm.”
Anaa “obi a ɔpɛ nkɔnkɔnsa; obi a ɔde n’ano dɛfɛdɛfɛ nkurɔfoɔ.”
Anaa “Nkariboɔ ahodoɔ mmienu.”
Adeɛ a wɔde susu biribi mu duro.
Anaa “wahunu ɛkwan a ɛsɛ sɛ ɔfa so?”
Anaa “twi bɔne ho.”
Anaa “adwene a obi de yɛ biribi.”
Anaa “de mfasoɔ ba.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ma wɔn a wɔhwehwɛ owuo.”
Anaa “gyegyefoɔ.”
Anaa “Ɔbɔnefoɔ kra.”
Anaa “ɔhunu deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ.”
Anaa “braeb.”
Anaa “Deɛ ɔdɔ anigyedeɛ no.”
Anaa “bobesa.”
Nt., “ɔbɛmene.”
Anaa “adi nnɔmmarima kuro so.”
Anaa “ne kra.”
Anaa “aniwudeɛ.”
Nt., “ɔbɛkasa daa.”
Anaa “ɔma n’akwan wie yie.”
Nt., “din.”
Nt., “Animuonyam.”
Nt., “ahyia.”
Anaa “Onitefoɔ.”
Anaa “ɔnya ho asotwe.”
Anaa “kra.”
Anaa “abarimaa; ɔbabunu.”
Nt., “Onipa a n’ani yɛ.”
Anaa “Mansotwe.”
Nt., “Mmaa ahɔhoɔ.” Hwɛ Mme 2:16.
Anaa “abarimaa; ɔbabunu.”
Anaa “kra.”
Anaa “wo kra.”
Anaa “ne ho akokwa n’adwuma mu.”
Anaa “ɔkra a ne kɔn dɔ biribi.”
Anaa “hyɛ wo ho so.”
Anaa “n’ahennuane.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Mfa wo ho nto wo nteaseɛ so.”
Anaa “obi a ɔwɔ ani bɔne.”
Anaa “n’ahennuane.”
Anaa “ɔbu ho akonta wɔ ne kra mu.”
Nt., “n’akoma nni wo ho.”
Nt., “Gyefoɔ.”
Anaa “abarimaa; ɔbabunu.”
Anaa “ne kra.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “m’asaabo mu.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “wɔn a wɔdidi boro so.”
Anaa “Nya.”
Nt., “ɔbaa hɔhoɔ.” Hwɛ Mme 2:16.
Anaa “bobesa.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “Wɔn a wɔhyia ka nsã a wɔafrafra hwɛ.”
Anaa “bobesa.”
Ɔwɔ bi a n’ano wɔ borɔ paa.
Anaa “anka me; ante me.”
Anaa “Monsi me so.”
Anaa “wɔde kyekyere abusua.”
Anaa “agyinatufoɔ.”
Anaa “nkwagyeɛ wɔ; nneɛma kɔ yie.”
Anaa “nokorɛ nyansa.”
Anaa “ɔhaw berɛ.”
Anaa “Ɔhwehwɛ adwene a onipa de yɛ biribi mu.”
Anaa “wo kra.”
Anaa “ɛyɛ dɛ ma wo kra.”
Kyerɛ sɛ, ɔtamfo no.
Anaa “Mma wo bo mmfu dendeenden.”
Anaa “wɔn a wɔpere hwehwɛ nsakraeɛ.”
Kyerɛ sɛ, Yehowa ne ɔhene.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Mmuaeɛ tẽẽ te sɛ mfeano.”
Anaa “woakyekyere w’abusua.”
Nt., “n’akoma nni hɔ.”
Anaa “bobeturo.”
Nt., “mefaa mu adwene.”
Anaa “hwɛɛ so twerɛeɛ na wɔhyehyɛeɛ.”
Anaa “nkurɔfoɔ ahintasɛm.”
Anaa “Na woansɛe nkurɔfoɔ din.”
Anaa “aprɛ.”
Anaa “nkɛntɛn.”
Anaa “ne wura kra.”
Nt., “nkontompo akyɛdeɛ.”
Anaa “ɛda brɛoo; ɛyɛ bɔkɔɔ.”
Anaa “Mma wo nan nnyɛ ntiantia.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔdaadaafoɔ.”
Anaa “soda a wɔde yɛ samina.”
Nt., “obi a ɔtan wo.”
Kyerɛ sɛ, wobɛma onipa no abufuo no anane akɔ, te sɛ deɛ na wɔde dadeɛ a ɛyɛ den to gya mu ma ɛnane no.
Anaa “gyegyefoɔ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɔde n’adwene ma ɔbɔnefoɔ no.” Nt., “ne ho popo ɔbɔnefoɔ anim.”
Anaa “ne honhom so.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Saa ara na nnome a ɛmfata remma mu.”
Anaa “Mpire.”
Anaa “Na wo ne no anyɛ pɛ.”
Nt., “ɔnom awudisɛm.”
Anaa “sensɛn hɔ.”
Anaa “pira obiara.”
Anaa “Sɛdeɛ ɛpono danedane ne ho wɔ ne mponterɛ so no.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔde ne ho gye ntɔkwa a ɛmfa ne ho mu.”
Anaa “agyan ne owuo.”
Anaa “ne nsɛm te sɛ kɔntɔmoa a wɔde adufudepɛ memene.”
Nt., “ano a ɛredɛre.”
Anaa “Ɛfiri sɛ n’akoma yɛ akyiwadeɛ koraa.”
Nt., “ɛda bɛwo.”
Nt., “ɔhɔhoɔ.”
Nt., “ɔnanani.”
Anaa “w’anofafa.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɛyɛ nkontompo; ɛmfiri akomam.”
Anaa “Ɔkra a wamee.”
Nt., “ɔtiatia ɛwoɔkyɛm so.”
Anaa “ɔkra a ɛkɔm de no.
Anaa “wadwane afiri.”
Anaa “Saa ara na afotuo a ɛfiri ɔkra mu.”
Anaa “na m’akoma ani nnye.”
Anaa “Onitefoɔ.”
Anaa “ɔnya ho asotwe.”
Anaa “ɔhɔhoɔ.”
Anaa “gyegyefoɔ.”
Anaa “ɔsom.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Sheol ne Abadon.”
Anaa “Saa ara na onipa nkamfoɔ na wɔde hu no.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “Fa w’akoma si wo nnwan so; Ma w’ani nkɔ wo nnwan ho.”
Anaa “ahemmotire.”
Anaa “gyata a ne ho yɛ den.”
Anaa “atuateɛ.”
Anaa “wɔn a wɔdidi boro so.”
Anaa “ɔsuro ne ho daa.”
Anaa “wagye obi nkwa afiri ne nsam; ɔgye ɔkra bi mogya no.”
Anaa “amena.”
Anaa “Odufudepɛfoɔ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ɔkra a ɔyɛ ahantan.”
Nt., “ɔbɛdɔre sradeɛ.”
Anaa “ɔkɔ so yɛ asoɔden no.”
Anaa “si apini.”
Anaa “braeb.”
Anaa “kra.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Na ɔteneneeni de asi n’ani so sɛ ɔbɛbɔ ne nkwa ho ban.”
Anaa “n’atenka.” Nt., “ne honhom.”
Nt., “ahyia.”
Kyerɛ sɛ, Ɔma wɔn nkwa.
Anaa “Ntenesoɔ; Asotwe.”
Anaa “wɔato no asaworam.”
Anaa “wo kra anya.”
Anaa “Nkɔmhyɛ anisoadehunu; Yikyerɛ.”
Anaa “hwanyan ntɔkwa.”
Anaa “ɔno ankasa kra.”
Anaa “Ɔbɛte ntanka.”
Anaa “Onipa anim ahopopoɔ.”
Anaa “sum.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔnya ɔhene anim animuonyam.” Nt., “hwehwɛ ɔhene anim.”
Anaa “Ɔkronkronni no ho nimdeɛ.”
Nt., “ɔpagya asaase ano nyinaa?”
Anaa “manwia adeɛ amma wɔankasa antia me Nyankopɔn din.”
Nt., “tiafi.”
Aboa bi a ɔte sɛ sonsono a ɔwɔ nsuo mu. Ɔtumi wura onipa anaa aboa mu twe ne mogya.
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɛntie ne maame asɛm no.”
Anaa “ɛyɛ me nwanwa dodo.”
Anaa “adidi amee.”
Anaa “obiara nnɔ no.”
Anaa “Nanso wɔnim nyansa paa.”
Nt., “ɔman a wɔnni ahoɔden.”
Nt., “nyɛ ɔman kɛseɛ.”
Anaa “wowoso nufosuo ara a.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “wɔn kra abotoɔ.”
Anaa “Di ma mmɔborɔwafoɔ ne ahiafoɔ.”
Anaa “Ɔyere a ɔbɔ mmɔden.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “adwuma.”
Anaa “Ɔde ne mfasoɔ.” Nt., “ne nsa ano aba.”
Anaa “bobeturo.”
Nt., “Ɔde ahoɔden bɔ n’asene.”
Asaawa donno ne akorokorowa yɛ nnua a na wɔde bobɔ ahoma anaa wɔde yɛ ahoma.
Anaa “Ɔnsuro sɛ sukyerɛmma bɛtɔ ama awɔ ade ne fiefoɔ.”
Nt., “ntaadeɛ a ɛbɔ so mmienu.”
Anaa “ataadeɛ nhyɛaseɛ.”
Anaa “ɔbɛsere daakye.”
Anaa “Akwankyerɛ a ɔdɔ wom; Ɔdɔ a ɛnni hwammɔ mmara.”
Anaa “Mmaa pii yɛ mmaa pa.”
Anaa “ahoɔfɛ nka hwee.”
Nt., “Momma no ne nsa ano aba.”