12 Mo deɛ, mo bɔne a moayɛ no kyɛn mo agyanom deɛ koraa,+ na mo mu biara yɛ asoɔden di n’akoma bɔne akyi, na ɔntie me.+ 13 Enti mɛto mo afiri asaase yi so akɔ asaase a mo ne mo agyanom nnim soɔ so,+ na ɛhɔ na mobɛsom anyame foforɔ awia ne anadwo,+ ɛfiri sɛ merenhu mo mmɔbɔ.”’