Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt Dwom 1:1-150:6
  • Nnwom

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnwom
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Nnwom

NNWOM

NWOMA A ƐDI KAN

(Dwom 1-41)

1 Anigyeɛ ne onipa a ɔmfa abɔnefoɔ afotuo mmɔ ne bra,

Na ɔnkɔgyina nnebɔneyɛfoɔ kwan so,+

Na ɔntena fɛdifoɔ+ tenabea.

 2 Mmom n’ani gye Yehowa mmara+ ho,

Na ɔkenkan Ne mmara no dwendwene ho* awia ne anadwo.+

 3 Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no nsuo ho;

Ɛso aba wɔ ne berɛ mu,

Na n’ahaban remporo,

Na deɛ ɔyɛ biara bɛwie yie.+

 4 Abɔnefoɔ deɛ, wɔnte saa;

Wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa hu kɔ.

 5 Ɛno nti sɛ atemmuo ba a, abɔnefoɔ rentumi nnyina,+

Na nnebɔneyɛfoɔ rentumi nnyina ateneneefoɔ badwa mu.+

 6 Ɛfiri sɛ Yehowa nim ateneneefoɔ kwan,+

Na nnebɔneyɛfoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.+

2 Adɛn nti na amanaman yɛ gyegyeegye

Na nkurɔfoɔ no keka nsɛnhunu?*+

 2 Asaase so ahemfo sɔre gyina,

Na atumfoɔ bom sɔre* tia+ Yehowa

Na wɔsɔre tia deɛ wasra no no.*+

 3 Wɔka sɛ: “Momma yɛntete wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn mu,

Na yɛnto wɔn nhoma no ngu!”

 4 Deɛ ɔte ahennwa so wɔ soro no bɛsere;

Yehowa bɛdi wɔn ho fɛ.

 5 Saa berɛ no, ɔbɛkasa akyerɛ wɔn n’abufuo mu,

Na n’abufuhyeɛ nti wɔbɛbɔ hu.

 6 Ɔbɛka sɛ: “Me na masi me hene+

Wɔ Sion,+ me bepɔ kronkron no so.”

 7 Ma menka Yehowa mmara ho asɛm;

Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Woyɛ me ba;+

Ɛnnɛ mabɛyɛ w’agya.+

 8 Bisa me, na mede amanaman bɛma wo sɛ w’agyapadeɛ;

Mede asaase nyinaa bɛma wo ama woadi so.+

 9 Wode dadeɛ poma+ bɛbubu wɔn pasaa,

Na woayam wɔn sɛ ɔnwemfoɔ anwenneɛ.”+

10 Afei ahemfo, monhu nyansa;

Asaase so atemmufoɔ, momma wɔntenetene mo.*

11 Momfa osuro nsom Yehowa,

Na momfa ahopopoɔ nni ahurisie wɔ ne mu.

12 Monhyɛ ɔba+ no animuonyam* na Onyankopɔn bo* amfu,

Na moansɛe wɔ kwan no mu,*+

Ɛfiri sɛ n’abufuo tumi dɛre ntɛm.

Anigyeɛ ne wɔn a wɔde no yɛ wɔn dwankɔbea nyinaa.

Dawid dwom; berɛ a ɔredwane afiri ne ba Absalom anim no.+

3 O Yehowa, adɛn nti na m’atamfo adɔɔso saa?+

Adɛn nti na nnipa pii sɔre tia me?+

 2 Nnipa pii ka me* ho asɛm sɛ:

“Onyankopɔn rennye no.”+ (Sela)*

 3 Nanso wo Yehowa, wone me kyɛm a ɛbɔ me ho ban,+

Wone m’animuonyam+ ne deɛ ɔma me gyina.*+

 4 Mɛteam afrɛ Yehowa,

Na ɔbɛgye me so afiri ne bepɔ kronkron no so.+ (Sela)

 5 Mɛtɔ hɔ na mada;

Mɛnyane no, na bɔne biara nsiiɛ,

Ɛfiri sɛ Yehowa gyina m’akyi daa.+

 6 Mensuro nnipa mpempem

A wɔatwa me ho ahyia.+

 7 O Yehowa, sɔre! Me Nyankopɔn, gye me ɛ!+

Wobɛbubu m’atamfo nyinaa abɔdwe.

Wobɛdwiri abɔnefoɔ se agu.+

 8 Nkwagyeɛ yɛ Yehowa dea.+

Wo nhyira wɔ wo man so. (Sela)

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ sɛ wɔmfa asankuo nto. Dawid dwom.

4 O me tenenee Nyankopɔn,+ mefrɛ wo a, gye me so.

Sɛ mekɔ ahohia mu a, ma mennya me ho ntete.*

Hu me mmɔbɔ na tie me mpaebɔ.

 2 Nnipa mma, mobɛbu m’animuonyam animtia akɔsi da bɛn?

Mobɛdɔ adehunu akɔsi da bɛn? Mobɛdi atorɔ akyi akɔsi da bɛn? (Sela)

 3 Monhu sɛ obi a ɔdi Yehowa nokorɛ deɛ, ɔrenni ne ho agorɔ koraa;*

Mefrɛ Yehowa a, ɔbɛtie me.

 4 Mo bo mfu, nanso monnyɛ bɔne.+

Monka mo asɛm mo akoma mu wɔ mo mpa so, na monyɛ komm. (Sela)

 5 Mommɔ tenenee afɔreɛ,

Na momfa mo ho nto Yehowa so.+

 6 Nnipa pii rekeka sɛ: “Hwan na ɔbɛma yɛahunu adepa?”

O Yehowa, ma w’anim hann nhyerɛn yɛn so.+

 7 Woama m’akoma ani agye

Asene wɔn a wɔtwa hwiit* pii na bobesa foforɔ bu wɔn so no.

 8 Mɛtɔ hɔ na mada asomdwoeɛ mu,+

Ɛfiri sɛ wo Yehowa, wo nko ara na woma menya ahotɔ.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; Nehilot* so. Dawid dwom.

5 O Yehowa, yɛ aso ma me;+

Tie m’apinisie.

 2 Tie me sufrɛ,

O me Hene ne me Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wo na mebɔ wo mpaeɛ.

 3 O Yehowa, anɔpa wobɛte me nne;+

Mede m’ahiasɛm bɛto w’anim+ anɔpa biara na matwɛn wo.

 4 Woyɛ Onyankopɔn a w’ani nnye bɔne ho;+

Ɔbɔnefoɔ biara rentumi ne wo ntena.+

 5 Obiara a ɔyɛ ahantan rennyina w’anim;

Wotan amumuyɛfoɔ nyinaa;+

 6 Wobɛsɛe nkontompofoɔ.+

Yehowa kyiri wɔn a wɔpɛ awudisɛm ne nnaadaa.*+

 7 Me deɛ, wo dɔ a ɛnni hwammɔ+ nti mɛba wo fie;+

Obuo kɛseɛ a mewɔ ma wo nti, mɛkoto de m’ani akyerɛ w’asɔrefie kronkron* no.+

 8 O Yehowa, m’atamfo nti, fa wo tenenee kyerɛ me kwan;

Ma wo kwan so nna hɔ mma me.+

 9 Nokorɛ biara nni wɔn anom;

Bɔne nko ara na ɛwɔ wɔn mu.

Wɔn menewa yɛ damena a ɛso abue;

Wɔde wɔn kɛtrɛma dɛfɛdɛfɛ nkurɔfoɔ.*+

10 Nanso Onyankopɔn bɛbu wɔn fɔ;

Wɔn ankasa pɔ bɔne na ɛbɛyi wɔn ahwe fam.+

Wɔn mmarato bebrebe nti pamo wɔn,

Ɛfiri sɛ wɔate atua atia wo.

11 Wɔn a wɔde wo yɛ dwankɔbea no deɛ, wɔn nyinaa bɛdi ahurisie;+

Wɔbɛbɔ ose daa.

Wobɛbɔ wɔn ho ban ahyia,

Na wɔn a wɔdɔ wo din bɛdi wo mu ahurisie.

12 O Yehowa, wobɛhyira obiara a ɔyɛ adetenenee;

W’ani bɛgye ne ho na woabɔ ne ho ban sɛdeɛ ɛkyɛm+ kɛseɛ bɔ obi ho ban.

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ sɛ wɔmfa asankuo nto wɔ Seminit* so. Dawid dwom.

6 O Yehowa, mfa abufuo nka m’anim,

Na mfa abufuhyeɛ ntene me so.+

 2 Hu me mmɔbɔ, O Yehowa, na mayɛ mmerɛ.

O Yehowa, sa me yareɛ,+ na me nnompe rewoso.

 3 Maboto* dodo;+

O Yehowa, mese, ɛnkɔsi da bɛn?+

 4 O Yehowa, san bra bɛgye me;*+

Wo dɔ a ɛnni hwammɔ nti, gye me ɛ.+

 5 Awufoɔ ntumi mmɔ wo din;*

Hwan na ɔbɛyi wo ayɛ wɔ Adamena* mu?+

 6 Masi apini abrɛ;+

Me nisuo fɔ me mpa anadwo mũ nyinaa;

Me nisuo yiri fa me kɛtɛ.+

 7 Awerɛhoɔ ama m’ani ayɛ wisiwisi;+

Nkurɔfoɔ reteetee me nti m’ani so atan me.

 8 Amumuyɛfoɔ nyinaa, momfiri me so nkɔ,

Na Yehowa bɛte me su.+

 9 Yehowa bɛtie me nkotosrɛ;+

Yehowa bɛbua me mpaebɔ.

10 M’atamfo nyinaa ani bɛwu na ehu atɔ wɔn so;

Aniwuo nti, wɔbɛsan wɔn akyi prɛko pɛ.+

Dawid awerɛhoɔ dwom* a Benyaminni Kus nsɛm nti, ɔto maa Yehowa.

7 O Yehowa me Nyankopɔn, wo na mede wo ayɛ me dwankɔbea.+

Gye me firi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam, na gye me nkwa.+

 2 Anyɛ saa a wɔbɛtete me* mu asinasini sɛdeɛ gyata tete nam mu no,+

Na wɔbɛhwim me akɔ a obiara rentumi nnye me.

 3 O Yehowa me Nyankopɔn, sɛ mfomsoɔ bi na madi,

Sɛ bɔne bi na mayɛ,

 4 Sɛ mede bɔne atua deɛ wayɛ me papa ka,+

Anaa mafom me tamfo nneɛma kwa a,*

 5 Ɛnneɛ ma ɔtamfo ntaa me, na ɔmmɛkye me;*

Ma no ntiatia me* so wɔ fam

Na ɔmma m’animuonyam nsɛe wɔ dɔteɛ mu. (Sela)

 6 O Yehowa, fa abufuo sɔre;

Sɔre ko tia m’atamfo abufuo,+

Ma wo mu so na boa me, na hwɛ ma wɔmfa atɛntenenee nto deɛ ɛda.+

 7 Ma amanaman no ntwa wo ho nhyia,

Na wofiri soro bɛko atia wɔn.

 8 Yehowa bɛbu aman atɛn.+

O Yehowa, sɛdeɛ me tenenee teɛ

Ne sɛdeɛ m’abrabɔ di mu no, hwɛ ho bu me atɛn.+

 9 Mesrɛ wo, ma nnebɔneyɛfoɔ bɔne to ntwa,

Na ma ɔteneneeni ase ntim,+

Ɛfiri sɛ woyɛ tenenee Nyankopɔn+ a wohwehwɛ akoma mu+ ne deɛ ɛwɔ nnipa mu.*+

10 Onyankopɔn ne me kyɛm;+ ɔno na ɔgye akomam teefoɔ.+

11 Onyankopɔn yɛ Ɔtemmufoɔ a ɔtene,+

Na da biara Onyankopɔn ka n’atemmusɛm.*

12 Sɛ obi ansakra a,+ Onyankopɔn se ne sekan ano,+

Ɔkoa n’agyan mu, na ɔsiesie twɛn.+

13 Ɔsiesie n’akodeɛ a ɛdi awuo;

N’agyan a gyaframa wɔ ano no, ɔyɛ no krado.+

14 Hwɛ! Obi nyem bɔne;

Ɔnyinsɛn ɔhaw, na ɔwo nkontompo.+

15 Ɔbɔ amena, na ɔtu ma no kɔ fam;

Nanso ɛbɔn a watu no, ɔno ara na ɔbɛtɔ mu.+

16 Ɔhaw a ɔkɔfa ba no, ɔno ara ne tiri so na ɛbɛba;+

N’awudisɛm no, n’apampam na ɛbɛba.

17 Mɛyi Yehowa ayɛ, n’atɛntenenee nti;+

Mɛto ayeyi nnwom* ama Ɔsorosoroni Yehowa din.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; Gitit* so. Dawid dwom.

8 O yɛn Awurade Yehowa, hwɛ sɛdeɛ wo din yɛ kɛse wɔ asaase nyinaa so,

Woama w’animuonyam atra ɔsoro mpo!*+

 2 Mmɔfra ne nkɔkoaa anom+ na woama ahoɔden afiri aba,

Ɛsiane wɔn a wɔtan wo nti;

Woama ɔtamfo ne ɔwerɛdifoɔ aka wɔn ano atom.

 3 Sɛ mehu ɔsoro nneɛma a woayɛ, wo nsateaa ano adwuma,

Bosome ne nsoromma a woasiesie no a,+

 4 Ɔdasani ne hwan a wokae no,

Na onipa ba ne hwan a wodwene ne ho?+

 5 Womaa no baa fam kakra senee abɔfoɔ,*

Na wode animuonyam ne anidie bɔɔ no abotire.

 6 Wode wo nsa ano adwuma ahyɛ ne nsa;+

Na wode biribiara agu ne nan ase:

 7 Nnwan ne anantwie nyinaa,

Ne wuram mmoa,+

 8 Ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa,

Biribiara a ɛnenam ɛpo mu; wode ne nyinaa ama no.

 9 O yɛn Awurade Yehowa, hwɛ sɛdeɛ wo din yɛ kɛse wɔ asaase nyinaa so!

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; Mut-laben* so. Dawid dwom.

א [Aleph]

9 O Yehowa, mede m’akoma nyinaa bɛyi wo ayɛ;

Mɛka w’anwanwadwuma nyinaa ho asɛm.+

 2 Mɛdi ahurisie na manya wo mu anigyeɛ;

O Ɔsorosoroni, mɛto ayeyi nnwom* ama wo din.+

ב [Beth]

 3 Sɛ m’atamfo dane wɔn ho dwane a,+

Wɔbɛsunti na wɔayera wɔ w’anim.

 4 Wodi m’asɛm ma me;

Wotena w’ahennwa so bu atɛntenenee.+

ג [Gimel]

 5 Woaka amanaman anim,+ na woasɛe nnebɔneyɛfoɔ.

Woapepa wɔn din afiri hɔ korakora.

 6 Ɔtamfo ahwe ase afebɔɔ;

Woaka wɔn nkuro agu,

Na wɔn din bɛyera koraa.+

ה [He]

 7 Yehowa deɛ, ɔte n’ahennwa so daa;+

Ɔde n’adwa atim hɔ pintinn, na ɔbɛbu atɛntenenee.+

 8 Ɔbɛbu asaase so nnipa atɛn wɔ tenenee mu;+

Ɔbɛbu atɛntenenee ama amanaman no.+

ו [Waw]

 9 Yehowa bɛyɛ dwankɔbea a ɛyɛ den* ama mmɔborɔwafoɔ;+

Ɔbɛyɛ ahohia berɛ mu dwankɔbea.+

10 Wɔn a wɔnim wo din no de wɔn ho bɛto wo so,+

Na wɔn a wɔhwehwɛ wo no, wo Yehowa, worennya wɔn da.+

ז [Zayin]

11 Monto ayeyi nnwom mma Yehowa a ɔte Sion no;

Monka ne nnwuma ho asɛm wɔ amanaman mu.+

12 Ɔbɛkae mmɔborɔwa na wabisa ne mogya afiri n’atamfo nsam;+

Ne werɛ remfi ne sufrɛ da.+

ח [Heth]

13 O Yehowa, hwɛ sɛdeɛ m’atamfo ma me ho hiahia me; hu me mmɔbɔ,

Wo a woma me so firi owuo apono ano no.+

14 Ɛno bɛma matumi aka w’ayeyie nnwuma wɔ Sion babaa apono ano,+

Na manya anigyeɛ wɔ wo nkwagyeɛ nnwuma mu.+

ט [Teth]

15 Amanaman no atɔ amena a wɔatu mu;

Asau a wɔde hintaeɛ no asɔ wɔn ankasa nan.+

16 Atɛn a Yehowa bu no ma nkurɔfoɔ hu no.+

Ɔdebɔneyɛfoɔ nsa ano adwuma na ɛsum no fidie.+

Higayon.* (Sela)

י [Yod]

17 Nnebɔneyɛfoɔ bɛdane wɔn ho de wɔn ani akyerɛ Adamena;*

Ɛhɔ na aman a wɔn werɛ afi Onyankopɔn no nyinaa bɛkɔ.

18 Onyankopɔn werɛ remfi ohiani,+

Na deɛ ahobrɛasefoɔ ani da so nso renyera da.+

כ [Kaph]

19 O Yehowa, sɔre! Mma onipa dasani nnni nkonim.

Ma wɔmmu amanaman no atɛn wɔ w’anim.+

20 O Yehowa, ma wɔmmɔ hu,+

Ma amanaman no nhu sɛ wɔyɛ nnipa ara kwa. (Sela)

ל [Lamed]

10 O Yehowa, adɛn nti na wogyina akyirikyiri?

Adɛn nti na ɛduru ahohia berɛ a, wode wo ho hinta?+

 2 Ɔdebɔneyɛfoɔ yɛ ahantan, enti ɔtaataa mmɔborɔwa;+

Nanso deɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, ɔno ara na ɛbɛsum no fidie ayi no.+

 3 Ɔdebɔneyɛfoɔ de ɔno ara* n’akɔnnɔ bɔne hoahoa ne ho,+

Na ɔhyira odufudepɛfoɔ;*

נ [Nun]

Ɔbu Yehowa animtia.

 4 Ɔdebɔneyɛfoɔ ahomasoɔ nti, ɔnhwehwɛ Onyankopɔn;

Ne tirim adwene nyinaa ne sɛ: “Onyankopɔn biara nni hɔ.”+

 5 N’akwan si no yie daa.+

Nanso w’atemmusɛm boro ne nteaseɛ so;+

Wɔn a wɔtan no nyinaa ho yɛ no sere.

 6 Ɔka no n’akomam sɛ: “Merenhinhim da;

Awoɔ ntoatoasoɔ kɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ ba mpo a,

Mmusuo remma me so da.”+

פ [Pe]

 7 Nnome, nkontompo ne ahunahuna ahyɛ n’anom ma.+

Mmusuo ne bɔne ayɛ ne kɛtrɛma so ma.+

8 Nkuraa-nkuraa na ɔtetɛ;

Ɔkɔhyɛ sum ase kum deɛ ne ho nni asɛm.+

ע [Ayin]

N’ani sa obi a ɔmpɛ ne ho asɛm.+

9 Ɔhinta te sɛ gyata a ɔtɛ ne hintabea.*+

Ɔretwɛn ato ahyɛ mmɔborɔwa so akye no.

Ɔtwetwe n’atena de kye mmɔborɔwa kɔ.+

10 Ɔma deɛ ɔmpɛ ne ho asɛm hwe ase;

Ɔmoa* deɛ ne ho nni asɛm.

11 Ɔka no n’akomam sɛ: “Onyankopɔn werɛ afi.+

Wayi n’ani ato nkyɛn.

Ɔnhu deɛ ɛrekɔ so.”+

ק [Qoph]

12 O Yehowa, sɔre.+ Onyankopɔn, ma wo nsa so ɛ.+

Mma wo werɛ mmfi mmɔborɔwa.+

13 Adɛn nti na ɔdebɔneyɛfoɔ bu Onyankopɔn animtia?

Ɔka no n’akomam sɛ: “Woremmu me atɛn.”

ר [Resh]

14 Nanso w’ani tua ɔhaw ne ateetee.

Wohunu, na woyɛ ho biribi.+

Wo na mmɔborɔwa ani da wo so.+

Agyanka boafoɔ ne wo.+

ש [Shin]

15 Bubu ɔdebɔneyɛfoɔ ne omumɔyɛfoɔ basa,+

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wohwehwɛ n’amumuyɛ a,

Worenhunu bio.

16 Yehowa yɛ Ɔhene daa daa.+

Amanaman no ayera afiri asaase so.+

ת [Taw]

17 O Yehowa, ahobrɛasefoɔ sufrɛ deɛ, wobɛtie.+

Wobɛsiesie wɔn akoma,+ na woayɛ aso ama wɔn.+

18 Wobɛdi agyanka ne ɔwerɛhoni asɛm ama wɔn,+

Na onipa dasani* anhunahuna wɔn bio.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom.

11 Yehowa ne me dwankɔbea.+

Enti ɛyɛ dɛn na moka kyerɛ me* sɛ:

“Dwane sɛ anomaa kɔ bepɔ so!

 2 Hwɛ sɛdeɛ nnebɔneyɛfoɔ akuntunu agyan mu,

Wɔde agyan dua no asi ahoma no so

Sɛ wɔrebɛto no sum mu akɔwɔ akomam teefoɔ.

 3 Berɛ a fapem no asɛe yi,

Ɛdeɛn na ɔteneneeni bɛtumi ayɛ?”

 4 Yehowa wɔ n’asɔrefie kronkron no mu.+

Yehowa ahennwa wɔ soro.+

N’ani tua biribiara, na n’ani na ɔde pɛɛpɛɛ nnipa mma mu.+

 5 Yehowa pɛɛpɛɛ ɔteneneeni ne ɔdebɔneyɛfoɔ mu;+

Ɔkyiri* obiara a n’ani gye awudisɛm ho.+

 6 Ɔbɛma mmusuo* atɔ agu nnebɔneyɛfoɔ so;

Kuruwa a ɛbɛyɛ wɔn kyɛfa ne egya ne sɔfe*+ ne mframa a emu yɛ hye.

 7 Yehowa tene,+ na ɔdɔ adetenenee.+

Teefoɔ na wɔbɛhu n’anim.*+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ sɛ wɔnto no Seminit* so. Dawid dwom.

12 O Yehowa, gye me, na nokorɛdifoɔ asa;

Anokwafoɔ ayera wɔ nnipa mu.

 2 Nkontomposɛm na obiara keka kyerɛ ne yɔnko;

Wɔdɛfɛdɛfɛ nkurɔfoɔ,* na wɔdaadaa wɔn.*+

 3 Yehowa bɛtwa ano biara a ɛdɛfɛdɛfɛ nkurɔfoɔ

Ne kɛtrɛma a ɛhoahoa ne ho afiri hɔ;+

 4 Wɔn na wɔka sɛ: “Yɛde yɛn kɛtrɛma bɛdi nkonim.

Yɛde yɛn ano bɛka deɛ yɛpɛ biara;

Hwan na ɔbɛtumi adi yɛn so?”+

 5 “Mmɔborɔwa a wɔhyɛ ne so

Ne ohiani apinisie nti,+

Mɛsɔre akeka me ho,” Yehowa na ɔseɛ.

“Mɛgye wɔn afiri wɔn a wɔbu wɔn animtia no nsam.”

 6 Yehowa nsɛm ho te;+

Ɛte sɛ dwetɛ a wɔayiyi mu wɔ egya fononoo* mu, deɛ wɔapa mu mprɛ nson.

 7 O Yehowa, wobɛhwɛ wɔn so;+

Wobɛbɔ wɔn mu biara ho ban daa afiri awoɔ ntoatoasoɔ yi ho.

 8 Nnebɔneyɛfoɔ tumi kɔ baabiara a wɔpɛ,

Ɛfiri sɛ brabɔne na nnipa mma bɔ gye so.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom.

13 O Yehowa, wo werɛ bɛfi me akɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfi me afebɔɔ anaa?

Wode w’anim bɛhinta me akɔsi da bɛn?+

 2 Ɛnkɔsi da bɛn na dadwene bɛhyɛ me so*

Na awerɛhoɔ atena m’akomam da biara?

Ɛnkɔsi da bɛn na m’atamfo bɛdi me so nkonim?+

 3 O Yehowa me Nyankopɔn, hwɛ me, na tie me.

Ma m’ani nhu hann, na manwu,*

 4 Na me tamfo anka sɛ: “Madi ne so nkonim!”

Mma mennhwe ase mmma m’atamfo nnni ahurisie.+

 5 Me deɛ, wo dɔ a ɛnni hwammɔ na mede me ho ato so;+

M’akoma ani bɛgye wo nkwagyeɛ mu.+

 6 Mɛto dwom ama Yehowa ɛfiri sɛ ɔne me adi no yie.*+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom.

14 Onipa a ɔnni adwene* ka no n’akomam sɛ:

“Yehowa biara nni hɔ.”+

Wɔn suban asɛe koraa, na wɔyɛ akyiwadeɛ.

Wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ adepa.+

 2 Yehowa deɛ, ɔfiri soro hwɛ nnipa mma;

Ɔrehwɛ sɛ ɔbɛhu obi a ɔwɔ nhunumu anaa obi a ɔhwehwɛ Yehowa.+

 3 Wɔn nyinaa afom kwan;+

Wɔn nyinaa aporɔ.

Obiara nni hɔ a ɔyɛ adepa,

Baako mpo nni hɔ.

 4 Nnebɔneyɛfoɔ no mu biara nni hɔ a ɔwɔ nteaseɛ anaa?

Wɔmemene me man sɛdeɛ wɔanya paanoo redie.

Wɔmmɔ Yehowa mpaeɛ.

 5 Ehu kɛseɛ bɛka wɔn,+

Ɛfiri sɛ Yehowa ka ateneneefoɔ badwa* ho.

 6 Mo, abɔnefoɔ, mode asi mo ani so sɛ mobɛsɛe mmɔborɔwa nhyehyɛeɛ,

Nanso Yehowa ne ne dwankɔbea.+

 7 Sɛ Israel nkwagyeɛ bɛfiri Sion aba,+

Na sɛ Yehowa bɛsan aboaboa ne nkurɔfoɔ a wɔakɔdi obi man so no ano aba a,

Ɛnneɛ ma Yakob ani nnye na Israel nni ahurisie.

Dawid dwom.

15 O Yehowa, hwan na ɔbɛsoɛ wo ntomadan mu?

Hwan na ɔbɛtena wo bepɔ kronkron no so?+

 2 Deɛ ne ho nni asɛm,*+

Ɔyɛ adetenenee,+

Na ɔka nokorɛ wɔ n’akoma mu.+

 3 Ɔmfa ne kɛtrɛma nkeka nkurɔfoɔ ho nsɛmmɔne,+

Ɔnyɛ ne mfɛfoɔ bɔne biara,+

Na ne nnamfo nso, ɔnsɛe wɔn din.*+

 4 Ɔne ahuhufoɔ nnante,+

Na ɔdi wɔn a wɔsuro Yehowa no ni.

Sɛ ɔhyɛ bɔ* na ɛtia no mpo a, ɔnsesa n’ano.+

 5 Ɔde ne sika bɔ bosea a, ɔnnye nsiho,+

Na ɔnnye deɛ ne ho nni asɛm nkyɛn adanmudeɛ.*+

Onipa a ɔte saa no renhinhim da biara da.+

Dawid miktam.*

16 Onyankopɔn, bɔ me ho ban, ɛfiri sɛ mede wo ayɛ me dwankɔbea.+

 2 Maka akyerɛ Yehowa sɛ: “Wone Yehowa; adepa biara a menya no, wo nkyɛn na ɛfire.

 3 Akronkronfoɔ a wɔwɔ asaase so no,

M’ani gye saa animuonyamfoɔ no ho paa.”+

 4 Wɔn a wɔdi anyame foforɔ akyi no, wɔn yeadie dɔɔso.+

Mogya a wɔde yɛ afɔrebɔ nsã no, merenhwie bi da,

Na meremmɔ wɔn din nso.+

 5 Yehowa ne me kyɛfa a wɔasusu ama me,+ ne me kuruwa.+

Wo na wobɔ m’agyapadeɛ ho ban.

 6 Wɔatwa deɛ ɛhɔ yɛ ama me.

M’ani sɔ m’agyapadeɛ sɛ.+

 7 Mɛyi Yehowa ayɛ; ɔno na wama me afotuo.+

Anadwo, me tirim adwene* tene me so.+

 8 Mede Yehowa asi m’anim daa.+

Ɔwɔ me nsa nifa, enti merenhinhim da biara da.+

 9 Ɛno nti m’akoma ne me nipadua nyinaa* di ahurisie.

Na mete hɔ* dwoodwoo.

10 Na worennya me* wɔ Adamena* mu.+

Woremma deɛ ɔdi nokorɛ ma wo no nka* amena mu.*+

11 Woma mehu nkwa kwan.+

Ahurisidie kɛseɛ wɔ w’anim;

Anigyeɛ wɔ wo nifa so daa.+

Dawid mpaebɔ.

17 O Yehowa, tie m’adesrɛ na bu atɛntenenee ma me;

Wɛn w’aso tie me sufrɛ;

Yɛ aso ma me mpaebɔ a ɛfiri m’akoma mu.+

 2 Bu atɛntenenee ma me;+

Ma w’ani nhwɛ deɛ ɛtene.

 3 Wopɛɛpɛɛ m’akomam, na wohwehwɛ me mu anadwo;+

Woyiyi me mu;+

Berɛ biara a wobɛyɛ saa no, wobɛhu sɛ memmɔɔ pɔ bɔne biara,

Na memfaa m’ano nkaa asɛmmɔne.

 4 Yɛka nnipa nneyɛɛ ho asɛm a,

W’anom asɛm nti matwe me ho afiri akorɔmfoɔ kwan ho.+

 5 Mma m’anammɔn mmfiri w’akwan so

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me nan renwatiri.+

 6 O Onyankopɔn, mesu frɛ wo, ɛfiri sɛ wobɛgye me so.+

Yɛ aso ma* me. Tie m’asɛm.+

 7 O Ɔgyefoɔ, wo na wogye wɔn a wɔde wo nsa nifa yɛ dwankɔbea

Firi wɔn a wɔte atua tia wo no nsam.

Yɛ anwanwadwuma fa kyerɛ sɛ wo dɔ nni hwammɔ.+

 8 Bɔ me ho ban sɛ w’ani kosua,+

Na fa me hinta wo ntaban* ase.+

 9 Nnebɔneyɛfoɔ a wɔto hyɛ me so no, bɔ me ho ban firi wɔn ho.

M’atamfo a wɔpɛ me wuo* nso, gye me firi wɔn nsam.+

10 Wɔn akoma apirim;*

Wɔkasa ahantan so;

11 Wɔaka yɛn ahyem;+

Deɛ wɔpɛ ara ne sɛ wɔbɛnya yɛn ayi yɛn ahwe fam.*

12 Wɔn mu biara te sɛ gyata a ɔrepɛ nam ateteɛ,

Gyata a ɔtetɛ baabi.

13 O Yehowa, sɔre kɔ n’anim+ kɔdi ne so nkonim;

Fa wo sekan gye me* firi ɔdebɔneyɛfoɔ nsam,

14 O Yehowa, fa wo nsa gye me;

Wiase* mu nnipa a asetena yi mu na wɔn kyɛfa wɔ no,+ gye me firi wɔn nsam.

Wɔn na wɔnya nneɛma pa a ɛfiri wo nkyɛn ma no so wɔn,+

Na wɔde agyapadeɛ gya wɔn mma a wɔdɔɔso.

15 Me deɛ, tenenee mu na mɛhwɛ w’anim;

Sɛ menyane na mehu wo a, m’akoma tɔ me yam.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Yehowa akoa Dawid dwom; ɛda a Yehowa gyee no firii Saul ne n’atamfo nyinaa nsam no, saa da no na ɔkaa dwom yi mu nsɛm kyerɛɛ Yehowa. Ɔkaa sɛ:+

18 O Yehowa, wone m’ahoɔden,+ na medɔ wo.

 2 Yehowa ne me botan, m’abandenden, ne me Gyefoɔ.+

Me Nyankopɔn yɛ me botan.+ Ɔno ne me dwankɔbea,

Me kyɛm ne me nkwagyeɛ* abɛn,* me hintabea.*+

 3 Yehowa fata ayeyie paa, na ɔno na mesu frɛ no;

Ɔbɛgye me afiri m’atamfo nsam.+

 4 Owuo nhoma bɛkyekyeree me;+

Ahuhufoɔ a wɔte sɛ nsuyire hunahunaa me.+

 5 Adamena* nhoma twaa me ho hyiaeɛ;

Owuo sum mfidie wɔ m’anim.+

 6 Mesu frɛɛ Yehowa wɔ m’ahohia mu;

Mesu frɛɛ me Nyankopɔn daa.

Ɔtee me nne wɔ n’asɔrefie hɔ,+

Na me sufrɛ no duruu n’asom.+

 7 Ɛnna asaase hinhimiiɛ, na ɛwosoeɛ;+

Mmepɔ fapem wosoeɛ,

Na n’abufuo nti, ɛwosoo biribiri.+

 8 Wisie firi ne hwene mu pueeɛ,

Na egya a ɛhye adeɛ firi n’anom bae;+

Nnyasramma firi ne mu dɛreeɛ.

 9 Ɔmaa ɔsoro kuntunuiɛ, na ɔsianeeɛ.+

Ná mununkum kusuu wɔ ne nan ase.+

10 Ɔtenaa kerubim so tu baeɛ.+

Ɔtenaa ɔbɔfoɔ ntaban* so too hoo baa fam.+

11 Afei ɔde esum twaa ne ho hyiae;+

Ɔde nsuo a amuna tumm ne mununkum kusuu+

Kataa ne so te sɛ apata.

12 Hann a ɛfiri n’anim nti,

Asukɔtweaa ne nnyasramma firi mununkum mu bae.

13 Ɛnna Yehowa firi soro boboom;+

Ɔsorosoroni no maa ne nne so,+

Na asukɔtweaa ne nnyasramma nso bae.

14 Ɔtotoo n’agyan, na ɛbɔɔ wɔn hweteeɛ;+

Ɔmaa n’anyinam pae guu wɔn so, na wɔn ani so tan wɔn.+

15 Nsuo ase daa adi;+

O Yehowa, asaase fapem yii ne ho adi,

W’animka ne wo hwene mu home* nti.+

16 Ɔtenee ne nsa firii soro;

Ɔsɔɔ me mu yii me firii nsuo a emu dɔ mu.+

17 Ɔgyee me firii me tamfo hoɔdenfoɔ nsam,+

Wɔn a wɔkyiri me na wɔn ho yɛ den sene me no.+

18 Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da,+

Nanso Yehowa twitwa gyee me.

19 Ɔde me kɔɔ baabi a bɔne biara renka me;*

Ɔpɛ m’asɛm nti, ɔgyee me.+

20 Me tenenee nti, Yehowa tua me ka;+

Me ho a ɛnni asɛm* nti, ɔma me akatua.+

21 Mafa Yehowa akwan so,

Na mennyaa me Nyankopɔn nkɔyɛɛ bɔne.

22 N’atemmusɛm nyinaa wɔ m’anim;

N’ahyɛdeɛ nso, meremmu no animtia.

23 Meremma asɛm mma me ho wɔ n’anim,+

Na mɛtwe me ho afiri bɔne ho.+

24 Me tenenee ne me ho a ɛnni asɛm nti,+

Ma Yehowa mma me akatua.+

25 Deɛ ɔyɛ ɔnokwafoɔ no, wo nso wobɛdi no nokorɛ;+

Ɔbarima a ne ho nni asɛm no, wobɛma no ahu sɛ wo ho nni asɛm;+

26 Deɛ ɔyɛ kronkron no, wo nso wobɛyɛ kronkron ama no,+

Na deɛ ɔyɛ ɔdaadaafoɔ no, wobɛkyerɛ no sɛ w’ani ate kyɛn no.+

27 Wotwitwa gye mmɔborɔwafoɔ;+

Na ahantanfoɔ* deɛ, wobrɛ wɔn ase.+

28 O Yehowa, wo na woma me kanea hyerɛn;

Me Nyankopɔn, wo na woma esum dane hann ma me.+

29 Woboa me ma meto hyɛ akorɔmfo-werɛmfoɔ dɔm so;+

Onyankopɔn tumi nti, metumi foro fasuo.+

30 Nokorɛ Nyankopɔn no kwan di mu;+

Yehowa asɛm nso, wɔasɔne so.+

Ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔde no ayɛ wɔn dwankɔbea nyinaa.+

31 Hwan na ɔyɛ Onyankopɔn ka Yehowa ho?+

Na hwan na ɔyɛ ɔbotan ka yɛn Nyankopɔn ho?+

32 Nokorɛ Nyankopɔn no na ɔde ahoɔden kata me ho,+

Na ɔbɛma me kwan adi mu.+

33 Ɔma me nan yɛ sɛ wansane deɛ,

Na ɔma megyina sorosoro.+

34 Ɔkyerɛ me nsa akodie;

Me basa tumi kuntunu kɔbere agyan mu.

35 Wode wo nkwagyeɛ kyɛm ma me,+

Wo nsa nifa na ekura me mu,*

Na w’ahobrɛaseɛ ma meyɛ kɛseɛ.+

36 Wotrɛ m’anammɔn kwan mu;

Me nan* renwatiri.+

37 Mɛti m’atamfo akɔto wɔn;

Merensan kɔsi sɛ mɛtɔre wɔn ase.

38 Mɛbubu wɔn na wɔrentumi nsɔre bio;+

Wɔbɛhwe ase me nan ase.

39 Wobɛma me ahoɔden a mede bɛdi ako;

Wobɛma m’atamfo ahwe ase me nan ase.+

40 Wobɛma m’atamfo adane wɔn ho adwane,*

Na wɔn a wɔkyiri me no, mɛsɛe wɔn.*+

41 Wɔsu hwehwɛ mmoa, nanso ɔgyefoɔ biara nni hɔ;

Wɔsu frɛ Yehowa mpo, nanso ɔmmua wɔn.

42 Mɛyam wɔn muhumuhu sɛ mfuturo a ɛnam mframa mu;

Mɛto wɔn agu sɛ abɔnten so atɛkyɛ.

43 Ɔman a wɔkasa tia me no, wobɛgye me afiri wɔn nsam.+

Wobɛma madi amanaman so.+

Ɔman a mennim wɔn no, wɔn na wɔbɛsom me.+

44 Atesɛm kɛkɛ bɛma wɔayɛ aso ama me;

Ahɔhoɔ bɛbrɛ wɔn ho ase ama me.+

45 Ahɔhoɔ bɛpa aba;*

Wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn hintabea apue.

46 Yehowa te ase! Ayeyie nka me Botan no!+

Me nkwagyeɛ Nyankopɔn no, ma yɛnkamfo no.+

47 Nokorɛ Nyankopɔn no na ɔtua m’atamfo so ka ma me;+

Ɔka aman gu me nan ase.

48 Ɔgye me firi m’atamfo a wɔn bo afu nsam;

Woma me so, na wɔn a wɔto hyɛ me so no annya me;+

Wogye me firi wudini nsam.

49 O Yehowa, ɛno nti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu,+

Na mɛto ayeyi nnwom* ama wo din.+

50 Nkwagyeɛ nnwuma akɛseɛ na ɔyɛ* ma ne hene,+

Ɔda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ deɛ wasra no no,+

Dawid ne n’aseni* daa.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom.

19 Ɔsoro pae mu ka Onyankopɔn animuonyam;+

Ewiem nneɛma bɔ ne nsa ano adwuma dawuro.+

 2 Adekyeeɛ biara, wɔkasa,

Na anadwo biara, wɔma yɛnya nimdeɛ.

 3 Wɔmmue wɔn ano, wɔnte wɔn anom kasa,

Na wɔnte wɔn nne nso.

 4 Nanso yɛte wɔn nka wɔ* wiase nyinaa,

Na wɔn nsɛm duru asaase ano baabiara.+

Onyankopɔn asi ntomadan ama awia wɔ ɔsoro;

 5 Ɛte sɛ ayeforɔkunu a ɔfiri n’ayeforɔ dan mu repue;

Ɛdi ahurisie te sɛ ɔhoɔdenfoɔ a ɔretu mmirika.

 6 Ɔhyɛ n’akwantuo ase wɔ ɔsoro ano,

Na ɔkɔwie wɔ ɛfã nohoa;+

Ɛhyeɛ a ɛfiri mu ba deɛ, baabiara nni hɔ a ɛntumi nnuru.

 7 Yehowa mmara di mu,+ na ɛma ahoɔden foforɔ.*+

Yehowa nkaesɛm nni hwammɔ,+ ɛma deɛ ɔnni nimdeɛ hunu nyansa.+

 8 Yehowa ahyɛdeɛ tene, na ɛma akoma di ahurisie;+

Yehowa mmara nsɛm ho te, na ɛbue nnipa ani.+

 9 Yehowa suro+ ho te, na ɛwɔ hɔ daa.

Yehowa atemmusɛm yɛ nokorɛ; ne nyinaa tene.+

10 Ɛyɛ akɔnnɔ sene sika kɔkɔɔ;

Ɛsene sika kɔkɔɔ amapa* mpo.+

Ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ,+ ɛwoɔ a ɛsosɔ firi ɛwoɔkyɛm mu.

11 Ɛno na ɛbɔ w’akoa kɔkɔ;+

Deɛ ɔdi so no nya akatua kɛseɛ.+

12 Hwan na ɔtumi hu ɔno ara ne mfomsoɔ?+

Bɔne a mayɛ a mennim no, fa kyɛ me.

13 Hwɛ w’akoa na manyɛ aniammɔnho;+

Mma no nnni me so.+

Ɛba saa a, me ho remma asɛm,+

Na mɛde me ho afiri anidaho bɔne* ho.

14 O Yehowa, me Botan+ ne me Gyefoɔ,+

Ma m’anom nsɛm ne m’akomam nsusuiɛ nyɛ wo fɛ.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom.

20 Ma Yehowa ntie wo* ahohia da.

Ma Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban.+

 2 Ɔmfiri kronkronbea hɔ mmoa wo,+

Na ɔmfiri Sion mmɛsɔ wo mu.+

 3 Ma no nkae w’akyɛdeɛ afɔreɛ nyinaa,

Na n’ani nsɔ wo hyeɛ afɔreɛ.* (Sela)

 4 Ɔmma wo w’akoma so adeɛ,+

Na ɔmma deɛ woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ nyinaa mmra mu.

 5 Gye a woagye yɛn nti, yɛbɛdi ahurisie,+

Na yɛn Nyankopɔn din mu na yɛbɛmema yɛnfrankaa so.+

Ma Yehowa nyɛ w’abisadeɛ nyinaa mma wo.

 6 Mahunu ampa sɛ Yehowa gye deɛ wasra no no.+

Ɔfiri ne kronkronbea wɔ soro tie no;

Ɔde ne nsa nifa yɛ nnwuma* akɛseɛ de gye no.+

 7 Ebinom de wɔn werɛ hyɛ nteaseɛnam mu, ebinom nso de wɔn ho to apɔnkɔ so;+

Yɛn deɛ, yɛbɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn din frɛ no.+

 8 Wɔadi nkoguo na wɔahwehwe ase;

Yɛn deɛ, yɛasɔre agyina yɛn nan so bio.+

 9 O Yehowa, gye ɔhene!+

Da a yɛbɛsu afrɛ no no, ɔbɛgye yɛn so.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom.

21 O Yehowa, w’ahoɔden mu na ɔhene di ahurisie;+

Hwɛ sɛdeɛ ɔdi ahurisie kɛse wɔ wo nkwagyeɛ nnwuma mu!+

 2 Woama no n’akoma so adeɛ,+

Na n’abisadeɛ* nso, woamfa ankame no. (Sela)

 3 Wode nhyira pii hyia no;

Wode ahenkyɛ a wɔde sika kɔkɔɔ amapa* ayɛ ahyɛ no.+

 4 Ɔbisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no,+

Womaa no nkwa tenten, womaa no nkwa a ɛnni awieeɛ.

 5 Wo nkwagyeɛ nnwuma hyɛ no animuonyam kɛseɛ.+

Woma no nya anidie ne animuonyam.

 6 Woayɛ no obi a wɔahyira no daa;+

Woma n’ani gye, ɛfiri sɛ woka ne ho.+

 7 Ɔhene de ne ho ato Yehowa so;+

Ɔsorosoroni no dɔ a ɛnni hwammɔ nti, ɔrenhinhim da.+

 8 Wo nsa bɛka w’atamfo nyinaa;

Wo nsa nifa bɛsɔ wɔn a wɔtan wo no mu.

 9 Sɛ berɛ a wobɛba wɔn so no duru a, wobɛyɛ wɔn sɛ deɛ wɔato wɔn agu egya fononoo mu.

Yehowa abufuo mu na ɔbɛmene wɔn, na egya bɛhye wɔn.+

10 Wobɛtɔre wɔn mma ase afiri asaase so,

Na wobɛpepa wɔn asefoɔ afiri nnipa mma mu;

11 Ɛfiri sɛ wɔrepɛ wo adi wo bɔne;+

Wɔabɔ pɔ bɔne, nanso ɛremma mu.+

12 W’agyan* a wode akyerɛ wɔn so nti,

Wɔbɛdane wɔn ho adwane.+

13 O Yehowa, sɔre na kyerɛ wo tumi.

Yɛbɛto ayeyi nnwom,* yɛbɛto wo kɛseyɛ ho dwom.

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; ɛkwan a wɔfa so to no: “Adekyeeɛ Wansane.”* Dawid dwom.

22 Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me?+

Adɛn nti na wommɛgye me?

Adɛn nti na wontie me sufrɛ?+

 2 Me Nyankopɔn, mefrɛ wo adekyeeɛ, nanso

wommua me;+

Ɛduru anadwo nso a, menka m’ano ntom.

 3 Ne nyinaa mu no, woyɛ kronkron,+

Na Israel ayeyie atwa wo ho ahyia.*

 4 Wo na yɛn agyanom de wɔn ho too wo so;+

Wɔde wɔn ho too wo so, na wogyee wɔn.+

 5 Wo na wɔsu frɛɛ wo, na wogyee wɔn nkwa;

Wɔde wɔn ho too wo so, na wɔn nsa ansi fam.*+

 6 Nanso me deɛ, meyɛ sonsono, menyɛ onipa.

Nkurɔfoɔ dii me ho fɛ,* na aman buu me animtia.+

 7 Wɔn a wɔhu me nyinaa di me ho fɛ;+

Wɔtweetwee me woso wɔn ti+ ka sɛ:

 8 “Ɔde ne ho ato Yehowa so. Ma no nnye no ɛ!

Ma no nnye no nkwa, ɛfiri sɛ ne ho hia no!”+

 9 Wo na woyii me firii yafunu mu;+

Berɛ a metua me maame nufoɔ ano no, womaa m’akoma tɔɔ me yam.

10 Wɔwoo me ara pɛ na wɔde me hyɛɛ wo nsa;*

Wone me Nyankopɔn firi me maame yam.

11 Ntwe wo ho mfiri me ho, ɛfiri sɛ ahohia abɛn me,+

Na menni ɔboafoɔ foforɔ biara.+

12 Anantwinini bebree atwa me ho ahyia;+

Basan anantwinini a wɔn ho yɛ den atwa me ho kanko.+

13 Wɔbaabae wɔn anom kyerɛ me+

Te sɛ gyata a ɔrebobom na ɔretete nam mu.+

14 Wɔahwie me agu sɛ nsuo,

Na me nnompe nyinaa ahwinhwan.

M’akoma ayɛ sɛ ɛwoɔkyɛm;+

Anane wɔ me mu tɔnn.+

15 M’ahoɔden asa; mete sɛ ayowa sini,+

Me kɛtrɛma afam me dodom;+

Woretwe me akɔ owuo mu akɔhyɛ dɔteɛ mu.+

16 Nkraman atwa me ho ahyia;+

Wɔaka me ahyem sɛdeɛ nnebɔneyɛfoɔ asafodɔm yɛ.+

Wɔrekeka me nsa ne me nan te sɛ gyata.+

17 Metumi kan me nnompe nyinaa.+

Wɔtɛɛ wɔn anom hwɛ me hãã.

18 Wɔkyekyɛ me ntaadeɛ mu fa,

Na wɔbɔ m’ataadeɛ so ntonto.+

19 O Yehowa, wo deɛ, mma me ne wo ntam kwan nnware.+

Wone m’ahoɔden, enti yɛ ntɛm bɛboa me.+

20 Gye me* firi sekan ano;

Me nkwa* a ɛsom bo no, gye firi kraman nsam.+

21 Gye me firi gyata anom;+

Tie me na gye me firi ɛkoɔ* mmɛn mu.

22 Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom;+

Mɛyi wo ayɛ wɔ asafo no mu.+

23 Mo a mosuro Yehowa nyinaa, monyi no ayɛ!

Yakob asefoɔ,* mo nyinaa monhyɛ no animuonyam!+

Israel asefoɔ* nyinaa, mo ho mpopo n’anim.

24 Ɔno na wammu mmɔborɔwa animtia, na wammu n’ani angu n’amanehunu so;+

Wamfa n’anim anhinta no.+

Berɛ a ɔsu frɛɛ no no, ɔtieeɛ.+

25 Mɛyi wo ayɛ wɔ asafo kɛseɛ mu;+

Mɛtua me bɔhyɛ adeɛ wɔ wɔn a wɔsuro wo no anim.

26 Ahobrɛasefoɔ bɛdidi amee;+

Wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no bɛyi no ayɛ.+

Montena ase daa na mo ani nnye.*

27 Asaase ano nyinaa bɛkae, na wɔadane aba Yehowa nkyɛn.

Amanaman mmusuakuo nyinaa bɛkoto w’anim.+

28 Yehowa na ahennie wɔ no;+

Ɔno na ɔdi amanaman no so hene.

29 Asaase so asikafoɔ* nyinaa bɛdidi na wɔakoto;

Wɔn a wɔkɔ dɔteɛ mu nyinaa bɛkoto n’anim;

Wɔn mu biara rentumi nkora ne nkwa* so.

30 Wɔn asefoɔ* bɛsom no;

Wɔbɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba.

31 Wɔbɛba abɛka ne tenenee ho asɛm.

Wɔbɛka deɛ wayɛ akyerɛ nkyirimma.

Dawid dwom.

23 Yehowa ne me Hwɛfoɔ.*+

Hwee renhia me.+

 2 Ɔma meda adidibea a ɛhɔ wura yɛ frɔmfrɔm.

Ɔde me kɔ homebea a nsuo pii wɔ.*+

 3 Ɔma me ho dwo me.*+

Ne din nti ɔde me fa ɛkwantenenee so.+

 4 Sɛ menam ɛbɔn a emu yɛ sum kabii+ mu mpo a,

Mensuro bɔne biara,+

Ɛfiri sɛ woka me ho;+

W’abaa ne wo poma na ɛkyekye me werɛ.

 5 Woto me pono wɔ m’atamfo anim.+

Wode ngo sra me tirim ma me ho tɔ me;+

Me kuruwa yɛ ma bu so.+

 6 Anokwa, papayɛ ne ɔdɔ a ɛnni hwammɔ bɛdi m’akyi me nkwa nna nyinaa;+

Na mɛtena Yehowa fie me nkwa nna nyinaa.+

Dawid dwom.

24 Asaase ne ɛso nneɛma nyinaa yɛ Yehowa dea.+

Asaase a ɛma nnɔbaeɛ ne wɔn a wɔtete so nyinaa yɛ ne dea.

 2 Ɔde atim ɛpo so,+

Na ɔde atim nsubɔnten so.

 3 Hwan na ɔbɛtumi aforo akɔ Yehowa bepɔ so,+

Na hwan na ɔbɛtumi agyina ne kronkronbea hɔ?

 4 Deɛ ne ho nni asɛm,* na n’akoma mu te,+

Deɛ ɔmfaa Onyankopɔn din* nkaa ntam a ɛyɛ atorɔ,

Anaa deɛ ɔnkaa ntam a ɛyɛ nkontompo.+

 5 Ɔbɛnya Yehowa hɔ nhyira,+

Na ne nkwagyeɛ Nyankopɔn no bɛbu no ɔteneneeni.+

 6 Weinom ne wɔn a wɔhwehwɛ no no asefoɔ,

Wɔn a wɔhwehwɛ w’anim adom no, O Yakob Nyankopɔn. (Sela)

 7 O apono, momma mo ti so;+

Tete apono, mommuebue*

Mma Ɔhene nimuonyamfoɔ no mfa mu!+

 8 Hwan ne Ɔhene nimuonyamfoɔ yi?

Ɔne Yehowa, ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ no,+

Ɔsabarima Yehowa.+

 9 O apono, momma mo ti so;+

Tete apono, mommuebue

Mma Ɔhene nimuonyamfoɔ no mfa mu!

10 Hwan ne Ɔhene nimuonyamfoɔ yi?

Asafo Yehowa; ɔno ne Ɔhene nimuonyamfoɔ no.+ (Sela)

Dawid dwom.

א [Aleph]

25 O Yehowa, wo na mede me werɛ ahyɛ wo mu.*

ב [Beth]

 2 Me Nyankopɔn, mede me ho ato wo so;+

Mma m’anim nngu ase.+

Mma m’atamfo nnni me ho ahurisie.+

ג [Gimel]

 3 Ampa, wɔn a wɔn ani da wo so no, wɔn mu biara ani renwu.+

Nanso nnipa* a wɔtwa wɔn yɔnko nkontompo kwa no, wɔn anim bɛgu ase.+

ד [Daleth]

 4 O Yehowa, ma menhu w’akwan;+

Kyerɛ me w’atempɔn.+

ה [He]

 5 Ma mennante wo nokorɛ mu na kyerɛkyerɛ me,+

Ɛfiri sɛ wone me nkwagyeɛ Nyankopɔn.

ו[Waw]

Wo na m’ani da wo so daa nyinaa.

ז [Zayin]

 6 O Yehowa, kae wo mmɔborɔhunu ne wo dɔ a ɛnni hwammɔ;+

Ɛfiri tete na woada no adi.+

ח [Heth]

 7 Nkae bɔne a meyɛɛ no me mmɔfraase ne me mmarato.

O Yehowa, wo papayɛ nti,+

Kae me sɛdeɛ wo dɔ a ɛnni hwammɔ no teɛ.+

ט [Teth]

 8 Yehowa yɛ, na ɔtene.+

Ɛno nti na ɔkyerɛkyerɛ abɔnefoɔ ɛkwan a wɔmfa so no.+

י[Yod]

 9 Ɔbɛma ahobrɛasefoɔ ahunu tenenee kwan,*+

Na wakyerɛkyerɛ ahobrɛasefoɔ ne kwan.+

כ [Kaph]

10 Ɔdɔ a ɛnni hwammɔ ne nokorɛdie na ɛwɔ Yehowa atempɔn so

Ma wɔn a wɔdi n’apam+ ne ne nkaesɛm so.+

ל [Lamed]

11 O Yehowa, me mfomsoɔ so,

Nanso wo din nti,+ fa kyɛ me.

מ [Mem]

12 Hwan na ɔsuro Yehowa Nyankopɔn?+

Onyankopɔn bɛkyerɛ no ɛkwan a ɔmfa so.+

נ [Nun]

13 Ne* nsa bɛka nneɛma pa,+

Na n’asefoɔ* bɛnya asaase no so atena.+

ס [Samekh]

14 Wɔn a wɔsuro Yehowa na wɔyɛ ne nnamfo paa,+

Na ɔma wɔhu n’apam.+

ע [Ayin]

15 M’ani da Yehowa so daa;+

Ɔno na ɔbɛyi me nan afiri asau mu.+

פ [Pe]

16 Twa w’ani bɛhwɛ me na dom me,

Ɛfiri sɛ mayɛ ankonam, na mayɛ mmɔbɔ.

צ [Tsade]

17 M’akoma mu ahohia adɔɔso;+

Gye me firi m’adwennwene mu.

ר [Resh]

18 Hwɛ m’amanehunu ne me haw,+

Na fa me bɔne nyinaa kyɛ me.+

19 Hwɛ sɛdeɛ m’atamfo adɔɔso;

Wɔkyiri me kɔkɔkɔkɔ, enti wɔrepɛ me adi me bɔne.

ש [Shin]

20 Hwɛ me nkwa* so na gye me.+

Mma m’anim nngu ase,

ɛfiri sɛ mede wo ayɛ me dwankɔbea.

ת [Taw]

21 Ma abrabɔ a ɛdi mu ne tenenee mmɔ me ho ban,+

Ɛfiri sɛ m’anidasoɔ ne wo.+

22 Onyankopɔn, gye Israel firi wɔn ahohia nyinaa mu.

Dawid dwom.

26 O Yehowa, bu me atɛn, ɛfiri sɛ m’abrabɔ di mu;+

Yehowa na mede me ho ato ne so, na mekura m’ahotɔsoɔ no mu dendeenden.+

 2 O Yehowa, hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ;

Siesie me tirim adwene* ne m’akoma.+

 3 Medwene wo dɔ a ɛnni hwammɔ no ho berɛ nyinaa,

Na menante wo nokorɛ kwan so.+

 4 Me ne nkontompofoɔ mmɔ,*+

Na metwe me ho firi nyaatwomfoɔ ho.*

 5 Mekyiri abɔnefoɔ fekuo,+

Na me ne nnebɔneyɛfoɔ mmɔ.*+

 6 Mɛhohoro me nsa de akyerɛ sɛ medi bem.

O Yehowa, mɛtwa w’afɔrebukyia ho ahyia,

 7 Na mama nkurɔfoɔ ate m’aseda,+

Na maka w’anwanwadwuma nyinaa ho asɛm.

 8 Yehowa, efie a wote mu no, m’akoma da so;+

Baabi a w’animuonyam te no.+

 9 Mpra me* nka abɔnefoɔ ho nkɔ,+

Na mfa me mfra awudifoɔ* nkum me.

10 Wɔn na wɔde wɔn nsa yɛ aniwudeɛ

Na adanmudeɛ* ayɛ wɔn nsa nifa ma.

11 Me deɛ, mɛkɔ so ama m’abrabɔ adi mu.

Gye me, na dom me.

12 Me nan gyina baabi a ɛhɔ da fam;+

Asafo kɛseɛ mu* na mɛyi Yehowa ayɛ.+

Dawid dwom.

27 Yehowa ne me hann+ ne me nkwagyeɛ.

Hwan na ɛsɛ sɛ mesuro no?+

Yehowa ne abandenden a me nkwa hyɛ ne nsa.+

Hwan na ɛsɛ sɛ me ho popo n’anim?

 2 Berɛ a nnebɔneyɛfoɔ baa me so sɛ wɔrebɛkye me awe no,+

M’atamfo ne wɔn a wɔkyiri me no, wɔn na wɔsunti hwehwee ase.

 3 Sɛ dɔm bɛtwa me ho hyia a,

M’akoma rentu.+

Sɛ ɛko mpo na ɛbɛba a,

Mede me ho bɛto ne so.

 4 Adeɛ baako na mesrɛ Yehowa,

Na ɛno na mehwehwɛ akyire kwan;

Ɛne sɛ mɛtena Yehowa fie me nkwa nna nyinaa,+

Na mahwɛ Yehowa papayɛ,

Na mede anigyeɛ* ahwɛ n’asɔrefie.*+

 5 Ɔbɛkora me so wɔ ne hintabea ahohia da;+

Ɔde me bɛsie ahintaeɛ wɔ ne ntomadan mu;+

Ɔde me bɛgyina ɔbotan so wɔ sorosoro.+

 6 M’atamfo a wɔatwa me ho ahyia no, afei madi wɔn so nkonim;

Mede osebɔ bɛbɔ afɔreɛ wɔ ne ntomadan mu;

Mɛto ayeyi nnwom* ama Yehowa.

 7 O Yehowa, mesu frɛ wo a tie me;+

Hu me mmɔbɔ na gye me so.+

 8 Meka w’asɛm yi wɔ m’akoma mu sɛ:

“Monhwehwɛ m’anim adom.”

O Yehowa, mɛhwehwɛ w’anim adom.+

 9 Mfa w’ani nhinta me.+

Mfa abufuo mpamo w’akoa.

Wone me boafoɔ;+

O me nkwagyeɛ Nyankopɔn, nto me ntwene, na nnya me.

10 Sɛ me ara me papa ne me maame mpo po me a,+

Yehowa bɛgye me.+

11 O Yehowa, kyerɛkyerɛ me wɔ wo kwan so,+

M’atamfo nti, kyerɛ me ɛkwantenenee.

12 Mfa me nhyɛ m’atamfo* nsa;+

Wɔdi adanseɛ tia me,+

Na wɔrepɛ me adi me bɔne.

13 Sɛ mannya gyidie sɛ mɛhu Yehowa papayɛ wɔ ateasefoɔ asaase so a,

Anka mewɔ he?*+

14 Fa w’ani to Yehowa so;+

Nya akokoɔduro na ma wo bo nyɛ duru.+

Yehowa so na fa w’ani to.

Dawid dwom.

28 O Yehowa me Botan,+ wo na mefrɛ wo daa.

Nsisi w’aso, m’adesrɛ ho.

Sɛ woyɛ komm wɔ me ho a,

Mɛyɛ sɛ wɔn a wɔrekɔ amena* mu no.+

 2 Mesu frɛ wo a, tie me,

Sɛ mede m’ani kyerɛ wo tenabea kronkron no pia mu pia no na mema me nsa so kyerɛ wo a, tie me.+

 3 Nkan me mfra nnebɔneyɛfoɔ, wɔn a wɔdi amumuyɛsɛm no.+

Wɔde wɔn ano ka asomdwoeɛsɛm kyerɛ wɔn yɔnko nnipa, nanso bɔne na ɛwɔ wɔn akomam.+

 4 Tua wɔn ka sɛdeɛ wɔn suban teɛ,+

Sɛdeɛ wɔn nnwuma bɔne teɛ.

Tua wɔn ka sɛdeɛ wɔn nsa ano adwuma teɛ,

Sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ teɛ,+

 5 Ɛfiri sɛ wɔmma Yehowa nnwuma nhia wɔn,+

Na ne nsa ano adwuma nso, wɔmmu.+

Ɔbɛdwiri wɔn agu, na ɔremma wɔn so nsi hɔ.

 6 Ayeyie nka Yehowa,

Ɛfiri sɛ watie me sufrɛ.

 7 Yehowa ne m’ahoɔden+ ne me kyɛm.+

Ɔno na mede m’akoma to ne so;+

Waboa me, na m’akoma di ahurisie,

Enti mɛto dwom ayi no ayɛ.

 8 Yehowa yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ,

Ɔyɛ abandenden a ɔde nkwagyeɛ kɛseɛ brɛ deɛ wasra no no.+

 9 Gye wo nkurɔfoɔ, na hyira w’agyapadeɛ;+

Hwɛ wɔn so,* na soa wɔn wɔ wo kokom daa.+

Dawid dwom.

29 Akatakyie mma, momfa Yehowa anidie mma no;

Yehowa animuonyam ne n’ahoɔden nti, momfa anidie mma no.+

 2 Momfa animuonyam a ɛfata Yehowa din mma no;

Monhyɛ ntaade kronkron mfa nkoto* Yehowa.*

 3 Yɛte Yehowa nne firi nsuo so;

Animuonyam Nyankopɔn no nne bobom sɛ aprannaa.+

Yehowa di nsuo pii so.+

 4 Ahoɔden wɔ Yehowa nne mu;+

Yehowa nne wɔ animuonyam.

 5 Yehowa nne bubu sida nnua;

Ampa, Yehowa bubu sida a ɛfiri Lebanon mu asinasini.+

 6 Ɔma Lebanon* hurihuri sɛ nantwie ba,

Na ɔma Sirion+ hurihuri sɛ ɛkoɔ* ba.

 7 Yehowa nne pa gyaframa;+

 8 Yehowa nne ma serɛ so asaase woso,+

Yehowa ma Kades+ serɛ so asaase woso.

 9 Yehowa nne ma awoɔ ka wansane mpofirim ma no wo;

Ɛma kwaeɛ mu nnua yɛ pasaa.+

Na obiara ka wɔ n’asɔrefie hɔ sɛ: “Animuonyam nka no!”

10 Yehowa te nsuo a ɛyiri* so;+

Yehowa bɛyɛ Ɔhene wɔ hɔ daa.+

11 Yehowa bɛma ne nkurɔfoɔ ahoɔden.+

Yehowa de asomdwoeɛ bɛhyira ne nkurɔfoɔ.+

Ayeyi dwom. Dwom a wɔde hyiraa ɛdan no so. Dawid dwom.

30 O Yehowa, mɛkamfo wo, ɛfiri sɛ woama me so;*

Woamma m’atamfo anni me ho ahurisie.+

 2 O Yehowa me Nyankopɔn, mesu frɛɛ wo, na wosaa me yareɛ.+

 3 O Yehowa, woayi me* afiri Adamena* mu;+

Woama matena nkwa mu; woamma mankɔtɔ amena* mu.+

 4 Yehowa anokwafoɔ nyinaa, monto ayeyi nnwom* mma no,+

Monyi ne din* kronkron no ayɛ,+

 5 Ɛfiri sɛ n’abufuo nkyɛ wɔ onipa so,+

Na n’adom deɛ, ɛtena hɔ afebɔɔ.+

Sɛ onipa su anwummerɛ mpo a, anɔpa ɔbɛdi ahurisie.+

 6 Berɛ a nneɛma rekɔ yie no, mekaa sɛ:

“Merenhinhim ara da.”

 7 O Yehowa, berɛ a meda w’akoma so* no, womaa metimii sɛ bepɔ.+

Nanso berɛ a wode w’anim hintaeɛ no, mebɔɔ hu.+

 8 O Yehowa, wo na daa na mefrɛ wo;+

Yehowa na mekoto srɛɛ no daa sɛ ɔmmoa me.

 9 Sɛ mekɔ amena* mu a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ me wuo* so?+

Dɔteɛ bɛtumi ayi wo ayɛ?+ Ɛbɛtumi aka wo nokorɛdie akyerɛ nkurɔfoɔ anaa?+

10 Yehowa, tie me ɛ, na dom me.+

O Yehowa, boa me.+

11 Woama m’awerɛhoɔ adane asa;

Woayi me ho awerɛhoɔ ntoma,* na wode ahurisie afira me;

12 Ɛno nti mɛto ayeyi nnwom ama wo, na merenyɛ komm.

O Yehowa me Nyankopɔn, mɛyi wo ayɛ daa.

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom.

31 O Yehowa, wo na mede wo ayɛ me dwankɔbea.+

Mma m’anim nngu ase da.+

Wo tenenee nti gye me.+

 2 Yɛ aso ma* me.

Yɛ ntɛm bɛgye me.+

Bɛyɛ sɛ abandenden a ɛwɔ botan mu ma me,

Na yɛ sɛ dwankɔbea a ɛhɔ yɛ den, na gye me.+

 3 Wone me botan ne m’abandenden,+

Na wo din nti,+ wobɛdi m’anim na woakyerɛ me kwan.+

 4 Sɛ wɔsum me fidie a, wobɛgye me na anyi me,*+

Ɛfiri sɛ wone me dwankɔbea.+

 5 Wo nsam na mede me honhom hyɛ.+

O Yehowa, nokorɛ Nyankopɔn,* woagye me.+

 6 Wɔn a wɔdi abosonhuhuo a mfasoɔ biara nni so akyi no, mekyiri wɔn;

Me deɛ, Yehowa na mede me ho ato ne so.

 7 Wo dɔ a ɛnni hwammɔ nti, mɛdi ahurisie kɛse,

Ɛfiri sɛ woahu m’amanehunu,+

Na wonim m’ahohia* bebrebe no.

 8 Woamfa me anhyɛ atamfo nsa.

Mmom woama magyina baabi a bɔne biara renka me.*

 9 O Yehowa, dom me, na me ho hiahia me.

Awerɛhoɔ ama m’ani resɛe,+ na aka me nipadua nyinaa.*+

10 Awerɛhoɔ ahyɛ m’asetena ma,+

Na me nkwa nna nyinaa mesi apini.+

Me mfomsoɔ nti m’ahoɔden so rete,

Na me nnompe mu ayɛ mmerɛ.+

11 M’atamfo nyinaa di me ho fɛ,+

Titire wɔn a wɔte bɛn me;

M’amannifoɔ suro me.

Wɔhu me wɔ abɔnten a, na wɔredwane.+

12 Wɔayi me adi wɔ wɔn akoma mu te sɛ obi a wawuo; wɔnkae me bio.

Mayɛ sɛ ahina a abɔ.

13 Mate nsɛmmɔne pii a wɔkeka fa me ho no;

Nneɛma a ɛyɛ hu atwa me ho ahyia.+

Sɛ wɔka wɔn tiri bom na wɔfa me ho adwene a,

Wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛyi me afiri hɔ.*+

14 Nanso me deɛ, mede me ho ato wo so, O Yehowa.+

Mɛka sɛ: “Wone me Nyankopɔn.”+

15 Me nkwa nna hyɛ wo nsa.

Gye me firi m’atamfo ne wɔn a wɔtaa me no nsam.+

16 Te w’anim ma w’akoa.+

Wo dɔ a ɛnni hwammɔ nti, gye me.

17 O Yehowa, sɛ mesu frɛ wo a, mma m’anim nngu ase.+

Ma nnebɔneyɛfoɔ ani nwu;+

Ma wɔnka wɔn ano ntom wɔ Adamena* mu.+

18 Ma atorofoɔ nka wɔn ano ntom;+

Wɔn na wɔde ahantan ne ahomasoɔ keka ateneneefoɔ ho nsɛm de gu wɔn anim ase.

19 Wo papayɛ dɔɔso sɛ!+

Wode asie ama wɔn a wɔsuro wo no,+

Na wɔn a wɔde wo yɛ dwankɔbea no, woda no adi kyerɛ wɔn wɔ nnipa nyinaa anim.+

20 Wobɛkora wɔn so w’anim wɔ wo hintabea+

Na nnipa a abɔ wɔn ho pɔ no annya wɔn.

Wode wɔn bɛsie wo ntomadan mu

Afiri adapaatwa* ho.+

21 Ayeyie nka Yehowa,

Ɛfiri sɛ wada ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ me paa+ wɔ kuro a atamfo atwa ho ahyia mu.+

22 Me deɛ, ehu kaa me na mekaa sɛ:

“Mɛyera afiri w’anim.”+

Nanso, mesu frɛɛ wo, na wotiee me sufrɛ.+

23 Mo a modi Yehowa nokorɛ nyinaa, monnɔ no!+

Yehowa bɔ anokwafoɔ ho ban,+

Na ahantanfoɔ deɛ, ɔtua wɔn ka ma no boro so.+

24 Mo a moretwɛn Yehowa nyinaa,+

Monnya akokoɔduro na mo bo nyɛ duru.+

Dawid dwom. Maskil.*

32 Anigyeɛ ne onipa a wɔde ne mmarato akyɛ no na wɔakata ne bɔne so.*+

 2 Anigyeɛ ne onipa a Yehowa mmu ne mfomsoɔ ngu ne so,+

Na nnaadaa nni n’akoma mu.

 3 Berɛ a memuaa m’ano no, ɛmaa mesii apini daa nyinaa, na me nnompe mu gogoeɛ.+

 4 Wo nsa* yɛɛ duru wɔ me so adekyeeɛ ne adesaeɛ.+

Me mu nsuo nyinaa twee sɛdeɛ ɛhyew ma nsuo we wɔ ɔpɛ berɛ mu no. (Sela)

 5 Afei mekaa me bɔne kyerɛɛ wo;

Mankata me mfomsoɔ so.+

Mekaa sɛ: “Mɛka me mmarato akyerɛ Yehowa.”+

Na wo nso wode me bɔne ne me mfomsoɔ kyɛɛ me.+ (Sela)

 6 Ɛno nti na ɔnokwafoɔ biara bɛbɔ wo mpaeɛ+

Berɛ a hokwan da so wɔ hɔ sɛ ɔba w’anim no.+

Na nsuo yiri mpo a, ɛrenka no da.

 7 Wone me hintabea;

Wobɛkora me so na mankɔ ahohia mu.+

Na wode ahurisie na ɛbɛtwa me ho ahyia ɛfiri sɛ mahunu nkwagyeɛ.+ (Sela)

 8 Wokaa sɛ: “Mɛma woanya nhunumu na makyerɛ wo ɛkwan a fa so.+

M’ani bɛba wo so, na matu wo fo.+

 9 Monnyɛ mo ho sɛ apɔnkɔ anaa mfunumupɔnkɔ a wɔnnim nyansa;+

Nnareka anaa ahoma na wɔde twe wɔn

Ansa na wɔabrɛ wɔn ho ase aba mo nkyɛn.”

10 Ɔdebɔneyɛfoɔ yea dɔɔso,

Nanso deɛ ɔde ne ho to Yehowa so no, ne dɔ a ɛnni hwammɔ twa ne ho hyia.+

11 Ateneneefoɔ, monni ahurisie wɔ Yehowa mu, na momma mo ani nnye;

Akomam teefoɔ nyinaa, monto ahurisi dwom.

33 Ateneneefoɔ, Yehowa nti monni ahurisie.+

Ɛfata sɛ teefoɔ yi no ayɛ.

 2 Momfa sankuten nna Yehowa ase;

Momfa sankuo a ɛso nhoma yɛ du nto ayeyi nnwom* mma no.

 3 Monto dwom foforɔ mma no;+

Monyere mo ho mmɔ sankuo ma no nyɛ dɛ na mommɔ ose nka ho,

 4 Ɛfiri sɛ Yehowa asɛm di mu,+

Na sɛdeɛ ɔyɛ ne nnwuma nyinaa kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafoɔ.

 5 Ɔdɔ tenenee ne atɛntenenee.+

Yehowa dɔ a ɛnni hwammɔ ahyɛ asaase so ma.+

 6 Yehowa de n’anom asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro,+

Na honhom* a ɛfiri n’anom na ɔde yɛɛ emu biribiara.*

 7 Ɔno na ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano te sɛ deɛ wagye ho ban,+

Na ɔma nsuo a ɛrebu fa so kɔgu akoraeɛ.

 8 Momma asaase nyinaa nsuro Yehowa.+

Momma nnipa a wɔwɔ wiase ho mpopo n’anim.

 9 Ɔno na ɔkaeɛ, na ɛbaa mu;+

Ɔno na ɔhyɛeɛ, na ɛyɛɛ hɔ.+

10 Amanaman no tu agyina a, Yehowa bɔ gu;+

Sɛ aman no fa adwene a, ɔma no yɛ kwa.+

11 Yehowa apɛdeɛ* deɛ, ɛbɛgyina daa;+

N’akomam nsusuiɛ wɔ hɔ firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.

12 Anigyeɛ ne ɔman a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa;+

Nnipa a wayi wɔn sɛ n’agyapadeɛ.+

13 Yehowa firi soro hwɛ fam,

Na ɔhu nnipa mma nyinaa.+

14 Ɔte ne tenabea hɔ,

Na ɔhwɛ wɔn a wɔtete asaase so.

15 Ɔno na ɔnwene obiara akoma;

Ɔpɛɛpɛɛ wɔn nnwuma nyinaa mu.+

16 Ɔhene biara nni hɔ a asraafoɔ dodoɔ bɛtumi agye no nkwa;+

Ɔkatakyie nso, ɛnyɛ n’ahoɔden dodoɔ na ɛbɛgye no.+

17 Mfa wo ho nto pɔnkɔ so, ɛfiri sɛ ɔrentumi nnye wo nkwa.*+

Ahoɔden dodoɔ a pɔnkɔ wɔ no ntumi nnye onipa nkwa.

18 Hwɛ! Yehowa hwɛ wɔn a wɔsuro no no so;+

Wɔn a wɔtwɛn ne dɔ a ɛnni hwammɔ no, ɔhwɛ wɔn so,

19 Ɔpɛ sɛ ɔgye wɔn* firi owuo mu,

Na ɔgye wɔn nkwa wɔ ɛkɔm berɛ mu.+

20 Yɛn ani* da Yehowa so.

Ɔno ne yɛn boafoɔ ne yɛn kyɛm.+

21 Ne mu na yɛn akoma di ahurisie,

Ɛfiri sɛ yɛgye ne din kronkron no di.+

22 O Yehowa, ma wo dɔ a ɛnni hwammɔ ntena yɛn so,+

Na wo na yɛn ani da wo so.+

Dawid dwom. Ɔtoo dwom yi berɛ a ɔyɛɛ ne ho sɛ bɔdamfoɔ+ wɔ Abimelek anim na ɔpamoo no maa no kɔeɛ no.

א [Aleph]

34 Mɛyi Yehowa ayɛ berɛ nyinaa;

N’ayeyie rempa m’anom da.

ב [Beth]

 2 Mede Yehowa bɛhoahoa me ho;*+

Ahobrɛasefoɔ bɛte na wɔadi ahurisie.

ג [Gimel]

 3 Mo ne me mmom nkamfo Yehowa;+

Momma yɛmma ne din so.

ד [Daleth]

 4 Mede abisadeɛ too Yehowa anim, na ɔtiee me.+

Nneɛma a ɛbɔɔ me hu no, ɔgyee me firii ne nyinaa mu.+

ה [He]

 5 Nnipa a wɔde wɔn ani too ne so no ani gyeeɛ,

Na wɔn anim angu ase.

ז [Zayin]

 6 Mmɔborɔwa yi frɛeɛ, na Yehowa tiee no.

Ɔgyee no n’ahohia nyinaa mu.+

ח [Heth]

 7 Yehowa bɔfoɔ bɔ wɔn a wɔsuro no no ho ban,+

Na ɔgye wɔn.+

ט [Teth]

 8 Monka nhwɛ na monhu sɛ Yehowa yɛ;+

Anigyeɛ ne onipa a ɔde no yɛ ne dwankɔbea.

י [Yod]

 9 Yehowa akronkronfoɔ nyinaa, monsuro no,

Ɛfiri sɛ wɔn a wɔsuro no no, biribiara nhia wɔn.+

כ [Kaph]

10 Agyata* a wɔn ho yɛ den mpo, adeɛ tumi hia wɔn ma ɛkɔm de wɔn,

Nanso wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no deɛ, adepa biara remmɔ wɔn.+

ל [Lamed]

11 Me mma, mommra mmɛtie me;

Mɛkyerɛ mo Yehowa suro.+

מ [Mem]

12 Mo mu hwan na ɔpɛ sɛ ɔdi dɛ wɔ asetenam,

Na ɔpɛ sɛ n’ani gye mfeɛ pii?+

נ [Nun]

13 Ɛnneɛ hwɛ wo kɛtrɛma yie na anka asɛmmɔne,+

Na hwɛ w’ano yie na anka nnaadaasɛm.+

ס [Samekh]

14 Twe wo ho firi bɔne ho na yɛ papa;+

Hwehwɛ asomdwoeɛ na di akyire.+

ע [Ayin]

15 Yehowa ani wɔ ateneneefoɔ so,+

Na ɔyɛ aso ma wɔn sufrɛ.+

פ [Pe]

16 Wɔn a wɔyɛ bɔne no deɛ, Yehowa ani sa wɔn,

Na ɔbɛpepa wɔn din afiri asaase so koraa.+

צ [Tsade]

17 Ateneneefoɔ teaam, na Yehowa nso tiee wɔn;+

Ɔgyee wɔn firii wɔn ahohia nyinaa mu.+

ק [Qoph]

18 Yehowa bɛn wɔn a wɔn akoma abubuo;+

Ɔgye wɔn a wɔn abam abu.*+

ר [Resh]

19 Ɔteneneeni amanehunu* dɔɔso,+

Nanso Yehowa gye no firi ne nyinaa mu.+

ש [Shin]

20 Ɔhwɛ ne nnompe nyinaa so;

Emu baako mpo mmu.+

ת [Taw]

21 Mmusuo na ɛde ɔdebɔneyɛfoɔ bɛkɔ wuo mu;

Ɔteneneeni atamfo nso, wɔbɛbu wɔn fɔ.

22 Yehowa gye n’asomfoɔ nkwa,*

Na obiara a ɔde no yɛ ne dwankɔbea no, wɔremmu no fɔ.+

Dawid dwom.

35 O Yehowa, m’atamfo ne me anya, enti di m’asɛm ma me;+

Wo ne wɔn a wɔne me ko no nko.+

 2 Fa ɛkyɛm ketewa* ne ɛkyɛm kɛseɛ,+

Na sɔre bɛko ma me.+

 3 Wɔn a wɔtaa me so no, twe pea ne akuma* hyia wɔn.+

Ka kyerɛ me* sɛ: “Mene wo nkwagyeɛ.”+

 4 Ma wɔn a wɔrehwehwɛ me aku me* no ani nwu, na wɔn anim ngu ase.+

Ma wɔn a wɔbɔ me ho pɔ sɛ wɔbɛyi me afiri hɔ no mfa aniwuo nnane wɔn ho nnwane.

 5 Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ wɔ mframa mu;

Ma Yehowa bɔfoɔ mpamo wɔn.+

 6 Sɛ Yehowa bɔfoɔ taa wɔn so a,

Ma wɔn kwan mu nyɛ sum, na ɛso nyɛ toro.

 7 Wɔasum me fidie sɛ ɛnyi me berɛ a menyɛɛ wɔn hwee;

Menyɛɛ wɔn hwee, nanso wɔatu amena sɛ wɔde bɛkye me.*

 8 Ma ɔsɛeɛ mmra wɔn so mpofirim,

Na ma fidie a wɔasum no nyi wɔn ankasa;

Ma wɔnhwe mu, na wɔnsɛe korakora.+

 9 Na me deɛ, mɛdi* ahurisie wɔ Yehowa mu;

M’ani bɛgye ne nkwagyeɛ nnwuma mu.

10 Me nnompe nyinaa bɛka sɛ:

“O Yehowa, hwan na ɔte sɛ wo?

Wo na wogye mmɔborɔwa firi deɛ ɔyɛ den sene no nsam;+

Wogye mmɔborɔwa ne ohiani firi deɛ ɔsisi no nsam.”+

11 Nkurɔfoɔ di adanseɛ tia me,+

Na deɛ mennim ho hwee na wɔde ho soboɔ bɔ me.

12 Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so ka,+

Na ɛma medi awerɛhoɔ.*

13 Me deɛ, berɛ a wɔyareeɛ no, mefiraa awerɛhoɔ ntoma,*

Meyɛɛ akɔnkyene* brɛɛ me ho ase,*

Na berɛ a mebɔɔ mpaeɛ a mannya ho mmuaeɛ no,*

14 Menante dii awerɛhoɔ te sɛ deɛ meregyam me yɔnko anaa me nua;

Mede awerɛhoɔ sii me tiri ase te sɛ obi a ɔregyam ne maame.

15 Nanso berɛ a mehwee ase* no, wɔdii ahurisie na wɔkaa wɔn ho boaa ano;

Wɔka boom tetɛɛ me sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam;

Wɔtetee me mu pasaa, na wɔanka wɔn ano antom.

16 Nnebɔneyɛfoɔ tweetwee me di me ho fɛ;*

Wɔtwɛre wɔn se gu me so.+

17 O Yehowa, wobɛhwɛ akɔsi da bɛn?+

Gye me* firi wɔn nsam;+

Me nkwa a ɛsom bo* no, gye firi agyata* a wɔn ho yɛ den nsam.+

18 Ɛno na mɛkamfo wo wɔ asafo kɛseɛ mu;+

Mɛyi wo ayɛ wɔ nnipa dodoɔ mu.

19 Mma wɔn a wɔkyiri me kwa no nnni me ho ahurisie;

Na wɔn a wɔtan me kwa+ no, mma wɔnnnya me nnni me ho fɛ,+

20 Ɛfiri sɛ wɔnka asomdwoeɛsɛm;

Mmom, wɔdwene nnaadaasɛm tia wɔn a wɔdwo wɔ asaase so no.+

21 Wɔbae wɔn anom bɔ me soboɔ;

Wɔka sɛ: “Ahaa! Ahaa! Yɛde yɛn ani ahunu.”

22 O Yehowa, woahunu wei. Nyɛ dinn.+

O Yehowa, mfiri me nkyɛn nkɔ akyirikyiri.+

23 Nyane na sɔre bɛtwitwa gye me,

Me Nyankopɔn Yehowa, di m’asɛm ma me.

24 O Yehowa me Nyankopɔn, bu me atɛn sɛdeɛ wo tenenee teɛ;+

Mma wɔnnni me ho ahurisie.

25 Mma wɔnnka wɔ wɔn akoma mu da sɛ: “Ahaa, deɛ yɛrehwehwɛ* ara nie!”

Mma wɔnnka da sɛ: “Yɛamene no.”+

26 Wɔn a wɔdi m’amanehunu ho ahurisie no,

Ma wɔn nyinaa mfɛre na wɔn anim ngu ase.

Ma wɔn a wɔma wɔn ho so tia me no mfira aniwuo ne animguaseɛ.

27 Na wɔn a wɔn ani gye sɛ meyɛ adetenenee no deɛ, ma wɔnni ahurisie;

Ma wɔnka daa sɛ:

“Monkamfo Yehowa; ɔno na n’ani gye n’akoa asomdwoeɛ ho.”+

28 Ɛno na me kɛtrɛma bɛka wo tenenee ho asɛm*+

Na mayi wo ayɛ daa nyinaa.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Yehowa akoa Dawid dwom.

36 Mmarato na ɛkyerɛ ɔdebɔneyɛfoɔ akoma kwan;

Onyankopɔn ho suro nni n’ani so.+

 2 Ɔdaadaa ne ho paa wɔ n’akomam,

Enti ɔnhu ne mfomsoɔ mpo na ayɛ no tan.+

 3 N’anom nsɛm di awu na ɛyɛ nnaadaa;

Ɔnni nhunumu a ɛbɛma no ayɛ papa.

 4 Sɛ ɔda ne kɛtɛ so mpo a, amumuyɛsɛm na ɔfa ho adwene.

Ɛkwammɔne so na ɔnam;

Ɔmpo adebɔne.

 5 O Yehowa, wo dɔ a ɛnni hwammɔ kɔduru soro;+

Wo nokorɛdie nso kɔduru mununkum mu.

 6 Wo tenenee te sɛ mmepɔ akɛseɛ;*+

W’atemmuo te sɛ nsuo kɛseɛ a emu dɔ.+

O Yehowa, wo na wokora onipa ne aboa nkwa so.*+

 7 O Onyankopɔn, hwɛ sɛdeɛ wo dɔ a ɛnni hwammɔ no som bo!+

Wo ntaban nwunu ase na nnipa mma dwane kɔpɛ ahobammɔ.+

 8 Wɔdi wo fie nneɛma pa* mee;+

Wɔnom nneɛma pa pii a wohwie ma wɔn sɛ asubɔnten no ma wɔn ani gye.+

 9 Wo na nkwa firi wo;*+

Wo hann mu na yɛhu hann.+

10 Kɔ so da wo dɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ wɔn a wɔnim wo no,+

Na ma wo tenenee ntena akomam teefoɔ so.+

11 Mma ɔhantanni nan nntiatia me so,

Na mma ɔdebɔneyɛfoɔ mmpamo me.

12 Amumuyɛfoɔ ahwehwe ase;

Wɔabɔ wɔn ahwe fam, na wɔntumi nsɔre.+

Dawid dwom.

א [Aleph]

37 Mma wo bo mmfu ɛsiane nnebɔneyɛfoɔ nti,

Na mma w’ani mmmere amumuyɛfoɔ.+

 2 Wɔbɛkusa ntɛm sɛ serɛ,+

Na wɔbɛtwintwam sɛ wura mono.

ב [Beth]

 3 Fa wo ho to Yehowa so na yɛ papa;+

Tena asaase so na di nokorɛ.+

 4 Di ahurisie wɔ Yehowa mu,*

Na ɔbɛma wo deɛ w’akoma pɛ.

ג [Gimel]

 5 Fa wo kwan hyɛ Yehowa nsa,+

Na fa wo ho to ne so, na ɔbɛsɔ wo mu.+

 6 Ɔbɛma wo tenenee ada adi sɛ adekyeeɛ hann,

Na w’atɛntenenee ada adi sɛ awia ketee.

ד [Daleth]

 7 Yɛ komm hwɛ Yehowa;+

To wo bo ase* twɛn no.

Sɛ obi bɔ pɔ bɔne na ɔtumi yɛ ho adwuma a,

Mma no nnha wo.+

ה [He]

 8 Mma abufuo nnhyɛ wo so, na mma abufuhyeɛ kwan;+

Mma nneɛma nnha wo na woankɔyɛ bɔne,*

 9 Ɛfiri sɛ wɔbɛyi nnebɔneyɛfoɔ hɔ,+

Na wɔn a wɔtwɛn Yehowa no, wɔn na asaase no bɛyɛ wɔn dea.+

ו [Waw]

10 Aka kakraa bi na nnebɔneyɛfoɔ nni hɔ bio;+

Wobɛhwehwɛ wɔn tenabea,

Nanso worenhu wɔn.+

11 Ahobrɛasefoɔ na asaase no bɛyɛ wɔn dea,+

Na wɔbɛgye wɔn ani wɔ asomdwoeɛ bebree mu.+

ז [Zayin]

12 Ɔdebɔneyɛfoɔ fa ɔteneneeni ho adwemmɔne,+

Na ɔde abufuo twɛre ne se gu ne so.

13 Nanso Yehowa bɛsere no,

Ɛfiri sɛ Ɔnim sɛ n’awieeɛ bɛba.+

ח [Heth]

14 Nnebɔneyɛfoɔ twe wɔn sekan, na wɔkuntunu wɔn agyan mu

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛma mmɔborɔwa ne ohiani ahwe ase,

Na wɔakum wɔn a wɔn kwan tene.

15 Wɔn ankasa sekan na ɛbɛwɔ wɔn akoma mu;+

Wɔn agyan bɛbubu.

ט [Teth]

16 Nneɛma kakra a ɔteneneeni wɔ no,

Ɛyɛ sene adedodoɔ a nnebɔneyɛfoɔ pii wɔ,+

17 Ɛfiri sɛ nnebɔneyɛfoɔ nsam bɛgo,

Na ateneneefoɔ deɛ, Yehowa bɛboa wɔn.

י [Yod]

18 Ɔhaw a wɔn a wɔn ho nni asɛm fa mu no, Yehowa nim,*

Na wɔn agyapadeɛ bɛtena hɔ daa.+

19 Ahohia ba a, wɔn ani renwu,

Na ɛkɔm berɛ mu nso, wɔbɛmee.

כ [Kaph]

20 Nnebɔneyɛfoɔ deɛ, wɔbɛyera,+

Sɛdeɛ wura frɔmfrɔm hye no, saa ara na Yehowa atamfo ase bɛhye;

Wɔbɛyera te sɛ wisie.

ל [Lamed]

21 Ɔdebɔneyɛfoɔ fɛm adeɛ a, ɔntua;

Ɔteneneeni deɛ, ne yam yɛ* na ɔkyɛ adeɛ.+

22 Wɔn a Onyankopɔn hyira wɔn no, wɔn na asaase no bɛyɛ wɔn dea,

Na wɔn a ɔdome wɔn no deɛ, wɔbɛsɛe.+

מ [Mem]

23 Sɛ ɔbarima kwan sɔ Yehowa ani a,+

Ɔkyerɛ no sɛdeɛ ɔbɛtutu n’anammɔn.*+

24 Sɛ ɔhwe ase mpo a, ɔrenka hɔ,+

Ɛfiri sɛ Yehowa bɛsɔ ne nsa* ama ne so.+

נ [Nun]

25 Ná meyɛ abɔfra, na afei mabɔ akɔkoraa,

Nanso menhuu sɛ Onyankopɔn apo ɔteneneeni+

Anaasɛ n’asefoɔ srɛsrɛ aduane.*+

26 Ɔyi ne yam de adeɛ fɛm nkurɔfoɔ daa,+

Na nhyira da hɔ retwɛn ne mma.

ס [Samekh]

27 Firi bɔne ho na yɛ papa,+

Na wobɛtena ase daa.

28 Ɛfiri sɛ Yehowa dɔ atɛntenenee,

Na ɔrennya n’anokwafoɔ.+

ע [Ayin]

Ɔbɛhwɛ wɔn so daa;+

Na nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛsɛe.+

29 Ateneneefoɔ na asaase no bɛyɛ wɔn dea,+

Na wɔbɛtena so daa.+

פ [Pe]

30 Ɔteneneeni de n’ano ka nsɛm a ɛma nkurɔfoɔ hunu nyansa,*

Na ne kɛtrɛma ka nsɛm a ɛtene.+

31 Ne Nyankopɔn mmara wɔ n’akoma mu;+

Sɛ ɔtutu n’anammɔn a, ɔrensunti.+

צ [Tsade]

32 Ɔdebɔneyɛfoɔ ani sa ɔteneneeni;

Ɔrehwehwɛ no aku no.

33 Nanso Yehowa rennya ɔteneneeni nhyɛ ne nsa,+

Na sɛ ɔrebu atɛn a, ɔremmu ɔteneneeni fɔ.+

ק [Qoph]

34 Twɛn Yehowa, na fa ne kwan so;

Ɔbɛma wo so na ɔde asaase no ama wo.

Sɛ wɔyi nnebɔneyɛfoɔ hɔ a,+ wobɛhunu.+

ר [Resh]

35 Mahu ɔdebɔneyɛfoɔ a ne tirim yɛ sum;

Ɔtrɛtrɛ yɛɛ frɔmm sɛ dua a anya baabi pa asi.+

36 Nanso mpofirim ara ɔtwaam kɔe, na na ɔnni hɔ bio;+

Mehwehwɛɛ no ara nso manhu no.+

ש [Shin]

37 Hwɛ onipa a asɛm biara nni ne ho,*

Na hwɛ deɛ ɔtene;+

Saa onipa no awieeɛ bɛyɛ asomdwoeɛ.+

38 Mmaratofoɔ deɛ, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa,

Na anidasoɔ biara nni hɔ mma nnebɔneyɛfoɔ.+

ת [Taw]

39 Ateneneefoɔ nkwagyeɛ firi Yehowa;+

Ɔno ne wɔn ahohia berɛ mu dwankɔbea.+

40 Yehowa bɛboa wɔn na wagye wɔn.+

Ɔbɛyi wɔn afiri nnebɔneyɛfoɔ nsam, na wagye wɔn,

Ɛfiri sɛ wɔde no ayɛ wɔn dwankɔbea.+

Dawid dwom a wɔde kaakae nsɛm.*

38 O Yehowa, mfa abufuo nka m’anim,

Na mfa abufuhyeɛ ntene me so.+

 2 W’agyan awurawura me mu tɔnn,

Na wo nsa ayɛ duru wɔ me so.+

 3 W’abufuo nti, me ho baabiara nnwo me.*

Me bɔne nti, me nnompe mu nnwo me.+

 4 Ɛfiri sɛ me mfomsoɔ aboro me so,+

Na ɛdɛn me sɛ adesoa duruduro.

 5 Me nkwaseasɛm nti,

M’akuro bɔn, na aporɔ.

 6 Mayɛ basaa, na maboto;

Mede awerɛhoɔ nantenante da mu nyinaa.

 7 Me ho hyehye me,*

Na me ho baabiara nnwo me.+

 8 Madwodwo, na mabubu koraa;

M’akoma aboto, enti mesi apini dendeenden.*

 9 O Yehowa, deɛ ɛhia me nyinaa wonim,

Na m’ahomeguo nso, w’ani tua.

10 M’akoma bɔ dendeenden na m’ahoɔden asa.

M’ani nhu hann bio.+

11 Me yareɛ nti, me nnamfo ne me mfɛfoɔ mpɛ sɛ wɔbɛbɛn me,

Na m’amannifoɔ atwe wɔn ho afiri me ho.

12 Wɔn a wɔrehwehwɛ me aku me* no sum me mfidie,

Na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdi me bɔne no ka sɛdeɛ wɔbɛsɛe me ho asɛm.+

Wɔka nnaadaasɛm da mu nyinaa.

13 Nanso mayɛ sɛ obi a n’aso asi, enti mentie;+

Mayɛ sɛ mum, enti memmue m’ano.+

14 Mayɛ sɛ onipa a ɔnte asɛm;

Menni anoyie biara.

15 O Yehowa, wo na metwɛn wo,+

Na wotiee me, O Yehowa, me Nyankopɔn.+

16 Mekaa sɛ: “Mma wɔnnni me ho ahurisie

Anaa wɔmmmema wɔn ho so nntia me berɛ a me nan awatiri no.”

17 Anka mereyɛ ahwe ase,

Ná mewɔ yea mu daa.+

18 Mekaa me mfomsoɔ;+

Me bɔne yɛɛ me so dadwene.+

19 Nanso m’atamfo ani so yɛ hye* na wɔn ho yɛ den;*

Wɔn a wɔtan me kwa no adɔɔso.

20 Wɔde bɔne tuaa papa a meyɛeɛ so ka;

Adepa a meyɛeɛ nti, wɔko tiaa me.

21 O Yehowa, nnya me.

O me Nyankopɔn, mma wo ne me ntam nnware.+

22 Yɛ ntɛm bɛboa me,

O Yehowa, m’agyenkwa.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; Yedutan*+ deɛ. Dawid dwom.

39 Mekaa sɛ: “Mɛhwɛ m’anammɔn yie

Na mamfa me kɛtrɛma anyɛ bɔne.+

Sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ bi wɔ baabi a mewɔ a,

Mede adeɛ bɛhyɛ m’ano.”+

 2 Metɔree mum na mankasa;+

Adepa mpo, manka ho asɛm,

Nanso me yea no mu yɛɛ den.

 3 Ɛyɛɛ sɛdeɛ m’akoma da gya mu;*

Sɛ medwene ho* a, egya no dɛre kɛse.

Ɛnna me kɛtrɛma kaa sɛ:

 4 “O Yehowa, ma menhunu sɛdeɛ m’awieeɛ bɛyɛ,

Na menhu me nna a aka,+

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛhu sɛ me nkwa nna yɛ tiaa.*

 5 Anokwa, woama me nna ayɛ kakraa bi;*+

Na me nkwa nna nyɛ hwee wɔ w’ani so.+

Ampa, yɛhu onipa a ɛte sɛ deɛ ɛrekɔ yie ma no mpo a, ɔte sɛ hwenem mframa kɛkɛ.+ (Sela)

 6 Ampa, onipa biara nam sɛ sunsum.

Ɔpere ne ho* kwa.

Ɔboaboa ahodeɛ ano, nanso ɔnnim deɛ ɛbɛkɔ akɔdi ne nsam.+

 7 O Yehowa, afei deɛn ne m’anidasoɔ?

M’anidasoɔ ara ne wo.

 8 Gye me firi me mmarato nyinaa mu.+

Mma ɔkwasea mmmu me animtia.

 9 Metɔree mum;

Mantumi ammue m’ano,+

Ɛfiri sɛ wo na womaa no baa saa.+

10 Ɔhaw a wode aba me so no, yi firi me so.

Wo nsa a wode abɔ me nti, mayɛ mmerɛ.

11 Onipa mfomsoɔ nti, wotwe n’aso de tenetene no;+

Sɛdeɛ nwewemmoa sɛe adeɛ no, saa ara na wobɛyɛ n’agyapadeɛ.

Ampa, onipa biara te sɛ hwenem mframa kɛkɛ.+ (Sela)

12 O Yehowa, tie me mpaebɔ;

Yɛ aso ma me sufrɛ.+

Mmu w’ani ngu me nisuo so,

Na meyɛ ɔhɔhoɔ ma wo;+

Meyɛ ɔkwantuni a ɔretwam* te sɛ m’agyanom nyinaa.+

13 W’ani si me so dodo; yi firi me so ma m’ani nnye,

Ansa na mawu a wonhu me bio.”

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom.

40 Mede me werɛ nyinaa hyɛɛ Yehowa mu,*

Na ɔtiee me,* na ɔyɛɛ aso maa me sufrɛ.+

 2 Ɔyii me firii amena a emu nsuo rebu fa so

Ne atɛkyɛ kyakaa mu.

Na ɔde me nan sii ɔbotan so;

Ɔmaa me nan timiiɛ.

 3 Afei ɔmaa me dwom foforɔ;+

Metoo ayeyi dwom maa yɛn Nyankopɔn.

Nnipa pii bɛhunu deɛ Onyankopɔn ayɛ na wɔasuro,

Na wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so.

 4 Anigyeɛ ne ɔbarima a ɔde ne ho to Yehowa so

Na ɔnni asobrakyefoɔ ne nkontompofoɔ* akyi.

 5 O Yehowa me Nyankopɔn,

Nneɛma a woayɛ ama yɛn dɔɔso;

W’anwanwadwuma ne adwene a woadwene wɔ yɛn ho.+

Obiara ne wo nsɛ;+

Sɛ mese mereka ho asɛm na makyerɛkyerɛ mu a,

Anka merenwie, ɛfiri sɛ ɛdɔɔso dodo.+

 6 W’ani annye afɔreɛ ne ayɛyɛdeɛ ho,*+

Nanso wobuee m’aso maa metee wo nsɛm ase.+

Woammisa ɔhyeɛ afɔreɛ ne bɔne ho afɔreɛ.+

 7 Ɛnna mekaa sɛ: “Hwɛ, maba.

Wɔatwerɛ me ho asɛm wɔ nwoma mmobɔeɛ no mu.+

 8 O me Nyankopɔn, deɛ mepɛ* ne sɛ mɛyɛ w’apɛdeɛ,+

Na wo mmara wɔ m’akoma mu tɔnn.+

 9 Meka tenenee ho asɛmpa wɔ asafo kɛseɛ mu.+

Hwɛ! Merentumi nka m’ano ntom,+

O Yehowa, wonim saa.

10 Menkata wo tenenee so wɔ m’akoma mu.

Meka wo nokorɛ ne wo nkwagyeɛ ho asɛm.

Wo dɔ a ɛnni hwammɔ ne wo nokorɛdie nso, memfa nhinta wɔ asafo kɛseɛ mu.”+

11 O Yehowa, mfa wo mmɔborɔhunu nkame me.

Ma wo dɔ a ɛnni hwammɔ ne wo nokorɛdie mmɔ me ho ban daa.+

12 Mmusuo a atwa me ho ahyia no dɔɔso ara ma mentumi nkan.+

Me mfomsoɔ bebree bu fa me so ma menhu me kwan mu yie;+

Ɛdɔɔso sene me tiri nwi,

Na mapa aba.

13 O Yehowa, mesrɛ wo, bɛgye me.+

Yɛ ntɛm bɛboa me, O Yehowa.+

14 Ma wɔn a wɔrepɛ me aku me* no nyinaa

Ani nwu na wɔmfɛre.

Ma wɔn a wɔpɛ me sɛeɛ no

Mfa aniwuo nnane wɔn ho nnwane.

15 Wɔn a wɔka kyerɛ me sɛ: “Ɔtwea! Ɔtwea!” no,

Ma wɔn ho nnwiri wɔn na wɔn ani nwu.

16 Wɔn a wɔhwehwɛ wo no deɛ,+

Ma wɔn ani nnye na wɔnni wo mu ahurisie.+

Da biara, ma wɔn a wɔn ani gye wo nkwagyeɛ nnwuma ho no nka sɛ:

“Monkamfo Yehowa.”+

17 Me deɛ, meyɛ mmɔborɔwa ne ohiani.

Ma Yehowa ntwa n’ani mmɛhwɛ me.

Wone me boafoɔ ne me gyefoɔ.+

Me Nyankopɔn, ntwentwɛn wo nan ase.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom.

41 Anigyeɛ ne deɛ ɔhu ɔbrɛfoɔ mmɔbɔ;+

Ɛduru ahohia da a Yehowa bɛgye no.

 2 Yehowa bɛhwɛ ne so na wama no nkwa.

Nkurɔfoɔ bɛfrɛ no anigyeɛ wɔ asaase so.+

Na woremfa no nhyɛ n’atamfo* nsa.+

 3 Sɛ ɔyare da mpa so a, Yehowa bɛhwɛ no;+

Wobɛdanedane no wɔ yareɛ mpa so.

 4 Mekaa sɛ: “O Yehowa, hu me mmɔbɔ.+

Sa me* yareɛ,+ ɛfiri sɛ mayɛ wo bɔne.”+

 5 M’atamfo deɛ, bɔne na wɔka fa me ho sɛ:

“Da bɛn na ɔbɛwu na ne din ayera?”

 6 Sɛ wɔn mu baako ba me nkyɛn bɛhwɛ me mpo a, nnaadaa nko ara na ɛwɔ n’akoma mu;

Ɔbɛpɛ me ho nsɛmmɔne a ɔbɛtumi de akɔ;

Afei ɔnam a, ɔkeka kyerɛ nkurɔfoɔ.

 7 Wɔn a wɔtan me no, obiara keka me ho nsɛm gu ne yɔnko asom;

Wɔbɔ me ho pɔ bɔne. Wɔka sɛ:

 8 “Adebɔne bi ayɛ no;

Afei a watɔ fam yi, ɔrensɔre bio.”+

 9 Deɛ me ne no te asomdwoeɛ mu mpo a mede me ho too ne so,+

Na ɔdi m’aduane* no, wasɔre atia me.*+

10 O Yehowa, hu me mmɔbɔ na ma me so,

Na ama matua wɔn so ka.

11 Adeɛ a ɛbɛma mahu sɛ w’ani sɔ me ne sɛ,

Mɛhu sɛ me tamfo ntumi nni me ho ahurisie.+

12 Me deɛ, m’abrabɔ a ɛdi mu nti woma me so,+

Na wobɛma magyina w’anim daa.+

13 Ayeyie nka Israel Nyankopɔn Yehowa

Daa daa.*+

Amen ne Amen.

NWOMA A ƐTƆ SO MMIENU

(Dwom 42-72)

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Kora mma dwom. Maskil.*+

42 O Onyankopɔn, m’ani* agyina wo

Sɛdeɛ wansane ani gyina nsuo.

 2 Onyankopɔn a ɔyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no ho sukɔm de me.*+

Da bɛn na mɛkɔ akɔgyina Onyankopɔn anim?+

 3 Me nisuo adane m’aduane awia ne anadwo;

Daa nkurɔfoɔ di me ho fɛ sɛ: “Wo Nyankopɔn no wɔ he?”+

 4 Sɛ mekae saa nneɛma yi a, mehwie m’akoma mu nsɛm gu hɔ.*

Ɛfiri sɛ berɛ bi me ne nnipadɔm no boom nanteeɛ;

Medii wɔn anim ne wɔn nantee komm* kɔɔ Onyankopɔn fie.

Yɛde ahurisie ne aseda nne na ɛkɔeɛ

Sɛ nnipakuo a wɔrehyɛ fã.+

 5 Adɛn nti na mabotoɔ?*+

Adɛn nti na mereteetee saa?

Twɛn Onyankopɔn,+

Na mɛkɔ so ayi no ayɛ sɛ me Nkwagyeɛ Kɛseɛ.+

 6 Me Nyankopɔn, maboto.*+

Enti mekae wo+

Wɔ Yordan asaase ne Hermon mmepɔ so,

Misar Bepɔ* so.

 7 Wo nsuo a ɛbu fa so nnyegyeeɛ nti,

Asorɔkye ma so a, na asorɔkye agye so.

W’asorɔkye akɛseɛ no nyinaa abu afa me so.+

 8 Yehowa bɛda ne dɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ me adekyeeɛ,

Na mɛto ne dwom anadwo; ɛyɛ mpaeɛ a mɛbɔ me nkwagyeɛ Nyankopɔn no.+

 9 Mɛbisa Onyankopɔn, me botan no sɛ:

“Adɛn nti na wo werɛ afi me?+

Adɛn na atamfo nhyɛsoɔ nti mede awerɛhoɔ nenam?”+

10 M’atamfo kyiri me kɔkɔkɔkɔ, enti wɔdi me ho fɛ;*

Daa wɔdi me ho fɛ sɛ: “Wo Nyankopɔn no wɔ he?”+

11 Adɛn nti na mabotoɔ?*

Adɛn nti na mereteetee saa?

Twɛn Onyankopɔn,+

Na mɛkɔ so ayi no ayɛ sɛ me Nkwagyeɛ Kɛseɛ ne me Nyankopɔn.+

43 O Onyankopɔn, bu me atɛn,+

Me ne ɔman a wɔnka nokorɛ anya, enti di m’asɛm ma me.+

Gye me firi nkontomponi ne ɔdebɔneyɛfoɔ nsam.

 2 Na wone me Nyankopɔn, me dwankɔbea.+

Adɛn nti na woato me atwene?

Adɛn nti na m’atamfo nhyɛsoɔ nti ɛsɛ sɛ mede awerɛhoɔ kyinkyini?+

 3 Soma wo hann ne wo nokorɛ.+

Ma no mmɛdi m’anim;+

Ma no nkyerɛ me kwan nkɔ wo bepɔ kronkron no so, ne wo ntomadan kɛseɛ no mu.+

 4 Ɛba saa a, mɛkɔ me Nyankopɔn afɔrebukyia ho,+

Mɛkɔ me Nyankopɔn a ɔma m’ani gye boro so no nkyɛn.

Onyankopɔn, mede sankuten bɛyi wo ayɛ,+ O me Nyankopɔn.

 5 Adɛn nti na mabotoɔ?*

Adɛn nti na mereteetee saa?

Twɛn Onyankopɔn,+

Na mɛkɔ so ayi no ayɛ sɛ me Nkwagyeɛ Kɛseɛ ne me Nyankopɔn.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Kora mma dwom.+ Maskil.*

44 O Onyankopɔn, yɛde yɛn ankasa aso ate,

Yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn,+

Nnwuma a woyɛɛ no wɔn berɛ so

Wɔ tete mmerɛ mu no.

 2 Wode wo nsa pamoo amanaman,+

Na wode yɛn agyanom kɔtenaa hɔ.+

Womaa amanaman no dii nkoguo, na wopamoo wɔn firii hɔ.+

 3 Ɛnyɛ wɔn ankasa sekan na wɔde nyaa asaase no,+

Na ɛnyɛ wɔn ankasa basa na ɛgyee wɔn;+

Mmom ɛyɛ wo nsa nifa ne wo basa+ ne w’anim hann,

Ɛfiri sɛ na wopɛ wɔn asɛm.+

 4 O Onyankopɔn, wone me Hene;+

Ma* Yakob nni nkonim korakora.*

 5 Yɛnam wo tumi so bɛpamo yɛn atamfo;+

Ahotɔsoɔ a yɛwɔ wɔ wo din mu nti, yɛbɛtiatia wɔn a wɔsɔre tia yɛn no so,+

 6 Ɛfiri sɛ ɛnyɛ m’agyan na mede me ho to so,

Na me sekan rentumi nnye me.+

 7 Wo na wogyee yɛn firii yɛn atamfo nsam;+

Wo na womaa wɔn a wɔtan yɛn no anim guu ase.

 8 Onyankopɔn na yɛbɛyi no ayɛ daa nyinaa,

Na yɛbɛkamfo wo din daa daa. (Sela)

 9 Nanso afei deɛ, woato yɛn atwene na woama yɛn anim agu ase,

Na wonka yɛn asraafoɔ ho nkɔ bio.

10 Woma yɛdwane firi yɛn atamfo anim;+

Wɔn a wɔtan yɛn no, wɔfa biribiara a wɔpɛ.

11 Wode yɛn hyɛ yɛn atamfo nsa sɛ wɔnku yɛn sɛ nnwan;

Woabɔ yɛn ahwete amanaman mu.+

12 Wotɔn wo nkurɔfoɔ fofoofo,+

Na wonnya mfasoɔ biara.*

13 Woama yɛn anim agu ase wɔ wɔn a wɔtete bɛn yɛn no anim;

Wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia nyinaa di yɛn ho fɛ, na wɔhwɛ yɛn sere.

14 Woama aman no anya yɛn retweetwee yɛn,*+

Na yɛn nti, nkurɔfoɔ wosowoso wɔn ti.

15 Daa nyinaa m’anim gu ase,

Na aniwuo amene me,

16 Ɛsiane wɔn nne a wɔde twa me adapaa ne nsɛmmɔne a wɔka tia me nti;

Ɛsiane yɛn tamfo a ɔretua yɛn so ka nti.

17 Weinom nyinaa aba yɛn so, nanso yɛn werɛ mfii wo,

Na yɛmmuu w’apam so.+

18 Yɛn akoma nnyaee w’akyiri die;

Yɛn anammɔn nso mmane mfirii wo kwan so.

19 Nanso woabubu yɛn pasaa wɔ sakraman tenabea;

Wode sum kabii akata yɛn so.

20 Sɛ yɛn werɛ afi yɛn Nyankopɔn din

Anaasɛ yɛatrɛ yɛn nsam abɔ onyame foforɔ bi mpaeɛ a,

21 Anka Onyankopɔn renhu anaa?

Ɔnim akoma mu ahintasɛm.+

22 Wo nti wɔku yɛn daa nyinaa;

Wɔbu yɛn sɛ nnwan a wɔrekɔku wɔn.+

23 O Yehowa, Sɔre. Adɛn nti na woada?+

Nyane, na nto yɛn ntwene afebɔɔ.+

24 Adɛn nti na wode w’anim ahinta?

Adɛn nti na wo werɛ afi amanehunu ne nhyɛsoɔ a ɛba yɛn so no?

25 Wɔabrɛ yɛn* ase ama yɛaba fam sɛ mfuturo;

Wɔaka yɛn nipadua atim fam.+

26 Sɔre na yɛ yɛn boafoɔ!+

Wo dɔ a ɛnni hwammɔ nti gye yɛn.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; ɛkwan a wɔfa so to no: “Sukooko.” Kora mma dwom.+ Maskil.* Ɔdɔ ho dwom.

45 Asɛmpa bi akanyan m’akoma.

Mese: “Me dwom no* fa ɔhene bi ho.”+

Ma me kɛtrɛma nyɛ sɛ ɔtwerɛfoɔ a ne ho akokwa+ twerɛdua.+

 2 Wo ho yɛ fɛ sene nnipa mma nyinaa.

W’anom kasa yɛ dɛ sɛ.+

Ɛno nti na Onyankopɔn ahyira wo daa no.+

 3 O Otumfoɔ,+ fa wo sekan bɔ w’asene+

Wɔ animuonyam ne anidie mu.+

 4 Na kɔdi nkonim w’animuonyam mu;+

Nokorɛ, ahobrɛaseɛ ne tenenee nti, tena wo pɔnkɔ so na ko,+

Na wo nsa nifa bɛyɛ* anwanwadwuma.

 5 W’agyan ano yɛ nnam, ɛma aman hwehwe ase wɔ w’anim;+

Ɛwowɔ ɔhene no atamfo akoma mu.+

 6 Onyankopɔn ne w’ahennwa daa daa,+

Na w’ahennie poma yɛ atɛntenenee* ahempoma.+

 7 Wodɔɔ adetenenee,+ na wokyirii adebɔne.+

Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurisie+ ngo asra wo+ sene wo mfɛfoɔ no.

 8 Kurobo ne pɛprɛ ne kasia dua yi hwa wɔ wo ntaadeɛ nyinaa mu;

Sɛ wɔbɔ sankuo wɔ ahemfie kɛseɛ a wɔde asonse* ayɛ no mu a, wodi ahurisie.

 9 Wo mmaa a wɔwɔ animuonyam no, ahemfo mma mmaa ka ho.

Ɔhemmaa no abɛgyina wo nsa nifa so, na ɔde Ofir sika kɔkɔɔ+ asiesie ne ho.

10 O ɔbabaa, tie, na yɛ aso;

Yi w’adwene firi wo nkurɔfoɔ ne wo papa fie so.

11 Na ɔhene ani bɛgyina w’ahoɔfɛ,

Ɛfiri sɛ ɔno ne wo wura,

Enti koto no.

12 Tiro babaa de akyɛdeɛ bɛba;

Adefoɔ mu adefoɔ bɛhwehwɛ w’anim adom.

13 Ɔhene babaa ho yɛ fɛ boro so wɔ ahemfie hɔ;

Wɔde sika kɔkɔɔ abobɔ n’ataadeɛ mu.*

14 Sɛ wɔde no rebrɛ ɔhene no a, wɔbɛhyɛ no ntaadeɛ a wɔanwene no fɛfɛɛfɛ.

Wɔde mmaabunu a wɔka ne ho bɛbrɛ wo.

15 Ahurisie ne anigyeɛ mu na wɔde wɔn bɛba;

Wɔbɛwura ɔhene ahemfie.

16 Wo mma bɛsi w’agyanom ananmu,

Na wobɛyi wɔn ama wɔayɛ mpanimfoɔ wɔ asaase nyinaa so.+

17 Mɛma wɔahu wo din wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba nyinaa mu.+

Ɛno nti na aman bɛyi wo ayɛ daa daa no.

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Kora mma dwom.+ Wɔto no Alamot* kwan so.

46 Onyankopɔn ne yɛn dwankɔbea ne yɛn ahoɔden,+

Ahohia mu boafoɔ a ɔwɔ hɔ daa.+

 2 Ɛno nti sɛ asaase woso,

Na mmepɔ tutu kɔgu ɛpo ase,+

 3 Sɛ emu nsuo bu fa so, na ɛtwa ahuro,+

Na mmepɔ woso biribiri mpo a, yɛrensuro. (Sela)

 4 Asubɔnten bi wɔ hɔ a ne nsuwansuwa ma Onyankopɔn kuro di ahurisie,+

Ɛma Ɔsorosoroni no ntomadan kronkron kɛseɛ no di ahurisie.

 5 Onyankopɔn wɔ kuro no mu;+ wɔrentumi nsɛe no.

Sɛ ɛduru ahomakye a, Onyankopɔn bɛba abɛboa no.+

 6 Amanaman no yɛɛ gyegyeegye, wɔtuu ahennie guiɛ;

Ɔmaa ne nne so, na asaase naneeɛ.+

 7 Asafo Yehowa ka yɛn ho;+

Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn dwankɔbea.* (Sela)

 8 Mommra mmɛhwɛ Yehowa nnwuma,

Sɛdeɛ wayɛ anwanwadwuma pii wɔ asaase so.

 9 Ɔma akodie gyae wɔ asaase nyinaa so.+

Ɔbubu agyan mu, na ɔtwitwa pea mu asinasini;

Ɔde gya hye asraafoɔ nteaseɛnam.*

10 “Monnye ntom, na monhu sɛ mene Onyankopɔn.

Wɔbɛma me so wɔ amanaman mu;+

Wɔbɛma me so, asaase so.”+

11 Asafo Yehowa ka yɛn ho;+

Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn dwankɔbea.+ (Sela)

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Kora mma dwom.+

47 Aman nyinaa, mommɔ mo nsam.

Momfa ahurisie mmɔ ose mma Onyankopɔn.

 2 Ɛfiri sɛ Yehowa, Ɔsorosoroni no ho yɛ nwanwa,+

Ɔyɛ Ɔhenkɛseɛ wɔ asaase nyinaa so.+

 3 Ɔma yɛdi aman so nkonim,

Na ɔde amanaman hyɛ yɛn nan ase.+

 4 Ɔyi yɛn agyapadeɛ ma yɛn,+

Agyapadeɛ a Yakob a ɔdɔ no no de hoahoa ne ho.+ (Sela)

 5 Nkurɔfoɔ rebɔ ose na Onyankopɔn aforo kɔ ne tenabea;

Nkurɔfoɔ rebɔ abɛn* na Yehowa aforo kɔ ne tenabea.

 6 Monto ayeyi dwom* mma Onyankopɔn, monto ayeyi dwom.

Monto ayeyi dwom mma yɛn Hene, monto ayeyi dwom.

 7 Na Onyankopɔn ne asaase nyinaa so Hene;+

Monto ayeyi dwom, na momfa nhunumu nyɛ adwuma.

 8 Onyankopɔn abɛyɛ Ɔhene wɔ amanaman no so.+

Onyankopɔn te n’ahennwa kronkron so.

 9 Aman no mpanimfoɔ aboaboa wɔn ho ano,

Wɔne Abraham Nyankopɔn man.

Ɛfiri sɛ asaase so atumfoɔ* nyinaa yɛ Onyankopɔn dea.

Wama ne ho so paa.+

Dwom. Kora mma dwom.+

48 Yehowa yɛ kɛseɛ, na ɔfata ayeyie paa

Wɔ yɛn Nyankopɔn kuro mu, wɔ ne bepɔ kronkron no so.

 2 Bepɔ so kuro fɛfɛ, deɛ ɛma asaase sofoɔ nyinaa ani gye,+

Ɛno ne Sion Bepɔ a ɛwɔ atifi fam nohoa,

Ɔhenkɛseɛ no kuro no.+

 3 Kuro no abandenden mu no,

Onyankopɔn ada ne ho adi sɛ ɔyɛ dwankɔbea.*+

 4 Hwɛ! Ahemfo ahyiam,*

Wɔabom yuu rekɔ wɔn anim.

 5 Wɔhunuiɛ no, wɔn ho dwirii wɔn.

Wɔbɔɔ hu na wɔde ahopopoɔ dwaneeɛ.

 6 Wɔn ho wosoo biribiribiri wɔ hɔ,

Wɔn ho yeraa wɔn te sɛ ɔbaa a ɔrewo.

 7 Wode apueeɛ mframa sɛe Tarsis po so ahyɛn.

 8 Deɛ yɛateɛ no, afei deɛ yɛde yɛn ani ahunu

Wɔ asafo Yehowa kuro, yɛn Nyankopɔn kuro no mu.

Onyankopɔn bɛma kuro yi atim hɔ daa.+ (Sela)

 9 O Onyankopɔn, yɛdwendwene wo dɔ a ɛnni hwammɔ no ho+

Wɔ w’asɔrefie hɔ.

10 O Onyankopɔn, sɛdeɛ wo din kɔduru asaase ano nohoa no,+

Saa ara na w’ayeyie nso kɔduru asaase ano nohoa.

Tenenee ahyɛ wo nsa nifa ma.+

11 Ma Sion Bepɔ+ nni ahurisie;

W’atemmuo nti, ma Yuda nkuro* ani nnye.+

12 Montwa Sion ho nhyia; momfa ho nyinaa nhyia.

Monkan n’abantenten.+

13 Momfa mo ani nsi n’akoban* no so,+

Monhwɛ n’abandenden,

Na moatumi aka akyerɛ nkyirimma.

14 Na Onyankopɔn a ɔyɛɛ wei nyinaa no ne yɛn Nyankopɔn+ daa daa.

Ɔno na ɔbɛkyerɛ yɛn kwan daa nyinaa.*+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Kora mma dwom.+

49 Aman nyinaa, montie.

Mo a mowɔ wiase* nyinaa, monyɛ aso,

 2 Nketewa ne akɛseɛ,*

Adefoɔ ne ahiafoɔ nyinaa.

 3 M’ano bɛka nyansasɛm,

Na deɛ medwendwene ho wɔ m’akoma mu+ no bɛkyerɛ sɛ mewɔ nteaseɛ.

 4 Mɛyɛ aso atie abebusɛm;

Mede sankuten bɛkyerɛkyerɛ m’akasabebuo* mu.

 5 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mesuro nna bɔne,+

Berɛ a wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyi me hwe hɔ no de wɔn abɔnefosɛm* atwa me ho ahyia?

 6 Wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonyadeɛ so,+

Na wɔde wɔn ahonyadeɛ bebree hoahoa wɔn ho no,+

 7 Wɔn mu biara rentumi nnye ne nua,*

Anaa ɔrentumi mpata Onyankopɔn* mfa nnye no da,+

 8 (Adeɛ a ɛsɛ sɛ wɔtua de gye* onipa nkwa* no som bo paa

Ma enti wɔrentumi ntua da),

 9 Na ama no atena ase daa a ɔnhu amena.*+

10 Ɔhu sɛ anyansafoɔ mpo wuwu;

Ɔkwasea ne deɛ ɔnni adwene nyinaa sɛe,+

Na deɛ ɛbɛba ara ne sɛ wɔbɛgyaa wɔn ahonyadeɛ ama ebinom.+

11 Wɔn akoma mu no, wɔnyaeɛ a anka wɔn afie wɔ hɔ daa,

Na wɔn ntomadan nso wɔ hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

Wɔde wɔn din atoto wɔn nsaase so.

12 Ɛwom sɛ ɔdasani wɔ animuonyam deɛ, nanso ɔrentena ase daa;+

Ɔnkyɛn mmoa a wɔsɛe kwa no.+

13 Saa kwan yi na agyimifoɔ+

Ne wɔn a wɔdi wɔn akyi na wɔpɛ wɔn nsɛnhunu no fa so. (Sela)

14 Wɔte sɛ nnwan a wɔde wɔn ama Adamena;*

Owuo bɛhwɛ wɔn so;

Teefoɔ bɛdi wɔn so+ anɔpa,

Wɔrenhu wɔn ho mpopoeɛ biara bio;+

Adamena+ na ɛbɛyɛ wɔn fie, na ɛnyɛ ahemfie.+

15 Nanso Onyankopɔn bɛgye me* afiri Adamena* nsam,+

Ɛfiri sɛ ɔbɛsɔ me mu. (Sela)

16 Sɛ obi nya ne ho a, nsuro,

Sɛ ne fie animuonyam redɔɔso a, mmɔ hu.

17 Ɛfiri sɛ ɔwu a, ɔrentumi mfa hwee nkɔ;+

N’animuonyam renni n’akyi.+

18 Ɔte ase no, na ɔkamfo ne ho.*+

(Sɛ wodi yie a, nkurɔfoɔ yi wo ayɛ.)+

19 Nanso awieeɛ koraa no, ɔkɔka n’agyanom awoɔ ntoatoasoɔ ho.

Wɔrenhu hann bio.

20 Onipa dasani a ɔnte wei ase no, ɛwom sɛ ɔwɔ animuonyam deɛ,+

Nanso ɔnkyɛn mmoa a wɔsɛe kwa no.

Asaf dwom.+

50 Yehowa,* Onyankopɔn a onyame biara ne no nsɛ no+ akasa;

Ɔfrɛ asaase

Firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ.*

 2 Sion yɛ kuro a n’ahoɔfɛ di mu;+ ɛhɔ na Onyankopɔn ma hann hyerɛn fire.

 3 Yɛn Nyankopɔn bɛba, na ɔrentumi nyɛ komm.+

Egya a ɛhye adeɛ di n’anim,+

Na ahum kɛseɛ atwa ne ho ahyia.+

 4 Ɔfrɛ ɔsoro ne asaase,+

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn:+

 5 “Mommoaboa m’anokwafoɔ ano mma me,

Wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me ayɛ apam no.”+

 6 Ɔsoro ka ne tenenee kyerɛ,

Ɛfiri sɛ Onyankopɔn ankasa ne Ɔtemmufoɔ.+ (Sela)

 7 “O me man, montie, na merebɛkasa;

Israel, merebɛdi adanseɛ atia wo.+

Mene Onyankopɔn, wo Nyankopɔn.+

 8 Ɛnyɛ mo afɔrebɔ nti na mereka mo anim,

Na ɛnyɛ mo hyeɛ afɔreɛ a ɛwɔ m’anim daa ntira.+

 9 Ɛnhia sɛ mefa nantwinini firi mo fie,

Na ɛnhia nso sɛ mefa mpɔnkyenini firi mo mpɔnkyebuo mu.+

10 Ɛfiri sɛ kwaeɛ mu mmoadoma nyinaa yɛ me dea,+

Mmepɔ apem so mmoa nyinaa mpo yɛ me dea.

11 Menim mmepɔ so nnomaa nyinaa;+

Na wuram mmoadoma a wɔn dodoɔ nni ano nyinaa yɛ me dea.

12 Sɛ ɛkɔm de me a, ɛnyɛ wo na mɛka akyerɛ wo,

Ɛfiri sɛ asaase ne emu nneɛma nyinaa yɛ me dea.+

13 Anantwinini nam na mewe anaa?

Na mpɔnkye mogya na menom anaa?+

14 Fa aseda yɛ afɔrebɔdeɛ ma Onyankopɔn,+

Na tua wo bɔhyɛ adeɛ ma Ɔsorosoroni no;+

15 Frɛ me ahohia da mu,+

Na mɛgye wo ama woahyɛ me animuonyam.”+

16 Ɔdebɔneyɛfoɔ deɛ, Onyankopɔn bɛka akyerɛ no sɛ:

“Hwan na ɔmaa wo kwan sɛ ka m’ahyɛdeɛ ho asɛm+

Anaa ka m’apam ho asɛm?+

17 Ɛfiri sɛ wokyiri ntenesoɔ,*

Na womfa me nsɛm nyɛ hwee.*+

18 Sɛ wohu korɔmfoɔ a, w’ani gye ne ho,*+

Na wo ne awaresɛefoɔ na ɛbɔ.

19 Wode w’ano keka nsɛmmɔne,

Na nnaadaasɛm wɔ wo kɛtrɛma so.+

20 Wotena ase kasa tia wo ara wo nua;+

Wo maame ba mpo, wodi ne ho nsekuro.*

21 Berɛ a woyɛɛ weinom nyinaa no, meyɛɛ dinn,

Enti ɛyɛɛ wo sɛ mɛyɛ sɛ wo ara.

Afei, merebɛkasa akyerɛ wo,

Na mɛka deɛ woayɛ asi w’anim.+

22 Mo a mo werɛ afi Onyankopɔn, mesrɛ mo, monsusu wei ho,+

Na mantete mo mu pasaa a morennya ɔgyefoɔ biara.

23 Deɛ ɔde aseda yɛ afɔrebɔdeɛ no hyɛ me animuonyam,+

Na deɛ ɔde si n’ani so sɛ ɔbɛfa kwampa so no,

Mɛma no ahu Onyankopɔn nkwagyeɛ.”+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom. Berɛ a Dawid ne Bat-Seba daeɛ na odiyifoɔ Natan baa ne nkyɛn no akyi na Dawid twerɛɛ dwom yi.+

51 O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛdeɛ wo dɔ a ɛnni hwammɔ no teɛ.+

Wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, pepa me mmarato.+

 2 Hohoro me mfomsoɔ firi me ho koraa,+

Na hohoro* me ho firi me bɔne ho.+

 3 Me mmarato no, menim paa,

Na me bɔne wɔ m’anim* daa nyinaa.+

 4 Wo paa na mayɛ wo bɔne;+

Mayɛ deɛ ɛnyɛ wɔ w’ani so.+

Enti sɛ wokasa a, wodi bem,

Na wotene wɔ w’atemmuo mu.+

 5 Hwɛ! Wɔwoo me no, na bɔne wɔ me ho,

Na bɔne mu na me maame nyinsɛnee me.*+

 6 Hwɛ! Akoma mu nokorɛdie na w’ani gye ho;+

Kyerɛkyerɛ me na menhu nyansa ankasa wɔ m’akoma mu.

 7 Fa sommɛ* dwira me ho firi me bɔne ho na ama me ho ate;+

Hohoro me ho na me ho nyɛ fitaa nsene sukyerɛmma.+

 8 Ma mente ahosɛpɛ ne ahurisie nne,

Na ama m’ani agye ɛmfa ho sɛ woabubu me nnompe no.+

 9 Yi w’ani firi me bɔne so,*+

Na pepa me mfomsoɔ nyinaa.+

10 O Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me,+

Na fa honhom foforɔ hyɛ me mu,+ honhom a aseɛ atim.

11 Nto me mfiri w’anim ntwene,

Na nyi wo honhom kronkron mfiri me so.

12 Ma menni wo nkwagyeɛ ho ahurisie bio,+

Na ma mennya ɔpɛ sɛ mɛtie wo.

13 Mɛkyerɛkyerɛ mmaratofoɔ w’akwan,+

Na ama abɔnefoɔ asan aba wo nkyɛn.

14 O Onyankopɔn, me nkwagyeɛ Nyankopɔn,+ gye me firi mogya ho afɔdie mu,+

Na ama me kɛtrɛma de anigyeɛ aka wo tenenee ho asɛm.+

15 O Yehowa, bue m’ano,

Na m’ano atumi aka w’ayeyie ho asɛm.+

16 W’ani nnye afɔrebɔ ho, anka mede bɛma wo;+

Ɔhyeɛ afɔreɛ nsɔ w’ani.+

17 Afɔreɛ a ɛsɔ Onyankopɔn ani ne honhom a abubu;

O Onyankopɔn, worempo akoma a abubu na apɛkyɛ.+

18 W’adom nti, wo ne Sion nni no yie;

San to Yerusalem afasuo no.

19 Ɛno na w’ani bɛgye tenenee afɔreɛ ho,

Ɔhyeɛ afɔreɛ ne afɔrebɔ nyinaa ho;

Afei, wɔde anantwinini bɛbɔ afɔreɛ wɔ w’afɔrebukyia so.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Maskil.* Edomni Doeg kɔka kyerɛɛ Saul sɛ Dawid wɔ Ahimelek fie; ɛno akyi na Dawid twerɛɛ dwom yi.+

52 Otumfoɔ, adɛn nti na wode wo bɔne hoahoa wo ho?+

Onyankopɔn dɔ a ɛnni hwammɔ no wɔ hɔ daa nyinaa.+

 2 Wo kɛtrɛma a ano yɛ nnam sɛ yiwan no,+

Ɛbɔ pɔ bɔne, na ɛyɛ nnaadaa nnwuma.+

 3 Wodɔ bɔne sene papa,

Na wodɔ nkontompo sene sɛ wobɛka nsɛm a ɛtene. (Sela)

 4 O kɛtrɛma a woyɛ nkontomponi;

W’ani gye asɛm biara a ɛpira ho.

 5 Ɛno nti Onyankopɔn bɛma woahwe ase;+

Ɔbɛtwe wo, na watu wo afiri wo ntomadan mu;+

Ɔbɛtu w’ase afiri ateasefoɔ asaase so.+ (Sela)

 6 Ateneneefoɔ bɛhunu na wɔn ho adwiri wɔn,+

Na wɔbɛsere no+ aka sɛ:

 7 “Wei ne ɔbarima a wamfa Onyankopɔn anyɛ ne dwankɔbea* no,+

Mmom, ɔde ne ho too n’ahonyadeɛ bebrebe no so,+

Na ɔde ne ho too pɔ bɔne a ɔno ara bɔeɛ so.”*

 8 Nanso me deɛ, mɛyɛ sɛ ngodua frɔmfrɔm wɔ Onyankopɔn fie;

Mede me ho bɛto Onyankopɔn dɔ a ɛnni hwammɔ no so+ daa daa.

 9 Ɛsiane deɛ woayɛ nti, mɛyi wo ayɛ daa;+

Mede m’ani bɛto wo din so+

Wɔ w’anokwafoɔ anim ɛfiri sɛ ɛyɛ.

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; wɔto no Mahalat* kwan so. Maskil.* Dawid dwom.

53 Onipa a ɔnni adwene* ka no n’akomam sɛ:

“Yehowa biara nni hɔ.”+

Wɔn nneyɛɛ a ɛntene no nyɛ koraa, na wɔyɛ akyiwadeɛ.

Wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ adepa.+

 2 Onyankopɔn deɛ, ɔfiri soro hwɛ nnipa mma;+

Ɔrehwɛ sɛ ɔbɛhu obi a ɔwɔ nhunumu anaa obi a ɔhwehwɛ Yehowa.+

 3 Wɔn nyinaa afom kwan;

Wɔn nyinaa aporɔ.

Obiara nni hɔ a ɔyɛ adepa,

Baako mpo nni hɔ.+

 4 Nnebɔneyɛfoɔ no mu biara nni hɔ a ɔwɔ nteaseɛ anaa?

Wɔmemene me man sɛdeɛ wɔanya paanoo redie.

Wɔmmɔ Yehowa mpaeɛ.+

 5 Ehu kɛseɛ bɛka wɔn,

Ehu a ebi nkaa wɔn da,*

Ɛfiri sɛ wɔn a wɔto hyɛ wo so no,* Onyankopɔn bɛbɔ wɔn nnompe apete.

Wobɛma wɔn ani awu, ɛfiri sɛ Yehowa apo wɔn.

 6 Sɛ Israel nkwagyeɛ bɛfiri Sion aba,+

Na sɛ Yehowa bɛsan aboaboa ne nkurɔfoɔ a wɔakɔdi obi man so no ano aba a,

Ɛnneɛ ma Yakob ani nnye na Israel nni ahurisie.

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ sɛ wɔmfa asankuo nto. Maskil.* Dawid dwom. Saa berɛ no na Sififoɔ kɔka kyerɛɛ Saul sɛ: “Dawid abɛhinta yɛn nkyɛn”+ no.

54 O Onyankopɔn, fa wo din no gye me,+

Na fa wo tumi di m’asɛm ma me.+

 2 O Onyankopɔn, tie me mpaebɔ,+

Na yɛ aso tie m’anom nsɛm.

 3 Na ananafoɔ asɔre atia me,

Na atirimuɔdenfoɔ rehwehwɛ me aku me.*+

Wɔmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.*+ (Sela)

 4 Hwɛ! Onyankopɔn ne me boafoɔ;+

Wɔn a wɔkurakura me* no, Yehowa wɔ wɔn afã.

 5 Bɔne a m’atamfo di no, ɛno ara na ɔde bɛtua wɔn so ka;+

Wo nokorɛdie nti, yi wɔn firi hɔ.*+

 6 Mɛyi me yam abɔ afɔreɛ ama wo.+

O Yehowa, mɛyi wo din ayɛ, ɛfiri sɛ ɛyɛ.+

 7 Ɔgye me firi ahohia nyinaa mu,+

Na m’atamfo bɛhwe ase ama madi ahurisie.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ sɛ wɔmfa asankuo nto. Maskil.* Dawid dwom.

55 O Onyankopɔn, tie me mpaebɔ,+

Na sɛ mesrɛ wo sɛ hu me mmɔbɔ a, mmu w’ani ngu m’adesrɛ so.*+

 2 Wɛn w’aso ma me, na gye me so.+

Me dadwene ama me ho yera me,+

Na maboto,

 3 Ɛsiane deɛ ɔtamfo rekeka

Ne ɔdebɔneyɛfoɔ nhyɛsoɔ nti.

Wɔde mmusuo ba me so daa,

Na abufuo nti, wɔnya me ho menasepɔ.+

 4 M’akoma di yea wɔ me mu,+

Na owuo ho hu akyekyere me.+

 5 Ehu ne ahopopoɔ ahyɛ me so,

Na me ho woso biribiri.

 6 Daa meka sɛ: “Sɛ mewɔ ntaban te sɛ aburuburo a,

Anka mɛtu akɔtena baabi a me ho bɛtɔ me.

 7 Hwɛ! Anka mɛtu akɔ akyirikyiri;+

Anka mɛtena serɛ so.+ (Sela)

 8 Anka mɛtu mmirika akɔ me dwankɔbea,

Afiri mframa kɛseɛ ne ahum no mu.”

 9 O Yehowa, ma wɔn adwene ntu mfra, na ma wɔn agyinatuo nyɛ kwa,*+

Na mahunu aniɛdensɛm ne akasakasa wɔ kuro no mu.

10 Wɔnenam n’afasuo so awia ne anadwo;

Amumuyɛsɛm ne ɔhaw wɔ kuro no mu.+

11 Mmusuo wɔ kuro no mu;

Na nhyɛsoɔ ne nnaadaa mpa n’abɔnten so.+

12 Ɛnyɛ ɔtamfo na ɔtwa me adapaa;+

Sɛ saa a, anka ɛrenha me.

Ɛnyɛ ɔtamfo na wasɔre atia me;

Anka mɛtumi de me ho ahinta no.

13 Mmom ɛyɛ wo, me yɔnko nipa,*+

Me ara me mannifoɔ a menim wo yie.+

14 Ná woyɛ me yɔnko berɛboɔ;

Yɛne nnipadɔm bɔɔ anan kɔɔ Onyankopɔn fie.

15 Ma ɔsɛeɛ mmra wɔn so!+

Ma wɔmfa anikan nkɔ Adamena* mu,

Ɛfiri sɛ bɔne wɔ wɔn akoma mu ne baabi a wɔteɛ.

16 Me deɛ, Onyankopɔn na mɛfrɛ no;

Na Yehowa na ɔbɛgye me.+

17 Meyɛ basaa anwummerɛ, anɔpa, ne awia, na mesi apini,*+

Na ɔte me nne.+

18 Ɔbɛgye me,* na wama manya asomdwoeɛ ɛmfa ho sɛ nkurɔfoɔ ko tia me no;

Nnipadɔm na wɔreko tia me.+

19 Onyankopɔn bɛte na wako atia wɔn;+

Ɔno na ɔte ahennwa so firi tete.+ (Sela)

Wɔn deɛ, wɔrensesa;

Wɔnsuro Onyankopɔn.+

20 Wato* ahyɛ wɔn a wɔne no te asomdwoeɛ mu so;+

Wabu apam a ɔne me yɛeɛ no so.+

21 N’anom nsɛm yɛ fekɔfekɔ sene bɔta,+

Nanso ntɔkwa na ɛwɔ n’akomam.

Ahomeka wɔ ne nsɛm mu* sene ngo,

Nanso ano yɛ nnam sene sekan.+

22 Dane w’adesoa to Yehowa so,+

Na ɔbɛboa wo.+

Ɔremma ɔteneneeni nhwe ase* da.+

23 Nanso wo, Onyankopɔn, wo na wode wɔn bɛkɔ amena mu tɔnn.+

Awudifoɔ* ne nkontompofoɔ renni wɔn nna mu fã.+

Me deɛ, mede me ho bɛto wo so.

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; ɛkwan a wɔfa so to no: “Akyirikyiri Aburuburo a Ɔnyɛ Dede.” Dawid dwom. Miktam.* Saa berɛ no na Filistifoɔ kyee no wɔ Gat+ no.

56 O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na ɔdasani atu n’ani asi me so.*

Daa nyinaa wɔne me ko, na wɔhyɛ me so.

 2 Daa m’atamfo pɛ sɛ wɔmene me;

Ahantan nti, wɔn mu bebree ko tia me.

 3 Sɛ mebɔ hu a,+ mede me ho to wo so.+

 4 Onyankopɔn a meyi n’asɛm ayɛ no,

Ɔno ne Onyankopɔn a mede me werɛ ahyɛ ne mu; mensuro.

Ɛdeɛn na onipa dasani* bɛtumi ayɛ me?+

 5 Daa nyinaa wɔtan m’ani;

Me ho pɔ bɔne nko ara na wɔbɔ.+

 6 Wɔtetɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛto ahyɛ me so;

Metu anammɔn biara a, na wɔn ani si me so,+

Na wɔrepɛ me aku me.*+

 7 Wɔn amumuyɛ nti, po wɔn.

O Onyankopɔn, fa abufuo brɛ amanaman ase.+

 8 W’ani tua m’akyinkyinakyinkyini nyinaa.+

Fa me nisuo gu wo nsuo kotokuo* mu.+

Wontwerɛɛ no wo nwoma+ mu anaa?

 9 Ɛda a mɛsu afrɛ wo no, m’atamfo bɛdane wɔn ho adwane;+

Awerɛhyɛmu a mewɔ ne sɛ, Onyankopɔn wɔ m’afã.+

10 Onyankopɔn a meyi n’asɛm ayɛ no,

Yehowa a meyi n’asɛm ayɛ no,

11 Ɔno ne Onyankopɔn a mede me werɛ ahyɛ ne mu; mensuro.+

Ɛdeɛn na onipa dasani bɛtumi ayɛ me?+

12 O Onyankopɔn, mahyɛ wo bɔ, na mɛdi so.+

Mede aseda bɛma wo.+

13 Wo na woagye me* afiri owuo mu,+

Na woamma me nan ansunti;+

Ɛno bɛma masom Onyankopɔn wɔ ateasefoɔ hann mu.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; ɛkwan a wɔfa so to no: “Nsɛe Me.” Dawid dwom. Miktam.* Saa berɛ no, Saul nti na wadwane akɔhyɛ ɔbodan mu.+

57 Hu me mmɔbɔ, O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ,

Na wo na mede wo ayɛ me* dwankɔbea;+

Wo ntaban nwunu ase na mede ayɛ me dwankɔbea kɔsi sɛ ɔhaw no bɛtwam.+

 2 Ɔsorosoroni Nyankopɔn na mesu frɛ no,

Mesu frɛ nokorɛ Nyankopɔn no, na me nti ɔma ɔhaw no to twa.

 3 Onyankopɔn bɛsoma afiri soro abɛgye me.+

Ɔbɛma deɛ ɔpɛ sɛ ɔmene me no agyinatuo ayɛ kwa. (Sela)

Onyankopɔn bɛsoma ne dɔ a ɛnni hwammɔ ne ne nokorɛ.+

 4 Agyata atwa me* ho ahyia;+

Nnipa a wɔpɛ sɛ wɔmene me no ntam na meda;

Wɔn se te sɛ mpea ne agyan,

Na wɔn kɛtrɛma te sɛ sekan a ano yɛ nnam.+

 5 O Onyankopɔn, ma wo ho so tra soro;

Ma w’animuonyam nkata asaase nyinaa so.+

 6 Wɔayɛ asau a wɔde bɛsum me* fidie;+

Ɔhaw ama maboto.*+

Wɔatu amena wɔ m’anim,

Nanso wɔn ankasa akɔtɔ mu.+ (Sela)

 7 M’akoma nhinhim, O Onyankopɔn,+

M’akoma nhinhim.

Mɛto ayeyi dwom ama wo.

 8 M’animuonyam, nyane ɛ;

O sankuo, nyane; sankuten, wo nso nyane.

Mɛnyane ahomakye.+

 9 O Yehowa, mɛyi wo ayɛ wɔ amanaman mu;+

Mɛto ayeyi dwom* ama wo wɔ aman nyinaa mu.+

10 Ɛfiri sɛ wo dɔ a ɛnni hwammɔ no so, na ɛkɔduru soro,+

Na wo nokorɛdie kɔduru wiem.

11 O Onyankopɔn, ma wo ho so tra soro;

Ma w’animuonyam nkata asaase nyinaa so.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Ɛkwan a wɔfa so to no: “Nsɛe Me.” Dawid dwom. Miktam.*

58 Mobɛyɛ dɛn atumi aka tenenee ho asɛm berɛ a moayɛ komm?+

Mo nnipa mma, mobɛtumi abu atɛn wɔ tenenee mu?+

 2 Mmom, amumuyɛsɛm nko ara na mobɔ ho pɔ wɔ mo akoma mu,+

Na mode mo nsa bɔ kwan ma awudisɛm.+

 3 Nnebɔneyɛfoɔ afom kwan* firi yafunu mu;*

Wɔabɔ ko, na wɔadi atorɔ firi awoɔ mu tɔnn.

 4 Wɔn borɔ te sɛ ɔwɔ borɔ,+

Wɔn aso nte asɛm; wɔayɛ sɛ prammire a wasisi n’aso.

 5 Sɛ nkonyaayifoɔ a wɔaben yɛ no deɛn mpo a,

Ɔntie wɔn nne.

 6 O Onyankopɔn, dwiri wɔn se gu.

O Yehowa, bubu agyata* yi abɔdwe.

 7 Ma wɔnyera sɛdeɛ nsuo we;

Ma Onyankopɔn ntwe n’agyan wɔ wɔn so na wɔnhwe ase.

 8 Ma wɔnyɛ sɛ nwa a ne mu nsuo retwe.

Ma wɔnyɛ sɛ abɔfra a ne maame apɔn no a wanhu awia.

 9 Mode nkasɛɛ nnua bɛsɔ gya, nanso ansa na egya no bɛka dadesɛn no,

Onyankopɔn de ahum bɛpra dua mono ne deɛ ɛrehye no nyinaa akɔ.+

10 Ɔteneneeni bɛdi ahurisie, ɛfiri sɛ ɔbɛhu abɔnefoɔ akatua.+

Ɔdebɔneyɛfoɔ mogya bɛduru ɔteneneeni nan ho.+

11 Afei nnipa bɛka sɛ: “Ampa ara, akatua wɔ hɔ ma ɔteneneeni.+

Anokwa, Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔbu atɛn asaase so!”+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; ɛkwan a wɔfa so to no: “Nsɛe Me.” Dawid dwom. Miktam.* Saa berɛ no na Saul somaa sɛ wɔnkɔtetɛ Dawid fie* na wɔnku no.+

59 O me Nyankopɔn, gye me firi m’atamfo nsam;+

Bɔ me ho ban firi wɔn a wɔsɔre tia me no ho.+

 2 Gye me firi amumuyɛfoɔ nsam,

Na gye me firi awudifoɔ* nsam.

 3 Hwɛ! Wɔtetɛ me;*+

O Yehowa, ahoɔdenfoɔ to hyɛ me so,

Nanso mentee atua na menyɛɛ bɔne biara.+

 4 Mennii mfomsoɔ biara, nanso wɔyɛ ntɛm boaboa wɔn ho sɛ wɔbɛto ahyɛ me so.

Sɛ mefrɛ wo a sɔre na twa w’ani bɛhwɛ me.

 5 O asafo Yehowa Nyankopɔn, wone Israel Nyankopɔn.+

Sɔre bɛhwɛ deɛ amanaman no nyinaa reyɛ.

Nkontompofoɔ* a wɔn tirim yɛ sum no, nhu wɔn mmɔbɔ.+ (Sela)

 6 Wɔba anwummerɛ biara;+

Wɔpɔ sɛ kraman,+ na wɔtwa kuro no ho hyia.+

 7 Hwɛ nsɛm a wɔde wɔn ano keka;*

Wɔn anom asɛm* te sɛ sekan;+

Wɔka sɛ: “Hwan na ɔretie?”+

 8 Nanso wo, Yehowa, wobɛsere wɔn;+

Wobɛdi amanaman nyinaa ho fɛ.+

 9 O Onyankopɔn, wone m’ahoɔden, na wo na m’ani da wo so;+

Onyankopɔn ne me dwankɔbea.*+

10 Onyankopɔn a ɔda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ me no bɛtwitwa agye me;+

Onyankopɔn bɛma m’atamfo ahwe ase ama madi ahurisie.+

11 Nkum wɔn na me man werɛ amfi wo nnwuma.

Wo tumi nti ma wɔmmɔ asesa;

O Yehowa, yɛn kyɛm, ma wɔnhwe ase.+

12 Wɔde wɔn ano yɛ bɔne keka nsɛm,

Enti ma wɔn ahantan nsum wɔn fidie,+

Ɛfiri sɛ wɔdome nkurɔfoɔ na wɔka nnaadaasɛm.

13 Fa abufuo yɛ wɔn pasaa;+

Yɛ wɔn pasaa na wɔn ase nhye;

Ma wɔnhu sɛ Onyankopɔn na ɔdi Yakob so kɔsi asaase ano nohoa.+ (Sela)

14 Ma wɔmmra anwummerɛ;

Ma wɔmpɔ sɛ kraman, na wɔntwa kuro no ho nhyia.+

15 Ma wɔnnantenante basabasa nhwehwɛ wɔn ano aduane;+

Mma wɔmmmee, na mma wɔnnnya baabi nntena.

16 Me deɛ, mɛto w’ahoɔden ho dwom.+

Anɔpa, mede anigyeɛ bɛka wo dɔ a ɛnni hwammɔ no ho asɛm.

Ɛfiri sɛ wone me hintabea+

Ne m’ahohia berɛ mu dwankɔbea.+

17 Wone m’ahoɔden, na wo na mɛto ayeyi nnwom* ama wo;+

Onyankopɔn ne me dwankɔbea, Onyankopɔn a ɔda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ me no.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; ɛkwan a wɔfa so to no: “Sukooko Nkaeɛ.” Miktam.* Dawid dwom. Wɔde kyerɛkyerɛ. Saa berɛ no, na ɔne Aram-Naharaim ne Aram-Soba ako ama Yoab abɛkunkum Edomfoɔ 12,000 wɔ Nkyene Bɔn no mu.+

60 O Onyankopɔn, wotoo yɛn tweneeɛ, na woto hyɛɛ yɛn so.+

Wo bo fuu yɛn. Nanso afei deɛ, gye yɛn tom bio.

 2 Womaa asaase wosoeɛ, womaa emu paapaeɛ.

Keka si animu bio, na ɛretete apansam.

 3 Woama wo man ahunu amane.

Woama yɛanom nsã* ama yɛn ti sisi fam.+

 4 Wɔn a wɔsuro wo no, ma wɔn ahyɛnsodeɛ*

Na wɔatumi adwane agyan. (Sela)

 5 Deɛ ɛbɛyɛ a w’adɔfoɔ bɛnya ɔgyeɛ no,

Fa wo nsa nifa gye yɛn, na tie yɛn adesrɛ.+

 6 Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no aka* sɛ:

“Mɛdi ahurisie, mede Sekem bɛma wɔn sɛ wɔn kyɛfa,+

Na mɛsusu Sukot Bɔn* ama wɔn.+

 7 Gilead yɛ me dea, Manase+ nso wɔ me,

Na Efraim yɛ dadeɛ kyɛ* a ɛhyɛ me;

Yuda yɛ m’ahempoma.*+

 8 Moab yɛ adeɛ a mehohoro me nsa wom.*+

Edom na mɛto me mpaboa ato.+

Mɛbɔ ose wɔ Filistia ho.”+

 9 Hwan na ɔde me bɛkɔ kuro a wɔatwa ho ahyia* no mu?

Hwan na ɔbɛdi m’anim akɔduru Edom?+

10 O Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woato yɛn atwene?

Ɛnyɛ wone yɛn Nyankopɔn a wo ne yɛn asraafoɔ nkɔ ɛko bio no?+

11 Gye yɛn firi ahohia mu,

Ɛfiri sɛ nkwagyeɛ a ɛfiri onipa hɔ deɛ, mfasoɔ nni so.+

12 Onyankopɔn hɔ na yɛbɛnya ahoɔden,+

Na ɔno na ɔbɛtiatia yɛn atamfo so.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ sɛ wɔmfa asankuo nto. Dawid dwom.

61 O Onyankopɔn, tie me sufrɛ.

Yɛ aso ma me mpaebɔ.+

 2 Sɛ m’akoma bubu a,+

Mɛfiri asaase ano nohoa asu afrɛ wo.

Gya me kɔ ɔbotan a ɛware sene me so.+

 3 Ɛfiri sɛ wone me dwankɔbea

Ne abandenden a wobɔ me ho ban firi m’atamfo ho.+

 4 Mɛsoɛ wo ntomadan mu afebɔɔ;+

Wo ntaban ase na mede bɛyɛ me dwankɔbea.+ (Sela)

 5 O Onyankopɔn, wo na woate ɛbɔ a mahyɛ nyinaa.

Woama me agyapadeɛ a wode ma wɔn a wɔsuro wo din.+

 6 Wode nna pii bɛka ɔhene nkwa nna ho,+

Na ɔbɛtena hɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ pii so.

 7 Ɔbɛtena ahennwa so wɔ Onyankopɔn anim* daa;+

Ma ɔdɔ a ɛnni hwammɔ ne nokorɛ mmɛsoɛ no, na abɔ ne ho ban.+

 8 Ɛno na mɛto ayeyi nnwom* ama wo din daa,+

Na matua me bɔhyɛ adeɛ da biara.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; Yedutan* deɛ. Dawid dwom.

62 Onyankopɔn na mayɛ komm retwɛn* no.

Ne hɔ na me nkwagyeɛ fire.+

 2 Ampa ara, ɔno ne me botan ne me nkwagyeɛ, me dwankɔbea;*+

Merenhinhim mmoro so da.+

 3 Mobɛtu mo ani asi onipa a morepɛ no aku no no so akɔsi da bɛn?+

Mo nyinaa mo ho yɛ hu te sɛ ɔfasuo a akyea na ɛredwiri agu.*

 4 Wɔtu agyina sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛdidi n’ase ayi no ahwe fam;*

Atorɔ na wɔn ani gye ho.

Wɔde wɔn ano hyira nnipa, nanso wɔn akoma mu deɛ, wɔdome wɔn.+ (Sela)

 5 Onyankopɔn na mayɛ komm retwɛn no,*+

Ɛfiri sɛ ɔno ne m’anidasoɔ.+

 6 Ampa ara, ɔno ne me botan ne me nkwagyeɛ, me dwankɔbea;

Merenhinhim da.+

 7 Me nkwagyeɛ ne m’animuonyam gyina Onyankopɔn so.

Onyankopɔn ne me botantim ne me dwankɔbea.+

 8 Momfa mo ho nto ne so daa.

Monka mo akoma mu nsɛm nkyerɛ no.+

Onyankopɔn yɛ yɛn dwankɔbea.+ (Sela)

 9 Nnipa mma te sɛ hwenem mframa,

Adasamma yɛ dwankɔbea hunu.+

Sɛ wɔkari wɔn nyinaa wɔ nsenia* mu a, wɔn mu yɛ hare sene hwenem mframa.+

10 Mommfa mo ho nnto apoobɔ so,

Na mommfa korɔno nnyɛ mo anidasoɔ.

Sɛ mo ahonyadeɛ dɔɔso a, mommfa mo adwene nnsi so.+

11 Onyankopɔn aka, na mate asɛm yi mprenu:

Ɛne sɛ, Onyankopɔn nsam na tumi wɔ.+

12 O Yehowa, ɔdɔ a ɛnni hwammɔ nso yɛ wo dea,+

Na wo na wotua obiara ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.+

Dawid dwom; saa berɛ no, na ɔwɔ Yuda serɛ so.+

63 O Onyankopɔn, wone me Nyankopɔn, na wo na mehwehwɛ wo daa.+

Wo ho sukɔm de me.*+

M’ani* agyina wo ara ama mayɛ hagyaa

Wɔ asaase wesee a nsuo nni soɔ so.+

 2 Enti mahu wo wɔ kronkronbea hɔ;

Mahunu w’ahoɔden ne w’animuonyam.+

 3 Ɛsiane sɛ wo dɔ a ɛnni hwammɔ yɛ sene

nkwa nti,+

M’ano na mede bɛkamfo wo.+

 4 Enti mɛhyira wo me nkwa nna nyinaa;

Wo din mu na mɛma me nsa so abɔ wo mpaeɛ.

 5 Manya* nneɛma pa ne akɔnnɔdeɛ* adi amee,

Enti m’ano de ahurisi dwom bɛyi wo ayɛ.+

 6 Mekae wo wɔ me kɛtɛ so,

Na anadwo dasuom,* medwendwene wo ho.+

 7 Wone me boafoɔ,+

Na wo ntaban nwunu ase na meto ahurisi dwom.+

 8 Mebata* wo ho dendeenden;

Wo nsa nifa kura me mu yie.+

 9 Wɔn a wɔrehwehwɛ me nkwa* no deɛ,

Asaase ase tɔnn na wɔbɛkɔ.

10 Wɔbɛwuwu sekan ano;

Wɔbɛdane aduane ama sakraman.

11 Nanso ɔhene bɛdi Onyankopɔn mu ahurisie.

Obiara a ɔka no ntam no ho bɛsɛpɛ no,*

Ɛfiri sɛ wɔbɛma nkontompofoɔ aka wɔn ano atom.

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom.

64 O Onyankopɔn, sɛ mesu frɛ wo a, tie me nne.+

Ɔtamfo ho yɛ hu, enti bɔ me nkwa ho ban.

 2 Sɛ nnebɔneyɛfoɔ bɔ pɔ bɔne a, bɔ me ho ban firi ho,+

Na bɔ me ho ban firi amumuyɛfoɔ dɔm ho;

 3 Wɔse wɔn kɛtrɛma te sɛ sekan;

Wɔhwehwɛ nsɛm a ano yɛ ya a wɔbɛto no sɛ agyan.

 4 Wɔkɔtɛ baabi a wɔbɛtumi ato awɔ deɛ ne ho nni asɛm.

Wɔto wɔ no mpofirim; wɔnsuro mpo.

 5 Adwemmɔne no ara na wɔkura mu;*

Wɔtu agyina hwehwɛ akwan a wɔbɛfa so asum mfidie asie.

Wɔka sɛ: “Hwan na ɔbɛhunu?”+

 6 Daa wɔhwehwɛ akwan foforɔ a wɔbɛfa so adi bɔne;

Wɔfa nyansakwan so sum fidie sie;+

Obi akomam asɛm nso deɛ, obi rentumi nhunu.

 7 Nanso Onyankopɔn bɛto agyan awɔ wɔn,+

Na ɛbɛpirapira wɔn mpofirim.

 8 Wɔn ankasa anom asɛm na ɛbɛma wɔahwe ase.+

Obiara a ɔbɛhu wɔn no bɛwoso ne ti.

 9 Ɛbɛma nnipa nyinaa asuro

Na wɔaka deɛ Onyankopɔn ayɛ ho asɛm,

Na wɔbɛte ne nnwuma ase.+

10 Ɔteneneeni bɛdi ahurisie wɔ Yehowa mu, na ɔde no ayɛ ne dwankɔbea;+

Akoma mu teefoɔ nyinaa bɛdi ahurisie.*

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ayeyi dwom.

65 O Onyankopɔn, ayeyie retwɛn wo wɔ Sion;+

Yɛahyɛ wo bɔ, na yɛbɛdi so.+

 2 O mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na nnipa a wɔfiri mmaa* nyinaa bɛba.+

 3 Me mfomsoɔ aboro me so,+

Nanso wokata yɛn mmarato so.+

 4 Anigyeɛ ne onipa a woyi no na woma no ba wo nkyɛn

Bɛtena wo fie adihɔ.+

Wo fie nneɛma pa bɛmee yɛn+

Wɔ w’asɔrefie kronkron* no mu.+

 5 O yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn,

Wobɛyɛ tenenee nnwuma akɛseɛ+ de abua yɛn adesrɛ;

Wɔn a wɔtete asaase ano+

Ne wɔn a wɔwɔ po so akyirikyiri nyinaa, wone wɔn Ahotɔsoɔ.

 6 Wode w’ahoɔden* maa mmepɔ timii;

Woahyɛ* tumi sɛ ataadeɛ.+

 7 Woma* ɛpo a ɛrehuru yɛ dinn,+

Na asorɔkye a ɛrebu fa so ne amanaman gyegyeegye nso brɛ ase.+

 8 Wo nsɛnkyerɛnne bɛma wɔn a wɔtete akyirikyiri ho adwiri wɔn;+

Wobɛma wɔn a wɔtete apueeɛ ne atɔeɛ abɔ ose.

 9 Woma asaase nya deɛ ɛhia;

Ɛso aba pii ma no yɛ frɔmfrɔm.+

Asutene a ɛfiri Onyankopɔn hɔ mu nsuo dɔɔso.

Woma nnipa nya aduane;+

Saa na woayɛ asaase no.

10 Woma nsuo yeyɛ n’aka ma, na asaase a wɔafuntum nso, woma no da so kama;

Woma nsuo tɔ gu so ma no yɛ mmerɛ; wohyira n’afifideɛ so ma no nyini.+

11 Wode wo papayɛ bɔ afe no abotire;

Baabi a wobɛfa biara, nneɛma pa nko ara na ɛdi w’akyi.*+

12 Nneɛma pa abu so* wɔ mmoa adidibea a ɛwɔ serɛ so,+

Na nkokoɔ ahyɛ ahurisidie sɛ ataadeɛ.+

13 Nnwan ayɛ ma wɔ wɔn adidibea,

Abɔn nyinaa, hwiit* ayɛ mu ma.*+

Asaase no nyinaa bɔ ose, ɛto dwom.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Ayeyi dwom.

66 Asaase nyinaa, mommɔ ose mma Onyankopɔn.+

 2 Monto ayeyi nnwom* mma ne din kɛseɛ no.

Monyi no ayɛ na monhyɛ no animuonyam.+

 3 Monka nkyerɛ Onyankopɔn sɛ: “Wo nnwuma yɛ nwanwa!+

W’ahoɔden dodoɔ nti

W’atamfo ho bɛpopo w’anim.+

 4 Asaase nyinaa bɛbɔ wɔn mu ase ama wo,+

Wɔbɛto ayeyi dwom ama wo;

Wɔbɛto ayeyi dwom ama wo din.”+ (Sela)

 5 Mommra mmɛhwɛ Onyankopɔn nnwuma.

Deɛ wayɛ akyerɛ nnipa mma no yɛ nwanwa.+

 6 Ɔmaa ɛpo danee asaase kesee;+

Wɔnante twaa asubɔnten no.+

Ɛhɔ na yɛdii ne mu ahurisie.+

 7 Ne tumi nti ɔbɛkɔ so adi hene daa.+

N’ani di amanaman no akyi.+

Mma wɔn a wɔasene wɔn kɔn no nnhoahoa wɔn ho.+ (Sela)

 8 Amanaman, monyi yɛn Nyankopɔn ayɛ;+

Momma wɔnte n’ayeyie.

 9 Ɔkora yɛn nkwa so;*+

Ɔmma yɛn nan nsunti.*+

10 O Onyankopɔn, woapɛɛpɛɛ yɛn mu;+

Woayiyi yɛn mu sɛdeɛ wɔnane dwetɛ yiyi mu fĩ no.

11 Wode atena ayi yɛn;

Wode adesoa a ɛboro yɛn so asoa yɛn.*

12 Woama ɔdasani atwi afa yɛn so;*

Yɛfaa egya ne nsuo mu;

Afei wode yɛn baa baabi a yɛn ho bɛdwo yɛn.

13 Mede ɔhyeɛ afɔreɛ bɛba wo fie;+

Ɛbɔ a mahyɛ wo no, mɛdi so;+

14 Deɛ mebuee m’ano hyɛɛ ho bɔ,+

Na mede me kɛtrɛma kaa no ahokyerɛ mu no, mɛdi so.

15 Mede mmoa a wɔadɔre sradeɛ bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ama wo;

Mede adwennini afɔrebɔ wisie bɛma wo.

Anantwinini ne mpɔnkyenini na mede bɛbɔ afɔreɛ ama wo. (Sela)

16 Mo a mosuro Onyankopɔn nyinaa, mommra mmɛtie,

Na mɛka deɛ wayɛ ama me* akyerɛ mo.+

17 Mebuee m’ano frɛɛ no,

Na mede me kɛtrɛma hyɛɛ no animuonyam.

18 Sɛ mede adwemmɔne bi hyɛɛ me mu a,

Anka Yehowa rentie me.+

19 Nanso Onyankopɔn tiee me;+

Ɔyɛɛ aso maa me mpaebɔ.+

20 Ayeyie nka Onyankopɔn a wammu n’ani angu me mpaebɔ so,

Na ne dɔ a ɛnni hwammɔ nso, wanyi amfiri me so.

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ sɛ wɔmfa asankuo nto. Ayeyi dwom.

67 Onyankopɔn, dom yɛn na hyira yɛn;

Te w’anim ma yɛn+ (Sela)

 2 Na ama nkurɔfoɔ ahu w’akwan wɔ asaase so baabiara,+

Ne wo nkwagyeɛ nnwuma wɔ aman nyinaa mu.+

 3 O Onyankopɔn, ma aman nyi wo ayɛ;

Ma aman nyinaa nyi wo ayɛ.

 4 Ma amanaman nni ahurisie na wɔmmɔ ose,+

Ɛfiri sɛ atɛn a wobɛbu aman no tene.+

Wobɛkyerɛ asaase so amanaman no kwan. (Sela)

 5 O Onyankopɔn, ma aman nyi wo ayɛ;

Ma aman nyinaa nyi wo ayɛ.

 6 Asaase bɛbɔ n’aduane;*+

Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn, bɛhyira yɛn.+

 7 Onyankopɔn bɛhyira yɛn;

Nnipa a wɔtete asaase ano nyinaa bɛsuro no.*+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ayeyi dwom.

68 Ma Onyankopɔn nsɔre, ma n’atamfo mmɔ nhwete,

Na ma wɔn a wɔkyiri no no nnwane mfiri n’anim.+

 2 Sɛdeɛ mframa bɔ wisie kɔ no, pamo wɔn saa ara;

Sɛdeɛ egya nane ɛwoɔkyɛm no,

Ma nnebɔneyɛfoɔ nyera mfiri Onyankopɔn anim saa ara.+

 3 Ateneneefoɔ deɛ, ma wɔnni ahurisie,+

Ma wɔn ho nsɛpɛ wɔn Onyankopɔn anim,

Na wɔmfa anigyeɛ mmɔ ose.

 4 Monto dwom mma Onyankopɔn, monto ayeyi nnwom* mma ne din;+

Monto dwom mma deɛ ɔnam asaase pradadaa so* no.

Ne din ne Yah!*+ Monni ahurisie wɔ n’anim.

 5 Onyankopɔn a ɔte ne kronkronbea no,+

Ɔno ne nnyanka agya ne akunafoɔ kamafoɔ.*+

 6 Onyankopɔn ma deɛ ɔnni boafoɔ nya fie tena mu;+

Wɔn a wɔda afiase mpo, ɔma wɔnya wɔn ho tete, na ɛsi wɔn yie.+

Wɔn a wɔasene wɔn kɔn* deɛ, asaase wesee so na wɔbɛtena.+

 7 O Onyankopɔn, berɛ a wodii wo man anim no,+

Berɛ a wode wɔn faa serɛ so no, (Sela)

 8 Asaase wosoeɛ;+

Onyankopɔn nti, nsuo tɔ* firii soro;

Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn nti, Sinai yi wosoeɛ.+

 9 O Onyankopɔn, wotɔɔ nsuo pii;

Berɛ a wo man* brɛeɛ no, womaa wɔn ahoɔden foforɔ.

10 Wɔtenatenaa ntomadan mu;+

O Onyankopɔn, wo papayɛ nti womaa ohiani nyaa deɛ ɔhia.

11 Yehowa na ɔde ahyɛdeɛ ma ne nkurɔfoɔ;

Mmaa a wɔka asɛmpa no yɛ dɔm kɛseɛ.+

12 Ahemfo a wɔda asafodɔm ano deɛ, dwane+ ara na wɔbɛdwane.

Ɔbaa a ɔte fie mpo, wɔde nneɛma firi ɛko mu ba a, ɔnya bi.+

13 Ɛwom sɛ na moda abɔnten reto gya* deɛ,

Nanso aburuburo a dwetɛ dura ne ntaban ho,

Na sika kɔkɔɔ amapa dura ne ntakra ho na mode bɛba.

14 Berɛ a adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no bɔɔ asaase no so ahemfo hweteeɛ no,+

Sukyerɛmma tɔɔ wɔ Salmon.*

15 Basan+ bepɔ yɛ Onyankopɔn bepɔ;*

Basan bepɔ yɛ bepɔ a nkokoɔ dɔɔso wɔ so.

16 O mmepɔ atenten, adɛn nti na mo ani bere

Bepɔ a Onyankopɔn ayi de ayɛ* ne tenabea+ no?

Yehowa deɛ, ɛhɔ na ɔbɛtena daa.+

17 Ɛko nteaseɛnam a Onyankopɔn wɔ no yɛ ɔpedu ne mpempem huhaa.+

Yehowa firi Sinai aba kronkronbea hɔ.+

18 Woforo kɔɔ soro;+

Wode nkoa kɔeɛ;

Wode nnipa kɔyɛɛ akyɛdeɛ;+

O Yah Nyankopɔn, asoɔdenfoɔ+ mpo ka ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtena wɔn mu.

19 Yehowa a ɔsoa yɛn adesoa ma yɛn da biara+ no, ɔno na ayeyie nka no.

Ɔno ne yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn ankasa. (Sela)

20 Nokorɛ Nyankopɔn no ne yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn;+

Awurade Tumfoɔ Yehowa na ɔgye onipa firi owuo mu.+

21 Ampa ara, Onyankopɔn bɛyam n’atamfo ti pasaa;

Obiara a ɔbɛtena ne bɔne* mu no, ɔbɛbɔ ne tikwankoraa.+

22 Yehowa aka sɛ: “Basan na mede wɔn bɛfiri aba;+

Mede wɔn bɛfiri ɛpo bunu mu aba,

23 Na ama mogya afɔ wo nan ho,+

Na wo nkraman kɛtrɛma nso atafere atamfo mogya.”

24 O Onyankopɔn, wɔhu santen a wo nkurɔfoɔ ato;

Me Nyankopɔn, me Hene, ɛyɛ santen a ɛkɔ kronkronbea hɔ.+

25 Nnwontofoɔ no na wɔdi kan, na asankubɔfoɔ di akyire;+

Wɔn ntam na mmaayewa a wɔbɔ mpintin+ no di.

26 Monyi Onyankopɔn ayɛ wɔ asafo* kɛseɛ mu,

O mo a moyɛ Israel asefoɔ, monyi Yehowa ayɛ.+

27 Benyamin+ a ɔsua koraa no di nkurɔfoɔ so;

Yuda adehyeɛ ne wɔn dɔm a wɔteam nso saa ara;

Sebulon adehyeɛ ne Naftali adehyeɛ nso ka ho.

28 Wo Nyankopɔn aka sɛ wobɛnya ahoɔden.

O Onyankopɔn a woadi ama yɛn, kyerɛ wo tumi.+

29 W’asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no nti,+

Ahemfo de akyɛdeɛ bɛbrɛ wo.+

30 Mmoa a wɔnenam demmire* mu,

Anantwinini+ kuo ne anantwie mma no, ka wɔn anim,

Kɔsi sɛ nkurɔfoɔ de dwetɛ bɛba abɛbɔ wɔn mu ase.

Nnipa a wɔn ani gye ɛko ho no, wabɔ wɔn ahwete.

31 Nneɛma a wɔde kɔbere ayɛ bɛfiri Egypt aba;*+

Kus bɛyɛ ntɛm de akyɛdeɛ abrɛ Onyankopɔn.

32 O asaase so ahennie, monto dwom mma Onyankopɔn,+

Monto ayeyi nnwom* mma Yehowa; (Sela)

33 Monto mma deɛ ɔte ɔsoro mu soro+ firi teteete no.

Hwɛ! Ɔbobom, ɔde nne a emu yɛ duru bobom.

34 Monnye ntom sɛ Onyankopɔn wɔ ahoɔden.+

Ɔdi tumi kɛseɛ wɔ Israel so,

Na n’ahoɔden wɔ wiem.*

35 Onyankopɔn wɔ ne tenabea kronkron kɛseɛ no mu; ne* ho yɛ hu.+

Ɔno ne Israel Nyankopɔn,

Na ɔno na ɔma ɔman no ahoɔden ne tumi.+

Ayeyie nka Onyankopɔn.

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; ɛkwan a wɔfa so to no: “Sukooko.” Dawid dwom.

69 O Onyankopɔn, gye me, na nsuo reyɛ afa me.*+

 2 Matɔ aforɔ* mu, na mennya baabi nnyina.+

Masi nsuo a emu dɔ mu,

Na asubɔnten a ano yɛ den de me rekɔ.+

 3 Mateateam ara abrɛ;+

Me nne afã.

Mahwɛ me Nyankopɔn kwan ara abrɛ.*+

 4 Wɔn a wɔtan me kwa no,+

Wɔdɔɔso sene me tiri nwi mpo.

Wɔn a wɔnya me a wɔbɛyi me afiri hɔ

Ne wɔn a wɔkyiri me kɔkɔkɔkɔ no* adɔɔso.

Adeɛ a menwiaeɛ mpo, wɔayɛ ara agye no me hɔ.

 5 O Onyankopɔn, nkwaseasɛm a madi nyinaa wonim,

Na me bɔne nso, w’ani tua.

 6 O Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa,

Wɔn a wɔn ani da wo so no, mma me nti wɔn ani nnwu.

O Israel Nyankopɔn,

Wɔn a wɔhwehwɛ wo no, mma me nti wɔn anim nngu ase.

 7 Wo nti animguaseɛ aba me so,+

Na aniwuo adura m’anim.+

 8 Madane nanani ama me nuanom,

Ne ɔhɔhoɔ ama me maame mma.+

 9 Wo fie ho mmɔdemmɔ amene me,+

Na wɔn a wɔgu w’anim ase no, wɔn animguaseɛ aba me so.+

10 Berɛ a meyɛɛ akɔnkyene* brɛɛ me ho* ase* no,

Nkurɔfoɔ buu me animtia.

11 Berɛ a mede awerɛhoɔ ntoma* yɛɛ m’ataadeɛ no,

Nkurɔfoɔ tweetwee me.*

12 Sɛ nkurɔfoɔ tena kuro pono ano a, me ho asɛm ara na wɔka,

Akɔwensafoɔ twa me ho nnwom.

13 Nanso Yehowa, ma me mpaebɔ nnuru w’asom

Wɔ berɛ a ɛsɛ mu.+

O Onyankopɔn, wo dɔ bebrebe a ɛnni hwammɔ nti,

Fa wo nkwagyeɛ nnwuma a ɛnni hwammɔ no ma me mmuaeɛ.+

14 Yi me firi atɛkyɛ mu;

Mma memmmem.

Gye me firi wɔn a wɔtan me nsam

Ne nsuo a emu dɔ mu.+

15 Mma asubɔnten a ɛbu fa so no mmfa me nnkɔ,+

Mma nsuo a emu dɔ mmfa me,

Na mma menntɔ abura* mu.+

16 O Yehowa, gye me so, na wo dɔ a ɛnni hwammɔ no yɛ.+

Wo mmɔborɔhunu bebrebe nti twa w’ani bɛhwɛ me,+

17 Na mfa w’anim nhinta w’akoa.+

Madi amia, enti yɛ ntɛm gye me so.+

18 Twe bɛn me na bɛgye me;*

Gye me firi m’atamfo nsam.

19 Wonim animtiabuo, aniwuo, ne animguaseɛ a merefa mu.+

W’ani tua m’atamfo nyinaa.

20 Animguaseɛ ama m’akoma abubu, na ayɛ kuro a ɛnni sabea.*

Ná m’ani da so sɛ m’asɛm bɛyɛ obi mmɔbɔ, nanso mannya obiara;+

Mehwehwɛɛ awerɛkyekyefoɔ, nanso mannya bi.+

21 Wɔbɛma me aduane no, awuduro na wɔde maa me;+

Nsukɔm dee me no, wɔmaa me nsã a emu ka sɛ mennom.+

22 Ma wɔn adidipono nyɛ fidie mma wɔn,

Na ma wɔn ahonya nso nyɛ fidie.+

23 Ma wɔn ani so nyɛ tumm, na wɔanhunu adeɛ,

Na ma wɔn sisi nhodwo daa.

24 Hwie w’abufuo gu wɔn so,

Na ma w’abufuhyeɛ ntoa wɔn.+

25 Ma wɔn tenabea* nna mpan;

Mma obiara nntena wɔn ntomadan mu.+

26 Deɛ wobɔɔ no no, ɔno na wɔtaa ne so,

Na wɔn a wopiraa wɔn no yeadie na daa wɔka ho asɛm.

27 Wɔn afɔdie no, fa bi ka ho soa wɔn;

Mma wɔnnya wo tenenee mu kyɛfa.

28 Ma wɔmpepa wɔn din mfiri ateasefoɔ nwoma* mu;+

Mma wɔnntwerɛ wɔn din nnka ateneneefoɔ ho.+

29 Seesei deɛ, merehunu amane na meredi yea.+

O Onyankopɔn, ma wo nkwagyeɛ mmɔ me ho ban.

30 Mede nnwontoɔ bɛyi Onyankopɔn din ayɛ,

Na mede aseda bɛkamfo no.

31 Wei bɛsɔ Yehowa ani asene nantwie,

Nantwinini a ɔwɔ mmɛn na ne nan mu apae.+

32 Ahobrɛasefoɔ bɛhunu, na wɔadi ahurisie.

Mo a mohwehwɛ Onyankopɔn, monhyɛ mo ho den.*

33 Yehowa tie ahiafoɔ,+

Na ɔremmu ɔno ara ne nkurɔfoɔ a wɔakɔdi obi man so no animtia da.+

34 Momma ɔsoro ne asaase nyi no ayɛ;+

Ɛpo ne deɛ ɛwom nyinaa nyi no ayɛ.

35 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛgye Sion+

Na wasan akyekyere Yuda nkuro;

Ɛhɔ* na wɔbɛtena na ayɛ wɔn dea.

36 Ne nkoa asefoɔ na ɛbɛyɛ wɔn dea,+

Na wɔn a wɔdɔ ne din+ na wɔbɛtena hɔ.

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom a wɔde kaakae nsɛm.*

70 O Onyankopɔn, bɛgye me;

Yɛ ntɛm bɛboa me, O Yehowa.+

 2 Ma wɔn a wɔrepɛ me aku me* no

Ani nwu na wɔmfɛre.

Ma wɔn a wɔpɛ me sɛeɛ no

Mfa aniwuo nnane wɔn ho nnwane.

 3 Wɔn a wɔka sɛ: “Ɔtwea! Ɔtwea!” no,

Ma wɔmfa aniwuo nsan wɔn akyi.

 4 Wɔn a wɔhwehwɛ wo no deɛ,

Ma wɔn ani nnye na wɔnni wo mu ahurisie.+

Da biara, ma wɔn a wɔn ani gye wo nkwagyeɛ nnwuma ho no nka sɛ:

“Monkamfo Onyankopɔn.”

 5 Me deɛ, meyɛ mmɔborɔwa ne ohiani.+

O Onyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.+

Wone me boafoɔ ne me gyefoɔ.+

O Yehowa, ntwentwɛn wo nan ase.+

71 O Yehowa, wo na mede wo ayɛ me dwankɔbea.

Mma m’anim nngu ase da.+

 2 Wo tenenee nti twitwa gye me, na gye me nkwa.

Yɛ aso ma* me na gye me.+

 3 Bɛyɛ ɔbotantim ma me

Na daa manya baabi akɔtɛ.

Soma ma obi mmɛgye me nkwa,

Ɛfiri sɛ wone me botan ne m’abandenden.+

 4 O me Nyankopɔn, gye me firi ɔdebɔneyɛfoɔ nsam,+

Gye me firi otirimuɔdenfoɔ sisifoɔ nsam.

 5 Ɛfiri sɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa, wone m’anidasoɔ;

Wo na mede me werɛ ahyɛ wo mu* firi me mmɔfraase.+

 6 Ɛfiri berɛ a wɔwoo me, wo na mede me ho ato wo so;

Wo na woyii me firii me maame yam.+

Mɛyi wo ayɛ daa.

 7 Me ho yɛ nnipa bebree nwanwa,

Nanso menim sɛ wone me dwankɔbea.

 8 W’ayeyie ahyɛ m’anom ma;+

Daa nyinaa meka w’animuonyam ho asɛm.

 9 Nto me ntwene me nkɔkoraaberɛ mu;+

Sɛ m’ahoɔden so hwan a, nnya me.+

10 M’atamfo kasa tia me,

Na wɔn a wɔrepɛ me aku me* no bom tu agyina.+

11 Wɔka sɛ: “Onyankopɔn agyaa no.

Monti no na monkye no, ɛfiri sɛ ɔnni ɔgyefoɔ.”+

12 O Onyankopɔn, mma wo ne me ntam nnware.

O me Nyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.+

13 Wɔn a wɔne me* di asie no,

Ma wɔn ani nwu na wɔn ase nhye.+

Wɔn a wɔpɛ me sɛeɛ no,

Ma wɔmfira aniwuo ne animguaseɛ.+

14 Na me deɛ, mɛtwɛn daa;

Ayeyie a mede ma wo no, mede bi bɛka ho.

15 M’ano bɛka wo tenenee ho asɛm;+

Ɛbɛka wo nkwagyeɛ nnwuma ho asɛm daa nyinaa,

Ɛdɔɔso ara ma merentumi nkan.*+

16 O Awurade Tumfoɔ Yehowa,

Mɛkɔ akɔka wo tumi kɛseɛ no ho asɛm,

Mɛka wo tenenee ho asɛm; wo nko ara wo deɛ na mɛka ho asɛm.

17 O Onyankopɔn, woakyerɛkyerɛ me firi me mmɔfraase,+

Na maka w’anwanwadwuma ho asɛm+ de abɛsi nnɛ.

18 O Onyankopɔn, sɛ mebɔ akɔkoraa na mefu dwene mpo a, nnya me.+

Ma menka wo tumi* ho asɛm nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ,

Na menka wo kɛseyɛ ho asɛm nkyerɛ nkyirimma+ nyinaa.

19 O Onyankopɔn, wo tenenee kɔduru sorosoro;+

Nneɛma akɛseɛ na woayɛ;

O Onyankopɔn, hwan koraa na ɔte sɛ wo?+

20 Woama mafa amanehunu ne ahohia mu,+

Nanso ma mennyina me nan so bio;

Ma me so firi bunu* mu.+

21 Ma m’animuonyam nyɛ kɛseɛ,

Na bɛbɔ me ho ban na kyekye me werɛ.

22 Ɛno bɛma mede sankuo ayi wo ayɛ,

O me Nyankopɔn, ɛsiane wo nokorɛdie nti.+

O Israel Kronkronni,

Mede sankuten bɛto nnwom ayi wo ayɛ.*

23 M’ano bɛdi ahurisie na ato ayeyi nnwom ama wo,+

Ɛfiri sɛ woagye me nkwa.*+

24 Me kɛtrɛma bɛka wo tenenee ho asɛm* daa nyinaa,+

Ɛfiri sɛ wɔn a wɔpɛ me sɛeɛ no ani bɛwu, na wɔn anim agu ase.+

Ɛfa Solomon ho.

72 O Onyankopɔn, fa w’atemmusɛm ma ɔhene,

Na fa wo tenenee ma ɔhene ba.+

 2 Ma no mfa tenenee nni wo nkurɔfoɔ asɛm mma wɔn,

Na ɔmfa atɛntenenee nni mma mmɔborɔwafoɔ a wɔsom wo.+

 3 Ma mmepɔ mfa asomdwoeɛ mmrɛ ɔman no,

Na nkokoɔ mfa tenenee mmra.

 4 Ma no nni mmoa* ɔman no mu mmɔborɔwafoɔ;

Ma no ntwitwa nnye ohiani mma,

Na ɔmmubu osisifoɔ pasaa.+

 5 Awia da so wɔ hɔ yi, wɔbɛsuro wo,

Na bosome wɔ hɔ yi,

Wɔbɛsuro wo wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+

 6 Ɔbɛyɛ sɛ nsuo a ɛtɔ gu serɛ a wɔatwa so so,

Ɔbɛyɛ sɛ bosuo a ɛfɔ asaase.+

 7 Ne berɛ so no, ɔteneneeni bɛyɛ frɔmfrɔm,*+

Na asomdwoeɛ pii bɛba+ akɔsi sɛ bosome bɛfiri hɔ.

 8 Ɔbɛdi nnipa so* afiri po so akɔ po so,

Na wadi adeɛ afiri Asubɔnten no* ano akɔsi asaase ano.+

 9 Nnipa a wɔtete serɛ so bɛkoto n’anim,

Na n’atamfo bɛtafere mfuturo.+

10 Tarsis ne nsupɔ so ahemfo de toɔ bɛba.+

Saba ne Seba ahemfo nso de akyɛdeɛ bɛba.+

11 Ahemfo nyinaa bɛba abɛkoto n’anim,

Na amanaman nyinaa bɛsom no.

12 Ɔbɛgye ohiani a ɔsu frɛ no,

Ne mmɔborɔwa ne deɛ ɔnni boafoɔ nso.

13 Ɔbrɛfoɔ ne ohiani asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ,

Na ɔbɛgye ahiafoɔ* nkwa.

14 Ɔbɛgye wɔn* afiri nhyɛsoɔ ne atirimuɔdensɛm mu,

Na wɔn mogya boɔ bɛyɛ den wɔ n’ani so.

15 Ma no ntena nkwa mu na wɔmmrɛ no Saba sika kɔkɔɔ.+

Ma wɔmmɔ mpaeɛ mma no daa,

Na wɔnhyira no daa nyinaa.

16 Aduane* bɛbu so wɔ asaase no so;+

Ɛbɛbu so akɔduru mmepɔ atifi,

Ɔhene no nnuaba bɛyɛ kama sɛ Lebanon deɛ,+

Na nnipa bɛyɛ frɔmm wɔ kuro no mu te sɛ asaase so afifideɛ.+

17 Ma ne din ntena hɔ afebɔɔ;+

Awia da so wɔ hɔ yi, ma ne din nyɛ kɛseɛ.

Ma nkurɔfoɔ mfa ne so nnya nhyira,+

Na aman nyinaa mfrɛ no anigyeɛ.

18 Ayeyie nka Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ Israel Nyankopɔn no;+

Ɔno nko ara na ɔyɛ anwanwadeɛ.+

19 Ayeyie nka ne din kɛseɛ no daa;+

N’animuonyam nkata asaase nyinaa so.+

Amen ne Amen.

20 Yese ba+ Dawid mpaebɔ no nyinaa aba awieeɛ.

NWOMA A ƐTƆ SO MMIƐNSA

(Dwom 73-89)

Asaf+ dwom.

73 Ampa, Onyankopɔn yɛ ma Israel, ɔyɛ ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ.+

 2 Me deɛ, ɛkaa ketewaa bi anka meremane;

Ɛkaa kakraa bi anka merehwe ase.+

 3 Ɛfiri sɛ m’ani beree ahantanfoɔ,*

Ɛsiane sɛ, berɛ biara mehu sɛ nnebɔneyɛfoɔ wɔ asomdwoeɛ.+

 4 Wɔmmrɛ ansa na wɔawu;

Wɔwɔ apɔmuden.*+

 5 Ɔhaw a nkurɔfoɔ fa mu no, ebi nka wɔn,+

Na amanehunu a ɛto nnipa nyinaa no, ebi nto wɔn.+

 6 Ɛno nti wɔde ahantan ayɛ kɔnmuadeɛ;+

Wɔafira awudisɛm sɛ ntoma.

 7 Wɔn ahonyadeɛ* ama wɔn ani ayeyɛ akɛseɛ;

Wɔanya aboro deɛ wɔn akoma pɛ.

 8 Wɔtweetwee nkurɔfoɔ, na wɔkeka nsɛmmɔne;+

Wɔn ahantan nti, wɔhunahuna nkurɔfoɔ sɛ wɔde nhyɛsoɔ bɛba wɔn so.+

 9 Wɔhoahoa wɔn ho kɔduru soro,

Na wɔmema wɔn ho so wɔ asaase so de wɔn kɛtrɛma keka deɛ wɔpɛ.

10 Enti Onyankopɔn nkurɔfoɔ de wɔn adwene kɔ wɔn so,

Na wɔnom wɔn nsuo bebrebe no bi.

11 Wɔka sɛ: “Onyankopɔn bɛyɛ dɛn ahunu?+

Enti Ɔsorosoroni no nim biribiara ampa?”

12 Anokwa, saa nnebɔneyɛfoɔ yi, daa wɔnya no fo.+

Da biara na wɔn ahodeɛ redɔɔso.+

13 Ampa, m’akomam a mateɛ,

Ne me nsa a mahohoro de akyerɛ sɛ me ho nni asɛm no nyinaa yɛ ɔkwa.+

14 Mefaa ɔhaw mu daa nyinaa;+

Menyaa animka anɔpa biara.+

15 Nanso sɛ mekaa nsɛm a ɛte saa a,

Anka ɛbɛkyerɛ sɛ mayi wo nkurɔfoɔ* ama.

16 Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛte aseɛ,

Nanso na ɛyɛ den ma me,

17 Kɔsii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn tenabea kronkron kɛseɛ no mu;

Ɛnna mehunuu sɛdeɛ daakye ɛbɛwie wɔn.

18 Ampa, wode wɔn gyina deɛ ɛhɔ yɛ toro.+

Woma wɔhwehwe ase na wɔsɛe pasaa.+

19 Hwɛ sɛdeɛ wɔn asɛm ayɛ mmɔbɔ mpofirim!+

Hwɛ sɛdeɛ mpofirim, awie wɔn bɔne!

20 O Yehowa, sɛdeɛ obi so daeɛ a ɔnyane ma no tete n’ani so no,

Saa ara na sɛ wokeka wo ho a, wobɛma wɔn animuonyam abɔ wɔn.*

21 Me deɛ, m’akoma dii awerɛhoɔ,+

Na medii yea kɛse wɔ me mu.*

22 Ná mente nneɛma ase na na me nimdeɛ sua;

Meyɛɛ sɛ aboa a ɔnni adwene wɔ w’ani so.

23 Nanso afei deɛ, mɛtena wo nkyɛn daa;

Wokura me nsa nifa.+

24 W’afotuo na wode kyerɛ me kwan,+

Na akyire yi, wobɛhyɛ me animuonyam.+

25 Hwan bio na mewɔ no ɔsoro?

Menni biribiara ho anigyeɛ wɔ asaase so ka wo ho.+

26 Sɛ me nipadua ne m’akoma gye ne ho mpo a,

Onyankopɔn yɛ m’akoma botan ne me kyɛfa daa.+

27 Sɛdeɛ ɛteɛ biara, wɔn a wɔtwe wɔn ho firi wo ho no bɛyera.

Wɔn a wɔfiri w’akyi kɔbɔ adwaman* no nyinaa, wɔbɛsɛe wɔn.*+

28 Na me deɛ, ɛyɛ ma me sɛ mɛbɛn Onyankopɔn.+

Awurade Tumfoɔ Yehowa na mede no ayɛ me dwankɔbea

Sɛ mɛka ne nnwuma nyinaa ho asɛm.+

Maskil.* Asaf+ dwom.

74 O Onyankopɔn, adɛn nti na woapo yɛn koraa yi?+

Wo nnwan a wohwɛ wɔn so no, adɛn nti na wo bo afu wɔn dendeenden saa?*+

 2 Kae nkurɔfoɔ* a wonyaa wɔn teteete no,+

Abusua a woafa wɔn de wɔn ayɛ w’agyapadeɛ no.+

Kae Sion Bepɔ a wote so no.+

 3 Twa w’ani bɛhwɛ kuro a asɛe afebɔɔ no.+

Biribiara a ɛwɔ kronkronbea hɔ no, atamfo ayɛ no pasaa.+

 4 W’atamfo boboom wɔ wo nhyiamubea hɔ.+

Wɔde wɔn ankasa frankaa ayeyɛ ahyɛnsodeɛ asisi hɔ.

 5 Wɔyɛɛ sɛ mmarima a wɔatwe akuma asi kwaeɛbirentuo mu.

 6 Wɔde nkuma ne nnadeɛ asɛe ɛho adwini nyinaa.+

 7 Wɔde gya too wo kronkronbea no mu.+

Wɔguu ntomadan a wo din da so no ho fĩ, na wɔbrɛɛ no ase koraa.

 8 Wɔne wɔn asefoɔ nyinaa ka no wɔn akomam sɛ:

“Yɛbɛhye Onyankopɔn nhyiamubea a ɛwɔ* asaase no so nyinaa.”

 9 Yɛnhu nsɛnkyerɛnne biara;

Odiyifoɔ biara nni hɔ bio,

Na obiara nni yɛn mu a ɔnim berɛ tenten a ɛbɛdi.

10 O Onyankopɔn, atamfo bɛtwa wo adapaa akɔsi da bɛn?+

Atamfo bɛbu wo din animtia afebɔɔ anaa?+

11 Adɛn nti na woaka wo nsa ahyɛ? Wo nsa nifa no, adɛn na woaka ahyɛ?+

Yi firi wo kokom* na sɛe wɔn.

12 Nanso Onyankopɔn ne me Hene firi teteete;

Ɔno na ɔyɛ nkwagyeɛ nnwuma akɛseɛ wɔ asaase so.+

13 Wode w’ahoɔden hwanyan po;+

Wobobɔɔ nsuboa akɛseɛ ti wɔ nsuo mu.

14 Wobobɔɔ Lewiatan* ti pasaa;

Wode maa nnipa sɛ aduane; wode maa wɔn a wɔtete serɛ so no.

15 Wopaee akwan maa nsutire ne nsubɔnten,+

Na womaa nsuo a ɛsene daa weeɛ.+

16 Adekyeeɛ yɛ wo dea, na adesaeɛ nso wɔ wo.

Wo na woyɛɛ hann* ne awia.+

17 Wo na wotwitwaa asaase ahyeɛ nyinaa;+

Ahuhuro berɛ ne awɔ berɛ nso, wo na woyɛeɛ.+

18 O Yehowa, kae sɛdeɛ ɔtamfo twa wo adapaa,

Na ɔman a wɔnni adwene bu wo din animtia.+

19 Mfa w’aburuburo nkwa* nhyɛ wuram mmoa nsa.

Wo nkurɔfoɔ a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no, mma wo werɛ mmfi wɔn afebɔɔ.

20 Kae apam a wo ne yɛn ayɛ no,

Ɛfiri sɛ baabi a esum wɔ wɔ asaase so no, awudisɛm ahyɛ hɔ ma.

21 Mma deɛ wɔabubu no pasaa no mmfa aniwuo nnkɔ.+

Ma mmɔborɔwa ne ohiani nyi wo din ayɛ.+

22 O Onyankopɔn, sɔre na di w’asɛm.

Kae sɛdeɛ daa nyinaa wɔn a wɔnni adwene keka wo ho nsɛmmɔne.+

23 Mma wo werɛ mmfi nsɛm a w’atamfo rekeka.

Wɔn a wɔsɔre tia wo no, wɔn dede kɔ soro daa.

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Ɛkwan a wɔfa so to dwom no: “Nsɛe Me.” Asaf+ dwom.

75 O Onyankopɔn, yɛda wo ase, yɛda wo ase;

Wo din nni akyirikyiri,+

Na nkurɔfoɔ ka w’anwanwadwuma ho asɛm.

 2 Woaka sɛ: “Sɛ mehyɛ berɛ a,

Mebu atɛntenenee.

 3 Berɛ a asaase ne ɛsofoɔ rewoso biribiri* no,

Me na na mekura ne nnyinasoɔ mu.” (Sela)

 4 Wɔn a wɔhoahoa wɔn ho no, meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnhoahoa mo ho,”

Na meka kyerɛɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ: “Mommfa mo ahoɔden nnhoahoa mo ho.*

 5 Mommfa mo ahoɔden nntu mo ho saa;

Mommfa ahomasoɔ nnkasa.

 6 Ɛfiri sɛ obi rentumi nnya animuonyam

Mfiri apueeɛ, atɔeɛ, anaa anaafoɔ.

 7 Onyankopɔn ne Ɔtemmufoɔ.+

Ɔbrɛ obi ase, na ɔma obi so.+

 8 Yehowa kura kuruwa wɔ ne nsam;+

Nsã* a ɛwom no repu ahuro, na wɔafra no yie.

Deɛ ɛteɛ biara ɔbɛhwie

Ama nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ asaase so nyinaa anom, na wɔbɛnom deɛ ada aseɛ no mpo.”+

 9 Me deɛ, mɛka ho asɛm daa;

Mɛto ayeyi nnwom* ama Yakob Nyankopɔn.

10 Ɛfiri sɛ waka sɛ: “Mɛma nnebɔneyɛfoɔ ahoɔden* nyinaa asa,

Na ateneneefoɔ ahoɔden deɛ, ɛbɛyɛ kɛseɛ.”*

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ sɛ wɔmfa asankuo nto. Asaf+ dwom.

76 Onyankopɔn agye din wɔ Yuda;+

Ne din yɛ kɛseɛ+ wɔ Israel.

 2 Salem+ na ne hintabea wɔ,

Na ne tenabea wɔ Sion.+

 3 Ɛhɔ na ɔsɛee agyan a ɛredɛre,

Akyɛm, nsekan, ne akodeɛ nyinaa.+ (Sela)

 4 Wohyerɛn;*

Woyɛ kokuroko; wokyɛn mmepɔ a nkekaboa ayɛ so ma.

 5 Wɔafom akokoɔdurofoɔ nneɛma,+

Wɔadeda;

Akofoɔ no mu biara antumi anyɛ hwee.+

 6 O Yakob Nyankopɔn, apɔnkɔ ne wɔn a wɔka nteaseɛnam no,

Woaka wɔn nyinaa anim ama wɔadeda hatee.+

 7 Wo na wo ho yɛ hu.+

Wo bo fu dendeenden a, hwan na ɔbɛtumi agyina ano?+

 8 Womaa wɔtee w’atemmuo firii soro;+

Asaase bɔɔ hu na ɛyɛɛ dinn;+

 9 Saa berɛ no na Onyankopɔn sɔre buu atɛn

Sɛ ɔregye asaase so ahobrɛasefoɔ.+ (Sela)

10 Onipa bo fu koraa a, ɛtumi de ayeyie brɛ wo;+

Wɔn abufuo no, wode deɛ ɛka aseɛ no mpo hyɛ wo ho animuonyam.

11 Monhyɛ Yehowa mo Nyankopɔn bɔ na monni so.+

Ma wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa mfa ahopopoɔ mmɛkyɛ no adeɛ.+

12 Ɔbɛbrɛ atumfoɔ a wɔyɛ ahomasoɔ* ase;

Ɔma ehu ka asaase so ahemfo.

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; Yedutan* so. Asaf+ dwom.

77 Mɛma me nne so asu afrɛ Onyankopɔn;

Onyankopɔn na mɛsu afrɛ no, na ɔbɛtie me.+

 2 Mehwehwɛ Yehowa m’ahohia da.+

Ɛduru anadwo a, mema me nsa so kyerɛ no saa ara,*

Nanso mennya* awerɛkyekyerɛ.

 3 Sɛ mekae Onyankopɔn a, mesi apini;+

Meyɛ basaa na m’ahoɔden sa.*+ (Sela)

 4 Wosɔ m’ani akyi, enti mentumi nka m’ani ngu so;

Mayɛ hagyahagya, na mentumi nkasa.

 5 Mekaee tete mmerɛ,+

Mfeɛ a abɛsene kɔ no.

 6 Ɛduru anadwo a, mekae me dwom;*+

Medwendwene ho wɔ m’akomam,+

Na meto me bo ase* hwehwɛ mu yie.

 7 Yehowa bɛto yɛn atwene afebɔɔ anaa?+

Enti n’ani rennye yɛn ho bio?+

 8 Ne dɔ* asa anaa?

Enti ne bɔhyɛ remma mu mma awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa?

 9 Onyankopɔn nkae n’adom bio anaa?+

Anaasɛ n’abufuo ama ne mmɔborɔhunu asa? (Sela)

10 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so ka sɛ: “Deɛ ɛreteetee me*+ ne sɛ:

Ɔsorosoroni no nka yɛn ho bio”?*

11 Mɛkae Yah nnwuma;

Anwanwadwuma a tete no woyɛeɛ no, mɛkae.

12 Mɛdwendwene wo nnwuma nyinaa ho,

Na wo nneyɛɛ nso, mɛsusu ho.+

13 O Onyankopɔn, w’akwan yɛ kronkron.

O Onyankopɔn, onyame bɛn na ɔyɛ kɛseɛ te sɛ wo?+

14 Wone nokorɛ Nyankopɔn a woyɛ anwanwadeɛ.+

Woama amanaman no ahu wo tumi.+

15 Wode w’ahoɔden* agye wo man,+

Yakob ne Yosef mma no. (Sela)

16 O Onyankopɔn, nsuo huu wo;

Nsuo nyinaa huu wo, na ɛpereeɛ.+

Subunu nso huruu kutukutu.

17 Nsuo tɔ firii mununkum mu;

Ewiem yɛɛ tumm na aprannaa boboom.

Wototoo w’agyan maa no paa yerɛyerɛ.+

18 W’aprannaa mmobom+ yɛɛ sɛ teaseɛnam nnyegyeeɛ;

Anyinam maa wiase yɛɛ hann;+

Asaase hinhimiiɛ na ɛwosoo biribiri.+

19 Ɛpo mu na na wo kwan da,+

Na w’anammɔn kwan nso, na ɛda nsuo pii mu;

Nanso obiara anhunu baabi a wode w’anammɔn sisiiɛ.

20 Wodii wo man anim sɛ nnwankuo;+

Wode wɔn hyɛɛ Mose ne Aaron nsa.+

Maskil.* Asaf+ dwom.

78 Me man, monyɛ aso mma me mmara;*

Monwɛn mo aso ntie m’anom nsɛm.

 2 Ɛbɛ na mede bɛkasa;

Tete akasabebuo na mɛka.*+

 3 Deɛ yɛate ne deɛ yɛnim

A yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn no,+

 4 Yɛremfa nsie wɔn asefoɔ;

Yɛbɛka akyerɛ nkyirimma.+

Yehowa nnwuma a ɛsɛ ayeyie, n’ahoɔden+

Ne anwanwadeɛ a wayɛ no, yɛbɛka ho asɛm.+

 5 Ɔmaa Yakob nkaesɛm,

Na ɔhyɛɛ mmara wɔ Israel;

Ɔde ahyɛdeɛ maa yɛn agyanom

Sɛ wɔmma wɔn mma nhu nsɛm yi,+

 6 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba

Anaa nkyirimma bɛhunu,+

Na wɔn nso atumi aka akyerɛ wɔn mma.+

 7 Ɛno bɛma wɔde wɔn ho ato Onyankopɔn so,

Na wɔn werɛ amfi Onyankopɔn nnwuma,+

Na mmom wɔadi ne mmara nsɛm so.+

 8 Ɛno remma wɔnyɛ sɛ wɔn agyanom,

Awoɔ ntoatoasoɔ asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ no,+

Awoɔ ntoatoasoɔ a wɔansiesie wɔn akoma+

Na wɔanyi wɔn yam anni Onyankopɔn nokorɛ no.

 9 Ná Efraimfoɔ wɔ agyan,

Nanso wɔdwanee ɛko da.

10 Wɔanni Onyankopɔn apam so,+

Na ne mmara nso, wɔamfa anyɛ adwuma.+

11 Wɔn werɛ nso fii deɛ ɔyɛeɛ,+

N’anwanwadwuma a ɔmaa wɔhunuiɛ no.+

12 Ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ wɔn agyanom anim+

Wɔ Egypt asaase so, Soan mantam mu.+

13 Ɔpaee ɛpo mu maa wɔfaa mu;

Ɔmaa nsuo no boaa ano te sɛ ɔfasuo.+

14 Ná ɔde mununkum di wɔn anim awia

Na anadwo mũ nyinaa nso, na ɔde gya a ɛhyerɛn di wɔn anim.+

15 Ɔmaa abotan mu paee wɔ serɛ so,

Na ɔmaa wɔnyaa nsuo nom mee te sɛ deɛ ɛfiri ɔtadeɛ a emu dɔ mu.+

16 Ɔmaa nsutene firii ɔbotan mu bae,

Na ɔmaa nsuo senee sɛ asubɔnten.+

17 Nanso wɔkɔɔ so yɛɛ no bɔne,

Na wɔtee atua tiaa Ɔsorosoroni no wɔ serɛ no so;+

18 Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛɛ wɔ wɔn akomam;+

Wɔteetee no sɛ ɔmma wɔn aduane a wɔn kɔn dɔ.*

19 Wɔkasa tiaa Onyankopɔn sɛ:

“Enti Onyankopɔn bɛtumi ato yɛn pono wɔ serɛ yi so?”+

20 Hwɛ! Ɔbɔɔ ɔbotan mu,

Na nsuo pii firii mu ba maa no bu faa so.+

Nanso wɔbisaa sɛ: “Ɔbɛtumi ama yɛn paanoo nie?

Ɔbɛtumi ama ne nkurɔfoɔ anya nam awe anaa?”+

21 Berɛ a Yehowa teeɛ no, ne bo fuiɛ;+

Ɔmaa gya+ tɔɔ Yakob mu,

Na n’abufuo no mu yɛɛ den paa wɔ Israel so,+

22 Ɛfiri sɛ wɔannye Onyankopɔn anni;+

Wɔannye anni sɛ ɔbɛtumi agye wɔn nkwa.

23 Enti ɔkasa kyerɛɛ ɔsoro mununkum,

Na ɔbuee ɔsoro mpomma.

24 Ɔtɔɔ mana firii soro maa wɔdiiɛ;

Aduane a ɛfiri soro na ɔde maa wɔn.+

25 Nnipa dii atumfoɔ* aduane;*+

Ɔmaa wɔn aduane a ɛbɛso wɔn.+

26 Ɔmaa apueeɛ mframa bɔɔ wɔ wiem,

Na ɔde ne tumi bɔɔ anaafoɔ mframa.+

27 Ɔmaa nam tɔ guu wɔn so te sɛ mfuturo,

Na nnomaa tɔɔ sɛ mpoano anwea.

28 Ɔtɔ guu n’asoɛeɛ hɔ

Wɔ ne ntomadan no ho baabiara.

29 Wɔdidiiɛ na wɔfom aduane.

Ɔmaa wɔn deɛ wɔpɛ.+

30 Nanso berɛ a wɔnnya nnii wɔn akɔnnɔdeɛ no nwieeɛ,

Na wɔn aduane no da so wɔ wɔn anom no,

31 Onyankopɔn bo fuu wɔn dendeenden.+

Ɔkunkum wɔn mu ahoɔdenfoɔ no;+

Ɔmaa Israel mmeranteɛ totɔɔ fam.

32 Wei nyinaa akyi, wɔannyae bɔne no yɛ,+

Na wɔannya n’anwanwadwuma no mu gyidie.+

33 Enti ɔtwaa wɔn nkwa nna so maa no yɛɛ tia te sɛ hwenem mframa,+

Na ɔde akomatusɛm twaa wɔn nna so.

34 Nanso berɛ biara a ɔbɛkunkum wɔn mu bi no, wɔhwehwɛ n’akyi kwan,+

Na wɔsan wɔn akyi kɔhwehwɛ Onyankopɔn,

35 Ɛfiri sɛ wɔkaee sɛ Onyankopɔn ne wɔn Botan,+

Na Ɔsorosoroni Nyankopɔn ne wɔn Gyefoɔ.*+

36 Nanso wɔde wɔn ano dɛfɛdɛfɛɛ no;

Wɔde wɔn kɛtrɛma twaa no nkontompo.

37 Ná wɔn akoma nni mu wɔ ne ho;+

Wɔanni n’apam no nokorɛ.+

38 Ne nyinaa akyi no, ɔhuu wɔn mmɔbɔ;+

Ɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn,* na wansɛe wɔn.+

Mprɛ pii na ɔkaa n’abufuo hyɛeɛ,+

Na wanna n’abufuo nyinaa adi.

39 Ɛfiri sɛ ɔkaee sɛ wɔyɛ honam;+

Wɔte sɛ mframa a ɛbɔ kɔ a, ɛnsan mma bio.*

40 Mprɛ pii na wɔtee atua tiaa no wɔ serɛ no so,+

Na wɔmaa ne werɛ hoo wɔ asaase pradadaa no so.+

41 Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛɛ mprɛ pii,+

Na wɔmaa Israel Kronkronni no dii awerɛhoɔ.*

42 Ɛda a ɔgyee wɔn firii atamfo nsam no,+

Wɔankae ne tumi;*

43 Saa berɛ no na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne wɔ Egypt+

N’anwanwadeɛ wɔ Soan asaase so;

44 Ɔmaa Nil nsuka nyinaa danee mogya,+

Na wɔantumi annom wɔn nsubɔnten no mu nsuo.

45 Ɔsomaa ahuriiɛ* bebree sɛ wɔnkɔwe wɔn,+

Ne mpɔtorɔ sɛ wɔnkɔsɛe wɔn.+

46 Ɔde wɔn nnɔbaeɛ maa ntutummɛ a wɔdidi fuu,

Na ɔde wɔn nsa ano adwuma maa ntutummɛ a wɔtu yuu.+

47 Ɔde asukɔtweaa sɛee wɔn bobe,+

Na wɔn sikamɔɔ nnua nso, ɔde asukɔtweaa sɛee no.

48 Ɔde wɔn mmoa hyɛɛ asukɔtweaa nsa,+

Na ɔde wɔn nyɛmmoa nso maa anyinam.*

49 Ne bo fuu wɔn dendeenden,

Na ɔhwiee n’aniberɛ, abufuo, ne ahohia guu wɔn so;

Ɔsomaa abɔfoɔ dɔm sɛ wɔmfa ɔhaw mmra wɔn so.

50 Ɔhwiee n’abufuo guu wɔn so.

Wamfa owuo ankame wɔn;*

Na ɔmaa nsanyareɛ a ɛdi awuo baa wɔn* so.

51 Ɛwiee aseɛ no, ɔbobɔɔ Egypt mmakan nyinaa kunkum wɔn,+

Wɔn ahoɔden mfitiaseɛ no, ɔkunkum wɔn wɔ Ham ntomadan mu.

52 Ɛno akyi no, ɔdii ne nkurɔfoɔ a wɔte sɛ nnwankuo no anim,+

Na ɔkaa wɔn sɛ mmoakuo wɔ serɛ no so.

53 Ɔdii wɔn anim dwoodwoo,

Na wɔn akoma antu;+

Wɔn atamfo deɛ, ɛpo no kataa wɔn so.+

54 Ɔde wɔn baa n’asaase kronkron no so,+

Mmepɔ nsaase yi a ɔde ne nsa nifa gyeeɛ no.+

55 Ɔpamoo amanaman no firii wɔn anim;+

Ɔde susuhoma kyekyɛɛ agyapadeɛ maa wɔn,+

Na ɔmaa Israel mmusuakuo tenatenaa wɔn afie mu.+

56 Nanso wɔsɔɔ Ɔsorosoroni Nyankopɔn no hwɛeɛ, na wɔtee ne so atua,+

Na ne nkaesɛm nso, wɔanni so.+

57 Afei nso, wɔtwee wɔn ho firii ne ho, na wɔtwaa no nkontompo te sɛ wɔn agyanom;+

Wɔbɛyɛɛ sɛ agyan a emu ago a wɔntumi mfa nyɛ hwee.+

58 Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea* no hyɛɛ no abufuo,+

Na wɔde wɔn ahoni a wɔasene no huruu ne bo.+

59 Onyankopɔn teeɛ, na ne bo fuu kɛse.+

Enti ɔpoo Israel koraa.

60 Ɛwiee aseɛ no, ɔtu firii Silo ntomadan no mu,+

Ɔsom ntomadan a na ɔte mu wɔ nnipa mma mu no.+

61 N’ahoɔden sɛnkyerɛnne no, ɔmaa no kɔdii baabi;

N’animuonyam no, ɔde hyɛɛ atamfo nsa.+

62 Ɔmaa ne man wuwuu wɔ sekan ano,+

Na ne bo fuu n’agyapadeɛ dendeenden.

63 Egya hyee ne mmeranteɛ;

Ne mmaabunu nso, wɔanto ayeforɔ nnwom amma wɔn.*

64 N’asɔfoɔ no wuwuu sekan ano,+

Nanso wɔn akunafoɔ ansu wɔn.+

65 Ɛnna Yehowa sɔreeɛ sɛdeɛ obi nyane firi nna mu;+

Ɔyɛɛ sɛ ɔhoɔdenfoɔ+ a nsã* atete n’ani so.

66 Na ɔmaa n’atamfo danee wɔn ho dwaneeɛ;+

Ɔmaa wɔn anim guu ase afebɔɔ.

67 Ɔpoo Yosef ntomadan;

Wanyi Efraim abusuakuo.

68 Yuda abusuakuo na ɔyii wɔn,+

Sion Bepɔ a ɔdɔ no no.+

69 Ne tenabea kronkron no, ɔde tim hɔ te sɛ ɔsoro;*+

Ɔyɛɛ no te sɛ asaase a ɔde atim hɔ afebɔɔ no.+

70 Ɔyii n’akoa Dawid;+

Ɔfaa no firii nnwammuo mu.+

71 Nnwan a wɔma nufoɔ no, ɔmaa no gyaee wɔn hwɛ,

Na ɔmaa no bɛhwɛɛ ne man Yakob+

Ne n’agyapadeɛ Israel so.+

72 Ɔyii n’akoma mu fitaa hwɛɛ wɔn,*+

Na ɔde nyansa dii wɔn anim.+

Asaf dwom.+

79 O Onyankopɔn, amanaman no aba w’agyapadeɛ so;+

Wɔagu w’asɔrefie kronkron no ho fĩ;+

Wɔasɛe Yerusalem pasaa.+

 2 Wɔde wo nkoa afunu ama wiem nnomaa adi,

Na wɔde w’anokwafoɔ nam ama asaase so mmoa.+

 3 Wɔahwie wɔn mogya agu te sɛ nsuo de atwa Yerusalem ho ahyia,

Na obiara anka a ɔbɛtumi asie wɔn.+

 4 Wɔn a wɔtete bɛn yɛn no, yɛn anim agu ase wɔ wɔn anim;+

Wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no tweetwee yɛn di yɛn ho fɛ.

 5 O Yehowa, wo bo bɛfu akɔsi da bɛn? Wo bo bɛfu afebɔɔ anaa?+

W’abufuo bɛdɛre sɛ gya akɔsi da bɛn?+

 6 Hwie w’abufuo gu aman a wɔnnim wo no so,

Na hwie gu ahennie a wɔmmɔ wo din no so.+

 7 Ɛfiri sɛ wɔamene Yakob,

Na wɔama ne kuro adane amamfo.+

 8 Mmu yɛn agyanom mfomsoɔ ngu yɛn so.+

Hu yɛn mmɔbɔ ntɛm,+

Ɛfiri sɛ wɔabrɛ yɛn ase koraa.

 9 O yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, boa yɛn+

Ɛsiane wo din kɛseɛ no nti.

Wo din nti, gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn.*+

10 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ amanaman no ka sɛ: “Wɔn Nyankopɔn no wɔ he?”+

Wɔn a wɔahwie wo nkoa mogya agu no, sɛ wotua wɔn so ka wɔ amanaman no mu a,

Ma yɛn ani nhunu.+

11 Ma ɔdeduani apinisie nnuru w’asom.+

Wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no,* fa wo tumi kɛseɛ no* kora wɔn so.*+

12 O Yehowa, tua wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no ka mprɛ nson,+

Ɛfiri sɛ wɔatwa wo adapaa.+

13 Na yɛn a yɛyɛ wo man ne wo nnwan a wohwɛ yɛn so no,+

Yɛbɛda wo ase akɔsi daa;

Yɛbɛyi wo ayɛ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; ɛkwan a wɔfa so to no: “Sukooko.” Wɔde kaakae nsɛm. Asaf dwom.+

80 O Israel Hwɛfoɔ,* tie;

Wo na wokyerɛ Yosef kwan sɛdeɛ wɔyɛn nnwan.+

Wo a wote kerubim so,*+

Ma wo kanea nhyerɛn.*

 2 Ma wo tumi so+

Wɔ Efraim ne Benyamin ne Manase anim,

Na bɛgye yɛn nkwa.+

 3 O Onyankopɔn, san dom yɛn bio;+

Te w’anim ma yɛn, na yɛnnya nkwa.+

 4 Asafo Yehowa Nyankopɔn, wo man mpaebɔ bɛyɛ wo abufu* akɔsi da bɛn?+

 5 Woama nisuo adane wɔn aduane,*

Na woama wɔanom nisuo aboro so.

 6 Woma wɔn a wɔte bɛn yɛn no ko yɛn ho,

Na yɛn atamfo di yɛn ho fɛ sɛdeɛ wɔpɛ.+

 7 O asafo Nyankopɔn, san dom yɛn bio;

Te w’anim ma yɛn, na yɛnnya nkwa.+

 8 Woyii bobe dua+ bi firii Egypt;

Wopamoo amanaman no, na woduaeɛ.+

 9 Wosiesiee baabi maa bobe no,

Na ɛnyaa ntini trɛtrɛɛ wɔ asaase no so.+

10 Ne nwunu kataa mmepɔ so,

Na ne mman bunkam Onyankopɔn sida nnua so.

11 Ne mman nyini kɔduruu po ho,

Na ne nkorabata nso kɔduruu Asubɔnten no* ho.+

12 Bobefuo* no, adɛn nti na woabubu ɛho afasuo a ɛyɛ den no+

Ama wɔn a wɔtwam nyinaa tete n’aba no bi?+

13 Kɔkɔte a wɔwɔ wuram no tu gu so we,

Na wuram mmoa de yɛ wɔn aduane.+

14 O asafo Nyankopɔn, yɛsrɛ wo, san bra;

Brɛ w’ani ase firi soro na hwɛ deɛ ɛrekɔ so.

Bɛsiesie bobe yi,+

15 Dua* a wo nsa nifa duaeɛ no,+

Na bɛhwɛ aba* a woama no ayɛ den no.+

16 Wɔatwa ato fam, na wɔde gya ahye.+

W’animka ama no ayera.

17 Tene wo nsa sɔ onipa a ɔwɔ wo nifa so no mu,

Onipa ba a woama no ahoɔden de ahyɛ wo ho animuonyam no.+

18 Ɛba saa a, yɛrensan mfiri w’akyi.

Kora yɛn nkwa so na yɛmmɔ wo din mfrɛ wo.

19 O asafo Yehowa Nyankopɔn, san dom yɛn bio;

Te w’anim ma yɛn, na yɛnnya nkwa.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; Gitit* so. Asaf dwom.+

81 Monto ahurisi dwom mma Onyankopɔn; ɔno ne yɛn ahoɔden.+

Mommɔ ose mma Yakob Nyankopɔn.

 2 Momma dwom so na momfa mpintin nkura;

Mommɔ sankuo ne sankuten dɛdɛ.

 3 Bosome foforɔ duru a, mommɔ abɛn,+

Sɛ bosome yɛ kurukuruwa na ɛduru yɛn afahyɛ da a, mommɔ abɛn.+

 4 Ɛfiri sɛ ɛyɛ ahyɛdeɛ ma Israel;

Ɛyɛ Yakob Nyankopɔn mmara.+

 5 Berɛ a ɔtwaam faa Egypt asaase so no,+

Ɔde yɛɛ nkaesɛm maa Yosef.+

Metee nne* bi nso na mennim deɛ ɔrekasa. Ɔkaa sɛ:

 6 “Meyii nnesoa firii ne mmati so;+

Mesɔɔ ne mu gyee ne kɛntɛn sii hɔ.

 7 W’ahohia mu na wofrɛɛ me, na metwitwa gyee wo;+

Mununkum ne aprannaa* mu na mefiri kasa kyerɛɛ wo.+

Mesɔɔ wo hwɛɛ wɔ Meriba* nsuo no ho.+ (Sela)

 8 Me man, tie, na merebɛdi adanseɛ atia wo.

O Israel, sɛ wobɛtie me a,+

 9 Anka nyame foforɔ biara remma w’akwan mu,

Na anka worenkoto ɔman foforɔ nyame.+

10 Me, Yehowa, mene wo Nyankopɔn;

Me na meyii wo firii Egypt asaase so.+

Bae w’anom, na memfa nneɛma pa nhyɛ no ma.+

11 Nanso me man antie me nne;

Israel ammrɛ ne ho ase amma me.+

12 Enti megyaa wɔn maa wɔdii wɔn akomaden no akyi;

Deɛ ɛtene wɔ wɔn ani so na wɔyɛeɛ.*+

13 Sɛ me man bɛtie me a anka ɛyɛ,+

Sɛ Israel bɛnante m’akwan so a anka ɛyɛ.+

14 Anka mɛdi wɔn atamfo so ntɛm;

Anka mɛto ahyɛ wɔn a wɔmpɛ wɔn asɛm no so.+

15 Wɔn a wɔkyiri Yehowa no ho bɛpopo wɔ n’anim,

Na ɛbɛwie wɔn bɔne afebɔɔ.*

16 Nanso mo deɛ, ɔbɛma mo* hwiit papa* adi,+

Na ɛwoɔ a ɛfiri botan mu na ɔde bɛma mo adi amee.”+

Asaf dwom.+

82 Onyankopɔn gyina ne gyinabea wɔ ne dwabɔ* anim;+

Ɔka atemmusɛm wɔ anyame* no mfimfini sɛ:+

 2 “Mobɛbu ntɛnkyea akɔsi da bɛn?+

Na mobɛyɛ animhwɛ adi ama nnebɔneyɛfoɔ akɔsi da bɛn?+ (Sela)

 3 Monni mmɔborɔwafoɔ ne nnyanka asɛm mma wɔn.+

Mommu atɛntenenee mma abrɛfoɔ ne ahiafoɔ.+

 4 Montwitwa nnye mmɔborɔwafoɔ ne ahiafoɔ;

Monnye wɔn mfiri nnebɔneyɛfoɔ nsam.”

 5 Atemmufoɔ no nnim, na wɔnte ase nso;+

Esum mu na wɔnenam;

Asaase fapem nyinaa rehinhim.+

 6 “Maka sɛ, ‘Moyɛ anyame;*+

Mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.

 7 Nanso mobɛwu sɛdeɛ onipa wuo,+

Na sɛdeɛ otitire biara wuo no, saa ara na mobɛwuo!’”+

 8 O Onyankopɔn, sɔre na bu asaase atɛn,+

Na aman nyinaa yɛ wo dea.

Dwom. Asaf dwom.+

83 O Onyankopɔn, nyɛ komm;+

O Tweaduampɔn, nka w’ano ntom;* keka wo ho.

 2 Hwɛ! w’atamfo reyɛ gyegyeegye;+

Na wɔn a wɔtan wo no amema wɔn ho so.*

 3 Wɔfa nyansakwan so tu agyina tia wo man;

Wɔbɔ wɔn a wɔda w’akoma so* no ho pɔ.

 4 Deɛ wɔka ne sɛ: “Mommra mma yɛmpepa wɔn mfiri hɔ, na ɔman no nyera,+

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkae Israel din bio.”

 5 Wɔbom tu agyina;*

Wɔka bom* ne wo di asie:+

 6 Edomfoɔ, Ismaelfoɔ,* Moabfoɔ,+ ne Hagrifoɔ,+

 7 Gebal ne Ammon+ ne Amalek,

Filistia+ ne wɔn a wɔtete Tiro.+

 8 Asiria+ nso akɔka wɔn ho;

Wɔayɛ aboafoɔ* ama Lot mma.+ (Sela)

 9 Sɛdeɛ woyɛɛ Midian+ ne Sisera ne Yabin wɔ Kison nsuo* ho no,+

Yɛ wɔn saa ara.

10 Wosɛee wɔn pasaa wɔ En-Dor;+

Wɔbɛyɛɛ sumina* wɔ asaase so.

11 Wɔn atitire no, yɛ wɔn sɛ Oreb ne Seeb;+

Wɔn aberempɔn* nso, yɛ wɔn sɛ Sebah ne Salmuna,+

12 Ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: “Momma yɛnnye asaase a Onyankopɔn te so no.”

13 O me Nyankopɔn, yɛ wɔn sɛ nwura a ɛhu kɔ;+

Yɛ wɔn sɛ serɛ a mframa rehu kɔ.

14 Sɛdeɛ egya hye kwaeɛ,

Na gyaframa ma mmepɔ so hyeɛ no,+

15 Saa ara na fa wo mframa a ano yɛ den taa wɔn so,+

Na fa w’ahum hunahuna wɔn.+

16 O Yehowa, ma wɔn anim ngu ase,

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhwehwɛ wo din akyi kwan.

17 Ma wɔn ani nwu, na ehu nka wɔn daa;

Ma wɔn anim ngu ase na wɔn ase nhye;

18 Ma nnipa nhu sɛ wo a wo din de Yehowa no,+

Wo nko ara ne Ɔsorosoroni a ɔdi asaase nyinaa so.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; Gitit* so. Kora mma+ dwom. Ayeyi dwom.

84 O asafo Yehowa,

Hwɛ sɛdeɛ wo ntomadan kɛseɛ no da m’akoma so.*+

 2 M’ani* agyina,

Na anigyina no ama maboto

Ɛsiane Yehowa fie adihɔ hɔ nti.+

M’akoma ne me honam to ahurisi dwom ma Onyankopɔn teasefoɔ no.

 3 O asafo Yehowa a woyɛ me Hene ne me Nyankopɔn,

Baabi a w’afɔrebukyia kɛseɛ no wɔ no,

Anomaa mpo anya baabi atena wɔ hɔ;

Asomfena nso ayɛ ne pirebuo wɔ hɔ,

Na ɛhɔ na ɔhwɛ ne mma.

 4 Anigyeɛ ne wɔn a wɔwɔ wo fie!+

Wɔyi wo ayɛ daa.+ (Sela)

 5 Anigyeɛ ne nnipa a wɔde wo ayɛ wɔn ahoɔden+

Na wɔn akoma so adeɛ ne sɛ wɔde wɔn ani bɛkyerɛ wo fie kwan.

 6 Sɛ wɔnam Baka Bɔn* no mu a,

Wɔma ɛhɔ yɛ nsutire,

Na nsuo a ɛdi kan tɔ de nhyira fira no sɛ ntoma.*

 7 Wɔbɛnante nso wɔn ahoɔden rensa;+

Wɔn mu biara bɛpue Onyankopɔn anim wɔ Sion.

 8 O asafo Yehowa Nyankopɔn, tie me mpaebɔ;

O Yakob Nyankopɔn, yɛ aso tie me. (Sela)

 9 O yɛn kyɛm+ ne yɛn Nyankopɔn,*

Deɛ woasra no no, hwɛ n’anim.+

10 Ɛfiri sɛ ɛyɛ sɛ obi bɛtena wo fie adihɔ da koro sene sɛ ɔbɛdi nna apem wɔ baabi foforɔ biara.+

Mayɛ m’adwene sɛ mɛgyina me Nyankopɔn fie kwan ano mmom

Sene sɛ mɛtena abɔnefoɔ ntomadan mu.

11 Ɛfiri sɛ Yehowa Nyankopɔn yɛ awia+ ne ɛkyɛm;+

Ɔdom nnipa na ɔhyɛ wɔn animuonyam.

Wɔn a wɔn abrabɔ di mu no,

Yehowa remfa adepa biara nkame wɔn.+

12 O asafo Yehowa,

Anigyeɛ ne onipa a ɔde ne ho to wo so.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Kora mma+ dwom. Ayeyi dwom.

85 O Yehowa, woadom w’asaase;+

Yakob mma a wɔkɔdii obi man so no, woasan de wɔn aba.+

 2 Wode wo man mfomsoɔ akyɛ wɔn;

Wɔn bɔne nyinaa, woagyae ama no aka.*+ (Sela)

 3 Woasianka w’abufuo;

Woadane afiri w’abufuhyeɛ ho.+

 4 O yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, san dom yɛn bio;*

Mfa yɛn ho abufuo nhyɛ wo mu.+

 5 Wobɛma w’ani abere yɛn so afebɔɔ?+

Wo bo bɛfu awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa anaa?

 6 Enti worempagya yɛn bio

Mma wo man nni ahurisie wɔ wo mu?+

 7 O Yehowa, da ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ yɛn,+

Na gye yɛn nkwa.

 8 Mɛtie deɛ nokorɛ Nyankopɔn Yehowa bɛka;

Ɔbɛka asomdwoeɛ asɛm akyerɛ ne man,+ n’anokwafoɔ no,

Nanso ɛsɛ sɛ wɔhwɛ na wɔansan annye wɔn ho anni dodo.+

 9 Ampa ara, ne nkwagyeɛ bɛn wɔn a wɔsuro no,+

Na ɛma n’animuonyam tena yɛn asaase so.

10 Ɔdɔ a ɛnni hwammɔ ne nokorɛ bɛhyia;

Tenenee ne asomdwoeɛ bɛdi nsawɔsoɔ.+

11 Nokorɛ bɛfifi asaase no so,

Na tenenee bɛfiri ɔsoro asiane aba fam.+

12 Ampa, Yehowa bɛma yɛn nneɛma pa,*+

Na yɛn asaase bɛma ne nnɔbaeɛ.+

13 Tenenee bɛnante Onyankopɔn anim,+

Na ayi kwan ama n’anammɔn.

Dawid mpaebɔ.

86 O Yehowa, yɛ aso ma me,* na gye me so,

Ɛfiri sɛ m’asɛm yɛ mmɔbɔ na ahia me.+

 2 Hwɛ me* so, na meyɛ ɔnokwafoɔ.+

Gye w’akoa a mede me ho ato wo so,

Ɛfiri sɛ wone me Nyankopɔn.+

 3 O Yehowa, hu me mmɔbɔ,+

Na mesu frɛ wo daa nyinaa.+

 4 O Yehowa, ma w’akoa* nni ahurisie,

Ɛfiri sɛ wo na mede me werɛ ahyɛ wo mu.*

 5 O Yehowa, woyɛ,+ na woyi wo yam de bɔne kyɛ;+

Wo dɔ a ɛnni hwammɔ no dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.+

 6 O Yehowa, tie me mpaebɔ;

Yɛ aso ma me sufrɛ.+

 7 Mɛfrɛ wo m’ahohia da,+

Na wobɛgye me so.+

 8 O Yehowa, onyame biara nte sɛ wo,+

Na obiara nnwuma ne wo deɛ nsɛ.+

 9 O Yehowa, aman a woayɛ wɔn nyinaa

Bɛba abɛkoto w’anim,+

Na wɔbɛhyɛ wo din animuonyam.+

10 Ɛfiri sɛ woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwadeɛ;+

Wone Onyankopɔn, na obiara nka wo ho bio.+

11 O Yehowa, kyerɛkyerɛ me ma menhu wo kwan.+

Mɛnante wo nokorɛ mu.+

Ma memfa m’akoma nyinaa nsuro* wo din.+

12 O Yehowa me Nyankopɔn, mede m’akoma nyinaa bɛyi wo ayɛ,+

Na mɛhyɛ wo din animuonyam akɔsi daa,

13 Ɛfiri sɛ ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a woada no adi akyerɛ me no dɔɔso,

Na woagye me* afiri Adamena* mu.+

14 O Onyankopɔn, ahantanfoɔ asɔre atia me;+

Atirimuɔdenfoɔ dɔm rehwehwɛ me aku me,*

Na wɔmfa wo nyɛ hwee.*+

15 Nanso Yehowa, wo deɛ, woyɛ Onyankopɔn a wowɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehyeɛ,*

Wo bo mfu ntɛm, wo dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano, na wo nokorɛdie dɔɔso.+

16 Twa w’ani bɛhwɛ me, na dom me.+

Ma w’akoa ahoɔden,+

Na w’afenaa ba no, gye no nkwa.

17 Ma menhu wo papayɛ ho sɛnkyerɛnne,*

Na ama wɔn a wɔtan me no ahu na wɔn ani awu.

O Yehowa, wo ne me boafoɔ ne me werɛkyekyefoɔ.

Kora mma+ dwom. Ayeyi dwom.

87 Onyankopɔn kuro fapem wɔ mmepɔ kronkron no mu.+

 2 Yehowa dɔ Sion+ apono

Sene Yakob ntomadan nyinaa.

 3 O nokorɛ Nyankopɔn kuro,+ nkurɔfoɔ ka nsɛm de hyɛ wo animuonyam. (Sela)

 4 Mede Rahab+ ne Babilon bɛka wɔn a wɔnim me* no ho;

Hwɛ Filistia ne Tiro ne Kus nyinaa.

Mɛka wɔn mu biara ho asɛm sɛ: “Wɔwoo no wɔ hɔ.”

 5 Sion nso, wɔbɛka ne ho asɛm sɛ:

“Wɔwoo wɔn mu biara wɔ hɔ.”

Na Ɔsorosoroni no bɛma kuro no atim pintinn.

 6 Sɛ Yehowa retwerɛ amanaman no mu biara din a, ɔbɛka sɛ:

“Wɔwoo no wɔ hɔ.” (Sela)

 7 Nnwontofoɔ+ ne wɔn a wɔsa twa wɔn ho hyia+ bɛka sɛ:

“Wo hɔ na nneɛma pa nyinaa fire.”*+

Dwom. Kora mma+ ayeyi dwom. Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; wɔto no wɔ Mahalat* kwan so, ebinom to a, na ebinom agye so. Esrahini Heman+ Maskil.*

88 O Yehowa, me nkwagyeɛ Nyankopɔn,+

Adeɛ kye a, mesu frɛ wo,

Na adeɛ sa nso a, meba w’anim.+

 2 Ma me mpaebɔ nnuru w’asom,+

Na yɛ aso ma* me sufrɛ.+

 3 Ɛfiri sɛ amanehunu ahyɛ me* ma,+

Na me nkwa abɛn Adamena.*+

 4 Wɔde me aka wɔn a wɔrekɔ amena* mu+ no ho dada;

Mayɛ ɔbarima a n’asɛm yɛ mmɔbɔ;*+

 5 Mayɛ sɛ obi a ɔda awufoɔ mu;

Mete sɛ owufoɔ a ɔda adamena mu;

Wonkae no bio,

Na woagyae no hwɛ.*

 6 Wode me ato amena a emu dɔ mu,

Amena donkodonko kɛseɛ bi a emu yɛ sum mu.

 7 W’abufuo ayɛ duru wɔ me so,+

Na woma w’asorɔkye bu fa me so. (Sela)

 8 Woapamo m’amannifoɔ afiri me ho kɔ akyirikyiri;+

Woama madane akyiwadeɛ ama wɔn.

Me ho aka mu, na mennya me ho ntete.

 9 M’amanehunu nti, m’ani so ayɛ wisiwisi.+

O Yehowa, wo na mesu frɛ wo daa nyinaa;+

Wo na metrɛ me nsam su frɛ wo.

10 Wobɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ wɔn a wɔawuwuo anaa?

Awufoɔ a wɔntumi nkeka wɔn ho bɛtumi asɔre ayi wo ayɛ?+ (Sela)

11 Asieeɛ na wɔbɛka wo dɔ a ɛnni hwammɔ no ho asɛm anaa?

Anaasɛ wɔbɛka wo nokorɛdie ho asɛm wɔ ɔsɛeɛ amena mu?*

12 Nkurɔfoɔ bɛtumi ahu w’anwanwadeɛ wɔ sum mu?

Na wo tenenee nso, nnipa bɛhu no asaase a wɔnkae obiara wɔ so+ no so anaa?

13 Nanso, O Yehowa, meda so ara su frɛ wo;+

Anɔpa biara me mpaebɔ ba w’anim.+

14 O Yehowa, adɛn nti na woapo me?*+

Adɛn nti na wode w’anim ahinta me?+

15 Ɛfiri me mmɔfraase

Mahunu amane saa ara, na mereyɛ awu;+

Ɛsiane ɔhaw pii a woma me fa mu nti, matɔre mum.

16 W’abufuhyeɛ aboro me so;+

Wo ho hu abubu me.

17 Wo ho hu twa me ho hyia sɛ nsuo daa nyinaa;

Ne nyinaa bom ba me so bɛka me hyem.*

18 Woapamo me nnamfo ne me mfɛfoɔ afiri me ho kɔ akyirikyiri;+

Esum na abɛyɛ m’adamfo.

Maskil.* Esrahini Etan+ dwom.

89 Mɛto Yehowa dɔ a ɛnni hwammɔ ho dwom akɔsi daa.

Mede m’ano bɛka wo nokorɛdie ho asɛm akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.

 2 Ɛfiri sɛ maka sɛ: “Ɔdɔ a ɛnni hwammɔ bɛtim hɔ afebɔɔ,*+

Na wo nokorɛdie nso, woama no agyina pintinn wɔ ɔsoro.”

 3 Wokaa sɛ: “Deɛ mayi no no, me ne no ayɛ apam;+

Maka ntam akyerɛ m’akoa Dawid+ sɛ:

 4 ‘Mɛma w’aseni*+ atim afebɔɔ

Na mama w’ahennwa ase atim wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa+ mu.’” (Sela)

 5 O Yehowa, ɔsoro kamfo anwanwadeɛ a woayɛ,

Na akronkronfoɔ asafo nso kamfo wo nokorɛdie.

 6 Hwan na ɔte sɛ Yehowa wɔ soro?+

Hwan na ɔne Yehowa sɛ wɔ Onyankopɔn mma+ mu?

 7 Wɔnni Onyankopɔn ho agorɔ wɔ akronkronfoɔ asafo mu;+

Ɔyɛ kɛseɛ na ne ho yɛ hu ma wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.+

 8 O asafo Yehowa Nyankopɔn,

Hwan na ɔwɔ ahoɔden te sɛ wo, O Yah?+

Wo nokorɛdie atwa wo ho ahyia.+

 9 Wo na wodi ɛpo a ɛhuru kutukutu no so;+

Sɛ n’asorɔkye rebobɔ ba a, wo na woma no yɛ dinn.+

10 Woabubu Rahab+ pasaa na woakum no.+

Wode wo basa a ɛyɛ den no abɔ w’atamfo ahwete.+

11 Ɔsoro yɛ wo dea, na asaase nso yɛ wo dea;+

Asaase a ɛma nnɔbaeɛ ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa,+ wo na woyɛeɛ.

12 Wo na wobɔɔ atifi fam ne anaafoɔ fam;

Tabor+ ne Hermon+ de anigyeɛ yi wo din ayɛ.

13 Tumi wɔ wo basa mu,+

Wo nsa yɛ den,+

Na woama wo nsa nifa so kɔ soro.+

14 Tenenee ne atɛntenenee yɛ w’ahennwa nnyinasoɔ;+

Ɔdɔ a ɛnni hwammɔ ne nokorɛdie wɔ w’anim.+

15 Anigyeɛ ne ɔman a wɔbɔ ose.+

O Yehowa, w’anim hann mu na wɔnante.

16 Wo din ma wɔdi ahurisie daa nyinaa,

Na wo tenenee ma wɔnya animuonyam.

17 Wone wɔn ahoɔden+ ne wɔn animuonyam,

Na w’adom ma yɛn ahoɔden yɛ kɛse.*+

18 Yɛn kyɛm yɛ Yehowa dea,

Na yɛn hene yɛ Israel Kronkronni no dea.+

19 Saa berɛ no wokasa kyerɛɛ w’anokwafoɔ wɔ anisoadehunu mu sɛ:

“Mama otumfoɔ bi ahoɔden;+

Mayi obi afiri ɔman no mu, na mama ne so.+

20 Mahu m’akoa Dawid;+

Mede me ngo kronkron asra no.+

21 Mede me nsa bɛsɔ ne mu,+

Na me basa bɛhyɛ no den.

22 Ɔtamfo biara rentwa toɔ mma no,

Na ɔbɔnefoɔ biara renhyɛ ne so.+

23 Mɛyɛ n’atamfo pasaa wɔ n’anim,+

Na wɔn a wɔkyiri no no, mɛka wɔn agu.+

24 Mɛdi no nokorɛ na mada ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ no,+

Na me din bɛma n’ahoɔden ayɛ kɛseɛ.*

25 Mede po bɛhyɛ ne nsa,

Na mɛma ne nsa nifa adi nsubɔnten so.+

26 Ɔbɛka akyerɛ me sɛ: ‘Wone m’Agya,

Me Nyankopɔn, ne me nkwagyeɛ Botan.’+

27 Mede no bɛyɛ abakan,+

Na ɔbɛyɛ kɛseɛ asene asaase so ahemfo nyinaa.+

28 Mɛma me dɔ a ɛnni hwammɔ ne no atena daa,+

Na apam a me ne no ayɛ no rensɛe da.+

29 Mɛma n’aseni* atim daa,

Na n’ahennwa bɛkyɛ te sɛ ɔsoro.+

30 Sɛ ne mma po me mmara

Na wɔannante m’atemmusɛm mu,

31 Sɛ wɔbu m’ahyɛdeɛ so

Na wɔanni me mmara nsɛm so a,

32 Ɛnneɛ wɔn asoɔden nti, mede abaa bɛtwe wɔn aso,+

Na wɔn mfomsoɔ nti, mɛhwe wɔn.

33 Nanso meremfa me dɔ a ɛnni hwammɔ nkame no da,+

Na me bɔhyɛ nso, meremmu so da.*

34 Meremmu m’apam so,+

Na merensesa m’anom asɛm.+

35 Meyɛ kronkron; maka ntam no nko ara deɛ, na maka;

Merentwa Dawid nkontompo.+

36 N’aseni* bɛtim afebɔɔ,+

Na n’ahennwa bɛkyɛ te sɛ awia wɔ m’anim.+

37 Ɛbɛtim hɔ daa te sɛ bosome,

Na ayɛ sɛ ɔdansefoɔ nokwafoɔ a ɛwɔ wiem.” (Sela)

38 Nanso wo mmom na woapo deɛ woasra no no, na woato no atwene;+

Wo bo afu deɛ woasra no no.

39 Apam a wo ne w’akoa ayɛ no, woama no ayɛ atantandeɛ;

Woato n’ahenkyɛ* ato fam ama ɛho agu fĩ.

40 Aban a ɔde aboɔ ayɛ no, woabubu ne nyinaa agu;

N’abandenden nso, woasɛe no pasaa.

41 Wɔn a wɔretwam nyinaa fom ne ho nneɛma;

N’anim agu ase wɔ wɔn a wɔte bɛn no no anim.+

42 Wɔn a wɔne n’ani nhyia no, woama wɔadi nkonim;*+

Woama n’atamfo nyinaa adi ahurisie.

43 Afei nso, woama ne sekan aka ne nsam,

Na woamma no annyina wɔ akono.

44 Woasɛe n’animuonyam,

Na woato n’ahennwa atwene fam.

45 Woatwa ne mmeranteberɛ nna so;

Woafira no animguaseɛ. (Sela)

46 O Yehowa, wode wo ho bɛsie akɔsi da bɛn? Afebɔɔ anaa?+

W’abufuo bɛkɔ so adɛre sɛ gya?

47 Kae sɛ me nkwa nna yɛ tia.+

Asaase so nnipa nyinaa, wobɔɔ wɔn kwa anaa?

48 Onipa bɛn na ɔte ase a ɔrenwu da?+

Ɔbɛtumi agye ne ho* afiri Adamena* nsam anaa? (Sela)

49 O Yehowa, ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a berɛ bi wodaa no adi,

Deɛ wo nokorɛdie nti wokaa ho ntam kyerɛɛ Dawid no,+ ɛwɔ he?

50 O Yehowa, kae sɛdeɛ nkurɔfoɔ atwa wo nkoa adapaa;

Hwɛ sɛdeɛ masoa aman pii adapaatwa.*

51 O Yehowa, hwɛ sɛdeɛ w’atamfo adidi me atɛm;

Baabiara a deɛ woasra no no bɛfa no, wɔdidi no atɛm.

52 Ayeyie nka Yehowa daa. Amen ne Amen.+

NWOMA A ƐTƆ SO NNAN

(Dwom 90-106)

Nokorɛ Nyankopɔn nipa Mose mpaebɔ.+

90 O Yehowa, wone yɛn tenabea*+ wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

 2 Wonnya nwoo mmepɔ

Na wonnya nwoo asaase ne wiase no,+

Na woyɛ Onyankopɔn firi mmerɛsanten kɔsi mmerɛsanten.+

 3 Woma ɔdasani san kɔ dɔteɛ mu;

Woka sɛ: “Nnipa mma, monsan nkɔ dɔteɛ mu.”+

 4 Mfeɛ apem wɔ yɛn ani so te sɛ nnora ma wo;+

Ɛte sɛ anadwo nnɔnhwere kakraa bi.*

 5 Wopra wɔn kɔ;+ wɔtwam kɔ te sɛ daeɛ;

Ɛduru anɔpa a, wɔte sɛ serɛ a afifi.+

 6 Anɔpa ɛnyini fɛfɛɛfɛ, na ɛyɛ frɔmm,

Nanso ɛbɛduru anwummerɛ no, na atwintwam awu.+

 7 W’abufuo yiri fa yɛn,+

Na w’abufuhyeɛ ma ehu ka yɛn.

 8 Wonim yɛn mfomsoɔ;*+

Hann a ɛfiri w’anim ma yɛn ahintasɛm da adi.+

 9 W’abufuo nti, yɛn nna* so te ntɛmntɛm;

Yɛn mfeɛ twam kɔ te sɛ asɛm a wɔaka agu obi asom.*

10 Yɛn nkwa nna yɛ mfeɛ 70,

Na sɛ obi wɔ ahoɔden paa a na ɔbɛnya 80.+

Nanso ɔhaw ne amanehunu ahyɛ mu ma;

Ɛtwam ntɛm, na yɛyera.+

11 Hwan na ɔnim sɛdeɛ w’abufuo mu yɛ den fa?

Sɛdeɛ osuro a ɛfata wo no kɛseɛ teɛ no, saa ara na w’abufuo teɛ.+

12 Kyerɛ yɛn sɛdeɛ yɛbɛkan yɛn nna+

Na yɛanya nyansa akoma.

13 O Yehowa, san bra!+ Wobɛtwɛn akɔsi da bɛn?+

Hunu wo nkoa mmɔbɔ.+

14 Ma wo dɔ a ɛnni hwammɔ no mmee yɛn+ anɔpa,

Na yɛatumi abɔ ose, na yɛadi ahurisie+ yɛn nkwa nna nyinaa.

15 Nna dodoɔ a womaa yɛhunuu amane no, ma yɛmfa nna dodoɔ no ara nni ahurisie;+

Ma no nyɛ sɛ mfeɛ dodoɔ a yɛhunuu amane no.+

16 Ma wo nkoa nhu w’adwuma,

Na ma wɔn mma nhu w’animuonyam.+

17 Ma yɛnnya Yehowa yɛn Nyankopɔn anim adom,

Na ma yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie.*

Yɛn nsa ano adwuma no, ma no nyɛ yie.*+

91 Obiara a ɔte Ɔsorosoroni no hintabea no+

Bɛtena adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nwunu ase.+

 2 Mɛka akyerɛ Yehowa sɛ: “Wone me dwankɔbea ne m’abandenden,+

Me Nyankopɔn a mede me ho ato wo so.”+

 3 Ɔno na ɔbɛgye wo afiri nnomaayifoɔ fidie mu,

Na wayi wo afiri nsanyareɛ a emu yɛ den mu.

 4 Ɔde ne ntakra bɛkata wo so,*

Na ne ntaban ase na wobɛnya dwankɔbea.+

Ne nokorɛdie+ bɛyɛ kyɛm+ kɛseɛ ne ɔfasuo a ɛbɛbɔ wo ho ban.*

 5 Worensuro akomatusɛm a ɛba anadwo+

Anaa agyan a wɔtoto no awia;+

 6 Worensuro nsanyareɛ a ahinta sum mu,

Anaa ɔsɛeɛ a ɛba mpofirim awia ketee.

 7 Apem bɛtotɔ wo nkyɛn,

Na ɔpedu atotɔ wo nsa nifa so,

Nanso wo deɛ, ɛremmɛn wo.+

 8 Wode w’ani na ɛbɛhwɛ,

Na woahu nnebɔneyɛfoɔ asotwe.*

 9 Ɛsiane sɛ wokaa sɛ: “Yehowa ne me dwankɔbea” nti,

Wode Ɔsorosoroni no ayɛ wo tenabea;*+

10 Asiane biara rento wo,+

Na ɔhaw biara remmɛn wo ntomadan.

11 Wo nti ɔbɛsoma n’abɔfoɔ+

Ma wɔawɛn wo w’akwan nyinaa mu.+

12 Wɔbɛsoa wo wɔn nsa so,+

Na woamfa wo nan ampem boɔ.+

13 Wobɛtiatia gyata ne ɔprammire so;

Gyata a ne ho yɛ den ne ɔwɔ kɛseɛ so na wobɛtiatia.+

14 Onyankopɔn aka sɛ: “Ɛsiane sɛ ɔdɔ me* nti, mɛgye no.+

Mɛbɔ ne ho ban, ɛfiri sɛ ɔnim me din.+

15 Ɔbɛfrɛ me, na mɛgye ne so.+

Mɛgyina n’akyi wɔ n’ahohia mu.+

Mɛgye no, na mahyɛ no animuonyam.

16 Mɛma no adi nna amee,+

Na mama no ahu me nkwagyeɛ nnwuma.”*+

Ayeyi dwom a wɔto no Homeda.

92 Ɛyɛ sɛ yɛbɛda Yehowa ase,+

Na yɛato ayeyi dwom* ama wo din, O Ɔsorosoroni;

 2 Ɛyɛ sɛ yɛbɛka wo dɔ a ɛnni hwammɔ+ no ho asɛm anɔpa,

Na yɛaka wo nokorɛdie ho asɛm anadwo,

 3 Na yɛabɔ sankuo a ɛwɔ nhoma du ne sankuwa,

Ne dwom dɛdɛ wɔ sankuten so.+

 4 O Yehowa, wo na woma medi ahurisie wɔ wo nnwuma ho;

Wo nsa ano adwuma nti, meto ahurisi dwom.

 5 O Yehowa, hwɛ sɛdeɛ wo nnwuma yɛ akɛseɛ!+

Hwɛ sɛdeɛ w’adwene mu dɔ fa!+

 6 Obiara a ɔnni adwene rentumi nhunu mu,

Na gyimifoɔ biara rentumi nte aseɛ sɛ:+

 7 Sɛ nnebɔneyɛfoɔ fifi sɛ wura,*

Na sɛ amumuyɛfoɔ nyinaa yɛ frɔmfrɔm a,

Ɛyɛ ɔsɛeɛ korakora a ɛbɛba wɔn so ntira.+

 8 Nanso wo, Yehowa deɛ, woyɛ Opumpuni daa.

 9 O Yehowa, hwɛ sɛdeɛ w’atamfo bɛdi nkoguo,

Hwɛ sɛdeɛ w’atamfo bɛyera;

Wobɛbɔ amumuyɛfoɔ nyinaa ahwete.+

10 Nanso wobɛma m’ahoɔden ayɛ kɛseɛ* sɛ ɛkoɔ* deɛ;

Mɛsra ngo pa ama me ho abae me.+

11 M’atamfo bɛdi nkoguo ama m’ani ahunu;+

Nnebɔneyɛfoɔ a wɔto hyɛ me so no bɛhwe ase ama m’aso ate.

12 Ɔteneneeni deɛ, ɔbɛyɛ frɔmfrɔm sɛ abɛdua;

Ɔbɛyɛ kɛse te sɛ sida dua a ɛwɔ Lebanon.+

13 Wɔadua wɔn wɔ Yehowa fie,

Wɔyɛ frɔmfrɔm wɔ yɛn Nyankopɔn fie adihɔ hɔ.+

14 Sɛ wɔnyini* mpo a, wɔbɛso aba,+

Na wɔbɛkɔ so anya ahoɔden* na wɔayɛ kama,+

15 Na wɔbɛka sɛ Yehowa tene.

Ɔno ne me Botan,+ na deɛ ɛntene biara nni ne mu.

93 Yehowa abɛyɛ Ɔhene!+

Ɔfira animuonyam te sɛ ntoma;

Yehowa de ahoɔden ahyehyɛ ne ho.

Wabɔ no sɛ abɔsoɔ.*

Asaase tim hɔ pintinn;

Ɛrenhinhim da.

 2 W’ahennwa tim hɔ pintinn firi tete;+

Wowɔ hɔ firi mmerɛsanten.+

 3 O Yehowa, nsubɔnten no ayiri,

Nsubɔnten no ayiri ama no rebu fa so;

Nsubɔnten no ayiri, na ɛreworo so.

 4 Yehowa korɔn wɔ sorosoro hɔ,+

Ɔkorɔn sene nsuo pii nnyegyeeɛ,

Na ɔyɛ kɛse sene po asorɔkye a ɛrebu fa so.+

 5 Wo nkaesɛm nni hwammɔ da.+

O Yehowa, wode kronkronyɛ asiesie* wo fie+ afebɔɔ.

94 O Yehowa Nyankopɔn a wotua bɔne so ka,+

O Onyankopɔn a wotua bɔne so ka, ma w’animuonyam nhyerɛn!

 2 O asaase Temmufoɔ, ma wo mu so,+

Deɛ ahantanfoɔ ayɛ no, tua wɔn so ka.+

 3 O Yehowa, ɛnkɔsi da bɛn?

Ɛnkɔsi da bɛn na nnebɔneyɛfoɔ bɛkɔ so adi ahurisie?+

 4 Wɔworo nsɛm, na wɔdwa wɔn anom;

Amumuyɛfoɔ no nyinaa hoahoa wɔn ho.

 5 O Yehowa, wɔbobɔ wo man pasaa,+

Na wɔhyɛ w’agyapadeɛ so.

 6 Wɔkum okunafoɔ ne ɔhɔhoɔ,

Na wɔkum agyanka nso.

 7 Wɔka sɛ: “Yah ani nhunu;+

Yakob Nyankopɔn nnim deɛ ɛrekɔ so.”+

 8 Mo a monni adwene, da bɛn na mobɛnya nteaseɛ?

Agyimifoɔ nso, da bɛn na mobɛnya nhunumu?+

 9 Enti deɛ ɔyɛɛ aso* no, ɔnte asɛm anaa?

Na deɛ ɔyɛɛ ani no, ɔnhunu adeɛ?+

10 Deɛ ɔtene aman so,+ na ɔma nnipa nya nimdeɛ no,

Ɔrentumi nka nkurɔfoɔ anim anaa?+

11 Yehowa nim nnipa adwene;

Ɔnim sɛ ɛte sɛ hwenem mframa kɛkɛ.+

12 O Yah, anigyeɛ ne ɔbarima a wotene ne so,+

Ne deɛ wode wo mmara kyerɛkyerɛ no,+

13 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mmusuo ba a, ne ho bɛdwo no

Kɔsi sɛ nnebɔneyɛfoɔ bɛtɔ amena mu.+

14 Yehowa rempo ne man,+

Na ɔrennya n’agyapadeɛ.+

15 Atemmuo bɛsan asi tenenee kwan so,

Na akomam teefoɔ nyinaa bɛdi akyire.

16 Hwan na ɔbɛsɔre ne nnebɔneyɛfoɔ adi asie ama me?

Hwan na ɔbɛsɔre agyina na ɔne amumuyɛfoɔ ako ama me?

17 Sɛ Yehowa ammoa me a,

Anka mɛwu ntɛm.*+

18 Berɛ a mekaa sɛ: “Mereyɛ ahwe ase” no,

O Yehowa, wo dɔ a ɛnni hwammɔ na ɛsɔɔ me mu.+

19 Berɛ a dadwene* hyɛɛ me so no,*

Wokyekyee me werɛ na wokaa m’akoma too me yam.*+

20 Ɛbɛyɛ dɛn na ahemfo* a adanmudeɛ* ahyɛ wɔn ma atumi ayɛ wo yɔnko,

Berɛ a wɔhyɛ mmara akyi de ɔhaw ba?+

21 Wɔto hyɛ ɔteneneeni* so,+

Na deɛ ne ho nni asɛm nso, wɔbu no kumfɔ.*+

22 Nanso Yehowa bɛyɛ me dwankɔbea a ɛyɛ den;*

Me Nyankopɔn bɛyɛ me dwankɔbea botan.+

23 Ɔbɛma wɔn amumuyɛsɛm adane aba wɔn so,+

Na wɔn ara mmusuo na ɔde bɛyi wɔn afiri hɔ.*

Yɛn Nyankopɔn Yehowa bɛyi wɔn afiri hɔ.*+

95 Mommra, momma yɛmfa ahurisie nyi Yehowa ayɛ!

Momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ Botan no.+

 2 Momma yɛnkɔ n’anim nkɔda no ase;+

Momma yɛnto dwom mma no na yɛmmɔ no ose.

 3 Ɛfiri sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn kɛseɛ

Ne Ɔhenkɛseɛ a ɔkyɛn anyame nyinaa.+

 4 Abɔn a ɛwɔ asaase ase tɔnn no, ne nsam na ɛwɔ;

Mmepɔ atenten nso yɛ ne dea;+

 5 Ɔno na ɔyɛɛ ɛpo, na ɛyɛ ne dea;+

Ne nsa na ɛyɛɛ asaase kesee.+

 6 Mommra, momma yɛnsom no na yɛmmɔ yɛn mu ase mma no;

Momma yɛnkoto yɛn Bɔfo Yehowa anim.+

 7 Ɔno ne yɛn Nyankopɔn,

Na yɛyɛ ne nkurɔfoɔ a ɔhwɛ yɛn so

Ne ne nnwan a ɔyɛn yɛn.*+

Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,+

 8 Mommpirim mo akoma sɛdeɛ ɛsii wɔ Meriba,*+

Sɛdeɛ ɛkɔɔ so Masa* da no wɔ serɛ so hɔ no;+

 9 Saa berɛ no, mo agyanom sɔɔ me hwɛeɛ;+

Ná wɔahu me nnwuma, nanso wɔgyegyee me.+

10 Awoɔ ntoatoasoɔ yi ho yɛɛ me abofono mfeɛ 40, na mekaa sɛ:

“Wɔyɛ ɔman a daa wɔfom kwan wɔ wɔn akoma mu,

Na wɔnhuu m’akwan.”

11 Enti mede abufuo kaa ntam sɛ:

“Wɔrenkɔ me home mu.”+

96 Monto dwom foforɔ+ mma Yehowa.

Asaase nyinaa, monto dwom mma Yehowa!+

 2 Monto dwom mma Yehowa, monyi ne din ayɛ.

Monka ne nkwagyeɛ ho asɛmpa da biara.+

 3 Monka n’animuonyam nkyerɛ amanaman;

Monka n’anwanwadwuma ho asɛm aman nyinaa mu.+

 4 Yehowa yɛ kɛseɛ; ɔno na ayeyie sɛ no.

Ɔfata sɛ yɛsuro no sene anyame nyinaa.

 5 Amanaman no anyame no nyinaa yɛ anyamehunu;+

Yehowa deɛ, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro.+

 6 Anidie ne animuonyam atwa ne ho ahyia;+

Ahoɔden ne ahoɔfɛ wɔ ne tenabea kronkron hɔ.+

 7 Mmusua a mowɔ aman nyinaa mu, momfa Yehowa anidie mma no;

Yehowa animuonyam ne n’ahoɔden nti, momfa anidie mma no.+

 8 Momfa animuonyam a ɛfata Yehowa din mma no;+

Momfa akyɛdeɛ mmra ne fie adihɔ.

 9 Monhyɛ ntaade kronkron mfa nkoto* Yehowa;*

Asaase nyinaa, mo ho mpopo n’anim!

10 Monka no amanaman no mu sɛ: “Yehowa abɛyɛ Ɔhene!+

Asaase tim hɔ pintinn; ɛrenhinhim da.

Atɛn a ɔbɛbu aman no tene.”*+

11 Momma ɔsoro nni ahurisie, na asaase ani nnye.

Momma ɛpo ne deɛ ɛwom nyinaa nworo so;+

12 Momma kwaeɛ ne deɛ ɛwom nyinaa nni ahurisie.+

Wuram nnua nso, momma ne nyinaa nto ahurisi dwom+

13 Wɔ Yehowa anim, ɛfiri sɛ ɔreba;*

Ɔreba abɛbu asaase atɛn.

Ɔbɛbu asaase atɛn tenenee mu,+

Na ɔbɛbu amanaman atɛn nokorɛdie mu.+

97 Yehowa abɛyɛ Ɔhene!+

Momma asaase ani nnye.+

Momma nsupɔ nyinaa nni ahurisie.+

 2 Mununkum ne kusuuyɛ atwa ne ho ahyia;+

Tenenee ne atɛntenenee yɛ n’ahennwa nnyinasoɔ.+

 3 Egya firi n’anim kɔ,+

Na ɛhye n’atamfo a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.+

 4 N’anyinam hyerɛn wɔ wiase;

Asaase hu a, ɛwoso.+

 5 Mmepɔ nane sɛ ɛwoɔkyɛm wɔ Yehowa anim;+

Ɛnane wɔ asaase nyinaa Wura no anim.

 6 Ɔsoro pae mu ka ne tenenee,

Na aman nyinaa hu n’animuonyam.+

 7 Momma wɔn a wɔkoto sɔre ahoni nyinaa ani nwu,+

Wɔn a wɔde anyamehunu hoahoa wɔn ho no.+

Anyame nyinaa, monkoto no.*+

 8 Sɛ Sion te a, ɔdi ahurisie;+

O Yehowa, w’atemmusɛm nti,

Yuda nkuro* ani gye.+

 9 Wo, Yehowa, wone Ɔsorosoroni a ɔdi asaase nyinaa so;

Woama wo ho so koraa atra anyame nyinaa.+

10 O mo a modɔ Yehowa, monkyiri bɔne.+

Ɔwɛn n’anokwafoɔ;*+

Ɔgye wɔn firi nnebɔneyɛfoɔ nsam.+

11 Hann ahyerɛn ama ɔteneneeni,+

Na ahurisidie ahyerɛn ama akomam teefoɔ.

12 Mo, ateneneefoɔ, monni ahurisie wɔ Yehowa mu,

Na monkamfo ne din* kronkron no.

Ayeyi dwom.

98 Monto dwom foforɔ mma Yehowa,+

Na wayɛ anwanwadeɛ.+

Ne nsa nifa, ne basa kronkron no, ayɛ nkwagyeɛ adwuma.*+

 2 Yehowa ama nnipa ahunu ne nkwagyeɛ;+

Wayi ne tenenee adi akyerɛ amanaman no.+

 3 Wakae ɔdɔ a ɛnni hwammɔ ne nokorɛdie a ɔkaa sɛ ɔbɛyi no adi akyerɛ Israel fie no.+

Asaase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.*+

 4 Asaase nyinaa, mommɔ ose mma Yehowa.

Momma mo ani nnye na monni ahurisie nto ayeyi nnwom.*+

 5 Momfa sankuten nto ayeyi nnwom* mma Yehowa,

Momfa sankuten ne nnwom a ɛyɛ dɛ nyi no ayɛ.

 6 Momfa ntotorobɛnto ne abɛn+

Mmɔ ose wɔ Ɔhene Yehowa anim.

 7 Momma ɛpo ne deɛ ɛwom nyinaa nworo so;

Asaase ne wɔn a wɔte so nyinaa nni ahurisie.

 8 Momma nsubɔnten mmobɔ wɔn nsam;

Momma mmepɔ nto ahurisi dwom+

 9 Wɔ Yehowa anim, ɛfiri sɛ ɔrebɛbu asaase atɛn.

Ɔbɛbu asaase atɛn tenenee mu,+

Na ɔbɛbu amanaman atɛn wɔ nokorɛdie mu.+

99 Yehowa abɛyɛ Ɔhene.+ Momma amanaman no ho mpopo.

Ɔte kerubim so.*+ Momma asaase nhinhim.

 2 Yehowa yɛ kɛseɛ wɔ Sion,

Na ɔkorɔn sene aman nyinaa.+

 3 Ma wɔnyi wo din kɛseɛ no ayɛ,+

Ɛfiri sɛ ɛyɛ nwanwa na ɛyɛ kronkron.

 4 Ɔyɛ ɔhenkɛseɛ a ɔdɔ atɛntenenee.+

Wo na woama deɛ ɛtene atim.

Woama Yakob anya atɛntenenee ne adetenenee.+

 5 Momma Yehowa yɛn Nyankopɔn so,+ na monkoto no* wɔ ne nan ntiasoɔ anim;+

Ɔyɛ kronkron.+

 6 Ná Mose ne Aaron ka n’asɔfoɔ ho;+

Samuel nso, na ɔka wɔn a wɔbɔ ne din no ho.+

Wɔfrɛɛ Yehowa,

Na ɔno nso gyee wɔn so daa.+

 7 Ɔne wɔn kasaa wɔ mununkum dum mu.+

Nkaesɛm ne ahyɛdeɛ a ɔde maa wɔn no, wɔdii so.+

 8 O Yehowa yɛn Nyankopɔn, wotiee wɔn.+

Woyɛ Onyankopɔn a wode wɔn bɔne kyɛɛ wɔn,+

Nanso nneɛma bɔne a wɔyɛeɛ nti, wotwee wɔn aso.*+

 9 Momma Yehowa yɛn Nyankopɔn so,+

Na monkoto no* wɔ ne bepɔ kronkron no so,+

Ɛfiri sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ kronkron.+

Aseda dwom.

100 Asaase nyinaa, mommɔ ose mma Yehowa.+

 2 Momfa anigyeɛ nsom Yehowa.+

Momfa anigyeɛ mmɛbɔ ose wɔ n’anim.

 3 Monhu* sɛ Yehowa ne Onyankopɔn.+

Ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne dea.*+

Yɛyɛ ne man ne ne nnwan a ɔhwɛ yɛn so.+

 4 Monwura n’apono mu nkɔda no ase,+

Na momfa ayeyie mmra ne fie adihɔ.+

Monna no ase; monyi ne din ayɛ.+

 5 Ɛfiri sɛ Yehowa yɛ,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa,

Na ne nokorɛdie kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.+

Dawid dwom.

101 Ɔdɔ a ɛnni hwammɔ ne atemmuo ho dwom na mɛto.

O Yehowa, wo na mɛto ayeyi dwom* ama wo.

 2 Mede nhunumu bɛyɛ adeɛ, na meremma asɛm mma me ho.*

Da bɛn na wobɛba me nkyɛn?

Akoma a ɛdi mu+ na mede bɛbɔ me bra wɔ me fie.

 3 Meremfa biribiara a mfasoɔ nni so* nsi m’ani so.

Wɔn a wɔamane afiri deɛ ɛtene ho no, mekyiri wɔn nneyɛɛ;+

Me ne wɔn nni twaka biara.*

 4 Obi a n’akoma asɛe no, meremmɛn no koraa;

Merempene adebɔne so.*

 5 Obiara a ɔsɛe ne yɔnko din kokoam no,+

Mɛma no aka n’ano atom.*

Obiara a ɔwɔ ahantan ani ne ahomasoɔ akoma no,

Me ne n’ani renhyia.

 6 Mɛdom asaase so anokwafoɔ

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔne me bɛtena.

Deɛ ne ho nni asɛm no,* ɔno na ɔbɛsom me.

 7 Ɔdaadaafoɔ biara rentena me fie,

Na ɔtorofoɔ biara nni hɔ a ɔbɛgyina m’anim.*

 8 Anɔpa biara, mɛma asaase so amumuyɛfoɔ nyinaa ayɛ dinn,*

Na mɛpra nnebɔneyɛfoɔ nyinaa afiri Yehowa kuro no mu.+

Mmɔborɔni mpaebɔ; ɔyi n’akomam dadwene adi kyerɛ Yehowa berɛ a wayɛ hahaaha* no.+

102 O Yehowa, tie me mpaebɔ;+

Ma me sufrɛ nnuru w’anim.+

 2 Mekɔ ahohia mu a, mfa w’anim nhinta me.+

Yɛ aso ma me;*

Mefrɛ wo a, gye me so ntɛm.+

 3 Ɛfiri sɛ me nna retwam kɔ te sɛ wisie,

Na me nnompe ahyehye sɛdeɛ egya yɛ bukyia mu no.+

 4 M’akoma ayɛ sɛ wura a atwintwam;+

Me werɛ fi mpo sɛ mɛdidi.

 5 M’apinisie nti,+

Mafɔn ara ama no aka me nnompe.+

 6 Mayɛ sɛ nsuo so dabodabo a wate ne ho kɔ akyirikyiri.

Mete sɛ patuo ketewa a ɔnenam amamfo so.

 7 M’ani gu so saa ara;*

Mayɛ sɛ anomaa a ɔno nko ara si dan so mmɔbɔmmɔbɔ.+

 8 M’atamfo twa me adapaa daa nyinaa.+

Wɔn a wɔdi me ho fɛ* no de me din dome nkurɔfoɔ.

 9 Nsõ na abɛyɛ m’aduane,*+

Na nisuo afra m’anonneɛ,+

10 Ɛfiri sɛ wo bo afu me, na w’ani abere me so;

Womaa me so, na wotoo me tweneeɛ.

11 Me nna ayɛ sɛ sunsum a ɛretwam akɔ,+

Na meretwintwam sɛ wura.+

12 Nanso wo, Yehowa deɛ, wowɔ hɔ daa,+

Na wobɛgye din* wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+

13 Wobɛsɔre, na wobɛhunu Sion mmɔbɔ,+

Ɛfiri sɛ berɛ aso sɛ wodom no;+

Berɛ a woahyɛ no aso.+

14 Wo nkoa nni kuro no aboɔ ho agorɔ koraa,+

Na emu mfuturo mpo som bo ma wɔn.+

15 Amanaman no bɛsuro Yehowa din,

Na asaase so ahemfo nyinaa bɛsuro w’animuonyam.+

16 Yehowa bɛsan akyekyere Sion;+

Ɔbɛyi ne ho adi n’animuonyam mu.+

17 Ɔbɛyɛ aso atie ohianiwa mpaebɔ,+

Na ɔremmu ne mpaebɔ animtia.+

18 Wɔatwerɛ wei ato hɔ ama nkyirimma,+

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa a wɔbɛba daakye* bɛyi Yah ayɛ.

19 Yehowa wɔ ne kronkronbea a ɛwɔ soro hɔ no, na ɔhwɛ fam;+

Ɔfiri sorosoro hɔ hwɛ asaase so;

20 Ɔpɛ sɛ ɔtie deɛ ɔda afiase apinisie,+

Na ɔgye wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no;+

21 Ɛno bɛma nkurɔfoɔ abɔ Yehowa din wɔ Sion,+

Na wɔayi no ayɛ wɔ Yerusalem;

22 Ɛbɛyɛ berɛ a aman ne ahennie

Boaboa wɔn ho ano som Yehowa no.+

23 Ɔmaa m’ahoɔden saa prɛko pɛ;

Ɔtwaa me nna so.

24 Mekaa sɛ: “O me Nyankopɔn,

Wo a wowɔ hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu,

Nkyɛ me nkwa nna mu nyi me mfiri hɔ.+

25 Teteete na wotoo asaase fapem;

Ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.+

26 Ne nyinaa bɛtwam, nanso wo deɛ, wowɔ hɔ daa;

Ne nyinaa bɛyɛ dada te sɛ ataadeɛ.

Wobɛsesa ne nyinaa te sɛ ataadeɛ, na ɛbɛtwam akɔ.

27 Wo deɛ, wonsesa da, na wo mfeɛ remma awieeɛ da.+

28 W’asomfoɔ mma bɛtena ase dwoodwoo,

Na wɔn asefoɔ bɛtim wɔ w’anim.”+

Dawid dwom.

103 Ma menyi* Yehowa ayɛ;

Ma memfa m’akoma nyinaa nyi ne din kronkron no ayɛ.

 2 Ma menyi* Yehowa ayɛ;

Mma no mma da sɛ me werɛ bɛfi deɛ wayɛ nyinaa.+

 3 Ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ wo,+

Na wo nyarewa nyinaa, ɔtu aseɛ.+

 4 Ɔgye wo nkwa na woankɔ amena* mu,+

Na ɔde ne dɔ a ɛnni hwammɔ ne ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotire.+

 5 Ɔma wo nneɛma pa ma wo ho tɔ wo+ wɔ w’asetena nyinaa mu,

Na ama woakɔ so ayɛ aberanteɛ na woanya ahoɔden sɛ ɔkɔdeɛ.+

 6 Yehowa de tenenee+ ne atɛntenenee

Di ma mmɔborɔwafoɔ nyinaa.+

 7 Ɔmaa Mose huu n’akwan,+

Na ɔmaa Israel mma huu ne nnwuma.+

 8 Yehowa wɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehyeɛ;*+

Ne bo mfu ntɛm, na ne dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano.+

 9 Ɔrenhwehwɛ yɛn ho mfomsoɔ berɛ nyinaa,+

Na ɔremfa yɛn ho asɛm nhyɛ ne mu afebɔɔ.*+

10 Ɔnhwɛ yɛn bɔne ho ne yɛn nni,+

Na ɔnhwɛ yɛn mfomsoɔ ho ntua yɛn ka.+

11 Sɛdeɛ ɔsoro ware sene asaase no,

Saa ara na ne dɔ a ɛnni hwammɔ nso yɛ kɛseɛ boro so ma wɔn a wɔsuro no.+

12 Sɛdeɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no,

Saa ara na wama yɛne yɛn mmarato ntam aware.+

13 Sɛdeɛ agya hu ne mma mmɔbɔ no,

Saa ara na Yehowa nso hu wɔn a wɔsuro no no mmɔbɔ.+

14 Ɔnim sɛdeɛ ɔbɔɔ yɛn;+

Ɔkae sɛ yɛyɛ dɔteɛ.+

15 Onipa dasani wɔ hɔ yi, ne nna te sɛ serɛ;+

Ɔte sɛ wuram nhwiren a ayɛ frɔmfrɔm,+

16 Nanso mframa bɔeɛ ara na ayera,

Obi nkae mpo sɛ na ɛwɔ hɔ.*

17 Yehowa dɔ nni hwammɔ, na ɛwɔ hɔ daa*

Ma wɔn a wɔsuro no,+

Na ne tenenee nso wɔ hɔ ma wɔn mma asefoɔ.+

18 Ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔdi n’apam so,+

Ne wɔn a wɔhwɛ di n’ahyɛdeɛ so.

19 Yehowa de n’ahennwa atim hɔ pintinn wɔ soro;+

N’ahennie di biribiara so.+

20 Mo, Yehowa abɔfoɔ+ ahoɔdenfoɔ, monyi no ayɛ;

Mo a motie n’asɛm na modi n’ahyɛdeɛ so.*+

21 Yehowa asafodɔm nyinaa, monyi no ayɛ;+

Mo a mosom no na moyɛ n’apɛdeɛ.+

22 Yehowa abɔdeɛ nyinaa, monyi no ayɛ

Wɔ baabiara a ɔdi tumi.

Ma memfa m’akoma* nyinaa nyi Yehowa ayɛ.

104 Ma menyi* Yehowa ayɛ.+

O Yehowa me Nyankopɔn, woyɛ kɛseɛ paa.+

Wofira tumi* ne animuonyam.+

 2 Hann akata wo ho+ sɛ ntoma;

Woatrɛ ɔsoro mu sɛdeɛ wɔtrɛ ntomadan ntoma mu.+

 3 Nsuo mu na ɔbobɔɔ nnua wɔ wiem de sii ne dan;+

Ɔde mununkum ayɛ ne teaseɛnam,+

Na ɔnante mframa ntaban so.+

 4 Ɔsoma n’abɔfoɔ sɛ ahonhom,

Na ɔsoma n’asomfoɔ sɛ egya a ɛredɛre.+

 5 Ɔde asaase atim ne fapem so;+

Ɛbɛtim baabi a ɛtim daa daa.*+

 6 Wode subunu kataa ho sɛ ntoma.+

Mmepɔ atifi na na nsuo no gyina.

 7 W’animka nti, ɛdwaneeɛ;+

W’aprannaa mmobom nti, ɛde ahopopoɔ dwaneeɛ;

 8 Mmepɔ memaa wɔn ho so,+ na abɔn nso sanesaneeɛ,

Ɛkɔɔ faako a woasiesie ama wɔn no.

 9 Wotwaa hyeɛ maa nsuo no,+

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛremmɛkata asaase so bio.

10 Ɔsoma nsuo kɔ abɔn mu;

Ɛsene fa mmepɔ ntam.

11 Ɛma wuram mmoa nyinaa nya nsuo nom;

Serɛ so mfunumu de kum wɔn sukɔm.

12 Nnua a ɛsisi ho no, ɛso na wiem nnomaa yɛ wɔn mpirebuo;

Nnubaa no mu na wɔto dwom.

13 Woma nsuo firi wo dan mu bɛgugu mmepɔ so.+

Aba a ɛfiri wo nsam na ɛma asaase mee.+

14 Ɔma serɛ fifi ma anantwie,

Na afifideɛ pue ma adasamma;+

Ɔma asaase bɔ aduane,

15 Ɔma ɔdasani nya nsã* ma n’akoma ani gye,+

Ɔde ngo ma no ma n’anim yɛ sɔɔsɔɔ,

Na ɔma ɔdasani aduane* ma no nya* ahoɔden.+

16 Yehowa nnua nya nsuo pii nom,

Lebanon sida a wadua no;

17 Ɛhɔ na nnomaa yɛ mpirebuo.

Asukɔnkɔn nso,+ wɔn fie wɔ papao nnua so.

18 Mmepɔ atenten so na bepɔ so mpɔnkye teɛ;+

Nkukuban nso fie wɔ abotan mu.+

19 Wayɛ bosome sɛ ɛnkyerɛ mmerɛ;

Awia nim berɛ a ɛsɛ sɛ ɛkɔtɔ.+

20 Woma sum ba, na adeɛ sa;+

Saa berɛ no na nkekaboa a wɔwɔ wuram nyinaa di akɔneaba.

21 Agyata* bobom pɛ nam;+

Onyankopɔn nsam na wɔkɔpɛ wɔn aduane.+

22 Sɛ awia pue a,

Wɔsan wɔn akyi kɔbutubutu wɔn abɔn mu.

23 Onipa kɔ ne nnwuma so,

Na ɔyɛ adwuma kɔsi anwummerɛ.

24 O Yehowa, wo nnwuma dɔɔso!+

Nyansa na wode ayɛ ne nyinaa.+

Wo nsa ano adwuma ahyɛ asaase so ma.

25 Ɛpo wɔ hɔ yi, ɛsõ na ɛtrɛ,

Na mmoa nketewa ne akɛseɛ ayɛ mu ma.+

26 Ahyɛn fa so,

Na woayɛ Lewiatan*+ sɛ ɔnni mu agorɔ.

27 Wo na wɔn nyinaa hwɛ wo

Sɛ ma wɔn aduane berɛ a ɛsɛ mu.+

28 Deɛ wode ma wɔn na wɔdie.+

Wobue wo nsam a, wɔnya nneɛma pa di mee.+

29 Sɛ wode w’anim hinta a, wɔyɛ basaa;

Sɛ woyi wɔn honhom a, wɔwu na wɔsan kɔ dɔteɛ mu.+

30 Sɛ wosoma wo honhom a, wode bɔ adeɛ,+

Na woma asaase ani yɛ foforɔ bio.

31 Yehowa animuonyam bɛtena hɔ afebɔɔ.

Yehowa bɛdi ne nnwuma ho ahurisie.+

32 Sɛ ɔhwɛ asaase a, ɛwoso,

Na ɔde ne nsa ka mmepɔ a, ɛfiri wisie.+

33 Mɛto dwom ama Yehowa+ me nkwa nna nyinaa;

Mete nkwa mu yi deɛ, mɛto ayeyi dwom* ama me Nyankopɔn.+

34 Ma deɛ medwendwene ho nyɛ no fɛ.*

Mɛdi Yehowa mu ahurisie.

35 Abɔnefoɔ bɛyera afiri asaase so,

Na amumuyɛfoɔ rentena nkwa mu bio.+

Ma menyi* Yehowa ayɛ. Monyi Yah ayɛ!*

105 Monna Yehowa ase,+ mommɔ ne din,

Monka ne nnwuma nkyerɛ amanaman!+

 2 Monto dwom mma no, monto ayeyi nnwom* mma no,

Monnwennwene n’anwanwadwuma nyinaa ho.*+

 3 Momfa ne din kronkron no nhoahoa mo ho.+

Momma wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no akoma nni ahurisie.+

 4 Monhwehwɛ Yehowa+ ne n’ahoɔden.

Monhwehwɛ n’anim adom daa.

 5 Anwanwadwuma ne nsɛnkyerɛnne a wayɛ

Ne n’atemmusɛm no, monkae,+

 6 Mo a moyɛ n’akoa Abraham asefoɔ*+

Ne Yakob mma a wayi mo.+

 7 Ɔno ne Yehowa, yɛn Nyankopɔn;+

N’atemmusɛm kɔduru asaase so baabiara.+

 8 N’apam ne ɛbɔ a ɔhyɛɛ* awoɔ ntoatoasoɔ apem no,+

Ɔkae kɔsi daa;+

 9 Ɛno ne apam a ɔne Abraham yɛeɛ+

Ne ntam a ɔkaa Isak no.+

10 Ɔde yɛɛ ahyɛdeɛ maa Yakob,

Na ɔde maa Israel sɛ daa apam.

11 Ɔkaa sɛ: “Mede Kaanan asaase bɛma wo+

Sɛ agyapadeɛ a matwa ama wo.”+

12 Saa berɛ no, na wɔnnɔɔso;+

Ná wɔyɛ kakraa bi, na na wɔyɛ ahɔhoɔ wɔ asaase no so.+

13 Wɔdii atutena wɔ amanaman mu,

Na wɔfiri ahennie baako mu a, na wɔkɔ foforɔ mu.+

14 Wamma obiara anhyɛ wɔn so,+

Na mmom wɔn nti ɔkaa ahemfo anim.+

15 Ɔkaa sɛ: “Mommfa mo nsa nnka me nkurɔfoɔ a masra wɔn no,

Na monnyɛ m’adiyifoɔ bɔne.”+

16 Ɔmaa ɛkɔm baa asaase no so;+

Ɔmaa aduane ho yɛɛ den maa wɔn.*

17 Ɔsomaa ɔbarima bi dii wɔn anim,

Yosef a wɔtɔn no kɔɔ nkoasom mu no.+

18 Wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu* ne nan,+

Na wɔde dadeɛ hyɛɛ ne kɔn;*

19 Ansa na bɔhyɛ no reba mu no,+

Yehowa anom asɛm na ɛmaa ne ho teeɛ.

20 Ɔhene no soma maa wɔkɔyii no;+

Deɛ ɔdi nkurɔfoɔ no so maa wɔgyaa no.

21 Ɔde no sii ne fie so panin,

Na ɔmaa no dii n’agyapadeɛ nyinaa so;+

22 Ɔmaa no kwan sɛ ɔnni n’adehyeɛ so tumi*

sɛdeɛ ɔpɛ,*

Na ɔnkyerɛ ne mpanimfoɔ nyansa.+

23 Ɛnna Israel baa Egypt,+

Na Yakob bɛyɛɛ ɔhɔhoɔ wɔ Ham asaase so.

24 Onyankopɔn maa ne man ase trɛɛ paa,+

Na ɔmaa wɔbɛyɛɛ den senee wɔn atamfo;+

25 Ɔsesaa atamfo no akoma maa wɔtan ne man,

Na wɔbɔɔ n’asomfoɔ ho pɔ.+

26 Ɔsomaa n’akoa Mose+

Ne Aaron+ a ɔyii no no.

27 Ɔmaa wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne wɔ wɔn mu,

Na ɔmaa wɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ Ham asaase so.+

28 Ɔsomaa esum, na esum bɛkataa asaase no so;+

Wɔante atua antia n’asɛm.

29 Ɔdanee wɔn nsuo mogya,

Na ɔkunkum wɔn mpataa.+

30 Mpɔtorɔ bɛhyɛɛ wɔn asaase so ma;+

Wɔbaa ahemfie mpia mu mpo.

31 Ɔkaa sɛ ahuriiɛ* mmɛhyɛ asaase no so ma,

Na ntummoa mmra wɔn asaase no so nyinaa.+

32 Ɔde asukɔtweaa yɛɛ nsuo tɔ guu wɔn so,

Na ɔmaa anyinam* pae guu wɔn asaase so.+

33 Ɔsɛee wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma nnua,

Na ɔbubuu wɔn asaase so nnua nyinaa.

34 Ɔkaa sɛ ntutummɛ mmɛhyɛ asaase no so ma,

Ntutummɛ mma a wɔn dodoɔ nni ano.+

35 Wɔwee asaase no so nhaban nyinaa;

Na wɔn mfuo mu nnɔbaeɛ nso, wɔweeɛ.

36 Ɛnna ɔkunkum wɔn asaase so mmakan nyinaa,+

Wɔn ahoɔden mfitiaseɛ no.

37 Ɔgyee ne man firii hɔ de dwetɛ ne sika kɔkɔɔ kaa wɔn ho;+

Obiara nni n’abusuakuo mu a ɔyɛɛ mmerɛ.*

38 Wɔfirii hɔ no, Egypt dii ahurisie,

Ɛfiri sɛ na Israel* ho hu atɔ wɔn so.+

39 Ɔtrɛɛ mununkum mu de gyee wɔn ho ban,+

Na egya maa wɔn hann anadwo.+

40 Wɔbisaa nam, na ɔmaa wɔn mmoko;*+

Ɔde ɔsoro aduane* maa wɔn di meeɛ.+

41 Ɔpaee botan mu, na nsuo firii mu bae;+

Ɛsenee wɔ serɛ no so te sɛ asubɔnten.+

42 Ne bɔhyɛ kronkron a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ n’akoa Abraham no, ɔkaeeɛ.+

43 Enti ɔyii ne man, na wɔdii ahurisie;+

Wɔn a wayi wɔn no bɔɔ ose.

44 Ɔde amanaman no nsaase maa wɔn,+

Na deɛ aman foforɔ abrɛ anya no bɛdii wɔn nsam,+

45 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛdi n’ahyɛdeɛ so,+

Na wɔadi ne mmara so.

Monyi Yah ayɛ!*

106 Monyi Yah ayɛ!*

Monna Yehowa ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.+

 2 Hwan na ɔbɛtumi aka Yehowa nnwuma akɛseɛ nyinaa ho asɛm,

Na wama nnipa ate n’ayeyie nnwuma nyinaa?+

 3 Anigyeɛ ne wɔn a wɔde atɛntenenee yɛ adwuma

Na wɔyɛ adetenenee berɛ nyinaa.+

 4 O Yehowa, sɛ wodom wo man a, kae me.+

Hwɛ me so na gye me nkwa,

 5 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a papa a woyɛ wɔn a woayi wɔn no, mɛnya mu kyɛfa,+

Na ama me ne wo man adi ahurisie,

Na me ne w’agyapadeɛ de anigyeɛ ayi wo ayɛ.*

 6 Yɛayɛ bɔne te sɛ yɛn agyanom;+

Yɛafom; yɛadi amumuyɛsɛm.+

 7 Yɛn agyanom a na wɔwɔ Egypt no ante w’anwanwadwuma ase.

Wɔankae wo dɔ bebrebe a ɛnni hwammɔ no,

Na mmom wɔtee atua wɔ po no ho, Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.+

 8 Nanso ne din nti, ɔgyee wɔn,+

Na ama nnipa ahunu ne kɛseyɛ.+

 9 Ɔkaa Ɛpo Kɔkɔɔ no anim, na ɛweeɛ;

Ɔdii wɔn anim faa subunu no mu te sɛ deɛ wɔnam serɛ so;+

10 Ɔgyee wɔn firii wɔn a wɔkyiri wɔn no nsam;+

Ɔgyee wɔn firii wɔn atamfo nsam.+

11 Nsuo no kataa wɔn atamfo no so;

Wɔn mu baako mpo anka.*+

12 Saa berɛ no, wɔnyaa ne bɔhyɛ mu gyidie,+

Na wɔtoo ayeyi dwom maa no.+

13 Nanso ankyɛ na wɔn werɛ fii deɛ ɔyɛeɛ no;+

Wɔantwɛn n’akwankyerɛ.

14 Wɔwɔ serɛ so no, wɔdii wɔn akɔnnɔ akyi;+

Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛɛ wɔ asaase pradadaa no so.+

15 Ɔyɛɛ wɔn abisadeɛ maa wɔn,

Nanso ɔde yare bɔne bobɔɔ wɔn* maa wɔyɛɛ mmerɛ na wɔwuwuiɛ.+

16 Berɛ a wɔwɔ asoɛeɛ hɔ no, wɔn ani beree Mose

Ne Yehowa nipa kronkron+ Aaron.+

17 Ɛnna asaase mu paeeɛ, na ɛmenee Datan,

Na ɛkataa dɔm a na wɔka Abiram ho no so.+

18 Egya bɛtɔɔ dɔm no mu;

Egyaframa bɛhyee nnebɔneyɛfoɔ no.+

19 Wɔyɛɛ nantwie ba wɔ Horeb,

Na wɔkotoo dadeɛ honi.*+

20 Animuonyam a anka ɛsɛ sɛ wɔde ma me no,

Nantwie a ɔwe wura honi mmom na wɔde maa no.+

21 Wɔn werɛ fii Onyankopɔn+ a ɔgyee wɔn

Na ɔyɛɛ nneɛma akɛseɛ wɔ Egypt no,+

22 Deɛ ɔyɛɛ anwanwadwuma wɔ Ham asaase so,+

Na ɔyɛɛ nneɛma a ɛyɛ hu wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho no.+

23 Anka ɔrema wɔatɔre wɔn ase,

Nanso Mose a wayi no no srɛ maa wɔn,*

Na ɔtwee n’abufuo a ano yɛ den no saneeɛ.+

24 Asaase kamakama no, wɔbuu no atantanneɛ,+

Na wɔannya gyidie wɔ ne bɔhyɛ mu.+

25 Wɔnwiinwii wɔ wɔn ntomadan mu,+

Na wɔantie Yehowa nne.+

26 Enti ɔmaa ne nsa so kaa wɔn ntam

Sɛ ɔbɛma wɔawuwu wɔ serɛ no so;+

27 Ɔbɛma wɔn asefoɔ awuwu wɔ amanaman no mu,

Na wabɔ wɔn ahwete nsaase nyinaa so.+

28 Afei wɔkɔsom* Baal-Peor,+

Na nneɛma a wɔde bɔɔ afɔreɛ maa deɛ nkwa nnim na wɔdiiɛ.*

29 Wɔde wɔn nneyɛɛ hyɛɛ no abufuo,+

Na ɔhaw baa wɔn so.+

30 Nanso berɛ a Finehas sɔre yɛɛ ho biribi no,

Ɔhaw no to twaeɛ.+

31 Na wɔbuu no sɛ ɔyɛ ɔteneneeni,

Na awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, wɔbɛbu no saa daa.+

32 Wɔhyɛɛ Onyankopɔn abufuo wɔ Meriba* nsuo ho,

Na wɔn nti, ɛwiee Mose bɔne.+

33 Wɔhyɛɛ no ahometeɛ*

Maa no kasaa basabasa.+

34 Wɔantɔre amanaman no ase+

Sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ wɔn no.+

35 Mmom wɔne amanaman no bɔeɛ,+

Na wɔsuasuaa wɔn nneyɛɛ.+

36 Wɔkɔsom wɔn abosom,+

Na ɛsum wɔn fidie.+

37 Wɔde wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa

Bɔɔ afɔreɛ maa ahonhommɔne.*+

38 Wɔhwiee mogya a ɛdi bem guiɛ;+

Wɔde wɔn ankasa mma mmarima ne wɔn mma mmaa mogya

Bɔɔ afɔreɛ maa Kaananfoɔ abosom,+

Na mogyahwieguo maa asaase no ho guu fĩ.

39 Wɔde wɔn nnwuma guu wɔn ho fĩ,

Na wɔnam wɔn nneyɛɛ so ne anyame foforɔ bɔɔ adwaman.+

40 Enti Yehowa bo fuu ne man dendeenden,

Na n’agyapadeɛ no bɛyɛɛ akyiwadeɛ maa no.

41 Mprɛ pii na ɔde wɔn hyɛɛ amanaman no nsa+

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔkyiri wɔn no bɛdi wɔn so;+

42 Wɔn atamfo no hyɛɛ wɔn so;

Wɔdii wɔn so tumi.*

43 Mprɛ pii na ɔgyee wɔn,+

Ne nyinaa akyi, wɔkɔɔ so tee atua, na wɔyɛɛ asoɔden,+

Na wɔn mfomsoɔ nti, ɔbrɛɛ wɔn ase.+

44 Nanso ɔhunuu deɛ wɔrefa mu,+

Na ɔtiee wɔn sufrɛ.+

45 Wɔn nti, ɔkaee n’apam,

Na ne dɔ kɛseɛ* a ɛnni hwammɔ nti, wɔn asɛm yɛɛ no mmɔbɔ.*+

46 Ɔmaa nkurɔfoɔ a wɔde wɔn yɛɛ nkoa no nyinaa

Huu wɔn mmɔbɔ.+

47 O Yehowa yɛn Nyankopɔn, gye yɛn;+

Boaboa yɛn ano firi amanaman no nsam+

Na yɛmfa aseda mma wo din kronkron no,

Na yɛmfa ahosɛpɛ nyi wo ayɛ.*+

48 Ayeyie nka Israel Nyankopɔn Yehowa

Daa daa.*+

Ma ɔman no nyinaa nka sɛ, “Amen!”*

Monyi Yah ayɛ!*

NWOMA A ƐTƆ SO NNUM

(Dwom 107-150)

107 Monna Yehowa ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.+

 2 Momma wɔn a Yehowa agye wɔn no nka saa;

Wɔn a wagye wɔn afiri atamfo nsam no;+

 3 Wɔn na ɔboaboaa wɔn ano firii nsaase no so,+

Apueeɛ ne atɔeɛ,*

Atifi ne anaafoɔ.+

 4 Wɔkyinkyinii serɛ so, asaase pradadaa no so;

Wɔanhu ɛkwan a ɛde wɔn bɛkɔ kuro a wɔbɛtena so no mu.

 5 Ɛkɔm ne sukɔm dee wɔn;

Wɔyɛɛ* mmerɛ ara maa anka wɔreyɛ atwitwa ahwe.

 6 Wɔn ahohia mu, wɔsu frɛɛ Yehowa mprɛ pii,+

Na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyerɛ mu.+

 7 Ɔde wɔn faa kwan pa so+

Kɔɔ kuro a wɔbɛtena so no mu.+

 8 Ma nnipa nna Yehowa ase,+ ne dɔ a ɛnni hwammɔ

Ne anwanwadwuma a wayɛ ama nnipa mma nti.+

 9 Wama deɛ sukɔm de no* amee;

Na deɛ ɛkɔm de no* nso, wama nneɛma pa abu ne so.+

10 Wɔn mu binom tenaa esum kabii mu;

Wɔde wɔn guu afiase de nkɔnsɔnkɔnsɔn guu wɔn maa wɔhunuu amane.

11 Ɛfiri sɛ wɔtee Onyankopɔn asɛm so atua;

Na wɔbuu Ɔsorosoroni no akwankyerɛ animtia.+

12 Enti ɔmaa wɔfaa ɔhaw mu na ama wɔabrɛ wɔn akoma ase;+

Wɔsuntiiɛ, na wɔannya obiara ansɔ wɔn mu.

13 Wɔkɔɔ ahohia mu no, wɔsu frɛɛ Yehowa,

Na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyerɛ mu.

14 Ɔyii wɔn firii esum kabii no mu;

Ɔtetee nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu.+

15 Ma nnipa nna Yehowa ase, ne dɔ a ɛnni hwammɔ+

Ne anwanwadwuma a wayɛ ama nnipa mma nti.

16 Wabubu kɔbere apono,

Na watwitwa ne nnadeɛ mu.+

17 Wɔdii nkwaseasɛm, na wɔn mfomsoɔ+ ne wɔn mmarato nti,+

Wɔhunuu amane.

18 Ná aduane biara nyɛ wɔn* akɔnnɔ;

Wɔbɛn owuo aboboano.*

19 Wɔkɔ ahohia mu a, wɔsu frɛ Yehowa,

Na ɔgye wɔn firi wɔn ahokyerɛ mu.

20 Sɛ ɔkasa a na wɔanya ayaresa,+

Na wagye wɔn afiri amena a wɔhyɛ mu no mu.

21 Ma nnipa nna Yehowa ase, ne dɔ a ɛnni hwammɔ

Ne anwanwadwuma a wayɛ ama nnipa mma nti.

22 Ma wɔmfa aseda mmɔ afɔreɛ mma Onyankopɔn+

Na wɔmfa osebɔ nka ne nnwuma ho asɛm.

23 Wɔn a wɔde ahyɛn kɔ po so

A wɔyɛ adwuma wɔ nsuo akɛseɛ so no,+

24 Wɔahu Yehowa nnwuma

Ne n’anwanwadwuma wɔ subunu mu;+

25 Wɔahunu sɛdeɛ ɔkasa ma ahum tu,+

Na ɛma asorɔkye bɔ.

26 Ɛde wɔn kɔ sorosoro,

Na wɔsiane ba fam.

Mmusuo a ɛreba nti, ehu ka wɔn.*

27 Wɔkɔ afã-afã te sɛ ɔsabofoɔ,

Na wɔn nyansa nyinaa nkɔsi hwee.+

28 Ɛba saa a, wɔsu frɛ Yehowa wɔn ahohia mu,+

Na ɔgye wɔn firi wɔn ahokyerɛ mu.

29 Ɔma ahum no yɛ dinn,

Na ɛpo asorɔkye no yɛ komm.+

30 Sɛ ɛyɛ komm a, wɔdi ahurisie.

Na ɔde wɔn kɔduru hyɛn gyinabea a wɔrekɔ no.

31 Ma nnipa nna Yehowa ase, ne dɔ a ɛnni hwammɔ

Ne anwanwadwuma a wayɛ ama nnipa mma nti.+

32 Ma wɔnkamfo no wɔ asafo badwa mu;+

Ma wonyi no ayɛ wɔ mpanimfoɔ dwabɔ* mu.

33 Ɔma nsubɔnten yɛ sɛ serɛ so,

Na nsutire dane asaase pradadaa,+

34 Ɔma asaase pa dane nkyene asaase,+

Ɛsiane wɔn a wɔtete so no bɔne nti.

35 Ɔma serɛ so dane ɔtadeɛ a demmire* afifi wom,

Na asaase pradadaa dane nsutire.+

36 Ɛhɔ na ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn tena,+

Na ama wɔakyekyere kuro a wɔbɛtena mu.+

37 Wɔyɛ kua, na wɔyeyɛ bobefuo*+

Na ama wɔanya nnɔbaeɛ pii.+

38 Ɔhyira wɔn ma wɔyɛ bebree;

Ɔmma wɔn afieboa dodoɔ so nte.+

39 Nanso nhyɛsoɔ ne ɔhaw ne awerɛhoɔ nti,

Wɔn dodoɔ so san te na wɔn anim gu ase.

40 Ɔgu atitire anim ase,

Na asaase a ɛda mpan a ɛnni anammɔnkwan na ɔma wɔkyinkyini so.+

41 Nanso ɔbɔ ahiafoɔ ho ban* firi amanehunu ho,+

Na ɔma wɔn mmusua dɔɔso sɛ nnwankuo.

42 Ateneneefoɔ bɛhunu na wɔadi ahurisie;+

Na amumuyɛfoɔ deɛ, wɔn nyinaa bɛka wɔn ano atom.+

43 Obiara a ɔyɛ onyansafoɔ de nsɛm yi bɛto ne tirim,+

Na nnwuma a Yehowa de kyerɛ ne dɔ a ɛnni hwammɔ no, ɔbɛdwendwene ho akɔ akyiri.+

Dwom. Dawid ayeyi dwom.

108 O Onyankopɔn, m’akoma nhinhim.

Mede m’akoma nyinaa* bɛto ayeyi dwom ama wo.+

 2 O sankuo, nyane; sankuten, wo nso nyane.+

Mɛnyane ahomakye.

 3 O Yehowa, mɛyi wo ayɛ wɔ amanaman mu;

Mɛto ayeyi dwom* ama wo wɔ aman nyinaa mu.

 4 Ɛfiri sɛ wo dɔ a ɛnni hwammɔ no so, na ɛkɔduru soro,+

Na wo nokorɛdie kɔduru wiem.

 5 O Onyankopɔn, ma wo ho so tra soro;

Ma w’animuonyam nkata asaase nyinaa so.+

 6 Deɛ ɛbɛyɛ a w’adɔfoɔ bɛnya ɔgyeɛ no,

Fa wo nsa nifa gye yɛn, na tie m’adesrɛ.+

 7 Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no aka* sɛ:

“Mɛdi ahurisie, mede Sekem+ bɛma wɔn sɛ wɔn kyɛfa,

Na mɛsusu Sukot+ Bɔn* ama wɔn.

 8 Gilead+ yɛ me dea, Manase nso wɔ me,

Na Efraim yɛ dadeɛ kyɛ* a ɛhyɛ me;+

Yuda yɛ m’ahempoma.*+

 9 Moab yɛ adeɛ a mehohoro me nsa wom.*+

Edom na mɛto me mpaboa ato.+

Mɛbɔ ose wɔ Filistia ho.”+

10 Hwan na ɔde me bɛkɔ kuro a ɛyɛ den no mu?

Hwan na ɔbɛdi m’anim akɔduru Edom?+

11 O Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woato yɛn atwene?

Ɛnyɛ wone yɛn Nyankopɔn a wo ne yɛn asraafoɔ nkɔ ɛko bio no?+

12 Gye yɛn firi ahohia mu,+

Ɛfiri sɛ nkwagyeɛ a ɛfiri onipa hɔ deɛ, mfasoɔ nni so.+

13 Onyankopɔn hɔ na yɛbɛnya ahoɔden,+

Na ɔno na ɔbɛtiatia yɛn atamfo so.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ayeyi dwom.

109 O Onyankopɔn, wo na meyi wo ayɛ;+ nyɛ komm.

 2 Ɛfiri sɛ nnebɔneyɛfoɔ ne nkontompofoɔ bue wɔn ano tia me.

Wɔde atorɔ kɛtrɛma keka me ho nsɛm;+

 3 Wɔtwa me ho hyia keka nsɛm a ɛyɛ ya kyerɛ me,

Na wɔko tia me kwa.+

 4 Wɔsɔre tia me de tua me dɔ so ka;+

Nanso me deɛ, mpaeɛ ara na mebɔ.

 5 Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka,+

Na wɔde ɔtan tua me dɔ so ka.+

 6 Ma ɔdebɔneyɛfoɔ nni ne so;

Ma ɔsɔretiafoɔ nnyina ne nsa nifa so.

 7 Sɛ wɔbu no atɛn a, ma no nni fɔ;*

Ne mpaebɔ mpo, ma wɔmmu no sɛ ɛyɛ bɔne.+

 8 Ma ne nna nyɛ kakraa bi;+

Ne hwɛfoɔ adwuma no, ma obi foforɔ nyɛ.+

 9 Ma ne mma* nyɛ nnyanka

Na ne yere nyɛ okunafoɔ.

10 Ma ne mma* nkyinkyini nsrɛsrɛ adeɛ;

Ma wɔmfiri wɔn amamfo so nkɔhwehwɛ aduane.

11 Sɛ ɛka na ɔde obi a, ma onii no nnye ne ho nneɛma nyinaa,

Na ma ahɔhoɔ mfom n’agyapadeɛ.

12 Mma obiara nnna ayamyɛ* adi nnkyerɛ no,

Na ne mma a wɔayɛ nnyanka no, mma obiara nnhu wɔn mmɔbɔ.

13 Ma n’asefoɔ ase nhye.+

Ma wɔmpepa wɔn din mfiri awoɔ ntoatoasoɔ mu.

14 Ma Yehowa nkae n’agyanom mfomsoɔ,+

Na ne maame bɔne nso, mma wɔmmpepa mmfiri hɔ.

15 Ma Yehowa nkae wɔn mfomsoɔ daa;

Ɔmpepa wɔn din mfiri asaase so;+

16 Ɛfiri sɛ wankae anna adɔeɛ* adi,+

Na mmom mmɔborɔwafoɔ, ahiafoɔ, ne wɔn a wɔn akoma abubuo na ɔtaa wɔn so+

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛku wɔn.+

17 Deɛ na ɔpɛ ara ne sɛ ɔbɛdome nkurɔfoɔ, enti nnome baa ne so;

N’ani annye ho sɛ ɔbɛhyira nkurɔfoɔ, enti wannya nhyira biara;

18 Nnome firaa no sɛ ntoma.

Ɛbɛguu ne so sɛ nsuo;

Ɛguu ne nnompe mu sɛ ngo.

19 Ma nnome mfira no sɛ ntoma,+

Na ɛnyɛ sɛ abɔsoɔ* a ɔde bɔ n’asene daa.

20 Wei ne akatua a Yehowa de bɛma deɛ ɔne me di asie,+

Ne wɔn a wɔka me* ho nsɛmmɔne.

21 Nanso wo Awurade Tumfoɔ Yehowa,

Wo din nti,+ di m’asɛm ma me.

Gye me, ɛfiri sɛ wo dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano.+

22 M’asɛm yɛ mmɔbɔ na ahia me,+

Na m’akoma abubu.+

23 Mete sɛ sunsum a ɛretwam akɔ;

Wɔaporo me agu sɛ ntutummɛ.

24 Akɔnkyene* nti, me nkotodwe hinhim;

Mafɔn ayɛ ketekete, na merehi.*

25 Nkurɔfoɔ tweetwee me.+

Wɔhu me a, wɔwoso wɔn ti.+

26 O Yehowa, me Nyankopɔn, boa me;

Wo dɔ a ɛnni hwammɔ nti, gye me.

27 Ma wɔnhu sɛ ɛyɛ wo nsa na agye me;

O Yehowa, ma wɔnhu sɛ wo na woayɛ.

28 Ma wɔnnome me, nanso wo deɛ, hyira me.

Sɛ wɔsɔre tia me a, ma wɔn ani nwu;

Nanso w’akoa deɛ, ma no nni ahurisie.

29 Ma wɔn a wɔne me di asie no mfira animguaseɛ,

Na wɔnhyɛ aniwuo sɛ ataadeɛ.*+

30 Mede m’ano bɛyi Yehowa ayɛ paa;

Mɛyi no ayɛ wɔ nnipa bebree mu.+

31 Ɛfiri sɛ ɔbɛgyina ohiani nsa nifa so,

Na wagye no afiri wɔn a wɔkasa tia no* no nsam.

Dawid dwom. Ayeyi dwom.

110 Yehowa ka kyerɛɛ me Wura sɛ:

“Tena me nsa nifa+

Kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.”+

 2 Yehowa bɛtwe w’ahempoma a wode di tumi no mu afiri Sion, na waka sɛ:

“Kɔ w’atamfo mfimfini kɔdi wɔn so.”+

 3 Ɛda a wobɛkyerɛ wo tumi no,* wo man bɛtu wɔn ho ama koraa.

Mmeranteɛ a wɔyɛ asafodɔm de ahosiesie kronkron bɛba abɛka wo ho;

Wɔbɛyɛ te sɛ ahomakye bosuo.*

 4 Yehowa aka ntam, na ɔrensesa n’adwene.* Waka sɛ:

“Woyɛ ɔsɔfoɔ daa+

Te sɛ Melkisedek!”+

 5 Yehowa bɛgyina wo nsa nifa so;+

Ɔbɛbubu ahemfo pasaa wɔ n’abufuo da no.+

 6 Ɔbɛbu amanaman no atɛn;*+

Ɔde afunu bɛhyɛ asaase no so ma.+

Ɔbɛbubu asaase kɛseɛ* so panin* no pasaa.

 7 Ɔbɛnom* ɛkwan no so asutene mu nsuo.

Ɛno nti ɔbɛma ne ti so.

111 Monyi Yah ayɛ!*+

א [Aleph]

Mede m’akoma nyinaa bɛyi Yehowa ayɛ+

ב[Beth]

Wɔ teefoɔ nhyiamu ase ne asafo no mu.

ג [Gimel]

 2 Yehowa nnwuma yɛ nwanwa;+

ד [Daleth]

Wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa sua ho adeɛ.+

ה [He]

 3 Ne nnwuma ho yɛ nyam na ɛyɛ fɛ,

ו [Waw]

Na ne tenenee wɔ hɔ daa.+

ז [Zayin]

 4 Ɔma nnipa kae n’anwanwadwuma.+

ח [Heth]

Yehowa wɔ ayamhyehyeɛ,* na ɔyɛ mmɔborɔhunufoɔ.+

ט [Teth]

 5 Ɔma wɔn a wɔsuro no no aduane.+

י [Yod]

Ɔkae n’apam daa.+

כ [Kaph]

 6 Ɔde amanaman no agyapadeɛ maa ne nkurɔfoɔ,+

ל [Lamed]

Na ɛmaa wɔhuu n’anwanwadwuma.

מ [Mem]

 7 Ne nsa ano adwuma yɛ nokorɛ na ɛtene;+

נ [Nun]

Nnipa bɛtumi de wɔn ho ato n’ahyɛdeɛ nyinaa so,+

ס [Samekh]

 8 Ɛnni hwammɔ da;*

ע [Ayin]

Wayɛ no nokorɛ ne tenenee mu.+

פ [Pe]

 9 Wagye ne nkurɔfoɔ.+

צ [Tsade]

Wahyɛ sɛ n’apam ntena hɔ afebɔɔ.

ק [Qoph]

Ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu.+

ר [Resh]

10 Yehowa suro, ɛno ne nyansa mfitiaseɛ.+

ש [Sin]

Wɔn a wɔdi n’ahyɛdeɛ so* nyinaa nya nhunumu.+

ת [Taw]

N’ayeyie wɔ hɔ daa.

112 Monyi Yah ayɛ!*+

א [Aleph]

Anigyeɛ ne onipa a ɔsuro Yehowa+

ב [Beth]

Na ne mmara nsɛm da n’akoma so.+

ג [Gimel]

 2 N’asefoɔ bɛnya tumi wɔ asaase so,

ד [Daleth]

Na wɔbɛhyira teefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ.+

ה [He]

 3 Agyapadeɛ ne ahonyadeɛ wɔ ne fie;

ו [Waw]

Na ne tenenee wɔ hɔ daa.

ז [Zayin]

 4 Ɔhyerɛn wɔ sum mu te sɛ kanea ma teefoɔ.+

ח [Heth]

Ɔwɔ ayamhyehyeɛ,* na ɔyɛ mmɔborɔhunufoɔ+ ne ɔteneneeni.

ט [Teth]

 5 Ɔbarima a ɔyi ne yam* de adeɛ fɛm nkurɔfoɔ no, ɛsi no yie.+

י [Yod]

Atɛntenenee mu na ɔyɛ ne biribiara.

כ [Kaph]

 6 Ɔrenhinhim da biara da.+

ל [Lamed]

Wɔbɛkae ɔteneneeni daa.+

מ [Mem]

 7 Ɔrensuro akomatusɛm.+

נ [Nun]

N’akoma nhinhim; ɔwɔ Yehowa mu awerɛhyɛmu.+

ס [Samekh]

 8 N’akoma ntu; ɔnsuro;+

ע [Ayin]

Na ɛbɛwie aseɛ no, ɔbɛhu sɛ wɔadi n’atamfo so nkonim.+

פ [Pe]

 9 Wakyɛ adeɛ pii;* wama ahiafoɔ adeɛ.+

צ [Tsade]

Ne tenenee wɔ hɔ daa.+

ק [Qoph]

N’ahoɔden* nti, ɔbɛnya animuonyam.

ר [Resh]

10 Ɔdebɔneyɛfoɔ bɛhunu ama ne bo afu.

ש [Shin]

Ɔbɛtwɛre ne se na wayera.

ת [Taw]

Nnebɔneyɛfoɔ rennya deɛ wɔn akoma pɛ.+

113 Monyi Yah ayɛ!*

Yehowa nkoa, monyi no ayɛ,

Monyi Yehowa din ayɛ.

 2 Ma wɔnyi Yehowa din ayɛ

Firi nnɛ kɔsi daa.+

 3 Ma wɔnyi Yehowa din ayɛ

Firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ.*+

 4 Yehowa wɔ ɔsorosoro, na aman nyinaa hyɛ n’ase;+

N’animuonyam tra ɔsoro.+

 5 Hwan na ɔte sɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn,+

Deɛ ɔte* ɔsorosoro no?

 6 Ɔbɔ ne mu ase hwɛ ɔsoro ne asaase,+

 7 Na ɔma mmɔborɔwa so firi mfuturo mu;

Ɔma ohiani so firi sumina* so,+

 8 Na ama no atena atitire mu;

Onyankopɔn nkurɔfoɔ a wɔyɛ atitire mu.

 9 Ɔma obonin* nya fie tena mu

Te sɛ ɔbaatan* a ɔwɔ anigyeɛ.+

Monyi Yah ayɛ!*

114 Berɛ a Israel firii Egypt,+

Berɛ a Yakob fiefoɔ firii ɔman a wɔnte wɔn kasa mu kɔeɛ no,

 2 Yuda bɛyɛɛ ne tenabea kronkron,*

Na Israel asaase bɛyɛɛ baabi a ɔdi tumi.+

 3 Ɛpo hunuiɛ, na ɛdwaneeɛ;+

Na Yordan san n’akyi.+

 4 Mmepɔ hurihurii sɛ adwennini,+

Na nkokoɔ nso hurihurii sɛ nnwan mma.

 5 O ɛpo, ɛdeɛn na ɛmaa wodwaneeɛ?+

O Yordan, adɛn nti na wosan w’akyi?+

 6 O mmepɔ, adɛn nti na mohurihurii te sɛ adwennini?

O nkokoɔ, adɛn nti na mohurihurii te sɛ nnwan mma?

 7 O asaase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade,

Yakob Nyankopɔn anim;+

 8 Ɔno na ɔma ɔbotan dane tadeɛ a demmire* afifi wom,

Na ɔma ɔbotan a ɛyɛ den* dane asutire.+

115 Yɛn deɛ, yɛmfata, O Yehowa, yɛmfata;*

Wo din na hyɛ no animuonyam+

Ɛsiane wo dɔ a ɛnni hwammɔ ne wo nokorɛdie nti.+

 2 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ amanaman no ka sɛ:

“Wɔn Nyankopɔn no wɔ he?”+

 3 Yɛn Nyankopɔn no wɔ soro;

Deɛ ɛsɔ n’ani biara ɔyɛ.

 4 Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ,

Onipa nsa ano adwuma.+

 5 Wɔwɔ ano, nanso wɔnkasa;+

Wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ;

 6 Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm;

Wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hwa;

 7 Wɔwɔ nsa, nanso wɔntumi nsɔ adeɛ mu.

Wɔwɔ nan, nanso wɔntumi nnante;+

Nnyegyeeɛ biara mfiri wɔn menewa mu mma.+

 8 Obiara a ɔyɛ saa ahoni no, ɔbɛyɛ sɛ ahoni no ara,+

Na obiara a ɔde ne ho to ahoni no so no, ɔno nso bɛyɛ sɛ ahoni no ara.+

 9 O Israel, momfa mo ho nto Yehowa so;+

Ɔno ne mo boafoɔ ne mo kyɛm.+

10 O Aaron fie,+ momfa mo ho nto Yehowa so;

Ɔno ne mo boafoɔ ne mo kyɛm.

11 Mo a mosuro Yehowa, momfa mo ho nto Yehowa so;+

Ɔno ne mo boafoɔ ne mo kyɛm.+

12 Yehowa kae yɛn, na ɔbɛhyira yɛn;

Ɔbɛhyira Israel fie,+

Na ɔbɛhyira Aaron fie.

13 Yehowa bɛhyira wɔn a wɔsuro no,

Nketewa ne akɛseɛ nyinaa.

14 Mo ne mo mma* nyinaa,

Yehowa bɛma mo adɔɔso.+

15 Yehowa a ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase no

Nhyira mo.+

16 Ɔsoro yɛ Yehowa dea,+

Na asaase deɛ, ɔde ama nnipa.+

17 Awufoɔ ntumi nyi Yah ayɛ;+

Wɔn a wɔwɔ adamena mu* nso saa ara.+

18 Nanso yɛn deɛ, yɛbɛyi Yah ayɛ

Firi nnɛ kɔsi daa.

Monyi Yah ayɛ!*

116 Medɔ Yehowa,

Ɛfiri sɛ ɔtie* me nne; ɔtie me sufrɛ.+

 2 Ɔyɛ aso ma* me,+

Enti mete nkwa mu yi deɛ,* mɛsu afrɛ no.

 3 Owuo nhoma bɛkyekyeree me;

Adamena* yeree me,*+

Na ahohia ne awerɛhoɔ bunkam me so.+

 4 Nanso mebɔɔ Yehowa din sɛ:+

“O Yehowa, gye me!”*

 5 Yehowa wɔ ayamhyehyeɛ* na ɔyɛ ɔteneneeni;+

Yɛn Nyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufoɔ.+

 6 Yehowa wɛn wɔn a wɔnni nimdeɛ.+

Wɔbrɛɛ me ase, na ɔgyee me.

 7 Ma me kra* nsan nhome bio,

Ɛfiri sɛ Yehowa ne me adi no yie.

 8 Woagye me* afiri owuo mu;

M’ani anhu nisuo, na me nan ansunti.+

 9 Mɛnante Yehowa anim wɔ ateasefoɔ asaase so.

10 Ná mewɔ gyidie, enti mekasaeɛ.+

Mehunuu amane pii.

11 Me deɛ, mebɔɔ hu na mekaa sɛ:

“Onipa biara yɛ ɔtorofoɔ.”+

12 Nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama me nyinaa,

Ɛdeɛn na mede bɛtua no ka?

13 Mɛma nkwagyeɛ* kuruwa no so,

Na mɛbɔ Yehowa din.

14 Ɛbɔ a mahyɛ Yehowa no,

Mɛtua no ne manfoɔ nyinaa anim.+

15 Yehowa anokwafoɔ wuo+

Yɛ adehwereɛ kɛse* ma no.

16 O Yehowa, mesrɛ wo,

Meyɛ w’akoa.

Meyɛ w’akoa, w’afenaa ba.

Nhoma a na akyekyere me no, woasanesane.+

17 Mɛbɔ aseda afɔreɛ ama wo;+

Yehowa din na mɛbɔ.

18 Ɛbɔ a mahyɛ Yehowa no,+

Mɛtua no ne manfoɔ nyinaa anim,+

19 Mɛtua no Yehowa fie adihɔ hɔ;+

O Yerusalem, wo mfimfini na mɛtua.

Monyi Yah ayɛ!*+

117 Amanaman nyinaa, monyi Yehowa ayɛ;+

Aman* nyinaa, monhyɛ no animuonyam.+

 2 Ɛfiri sɛ ne dɔ a ɛnni hwammɔ no dɔɔso wɔ yɛn so;+

Yehowa nokorɛdie+ wɔ hɔ daa.+

Monyi Yah ayɛ!*+

118 Monna Yehowa ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

 2 Momma Israel nka sɛ:

“Ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”

 3 Momma Aaron fiefoɔ nka sɛ:

“Ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”

 4 Momma wɔn a wɔsuro Yehowa nka sɛ:

“Ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”

 5 Mesu frɛɛ Yah* wɔ m’ahohia mu;

Yah gyee me so, na ɔde me kɔɔ baabi a bɔne biara renka me.*+

 6 Yehowa wɔ m’afã; merensuro.+

Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?+

 7 Yehowa ne me boafoɔ a ɔwɔ m’afã;*+

M’atamfo bɛhwe ase ama madi ahurisie.+

 8 Ɛyɛ sɛ obi de Yehowa bɛyɛ ne dwankɔbea

Sene sɛ ɔde ne ho bɛto nnipa so.+

 9 Ɛyɛ sɛ obi de Yehowa bɛyɛ ne dwankɔbea

Sene sɛ ɔde ne ho bɛto adehyeɛ so.+

10 Amanaman nyinaa twaa me ho hyiaeɛ,

Nanso Yehowa din nti,

Mekaa wɔn guiɛ.+

11 Wɔtwaa me ho hyiaeɛ; wɔkaa me hyɛɛ mu.

Nanso Yehowa din nti,

Mekaa wɔn guiɛ.

12 Wɔtwaa me ho hyiaa sɛ nwowa,

Nanso ntɛm ara na wɔdum sɛ gya a atɔ nsɔeɛ mu.

Yehowa din nti,

Mekaa wɔn guiɛ.+

13 Wɔsum me dendeenden* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛhwe ase,

Nanso Yehowa boaa me.

14 Yah ne me hintabea ne m’ahoɔden,

Na ɔno na wagye me nkwa.+

15 Ahurisi dwom ne nkwagyeɛ*

Wɔ ateneneefoɔ ntomadan mu.

Yehowa nsa nifa rekyerɛ ne tumi.+

16 Yehowa apagya ne nsa nifa;

Yehowa nsa nifa rekyerɛ ne tumi.+

17 Merenwu; mɛkɔ so atena nkwa mu,

Na matumi aka Yah nnwuma ho asɛm.+

18 Yah tenee me so dendeenden,+

Nanso wamfa me anhyɛ owuo nsa.+

19 Mommue tenenee apono mma me;+

Mɛfa mu na makɔyi Yah ayɛ.

20 Wei ne Yehowa pono.

Ateneneefoɔ na wɔbɛfa mu.+

21 Mɛyi wo ayɛ, ɛfiri sɛ wogyee me so,+

Na wogyee me nkwa.

 22 Ɛboɔ a adansifoɔ poeɛ no,

Ɛno na abɛyɛ ntwea so boɔ titire.*+

 23 Yehowa hɔ na wei firi;+

Ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so.+

 24 Wei ne da a Yehowa ahyɛ;

Yɛn ani bɛgye na yɛadi ahurisie saa da no.

 25 Yehowa, yɛsrɛ wo, gye yɛn!

Yehowa, yɛsrɛ wo, ma yɛnni nkonim!

 26 Nhyira ne deɛ ɔba Yehowa din mu;+

Yɛhyira mo firi Yehowa fie.

 27 Yehowa yɛ Onyankopɔn;

Ɔno na ɔma yɛn hann.+

Momfa nnua mman nkura, na monkɔka afahyɛ santen no ho+

Nkɔsi afɔrebukyia no mmɛn ho.+

 28 Wone me Nyankopɔn, na mɛyi wo ayɛ;

Me Nyankopɔn, mɛkamfo wo.+

 29 Monna Yehowa ase,+ ɛfiri sɛ ɔyɛ,

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.+

א [Aleph]

119 Anigyeɛ ne wɔn a wɔn abrabɔ ho twa*

Na wɔde Yehowa mmara yɛ adwuma.+

 2 Anigyeɛ ne wɔn a wɔdi ne nkaesɛm so+

Na wɔde wɔn akoma nyinaa hwehwɛ no.+

 3 Wɔmfa wɔn ho nhyɛ deɛ ɛntene biara mu;

Wɔnante n’akwan so.+

 4 Woaka akyerɛ yɛn sɛ

Yɛnhwɛ nni w’ahyɛdeɛ so yie.+

 5 O sɛ anka m’akwan retim+

Ma madi w’ahyɛdeɛ so ɛ!

 6 Anka meresua wo mmara nsɛm biara a,

M’ani renwu.+

 7 Sɛ mesua w’atemmusɛm a ɛtene a,

Mede akoma a emu teɛ bɛyi wo ayɛ.

 8 Mɛdi w’ahyɛdeɛ so.

Nnya me koraa.

ב [Beth]

 9 Aberanteɛ bɛyɛ dɛn ama n’abrabɔ ho ateɛ?

Ɛne sɛ ɔbɛhwɛ de w’asɛm abɔ ne bra.+

10 M’akoma nyinaa na mede hwehwɛ wo.

Mma menntwe me ho mmfiri wo mmara nsɛm ho.+

11 Mede wo nsɛm sie m’akoma mu+

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a merenyɛ bɔne ntia wo.+

12 O Yehowa, ayeyie nka wo.

Kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.

13 Atemmusɛm a woaka nyinaa

Maka ho asɛm.

14 Sɛdeɛ medi wo nkaesɛm ho ahurisie no,+

Ɛkyɛn sɛdeɛ medi ahonyadeɛ foforɔ biara ho ahurisie.+

15 Mɛdwendwene w’ahyɛdeɛ ho,*+

Na mede m’ani bɛsi w’akwan so.+

16 W’ahyɛdeɛ da m’akoma so.

Me werɛ remfi w’asɛm.+

ג [Gimel]

17 Wo ne w’akoa nni no yie

Na mennya nkwa na menni w’asɛm so.+

18 Bue m’ani na menhu

Anwanwasɛm a ɛwɔ wo mmara mu.

19 Me deɛ, mayɛ ɔhɔhoɔ wɔ asaase no so.+

Mfa wo mmara nsɛm nhinta me.

20 Daa nyinaa

W’atemmusɛm na m’ani* gyina.

21 Woka ahantanfoɔ anim,

Wɔn a nnome wɔ wɔn so a wɔmane firi wo mmara nsɛm ho no.+

22 Yi animguaseɛ ne animtiabuo firi me so,

Ɛfiri sɛ madi wo nkaesɛm so.

23 Sɛ adehyeɛ mma hyiam na wɔkasa tia me mpo a,

W’akoa deɛ, w’ahyɛdeɛ ho na medwene.*

24 Wo nkaesɛm da m’akoma so;+

Ɛno na ɛtu me fo.+

ד [Daleth]

25 Dɔteɛ mu na meda.*+

Kora me nkwa so sɛdeɛ w’asɛm teɛ.+

26 Mema wohuu m’akwan mu, na woboaa me.

Kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.+

27 Ma mente w’ahyɛdeɛ* ase,

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛdwendwene w’anwanwadwuma ho.*+

28 Awerɛhoɔ nti mentumi* nna.

Hyɛ me den sɛdeɛ w’asɛm kyerɛ.

29 Mma memmfa nnaadaa kwan so;+

Fa wo mmara dom me.

30 Mayi nokorɛ kwan.+

Mebu w’atemmusɛm sɛ ɛtene.

31 Mebata wo nkaesɛm ho.+

O Yehowa, mma me nsa nnsi fam.*+

32 Mɛdi wo mmara nsɛm so ntɛm,*

Ɛfiri sɛ woma no nya baabi tena wɔ m’akoma mu.*

ה [He]

33 O Yehowa, kyerɛkyerɛ me+ na menni w’ahyɛdeɛ so,

Na mɛdi so akɔsi aseɛ.+

34 Ma mennya nteaseɛ

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mede wo mmara bɛyɛ adwuma,

Na mede m’akoma nyinaa adi so.

35 Fa wo mmara nsɛm kyerɛ me kwan,*+

Ɛfiri sɛ ɛno na m’ani gye ho.

36 Ma m’akoma nkɔ wo nkaesɛm so;

Mma no nnkɔ adufudepɛ* so.+

37 Mma memmfa m’ani nnhwɛ ahuhudeɛ;+

Fa me fa wo kwan so na mennya nkwa.

38 Ɛbɔ a woahyɛ* w’akoa no, ma no mmra mu

Na ama nnipa asuro wo.*

39 Mesuro animguaseɛ, enti ma no mpare me,

Ɛfiri sɛ w’atemmuo tene.+

40 Hwɛ sɛdeɛ m’ani agyina w’ahyɛdeɛ.

Wo tenenee nti, kora me nkwa so.

ו [Waw]

41 O Yehowa, ma menhu wo dɔ a ɛnni hwammɔ;+

Ma menhu wo nkwagyeɛ sɛdeɛ woahyɛ bɔ no;*+

42 Ɛno bɛma manya asɛm abua deɛ ɔtwa me adapaa,

Ɛfiri sɛ mede me ho ato w’asɛm so.

43 Mma nokwasɛm mmpa m’anom da,

Ɛfiri sɛ w’atemmuo na m’ani da so.*

44 Da biara mɛdi wo mmara so;

Mɛdi so daa daa.+

45 Baabi a mɛnante no, bɔne biara renka me,*+

Ɛfiri sɛ w’ahyɛdeɛ na mehwehwɛ.

46 Mɛka wo nkaesɛm wɔ ahemfo anim,

Na meremfɛre.+

47 Wo mmara nsɛm da m’akoma so;

Mewɔ ho anigyeɛ kɛseɛ.+

48 Wo mmara nsɛm ho anigyeɛ kɛseɛ a mewɔ nti,+ mɛma me nsa so akyerɛ wo,

Na w’ahyɛdeɛ ho na mɛdwendwene.*+

ז [Zayin]

49 Kae asɛm a woaka akyerɛ* w’akoa no;

Ɛno na wonam so ma me anidasoɔ.*

50 Wei ne awerɛkyekyerɛ a manya no m’amanehunu mu,+

Ɛfiri sɛ wo nsɛm na akora me nkwa so.

51 Ahantanfoɔ di me ho fɛ paa,

Nanso memmane mfiri wo mmara ho.+

52 O Yehowa, w’atemmusɛm a ɛwɔ hɔ firi tete no, mekae,+

Na ɛma me awerɛkyekyerɛ.+

53 Nnebɔneyɛfoɔ a wɔagya wo mmara nti,

Abufuo ahyɛ me ma.+

54 Baabi a mɛtena biara,*

W’ahyɛdeɛ na mede yɛ nnwom.

55 O Yehowa, ɛduru anadwo a, mekae wo din+

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛdi wo mmara so.

56 Wei na daa meyɛ,

Ɛfiri sɛ medi w’ahyɛdeɛ so.

ח [Heth]

57 Yehowa ne me kyɛfa;+

Mahyɛ bɔ sɛ mɛdi w’asɛm so.+

58 Mede m’akoma nyinaa yɛ deɛ ɛbɛsɔ w’ani.*+

Ma mennya w’anim adom+ sɛdeɛ wo bɔhyɛ* teɛ.

59 Mahwehwɛ m’akwan mu

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛsan anante wo nkaesɛm mu.+

60 Metutu mmirika de wo mmara nsɛm yɛ adwuma;

Mentwentwɛn me nan ase.+

61 Nnebɔneyɛfoɔ nhoma atwa me ho ahyia,

Nanso me werɛ mfii wo mmara.+

62 W’atemmusɛm a ɛtene nti,

Mesɔre dasuom da wo ase.+

63 Wɔn a wɔsuro wo nyinaa yɛ me nnamfo;

Wɔne wɔn a wɔdi w’ahyɛdeɛ so.+

64 O Yehowa, wo dɔ a ɛnni hwammɔ ahyɛ asaase so ma.+

Kyerɛ me w’ahyɛdeɛ.

ט [Teth]

65 O Yehowa, wo ne w’akoa adi no yie,

Wo ne no adi no sɛdeɛ w’asɛm teɛ.

66 Kyerɛ me nyansa ne nimdeɛ,+

Ɛfiri sɛ wo mmara nsɛm na magye adi.

67 Ansa na mereba ahohia mu no, na metaa di mfomsoɔ,*

Nanso seesei deɛ, medi w’asɛm so.+

68 Woyɛ,+ na wo nnwuma yɛ papa.

Kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.+

69 Ahantanfoɔ de atorɔ adware me.

Nanso mede m’akoma nyinaa di w’ahyɛdeɛ so.

70 Wɔn akoma yɛ den.*+

Nanso me deɛ, wo mmara da m’akoma so.+

71 Ɛyɛ sɛ makɔ ahohia mu;+

Ɛbɛma masua w’ahyɛdeɛ.

72 Mmara a woahyɛ no yɛ ma me;+

Ɛyɛ sene sika kɔkɔɔ ne dwetɛ mpempem.+

י [Yod]

73 Wo nsa na ɛyɛɛ me na ɛsiesiee me kama.

Ma mennya nteaseɛ

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛhu wo mmara nsɛm mu yie.+

74 Wɔn a wɔsuro wo no hu me a, wɔdi ahurisie,

Ɛfiri sɛ m’ani da w’asɛm so.*+

75 O Yehowa, menim sɛ w’atemmusɛm tene,+

Na wo nokorɛdie nti, wotenee me so.+

76 Sɛdeɛ woahyɛ w’akoa bɔ no,*

Mesrɛ wo, ma wo dɔ a ɛnni hwammɔ+ nkyekye me werɛ.

77 Hu me mmɔbɔ na mentena nkwa mu,+

Ɛfiri sɛ wo mmara da m’akoma so.+

78 Ma ahantanfoɔ ani nwu,

Ɛfiri sɛ wɔyɛ me bɔne berɛ a menyɛɛ wɔn hwee.*

Me deɛ, w’ahyɛdeɛ na mɛdwendwene ho.*+

79 Wɔn a wɔsuro wo a wɔnim wo nkaesɛm no,

Ma wɔnsan mmra m’afã.

80 Ma memfa m’akoma nyinaa nni w’ahyɛdeɛ so,+

Na m’ani anwu.+

כ [Kaph]

81 M’ani agyina wo nkwagyeɛ;*+

Ɛfiri sɛ m’ani da w’asɛm so.*

82 M’ani agyina w’asɛm,+

Na ɛma meka sɛ: “Da bɛn na wobɛkyekye me werɛ?”+

83 Mayɛ sɛ kotokuo* a asɛn wisie mu awo.

Nanso me werɛ mfii w’ahyɛdeɛ.+

84 Wobɛma w’akoa atwɛn akɔsi da bɛn?

Wɔn a wɔtan m’ani no, da bɛn na wobɛbu wɔn atɛn?+

85 Ahantanfoɔ a wɔnni wo mmara so

Tutu amena de sum me fidie.

86 Wo mmara nsɛm nni hwammɔ da.

Boa me, na nkurɔfoɔ retan m’ani kwa!+

87 Ɛkaa kakraa bi anka wɔreyi me afiri asaase so,

Nanso mantwe me ho amfiri w’ahyɛdeɛ ho.

88 Wo dɔ a ɛnni hwammɔ nti, kora me nkwa so,

Na ama madi nkaesɛm a wode ama me no so.

ל [Lamed]

89 O Yehowa, w’asɛm bɛtena hɔ

Akɔsi daa wɔ soro.+

90 Wo nokorɛdie wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.+

Wode asaase atim hɔ pintinn, na ɛbɛtena hɔ daa.+

91 W’atemmusɛm nti na atena hɔ* abɛsi nnɛ,

Ɛfiri sɛ abɔdeɛ nyinaa som wo.

92 Sɛ ɛnyɛ wo mmara a ɛda m’akoma so a,

Anka ahohia aku me.+

93 Me werɛ remfi w’ahyɛdeɛ da,

Ɛfiri sɛ ɛno na wode kora me nkwa so.+

94 Meyɛ wo dea; gye me nkwa,+

Ɛfiri sɛ mahwehwɛ w’ahyɛdeɛ.+

95 Nnebɔneyɛfoɔ pɛ sɛ wɔsɛe me,

Nanso wo nkaesɛm na mema m’adwene kɔ so.

96 Mahu sɛ nneɛma a ɛwie pɛyɛ no, ɛnni mu nkɔsi aseɛ.

Nanso wo mmara nsɛm deɛ, sɛdeɛ ɛdi mu no nni ano.*

מ [Mem]

97 Hwɛ sɛdeɛ medɔ wo mmara!+

Da mu nyinaa, ɛno na medwene ho.*+

98 Wo mmara nsɛm ma mehu nyansa sene m’atamfo,+

Ɛfiri sɛ ɛka me ho daa.

99 Mewɔ nhunumu sene m’akyerɛkyerɛfoɔ nyinaa,+

Ɛfiri sɛ medwene wo nkaesɛm ho.*

100 Sɛdeɛ meyɛ m’adeɛ no kyerɛ sɛ mewɔ nteaseɛ kyɛn mpanimfoɔ,

Ɛfiri sɛ medi w’ahyɛdeɛ so.

101 Meremfa kwammɔne biara so+

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛtumi adi w’asɛm so.

102 Memmane mfiri w’atemmusɛm ho,

Ɛfiri sɛ wo na woakyerɛkyerɛ me.

103 Wo nsɛm yɛ fremfrem wɔ me dodom;

Ɛsene ɛwoɔ wɔ m’anom!+

104 W’ahyɛdeɛ nti, mede nteaseɛ bɔ me bra;+

Ɛno nti na mekyiri nnaadaa kwan biara no.+

נ [Nun]

105 W’asɛm yɛ me nan ase kanea,

Ne me kwan so hann.+

106 Maka ntam, na mɛdi so;

Mɛdi w’atemmusɛm a ɛtene no so.

107 Mahunu amane dodo.+

O Yehowa, kora me nkwa so sɛdeɛ w’asɛm teɛ.+

108 O Yehowa, mesrɛ wo, ma w’ani nsɔ ayeyie* a ɛfiri m’akoma mu,+

Na kyerɛkyerɛ me w’atemmusɛm.+

109 Me nkwa da asiane mu da biara da;*

Nanso me werɛ mfii wo mmara.+

110 Nnebɔneyɛfoɔ asum me fidie,

Nanso memmane mfirii w’ahyɛdeɛ ho.+

111 Wo nkaesɛm na mede yɛ m’agyapadeɛ daa,

Ɛfiri sɛ ɛno na ɛma m’akoma ani gye.+

112 Masi me bo sɛ mɛdi w’ahyɛdeɛ so

Da biara akɔsi awieeɛ.

ס [Samekh]

113 Mekyiri nnipa a wɔmfa wɔn akoma nyinaa nni w’akyi;*+

Medɔ wo mmara.+

114 Wone me hintabea ne me kyɛm,+

Ɛfiri sɛ m’ani da w’asɛm so.*+

115 Nnebɔneyɛfoɔ, momfiri me so nkɔ+

Na menni me Nyankopɔn mmara nsɛm so.

116 Sɛdeɛ wohyɛɛ me bɔ* no, sɔ me mu,+

Na mentena nkwa mu;

Mma m’anidasoɔ nnyɛ kwa.*+

117 Sɔ me mu na mennya nkwa;+

Ɛno bɛma mede m’ani asi w’ahyɛdeɛ so daa.+

118 Wɔn a wɔmane firi w’ahyɛdeɛ ho nyinaa, wopo wɔn,+

Ɛfiri sɛ wɔyɛ nkontompofoɔ ne nnaadaafoɔ.

119 Woto asaase so nnebɔneyɛfoɔ nyinaa gu te sɛ ade fĩ.*+

Ɛno nti na medɔ wo nkaesɛm no.

120 Wo ho hu ma me ho* popo;

W’atemmusɛm ma mebɔ hu.

ע [Ayin]

121 Mabu atɛntenenee na mayɛ deɛ ɛtene.

Nnya me nhyɛ wɔn a wɔtan m’ani no nsa.

122 Ma w’akoa awerɛhyɛmu sɛ ɛbɛsi no yie.

Mma ahantanfoɔ nntan m’ani.

123 Wo nkwagyeɛ ne wo bɔhyɛ* a ɛtene no,

Matwɛn abrɛ.+

124 Da wo dɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ w’akoa,+

Na kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.+

125 Meyɛ w’akoa; ma mennya nteaseɛ,+

Na ama mahu wo nkaesɛm mu yie.

126 Berɛ aduru sɛ Yehowa keka ne ho,+

Ɛfiri sɛ wɔabu wo mmara so.

127 Anokwa, medɔ wo mmara nsɛm

Kyɛn sika kɔkɔɔ anaa sika kɔkɔɔ amapa* mpo!+

128 Ne saa nti akwankyerɛ* biara a ɛfiri wo hɔ no, mebu no sɛ ɛtene;+

Mekyiri nnaadaa kwan biara.+

פ [Pe]

129 Wo nkaesɛm yɛ nwanwa.

Ɛno nti na medi so.*

130 Wo nsɛm so bue a, ɛma hann,+

Na ɛma deɛ ɔnni nimdeɛ te nneɛma ase.+

131 M’ani agyina wo mmara nsɛm,

Ɛfiri sɛ mewɔ ho akɔnnɔ paa.*+

132 Twa w’ani bɛhwɛ me, na dom me,+

Sɛdeɛ wobu atɛn ma wɔn a wɔdɔ wo din no.+

133 Fa w’asɛm gyegye me taataa;*

Mma adebɔne biara nnni me so.+

134 Gye me firi nnipa a wɔtan m’ani nsam,

Na mɛdi w’ahyɛdeɛ so.

135 Te w’anim ma* w’akoa,+

Na kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.

136 Wo mmara so a nnipa nni nti,

Mete nisuo waawaa.+

צ [Tsade]

137 O Yehowa, wotene,+

Na w’atemmuo nso tene.+

138 Wo nkaesɛm tene,

Na ɛnni hwammɔ da.

139 Wo som ho mmɔdemmɔ amene me,+

Ɛfiri sɛ m’atamfo werɛ afi wo nsɛm.

140 W’asɛm yɛ deɛ wɔasɔne so yie,+

Na w’akoa ani gye ho paa.+

141 Meyɛ nipahunu a wɔmfa me nyɛ hwee,+

Nanso me werɛ mfii w’ahyɛdeɛ.

142 Wo tenenee yɛ daa tenenee,+

Na wo mmara yɛ nokorɛ.+

143 Ahohia ne ahokyerɛ ba me so,

Nanso wo mmara nsɛm deɛ, ɛda m’akoma so daa.

144 Wo nkaesɛm tene afebɔɔ.

Ma mennya nteaseɛ+ na makɔ so atena nkwa mu.

ק [Qoph]

145 Mede m’akoma nyinaa frɛ wo. O Yehowa, gye me so.

W’ahyɛdeɛ so na mɛdi.

146 Wo na mesu frɛ wo; gye me!

Mɛdi wo nkaesɛm so.

147 Mesɔre ahomakye* su hwehwɛ ɔboafoɔ.+

Ɛfiri sɛ m’ani da w’asɛm so.*

148 Mesɔre anadwo dasuom*

Na matumi adwendwene w’asɛm ho.*+

149 Wo dɔ a ɛnni hwammɔ nti, tie me nne.+

O Yehowa, kora me nkwa so sɛdeɛ w’atemmusɛm teɛ.

150 Wɔn a wɔyɛ aniwudeɛ* no reba me so;

Wɔamane afiri wo mmara ho koraa.

151 O Yehowa, wobɛn me,+

Na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ.+

152 Wo nkaesɛm a wode atim hɔ afebɔɔ no,+

Mehunuiɛ nyɛ nnɛ.

ר [Resh]

153 Hwɛ m’amanehunu na gye me,+

Ɛfiri sɛ me werɛ mfii wo mmara.

154 Di m’asɛm ma me na gye me;+

Sɛdeɛ woahyɛ bɔ* no, kora me nkwa so.

155 Nkwagyeɛ ne nnebɔneyɛfoɔ ntam ware,

Ɛfiri sɛ wɔnhwehwɛɛ w’ahyɛdeɛ.+

156 O Yehowa, wo mmɔborɔhunu dɔɔso.+

Sɛdeɛ w’atemmusɛm teɛ no, kora me nkwa so.

157 M’atamfo ne wɔn a wɔne m’ani nhyia dɔɔso.+

Nanso memmane mfirii wo nkaesɛm ho.

158 Nnebɔneyɛfoɔ ho yɛ me abofono,

Ɛfiri sɛ wɔnni w’asɛm so.+

159 Hwɛ sɛdeɛ medɔ w’ahyɛdeɛ!

O Yehowa, wo dɔ a ɛnni hwammɔ nti, kora me nkwa so.+

160 W’asɛm nyinaa yɛ nokorɛ,+

Na w’atemmusɛm a ɛtene no nyinaa nso wɔ hɔ daa.

ש [Sin] anaa [Shin]

161 Adehyeɛ mma tan m’ani+ kwa,

Nanso me deɛ, mewɔ obuo kɛseɛ ma wo nsɛm.+

162 Medi w’asɛm ho ahurisie+

Te sɛ obi a wanya agyapadeɛ kɛseɛ.

163 Mekyiri nkontompo; ɛyɛ me tan.+

Medɔ wo mmara.+

164 W’atemmusɛm a ɛtene nti,

Meyi wo ayɛ mprɛ nson da koro.

165 Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoeɛ pii;+

Biribiara rentumi nto wɔn suntidua.*

166 O Yehowa, m’ani da wo nkwagyeɛ nnwuma so,

Na medi wo mmara nsɛm so.

167 Medi* wo nkaesɛm so;

Menni ho agorɔ koraa.+

168 Medi w’ahyɛdeɛ ne wo nkaesɛm so;

Deɛ meyɛ nyinaa, w’ani tua.+

ת [Taw]

169 O Yehowa, tie me sufrɛ.+

Sɛdeɛ w’asɛm teɛ no, ma mennya nteaseɛ.+

170 Ma me nkotosrɛ nnuru w’anim.

Sɛdeɛ woahyɛ me bɔ* no, gye me.

171 Ma ayeyie nyɛ m’anom ma,+

Ɛfiri sɛ wo na wokyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.

172 Ma me kɛtrɛma mfa w’asɛm nto dwom,+

Ɛfiri sɛ wo mmara nsɛm nyinaa tene.

173 Fa wo nsa sɔ me mu boa me,+

Ɛfiri sɛ masi gyinaeɛ sɛ mɛdi w’ahyɛdeɛ so.+

174 O Yehowa, m’ani agyina wo nkwagyeɛ,

Na wo mmara nso da m’akoma so.+

175 Ma mentena nkwa mu* na matumi ayi wo ayɛ;+

Fa w’atemmuo di boa me.

176 Mafom kwan sɛ odwan a wayera.+ Hwehwɛ w’akoa,

Ɛfiri sɛ me werɛ mfii wo mmara nsɛm.+

Dwom a Wɔde Foro Bepɔ No.*

120 Mesu frɛɛ Yehowa wɔ m’ahohia mu,+

Na ɔgyee me so.+

 2 O Yehowa, gye me* firi wɔn a wɔde wɔn ano ka atosɛm

Ne wɔn a wɔde wɔn kɛtrɛma ka nnaadaasɛm no nsam.

3 Wo a wode wo kɛtrɛma daadaa nkurɔfoɔ,+

Ɛdeɛn na ɔde bɛyɛ wo, na deɛn na ɔde bɛtwe w’aso?*

 4 Akofoɔ agyan a ano mfeamfeaa+

Ne serɛ so dua nnyasramma+ na ɛbɛba wo so.

 5 Asɛm ato me! Ɛfiri sɛ mabɛyɛ ɔhɔhoɔ wɔ Mesek.+

Kedar+ ntomadan mu na mabɛtena.

 6 Wɔn a wɔkyiri asomdwoeɛ no,

Matena* wɔn mu akyɛ dodo.+

 7 Mepɛ asomdwoeɛ, nanso mebue m’ano a,

Ntɔkwa na wɔde hyia me.

Dwom a Wɔde Foro Bepɔ No.

121 Mema m’ani so kyerɛ mmepɔ.+

Ɛhe na mɛnya mmoa afire?

 2 Mɛnya mmoa afiri Yehowa hɔ,+

Deɛ ɔbɔɔ ɔsoro ne asaase no.

 3 Ɔremma wo nan nwatiri* da.+

Deɛ ɔwɛn wo no, ɔrentɔ nko da.

 4 Hwɛ! Deɛ ɔwɛn Israel no,

Ɔrentɔ nko na ɔrenna da.+

 5 Yehowa rewɛn wo.

Yehowa ne wo nwunu,+ na ɔwɔ wo nsa nifa so.+

 6 Ɛduru awiaberɛ a, awia renhye wo,+

Na ɛduru anadwo nso a, bosome renyɛ wo bɔne.+

 7 Yehowa bɛbɔ wo ho ban afiri ɔhaw nyinaa mu.+

Ɔbɛbɔ wo nkwa* ho ban.+

 8 Biribiara a wobɛyɛ no, Yehowa bɛbɔ wo ho ban*

Firi nnɛ kɔsi daa.

Dwom a Wɔde Foro Bepɔ No. Dawid dwom

122 Berɛ a wɔka kyerɛɛ me sɛ,

“Ma yɛnkɔ Yehowa fie” no, medii ahurisie.+

 2 O Yerusalem,

Seesei yɛawura w’apono mu.*+

 3 Wɔakyekyere Yerusalem

Ama no ayɛ kuro a ɛbom baako.+

 4 Ɛhɔ na mmusuakuo no,

Yah* mmusuakuo no foro kɔ,

Na wɔde aseda kɔma Yehowa din,

Sɛdeɛ Israel nkaesɛm kyerɛ no.+

 5 Ɛhɔ na wɔde atemmuo nhennwa asisi,+

Dawid fie nhennwa no.+

 6 Monhwehwɛ asomdwoeɛ mma Yerusalem.+

O kuro, wɔn a wɔdɔ wo no asom bɛdwo wɔn.

 7 Asomdwoeɛ ntena w’akoban* mu,

Na w’abandenden mu nnwo.

 8 Me nuanom ne me nnamfo nti, mɛka sɛ:

“Asomdwoeɛ ntena wo mu.”

 9 Yehowa, yɛn Nyankopɔn fie nti,+

Papa na mɛsrɛ ama wo.

Dwom a Wɔde Foro Bepɔ No.

123 Wo a wote soro no,

Wo na mema m’ani so kyerɛ wo.+

 2 Sɛdeɛ nkoa ani da wɔn wura so,

Na mfenaa ani da wɔn awuraa so no,

Saa ara na yɛn ani da Yehowa, yɛn Nyankopɔn so+

Kɔsi sɛ ɔbɛdom yɛn.+

 3 Dom yɛn, O Yehowa, dom yɛn,

Na nkurɔfoɔ bu yɛn animtia dodo.+

 4 Wɔn a wɔn ho adwo wɔn no di yɛn ho fɛ dodo,*

Na ahantanfoɔ nso bu yɛn animtia.

Dwom a Wɔde Foro Bepɔ No. Dawid dwom.

124 “Sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔka yɛn ho a”+

—Afei momma Israel nnye so sɛ—

 2 “Berɛ a nnipa sɔre tiaa yɛn no,+

Sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔka yɛn ho a,+

 3 Anka wɔbɛmemene yɛn animono,+

Berɛ a wɔn abufuo dɛre hyɛɛ yɛn no.+

 4 Anka nsuo na ɛbɛhohoro yɛn akɔ,

Na asubɔnten atwi afa yɛn* so.+

 5 Anka nsuo a ɛreyire bɛbu afa yɛn* so.

 6 Ayeyie nka Yehowa,

Ɛfiri sɛ wamma wɔankye yɛn anwe sɛ hanam.

 7 Yɛte sɛ* anomaa a wanya ne ho atete

Afiri ofirisumfoɔ fidie mu.+

Fidie no bubuiɛ,

Na yɛdwaneeɛ.+

 8 Deɛ ɔbɔɔ ɔsoro ne asaase a ne din de Yehowa no,+

Ɔno ne yɛn boafoɔ.”

Dwom a Wɔde Foro Bepɔ No. Dawid dwom.

125 Wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no+

Te sɛ Sion Bepɔ; wɔrenhinhim da,

Na mmom wɔbɛtim hɔ daa.+

 2 Sɛdeɛ mmepɔ atwa Yerusalem ho ahyia no,+

Saa ara na Yehowa atwa ne nkurɔfoɔ ho ahyia+

Firi nnɛ kɔsi daa.

 3 Amumuyɛfoɔ ahempoma renni ateneneefoɔ asaase so daa+

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ateneneefoɔ rennane wɔn ho* nkɔyɛ bɔne.+

 4 O Yehowa, wo ne nnipa pa nni no yie,+

Wo ne wɔn a wɔyɛ akomam teefoɔ no nni no yie.+

 5 Wɔn a wɔdane kɔ akwammɔne so no,

Yehowa bɛyi wɔne amumuyɛfoɔ nyinaa afiri hɔ.+

Asomdwoeɛ mmra Israel so.

Dwom a Wɔde Foro Bepɔ No.

126 Berɛ a Yehowa boaboaa Sion nkurɔfoɔ ano baa wɔn man mu bio no,+

Ɛyɛɛ yɛn sɛ daeɛ.

 2 Saa berɛ no, sereɛ hyɛɛ yɛn afono mu ma,

Na ahurisidie hyɛɛ yɛn kɛtrɛma so ma.+

Saa berɛ no, nnipa a wɔwɔ amanaman no mu kaa sɛ:

“Yehowa ayɛ nneɛma akɛseɛ ama wɔn.”+

 3 Yehowa ayɛ nneɛma akɛseɛ ama yɛn,+

Na yɛn ani agye aboro so.

 4 O Yehowa, wɔn a wɔkɔdii obi man so no, san fa wɔn bra*

Te sɛ Negeb* mu nsuo.

 5 Wɔn a wɔde nisuo gu aba no

De ahurisie na ɛbɛtwa.

 6 Deɛ ɔkura aba kotokuo ma

Na ɔde nisuo firi adi no,

Ɔde anigyeɛ na ɛbɛba+

Berɛ a ɔso ne nnɔbaeɛ.+

Dwom a Wɔde Foro Bepɔ No. Solomon dwom.

127 Sɛ Yehowa ansi fie no a,

Ɛho adwumayɛfoɔ brɛ kwa.+

Sɛ Yehowa anwɛn kuro no a,+

Ɔwɛmfoɔ siri ho pɛ kwa.

 2 Mosɔre ahomakye,

Na anadwo nso monna ntɛm,

Na mobiri mo mogya ani pɛ mo ano aduane, nanso ne nyinaa yɛ ɔkwa.

N’adɔfo deɛ, ɔma wɔn nsa ka deɛ wɔhia na ɔma wɔda ma wɔn asom dwo wɔn.+

 3 Hwɛ! Mma* yɛ agyapadeɛ a ɛfiri Yehowa hɔ.+

Yafunu mu aba yɛ akatua.+

 4 Mmeranteberɛm mma

Te sɛ agyan a ɛwɔ ɔbarima katakyie nsam.+

 5 Anigyeɛ ne ɔbarima a ɔde agyan hyɛ n’agyan kotokuo ma.+

Wɔn anim rengu ase,

Ɛfiri sɛ wɔne atamfo bɛkasa wɔ kuro pono ano.

Dwom a Wɔde Foro Bepɔ No.

128 Anigyeɛ ne obiara a ɔsuro Yehowa,+

Na ɔnante n’akwan so.+

 2 Wobɛdi deɛ woabrɛ anya.

W’ani bɛgye, na ɛbɛsi wo yie.+

 3 Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso aba wɔ wo fie.+

Wo mma bɛtenatena wo pono ho ahyia te sɛ ngodua nketewa a ayɛ fɛ.

 4 Hwɛ! Saa na wɔbɛhyira ɔbarima a

Ɔsuro Yehowa.+

 5 Yehowa bɛfiri Sion ahyira wo.

Fa w’ani hu sɛdeɛ ɛbɛsi Yerusalem yie wo nkwa nna nyinaa,+

 6 Na hu wo mma mma.

Asomdwoeɛ nka Israel.

Dwom a Wɔde Foro Bepɔ No.

129 “Wɔatan me firi me mmɔfraase”+

—Afei momma Israel nnye so sɛ—

 2 “Wɔatan me firi me mmɔfraase;+

Nanso wɔnnii me so nkonim.+

 3 Nkurɔfoɔ ama m’akyi ayɛ sɛ asaase a wɔafuntum;+

Wɔatwitwa akã atenten wɔ m’akyi.”

 4 Nanso Yehowa tene;+

Watwitwa nnebɔneyɛfoɔ nhoma mu.+

 5 Wɔn a wɔtan Sion nyinaa

De aniwuo bɛdane wɔn ho adwane.+

 6 Wɔbɛyɛ sɛ serɛ a ɛwɔ ɛdan atifi;

Wɔnnya ntutuiɛ mpo na akisa;

 7 Ɛrentumi nyɛ ɔtwafoɔ nsam ma,

Na deɛ ɔboaboa ano nso rennya pii wɔ ne nsam.

 8 Wɔn a wɔretwam renka sɛ:

“Yehowa nhyira mo.

Yɛde Yehowa din hyira mo.”

Dwom a Wɔde Foro Bepɔ No.

130 O Yehowa, mefiri bɔn mu su frɛ wo.+

 2 O Yehowa, tie me nne.

Yɛ aso tie me nkotosrɛ.

 3 O Yah,* sɛ mfomsoɔ na wohwɛ* a,

O Yehowa, anka hwan na ɔbɛtumi agyina w’anim?+

 4 Wo na wode bɔne kyɛ koraa+

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛsuro wo.+

 5 M’ani da Yehowa so; mede me werɛ nyinaa ahyɛ ne mu;*

N’asɛm na m’ani da so.

 6 Sɛdeɛ meretwɛn* Yehowa dendeenden no,+

Ɛkyɛn awɛmfoɔ a wɔretwɛn adekyeeɛ;+

Ampa, ɛkyɛn awɛmfoɔ a wɔretwɛn adekyeeɛ.

 7 Momma Israel ntwɛn Yehowa,

Ɛfiri sɛ Yehowa dɔ nni hwammɔ,+

Na ɔwɔ tumi kɛseɛ a ɔde gye nkwa.

 8 Ɔbɛgye Israel afiri wɔn mfomsoɔ nyinaa mu.

Dwom a Wɔde Foro Bepɔ No. Dawid dwom.

131 O Yehowa, m’akoma mmaa ne ho so,

Na m’ani nso ntraa ne ntɔn;+

Menhwehwɛɛ nneɛma akɛseɛ,+

Na menhwehwɛɛ nneɛma a ɛboro m’ahoɔden so.

 2 Mmom madwodwo me kra ama no ayɛ komm*+

Te sɛ abɔfra* a ɔda ne maame so.

Mewɔ* akomatɔyam te sɛ abɔfra.

 3 Momma Israel ntwɛn Yehowa+

Mfiri nnɛ nkɔsi daa.

Dwom a Wɔde Foro Bepɔ No.

132 O Yehowa, kae Dawid

Ne animguaseɛ a wafa mu nyinaa.+

 2 Kae sɛ ɔkaa Yehowa ntam;

Ɔkaa Yakob Tumfoɔ no ntam sɛ:+

 3 “Merenkɔ me fie nkɔwura me ntomadan mu.+

Merenkɔda me mpa so,

 4 Meremma nna mma m’ani so,

Na meremma m’ani nkum

 5 Kɔsi sɛ mɛnya baabi ama Yehowa;

Kɔsi sɛ mɛnya fie kama* ama Yakob Tumfoɔ no.”+

 6 Hwɛ! Yɛtee ho asɛm wɔ Efrata;+

Yɛhuu no kwaeɛ mu.+

 7 Momma yɛnkɔ ne fie;*+

Momma yɛnkoto ne nan ntiasoɔ anim.+

 8 O Yehowa, sɔre, na kɔ wo homebea;+

Wo ne Adaka a wode kyerɛ wo tumi no nkɔ.+

 9 Ma w’asɔfoɔ mfa tenenee nyɛ ataadeɛ nhyɛ,

Na ma w’anokwafoɔ nto ahurisi dwom.

10 W’akoa Dawid nti,

Mpo deɛ woasra no no.*+

11 Yehowa aka Dawid ntam,

Na ɔrentwe nsan; waka sɛ:

“W’asefoɔ* no mu baako

Na mede no bɛsi w’ahennwa so.+

12 Sɛ wo mma di m’apam so

Na wɔdi me nkaesɛm a mɛkyerɛkyerɛ wɔn no so a,+

Wɔn mma nso bɛtena

W’ahennwa so daa.”+

13 Sion na Yehowa ayi;+

N’ani gyee ho sɛ ɔde hɔ bɛyɛ ne tenabea,+ na ɔkaa sɛ:

14 “Ɛha yɛ me homebea kɔsi daa;

Ɛha na mɛtena;+ m’ani gye ho saa.

15 Mɛhyira so ama no abɔ aduane pii.

Mɛma ahiafoɔ a wɔwɔ hɔ anya aduane* adi amee.+

16 Nkwagyeɛ na mede bɛyɛ ataadeɛ ahyɛ n’asɔfoɔ;+

N’anokwafoɔ bɛto ahurisi dwom.+

17 Ɛhɔ na mɛma Dawid ahoɔden* ayɛ kɛseɛ.

Masɔ kanea ama deɛ masra no no.+

18 Aniwuo na mede bɛyɛ ataadeɛ ahyɛ n’atamfo,

Nanso ɔno deɛ, n’ahennie* bɛnya nkɔsoɔ.”+

Dwom a Wɔde Foro Bepɔ No. Dawid dwom.

133 Hwɛ sɛdeɛ ɛyɛ na ɛyɛ fɛ

Sɛ anuanom bom de baakoyɛ tena!+

 2 Ɛte sɛ ngo pa a

Wɔahwie agu Aaron apampam,+

Na ɛsiane fa n’abodwesɛ mu+

Kɔgu n’ataadeɛ kɔn mu.

 3 Ɛte sɛ Hermon bosuo+ a

Ɛsiane gu Sion mmepɔ so.+

Ɛhɔ na Yehowa ahyɛ sɛ ne nhyira ntena;

Nkwa a ɛnni awieeɛ.

Dwom a Wɔde Foro Bepɔ No.

134 Yehowa nkoa nyinaa,+

Monyi Yehowa ayɛ;

Mo a mosom wɔ Yehowa fie anadwo biara no.+

 2 Monyɛ kronkron na momma mo nsa so+ mmɔ mpaeɛ,*

Na monyi Yehowa ayɛ.

 3 Yehowa a ɔbɔɔ soro ne asaase no

Mfiri Sion nhyira mo.

135 Monyi Yah ayɛ!*

Monyi Yehowa din ayɛ;

Yehowa nkoa, monyi no ayɛ,+

 2 Mo a mogyina Yehowa fie,

Yɛn Nyankopɔn fie adihɔ no.+

 3 Monyi Yah ayɛ, ɛfiri sɛ Yehowa yɛ.+

Monto ayeyi nnwom* mma ne din, na ɛyɛ dɛ.

 4 Ɛfiri sɛ Yah ayi Yakob ayɛ ne dea;

Ɔde Israel ayɛ n’agyapadeɛ titire.*+

 5 Menim sɛ Yehowa yɛ kɛseɛ;

Yɛn Awurade yɛ kɛseɛ kyɛn anyame nyinaa.+

 6 Deɛ ɛsɔ Yehowa ani biara no, ɔyɛ+

Wɔ ɔsoro ne asaase so, ɛpo ne ebunu nyinaa mu.

 7 Ɔma mununkum* firi asaase anoano foro kɔ soro;

Ɔyɛ anyinam ka nsuo ho,*

Na ɔde mframa firi n’adekora adan mu ba.+

 8 Nnipa ne mmoa nyinaa,

Ɔkunkum wɔn mmakan wɔ Egypt.+

 9 O Egypt, ɔsomaa nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ baa wo mu;+

Ɛbaa Farao ne ne nkoa nyinaa so.+

10 Ɔsɛee aman bebree,+

Na ɔkunkum ahemfo a wɔyɛ den+

11 Te sɛ Amorifoɔ hene Sihon+

Ne Basan hene Og,+

Na ɔsɛee Kaanan ahennie nyinaa.

12 Ɔde wɔn asaase maa ne nkurɔfoɔ sɛ agyapadeɛ;

Ɔde maa Israel sɛ agyapadeɛ.+

13 O Yehowa, wo din wɔ hɔ daa.

O Yehowa, wo din* bɛtrɛ afiri awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.+

14 Ɛfiri sɛ Yehowa bɛtwitwa agye ne nkurɔfoɔ,*+

Na ɔbɛhu ne nkoa mmɔbɔ.+

15 Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ,

Onipa nsa ano adwuma.+

16 Wɔwɔ ano, nanso wɔnkasa;+

Wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ;

17 Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm.

Wɔwɔ hwene nanso wɔnhome.+

18 Nnipa a wɔyɛ saa ahoni no, wɔbɛyɛ sɛ ahoni no ara,+

Na obiara a ɔde ne ho to ahoni no so no, ɔno nso bɛyɛ sɛ ahoni no ara.+

19 O Israel fie, monyi Yehowa ayɛ.

O Aaron fie, monyi Yehowa ayɛ.

20 O Lewi fie, monyi Yehowa ayɛ.+

Mo a mosuro Yehowa, monyi Yehowa ayɛ.

21 Yehowa a ɔte Yerusalem no,+

Ma wɔmfiri Sion nyi no ayɛ.+

Monyi Yah ayɛ!+

136 Monna Yehowa ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ;+

Ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.+

 2 Monna anyame mu Nyankopɔn no ase,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

 3 Monna awuranom mu Awurade no ase,

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

 4 Ɔno nko ara na ɔyɛ nnwuma akɛseɛ a ɛyɛ nwanwa,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.+

 5 Ɔtoo ne bo ase bɔɔ* soro,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

 6 Ɔtrɛɛ asaase mu wɔ nsuo so,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

 7 Ɔyɛɛ nkanea akɛseɛ,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa,

 8 Ɔyɛɛ awia sɛ ɛnhyerɛn adekyeeɛ,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa,

 9 Ɔyɛɛ bosome ne nsoromma sɛ ɛnhyerɛn anadwo,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

10 Ɔbobɔɔ Egypt mmakan kunkum wɔn,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

11 Ɔyii Israel firii wɔn mu,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

12 Ɔde nsa a ɛyɛ den+ ne basa a watene mu na ɛyii wɔn,

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

13 Ɔpaee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu mmienu,*+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

14 Ɔmaa Israel faa mfimfini,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

15 Ɔkaa Farao ne n’asraafoɔdɔm guu Ɛpo Kɔkɔɔ no mu,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

16 Ɔdii ne nkurɔfoɔ anim faa serɛ so,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

17 Ɔkunkum ahemfo akɛseɛ,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

18 Ɔkunkum ahemfo a wɔyɛ den,

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa,

19 Ɔkum Amorifoɔ hene Sihon,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa,

20 Ɛne Basan hene Og,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

21 Ɔde wɔn asaase maa ne nkurɔfoɔ sɛ agyapadeɛ,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

22 Ɔde maa n’akoa Israel sɛ agyapadeɛ,

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

23 Ɔkaee yɛn berɛ a yɛbotoeɛ no,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.+

24 Ɔgyee yɛn firii yɛn atamfo nsam mprɛ pii,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

25 Ɔma abɔdeɛ biara a ɛte ase* aduane,+

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

26 Monna ɔsoro Nyankopɔn no ase,

Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.

137 Babilon nsubɔnten ho+ na yɛtenatenaeɛ.

Berɛ a yɛkaee Sion no, yɛsuiɛ.+

 2 Ɛhɔ* nsuano nnua so na

Yɛde yɛn asankuo sensɛneeɛ.+

 3 Ɛhɔ na wɔn a wɔtuu yɛn ase firii yɛn man mu no kaa sɛ yɛnto dwom mma wɔn;+

Ná wɔn a wɔredi yɛn ho fɛ no pɛ sɛ wɔde yɛn gyegye wɔn ani. Wɔkaa sɛ:

“Monto Sion nnwom no baako mma yɛn.”

 4 Yɛbɛyɛ dɛn ato Yehowa dwom

Wɔ ananafoɔ asaase so?

 5 O Yerusalem, sɛ me werɛ fi wo a,

Ma me nsa nifa nnwodwo.*+

 6 Sɛ mankae wo,

Na mamma Yerusalem ho asɛm anhia me

Ansene biribiara a ɛma medi ahurisie+ a,

Ma me kɛtrɛma mfam me dodom.

 7 O Yehowa, kae deɛ Edomfoɔ kaeɛ,

Ɛda a Yerusalem sɛeɛ no. Wɔkaa sɛ:

“Monnwiri ngu! Monnwiri ngu nkɔsi ne fapem so!”+

 8 O Babilon babaa a ɛrenkyɛ na wɔasɛe wo,+

Anigyeɛ ne onipa a ɔde deɛ wode yɛɛ yɛn no ara bi

Betua wo ka.+

 9 Anigyeɛ ne onipa a ɔbɛkye wo mma

Na ɔde wɔn ahwehwe abotan so.+

Dawid dwom.

138 Mede m’akoma nyinaa bɛyi wo ayɛ.+

Mɛto ayeyi nnwom

Wɔ anyame foforɔ anim.*

 2 Mɛkoto de m’ani akyerɛ w’asɔrefie kronkron no,*+

Na mɛyi wo din ayɛ,+

Wo dɔ a ɛnni hwammɔ ne wo nokorɛdie nti.

Ɛfiri sɛ woama w’asɛm ne wo din so asene biribi foforɔ biara.*

 3 Ɛda a mefrɛeɛ no, wogyee me so;+

Womaa menyaa* akokoɔduro ne ahoɔden.+

 4 O Yehowa, asaase so ahemfo nyinaa bɛyi wo ayɛ,+

Ɛfiri sɛ wɔbɛte ɛbɔ a woahyɛ.

 5 Wɔbɛto dwom a ɛfa Yehowa akwan ho,

Ɛfiri sɛ Yehowa animuonyam yɛ kɛseɛ.+

 6 Ɛwom sɛ Yehowa korɔn deɛ, nanso n’ani wɔ ahobrɛaseɛfoɔ so,+

Na obi a ɔyɛ ahantan deɛ, ɔhu no wɔ akyirikyiri.+

 7 Sɛ menam baabi a asiane wɔ mpo a, wobɛkora me nkwa so.+

Wobɛtene wo nsa wɔ m’atamfo so, wɔn abufuo nti;

Wo nsa nifa bɛgye me nkwa.

 8 Yehowa bɛwie deɛ ɔreyɛ ama me no nyinaa.

O Yehowa, wo dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.+

Nnya wo nsa ano adwuma.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ayeyi dwom.

139 O Yehowa, woahwehwɛ me mu, na wonim me.+

 2 Sɛ metena ase a wonim, na mesɔre nso a, wonim.+

Woahu m’adwene firi akyirikyiri.+

 3 Metu kwan oo, meda oo, w’ani tua;*

Wonim m’akwan nyinaa.+

 4 O Yehowa, ansa na me kɛtrɛma bɛka asɛm bi no,

Na wonim ne nyinaa dada.+

 5 M’anim ne m’akyi nyinaa, wobɔ me ho ban hyia;

Wode wo nsa sɔ me mu.

 6 Saa nimdeɛ yi boro me nteaseɛ so.*

Ɛwɔ soro ma me dodo sɛ mɛduru hɔ.*+

 7 Ɛhe na mɛtumi afiri wo honhom anim akɔ?

Na ɛhe na mɛtumi adwane afiri w’anim akɔ?+

 8 Sɛ meforo kɔ soro a, wonie;

Na sɛ mesɛ me kɛtɛ wɔ Adamena* mu a, ɛhɔ nso wowɔ hɔ.+

 9 Sɛ mede adekyeeɛ ntaban tu

Kɔtena ɛpo akyi nohoa a,

10 Ɛhɔ mpo, wo nsa na ɛbɛkyerɛ me kwan,

Na wo nsa nifa bɛsɔ me mu.+

11 Sɛ meka sɛ: “Esum ara na ɛbɛkata me so!” a,

Ɛnneɛ esum a atwa me ho ahyia no bɛdane hann.

12 Esum mpo renyɛ sum kabii mma wo,

Mmom anadwo bɛhyerɛn sɛ adekyeeɛ,+

Na esum ayɛ hann ama wo.+

13 Wo na woyɛɛ m’asaabo;

Wode me siee* me maame yam.+

14 Mɛyi wo ayɛ ɛfiri sɛ sɛdeɛ woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwanwa.+

Wo nnwuma yɛ nwanwa,+

Na menim* wei paa.

15 Me nnompe anhinta wo

Berɛ a woyɛɛ me ahintaeɛ mu;

Berɛ a wonwenee me asaase yam tɔnn no.+

16 Meyɛ mogyatoa mpo no, w’ani huu me;

Berɛ a wɔnwenee m’akwaa nyinaa no, wɔtwerɛɛ ho asɛm

Wɔ wo nwoma mu

Ansa na emu biara mpo reba.

17 Ɛno nti, wo nsusuiɛ som bo ma me paa.+

O Onyankopɔn, ne dodoɔ nni ano!+

18 Sɛ mese merekan a, ɛbɛdɔɔso asene anwea.+

Sɛ meda sɔre a, mɛkɔ so ara akan.*+

19 O Onyankopɔn, sɛ wokum ɔdebɔneyɛfoɔ a,+

Anka awudifoɔ* bɛfiri me ho akɔ,

20 Wɔn na wɔde adwemmɔne keka wo ho nsɛm;*

Wɔyɛ w’atamfo a wɔde wo din di agorɔ.+

21 O Yehowa, metan wɔn a wɔkyiri wo no,+

Na wɔn a wɔte wo so atua no, wɔn ho nyɛ me abofono anaa?+

22 Ɔtan fitaa na metan wɔn;+

Wɔyɛ m’atamfo ankasa.

23 O Onyankopɔn, pɛɛpɛɛ me mu, na hu deɛ ɛwɔ m’akoma mu.+

Hwehwɛ me mu, na hu me mu dadwene.+

24 Hwɛ sɛ adwene a ɛmfata bi wɔ me mu anaa,+

Na fa me si mmerɛsanten kwan so.+

Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom.

140 O Yehowa, gye me firi abɔnefoɔ nsam;

Mesrɛ wo, bɔ me ho ban firi awudifoɔ ho,+

 2 Wɔn a wɔbɔ pɔ bɔne wɔ wɔn akomam,+

Na daa nyinaa wɔhyɛ ɛko mu gya no.

 3 Wɔse wɔn kɛtrɛma ano sɛ ɔwɔ;+

Ahuritia* borɔ wɔ wɔn anom.+ (Sela)

 4 O Yehowa, bɔ me ho ban firi nnebɔneyɛfoɔ ho;+

Bɔ me ho ban firi awudifoɔ ho,

Wɔn na wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛma mahwe ase.

 5 Ahantanfoɔ asum me fidie, na wɔde ahinta me;

Wɔde nhoma asosɔ atena mu atrɛ mu wɔ kwankyɛn.+

Wɔasunsum me mfidie.+ (Sela)

 6 Mɛka akyerɛ Yehowa sɛ: “Wone me Nyankopɔn.

O Yehowa, yɛ aso ma me nkotosrɛ.”+

 7 O Awurade Tumfoɔ Yehowa, me Gyefoɔ a ne ho yɛ den,

Wobɔ me* ho ban ɛko da.+

 8 O Yehowa, mma nnebɔneyɛfoɔ nnnya deɛ wɔpɛ.

Mma pɔ a wɔbɔ no nnyɛ yie na wɔamma wɔn ho so. (Sela)+

 9 Wɔn a wɔatwa me ho ahyia no,

Ma wɔn ara wɔn anom mmusuo nkata wɔn tiri so.+

10 Ma nnyasramma a ɛredɛre ntɔ ngu wɔn so.+

Ma wɔnkɔgu gya mu;

Wɔnkɔgu amena donkodonko* mu+ na wɔansɔre bio.

11 Mma dinsɛefoɔ ase nntim wɔ asaase so.+

Ma bɔne ntaa awudifoɔ so na ɛnsɛe wɔn.

12 Menim sɛ Yehowa bɛdi ama mmɔborɔwa,

na wabu atɛntenenee ama ohiani.+

13 Ampa, ateneneefoɔ de aseda bɛma wo din,

Na teefoɔ bɛtena w’anim.+

Dawid dwom.

141 O Yehowa, mesu frɛ wo.+

Yɛ ntɛm bɛboa me.+

Mefrɛ wo a, gye me so.+

 2 Ma me mpaebɔ nyɛ sɛ aduhwam+ a wɔafra no yie de aba w’anim;+

Sɛ mema me nsa so a, ma no nyɛ sɛ aduane afɔreɛ a wɔbɔ no anwummerɛ.+

 3 O Yehowa, boa me na menwɛn m’ano;

Boa me ma menhwɛ m’ano yie.+

 4 Mma m’akoma nnkɔ adebɔne biara so,+

Na me ne amumuyɛfoɔ ankɔyɛ bɔne;

Mempɛ sɛ me ne wɔn di wɔn akɔnnɔduane nso da.

 5 Sɛ ɔteneneeni bɔ me a, ɛbɛkyerɛ sɛ wada ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ me;+

Sɛ ɔkasa kyerɛ me a, ɛbɛyɛ te sɛ ngo wɔ me tiri so,+

Na merempo.+

Wɔkɔ ɔhaw mu mpo a, mɛkɔ so abɔ mpaeɛ ama wɔn.

 6 Nkurɔfoɔ no atemmufoɔ no, wɔato wɔn afiri bepɔ so agu fam,

Nanso nkurɔfoɔ no deɛ, wɔbɛtie me nsɛm, ɛfiri sɛ ɛyɛ dɛ.

 7 Sɛdeɛ wɔfuntum asaase a, wɔtu dɔteɛ no gu hɔ no,

Saa ara na wɔapete yɛn nnompe agu Adamena* ano.

 8 Nanso, O Awurade Tumfoɔ Yehowa, wo na m’ani da wo so.+

Wo na mede wo ayɛ me dwankɔbea.

Nnye me nkwa* mfiri me nsam.

 9 Gye me firi fidie a wɔasum me no mu,

Na gye me firi amumuyɛfoɔ mfidie mu.

10 Nnebɔneyɛfoɔ nyinaa bɛtɔ wɔn ankasa atena mu,+

Nanso me deɛ, mɛtwam a bɔne biara renka me.

Maskil.* Mpaeɛ a Dawid bɔeɛ berɛ a na ɔwɔ ɔbodan mu no.+

142 Meteam frɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me;+

Mesu frɛ Yehowa sɛ ɔnyɛ me adom.

 2 Mekɔ n’anim kɔka me dadwene kyerɛ no;

Mekɔ n’anim kɔka m’ahohia kyerɛ no+

 3 Berɛ a me honhom aboto* wɔ me mu no.

Ɛba saa a, wokyerɛ m’anammɔn kwan.+

Ɛkwan a mefa so no,

Wɔasum fidie wɔ so de ahinta me.

 4 Hwɛ me nifa so, na wobɛhu

Sɛ obiara nni hɔ a ɔdwene me ho.*+

Menni baabiara a mɛdwane akɔ;+

Me* ho nhia obiara.

 5 O Yehowa, mesu frɛ wo sɛ boa me.

Meka sɛ: “Wone me dwankɔbea;+

Me wiase nyinaa* ne wo.”

 6 Tie me sufrɛ,

Ɛfiri sɛ maboto koraa.

Wɔn a wɔtan m’ani no, gye me firi wɔn nsam,+

Na wɔn ho yɛ den sene me.

 7 Gye me* firi afiase

Na menyi wo din ayɛ.

Ma ateneneefoɔ ntwa me ho nhyia,

Ɛfiri sɛ wo ne me di no yie.

Dawid dwom.

143 O Yehowa, tie me mpaebɔ;+

Yɛ aso tie me sufrɛ.

Wo nokorɛdie ne wo tenenee nti, gye me so.

 2 Mfa w’akoa nnyina w’anim nnni m’asɛm,

Ɛfiri sɛ ɔteasefoɔ biara rentumi nni bem w’anim.+

 3 Atamfo taataa me;*

Wɔatiatia me nkwa so wɔ fam.

Wɔama matena sum mu te sɛ nnipa a wɔawuwu dadaada.

 4 Me honhom aboto;*+

Na m’akoma nso akyenkyene wɔ me mu.+

 5 Mekae tete mmerɛ mu;

Medwendwene wo nnwuma nyinaa ho;+

Wo nsa ano adwuma nso mesusu ho.*

 6 Metrɛ me nsam kyerɛ wo;

Mayɛ* sɛ asaase wesee a ɛrepɛ nsuo.+ (Sela)

 7 O Yehowa, yɛ ntɛm gye me so.+

M’ahoɔden asa.+

Mfa w’anim nhinta me,+

Anyɛ saa a mɛyɛ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ amena* mu.+

 8 Ma mente wo dɔ a ɛnni hwammɔ ho asɛm anɔpa,

Ɛfiri sɛ mede me ho ato wo so.

Kyerɛ me ɛkwan a memfa so,+

Na wo na m’ani da wo so.*

 9 O Yehowa, gye me firi m’atamfo nsam.

Wo nkyɛn na mehwehwɛ ahobammɔ.+

10 Kyerɛkyerɛ me ma menyɛ deɛ wopɛ,+

Na wone me Nyankopɔn.

Wo honhom yɛ;

Ma no nkyerɛ me kwan mfa baabi a ɛhɔ da fam.*

11 O Yehowa, wo din nti, kora me nkwa so.

Wo tenenee nti, gye me* firi ahohia mu.+

12 Wo dɔ a ɛnni hwammɔ nti, ma m’atamfo ase nhye;+

Sɛe wɔn a wɔtan m’ani* nyinaa,+

Ɛfiri sɛ meyɛ w’akoa.+

Dawid dwom.

144 Yehowa a ɔyɛ me Botan no,+ ayeyie nka no;

Ɔno na ɔtete me* ma metumi kɔ ɛko,

Na ɔkyerɛ me* sɛdeɛ mɛko.+

 2 Ɔno na ɔda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ me, na ɔno ne m’abandenden,

Me dwankɔbea* a ɛyɛ den ne me gyefoɔ;

Ɔyɛ me kyɛm ne me hintabea;+

Ɔno na ɔka nkurɔfoɔ gu me nan ase.+

 3 O Yehowa, onipa ne hwan a wobu ne ho akonta?

Na ɔdasani ne hwan a wodwene ne ho?+

 4 Onipa te sɛ hwenem mframa kɛkɛ;+

Ne nna te sɛ sunsum a ɛtwam kɔ.+

 5 O Yehowa, ma ɔsoro nkuntunu na siane bra fam;+

Fa wo nsa ka mmepɔ ma no mpu wisie.+

 6 Ma anyinam mmɔ m’atamfo nhwete;+

Toto w’agyan na ma wɔn ani so ntan wɔn.+

 7 Tene wo nsa firi soro;

Gye me, na yi me firi nsuo a ɛrebu fa so mu.

Gye me firi ananafoɔ nsam;+

 8 Wɔn ano ka atosɛm

Na wɔma wɔn nsa nifa so ka atorɔ ntam.*

 9 O Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ ama wo.+

Mede sankuo a ɛso nhoma yɛ du bɛto ayeyi dwom* ama wo;

10 Mɛto ama deɛ ɔma ahemfo di nkonim,*+

Na ɔgye n’akoa Dawid firi sekan a ɛdi awuo ano no.+

11 Ma mennya me ho ntete, na gye me firi ananafoɔ nsam;

Wɔn ano ka atosɛm

Na wɔma wɔn nsa nifa so ka atorɔ ntam.

12 Yɛn mma mmarima bɛyɛ sɛ nnua a ɛrenyini ntɛmntɛm,

Na yɛn mma mmaa ayɛ sɛ ntwea so adum a ɛwɔ ahemfie.

13 Nnuane ahodoɔ nyinaa bi bɛyɛ yɛn aduane korabea amaama,

Na yɛn nnwankuo a wɔgu abɔnten bɛbu abɔ ho mpempem bebree.

14 Yɛn anantwie a wɔnyenyem no rempira, na wɔrempɔn nso;

Yɛrente benabɔ biara wɔ yɛn mmɔnten so.

15 Anigyeɛ ne nnipa a ewie wɔn saa!

Anigyeɛ ne nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa!+

Dawid ayeyi dwom.

א [Aleph]

145 O me Nyankopɔn ne me hene, mɛkamfo wo;+

Mɛyi wo din ayɛ daa daa.+

ב [Beth]

 2 Mɛyi wo ayɛ daa nyinaa;+

Mɛyi wo din ayɛ daa daa.+

ג [Gimel]

 3 Yehowa yɛ kɛseɛ na ɔfata ayeyie paa;+

Yɛrentumi nhwehwɛ ne kɛseyɛ mu nwie.*+

ד [Daleth]

 4 Awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa bɛkamfo wo nnwuma,

Na wɔbɛka wo nnwuma akɛseɛ ho asɛm.+

ה [He]

 5 Wɔbɛka w’animuonyam ne wo kɛseyɛ ho asɛm,+

Na mɛdwendwene w’anwanwadwuma ho.

ו [Waw]

 6 Wɔbɛka wo nnwuma akɛseɛ* no ho asɛm,

Na me nso mɛka wo kɛseyɛ ho asɛm.

ז [Zayin]

 7 Wɔkae wo papayɛ bebrebe no a, wɔbɛka ho asɛm pii,+

Na wo tenenee nti wɔbɛbɔ ose.+

ח [Heth]

 8 Yehowa wɔ ayamhyehyeɛ* ne mmɔborɔhunu,+

Ne bo mfu ntɛm, na ne dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano.+

ט [Teth]

 9 Yehowa da ne papayɛ adi kyerɛ obiara,+

Na ne nnwuma nyinaa kyerɛ sɛ ɔwɔ mmɔborɔhunu.

י [Yod]

10 O Yehowa, wo nnwuma nyinaa bɛhyɛ wo animuonyam,+

Na w’anokwafoɔ bɛyi wo ayɛ.+

כ [Kaph]

11 Wo tumidie a ɛho wɔ nyam no, wɔbɛbɔ no dawuro,+

Na wɔaka wo kɛseyɛ nso ho asɛm+

ל [Lamed]

12 Ama nnipa ahu wo nnwuma akɛseɛ,+

W’animuonyam, ne wo tumidie.+

מ [Mem]

13 Wo tumidie yɛ daa tumidie,

Na awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu wodi hene.+

ס [Samekh]

14 Wɔn a wɔrehwe ase nyinaa Yehowa sɔ wɔn mu,+

Na ɔma wɔn a wɔahodwo nyinaa so gyina hɔ.+

ע [Ayin]

15 Wo na obiara ani da wo so,

Na woma wɔn aduane berɛ a ɛsɛ mu.+

פ [Pe]

16 Wobue wo nsam

Na woma ɔteasefoɔ biara nya deɛ ɔhia nyinaa.+

צ [Tsade]

17 Yehowa yɛ ɔteneneeni wɔ n’akwan nyinaa mu,+

Na ɔdi nokorɛ wɔ biribiara a ɔyɛ mu.+

ק [Qoph]

18 Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa;+

Ɔbɛn wɔn a wɔfrɛ no nokorɛdie mu* nyinaa.+

ר [Resh]

19 Ɔma wɔn a wɔsuro no nya deɛ wɔhia nyinaa;+

Ɔtie wɔn sufrɛ, na ɔgye wɔn.+

ש [Shin]

20 Yehowa wɛn wɔn a wɔdɔ no nyinaa,+

Na nnebɔneyɛfoɔ deɛ, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa.+

ת [Taw]

21 Mede m’ano bɛyi Yehowa ayɛ.+

Ma ateasefoɔ* nyinaa nyi ne din kronkron no ayɛ daa daa.+

146 Monyi Yah ayɛ!*+

Ma memfa m’akoma* nyinaa nyi Yehowa ayɛ.+

2 Mɛyi Yehowa ayɛ me nkwa nna nyinaa.

Mete nkwa mu yi deɛ, mɛto dwom* ama me Nyankopɔn.

 3 Mommfa mo ho nnto ɔdehyeɛ* anaa onipa ba so,

Ɛfiri sɛ ɔrentumi nnye obiara nkwa.+

 4 Ne honhom* firi ne mu, na ɔsan kɔ dɔteɛ mu;+

Da no ara, ne nsusuiɛ yera.+

 5 Anigyeɛ ne onipa a ne boafoɔ ne Yakob Nyankopɔn,+

Na n’anidasoɔ ne Yehowa, ne Nyankopɔn,+

 6 Deɛ ɔyɛɛ ɔsoro ne ɛhɔ nneɛma, asaase ne ɛso nneɛma,

Ne ɛpo ne emu nneɛma nyinaa no;+

Ɔno na ɔdi nokorɛ berɛ nyinaa,+

 7 Ɔno na ɔbu atɛn ma wɔn a nkurɔfoɔ sisi wɔn

Na ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane.*+

Yehowa na ɔyi wɔn a wɔda afiase.*+

8 Yehowa na ɔbue anifirafoɔ ani;+

Yehowa na ɔma wɔn a wɔahodwo so gyina hɔ;+

Yehowa dɔ ateneneefoɔ.

9 Yehowa na ɔbɔ ɔhɔhoɔ ho ban;

Ɔno na ɔdi boa agyanka ne okunafoɔ,+

Na nnebɔneyɛfoɔ agyinatuo deɛ, ɔma no yɛ kwa.*+

10 Yehowa bɛdi hene akɔsi daa;+

O Sion, wo Nyankopɔn bɛdi hene awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

Monyi Yah ayɛ!*

147 Monyi Yah ayɛ,*

Ɛyɛ sɛ yɛbɛto ayeyi dwom* ama yɛn Nyankopɔn;

Hwɛ sɛdeɛ ɛyɛ fɛ na ɛfata sɛ yɛbɛyi no ayɛ!+

2 Yehowa rekyekyere Yerusalem;+

Israelfoɔ a wɔahwete no, ɔboaboa wɔn ano.+

 3 Wɔn a wɔn akoma abubuo no, ɔsa wɔn yareɛ;

Ɔkyekyere wɔn akuro.

4 Ɔnim nsoromma dodoɔ;

Ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.+

 5 Yɛn Awurade yɛ kɛseɛ na ne tumi so;+

Yɛrentumi nhwehwɛ ne nteaseɛ mu nwie.+

6 Yehowa pagya ɔhobrɛasefoɔ,+

Na ɔdebɔneyɛfoɔ deɛ, ɔbrɛ no ase de no hwe fam.

 7 Monto dwom nna Yehowa ase;

Momfa sankuo nto ayeyi dwom mma yɛn Nyankopɔn;

 8 Ɔno na ɔde mununkum kata wiem,

Ɔno na ɔsiesie nsuo ma asaase,+

Ɔno na ɔma serɛ momono fifi+ mmepɔ so.

 9 Ɔma mmoa nya aduane,+

Na ɔma kwaakwaadabi mma a wɔresu nya aduane di.+

10 Ɔpɔnkɔ ahoɔden nka hwee mma no,+

Na sɛ onipa nan mu yɛ den mpo a, ɛnyɛ hwee wɔ n’ani so.+

11 Wɔn a wɔsuro Yehowa na n’ani gye wɔn ho;+

N’ani gye wɔn a wɔtwɛn ne dɔ a ɛnni hwammɔ no ho.+

12 O Yerusalem, hyɛ Yehowa animuonyam.

O Sion, yi wo Nyankopɔn ayɛ.

13 Ɔma wo kuro apono mmeamu mu yɛ den;

Ɔhyira wo mma a wɔwɔ kuro no mu.

14 Ɔma asomdwoeɛ ba w’asaase so;+

Ɔma wo hwiit papa* di mee.+

15 Ɔsoma n’ahyɛdeɛ ba asaase so;

N’asɛm de ahoɔherɛ kɔ.

16 Ɔma sukyerɛmma tɔ kata asaase so te sɛ odwan nwi;+

Ɔpete nsukyeneeɛ te sɛ nsõ.+

17 Ɔto n’asukɔtweaa gu te sɛ paanoo mporoporowa.+

Hwan na ɔbɛtumi agyina n’awɔ ano?+

18 Ɔsoma n’asɛm, na nsukyeneeɛ no nane.

Ɔma ne mframa bɔ,+ na nsuo no sene kɔ.

19 Ɔka n’asɛm kyerɛ Yakob,

Na ɔka n’ahyɛdeɛ ne n’atemmusɛm kyerɛ Israel.+

20 Ɔnyɛɛ ɔman biara saa;+

Wɔn deɛ, wɔnnim n’atemmusɛm ho hwee.

Monyi Yah ayɛ!*+

148 Monyi Yah ayɛ!*

Monyi Yehowa ayɛ wɔ soro;+

Monyi no ayɛ wɔ sorosoro.

 2 N’abɔfoɔ nyinaa, monyi no ayɛ.+

N’asafodɔm nyinaa, monyi no ayɛ.+

 3 Awia ne bosome, monyi no ayɛ.

Nsoromma a ɛhyerɛn nyinaa, monyi no ayɛ.+

 4 O ɔsoro mu soro, monyi no ayɛ,

Nsuo a ɛwɔ mununkum mu, monyi no ayɛ.

 5 Momma ne nyinaa nyi Yehowa din ayɛ,

Ɛfiri sɛ ɔnam n’ahyɛdeɛ so na ɛbɔeɛ.+

 6 Ɔde ne nyinaa asisi ne siberɛ daa daa.+

Ɔde ahyɛdeɛ atim hɔ a ɛrentwam da.+

 7 Monyi Yehowa ayɛ wɔ asaase so,

Mmoa akɛseɛ a mowɔ po ne subunu mu nyinaa,

 8 Anyinam ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne mununkum kusuu,

Ahum a modi n’asɛm so,+

 9 Mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa,+

Nnua a ɛso aba ne sida nnua nyinaa,+

10 Wuram mmoa+ ne afieboa nyinaa,

Mmoa a wɔwea ne ntakraboa,

11 Asaase so ahemfo ne aman nyinaa,

Adehyeɛ ne asaase so atemmufoɔ nyinaa,+

12 Mmeranteɛ ne mmabaawa,*

Nkɔkoraa* ne mmabunu nyinaa,

13 Momma wɔnyi Yehowa din ayɛ,

Na ne din nko ara na ɛkorɔn kyɛn edin biara.+

Ne kɛseyɛ tra asaase ne ɔsoro.+

14 Ɔbɛma ne man ahoɔden* ayɛ kɛseɛ,

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a n’anokwafoɔ nyinaa bɛnya animuonyam;

Sɛdeɛ Israel mma a wɔbɛn no no bɛnya animuonyam.

Monyi Yah ayɛ!*

149 Monyi Yah ayɛ!*

Monto dwom foforɔ mma Yehowa,+

Monyi no ayɛ wɔ anokwafoɔ asafo mu.+

 2 Ma Israel nni ahurisie wɔ ne Bɔfo Kɛseɛ no mu;+

Ma Sion mma ani nnye wɔn Hene ho.

 3 Momma wɔmfa asa nyi ne din ayɛ.+

Momma wɔmfa mpintin ne asankuo nto ayeyi dwom* mma no.+

 4 Ɛfiri sɛ Yehowa ani gye ne man ho.+

Ɔde nkwagyeɛ fira ahobrɛasefoɔ ma wɔn ho yɛ fɛ.+

 5 Momma anokwafoɔ nni ahurisie, animuonyam a wɔanya nti;

Momma wɔmmɔ ose wɔ wɔn mpa so.+

 6 Momma Onyankopɔn ho ayeyi nnwom nnyegye wɔ wɔn menewa mu,

Na wɔnkura sekan anofanu wɔ wɔn nsam,

 7 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtua aman so ka,

Na wɔatwe amanaman no aso;

 8 Na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn akyekyere wɔn ahemfo,

Na wɔn animuonyamfoɔ nso, wɔde dadeɛ mpokyerɛ agu wɔn;

 9 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a atemmuo a wɔatwerɛ ato hɔ sɛ ɛbɛba wɔn so no bɛba mu.+

Animuonyam a ɛte saa na ɛfata n’anokwafoɔ nyinaa.

Monyi Yah ayɛ!*

150 Monyi Yah ayɛ!*+

Monyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ne kronkronbea hɔ.+

Monyi no ayɛ wɔ wiase a ɛdi n’ahoɔden ho adanseɛ no mu.+

 2 Monyi no ayɛ wɔ n’anwanwadwuma ho.+

Ne kɛseyɛ bebrebe nti, monyi no ayɛ.+

 3 Mommɔ abɛn mfa nyi no ayɛ.+

Momfa sankuo ne sankuten nyi no ayɛ.+

 4 Momfa mpintin+ ne asa* nyi no ayɛ.

Momfa asankuo+ ne ntɛntɛbɛn*+ nyi no ayɛ.

 5 Momfa nnawuro* nnyegyeeɛ nyi no ayɛ.

Momfa nnawuro mmobom nyi no ayɛ.+

 6 Momma deɛ ɛhome nyinaa nyi Yah ayɛ.

Monyi Yah ayɛ!*+

Anaa “ɔkenkan Ne mmara no wɔ ne menewa mu.”

Anaa “dwendwene nsɛnhunu ho?”

Anaa “bom tu agyina.”

Anaa “ne Kristo no.”

Anaa “momma wɔmmɔ mo kɔkɔ.”

Nt., “Momfe ɔba no ano.”

Nt., “na ne bo.”

Nt., “moanyera wɔ ɛkwan no mu.”

Anaa “me kra.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “ɔma me ti so.”

Nt., “ma kwan kɛseɛ mmɛda hɔ mma me.”

Anaa “ɔbɛma wada nso.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “kyiri mogyahwiegufoɔ ne ɔdaadaafoɔ.”

Anaa “wo tenabea kronkron.”

Anaa “Wɔn ano yɛ dɛ.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Me kra aboto.”

Anaa “bɛgye me kra.”

Anaa “ntumi nkae wo.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “kwadwom.”

Anaa “me kra.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Anaa mede obi a ɔtan me kwa ho akyɛ no a.”

Anaa “me kra.”

Nt., “me nkwa.”

Anaa “akoma ne asaabo mu.”

Anaa “Onyankopɔn hwie afobusɛm.”

Anaa “Mɛbɔ nnwom.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wo a wɔka w’animuonyam ho asɛm ma no tra ɔsoro!”

Anaa “wɔn a wɔsɛ Onyankopɔn.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “mɛbɔ nnwom.”

Anaa “abantenten.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ne kra.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Na deɛ ɔpɛ mfaso bɔne no hyira ne ho.”

Anaa “ɔtɛ dɔtɔ mu.”

Anaa “Ɔde nsa a emu yɛ den moa.”

Nt., “onipa dasani a ɔfiri asaase mu.”

Anaa “me kra.”

Anaa “Ne kra kyiri.”

Nt., “mfidie.”

Adeɛ bi a ɛte sɛ atuduro a wɔde gu gya mu ma no dɛre.

Anaa “wɔbɛnya n’anim adom.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Wɔde anodɛ keka nsɛm kyerɛ nkurɔfoɔ.”

Anaa “wɔde nnaadaa akoma kasa.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “fononoo a ɛwɔ fam a wɔde nane adeɛ.”

Anaa “me kra so.”

Nt., “manna wɔ owuo mu.”

Anaa “wama me akatua kɛseɛ.”

Anaa “ɔnni nteaseɛ.”

Anaa “awoɔ ntoatoasoɔ.”

Anaa “deɛ n’abrabɔ di mu.”

Anaa “ɔngu wɔn anim ase.”

Nt., “ɔka ntam.”

Anaa “braeb.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “sɛdeɛ mete nka wɔ me mu.” Nt., “m’asaabo.”

Nt., “m’animuonyam nyinaa.”

Anaa “me honam te hɔ.”

Anaa “worennya me kra.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “nhu.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “nhunu porɔeɛ.”

Anaa “Bɔ wo mu ase na tie.”

Nt., “ntaban nwunu.”

Anaa “me kra.”

Anaa “Wɔn ankasa sradeɛ atwa wɔn ho ahyia.”

Anaa “wɔbɛtwe yɛn ahwe fam.”

Anaa “me kra.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “me gyefoɔ a ne ho yɛ den.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “m’abantenten.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “mframa ntaban.”

Anaa “mframa a ɛfiri wo hwene mu.”

Anaa “baabi a ɛhɔ trɛ.”

Nt., “me nsa a ɛho teɛ.”

Nt., “ahantan ani.”

Anaa “ɛwowa me.”

Anaa “Me nankɔn.”

Anaa “Wobɛma m’atamfo adane wɔn akyi ama me.”

Nt., “mɛma wɔaka wɔn ano atom.”

Anaa “bekusa.”

Anaa “mɛbɔ nnwom.”

Anaa “Nkonim akɛseɛ na ɔdi.”

Nt., “n’aba.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔn susuhoma duru.”

Anaa “ɔkra ho san no.”

Anaa “sika kɔkɔɔ a wɔayiyi mu fĩ.”

Anaa “mmarato pii.”

Ɛfiri nkyekyɛmu 1-5 no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔman no rekasa kyerɛ ɔhene no.

Nt., “Na ɔmmu wo hyeɛ afɔreɛ sɛ adɔre sradeɛ.”

Anaa “di nkonim.”

Anaa “n’ano abisadeɛ.”

Anaa “sika kɔkɔɔ a wɔayiyi mu fĩ.”

Nt., “W’agyan ahoma.”

Nt., “Yɛbɛto na yɛabɔ nnwom.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ nnwom nnyegyeeɛ anaa sɛdeɛ wɔto dwom no.

Anaa “Israel ayeyie ntam (so) na woteɛ.”

Anaa “wɔn ani anwu.”

Anaa “bɔɔ me ahohora.”

Nt., “wɔtoo me too wo so.”

Anaa “me kra.”

Nt., “M’adeɛ koro.” Ɛkyerɛ ne kra anaa ne nkwa.

Anaa “wuram nantwie.”

Nt., “aba.”

Nt., “aba.”

Nt., “Mo akoma nnya nkwa daa.”

Nt., “akɛsefoɔ.”

Anaa “ne kra.”

Nt., “aba.”

Nt., “me Dwanhwɛfoɔ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “nsuo a ɛho dwo ho.”

Anaa “Ɔdwodwo me kra.”

Anaa “deɛ ne nsam yɛ kronn.”

Anaa “Me kra.” Ɛkyerɛ Yehowa nkwa a obi de ka ntam.

Anaa “monsɔresɔre.”

Anaa “mema me kra so kyerɛ wo.”

Anaa “afatwafoɔ.”

Nt., “ahunu atemmuo.”

Anaa “Ne kra.”

Nt., “n’aba.”

Anaa “me kra.”

Anaa “sɛdeɛ mete nka wɔ me mu.” Nt., “m’asaabo.”

Anaa “ntena.”

Anaa “memfa me ho mmɔ nyaatwomfoɔ.”

Anaa “ntena.”

Anaa “me kra.”

Anaa “wɔn a wɔhwie mogya guo.”

Anaa “braeb.”

Nt., “Nhyiamu kɛseɛ ase.”

Anaa “anisɔ.”

Anaa “ne tenabea kronkron.”

Anaa “Mɛbɔ nnwom.”

Anaa “m’atamfo kra.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Anokwa, mewɔ gyidie sɛ mɛhu Yehowa papayɛ wɔ ateasefoɔ asaase so.”

Anaa “adamena.”

Anaa “Yɛ odwanhwɛfoɔ ma wɔn.”

Anaa “nsom.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Yehowa animuonyam kronkron nti, monkoto no.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Lebanon mmepɔ.

Anaa “wuram nantwie.”

Anaa “ɛpo a ɛwɔ wiem.”

Anaa “woatwe me.”

Anaa “woayi me kra.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “adamena.”

Anaa “mommɔ nnwom.”

Nt., “nkaeɛ.”

Anaa “menyaa w’anim adom.”

Anaa “adamena.”

Nt., “me mogya.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Bɔ wo mu ase na tie.”

Nt., “Asau a wɔde ahinta me no, wobɛgye me afiri mu.”

Anaa “Onyankopɔn nokwafoɔ.”

Anaa “me kra ahohia.”

Anaa “baabi a ɛhɔ trɛ.”

Anaa “me kra ne me yafunu.”

Anaa “wɔbɛgye me kra afiri me nsam.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “kɛtrɛma a ɛreham.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wɔde ne bɔne akyɛ no.”

Anaa “W’abufuo.”

Anaa “mmɔ nnwom.”

Anaa “ahome.”

Nt., “emu asafo nyinaa.”

Anaa “agyina.”

Anaa “ɔremma wonni nkonim.”

Anaa “ɔgye wɔn kra.”

Anaa “Yɛn kra ani.”

Anaa “Yehowa mu na me kra bɛhoahoa ne ho.”

Anaa “Agyatanini.”

Anaa “wɔn honhom abotoɔ.”

Anaa “haw.”

Anaa “n’asomfoɔ kra.”

Akyɛm nketewa a agyantofoɔ taa kura.

Anaa “akuma a afanu nyinaa tumi twa.”

Anaa “me kra.”

Anaa “me kra.”

Anaa “me kra.”

Anaa “me kra bɛdi.”

Anaa “mete nka sɛ me kra ahwere adeɛ.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Medii mmuada.”

Anaa “me kra ase.”

Anaa “Na berɛ a me mpaebɔ san bɛguu me kokom no.”

Anaa “mesuntiiɛ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “keeki nti, nnebɔneyɛfoɔ di me ho fɛ.”

Anaa “me kra.”

Nt., “M’adeɛ koro,” ɛkyerɛ ne kra anaa ne nkwa.

Anaa “agyatanini.”

Anaa “deɛ yɛn kra rehwehwɛ.”

Anaa “Ɛno na mɛdwedwene wo trenee ho.”

Nt., “Onyankopɔn mmepɔ.”

Anaa “wogye onipa ne aboa nkwa.”

Anaa “sradeɛ.”

Anaa “Wone nkwa nsutire.”

Anaa “Ma w’ani nka Yehowa ho.”

Anaa “Nya aboterɛ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Mma nneɛma nnha wo ɛfiri sɛ deɛ ɛbɛwie ara ne bɔne.”

Nt., “Yehowa nim wɔn a wɔdi mu no nkwa nna.”

Anaa “ɔdom nkurɔfoɔ.”

Anaa “Ɔma n’anammɔn tim.”

Anaa “Yehowa de ne nsa bɛsɔ ne mu.”

Nt., “paanoo.”

Anaa “Nyansa na ɔteneneeni de n’ano besebese.”

Anaa “onipa a n’abrabɔ di mu.”

Anaa “wɔde yɛ nkaeɛ.”

Nt., “me honam baabiara nni hɔ a ɛte apɔ.”

Nt., “M’asene mu nyinaa hyehye me.”

Anaa “mebobom.”

Anaa “me kra.”

Nt., “m’atamfo te ase.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Nanso wɔn a wɔtan me kwa no yɛ bebree.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “M’akoma yɛɛ hyehyeehye wɔ me mu.”

Anaa “mesi apini.”

Anaa “Menhu sɛ mammɛtena ase ankyɛ.”

Nt., “ayɛ sɛ nsayam kakraa bi.”

Nt., “Ɔyɛ dede.”

Anaa “Meyɛ otubrafoɔ.”

Anaa “Mede aboterɛ twɛn Yehowa.”

Anaa “ɔbɔɔ ne mu ase tiee me.”

Anaa “atorofoɔ.”

Anaa “Woampɛ afɔreɛ ne ayɛyɛdeɛ.”

Anaa “deɛ m’ani gye ho.”

Anaa “me kra.”

Anaa “n’atamfo kra.”

Anaa “me kra.”

Nt., “me paanoo.”

Anaa “wama ne nantin so atia me.”

Anaa “Firi mmerɛsanten kɔsi mmerɛsanten.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “me kra ani.”

Anaa “de me kra.”

Anaa “mehwie me kra gu hɔ.”

Anaa “bɔkɔɔ.”

Anaa “me kra abotoɔ?”

Anaa “me kra aboto.”

Anaa “Bepɔ ketewa no.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ,“M’atamfo di me ho fɛ te sɛ deɛ wɔrebubu me nnompe mu.”

Anaa “me kra abotoɔ?”

Anaa “me kra abotoɔ?”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Hyɛ ma.”

Anaa “nnya nkwagyeɛ kɛseɛ.”

Anaa “womfa wɔn nnye aboɔden.”

Nt., “de yɛn ayɛ akasabebuo.”

Anaa “yɛn kra.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “Me nnwuma.”

Nt., “bɛkyerɛkyerɛ wo.”

Anaa “tenenee.”

Anaa “ɔsono se.”

Anaa “anwene n’ataadeɛ.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “yɛn abantenten.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “akyɛm.”

Anaa “odwennini abɛn; totorobɛnto.”

Anaa “Mommɔ nnwom.”

Nt., “akyɛm.”

Anaa “ɔyɛ abantenten.”

Anaa “ayɛ nhyehyɛeɛ ahyia.”

Nt., “mma mmaa.”

Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “de akɔsi owuo mu.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “Adasamma ne nnipa mma nyinaa.”

Anaa “bɛkyerɛkyerɛ m’aborɔme.”

Nt., “mfomsoɔ.”

Anaa “ne yɔnko.”

Anaa “ɔrentumi mma Onyankopɔn agyedeɛ.”

Anaa “pata.”

Anaa “onipa kra.”

Anaa “adamena.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bɛgye me kra.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ne kra.”

Anaa “Tweaduampɔn Nyankopɔn Yehowa.”

Anaa “awiapueeɛ kɔsi awiatɔeɛ.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Nt., “woto me nsɛm gu w’akyi.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wokɔka ne ho.”

Anaa “wosɛe ne din.”

Anaa “te.”

Anaa “m’adwenem.”

Anaa “Na meyɛ ɔbɔnefoɔ firi berɛ a me maame nyinsɛnee me.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Mfa w’ani nhwɛ me bɔne.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “n’abandenden.”

Nt., “ɔhaw a ɔno ara de ba so.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ɔnni nteaseɛ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wɔbɔ hu nanso biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛbɔ wɔn hu.”

Nt., “wɔbɔ wo so nsra no.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “rehwehwɛ me kra.”

Anaa “Wɔmfa Onyankopɔn nsi wɔn ani so.”

Anaa “me kra.”

Nt., “ma wɔnka wɔn ano ntom.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Na sɛ mesrɛ wo hɔ mmoa a, mfa wo ho nhinta me.”

Nt., “yɛ wɔn kasa basabasa.”

Anaa “onipa a ɔne me yɛ pɛ.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “meyɛ hagyahagya.”

Anaa “Ɔbɛgye me kra.”

Kyerɛ sɛ, deɛ berɛ bi na ɔyɛ n’adamfo a nky. 13 ne 14 kaa ne ho asɛm no.

Nt., “Ne nsɛm yɛ bɛtɛɛ.”

Anaa “nhinhim.”

Anaa “Wɔn a wɔdi mogya ho fɔ.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “repɛ me amene me.”

Nt., “ɔhonam.”

Anaa “wɔrepɛ me kra.”

Nt., “toa a wɔde aboa nwoma ayɛ.”

Anaa “woagye me kra.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ayɛ me kra.”

Anaa “me kra.”

Anaa “bɛsum me nan.”

Anaa “me kra aboto.”

Anaa “Mɛbɔ nnwom.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Nnebɔneyɛfoɔ aporɔ.”

Anaa “firi awotwaa mu.”

Anaa “agyatanini a wɔn ho yɛ den.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “wɔnkɔtetɛ fie hɔ.”

Anaa “wɔn a wɔhwie mogya guo.”

Anaa “me kra.”

Anaa “Afatwafoɔ.”

Anaa “nsɛm a ɛpue firi wɔn anom.”

Nt., “Wɔn ano.”

Anaa “m’abantenten.”

Anaa “mɛbɔ nnwom.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bobesa.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “woama wɔn ahyɛnsodeɛ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Onyankopɔn aka wɔ ne kronkronbea.”

Anaa “Asaasetraa.”

Nt., “abandenden.”

Hebri asɛmfua no kyerɛ poma tenten bi a ɛkyerɛ hokwan a onipa titire bi wɔ sɛ ɔhyehyɛ mmara ma nkurɔfoɔ.

Nt., “me dwaresɛn a mehohoro me nsa anaa me nan ho wom.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “kuro a wɔagye ho ban.”

Anaa “Ɔbɛtena Onyankopɔn anim.”

Anaa “mɛbɔ nnwom.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “me kra retwɛn.”

Anaa “abantenten.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Mo nyinaa moato ahyɛ ne so, na moama no ayɛ te sɛ ɔfasuo a akyea, anaa ɔfasuo a wɔde aboɔ ayɛ a ɛrebɛdwiri agu.”

Anaa “ama n’animuonyam abɔ no.”

Anaa “O me kra, yɛ komm twɛn Onyankopɔn.”

Adeɛ a wɔde susu biribi mu duro.

Anaa “me kra.”

Nt., “Me nipadua ani.”

Anaa “Me kra anya.”

Nt., “sradeɛ.”

Anaa “mmerɛ a awɛmfoɔ de wɛn anadwo no.”

Anaa “Me kra bata.”

Anaa “wɔrehwehwɛ me kra asɛe no.”

Anaa “bɛhoahoa ne ho.”

Anaa “Obiara hyɛ ne yɔnko nkuran ma no di bɔne.”

Anaa “bɛhoahoa wɔn ho.”

Nt., “wo nkyɛn na ɔhonam.”

Anaa “wo tenabea kronkron.”

Nt., “Ɔde n’ahoɔden.”

Nt., “Wahyɛ.”

Nt., “Ɔma.”

Nt., “sradeɛ sosɔ wɔ w’akyi.”

Nt., “sosɔ.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “Asaasetraa nyinaa, nnɔbaeɛ ayɛ so ma.”

Anaa “Mommɔ nnwom.”

Anaa “Ɔde yɛn kra si nkwa mu.”

Anaa “nwatiri; nhinhim.”

Nt., “abɔ yɛn asene.”

Nt., “yɛn tiri so.”

Anaa “me kra.”

Anaa “bɛma ne nnɔbaeɛ.”

Anaa “bɛhyɛ no animuonyam.”

Anaa “mommɔ nnwom.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔnam mununkum so.”

“Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Nt., “temmufoɔ.”

Anaa “Atuatefoɔ.”

Nt., “nsu sosɔ.”

Nt., “w’agyapadeɛ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “motete nnwammuo ntam.”

Anaa “Ɛyɛɛ sɛdeɛ sukyerɛmma atɔ wɔ Salmon.”

Anaa “bepɔ kɛseɛ.”

Anaa “pɛ sɛ ɔde yɛ.”

Anaa “ɔnam afobuo.”

Nt., “nhyiamu.”

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ahemmɔfoɔ bɛfiri Egypt aba.”

Anaa “Mommɔ nnwom.”

Nt., “mununkum mu.”

Nt., “wo.”

Anaa “me kra.”

Anaa “Mamem atɛkyɛ mu.”

Anaa “m’ani ayɛ siamoo.”

Anaa “wɔn a wɔtan me kwa.”

Anaa “medii mmuada.”

Anaa “brɛɛ me kra.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Berɛ a mesuiɛ na medii mmuada.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “de me yɛɛ akasabebuo.”

Anaa “amena.”

Anaa “me kra.”

Anaa “na m’abam abu.”

Anaa “tenabea a wɔagye ho ban no.”

Anaa “nkwa nwoma.”

Anaa “monhyɛ mo akoma den.”

Kyerɛ sɛ, asaase no so.

Anaa “wɔde yɛ nkaeɛ.”

Anaa “wɔrepɛ me kra.”

Anaa “Bɔ wo mu ase na tie.”

Anaa “Wone m’ahotɔsoɔ.”

Anaa “wɔrepɛ me kra.”

Anaa “wɔne me kra.”

Anaa “merentumi mmu ne dodoɔ ano.”

Nt., “basa.”

Anaa “subunu.”

Anaa “bɛbɔ nnwom ama wo.”

Anaa “woagye me kra.”

Anaa “bɛdwendwene wo tenenee ho.”

Nt., “Ma no mmu atɛn mma.”

Nt., “bɛfefɛ.”

Anaa “Ɔbɛnya ɔmanfoɔ.”

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Anaa “ahiafoɔ kra.”

Anaa “Ɔbɛgye wɔn kra.”

Anaa “Nnɔbaeɛ.”

Anaa “ahohoahoafoɔ.”

Anaa “Wɔn afuru ayeyɛ akɛseɛ.”

Nt., “Sradeɛ.”

Nt., “wo mma awoɔ ntoatoasoɔ.”

Nt., “wobɛbu wɔn nipaban animtia.”

Nt., “m’asaabo mu.”

Anaa “Wɔn a wɔnni nokorɛ mma wo.”

Nt., “wobɛma wɔaka wɔn ano atom.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “w’abufuo repu wisie gu wɔn so saa?”

Nt., “w’asafo.”

Anaa “baabi a wɔsom Onyankopɔn wɔ.”

Anaa “Yi firi w’ataadeɛ mu.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “kanea.”

Anaa “kra.”

Nt., “renane.”

Nt., “Mommmema mo mmɛn so.”

Anaa “Bobesa.”

Anaa “Mɛbɔ nnwom.”

Nt., “Mɛtwitwa nnebɔneyɛfoɔ mmɛn nyinaa agu.”

Nt., “mmɛn deɛ, wɔbɛma so.”

Anaa “Hann atwa wo ho ahyia.”

Nt., “atumfoɔ honhom.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “me nsa nnyene.”

Anaa “me kra nnya.”

Nt., “me honhom tɔ piti.”

Anaa “sankudwom.”

Nt., “Me honhom.”

Anaa “Ne dɔ a ɛnni hwammɔ.”

Anaa “ɛwowɔ me mu.”

Nt., “asesa sɛdeɛ ɔde ne nsa nifa di ma yɛn no.”

Nt., “wo basa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “m’akwankyerɛ.”

Anaa “aborɔme na mɛto.”

Anaa “aduane a wɔn kra pɛ.”

Anaa “abɔfoɔ.”

Nt., “paanoo.”

Anaa “Werɛdifoɔ.”

Nt., “ɔkataa wɔn bɔne so.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Na sɛ wɔn honhom no kɔ a, ɛnsan mma bio.”

Anaa “dii wɔn ho yea.”

Nt., “ne nsa.”

Ɛyɛ ntummoa bi a wɔkeka.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “yareɛ.”

Anaa “wɔn kra.”

Nt., “wɔn nkwa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “Wɔanyi ne mmaabunu nso ayɛ.”

Anaa “bobesa.”

Nt., “Ɔsii ne tenabea kronkron te sɛ adeɛ a ɛwɔ sorosoro.”

Anaa “Ɔde akoma a ɛdi mu hwɛɛ wɔn.”

Nt., “kata yɛn bɔne so.”

Nt., “Owuo mma no.”

Nt., “wo basa.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ma wɔn ahofadie.”

Nt., “Dwanhwɛfoɔ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “kerubim ntam.”

Anaa “Ma wo hyerɛn nna adi.”

Nt., “mpaebɔ bɛhuru wo bo.”

Nt., “paanoo.”

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Anaa “Bobeturo.”

Anaa “Bobe abaa.”

Anaa “baa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “kasa.”

Nt., “Aprannaa ahintaeɛ.”

Ɛkyerɛ, “Akasakasa.”

Nt., “Wɔnantee wɔn ankasa agyinatuo mu.”

Nt., “wɔn berɛ rentwam da.”

Nt., “ɔbɛma no,” kyerɛ sɛ, Onyankopɔn nkurɔfoɔ.

Nt., “hwiit mu sradeɛ.”

Anaa “Tweaduampɔn dwabɔ.”

Anaa “wɔn a wɔte sɛ anyame.”

Anaa “wɔn a wɔte sɛ anyame.”

Anaa “mmua w’ano.”

Anaa “amema wɔn ti so.”

Nt., “wode wɔn ahinta.”

Nt., “Wɔka bom de akoma korɔ tu agyina.”

Anaa “Wɔkɔ apam.”

Nt., “Edomfoɔ ne Ismaelfoɔ a wɔtete ntomadan mu.”

Nt., “basa.”

Anaa “subɔn.”

Anaa “bɔɔla.”

Anaa “Wɔn akannifoɔ.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “som bo ma me.”

Anaa “Me kra ani.”

Anaa “baka nnua bɔn.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no de nhyira dura ne ho.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “O Onyankopɔn, hwɛ yɛn kyɛm.”

Nt., “woakata so.”

Anaa “san fa yɛn bra.”

Anaa “bɛma yɛadi yie.”

Anaa “bɔ wo mu ase na tie.”

Anaa “Hwɛ me kra.”

Anaa “w’akoa kra.”

Anaa “mema me kra so kyerɛ wo.”

Anaa “Ma me akoma mũ, na mensuro.”

Anaa “woagye me kra.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “rehwehwɛ me kra.”

Anaa “wɔmfaa wo nsii wɔn ani so.”

Anaa “Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ.”

Anaa “adanseɛ.”

Anaa “wɔgye me tom.”

Anaa “Wo mu na me nsuo aniwa nyinaa wɔ.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Bɔ wo mu ase na tie.”

Anaa “ahyɛ me kra.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “adamena.”

Anaa “Mayɛ sɛ ɔbarima a ɔnni ahoɔden.”

Anaa “woayi wo nsa afiri ne so.”

Anaa “wɔ Abadon.”

Anaa “woapo me kra?”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ba me so prɛko pɛ.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bɛtena hɔ daa.”

Nt., “w’aba.”

Nt., “ma yɛn abɛn so.”

Nt., “bɛma n’abɛn so.”

Nt., “n’aba.”

Nt., “Na me nokorɛdie nso, meremma no nnane atorɔ.”

Nt., “N’aba.”

Anaa “n’ahemmotire.”

Nt., “woama wɔn nsa nifa so.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “masoa aman pii adapaatwa wɔ me kokom.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “yɛn dwankɔbea.”

Anaa “mmerɛ a wɔde wɛn no mu baako.”

Anaa “Woma yɛn mfomsoɔ ba w’anim.”

Anaa “nkwa.”

Anaa “te sɛ ahomeguo.”

Anaa “nsi yie.”

Anaa “ma no nsi yie.”

Anaa “bɛgye wo ho ban.”

Anaa “akoban.”

Nt., “akatua.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “abandenden; dwankɔbea.”

Nt., “ɔde ne ho abata me ho.”

Anaa “wahu me nkwagyeɛ.”

Anaa “yɛabɔ nnwom.”

Anaa “serɛ.”

Nt., “wobɛma m’abɛn so.”

Anaa “wuram nantwie.”

Anaa “Sɛ wɔfu dwene.”

Nt., “adɔre sradeɛ.”

Anaa “bɛlt.”

Anaa “kronkronyɛ fata.”

Nt., “ɔde aso sisii hɔ.”

Anaa “Anka me kra reyɛ akɔ kommyɛ mu.”

Anaa “adwendwene.”

Anaa “yɛɛ bebree wɔ me mu no.”

Anaa “W’awerɛkyekyerɛ na ɛmaa me kra ani gyeeɛ.”

Anaa “atemmufoɔ.” Nt., “ahennwa.”

Anaa “braeb.”

Anaa “ɔteneneeni kra.”

Nt., “deɛ ne ho nni asɛm nso, wɔbu ne mogya fɔ.”

Anaa “abantenten.”

Nt., “bɛma wɔaka wɔn ano atom.”

Nt., “bɛma wɔaka wɔn ano atom.”

Nt., “Ne ne nsam nnwan.”

Ɛkyerɛ, “Akasakasa.”

Ɛkyerɛ, “Sɔhwɛ.”

Anaa “nsom.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Yehowa animuonyam ne ne kronkronyɛ nti, monkoto no.”

Anaa “Ɔbɛdi aman asɛm ama wɔn.”

Anaa “waba.”

Anaa “monsom no.”

Nt., “Yuda mma mmaa.”

Anaa “Ɔwɛn n’anokwafoɔ kra.”

Nt., “monkamfo ne nkaeɛ.”

Anaa “ama no adi nkonim.”

Anaa “nkonimdie.”

Anaa “mmɔ nnwom.”

Anaa “mmɔ nnwom.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “kerubim ntam.”

Anaa “monsom no.”

Nt., “wode awerɛdie baa wɔn so.”

Anaa “monsom no.”

Anaa “Monnye ntom.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “na ɛnyɛ yɛn ankasa.”

Anaa “mɛbɔ nnwom.”

Anaa “mɛma m’abrabɔ adi mu.”

Anaa “Meremfa adehunu biara.”

Anaa “Wɔn nneyɛɛ remmɛn me.”

Nt., “Merenhunu adebɔne.”

Anaa “Mɛyi no afiri hɔ.”

Anaa “Deɛ n’abrabɔ di mu no.”

Nt., “ɔbɛgyina m’ani so.”

Anaa “mɛyi asaase so amumuyɛfoɔ nyinaa afiri hɔ.”

Anaa “berɛ a wabotoɔ.”

Anaa “Bɔ wo mu ase na tie me.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Matwintwam.”

Anaa “Wɔn a wɔtweetwee me.”

Nt., “me paanoo.”

Nt., “wo nkaeɛ bɛtena hɔ.”

Nt., “ɔbɛbɔ wɔn aba wiase daakye.”

Anaa “Ma me kra nyi.”

Anaa “Ma me kra nyi.”

Anaa “adamena.”

Anaa “yɛ mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ.”

Anaa “ɔrennya yɛn ho menasepɔ daa.”

Nt., “Na ne siberɛ nhu no bio.”

Anaa “firi mmerɛsanten kɔsi mmerɛsanten.”

Nt., “mote ne nne a ɔde kasa.”

Anaa “me kra.”

Anaa “Ma me kra nyi.”

Anaa “anidie.”

Anaa “Ɛrenhinhim da.”

Anaa “bobesa.”

Nt., “paanoo.”

Anaa “ma n’akoma nya.”

Anaa “Agyatanini a wɔn ho yɛ den.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “mɛbɔ nnwom.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ma deɛ medwene fa ne ho no nsɔ n’ani.”

Anaa “Ma me kra nyi.”

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “mommɔ nnwom.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Monka n’anwanwadwuma nyinaa ho asɛm.”

Nt., “aba.”

Nt., “Asɛm a ɔka kyerɛɛ.”

Nt., “Ɔbubuu paanoo nnua biara.” Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ nnua a na wɔde paanoo sensɛn so de sie.

Nt., “teetee.”

Anaa “Wɔde dadeɛ kyekyeree ne kra.”

Nt., “ɔnkyekyere n’adehyeɛ.”

Anaa “sɛdeɛ ne kra pɛ.”

Ɛyɛ ntummoa bi a wɔkeka.

Anaa “gyaframa.”

Anaa “ɔwatiriiɛ.”

Nt., “na wɔn.”

Nnomaa bi a wɔte sɛ nkokɔhwedeɛ.

Nt., “paanoo.”

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “ahoahoa yɛn ho.”

Anaa “annya ne tiri annidi mu.”

Anaa “bobɔɔ wɔn kra.”

Anaa “honi a wɔaguo.”

Nt., “gyinaa ɔne wɔn ntam.”

Anaa “wɔde wɔn ho kɔbɔɔ.”

Kyerɛ sɛ, afɔreɛ a wɔbɔ ma awufoɔ anaa anyame a nkwa nni wɔn mu.

Ɛkyerɛ, “Akasakasa.”

Nt., “Wɔhyɛɛ ne honhom ahometeɛ.”

Anaa “adaemone.”

Nt., “Wɔbɛhyɛɛ wɔn nsa.”

Anaa “ne dɔ bebrebe.”

Anaa “ɔgyae maa no kaeɛ.”

Anaa “Na yɛn ho nsɛpɛ yɛn wɔ w’ayeyie mu.”

Anaa “Firi mmerɛsanten kɔsi mmerɛsanten.”

Anaa “Ɛnyɛ hɔ!”

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “Awiapueeɛ ne awiatɔeɛ.”

Anaa “Wɔn kra yɛɛ.”

Anaa “sukɔm de ne kra.”

Anaa “ɛkɔm de ne kra.”

Anaa “wɔn kra.”

Anaa “owuo pono.”

Anaa “ehu ka wɔn kra.”

Nt., “adwa.”

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.

Anaa “bobeturo.”

Anaa “ɔpagya ahiafoɔ,” kyerɛ sɛ, ɔyi wɔn kɔ akyirikyiri.

Nt., “m’animuonyam nyinaa.”

Anaa “Mɛbɔ nnwom.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Onyankopɔn aka wɔ ne kronkronbea.”

Anaa “Asaasetraa.”

Nt., “abandenden.”

Hebri asɛmfua no kyerɛ poma tenten bi a ɛkyerɛ hokwan a onipa titire bi wɔ sɛ ɔhyehyɛ mmara ma nkurɔfoɔ.

Nt., “me dwaresɛn a mehohoro me nsa anaa me nan ho wom.”

Anaa “ɔnni fɔ sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.”

Nt., “ne mma mmarima.”

Nt., “ne mma mmarima.”

Anaa “ɔdɔ a ɛnni hwammɔ.”

Anaa “ɔdɔ a ɛnni hwammɔ.”

Anaa “bɛlt.”

Anaa “me kra.”

Anaa “Mmuadadie.”

Nt., “Me honam atwintwam, na sradeɛ biara nni me honam ani.”

Anaa “ataadeɛ nsasini.”

Anaa “wɔkasa tia ne kra.”

Anaa “Ɛda a w’asraafoɔ bɛsiesie wɔn ho akɔ ɛko no.”

Nt., “bosuo a ɛfiri adekyeeɛ yam.”

Anaa “ɔrennu ne ho.”

Anaa “amanaman no ntam atɛn.”

Anaa “asaase no nyinaa.”

Nt., “ti.”

Ɛfa “me Wura” a wɔaka ne ho asɛm wɔ nky. 1 no ho.

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “Yehowa yɛ ɔdomfoɔ.”

Anaa “Ɛwɔ nnyinasoɔ daa daa.”

Nt., “Wɔn a wɔdi so.”

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “Ɔyɛ ɔdomfoɔ.”

Anaa “ɔfiri n’akoma mu.”

Anaa “Wayi ne yam akyɛ adeɛ pii.”

Nt., “N’abɛn.”

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “awiapueeɛ kɔsi awiatɔeɛ.”

Anaa “Deɛ ɔte ahennwa so wɔ.”

Anaa “bɔɔla.”

Anaa “ɔbaa a ɔnwo.”

Nt., “ɔbaa a ɔwɔ mma mmarima.”

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “kronkronbea.”

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.

Anaa “twerɛboɔ.”

Anaa “Biribiara nyɛ yɛn dea, O Yehowa, biribiara nyɛ yɛn dea.”

Nt., “ne mo mma mmarima.”

Nt., “Wɔn a wɔakɔda dinn.”

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Mewɔ ɔdɔ, ɛfiri sɛ Yehowa tie.”

Anaa “Ɔbɔ ne mu ase tie.”

Anaa “Enti me nkwa nna nyinaa.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “Sheol ahohia sɔɔ me mu.”

Anaa “gye me kra!”

Anaa “Yehowa yɛ ɔdomfoɔ.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Woagye me kra.”

Anaa “nkwagyeɛ kɛseɛ.”

Nt., “aboɔden.”

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “Mmusua.”

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

“Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “baabi a ɛhɔ trɛ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Yehowa ka wɔn a wɔboa me no ho.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wosum me dendeenden.”

Anaa “nkonimdie.”

Nt., “tweatiboɔ.”

Anaa “wɔn abrabɔ di mu.”

Anaa “Mɛsua w’ahyɛdeɛ.”

Anaa “me kra ani.”

Anaa “w’ahyɛdeɛ na mesua.”

Anaa “me kra da.”

Nt., “w’ahyɛdeɛ kwan.”

Anaa “mɛsua w’anwanwadwuma ho adeɛ.”

Anaa “me kra ntumi.”

Anaa “mma m’ani nnwu.”

Nt., “Wo mmara nsɛm kwan so na mɛtu mmirika.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Woma m’akoma nya ahotɔsoɔ.”

Anaa “Ma mennante wo mmara nsɛm kwan so.”

Anaa “mfasopɛ.”

Anaa “Asɛm a woaka akyerɛ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ɛbɔ a woahyɛ wɔn a wɔsuro wo no, ma no mmra mu.”

Anaa “w’asɛm teɛ.”

Anaa “meretwɛn.”

Anaa “ɛhɔ trɛ.”

Anaa “w’ahyɛdeɛ na mɛsua.”

Anaa “ɛbɔ a woahyɛ.”

Anaa “Ɛno na womaa metwɛneeɛ.”

Anaa “Baabi a makɔsoɛ sɛ ɔhɔhoɔ no.”

Anaa “Mede m’akoma nyinaa hwehwɛ w’anim adom.”

Anaa “w’asɛm.”

Anaa “na meyɛ bɔne a mennim.”

Nt., “Wɔn akoma ada sɛ sradeɛ.”

Anaa “Ɛfiri sɛ metwɛn wo nsɛm.”

Anaa “Sɛdeɛ woaka akyerɛ w’akoa no.”

Anaa “Ɛfiri sɛ wɔdaadaa me kwa.”

Anaa “mɛsua.”

Anaa “Wo nkwagyeɛ abɔ me kra yareɛ.”

Anaa “Ɛfiri sɛ metwɛn wo nsɛm.”

Nt., “toa a wɔde aboa nwoma ayɛ.”

Kyerɛ sɛ, n’abɔdeɛ nyinaa atena hɔ.

Nt., “emu dɔ yie.”

Anaa “mesua.”

Anaa “mesua wo nkaesɛm.”

Nt., “m’anom afɔreɛ.”

Anaa “Me kra da me nsam daa.”

Anaa “nnipa a wɔn akoma mu akyɛ mmienu.”

Anaa “Ɛfiri sɛ metwɛn wo nsɛm.”

Anaa “Sɛdeɛ w’asɛm teɛ.”

Anaa “Mma m’anidasoɔ nnane animguaseɛ.”

Hebri asɛmfua yi kyerɛ efĩ a wɔyi firi sika kɔkɔɔ anaa dwetɛ mu berɛ a wɔanane.

Nt., “me nipadua.”

Anaa “w’asɛm.”

Anaa “sika kɔkɔɔ a wɔayiyi mu fĩ.”

Anaa “ahyɛdeɛ.”

Anaa “me kra di so.”

Anaa “M’ani agyina wo mmara nsɛm, enti mede ahoperɛ abue m’anom hoo.”

Anaa “Kyerɛ me sɛdeɛ mɛtutu m’anammɔn yie.”

Anaa “Sere kyerɛ.”

Anaa “anɔpatutuutu a animu nteteeɛ.”

Anaa “Ɛfiri sɛ metwɛn wo nsɛm.”

Anaa “mmerɛ a awɛmfoɔ de wɛn anadwo.”

Anaa “matumi asua w’asɛm.”

Anaa “wɔbɔ ahohwibra.”

Anaa “w’asɛm teɛ.”

Anaa “Biribiara nto wɔn suntidua.”

Anaa “Me kra di.”

Anaa “w’asɛm teɛ.”

Anaa “Ma me kra ntena nkwa mu.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “gye me kra.”

Nt., “na deɛn na ɔde bɛka wo ho?”

Anaa “Me kra atena.”

Anaa “wo nan nhinhim.”

Anaa “wo kra.”

Nt., “Yehowa bɛwɛn wo nkɔreeɛ ne wo mmaeɛ.”

Anaa “yɛn nan abɛgyina w’apono ano.”

“Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.

Anaa “ama fɛdie amee yɛn kra dodo.”

Anaa “yɛn kra.”

Anaa “yɛn kra.”

Anaa “Yɛn kra te sɛ.”

Anaa “rentene wɔn nsa.”

Anaa “ma wɔnsi wɔn dada mu.”

Anaa “bɔn a ɛwɔ anaafoɔ fam.”

Anaa “Mma mmarima.”

“Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “wodi akyire.”

Anaa “me kra ani da ne so.”

Anaa “me kra retwɛn.”

Anaa “madwodwo me ho na mayɛ komm.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Ɔkra.”

Anaa “abɔfra a watwa nufoɔ.”

Anaa “Me kra wɔ.”

Anaa “ntomadan kɛseɛ.”

Anaa “ne ntomadan kɛseɛ no mu.”

Nt., “Nnane deɛ woasra no no ani.”

Nt., “Wo yafunu mu aba.”

Nt., “paanoo.”

Nt., “abɛn.”

Anaa “n’ahemmotire.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “momma mo nsa so wɔ tenabea kronkron hɔ.”

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “Mommɔ nnwom.”

Anaa “n’agyapadeɛ a ɛda n’akoma so.”

Anaa “suwisie.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wayiyi akwan ama nsuo.”

Nt., “wo nkaeɛ.”

Anaa “bɛdi ne nkurɔfoɔ asɛm ama wɔn.”

Anaa “Ɔde nyansa yɛɛ.”

Nt., “nketenkete.”

Nt., “Ɔma ɔhonam nyinaa.”

Ɛkyerɛ Babilon.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “nwu.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Mɛbɔ nnwom de abu anyame foforɔ animtia.”

Anaa “wo tenabea kronkron no.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ɛfiri sɛ woama w’asɛm so atra wo din nyinaa.”

Anaa “Womaa me kra nyaa.”

Nt., “wobu ho akonta.”

Anaa “nimdeɛ yi yɛ me nwanwa dodo.”

Anaa “Ɛwɔ soro ma me, na abunkam me nteaseɛ so.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wonwenee me wɔ.”

Anaa “me kra nim.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “meda so ara wɔ w’anim.”

Anaa “wɔn a wɔdi mogya ho fɔ.”

Anaa “wɔkeka wo ho nsɛm sɛdeɛ wɔn adwene kyerɛ wɔn.”

Ɔwɔ bi a n’ano wɔ borɔ paa.

Nt., “Wobɔ me ti.”

Anaa “asubura.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Nnye me kra.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “m’ahoɔden asa.”

Anaa “ɔbu me ho akonta.”

Anaa “Me kra.”

Nt., “Me kyɛfa ara.”

Anaa “Gye me kra.”

Anaa “Atamfo taataa me kra.”

Anaa “M’ahoɔden resa.”

Anaa “mesua ho adeɛ.”

Anaa “Me kra ayɛ.”

Anaa “adamena.”

Anaa “mema me kra so kyerɛ wo.”

Anaa “teeyɛ asaase so.”

Anaa “gye me kra.”

Anaa “wɔtan me kra ani.”

Nt., “ɔtete me nsa.”

Nt., “ɔkyerɛ me nsateaa.”

Anaa “M’abantenten.”

Nt., “wɔma wɔn nsa nifa yɛ nkontompo nsa nifa.”

Anaa “bɛbɔ nnwom.”

Anaa “deɛ ɔgye ahemfo nkwa.”

Anaa “Ne kɛseyɛ boro yɛn nteaseɛ so.”

Anaa “wo tumi a ɛyɛ hu.”

Anaa “Yehowa yɛ ɔdomfoɔ.”

Anaa “wɔyi wɔn yam frɛ no.”

Nt., “ɔhonam.”

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “memfa me kra.”

Anaa “mɛbɔ nnwom.”

Anaa “ɔbapɔmma.”

Anaa “Ne home.”

Nt., “paanoo.”

Nt., “wɔakyekyere wɔn.”

Anaa “nnebɔneyɛfoɔ kwan deɛ, ɔkyea no.”

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “yɛbɛbɔ nnwom.”

Nt., “hwiit mu sradeɛ.”

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Nt., “mmaabunu.”

Anaa “Nkɔkoraa ne mmerewa.”

Anaa “abɛn.”

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “mmɔ nnwom.”

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “Momfa mpintin nsa ntwa mo ho.”

Anaa “mmɛn.”

Hebri asɛmfua no kyerɛ nnadeɛ ntraantraa mmienu a wɔde bɔ nnwom. Wɔde bom a, ɛgyegye kyan-kyan.

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane