16 Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ di Homeda no; wɔbɛdi Homeda no wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; ɛyɛ daa apam. 17 Ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛda me ne Israelfoɔ ntam daa,+ ɛfiri sɛ Yehowa de nnansia na ɛyɛɛ soro ne asaase, na da a ɛtɔ so nson no, ɔhomeeɛ na ɔdwodwoo ne ho.’”+