Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Samuel 15:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 Ɛnna Samuel kaa sɛ: “Yehowa pɛ ɔhyeɛ afɔreɛ ne afɔrebɔ+ sene sɛ wobɛtie Yehowa nne anaa? Hwɛ! Ɔsetie yɛ sene afɔreɛ,+ na asoɔmmerɛ yɛ kyɛn adwennini sradeɛ,+

  • Yesaia 1:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Yehowa asɛm nie: “Mfasoɔ bɛn na menya firi mo afɔreɛ bebrebe no so?+

      Adwennini hyeɛ afɔreɛ+ ne mmoa a wɔte apɔ sradeɛ+ afono me,

      Na anantwie+ ne nnwan mma ne mpɔnkye+ mogya+ nso, m’ani nsɔ.

  • Yeremia 7:22, 23
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 Ɛfiri sɛ da a meyii mo agyanom firii Egypt asaase so no, manka ɔhyeɛ afɔreɛ ne afɔreɛ ahodoɔ ho asɛm ankyerɛ wɔn, na mamfa ɛho ahyɛdeɛ biara amma wɔn.+ 23 Na mmom ahyɛdeɛ yi na mede maa wɔn: “Montie me nne, na mɛyɛ mo Nyankopɔn, na mo nso moayɛ me man.+ Monnante akwan a mɛhyɛ sɛ momfa so nyinaa so, na asi mo yie.”’+

  • Hosea 6:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  6 Ɔdɔ a ɛnni hwammɔ na mepɛ, na ɛnyɛ afɔrebɔ;

      Onyankopɔn ho nimdeɛ na mepɛ, na ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane