16 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, aka kakraa bi ama woawu,* na ɔman yi duru asaase a wɔrekɔ so no so a, wɔbɛfiri aseɛ ne anyame foforɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia abɔ adwaman.*+ Wɔbɛfiri m’akyi+ na wɔabu m’apam a me ne wɔn yɛeɛ no so.+
20Ná ɔbarima tuatefoɔ bi wɔ hɔ a ne din de Saba+ a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Ɔbɔɔ abɛn+ kaa sɛ: “Yɛne Dawid nni hwee yɛ. Yɛrennya hwee mpo mfiri ne hɔ. Ma Yese ba no mfa n’agyapadeɛ.+ Israelfoɔ ee, obiara nkɔ ne nyame nkyɛn!”*+
26 “Nanso, wɔyɛɛ asoɔden na wɔtee wo so atua,+ na wo Mmara nso wɔpoeɛ.* W’adiyifoɔ a wɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no, wɔkunkum wɔn, na wɔbuu wo animtia kɛse.+