Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 7:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 Deɛ Yehowa kaa sɛ Mose ne Aaron nyɛ no, saa na wɔyɛeɛ; wɔyɛɛ no ntɛm ara. Ɔmaa ne poma so de bɔɔ nsuo a ɛwɔ Asubɔnten Nil mu no mu wɔ Farao ne ne nkoa anim, na asubɔnten no mu nsuo nyinaa danee mogya.+

  • Exodus 8:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Ɛnna Aaron tenee ne nsa wɔ Egypt nsuo so, na mpɔtorɔ no bɛkataa Egypt asaase nyinaa so.

  • Exodus 8:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Wɔyɛɛ saa; Aaron tenee ne nsa de ne poma no bɔɔ fam, na ntummoa baa nnipa ne mmoa nyinaa so. Na asaase no so mfuturo nyinaa danee ntummoa wɔ Egypt asaase so baabiara.+

  • Exodus 9:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Enti adeɛ kyeeɛ no, Yehowa yɛɛ deɛ ɔkaeɛ no, na Egypt nyɛmmoa nyinaa bi firii aseɛ wuwuiɛ,+ nanso Israelfoɔ mmoa deɛ, baako mpo anwu.

  • Exodus 9:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Enti wɔkɔsaa fononoo mu nsõ, na wɔbɛgyinaa Farao anim. Afei Mose to petee wiem na ɛdanee mpɔmpɔ bɔne bobɔɔ nnipa ne mmoa nyinaa.

  • Exodus 9:23
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 23 Enti Mose de ne poma no kyerɛɛ soro, na Yehowa maa aprannaa ne asukɔtweaa ne egya* pae guu asaase no so, na Yehowa kɔɔ so maa asukɔtweaa no tɔ guu Egypt asaase so.

  • Exodus 10:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Tene wo nsa wɔ Egypt asaase so na ntutummɛ mmra Egypt asaase so, na asaase no so afifideɛ nyinaa, deɛ asukɔtweaa no ansɛe no biara, wɔmmɛwe.”

  • Exodus 10:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Tene wo nsa kyerɛ soro na esum mmra Egypt asaase so, esum kabii a wosɔ mu a ɛbɛyɛ yie.”

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane