2 Samuel 7:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Wo fie ne w’ahennie bɛtim wɔ w’anim afebɔɔ, na w’ahennwa nso bɛtim afebɔɔ.”’”+ 1 Ahemfo 10:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ɔhene yɛɛ asonse* ahennwa kɛseɛ bi+ nso, na ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa ho nyinaa.+ 1 Berɛsosɛm 29:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Ɛnna Solomon dii ne papa Dawid adeɛ, na ɔtenaa Yehowa ahennwa so+ dii hene; ɛsii no yie, na Israelfoɔ nyinaa yɛɛ ɔsetie maa no.
23 Ɛnna Solomon dii ne papa Dawid adeɛ, na ɔtenaa Yehowa ahennwa so+ dii hene; ɛsii no yie, na Israelfoɔ nyinaa yɛɛ ɔsetie maa no.