16 Afei Otwa Afahyɛ* no, monni no berɛ a mode twa mo afuo mu nneɛma a ɛdi kan no mu.+ Anoboaboa Afahyɛ* no nso, monni no afe no awieeɛ, berɛ a moboaboa mo nnɔbaeɛ a ɛtwa toɔ ano firi afuo mu no.+
10 “Afei nso, berɛ a moregye mo ani,+ te sɛ berɛ a morehyɛ fã,+ anaa berɛ a morefiri bosome foforɔ ase no, monhyɛn ntotorobɛnto no ngu mo hyeɛ afɔreɛ+ ne mo asomdwoeɛ afɔreɛ+ no so. Ɛbɛma wɔakae mo wɔ mo Nyankopɔn anim. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.”+