9 Ɔhene Hesekia ahennie afe a ɛtɔ so nnan no, na ɛyɛ Israel hene Ela ba Hosea+ ahennie afe a ɛtɔ so nson. Saa berɛ no, Asiria hene Salmaneser baa Samaria so bɛtwaa ho hyiaeɛ.+
25Sedekia ahennie afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du, bosome no da a ɛtɔ so du no, Babilon hene Nebukadnesar+ ne n’asraafoɔ nyinaa baa Yerusalem so.+ Ɔkyekyeree wɔn asoɛeɛ wɔ kuro no ho, na ɔsii akoban* twaa ho nyinaa hyiae.+
32Nsɛm yi ne Hesekia nokorɛdie akyi no,+ Asiria hene Senaherib baa Yuda so, na ɔtwaa nkuro a wɔabɔ ho ban no ho hyiaeɛ; ná wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛbubu afasuo no akɔ mu na wagye afa.+