6Berɛ a Israelfoɔ* firii Egypt asaase so baeɛ no,+ n’afe a ɛtɔ so 480 no, na ɛyɛ Solomon afe a ɛtɔ so nnan firi berɛ a ɔbɛyɛɛ Israel hene. Saa afe no, ɔfirii aseɛ sɛ ɔresi Yehowa fie*+ no wɔ Siw* bosome+ no (kyerɛ sɛ, bosome a ɛtɔ so mmienu no) mu.
16Enti wɔde nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no baeɛ, na wɔde bɛsii ntomadan a Dawid si maa no no mu;+ ɛnna wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ wɔ nokorɛ Nyankopɔn no anim.+
14 Afei nso, Onyankopɔn fie sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a Nebukadnesar sesa firii asɔrefie a na ɛwɔ Yerusalem de kɔɔ Babilon asɔredan mu no,+ Ɔhene Kores yiyi firii Babilon asɔredan no mu de maa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sesbasar*+ a Kores yɛɛ no amrado+ no.