Deuteronomium 28:37 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 37 Na Yehowa de wo kɔ aman no so a, wo ho bɛyɛ wɔn nwonwa,+ na wɔde wo bɛka asɛm+ aserew adi wo ho fɛw wɔ hɔ nyinaa. Yeremia 18:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 na wɔn asase no ayɛ ahodwiriwde+ ne ade a wɔhwɛ bɔ hwirema daa.+ Obiara a obetwam wɔ hɔ no de ahodwiriw bɛhwɛ na wawosow ne ti.+ Kwadwom 2:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Wɔn a wotwam ɔkwan so nyinaa bobɔ wɔn nsam+ gu wo so.Wɔabɔ hwirema+ awosow wɔn ti+ agu Yerusalem babea so sɛ:“Kurow a anka wɔfrɛ no ‘Ahoɔfɛ a ewie pɛyɛ, asase nyinaa anika’ no ni?”+ Hesekiel 5:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Na amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no bɛbɔ wo ahohora+ atwa wo adapaa,+ na bere a mede abufuw abu wo atɛn na mede anibere aka w’anim no,+ wobɛyɛ sɛnnahɔ+ ne ahodwiriwde ama amanaman no. Me Yehowa na maka.
37 Na Yehowa de wo kɔ aman no so a, wo ho bɛyɛ wɔn nwonwa,+ na wɔde wo bɛka asɛm+ aserew adi wo ho fɛw wɔ hɔ nyinaa.
16 na wɔn asase no ayɛ ahodwiriwde+ ne ade a wɔhwɛ bɔ hwirema daa.+ Obiara a obetwam wɔ hɔ no de ahodwiriw bɛhwɛ na wawosow ne ti.+
15 Wɔn a wotwam ɔkwan so nyinaa bobɔ wɔn nsam+ gu wo so.Wɔabɔ hwirema+ awosow wɔn ti+ agu Yerusalem babea so sɛ:“Kurow a anka wɔfrɛ no ‘Ahoɔfɛ a ewie pɛyɛ, asase nyinaa anika’ no ni?”+
15 Na amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no bɛbɔ wo ahohora+ atwa wo adapaa,+ na bere a mede abufuw abu wo atɛn na mede anibere aka w’anim no,+ wobɛyɛ sɛnnahɔ+ ne ahodwiriwde ama amanaman no. Me Yehowa na maka.