12 Wogyaw Yehowa wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔde wɔn fi Egypt asase so bae no+ kodii aman a atwa wɔn ho ahyia no anyame akyi,+ na wɔkotow wɔn de hyɛɛ Yehowa abufuw.+
9 Na wɔbɛka sɛ, ‘Wɔagyaw Yehowa, wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn agyanom fii Egypt asase so+ no ntia; wɔagyaw no hɔ akodi anyame foforo+ akyi na wɔakotow asɔre wɔn. Ɛno nti na Yehowa de amanehunu yi nyinaa aba wɔn so no.’”+
7 Nea ɛma ɛbaa saa ne sɛ, Israelfo yɛɛ bɔne+ tiaa Yehowa wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn fii Egypt asase so wɔ Egypt hene Farao nsam+ no, na wɔkɔsom anyame foforo;+
22 Na wɔbɛka sɛ, ‘Wɔagyaw Yehowa,+ wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Egypt asase so+ no ntia; wɔagyaw no hɔ akodi anyame foforo akyi+ na wɔakotow asɔre wɔn.+ Ɛno nti na ɔde amanehunu yi nyinaa aba wɔn so no.’”+
4 efisɛ wɔagyaw me,+ na wɔasẽsa ha yi koraa;+ wɔakɔhyew afɔrebɔde ama anyame foforo a wonnim wɔn,+ wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahene, na wɔde wɔn a wodi bem mogya ahyɛ ha ma.+