Deuteronomium 14:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Na esiane sɛ Lewifo+ annya w’agyapade no mu kyɛfa nti, wɔne ahɔho+ ne nnyanka ne akunafo+ a wɔwɔ wo kurom no bɛba abedi amee, na adwuma biara a wo nsa beso mu no,+ Yehowa wo Nyankopɔn behyira so.+ Deuteronomium 28:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Yehowa behyira w’adekoradan+ ne biribiara a wobɛyɛ so,+ na obehyira wo wɔ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so. Mmebusɛm 11:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Ɔkra yamyefo bɛdɔ srade,+ na nea ɔma ebinom mee no, ɔno nso, wɔbɛma wamee.*+ Mmebusɛm 14:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Nea obu ne yɔnko animtiaa no yɛ bɔne,+ na anigye ne nea ɔdom mmɔborɔni.+ Mmebusɛm 28:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Nea ɔma ohiani no, hwee renhia no,+ na nea oyi n’ani de, obenya nnome pii.+
29 Na esiane sɛ Lewifo+ annya w’agyapade no mu kyɛfa nti, wɔne ahɔho+ ne nnyanka ne akunafo+ a wɔwɔ wo kurom no bɛba abedi amee, na adwuma biara a wo nsa beso mu no,+ Yehowa wo Nyankopɔn behyira so.+
8 Yehowa behyira w’adekoradan+ ne biribiara a wobɛyɛ so,+ na obehyira wo wɔ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so.