21Ɔkɔm+ bi bae Dawid nna mu toatoaa so mfe abiɛsa, na Dawid kɔɔ Yehowa anim kobisaa no. Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Mogya ho afodi wɔ Saul ne ne fie so efisɛ okunkum Gibeonfo.”+
4 ‘Me na mama afi adi, na ɛbɛkɔ ɔkorɔmfo ne nea ɔde me din ka ntanhunu no fie;+ na ɛbɛtena hɔ na asɛe fie no, emu nnua ne abo nyinaa,’+ Asafo Yehowa asɛm ni.”
5 “Na mɛba mo nkyɛn abebu atɛn,+ na mede ahopere bedi adanse+ atia asumanfo,+ ne awaresɛefo,+ ne wɔn a wɔka ntanhunu,+ ne wɔn a wɔbɔ apaafo apoo,+ ne wɔn a wosisi akunafo+ ne nnyanka+ na wodi ahɔho+ amim, na wonsuro me no,”+ asafo Yehowa na waka.