Atemmufo 2:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Sɛ Yehowa ma wɔn atemmufo+ a, na Yehowa di ɔtemmufo biara akyi. Na ɔtemmufo no nna nyinaa, ogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam, efisɛ na ɛhaw Yehowa+ sɛ obehu sɛ wɔn atamfo+ ne asɔretiafo nti wɔresi apini. Dwom 86:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 M’ahohia da mu, mɛfrɛ wo,+Efisɛ wubetie me.+ Dwom 107:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Ɛnna wosu frɛɛ Yehowa wɔn ahohia mu;+Na ɔsan gyee wɔn fii ahokyere no mu bio.+ Hosea 5:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Mɛkɔ, mɛsan akɔ me tenabea kosi sɛ wɔbɛsoa wɔn bɔne;+ na wɔbɛba abɛhwehwɛ me.+ Sɛ ɛkã wɔn ani a,+ wɔbɛhwehwɛ m’akyi kwan.”+
18 Sɛ Yehowa ma wɔn atemmufo+ a, na Yehowa di ɔtemmufo biara akyi. Na ɔtemmufo no nna nyinaa, ogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam, efisɛ na ɛhaw Yehowa+ sɛ obehu sɛ wɔn atamfo+ ne asɔretiafo nti wɔresi apini.
15 Mɛkɔ, mɛsan akɔ me tenabea kosi sɛ wɔbɛsoa wɔn bɔne;+ na wɔbɛba abɛhwehwɛ me.+ Sɛ ɛkã wɔn ani a,+ wɔbɛhwehwɛ m’akyi kwan.”+