20Ná ɔbarima huhuni+ bi wɔ hɔ a ne din de Saba+ a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Ɔhyɛn abɛn+ kae sɛ: “Yenni kyɛfa biara wɔ Dawid mu, na yenni agyapade biara wɔ Yese ba+ no mu. Israelfo, obiara nkɔ ne nyame nkyɛn!”+
7 Na akwasampafo+ ahuhufo+ boaboaa wɔn ho ano kodii n’akyi. Esiane sɛ na Solomon ba Rehoboam+ yɛ abofra na onni akokoduru+ nti, wɔyɛɛ den sen no, na Rehoboam antumi wɔn.
15 “Hwɛ, nea ɔde asɛmpa ba, nea ɔka asomdwoesɛm, no nan wɔ mmepɔw so.+ Yuda, di w’afahyɛ.+ Bɔ a woahyɛ no, tua,+ efisɛ ohuhuni biara rentwam mfa wo mu bio.+ Wobetwa no afi hɔ koraa.”+