Exodus 15:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Anyame mu hena na ɔte sɛ wo, O Yehowa?+Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu otumfoɔ?+Nea ɛsɛ sɛ wosuro+ no na wɔde nnwom yi no ayɛ,+ nea ɔyɛ anwonwade.+ Dwom 72:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Nhyira nka Yehowa Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn;+Nea ne nko yɛ anwonwadwuma no.+ Dwom 86:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 O Yehowa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo, anyame mu,+Na nnwuma biara ne wo de nsɛ.+ Dwom 89:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Hena na wobetumi de no atoto Yehowa ho wɔ ɔsoro?+Hena na ɔne Yehowa sɛ wɔ Onyankopɔn mma mu?+ Yesaia 40:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Hena ho na mubetumi de Onyankopɔn atoto,+ na dɛn na mode besusuw no?+ Yeremia 10:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 O amanaman Hene,+ hena na ɔrensuro wo,+ efisɛ wofata. Amanaman no anyansafo nyinaa ne wɔn ahenni nyinaa mu no, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo.+
11 Anyame mu hena na ɔte sɛ wo, O Yehowa?+Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu otumfoɔ?+Nea ɛsɛ sɛ wosuro+ no na wɔde nnwom yi no ayɛ,+ nea ɔyɛ anwonwade.+
7 O amanaman Hene,+ hena na ɔrensuro wo,+ efisɛ wofata. Amanaman no anyansafo nyinaa ne wɔn ahenni nyinaa mu no, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo.+