Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 32:35
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 35 Aweredi wɔ me, na me na metua ka.+

      Bere du a, wɔn nan bɛkeka abom,+

      Efisɛ wɔn amanehunu abɛn,+

      Na nea ɛda hɔ retwɛn wɔn no bɛba ntɛm.’+

  • Yesaia 35:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 Wɔn a wɔn koma atu no,+ monka nkyerɛ wɔn sɛ: “Monhyɛ mo ho den.+ Munnsuro.+ Hwɛ, mo Nyankopɔn bɛko ama mo,+ Onyankopɔn betua mo atamfo ka.+ Ɔbɛba abegye mo.”+

  • Yeremia 50:28
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 28 “Wɔate aguanfo ne wɔn a wɔreguan fi Babilon asase so no nnyigyei,+ na wɔrekɔka Yehowa yɛn Nyankopɔn aweredi+ ne n’asɔrefie ho aweredi+ wɔ Sion.

  • Nahum 1:2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ne som,+ na ɔyɛ ɔweredifo; Yehowa tua bɔne so ka+ na abufuw ahyɛ no mã.+ Yehowa tua wɔn a wɔne no di asi ka na n’ani sã n’atamfo.+

  • Romafo 12:19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 Adɔfo, munnni mo ho were,+ na mmom munnyaw mma Onyankopɔn abufuw;+ efisɛ wɔakyerɛw sɛ: “Aweredi wɔ me; me ara metua ka, Yehowa na ose.”+

  • 1 Tesalonikafo 4:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 sɛ obiara nnyɛ ade mmpira ne nua anaa onnni no aboro wɔ asɛm yi mu,+ efisɛ Yehowa na ɔde eyinom nyinaa ho asotwe ma,+ sɛnea yedii kan kaa ho asɛm kyerɛɛ mo na yedii mo adanse fefeefe no.+

  • 2 Tesalonikafo 1:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Nea enti a eyi te saa ne sɛ ɛteɛ wɔ Onyankopɔn fam sɛ ɔde ahohia betua wɔn a wohiahia mo ho no ka,+

  • Hebrifo 10:30
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 30 Na yenim nea ɔkae sɛ: “Aweredi wɔ me; me ara metua bɔne so ka”;+ afei nso: “Yehowa bebu ne nkurɔfo atɛn.”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena