Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 15:8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 8 Bue wo nsam ma no+ na fa nea ohia biara fɛm no.

  • Hiob 31:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 Sɛ mede nea abrɛfo pɛ kamee wɔn,+

      Na memaa okunafo anidaso yerae+ a,

  • Dwom 37:26
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 26 Ɔdom nkurɔfo daa, na ɔde fɛm,+

      Ɛno nti n’asefo benya nhyira.+

  • Dwom 41:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 41 Anigye ne nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ;+

      Yehowa begye no ahohia da mu.+

  • Mmebusɛm 14:21
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 Nea obu ne yɔnko animtiaa no yɛ bɔne,+ na anigye ne nea ɔdom mmɔborɔni.+

  • Mmebusɛm 17:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 Nea odi ohiani ho fɛw no bɔ ne Bɔfo ahohora.+ Nea odi ne yɔnko amanehunu ho ahurusi no remfa ne ho nni.+

  • Mmebusɛm 19:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Nea ɔdom ɔbrɛfo no de fɛm Yehowa,+ na nea ɔde ama no, Obetua no ka.+

  • Mmebusɛm 21:13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Nea osisiw n’aso ɔbrɛfo su ho+ no, ɔno nso bɛfrɛ, na wɔrennye no so.+

  • Luka 6:35
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo na monyɛ papa na momma afoforo bosea+ a mo ani nna so sɛ mubenya biribi akyiri yi; na mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma,+ efisɛ ne yam ye+ ma bonniayɛfo ne abɔnefo.

  • Luka 23:50
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 50 Na hwɛ! ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef, Bagua no muni a ɔyɛ onipa pa na ɔteɛ+—

  • Asomafo Nnwuma 20:35
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 35 Mada no adi akyerɛ mo wɔ ade nyinaa mu sɛ etwa sɛ moyɛ adwumaden+ saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛw+ no, na ɛsɛ sɛ mokae asɛm a Awurade Yesu ankasa kae no sɛ, ‘Ɔma+ mu wɔ anigye pii sen ogye.’”

  • Hebrifo 13:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfi papayɛ+ ne nneɛma a mo ne afoforo bɛkyɛ, efisɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena