Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1 Samuel 16:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛnea ɔte ne ne tenten ne ne kɛse,+ na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛnea onipa hwɛ ade na Onyankopɔn hwɛ,+ efisɛ onipa desani hwɛ nea etua aniwa,+ na Yehowa de, ɔhwɛ komam.”+

  • 1 Ahene 8:39
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 39 ɛnde wo ara fi ɔsoro,+ wo tenabea+ hɔ tie na fa bɔne kyɛ+ na ma+ onipa biara sɛnea n’akwan te,+ efisɛ wo na wunim ne komam+ (na wo nko ara na wunim nea ɛwɔ adesamma nyinaa komam);+

  • 1 Beresosɛm 28:9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 “Na wo, me ba Solomon, hu+ Onyankopɔn a wo papa som+ no no, na fa koma+ a edi mũ ne ɔkra+ mu anigye som no; efisɛ Yehowa hwehwɛ koma nyinaa mu,+ na ohu emu adwene nyinaa.+ Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no,+ na sɛ wugyaw no a,+ ɔno nso bɛtow wo akyene koraa.+

  • Dwom 17:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  3 Woapɛɛpɛɛ me komam, woahwehwɛ me mu anadwo,+

      Woanan me ayiyi me mu; woahu sɛ memmɔɔ pɔw bɔne bi.+

      M’ano renka mmaratode.+

  • Dwom 44:21
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 Anka Onyankopɔn renhwehwɛ mu anaa?+

      Ɔno na onim koma mu ahintasɛm.+

  • Dwom 139:23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 O Onyankopɔn, pɛɛpɛɛ me mu, na hu nea ɛwɔ me koma mu.+

      Hwehwɛ me mu, na hu me mu dadwen,+

  • Yeremia 12:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 O Yehowa, wo na wunim me yiye;+ wuhu me, na woasɔ me koma ahwɛ sɛ edi mũ w’anim.+ Yiyi wɔn gyina nkyɛn sɛ nguan a wɔrekokum wɔn,+ na hyira wɔn so ma okum da.

  • Yeremia 20:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 O asafo Yehowa, wo na wohwehwɛ ɔtreneeni mu;+ wo na wuhu asaabo ne koma+ mu. Ma minhu aweredi a wode bɛba wɔn so,+ efisɛ wo na mede m’asɛm adan wo.+

  • Hebrifo 4:13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, nea yɛne no wɔ akontaabu no anim.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena