Deuteronomium 32:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,+N’akwan nyinaa teɛ.+ Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo+ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu,+Ɔtreneeni a obu atɛntrenee.+ Dwom 19:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ma m’anom nsɛm ne me komam nsusuwii+Nyɛ wo fɛ, O Yehowa, me Botan+ ne me Gyefo.+ Dwom 64:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na adesamma nyinaa besuro;+Wɔbɛka Onyankopɔn nnwuma ho asɛm,+ Na wɔbɛte ne nnwuma ase.+ Dwom 77:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Medwinnwen wo nnwuma nyinaa ho,+Na wo nneyɛe nso, mesusuw ho.+ Dwom 90:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Ma w’adwuma nna adi mma wo nkoa,+Ne w’anuonyam, wɔn mma so.+ Dwom 111:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ne nnwuma+ yɛ nidi ne anuonyam nko ara,+ ו [Waw]Na ne trenee wɔ hɔ daa.+ Filipifo 4:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Afei anuanom, biribiara a ɛyɛ nokware, biribiara a ɛsom bo, biribiara a ɛteɛ, biribiara a ɛho tew,+ biribiara a ɛyɛ fɛ, biribiara a wɔka ho asɛm pa, ɔbra pa biara a ɛwɔ hɔ ne biribiara a ɛsɛ ayeyi no, monkɔ so nsusuw saa nneɛma yi ho.+
4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,+N’akwan nyinaa teɛ.+ Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo+ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu,+Ɔtreneeni a obu atɛntrenee.+
8 Afei anuanom, biribiara a ɛyɛ nokware, biribiara a ɛsom bo, biribiara a ɛteɛ, biribiara a ɛho tew,+ biribiara a ɛyɛ fɛ, biribiara a wɔka ho asɛm pa, ɔbra pa biara a ɛwɔ hɔ ne biribiara a ɛsɛ ayeyi no, monkɔ so nsusuw saa nneɛma yi ho.+