2 Samuel
5 Ɛnna Israel mmusuakuw no nyinaa baa Dawid nkyɛn+ wɔ Hebron+ bɛkae sɛ: “Hwɛ, wo dompe ne wo honam+ ne yɛn. 2 Efi tete,+ bere a Saul di yɛn so hene no, wo na wudii Israel anim de wɔn kɔe na wode wɔn bae,+ na Yehowa ka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Wo na wobɛyɛn+ me man Israel, na wo na wubedi Israel anim.’”+ 3 Enti Israel mpanyimfo+ nyinaa baa ɔhene nkyɛn wɔ Hebron, na Ɔhene Dawid ne wɔn yɛɛ apam+ Yehowa anim wɔ Hebron, na wɔsraa+ Dawid de no sii Israel so hene.+
4 Dawid bedii hene no, na wadi mfe aduasa, na odii hene mfe aduanan.+ 5 Odii Yuda so hene mfe ason ne asram asia+ wɔ Hebron, na odii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfe aduasa abiɛsa wɔ Yerusalem.+ 6 Ɛnna ɔhene ne ne mmarima kɔɔ Yerusalem sɛ wɔne Yebusifo+ a wɔtete asase no so no rekɔko, nanso wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Woremma ha; anifuraefo ne mpakye na wɔbɛpam wo.”+ Wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ: “Dawid remma ha.” 7 Ne nyinaa akyi no, Dawid kɔfaa Sion+ abannennen no, kyerɛ sɛ, Dawid Kurow+ no. 8 Ɛnna Dawid kae saa da no sɛ: “Obiara a ɔbɛtow ahyɛ Yebusifo+ so no, ma ɔmfa suka+ no mu nkɔ mpakye ne anifuraefo a wɔyɛ Dawid kra atamfo no so!” Ɛno nti na wɔka sɛ: “Onifuraefo ne apakye remma fie hɔ.” 9 Afei Dawid kɔtenaa abannennen no mu, na wɔbɛfrɛɛ hɔ Dawid Kurow. Na Dawid fii ase sisii adan hyiae de fi Milo*+ ne ne mfinimfini. 10 Na Dawid yɛɛ kɛse ara,+ na asafo+ Nyankopɔn Yehowa dii n’akyi.+
11 Na Tiro hene Hiram+ somaa abɔfo+ kɔɔ Dawid nkyɛn, de kyeneduru nnua+ ne dua adwumfo ne abantofo kaa ho kɔe, na wofii ase sii ofie maa Dawid.+ 12 Na Dawid hui sɛ Yehowa ama n’ahenni atim Israel so,+ na ne man Israel nti,+ wama+ n’ahenni so.
13 Bere a Dawid fi Hebron bae no, ɔwarewaree ayefam+ ne yerenom+ bio wɔ Yerusalem, na wɔsan woo mmabarima ne mmabea bebree maa Dawid. 14 Mma a wɔwoo wɔn maa no wɔ Yerusalem no din ni: Sammua,+ Sobab,+ Natan+ ne Solomon,+ 15 ne Ibhar, Elisua,+ Nefeg+ ne Yafia,+ 16 ne Elisama,+ Eliada ne Elifelet.+
17 Filistifo no tee sɛ wɔasra Dawid asi no hene wɔ Israel so.+ Enti Filistifo no nyinaa bɛhwehwɛɛ Dawid. Bere a Dawid tee no, ɔkɔɔ beae a ɛhɔ kɔ yɛ den.+ 18 Na Filistifo no bae, na wɔbɛnantenantew Refaim asasetaw+ no so. 19 Ɛnna Dawid bisaa+ Yehowa sɛ: “Menkɔ Filistifo no so? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa?” Na Yehowa ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Kɔ, na mede Filistifo no bɛhyɛ wo nsa.”+ 20 Enti Dawid kɔɔ Baal-Perasim,+ na Dawid kunkum wɔn wɔ hɔ. Ɛnna ɔkae sɛ: “Yehowa adi m’anim abu afa m’atamfo so+ sɛnea nsu bu fa nneɛma so no.” Ɛno na ɛma ɔfrɛɛ hɔ Baal-Perasim.+ 21 Na wogyigyaw wɔn ahoni+ wɔ hɔ, na Dawid ne ne mmarima no sesaw de kɔe.+
22 Akyiri yi, Filistifo no bae bio,+ na wɔbɛnantenantew Refaim asasetaw+ no so. 23 Ɛnna Dawid bisaa+ Yehowa, nanso ɔkae sɛ: “Nkohyia wɔn. Kɔ na kofi wɔn akyi bra, na tow hyɛ wɔn so wɔ baka* nnua+ no anim. 24 Sɛ ɛba sɛ wote nnyigyei a ɛte sɛ nnipa nantew wɔ baka nnua no so a, keka wo ho+ saa bere no, efisɛ saa bere no ná Yehowa adi w’anim rekokunkum Filistifo asraafo no.”+ 25 Enti Dawid yɛɛ saa; ɔyɛɛ sɛnea Yehowa hyɛɛ no no ara,+ na okunkum+ Filistifo no fi Geba*+ de kɔe ara kosii Geser.+