Mmebusɛm
2 Me ba, sɛ wugye me nsɛm tom+ na wode m’ahyɛde sie,+ 2 na wowɛn w’aso ma nyansa,+ na wokom wo koma ma nhumu;+ 3 sɛ wusu frɛ ntease+ na woma wo nne so frɛ nhumu;+ 4 sɛ woyere wo ho hwehwɛ no sɛ dwetɛ,+ na wopɛ n’akyi kwan sɛ akorade a ahintaw+ a, 5 ɛno na wobɛte Yehowa suro+ ase, na woanya Onyankopɔn ho nimdeɛ.+ 6 Efisɛ Yehowa na ɔma nyansa,+ na n’anom na nimdeɛ ne nhumu fi.+ 7 Ɔbɛkora nyansa+ so ama treneefo; ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔnantew mũdi* mu,+ 8 efisɛ n’ani wɔ trenee kwan+ so, na ɔbɛwɛn n’anokwafo+ kwan. 9 Ɛno na wobɛte trenee ne atemmu ne teeyɛ ase; ɛno ne papayɛ akwan nyinaa.+
10 Sɛ nyansa ba wo koma mu+ na nimdeɛ sɔ wo kra ani+ a, 11 adwempa bɛhwɛ wo so,+ na nhumu abɔ wo ho ban,+ 12 na agye wo afi ɔkwammɔne so,+ na ayi wo afi okontomponi nsam;+ 13 ebegye wo afi wɔn a wɔman fi trenee kwan so kɔnantew sum mu+ no nsam, 14 ebeyi wo afi wɔn a wɔn ani gye bɔne ho+ nsam, yiw, wɔn a wɔde ahurusi di akɔntɔnkyesɛm+ no; 15 wɔn a wɔn akwan akyea na wɔn nantew mu yɛ hu;+ 16 ebeyi wo afi ɔbea hohwini*+ nsam, na ayi wo afi ɔbea huhuni* a n’ano yɛ dɛ nsam;+ 17 ɔno na wagyaw ne mmabaabere mu yɔnko berɛbo,+ na ne Nyankopɔn apam mpo ne werɛ afi.+ 18 Ne fie sian kɔ owu mu, na n’akwan sian kɔ awufo mu.+ 19 Obiara a ɔkɔ ne ho rensan mma, na ɔrensi ateasefo akwan so bio.+
20 Eyi bɛma woanantew nnipa pa+ kwan so, na woafa treneefo kwan so.+ 21 Na treneefo na wɔbɛtena asase so,+ na wɔn a asɛm nni wɔn ho na wɔbɛka so.+ 22 Abɔnefo de, wobetwa wɔn afi asase so;+ na nkontompofo nso, wobeyi wɔn afi so.+