11 Me de, mitwaa m’ani hwɛɛ adwuma a mede me nsa ayɛ nyinaa ne adwuma a mabrɛ ayɛ,+ na hwɛ! ne nyinaa yɛ ahuhude ne adehunu akyidi,+ na biribiara so nni mfaso owia ase.+
26 Nea ɔyɛ onipa pa nokware Nyankopɔn anim+ no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigye,+ na ɔdebɔneyɛfo de, adwuma a ɔde ama no ne sɛ ɔmmoaboa ano mfa mma onipa pa no.+ Eyi nso yɛ ahuhude ne adehunu akyidi.+
15 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yiye wɔ anibere+ biara ho, efisɛ sɛ onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.”+