Dwom 15:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Nea ɔnantew nokwaredi mu+ na ɔyɛ adetrenee,+Na ɔka nokwasɛm ne komam.+ Dwom 77:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Mɛkae me sankudwom anadwo;+Mesusuw ho me komam,+Na mɛhwehwɛ nneɛma mu yiye me mu. Mmebusɛm 2:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Sɛ nyansa ba wo koma mu+ na nimdeɛ sɔ wo kra ani+ a, Mmebusɛm 15:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Ɔtreneeni koma dwen ansa na ama mmuae,+ na amumɔyɛfo ano woro nsɛmmɔne.+ Mateo 12:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano mu de nneɛma pa ma,+ na nipa bɔne fi nnebɔne a waboaboa ano mu de nneɛma bɔne ma.+
35 Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano mu de nneɛma pa ma,+ na nipa bɔne fi nnebɔne a waboaboa ano mu de nneɛma bɔne ma.+