15 “Na sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni n’ahyɛde ne ne mmara a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnde nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
15 “Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Hwɛ, mede mmusu a maka atia kurow yi nyinaa reba kurow yi ne ɛho nkurow nyinaa so, efisɛ wɔasen wɔn kɔn sɛ wɔrentie m’asɛm.’”+
17 “Enti nea Yehowa, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Hwɛ, mmusu a maka atia Yuda ne Yerusalemfo nyinaa no, mede ne nyinaa bɛba wɔn so,+ efisɛ mekasa kyerɛɛ wɔn, na wɔantie; mefrɛɛ wɔn daa, nanso wɔannye me so.’”+