11 “Nea Yehowa aka ni, ‘Edom+ bɔne a ɛto so abiɛsa ne nea ɛto so anan nti, merentwe nsan, efisɛ ɔde nkrante tiw ne nua,+ na ɔsɛee ne mmɔborɔhunu,+ na n’abufuw tetew ne hanam mu daa, na n’abufuhyew dɛwee bere nyinaa.+
Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka afa Edom ho ni:+ “Yɛate amanneɛbɔ bi afi Yehowa hɔ, na watu abɔfo kɔ amanaman no mu sɛ, ‘Monsɔre, momma yɛnsɔre ne no nkɔko.’”+