Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 28:37
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 37 Na Yehowa de wo kɔ aman no so a, wo ho bɛyɛ wɔn nwonwa,+ na wɔde wo bɛka asɛm+ aserew adi wo ho fɛw wɔ hɔ nyinaa.

  • Dwom 44:13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Wode yɛn ayɛ ahohorade ama wɔn a wɔtete bɛn yɛn no;+

      Yɛayɛ fɛwdi ne asereserede ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia nyinaa.+

  • Yeremia 18:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 na wɔn asase no ayɛ ahodwiriwde+ ne ade a wɔhwɛ bɔ hwirema daa.+ Obiara a obetwam wɔ hɔ no de ahodwiriw bɛhwɛ na wawosow ne ti.+

  • Kwadwom 2:15
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 15 Wɔn a wotwam ɔkwan so nyinaa bobɔ wɔn nsam+ gu wo so.

      Wɔabɔ hwirema+ awosow wɔn ti+ agu Yerusalem babea so sɛ:

      “Kurow a anka wɔfrɛ no ‘Ahoɔfɛ a ewie pɛyɛ, asase nyinaa anika’ no ni?”+

  • Daniel 9:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 O Yehowa, sɛnea wo trenee+ nnwuma nyinaa te no, yɛsrɛ wo, ma w’abufuw ne w’anibere nnan mfi wo kurow Yerusalem, wo bepɔw kronkron+ no so, efisɛ yɛn bɔne ne yɛn agyanom mfomso nti,+ Yerusalem ne wo man adan ahohorade ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia nyinaa.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena