18 Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, mereboaboa Yakob ntamadan mu atukɔfo no ano+ na mahu ne ntamadan no mmɔbɔ. Wɔbɛsan akyekye kurow no asi ne bepɔw no+ so, na abantenten no besi ne sibea bio.+
6 Ɛda no, mɛma Yuda abusua mpanyimfo ayɛ sɛ ogya kuku wɔ nnua ntam+ ne gyatɛn wɔ aba a wɔatwa agu hɔ akuwakuw mu,+ na ɛbɛhyew nnipa a wɔwɔ nifa ne benkum nyinaa ahyia,+ na Yerusalem bɛtena ne tenabea, Yerusalem ara.+