35 Na anadwo no ara Yehowa bɔfo fi kokunkum Asiriafo nsraban+ no mu nnipa mpem ɔha aduɔwɔtwe anum.+ Bere a nkurɔfo sɔree anɔpatutuutu no, wɔnkɔhwɛ a, wɔn nyinaa afunu sam hɔ.+
2 mɛboaboa amanaman nyinaa nso ano+ de wɔn asian aba Yehosafat bon+ no mu. Me man ne m’agyapade Israel nti, me ne wɔn bedi asɛm wɔ hɔ,+ efisɛ wɔabɔ wɔn ahwete amanaman no mu, na wɔakyɛ m’asase afa.+
14 Nokwasɛm ne sɛ ɛyɛ adaemone honhom+ mu nsɛm a ɛyɛ nsɛnkyerɛnne,+ na ɛkɔ asase nyinaa so+ ahene+ nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma ade nyinaa so Tumfoɔ+ Nyankopɔn da+ kɛse no mu ko+ no.