2 Saa bere no mu na Sealtiel+ ba Serubabel+ ne Yehosadak ba Yesua+ sɔree, na wofii ase sii Onyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no; ná Onyankopɔn adiyifo+ ka wɔn ho, na wɔboaa wɔn.
14 Afei Yehowa kanyan Sealtiel ba Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado, ne Yehosadak ba Yosua+ a ɔyɛ ɔsɔfo panyin, ne ɔmanfo a wɔaka no nyinaa honhom,+ na wɔbae bɛyɛɛ adwuma wɔ asafo Yehowa wɔn Nyankopɔn fie.+