15 Saa na ɛyɛe a ɔfaa Yehoiakin+ kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon,+ na ɔhene maame+ ne ɔhene yerenom ne n’ahemfie mpanyimfo+ ne asase no so atitiriw nso, ɔde wɔn fi Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.
10 Na afe kɔ behyiae+ no, Ɔhene Nebukadnesar soma+ ma wɔkɔfaa no baa Babilon,+ na wɔde Yehowa fie nneɛma a ɛsom bo kaa ne ho bae.+ Na ɔde ne papa nua Sedekia+ sii Yuda ne Yerusalem so hene.+
20 nea Babilon hene Nebukadnesar gyawee bere a ɔbɛfaa Yehoiakim ba Yekonia+ a ɔyɛ Yuda hene no ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma nyinaa fi Yerusalem kɔɔ nkoasom mu+ no,
2 Ɔde kɔe bere a Ɔhene Yekonia+ ne ɔbaapanyin+ ne ahemfie mpanyimfo ne Yuda ne Yerusalem mpanyimfo+ ne adwumfo ne abantofo+ no fi Yerusalem kɔe no akyi.