Dwom 51:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 51 O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛnea w’adɔe te.+Sɛnea wo mmɔborɔhunu bebrebe te no, popa me mmarato.+ Yesaia 43:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 “Me—m’ankasa na mepopa+ wo mmarato,+ me din nti.+ Na merenkae wo bɔne bio.+ Yesaia 44:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Mɛpopa wo mmarato sɛ omununkum+ na mapopa wo bɔne sɛ suwusiw.+ San bra me nkyɛn na megye wo.+ Luka 7:42 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 42 Bere a wonni hwee a wɔde betua ka no, ogyaee mu de kyɛɛ+ wɔn baanu. Enti, wɔn mu hena na ɔbɛdɔ nea ɔde fɛm wɔn no kɛse?” 1 Timoteo 1:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Nanso yɛn Awurade adom dɔɔso boroo so,+ a gyidi ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu+ ka ho.
42 Bere a wonni hwee a wɔde betua ka no, ogyaee mu de kyɛɛ+ wɔn baanu. Enti, wɔn mu hena na ɔbɛdɔ nea ɔde fɛm wɔn no kɛse?”